Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Luka—Ɔdɔfo Ne Yɔnko Dwumayɛni

Luka—Ɔdɔfo Ne Yɔnko Dwumayɛni

Luka—Ɔdɔfo Ne Yɔnko Dwumayɛni

NÁ ƐYƐ afe 65 Y.B. mu. Ná ɔwɔ Roma. Ná Luka nim sɛ asiane wom sɛ ɔbɛma afoforo ahu sɛ ɔyɛ ɔsomafo Paulo a esiane ne gyidi nti na wɔredi n’asɛm saa bere no adamfo. Ná ɛte sɛ nea wobebu Paulo kumfɔ. Nanso wɔ saa bere a na emu yɛ den mu no, Luka nkutoo na na ɔka ɔsomafo no ho.—2 Timoteo 4:6, 11.

Bible akenkanfo nim edin Luka efisɛ ɔno na ɔkyerɛw Asɛmpa a ne din da so no. Luka ne Paulo a ɔfrɛɛ Luka “dɔfo duruyɛfo,” ne ‘yɔnko dwumayɛni’ no tutuu akwan kɔɔ akyiri. (Kolosefo 4:14; Filemon 24) Kyerɛwnsɛm no nka Luka ho nsɛm pii; ɛbɔ ne din mpɛn abiɛsa pɛ. Nanso bere a worehwehwɛ nea wɔahu afa Luka ho mu no, ɛda adi sɛ w’ani bɛsɔ no te sɛ nea Paulo nyaa Kristoni nokwafo yi ho anisɔ no ara pɛ.

Bible Kyerɛwfo ne Ɔsɛmpatrɛwfo

Luka kyerɛw n’Asɛmpa no ne Asomafo Nnwuma no kɔmaa Teofilo, na ɛma yehu sɛ Luka na ɔkyerɛw nhoma abien a efi Onyankopɔn honhom mu no. (Luka 1:3; Asomafo Nnwuma 1:1) Luka nka sɛ ohuu Yesu Kristo som adwuma a ɔyɛe no. Mmom no, Luka ka sɛ onyaa ne nsɛm no fii nnipa a wɔde wɔn ani hui no hɔ, na ‘ɔhwehwɛɛ nneɛma no nyinaa mu pɛpɛɛpɛ fii mfiase.’ (Luka 1:1-3) Enti ɛbɛyɛ sɛ Luka bɛyɛɛ Kristo kyidini bere bi akyi wɔ Pentekoste 33 Y.B. mu.

Ebinom susuw sɛ na Luka fi Antiokia a ɛwɔ Siria. Wɔka sɛ Asomafo Nnwuma no ka nsɛm a esisii wɔ saa kurow no mu ho nsɛm pii, na nhoma no ka ‘mmarima baason a wobetumi adi wɔn ho adanse’ mu baako a ofi “Antiokia a wasakra abɛyɛ Yudani no” ho asɛm, nanso ɛmmɔ nkurow a mmarima baasia a wɔaka no fi mu din. Nokwarem no, yɛrentumi nsi pi nka sɛ Antiokia a Luka bɔɔ din no kyerɛ sɛ ɛhɔ na na ofi.—Asomafo Nnwuma 6:3-6.

