Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kyerɛkyerɛ Wo Ba Ma Ɔnyɛ Obi a Ɔpɛ Asomdwoe

Kyerɛkyerɛ Wo Ba Ma Ɔnyɛ Obi a Ɔpɛ Asomdwoe

Kyerɛkyerɛ Wo Ba Ma Ɔnyɛ Obi a Ɔpɛ Asomdwoe

Bere a abeawa bi a wɔfrɛ no Nicole a wadi mfe awotwe abusua yɛɛ nhyehyɛe sɛ wɔrebetu afi kurow a wɔte mu no mu akɔ kurow foforo so no, n’ani gyei, na na ɔtaa ne n’adamfo paa a wɔfrɛ no Gabrielle bɔ ho nkɔmmɔ. Da bi, Gabrielle de abufuw ka kyerɛɛ Nicole sɛ ɔbɛkɔ a ɔnkɔ, ɛmfa no ho. Asɛm no yɛɛ Nicole yaw yiye ma ɔde abufuw ka kyerɛɛ ne maame sɛ, “Mempɛ sɛ mehu Gabrielle bio!”

SƐ AKASAKASA sɔre wɔ mmofra ntam te sɛ nea esii wɔ Nicole ne Gabrielle ntam no a, mpɛn pii no, ɛsɛ sɛ awofo siesie asɛm no na wodwudwo mmofra no bo, na wɔsan kyerɛ wɔn sɛnea ɛsɛ sɛ wosiesie wɔn ntam nsɛmnsɛm. Mmofra nkumaa yɛ wɔn ade te sɛ “nkokoaa,” na mpɛn pii no, wonsusuw sɛnea nsɛm a wɔka ne wɔn nneyɛe betumi ahaw afoforo no ho. (1 Korintofo 13:11) Ehia sɛ wɔboa wɔn ma wonya su ahorow a ebetumi ama wɔne wɔn abusuafo ne afoforo atra asomdwoe mu.

Kristofo a wɔyɛ awofo ani gye ho paa sɛ wɔbɛtete wɔn mma ma ‘wɔahwehwɛ asomdwoe na wɔadi akyi.’ (1 Petro 3:11) Sɛ yɛbɔ mmɔden hyɛ yɛn ho so na yɛannya afoforo ho adwemmɔne, amfa wɔn ho abufuw, na yɛantan wɔn, na mmom yɛma asomdwoe tra yɛne wɔn ntam a, yɛn ani gye kɛse, na yebehu sɛ mfaso wɔ so paa sɛ yɛyɛ saa. Sɛ woyɛ ɔwofo a, wobɛyɛ dɛn atumi akyerɛkyerɛ wo mma ma wɔne afoforo atra asomdwoe mu?

Ma Wonnya Ɔpɛ sɛ Wɔbɛsɔ “Asomdwoe Nyankopɔn” no Ani

Wɔfrɛ Yehowa sɛ “asomdwoe Nyankopɔn,” na wɔka sɛ ɔno ne nea “ɔma asomdwoe.” (Filipifo 4:9; Romafo 15:33) Enti, awofo a wonim nyansa de Onyankopɔn Asɛm Bible yɛ adwuma yiye de tete wɔn mma ma wonya ɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ ade a ɛsɔ Onyankopɔn ani, na wɔasuasua ne su ahorow. Sɛ nhwɛso no, boa wo mma ma wɔnyɛ nyankontɔn a ne kɔla yɛ ahabammono a atwa Yehowa ahengua ho ahyia a ɔsomafo Yohane hui wɔ anisoadehu bi a ɛyɛ nwonwa mu no ho mfonini wɔ wɔn adwenem. * (Adiyisɛm 4:2, 3) Kyerɛkyerɛ mu kyerɛ wɔn sɛ, nyankontɔn no kyerɛ sɛ Yehowa yɛ obi a ɔpɛ asomdwoe paa, na ɔbɛma wɔn a wotie no no nyinaa anya saa asomdwoe no bi.

Yehowa san de akwankyerɛ fa ne Ba Yesu a wɔfrɛ no “Asomdwoe-hene” no so ma yɛn. (Yesaia 9:6, 7) Enti, wo ne wo mma nkumaa nkenkan nsɛm bi a Yesu kae a mfaso wɔ so a ɛwɔ Bible mu a ɛkyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ yɛko ntɔkwaw anaasɛ yɛne afoforo ham no, na munsusuw ho. (Mateo 26:51-56; Marko 9:33-35) Kyerɛkyerɛ nea enti a ɔsomafo Paulo a na ɔyɛ “mmusubɔfo” no sesaa n’akwan, na ɔkyerɛwee sɛ “ɛnsɛ sɛ Awurade akoa ko, na mmom ɛsɛ sɛ odwo ma nnipa nyinaa, . . . ɔhyɛ ne ho so wɔ bɔne ho” no mu kyerɛ wɔn. (1 Timoteo 1:13; 2 Timoteo 2:24) Wo ba no betumi de nea woakyerɛ no no ayɛ adwuma ma ayɛ wo nwonwa.

