Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Asɛm Ba Mu Bere Nyinaa

Yehowa Asɛm Ba Mu Bere Nyinaa

Yehowa Asɛm Ba Mu Bere Nyinaa

“Asɛm biako pɛ ntɔɔ fam, nsɛmpa a [Yehowa, NW] mo Nyankopɔn kae wɔ mo ho no nyinaa mu: ne nyinaa aba mu ama mo.”—YOSUA 23:14.

1. Ná hena ne Yosua, na aka kakra ma wawu no, dɛn na ɔyɛe?

NÁ Yosua yɛ ɔsahene a ɔyɛ hyew na ɔwɔ akokoduru, ɔbarima a ɔwɔ gyidi na odi nokware. Yosua ne Mose nantewee, na Yehowa paw no sɛ onni Israel man no anim mfa wɔn mfi sare a ɛso yɛ hu no so nkɔ asase a nufusu ne ɛwo sen wɔ so no so. Aka kakra ma Yosua a na nkurɔfo bu no paa awu no, ɔmaa ɔkasa bi a na ɛka koma yiye kyerɛɛ Israel mpanyimfo no ne wɔn de dii nkra. Akyinnye biara nni ho sɛ, ne kasa no hyɛɛ wɔn a wotiee no no gyidi den kɛse. Na yɛn nso, ebetumi ahyɛ yɛn gyidi den saa ara.

2, 3. Bere a Yosua kasa kyerɛɛ Israel mpanyimfo no, na Israelfo no asetra te dɛn, na dɛn na Yosua kae?

2 Yɛ nea esii a Bible aka ho asɛm no ho mfonini wɔ w’adwenem hwɛ. Ɛka sɛ: “[Yehowa, NW] maa Israel home fii wɔn atamfo a wɔatwa wɔn ho ahyia nyinaa nsam akyi nna pii, na Yosua abɔ akora na wadi nna bebree no, Yosua frɛɛ Israel nyinaa, wɔn mpanyimfo ne wɔn atitiriw ne wɔn atemmufo ne wɔn ahwɛfo no hyiae, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Me de, mabɔ akora, madi nna pii.”—Yosua 23:1, 2.

3 Ná Yosua reyɛ adi mfe 110, na na watra ase wɔ mmere a Onyankopɔn yɛɛ nneɛma a ɛyɛ anigye paa maa ne nkurɔfo no mu biako mu. Ná Yosua de n’ani ahu anwonwade ahorow a na Onyankopɔn ayɛ no, na na wahu Yehowa bɔhyɛ ahorow pii mmamu. Esiane sɛ ɔno ankasa huu saa nneɛma no nti, otumi de ahotoso paa kae sɛ: “Munhu mo koma nyinaa mu ne mo kra nyinaa mu sɛ, asɛm biako pɛ ntɔɔ fam, nsɛmpa a [Yehowa, NW] mo Nyankopɔn kae wɔ mo ho no nyinaa mu: ne nyinaa aba mu ama mo, emu asɛm biako pɛ antɔ fam.”—Yosua 23:14.

4. Bɔ ahorow bɛn na Yehowa hyɛɛ Israelfo no?

4 Yehowa nsɛm bɛn na ɛbaa mu wɔ Yosua bere so? Yebesusuw bɔ ahorow abiɛsa a Yehowa hyɛɛ Israelfo no ho. Nea edi kan no, ná Onyankopɔn begye wɔn afi nkoasom mu. Nea ɛto so abien, na ɔbɛbɔ wɔn ho ban. Nea ɛto so abiɛsa no, na ɔbɛhwɛ wɔn. Yehowa ahyɛ ne nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ no bɔ saa ara, na yɛn nso yɛahu sɛ Yehowa adi ne bɔhyɛ ahorow so wɔ yɛn bere yi so. Nanso, ansa na yebesusuw nea Yehowa ayɛ wɔ ɛnnɛ mmere yi mu ho no, momma yensusuw nea ɔyɛe wɔ Yosua bere so no ho nhwɛ.