Ɛwom sɛ wɔmmɔ Luka din wɔ Asomafo Nnwuma no mu de, nanso wɔde edin nsiananmu “yɛn” di dwuma wɔ mmeae bi, a ɛkyerɛ sɛ Luka nso de ne ho hyɛɛ nnwuma a wɔkaa ho asɛm wɔ Asomafo Nnwuma no mu bi. Bere a Luka kyerɛɛ akwan a Paulo ne n’ahokafo tutu kɔɔ mmeae ahorow wɔ Asia Kumaa no, ɔkae sɛ: “Wotwaam wɔ Misia baa Troa.” Ɛyɛ Troa na Paulo nyaa anisoadehu bi a na ɔbarima bi a ofi Makedonia resrɛ no sɛ: “Twa bra Makedonia bɛboa yɛn” no. Luka toaa so sɛ: “Onyaa anisoadehu no ara pɛ no, . . . yɛyɛe sɛ yɛbɛkɔ.” (Asomafo Nnwuma 16:8-10) Mfiase no Luka kae sɛ “wotwaam,” ɛnna akyiri yi ɔkae sɛ “yɛyɛe.” Asɛmfua “yɛyɛe” a Luka de dii dwuma no kyerɛ sɛ ɔkɔkaa Paulo ne n’ahokafo no ho wɔ Troa. Afei Luka rekyerɛkyerɛ asɛnka adwuma a wɔkɔyɛe wɔ Filipi no mu no, ɔde nsɛmfua bi te sɛ “yepue,” ne “yesusuw” na edii dwuma, a ɛkyerɛ sɛ na ɔka ho bi. Ɔkyerɛwee sɛ: “Homeda dui no yepue faa kurow no pon ano kɔɔ asubɔnten bi ho, faako a na yesusuw sɛ yebenya baabi a wɔbɔ mpae; na yɛtraa ase kasa kyerɛɛ mmea a na wɔahyiam wɔ hɔ no.” Eyi maa Lidia ne ne fiefo nyinaa gyee asɛmpa no dii na wɔbɔɔ wɔn asu.—Asomafo Nnwuma 16:11-15.

Wohyiaa ɔsɔretia wɔ Filipi, baabi a Paulo saa abaawa bi a na “ɔwɔ abosonkɔm honhom” a ɔde ka daakye nsɛm yare no. Bere a ne wuranom hui sɛ nea wɔn ani da so a ɛbɛma wɔn mfaso no afi hɔ no, wɔkyeree Paulo ne Silas hwee wɔn de wɔn koguu afiase. Ɛda adi sɛ wɔankyere Luka, efisɛ bere a ɔreka amane a n’ahokafo no hui ho asɛm no, wamfa ne ho anka ho. Bere a woyii Paulo ne Silas fii afiase no, “wɔhyɛɛ [anuanom no] nkuran, na wɔkɔe.” Ɛyɛ bere a Paulo san kɔɔ Filipi akyiri yi no na Luka san de ne ho kaa asɛm a ɔkyerɛwee no ho. (Asomafo Nnwuma 16:16-40; 20:5, 6) Ɛbɛyɛ sɛ Luka traa Filipi hwɛɛ adwuma no so wɔ hɔ.

Ɔboaboaa Nsɛm Ano

Ɛhe na Luka nyaa nsɛm a ɔde kyerɛw n’Asɛmpa no ne Asomafo Nnwuma no? Asomafo Nnwuma no fã a edi kan a Luka de ne ho kaa nsɛm a esisii no ho no kyerɛ sɛ ɔne Paulo na wofii Filipi kɔɔ Yerusalem, baabi a wɔsan kyeree Paulo no. Bere a wɔrekɔ no, Paulo ne n’ahokafo no traa ɔsɛmpakafo Filipo fie wɔ Kaesarea. (Asomafo Nnwuma 20:6; 21:1-17) Ná Luka betumi anya nsɛm a ɔkyerɛw faa asɛmpatrɛw adwuma a ɛkɔɔ so mfiase wɔ Samaria no ho afi Filipo a na wadi asɛmpaka adwuma no anim wɔ hɔ no hɔ. (Asomafo Nnwuma 8:4-25) Nanso henanom bio na Luka nyaa nsɛm fii wɔn hɔ?

Ɛda adi sɛ mfe abien a Paulo dii wɔ afiase wɔ Kaesarea no maa Luka nyaa hokwan yɛɛ nhwehwɛmu a ɔde kyerɛw n’Asɛmpa no. Ná obetumi akɔyɛ Yesu anato ho nhwehwɛmu wɔ Yerusalem a na ɛbɛn hɔ no. Yesu asetra ne ne som adwuma ho nsɛm pii wɔ hɔ a, Luka nkutoo na ɔyɛɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ n’Asɛmpa no mu. Nhomanimfo bi ahyɛ nsɛm a ɛte saa 82 nsow wɔ Luka Asɛmpa no mu.

