Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Munnya Ahobrɛase Adwene’

‘Munnya Ahobrɛase Adwene’

‘Munnya Ahobrɛase Adwene’

NÁ ƆBARIMA no fi kurow bi a agye din mu. Ná ɔyɛ Romani, na ɛda adi sɛ na ofi abusua bi a wodi yiye mu. Saa ɔbarima a na wɔfrɛ no Saul no kɔɔ sukuu akɛse a na ɛwɔ hɔ wɔ afeha a edi kan Y.B. mu no mu bi. Anyɛ yiye koraa no, na ɔka kasa abien, na na ɔyɛ Yudafo nyamesom kuw bi a agye din a wɔfrɛ wɔn Farisifo no muni.

Ɛbɛyɛ sɛ na Saul bu mpapahwekwa animtiaa, na na obu ne ho sɛ ɔyɛ ɔtreneeni. (Luka 18:11, 12; Asomafo Nnwuma 26:5) Ná Saul mfɛfo Farisifo no bu wɔn ho sɛ wɔkorɔn sen afoforo, na na wɔpɛ anuonyam ma enti na wɔpɛ abodin akɛse a ɛbɛma wɔahu wɔn sɛ wɔyɛ nnipa atitiriw. (Mateo 23:6, 7; Luka 11:43) Ɛbɛyɛ sɛ saa nnipa yi a Saul ne wɔn bɔe no ma ɔbɛyɛɛ ahantan. Yenim sɛ Saul taa Kristofo denneennen. Mfe bi akyi no, bere a ɔbɛyɛɛ ɔsomafo Paulo no, ɔkae sɛ ná ɔyɛ ‘mmusubɔfo ne ɔtaafo, na na ɔyɛ aniammɔnho.’—1 Timoteo 1:13.

Nokwarem no, Saul bɛyɛɛ Kristoni, ɔsomafo Paulo, na ne suban sesae koraa. Sɛ́ Kristoni a na ɔyɛ ɔsomafo no, Paulo fi ahobrɛase mu kae sɛ ‘ɔba fam sen nea osua koraa wɔ akronkronfo no nyinaa mu.’ (Efesofo 3:8) Ná Saul yɛ ɔsɛmpakafo a ɔyɛ nsi, nanso wamfa nea otumi yɛe mu biara anhyɛ ne ho anuonyam. Mmom no, ɔde anuonyam no nyinaa maa Onyankopɔn. (1 Korintofo 3:5-9; 2 Korintofo 11:7) Ɛyɛ Paulo na otuu ne mfɛfo Kristofo fo sɛ: “Monhyɛ ayamhyehye, ayamye, ahobrɛase adwene, odwo, ne abodwokyɛre” no.—Kolosefo 3:12.

So yebetumi de saa afotu no ayɛ adwuma wɔ afeha a ɛto so 21 yi mu? So mfaso wɔ so sɛ yɛbɛbrɛ yɛn ho ase? Sɛ obi brɛ ne ho ase a, so ebetumi akyerɛ ankasa sɛ ɔyɛ ɔkokodurufo?

So Nneɛma Nyinaa Bɔfo no Brɛ Ne Ho Ase?

Sɛ yɛreka ahobrɛase ho asɛm biara a, ɛsɛ sɛ yesusuw adwene a Onyankopɔn wɔ wɔ ho no ho. Dɛn ntia? Efisɛ ɔno ne yɛn Hene ne yɛn Bɔfo. Esiane sɛ yɛnte sɛ Onyankopɔn nti, ɛsɛ sɛ yegye tom sɛ yɛtɔ sin koraa, na ɔno na yɛdan no. Ɔbarima onyansafo bi a wɔfrɛ no Elihu a ɔtraa ase tete no kae sɛ: “Otumfoɔ de, yenhu no, ɔyɛ tumi mu ɔkɛse.” (Hiob 37:23) Nokwasɛm ne sɛ, sɛ yesusuw amansan kɛse yi a yɛwom yi ho a, ɛma yɛbrɛ yɛn ho ase! Odiyifo Yesaia ka sɛ: “Momma mo ani so nhwɛ ɔsoro, na monhwɛ nea ɔbɔɔ eyinom. Ɔno na obu wɔn dɔm ano yi wɔn adi, na ɔbobɔ wɔn nyinaa din frɛfrɛ wɔn; ne tumi dodow ne n’ahoɔden kɛse nti obiara nka akyiri.”—Yesaia 40:26.

Ɛwom sɛ Yehowa Nyankopɔn yɛ Ade nyinaa so tumfoɔ de, nanso ɔbrɛ ne ho ase. Ɔhene Dawid bɔɔ Yehowa mpae sɛ: “Wode wo nkwagye kyɛm maa me, na w’asɛm tie ma meyɛɛ kɛse.” (2 Samuel 22:36) Yebetumi aka sɛ Onyankopɔn brɛ ne ho ase, efisɛ, odwen nnipa mpapahwekwa a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ nea ɔpɛ no ho, na ohu wɔn mmɔbɔ. Sɛ yɛbɛka a, Yehowa fi soro brɛ ne ho ase hwɛ fam sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛda ayamye adi akyerɛ nnipa a wosuro no no.—Dwom 113:5-7.

Bio nso, Yehowa ani gye ahobrɛase a n’asomfo da no adi no ho. Ɔsomafo Petro kyerɛwee sɛ: “Onyankopɔn siw ahantanfo kwan, na ɔdom ahobrɛasefo.” (1 Petro 5:5) Bible kyerɛwfo bi kaa sɛnea Onyankopɔn bu ahantanfo no ho asɛm sɛ: “Koma mu ɔhantanfo yɛ Yehowa akyide.” (Mmebusɛm 16:5, NW) Nanso, ɛbɛyɛ dɛn na yebetumi aka sɛ obi a ɔbrɛ ne ho ase no yɛ ɔkokodurufo?

Nea Ɛnkyerɛ Ahobrɛase

Ɛsono obi a ɔbrɛ ne ho ase, ɛnna ɛsono obi a wɔabrɛ no ase. Wɔ tete aman bi so no, obi a na ɔyɛ akoa—obi a ɔdeda nkurɔfo fam, n’asɛm yɛ mmɔbɔ, na ɔyɛ ɔbrɛfo—na na wobu no sɛ ɔbrɛ ne ho ase. Nanso, Bible si so dua sɛ, sɛ obi wɔ ahobrɛase adwene a, ɛhyɛ no anuonyam mmom. Sɛ nhwɛso no, onyansafo no kyerɛwee sɛ: “Nea edi ahobrɛase ne [Yehowa, NW] suro akyi ne ahonyade ne anuonyam ne nkwa.” (Mmebusɛm 22:4) Dwom 138:6 nso ka sɛ: “[Yehowa, NW] wɔ ɔsorosoro, na ɔhwɛ ahobrɛasefo, na ahantanfo de, ohu wɔn wɔ akyirikyiri.”

Sɛ obi brɛ ne ho ase a, ɛnkyerɛ sɛ ɔyɛ obi a ontumi nyɛ ade pa biara, anaasɛ ɔrentumi nyɛ nneɛma a mfaso wɔ so. Sɛ nhwɛso no, Yesu Kristo anka da sɛ ɛnyɛ ɔno ne Yehowa Ba a ɔwoo no koro no, na saa ara nso na wanyɛ biribiara amfa ankyerɛ sɛ ɔsom adwuma a ɔbɛyɛe wɔ asase so no ho nhia. (Marko 14:61, 62; Yohane 6:51) Nanso, Yesu brɛɛ ne ho ase de nnwuma a ɔyɛe nyinaa hyɛɛ n’Agya anuonyam, na wamfa ne tumi anhyɛ nkurɔfo so, na mmom ɔde boaa wɔn.

Ɛma Wohu sɛ Obi wɔ Akokoduru

Akyinnye biara nni ho sɛ, ade a Yesu Kristo beresofo de huu no ne “anwonwade” a ɔyɛe no. (Asomafo Nnwuma 2:22) Nanso, ebinom buu no sɛ na ɔyɛ “nnipa mu hobrɛasefo.” (Daniel 4:17) Ɛnyɛ ahobrɛase nko na Yesu daa no adi wɔ n’asetram, na mmom ɔkɔɔ so kyerɛkyerɛɛ mfaso a ɛwɔ ahobrɛase so nso. (Luka 9:48; Yohane 13:2-16) Nanso, n’ahobrɛase no amma wanyɛ obi a na ɔyɛ mmerɛw. Ɔde akokoduru dii n’Agya din ho adanse, na owiee ne som adwuma no koraa. (Filipifo 2:6-8) Wɔka Yesu ho asɛm wɔ Bible mu sɛ gyata ɔkokodurufo. (Adiyisɛm 5:5) Nhwɛso a Yesu yɛe no ma yehu sɛ, sɛ obi brɛ ne ho ase a, ɛkyerɛ sɛ ɔwɔ suban pa, na ɔwɔ akokoduru nso.

Bere a yefi yɛn koma nyinaa mu rebɔ mmɔden sɛ yebenya ahobrɛase no, yehu sɛ, egye mmɔdenbɔ na ama yɛde ahobrɛase abɔ yɛn bra. Ɛhwehwɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase yɛ Onyankopɔn apɛde bere nyinaa sen sɛ yɛbɛyɛ nea yɛn ankasa yɛpɛ, anaasɛ yebedi yɛn akɔnnɔ akyi. Egye akokoduru ankasa na ama yɛatumi abrɛ yɛn ho ase, efisɛ ɛsɛ sɛ yɛde nneɛma a yɛn ani gye ho to nkyɛn na ama yɛatumi de yɛn ho abɔ afɔre asom Yehowa, na yɛayɛ nneɛma a afoforo pɛ ama wɔn.