Sɛnea Yehowa Gyee Ne Nkurɔfo

5, 6. Ɔkwan bɛn na Yehowa faa so gyee Israelfo no fii Misraim, na dɛn na eyi ma ɛdaa adi?

5 Bere a Israelfo no kɔyɛɛ nkoa wɔ Misraim na wosu frɛɛ Onyankopɔn no, Yehowa tee. (Exodus 2:23-25) Yehowa ka kyerɛɛ Mose wɔ wura a na ɛrehyew no ho sɛ: “Masian sɛ merebeyi [me nkurɔfo] Misrifo nsam, na matutu wɔn afi asase no so akɔ asase pa a ɛtrɛw so, asase a nufusu ne wo sen wɔ so.” (Exodus 3:8) Bere a Israelfo no hui sɛ Yehowa ayɛ nea ɔkae no, hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ wɔn ani gye fae! Bere a Farao kae sɛ ɔremma Israelfo no mfi Misraim no, Mose ka kyerɛɛ Farao sɛ, Onyankopɔn bɛma Nil asubɔnten mu nsu adan mogya. Yehowa yɛɛ nea ɔkae no. Asubɔnten Nil mu nsu no danee mogya ampa. Mpataa a ɛwɔ mu no wuwui, na na wontumi nnom asubɔnten no mu nsu. (Exodus 7:14-21) Farao kɔɔ so senee ne kɔn, na Yehowa de ɔhaw foforo akron baa wɔn so. Yehowa dii kan kaa ɔhaw no biara ho asɛm ansa na ɔde reba wɔn so. (Exodus, ti 8-12) Bere a ɔhaw a ɛto so du no kunkum Misrifo mmakan akyi no, Farao hyɛe sɛ Israelfo no nkɔ, na wɔkɔe ampa!—Exodus 12:29-32.

6 Saa ogye no na ɛmaa Yehowa de Israel yɛɛ ne man. Ɛmaa Yehowa gyee din sɛ ɔno ne Onii a odi ne bɔhyɛ ahorow so, na n’asɛm bam bere nyinaa. Saa ogye no nso ma wohui sɛ Yehowa yɛ kɛse sen amanaman no anyame nyinaa. Sɛ yɛkenkan saa ogye no ho asɛm a, ɛhyɛ yɛn gyidi den. Sɛ na woka wɔn a wogyee wɔn no ho a, hwɛ sɛnea anka w’ani begye afa! Yosua hui sɛ Yehowa “ne ɔsorosoroni, asase nyinaa so” ampa.—Dwom 83:18.

Sɛnea Yehowa Bɔɔ Ne Nkurɔfo Ho Ban

7. Dɛn na Yehowa yɛe de bɔɔ Israelfo ho ban fii Farao asraafo no ho?

7 Na Yehowa bɔhyɛ a ɛto so abien a ɛne sɛ ɔbɛbɔ ne nkurɔfo ho ban no nso ɛ? Ná saa asɛm yi ka ɛbɔ a Yehowa hyɛe sɛ obegye ne nkurɔfo afi Misraim na wama wɔakɔ Bɔhyɛ Asase no so no ho. Kae sɛ, Farao a na ne bo afuw no maa n’asraafo a wɔyɛ den na wɔwɔ nteaseɛnam ɔhaha pii no tiw Israelfo no. Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ Farao a na ɔyɛ ahantan no nyaa ahotoso sɛ ne nsa bɛka Israelfo no, titiriw, bere a na ɛte sɛ nea wɔaka Israelfo no ahyɛ mmepɔw ne ɛpo no ntam no! Afei, Onyankopɔn de ne ho gyee asɛm no mu, na ɔmaa omununkum besii Israelfo ne Misrifo no ntam de bɔɔ ne nkurɔfo ho ban. Ná esum wɔ baabi a Misrifo no wɔ no; ɛnna hann wɔ baabi a Israelfo no wɔ no. Bere a omununkum no amma Misrifo antumi ankɔ wɔn anim no, Mose maa ne poma so, na Ɛpo Kɔkɔɔ no mu kyɛɛ abien maa Israelfo no faa mu, na ɛyɛɛ afiri maa Misrifo no. Yehowa sɛee Farao asraafo a na wɔyɛ den no pasaa, na ɔbɔɔ Ne nkurɔfo ho ban sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrenni nkogu.—Exodus 14:19-28.