Evan kae sɛ, bere a odii mfe ason no, abarimaa bi dii ne ho fɛw wɔ sukuu bɔs mu. Evan ka sɛ: “Me bo fuw abarimaa no araa ma na anka mepɛ sɛ meyɛ no bi tua ka! Ɛhɔ ara na mekaee ade a yesuae wɔ fie a ɛfa obi a ɔpɛ sɛ ɔne wo ko ntɔkwaw ho no. Ná minim sɛ Yehowa mpɛ sɛ ‘yɛde bɔne tua obiara bɔne so ka,’ na mmom, ɛsɛ sɛ yɛne ‘nnipa nyinaa tra asomdwoe mu.’” (Romafo 12:17, 18) Afei, Evan nyaa ahoɔden ne akokoduru hyɛɛ ne ho so, na ɔne abarimaa no kasae wɔ odwo mu de twaa asɛm no so. Ná ɔpɛ sɛ ɔyɛ ade a ɛsɔ asomdwoe Nyankopɔn no ani.

Yɛ Ɔwofo a Ɔpɛ Asomdwoe

So asomdwoe wɔ wo fie? Sɛ ɛte saa a, ɛnde, wo mma betumi ahwɛ wo asuasua wo, bere mpo a wonkaa hwee nkyerɛɛ wɔn no. Sɛ wusuasua sɛnea Onyankopɔn ne Kristo yɛ wɔn ade wɔ asomdwoe mu no yiye a, ɛnde wubetumi akyerɛkyerɛ wo mma yiye ma wɔayɛ wɔn a wɔpɛ asomdwoe.—Romafo 2:21.

Russ ne ne yere Cindy yeree wɔn ho tetee wɔn mmabarima baanu, na wotuu wɔn fo sɛ sɛ obi yɛ wɔn ade ma ɛyɛ wɔn yaw a, ɛnsɛ sɛ wɔyɛ bi tua no ka. Cindy ka sɛ: “Sɛ yɛn mma no anaa afoforo fom yɛn a, sɛnea me ne Russ ne wɔn kasa no boa wɔn kɛse ma wohu sɛnea ɛsɛ sɛ wɔn nso ne afoforo a wɔfom wɔn no di nsɛm.”

Ɔwofo biara di mfomso—enti sɛ wudi mfomso mpo a, wubetumi agyina mfomso no so akyerɛ wo mma no biribi a mfaso wɔ so. Stephen ka sɛ: “Mmere bi wɔ hɔ a me ne me yere Terry bo fuw yɛn mma baasa no denneennen, na yɛteɛ wɔn so ansa na yɛahu nokware a ɛwɔ asɛm no mu ankasa. Sɛ ɛba saa a, yɛpa wɔn kyɛw.” Terry nso ka sɛ: “Yɛma yɛn mma no hu sɛ yɛn nso yɛyɛ nnipa a yɛnyɛ pɛ, na yedi mfomso. Yɛte nka sɛ eyi a yɛyɛe no ama asomdwoe aba yɛn abusua no mu, na asan aboa mmofra no ma wɔayɛ nnipa a wɔpɛ asomdwoe.”

So sɛnea wo ne wo mma te no ama wɔresua sɛ wɔne afoforo bɛtra asomdwoe mu? Yesu tuu yɛn fo sɛ: “Enti nea mopɛ sɛ nnipa nyɛ mo biara no, mo nso monyɛ wɔn saa ara.” (Mateo 7:12) Ɛwom sɛ wutumi di mfomso de, nanso nya awerɛhyem sɛ mfaso kɛse befi ɔdɔ ne tema a woda no adi kyerɛ wo mma no mu aba. Sɛ wode afotu ma wo mma wɔ ɔdɔ mu a, wɔde bɛyɛ adwuma ntɛm ara.

Mma Wo Bo Mfuw Ntɛmntɛm

Mmebusɛm 19:11 ka sɛ: “Onipa nimdeɛ twentwɛn n’abufuw ase.” Wobɛyɛ dɛn atumi aboa wo mma ma wɔanya nimdeɛ a ɛte saa? David kyerɛkyerɛ ɔkwan a na ɔne ne yere Mariann fa so boa wɔn babarima ne wɔn babea no mu. David ka sɛ: “Sɛ obi yɛ biribi anaa ɔka asɛm bi ma ɛhaw mmofra no bi a, yɛboa wɔn ma wohu nea wafom wɔn no mmɔbɔ. Yebisa wɔn nsɛm ntiantiaa bi te sɛ: ‘So munim sɛ ebia biribi ankɔ yiye amma onii no saa da no? So ahoɔyaw na ɛma ɔyɛɛ saa? Obi ahyɛ no abufuw anaa?’” Mariann de ka ho sɛ: “Ɛno ma mmofra no ka wɔn koma to wɔn yam, na wɔnkɔ so nni asɛm no ho yaw anaasɛ wɔntwe asɛm no mu nhwehwɛ nea n’asɛm yɛ dɛ ne nea n’asɛm nyɛ dɛ.”