Ebetumi aba sɛ Luka tee Yohane Osubɔni no awo ho nsɛm fii ne maame, Elisabet hɔ. Ebia onyaa Yesu awo ne ne mmofraase ho nsɛm fii Yesu maame, Maria hɔ. (Luka 1:5–2:52) Ɛbɛyɛ sɛ Petro, Yakobo, anaa Yohane na wɔkaa mpataa a woyii no anwonwakwan so no ho asɛm kyerɛɛ Luka. (Luka 5:4-10) Luka Asɛmpa no mu nkutoo na yehu Yesu mfatoho bi te sɛ Samariani mmɔborohunufo, ɔpon teateaa, dwetɛbona a ɛyerae, ɔba hohwini, ne ɔdefo ne Lasaro ho nsɛm no.—Luka 10:29-37; 13:23, 24; 15:8-32; 16:19-31.

Ná nkurɔfo ho asɛm hia Luka paa. Ɔkyerɛw Maria afɔre a ɔbɔ de dwiraa ne ho, okunafo bi ba a wonyan no, ne ɔbea a ɔde ngo huamhuam srasraa Yesu nan ho no ho asɛm. Luka na ɔbobɔɔ mmea a wɔsom Kristo no din, na ɔka sɛ Marta ne Maria som Kristo hɔho. Luka Asɛmpa no ka ɔbea bi a na ne mu akonton abien, ɔbarima bi a na wahonhon, ne akwatafo du a ɔsaa wɔn yare no ho asɛm. Luka na ɔkaa Sakeo a na ɔyɛ tiaa a ɔforoo dua na wahu Yesu no ho asɛm, na ɔkyerɛw ɔbɔnefo a wɔsɛn no Kristo nkyɛn a ɔsakrae no nso ho asɛm.—Luka 2:24; 7:11-17, 36-50; 8:2, 3; 10:38-42; 13:10-17; 14:1-6; 17:11-19; 19:1-10; 23:39-43.

Ɛnyɛ nwonwa sɛ Luka Asɛmpa no kae sɛ Samariani mmɔborohunufo a na ɔwɔ Yesu mfatoho no mu no de aduru guu obi a na wapira kuru so kyekyeree. Ɛda adi sɛ na Luka yɛ oduruyɛfo nti, ɔkyerɛw nneɛma a Yesu kae sɛ wɔde hwɛɛ opirafo no, a ebi ne nsa a wɔde gu kuru so, ngo a edwudwo yaw ano ne ade a wɔde kyekyere kuru no ho asɛm.—Luka 10:30-37.

Ɔhwɛɛ Paulo wɔ Afiase

Ná Luka dwen ɔsomafo Paulo ho. Bere a na Paulo da afiase wɔ Kaesarea no, Roma amrado Felike hyɛe sɛ “ɛnsɛ sɛ wɔbara [Paulo] ho nipa biara a ɔbɛba abɛsom no” no. (Asomafo Nnwuma 24:23) Ɛbɛyɛ sɛ na Luka ka saa asomfo no ho. Esiane sɛ na ɛnyɛ bere nyinaa na Paulo wɔ apɔwmuden nti, ebetumi aba sɛ hwɛ a “dɔfo duruyɛfo” no hwɛɛ no no yɛ ɔkwan biako a ɔfaa so som no.—Kolosefo 4:14; Galatifo 4:13.

Bere a Paulo de n’asɛm kɔdan Kaesare no, Roma amrado Festo de ɔsomafo no kɔɔ Roma. Luka kaa Paulo a na ɔda afiase no ho ma wotuu kwantenten kɔɔ Italy, na ɔkyerɛw nea ohui nyinaa wɔ hyɛn no a eguu asu no ho. (Asomafo Nnwuma 24:27; 25:9-12; 27:1, 9-44) Bere a na wɔaka Paulo ahyɛ fie wɔ Roma a na awɛmfo rewɛn no no, Onyankopɔn honhom kaa no ma ɔkyerɛw nkrataa pii, na ɔbɔɔ Luka din wɔ abien mu. (Asomafo Nnwuma 28:30; Kolosefo 4:14; Filemon 24) Ebia mfe abien a Paulo dii wɔ afiase no na Luka de kyerɛw Asomafo Nnwuma no.