8. Ahobammɔ bɛn na Israelfo no nyae (a) wɔ sare no so ne (b) bere a woduu Bɔhyɛ Asase no so no?

8 Bere a Israelfo no twaa Ɛpo Kɔkɔɔ no wiei no, wodii akɔneaba wɔ asase a wɔaka ho asɛm sɛ ɛyɛ “sare kɛse a ɛso yɛ hu a awɔ a wɔhyehye, ne nkekantwɛre wɔ so so, ne nkyerekyerewa a nsu nni hɔ so.” (Deuteronomium 8:15) Yehowa bɔɔ ne nkurɔfo ho ban wɔ hɔ nso. Na bere a woduu Bɔhyɛ Asase no so nso ɛ? Kanaan asraafo a na wɔyɛ den no ne wɔn koe. Nanso, Yehowa ka kyerɛɛ Yosua sɛ: “Sɔre twa Yordan yi, na wo ne ɔman mũ yi nyinaa nkɔ asase a mede merema wɔn, Israelfo, no so. Obi bi rennyina w’anim, wo nkwa nna nyinaa; sɛnea midii Mose akyi no, saa ara na medi w’akyi; merempa wo na merennyaw wo.” (Yosua 1:2, 5) Saa asɛm a Yehowa kae no baa mu ampa. Yosua de bɛyɛ mfe asia dii ahemfo 31 so nkonim gyee Bɔhyɛ Asase no fã kɛse no ara. (Yosua 12:7-24) Sɛ ɛnyɛ Yehowa na ɔbɔɔ wɔn ho ban a, anka ɛbɛyɛ den ama wɔn sɛ wobedi nkonim a ɛte saa.

Sɛnea Yehowa Hwɛɛ Ne Nkurɔfo

9, 10. Dɛn na Yehowa yɛe de hwɛɛ ne nkurɔfo wɔ sare no so?

9 Afei, ma yensusuw bɔhyɛ a ɛto so abiɛsa a ɛne sɛ Yehowa bɛhwɛ ne nkurɔfo no ho. Bere a Onyankopɔn gyee Israelfo no fii Misraim akyi bere tiaa bi no, ɔhyɛɛ Israelfo no bɔ sɛ: “Hwɛ, merebɛma aduan afi soro atɔ ama mo, na ɔman no mfi adi da biara nkɔtase nea ɛbɛso wɔn ano da koro.” Onyankopɔn dii ne bɔhyɛ no so, na ɔtɔɔ ‘aduan fii soro’ maa wɔn ampa. “Na Israelfo no hui no, wosisee wɔn ho wɔn ho sɛ: . . . Ɛdɛn ni?” Ná ɛyɛ mana, aduan a na Yehowa ahyɛ wɔn bɔ sɛ ɔde bɛma wɔn no.—Exodus 16:4, 13-15.

10 Yehowa hwɛɛ Israelfo no wɔ mfe 40 a wodii wɔ sare no so no, na ɔmaa wɔn aduan ne nsu. Yehowa hwɛɛ wɔn ma wɔn ntade mpo antetew, na wɔn anan nso anhonhon. (Deuteronomium 8:3, 4) Yosua huu eyinom nyinaa. Yehowa gyee ne nkurɔfo, bɔɔ wɔn ho ban, na ɔhwɛɛ wɔn sɛnea na wahyɛ wɔn bɔ no ara pɛ.