Mfaso kɛse betumi afi ntetee a ɛte saa so aba. Hyɛ sɛnea Nicole a yɛkaa ne ho asɛm mfiase no maame Michelle faa ɔkwan bi so boaa no ma ɔne Gabrielle siesiee wɔn ntam, na wɔsan yɛɛ nnamfo bio no nsow. Michelle ka sɛ: “Me ne Nicole kenkan Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No nhoma no ti 14. * Afei, mekyerɛkyerɛɛ nea na Yesu rekyerɛ bere a ɔkae sɛ ɛsɛ sɛ yɛde obi bɔne firi no ma ‘ɛkosi mpɛn aduɔson ason’ no mu kyerɛɛ no. Bere a meyɛɛ aso tiee Nicole ma ɔkaa nea ɛhaw no wiei no, meboaa no ma ɔtee ase sɛ esiane sɛ na onim sɛ n’adamfo paa rebegyaw ne hɔ akɔ akyirikyiri no nti na ɔde ɛyaw ne awerɛhow kaa saa no.”—Mateo 18:21, 22.

Ntease foforo a Nicole nyae wɔ nea ɛbɛyɛ sɛ ɛmaa Gabrielle bo fuwii ho no boaa no ma onyaa yɔnkodɔ, na ɛhyɛɛ no nkuran ma ɔfrɛɛ Gabrielle wɔ telefon so paa no kyɛw. Michelle ka sɛ: “Efi saa bere no, Nicole ani abegye ho sɛ obehu afoforo mmɔbɔ, na wayɛ nneɛma pa a ɛbɛma wɔn ani agye.”—Filipifo 2:3, 4.

Boa wo mma sɛnea ɛbɛyɛ a afoforo mfomso anaa akasakasa a ɛsɔre wɔ wɔne afoforo ntam no renhyɛ wɔn abufuw. Sɛ wɔyɛ saa a, ebetumi ama w’ani agye sɛ wubehu sɛ wo mma nkumaa fi wɔn komam da ayamye ne ayamhyehye adi kyerɛ afoforo.—Romafo 12:10; 1 Korintofo 12:25.

Ma Wonhu Anuonyam a Ɛwɔ Fafiri Mu

Mmebusɛm 19:11 ka sɛ: “Mfomso ho twa yɛ no anuonyam.” Bere a na Yesu wɔ ahoyeraw kɛse mu no, osuasuaa n’Agya, na ɔde afoforo bɔne firii wɔn. (Luka 23:34) Sɛ wode wo mma bɔne firi wɔn a, ebetumi ama wɔahu anuonyam a ɛwɔ bɔne fafiri mu no.

Sɛ nhwɛso no, abarimaa bi a wadi mfe anum a wɔfrɛ no Willy ani gye ho sɛ ɔne nenabea bɛyɛ mfonini. Bere bi a na wɔreyɛ mfonini no, ne nenabea no gyaee mfonini no yɛ prɛko pɛ, na ɔkaa Willy anim denneennen gyaw no hɔ kɔe. Animka no haw Willy yiye. Abofra no papa Sam kae sɛ: “Willy nenabea no wɔ yare bi a ɛka obi adwene ma ne werɛ fi biribiara. Enti, yɛfaa ɔkwan bi so kyerɛkyerɛɛ Willy mu ma ɔtee ase.” Akyiri yi, bere a yɛkaee Willy sɛ ɔno nso afom mpɛn pii ma yɛde akyɛ no enti ɛsɛ sɛ ɔno nso yɛ saa ara no, nea Willy yɛe no yɛɛ Sam nwonwa paa. Sam kae sɛ: “Bere a yehui sɛ yɛn ba kumaa no akɔpa ne nena aberewa a wadi mfe 80 no kyɛw, na waso ne nsa asan ne no akɔtra ɔpon no ho no, hwɛ sɛnea me ne me yere ho dwiriw yɛn!”

Nokwarem no, sɛ mmofra sua sɛ wɔbɛkɔ so anya afoforo ho abotare, na wɔde wɔn sintɔ ne wɔn mfomso akyɛ wɔn a, ɛhyɛ wɔn “anuonyam.” (Kolosefo 3:13) Boa wo mma ma wonhu sɛ sɛ nkurɔfo hyɛ da mpo hyɛ wɔn abufuw na wɔne wɔn di no asomdwoe so a, nneɛma pa betumi afi mu aba, efisɛ “sɛ onipa akwan sɔ [Yehowa, NW] ani a, ɔma n’atamfo po ne no ntam ba asomdwoe.”—Mmebusɛm 16:7.

Kɔ so Boa Wo Ba Ma Ɔnyɛ Obi a Ɔpɛ Asomdwoe

Sɛ awofo de Onyankopɔn Asɛm kyerɛkyerɛ wɔn mma “wɔ asomdwoe mu,” na awofo no da wɔn ho adi sɛ wɔyɛ “wɔn a wɔpɛ asomdwoe” a, wɔboa mmofra no kɛse. (Yakobo 3:18) Awofo a wɔyɛ saa no retete wɔn mma ma wɔahu sɛnea wobesiesie wