Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nea Ɛma Ɛyɛ Den sɛ Yebenya Ahobrɛase

Nea Ɛma Ɛyɛ Den sɛ Yebenya Ahobrɛase

Nea Ɛma Ɛyɛ Den sɛ Yebenya Ahobrɛase

WƆ NNIPA pii fam no, wosusuw sɛ mfaso biara nni ahobrɛase so wɔ nnɛ wiase yi mu. Ɛte sɛ nea nnipa a nkurɔfo bu wɔn ne wɔn a wɔbɔ mmɔden biara sɛ wobedi afoforo anim, wɔn a wɔyɛ ahantan, ne wɔn a wɔfa ɔkwan biara so nya nea wɔpɛ no. Nnipa dodow no ara na sɛ wɔn yam a, anka wɔte sɛ asikafo ne wɔn a wɔagye din wɔ wiase yi mu no, na wɔmpɛ sɛ wosuasua wɔn a wodwo na wɔbrɛ wɔn ho ase no. Wɔn a wodi yiye wɔ asetram no taa hoahoa wɔn ho sɛ ɛyɛ wɔn ankasa mmɔdenbɔ na ama wɔayɛ yiye. Sɛ́ anka wɔbɛbrɛ wɔn ho ase no, wɔde nea wotumi yɛ wɔ wɔn asetram no hoahoa wɔn ho.

Canadani bi a ɔyɛ nhwehwɛmu kae sɛ, “‘ahomaso’ abɛyɛ su a nkurɔfo reda no adi kɛse” wɔ ne man mu. Afoforo nso te nka sɛ yɛte wiase bi a nkurɔfo bu anigyede sɛ ade a ɛho hia sen sɛ wɔbɛbɔ ɔbra pa mu, na wohu sɛ nnipa a wɔwɔ wiase nnɛ no mu dodow no ara na wodwen wɔn nkutoo ho. Wɔ wiase a ɛte saa mu no, ahobrɛase nyɛ su bi a nnipa dodow no ara ani begye ho.

Nokwarem no, nnipa dodow no ara ne wo bɛyɛ adwene sɛ ahobrɛase yɛ suban pa a ɛsɛ sɛ afoforo da no adi, efisɛ ɛnyɛ den koraa sɛ yɛne nnipa a wɔbrɛ wɔn ho ase bɛtra. Nanso, wɔ wiase a obiara pɛ sɛ ɔyɛ yiye sen ne yɔnko yi mu no, nnipa binom suro sɛ sɛ wɔbrɛ wɔn ho ase a, afoforo bebu wɔn sɛ wɔyɛ mmerɛw.

Onyankopɔn Asɛm Bible hyɛɛ nkɔm sɛ, nnipa bɛyɛ ‘ahohoahoafo ne ahantanfo’ wɔ yɛn bere yi mu. (2 Timoteo 3:1, 2) So wunnye ntom sɛ saa nkɔmhyɛ yi reba mu? So wugye di sɛ mfaso wɔ so sɛ yɛbɛbrɛ yɛn ho ase? Anaasɛ, wususuw sɛ sɛ obi brɛ ne ho ase a, nkurɔfo bebu no sɛ ɔyɛ mmerɛw, na afoforo betumi asisi no?

Nokwasɛm ne sɛ, Bible ma yehu nea enti a mfaso wɔ so sɛ yenya ahobrɛase na yɛma yɛn ani gye saa su no ho. Ɛma yenya ahobrɛase ho adwempa, na ɛhyɛ yɛn nkuran sɛ yennya saa su no bi. Bible san ma yehu sɛ ahobrɛase a ɛyɛ papa no nkyerɛ sɛ obi yɛ mmerɛw, na mmom ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ den ankasa. Asɛm a edi hɔ no bɛkyerɛkyerɛ nea enti a ɛte saa no mu.

[Mfonini wɔ kratafa 3]

Ɛsɛ sɛ yɛte nka dɛn wɔ nneɛma a yɛatumi ayɛ ho?