Sɛnea Yehowa Gye Ne Nkurɔfo Nnɛ

11. Dɛn na esii wɔ Brooklyn, New York, wɔ afe 1914 mu, na bere bɛn na na adu?

11 Wɔ yɛn bere yi mu nso ɛ? Wɔ Fida anɔpa October 2, 1914 no, Charles Taze Russell a saa bere no na odi Bible Asuafo no anim no kɔɔ Betel a ɛwɔ Brooklyn, New York, adididan mu. Ɔde anigye kyiaa wɔn sɛ, “Mema mo nyinaa akye.” Afei, ansa na ɔretra ase no, ɔde anigye kae sɛ: “Amanaman mmere no aba awiei; wɔn ahemfo adi wɔn mmere awie.” Ná bere adu bio sɛ Yehowa a ɔno ne amansan Hene no gye ne nkurɔfo. Ná ogyee wɔn ampa!

12. Ogye bɛn na ɛbae wɔ afe 1919 mu, na dɛn na efii mu bae?

12 Mfe anum pɛ akyi no, Yehowa gyee ne nkurɔfo fii “Babilon Kɛse no” a ɛne wiase atoro som ahemman a ɛyɛ den no mu. (Adiyisɛm 18:2) Yɛn a yɛte ase nnɛ no mu kakraa bi pɛ na wohuu saa ogye a na ɛyɛ anigye no. Nanso, yehu nea afi mu aba no pefee. Yehowa san de nokware som sii hɔ, na ɔmaa wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsom no no yɛɛ biako. Ná Yehowa ama odiyifo Yesaia aka saa asɛm yi asie sɛ: “Nna a edi akyiri no mu no, [Yehowa, NW] fi bepɔw no betim hɔ ataa mmepɔw atifi, na wɔama so asen nkoko nyinaa, na amanaman nyinaa asen yuu aba ho.”—Yesaia 2:2.

13. Nkɔso bɛn na woahu sɛ aba Yehowa nkurɔfo mu?

13 Asɛm a Yesaia kae no baa mu. Wɔ afe 1919 mu no, wɔn a wɔasra wɔn no nkaefo no fii ase de akokoduru dii adanse wɔ wiase nyinaa de maa nkurɔfo huu nokware Nyankopɔn som no. Wɔ afe 1930 mfe no mu no, ɛbɛdaa adi sɛ na wɔreboaboa “nguan foforo” no ano aba nokware som mu. (Yohane 10:16) Mfiase no, nnipa mpempem pii na wɔbaa nokware som mu, afei wɔbɛyɛɛ ɔpehaha, na seesei wɔabɛyɛ ɔpepem pii! Wɔ anisoadehu bi a ɔsomafo Yohane hui mu no, ɔkaa saa nkurɔfo yi ho asɛm sɛ, wɔyɛ “nnipakuw kɛse bi a obiara ntumi nkan wɔn, a wofi amanaman ne mmusuakuw ne nnipa ne kasa nyinaa mu.” (Adiyisɛm 7:9) Dɛn na w’ankasa woahu wɔ wo bere so? Bere a edi kan a wusuaa nokware no, na Yehowa Adansefo baahe na na wɔwɔ wiase? Ɛnnɛ, wɔn a wɔresom Yehowa no dodow boro 6,700,000. Yehowa nkurɔfo a ogyee wɔn fii Babilon Kɛse no mu no ama nnipa a wɔdɔɔso pii aba nokware som mu sɛnea yehu wɔ wiase nyinaa nnɛ no.

14. Ogye bɛn na ɛreba?

14 Ogye foforo reba, na ɛyɛ ogye a ɛbɛka obiara a ɔte asase so. Yehowa de ne tumi bedi dwuma anwonwakwan so de apra wɔn a wɔsɔre tia no no nyinaa afi hɔ, na wagye ne nkurɔfo de wɔn akɔ wiase foforo a trenee bɛtra mu no mu. Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ anigye sɛ yebehu sɛ wɔde abɔnefosɛm nyinaa aba awiei, na bere a nnipa ani begye asen biara wɔ wɔn asetram no afi ase!—Adiyisɛm 21:1-4.