Ahobrɛase so Mfaso

Sɛ obi wɔ ahobrɛase a, ɔnyɛ ahantan anaa ahomaso. Kyerɛwnsɛm no de asɛm a ɛne “ahobrɛase adwene” na ɛkyerɛkyerɛ ahobrɛase mu. (Efesofo 4:2) Sɛ yɛhwehwɛ yɛn ho mu na yehu nneɛma a yɛbɔ mu mmɔden ne nea yɛtɔ sin wom, nneɛma a yɛatumi ayɛ, ne nea yɛantumi anyɛ a, ebetumi ama yɛanya ahobrɛase adwene. Paulo de eyi ho afotu pa mae bere a ɔkyerɛwee sɛ: “[Meka] kyerɛ mo mu biara sɛ ommmu ne ho nntra nea ɛsɛ; na mmom ɔnnwene nnya anidahɔ adwene.” (Romafo 12:3) Obiara a ɔde saa afotu yi yɛ adwuma no yɛ ɔhobrɛasefo.

Yɛda ahobrɛase adi nso bere a yefi yɛn komam de afoforo ahiade di yɛn ankasa de kan no. Onyankopɔn maa Paulo tuu Kristofo fo sɛ: “Mommfa mansotwe anaa anuonyamhunupɛ nnyɛ biribiara, na mmom mumfi ahobrɛase mu mmu afoforo sɛ wɔkyɛn mo.” (Filipifo 2:3) Eyi ne ahyɛde a Yesu de maa n’akyidifo no hyia. Ɔkae sɛ: “Ɛsɛ sɛ nea ɔyɛ mo mu kɛse no yɛ mo somfo. Obiara a ɔma ne ho so no wɔbɛbrɛ no ase, na obiara a ɔbrɛ ne ho ase no wɔbɛma no so.”—Mateo 23:11, 12.

Nokwarem no, Onyankopɔn ma wɔn a wɔbrɛ wɔn ho ase no so. Ɔsomafo Yakobo sii saa asɛm yi so dua. Ɔkyerɛwee sɛ: “Mommrɛ mo ho ase wɔ Yehowa anim, na ɔbɛma mo so.” (Yakobo 4:10) Hena na n’ani rennye ho sɛ Onyankopɔn bɛma no so?

Ahantan ama basabasayɛ ne ɔko akɔ so wɔ nnipakuw ahorow ntam, ne ankorankoro bi nso ntam. Nanso, sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase a, yenya so mfaso pii. Ɛbɛma yɛanya Onyankopɔn anim dom. (Mika 6:8) Ebetumi ama yɛanya asomdwoe, efisɛ obi a ɔbrɛ ne ho ase wɔ anigye, na n’ani sɔ nea ɔwɔ sen obi a ɔyɛ ahantan. (Dwom 101:5) Sɛ yɛwɔ ahobrɛase a, yɛne yɛn abusuafo, yɛn nnamfo, yɛn mfɛfo adwumayɛfo, ne afoforo bɛtra asomdwoe ne anigye mu. Ahobrɛasefo mpɛ akyinnyegye, na wɔnhyɛ afoforo so nso. Akyinnyegye ne nhyɛso yɛ su a etumi hyɛ afoforo abufuw, ɛsɛe nnipa ntam, na ɛma wonya afoforo ho menasepɔw ne ɔtan.—Yakobo 3:14-16.

Nokwarem no, ahobrɛase adwene a yebenya no yɛ ɔkwampa a ɛma yɛne afoforo ntam kɔ so yɛ papa. Ebetumi aboa yɛn ma yɛagyina wiase yi mu pɛsɛmenkominya ne emu akansi ano. Onyankopɔn boaa ɔsomafo Paulo ma otumi dii ahomaso ne ahantan a na ɔwɔ no so. Saa ara na ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛko tia biribiara a ɛbɛma yɛayɛ ahantan, anaasɛ ɛbɛma yɛate nka sɛ yɛsen afoforo no. Bible bɔ kɔkɔ sɛ: “Ahantan di ɔsɛe anim, na ahomaso honhom di asehwe anim.” (Mmebusɛm 16:18, NW) Sɛ yesuasua Paulo na yɛde n’afotu no yɛ adwuma a, yebehu sɛ nyansa wom sɛ ‘yenya ahobrɛase adwene.’—Kolosefo 3:12.

[Mfonini wɔ kratafa 4]

Paulo tumi dii ahomaso ne ahantan so

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Sɛ yenya ahobrɛase adwene a, ɛboa yɛn ma yɛne afoforo ntam yɛ papa

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 5]

Anglo-Australian Observatory/David Malin Images