Ɛbɛyɛ sɛ Paulo yɛɛ Onyankopɔn adwuma yiye wɔ baabi a na ɔda wɔ Roma no. Ná Luka betumi ne Paulo mfɛfo adwumayɛfo binom te sɛ Tihiko, Aristarko, Marko, Yusto, Epafra, ne Onesimo abɔ.—Kolosefo 4:7-14.

Bere a wɔde Paulo too afiase ne mprenu so a ohui sɛ ne wu abɛn no, na Luka ɔkokodurufo a bere nyinaa ɔka ne ho no wɔ ne nkyɛn, ɛmfa ho sɛ na afoforo agyaw ɔsomafo no hɔ no. Ebetumi aba sɛ na Luka nim sɛ wobetumi akyere no nanso ɔtraa hɔ. Ɛbɛyɛ sɛ Luka na ɔkyerɛw Paulo nsɛm yi: “Luka nkutoo na aka no wɔ me nkyɛn.” Abakɔsɛm kyerɛ sɛ eyi akyi bere tiaa bi no, wotwaa Paulo ti.—2 Timoteo 4:6-8, 11, 16.

Ná Luka wɔ ahofama, na na ɔbrɛ ne ho ase. Wamfa ne nhomanim antu ne ho na wampɛ sɛ obegye din. Nokwarem no, na anka obetumi de aduruyɛ ayɛ n’adwuma, nanso ɔpawee sɛ ɔde Ahenni nneɛma bedi kan. Sɛnea Luka yɛe no, momma yɛn nso yemfi yɛn pɛ nyinaa mu nka asɛmpa no, na yɛmfa ahobrɛase nsom mfa nhyɛ Yehowa anuonyam.—Luka 12:31.

[Adaka wɔ kratafa 19]

NÁ HENA NE TEOFILO?

Luka kyerɛw n’Asɛmpa no ne Asomafo Nnwuma no kɔmaa Teofilo. Wɔfrɛɛ saa ɔbarima yi “onuonyamfo Teofilo” wɔ Luka Asɛmpa no mu. (Luka 1:3) Ná “onuonyamfo” yɛ abodin a wɔde frɛ adefo ne Roma aban mpanyimfo. Ɔsomafo Paulo frɛɛ Festo, Roma amrado a na ɔwɔ Yudea no nso saa.—Asomafo Nnwuma 26:25.

Ɛda adi sɛ na Teofilo ate Yesu ho asɛm na na n’ani gye ho. Ná Luka wɔ anidaso sɛ n’Asɛmpa no bɛboa Teofilo ma ‘wahu nsɛm a wɔde akyerɛkyerɛ no no mu nokware.’—Luka 1:4.

Sɛnea Helani nhomanimfo Richard Lenski kyerɛ no, ɛbɛyɛ sɛ na Teofilo nyɛ gyidini bere a Luka frɛɛ no “onuonyamfo” no, efisɛ “na wɔmfaa wiase abodin a ɛte saa mfrɛɛ Kristoni biara da . . . wɔ Kristofo nhoma biara mu.” Akyiri yi, bere a Luka kyerɛw Asomafo Nnwuma no, wamfa abodin “onuonyamfo” amfrɛ no, na mmom ɔkae sɛ: “O Teofilo.” (Asomafo Nnwuma 1:1) Lenski wiee n’asɛm no sɛ: “Bere a Luka kyerɛw n’Asɛmpa no kɔmaa Teofilo no na ɔbarima onuonyamfo yi mmɛyɛɛ Kristoni, nanso na n’ani gye Kristosom ho paa; nanso bere a Luka kyerɛw Asomafo Nnwuma no kɔmaa no no, na wasakra abɛyɛ Kristoni.”