Sɛnea Yehowa Bɔ Ne Nkurɔfo Ho Ban Nnɛ

15. Dɛn nti na ɛho abehia sɛ Yehowa bɔ ne nkurɔfo ho ban wɔ nnɛ bere yi mu?

15 Sɛnea yɛahu no, na Israelfo a wɔwɔ Yosua bere so no hia Yehowa ahobammɔ. So Yehowa asomfo a yɛwɔ hɔ nnɛ nso hia n’ahobammɔ? Yiw, yehia! Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ: “Wobeyi mo ama ahohiahia na wɔakum mo, na me din nti aman nyinaa bɛtan mo.” (Mateo 24:9) Yehowa Adansefo a wɔwɔ aman pii so ahyia ɔsɔretia a emu yɛ den, na wɔayɛ wɔn ayayade mfe pii. Nanso, yɛahu sɛ Yehowa agyina ne nkurɔfo akyi. (Romafo 8:31) Yehowa Asɛm ma yɛn awerɛhyem sɛ, ‘akode biara a wɔbɔ hyɛ yɛn’ no remma yennyae Ahenni no ho asɛm a yɛreka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma a yɛreyɛ no.—Yesaia 54:17.

16. Adanse bɛn na wowɔ a ɛkyerɛ sɛ Yehowa bɔ ne nkurɔfo ho ban?

16 Ɔtan a wiase no tan Yehowa nkurɔfo nyinaa akyi no, wɔn dodow akɔ anim. Yehowa Adansefo renya nkɔso wɔ nsase 236 so, na ɛno yɛ adanse paa a ɛkyerɛ sɛ Yehowa gyina yɛn akyi, na ɔbɔ yɛn ho ban fi wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsɛe yɛn, anaa wɔpɛ sɛ wɔma yegyae asɛnka adwuma a yɛreyɛ no ho. So wobɛkae amammui ne nyamesom akannifo a wɔagye din a wɔhyɛɛ Onyankopɔn nkurɔfo so denneennen no bi din? Dɛn na ato wɔn? Na wɔwɔ he nnɛ? Wɔn mu dodow no ara awuwu te sɛ Farao a ɔtraa ase wɔ Mose ne Yosua bere so no ara pɛ. Na Onyankopɔn asomfo a wodii nokware kosii sɛ wowuwui wɔ yɛn bere yi so no nso ɛ? Yehowa kae wɔn. Na biribiara nni hɔ a eye sen sɛ Yehowa bɛkae wɔn. Ɛda adi pefee sɛ, Yehowa bɔ ne nkurɔfo ho ban sɛnea waka no.

Sɛnea Yehowa Hwɛ Ne Nkurɔfo Nnɛ

17. Honhom fam aduan bɛn na Yehowa hyɛɛ bɔ sɛ ɔde bɛma yɛn?

17 Yehowa hwɛɛ ne nkurɔfo wɔ sare no so, na ɔhwɛ wɔn a wɔwɔ hɔ nnɛ no nso. “Akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no ma yɛn honhom fam aduan. (Mateo 24:45) Wɔboa yɛn ma yɛte Onyankopɔn ho nokwasɛm a bere bi na ɛyɛ den ma yɛn sɛ yɛbɛte ase no ase. Ɔbɔfo bi ka kyerɛɛ Daniel sɛ: “Toto nsɛm no mu na sɔ nhoma no ano kodu awiei bere no; nnipa bebree bɛtweetwee mu na nimdeɛ adɔɔso.”—Daniel 12:4.

18. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ nokware nimdeɛ abu so nnɛ?

18 Seesei yɛte awiei bere no mu, na nokware nimdeɛ adɔɔso ampa. Wɔ wiase nyinaa no, honhom kronkron no ama wɔn a wɔn ani gye nokware ho no anya nokware Nyankopɔn no ne n’atirimpɔw ahorow ho nimdeɛ a edi mu. Bible ne nhoma ahorow a wɔde sua Bible a ɛboa nkurɔfo ma wɔte Bible mu nokwasɛm ahorow a ɛsom bo ase no abu so wɔ wiase nyinaa nnɛ. Sɛ nhwɛso no, susuw nhoma a yɛde sua Bible a wɔato din Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? * no mu nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ kratafa abien no ho hwɛ. Nsɛmti a ɛwɔ hɔ no mu bi ne: “Dɛn Ne Onyankopɔn Ho Nokwasɛm?,” “Ɛhe na Awufo Wɔ?,” “Dɛn Ne Onyankopɔn Ahenni?,” ne “Dɛn Nti na Onyankopɔn Ma Amanehunu Ho Kwan?” Mfe mpempem pii ni na nnipa ahwehwɛ nsɛmmisa a ɛte saa no ho mmuae. Nanso, seesei wɔanya ho mmuae no. Ɛmfa ho mpo sɛ mfehaha pii twaam a na nnipa nhwehwɛ Bible akyi kwan, ná Kristoman nso de nkyerɛkyerɛ bɔne maa nkurɔfo no, Onyankopɔn Asɛm anyera, na aboa wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsom Yehowa no nyinaa.

19. Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow bɛn na woahu sɛ anya mmamu, na gyinae bɛn na ɛno ama woasi?

19 Akyinnye biara nni ho sɛ, esiane nea yɛn ankasa de yɛn ani ahu nti, yebetumi aka sɛ: “Asɛm biako pɛ ntɔɔ fam, nsɛmpa a [Yehowa, NW] mo Nyankopɔn kae wɔ mo ho no nyinaa mu: ne nyinaa aba mu ama mo, emu asɛm biako pɛ antɔ fam.” (Yosua 23:14) Yehowa gye n’asomfo, ɔbɔ wɔn ho ban, na ɔhwɛ wɔn. So wubetumi akyerɛ Yehowa bɔhyɛ pɔtee bi a amma mu wɔ bere a ɔkae sɛ ɛbɛba mu no? Worennya bi da. Nyansa wom sɛ yɛde yɛn ho bɛto Onyankopɔn Asɛm a enni huammɔ da no so.

20. Dɛn nti na yebetumi de ahotoso ahwɛ nea ɛbɛba daakye no kwan?

20 Dɛn na yebenya daakye? Yehowa aka akyerɛ yɛn sɛ, yɛn mu dodow no ara betumi ahwɛ kwan sɛ yɛbɛtra asase a wɔadan no paradise a emu yɛ anigye so. Yɛn mu kakraa bi pɛ na wɔhwɛ kwan sɛ wɔne Kristo bedi ade wɔ soro. Sɛ́ yɛwɔ anidaso sɛ yɛbɛkɔ soro anaa yɛbɛtra asase so no, yenim nea enti a ɛsɛ sɛ yɛkɔ so di nokware te sɛ Yosua. Ɛda bi bɛba a nea yɛrehwɛ kwan no nyinaa bɛbam. Saa bere no, yɛbɛsan asusuw Yehowa bɔhyɛ ahorow nyinaa ho, na yɛn nso yebetumi aka sɛ: “Ne nyinaa aba mu.”

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 18 Yehowa Adansefo na wotintimii.

Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?

• Yehowa bɔhyɛ ahorow bɛn na ɛbaa mu maa Yosua hui?

• Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow bɛn na woahu sɛ aba mu?

• Ahotoso bɛn na yebetumi anya wɔ Onyankopɔn asɛm mu?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Yehowa de ne ho gyee nsɛm mu de gyee ne nkurɔfo

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Ɔkwan bɛn so na Yehowa bɔɔ ne nkurɔfo ho ban wɔ Ɛpo Kɔkɔɔ no ho?

[Mfonini wɔ kratafa 24]

Dɛn na Yehowa yɛe de hwɛɛ ne nkurɔfo wɔ sare no so?

[Mfonini wɔ kratafa 25]

Yehowa hwɛ ne nkurɔfo nnɛ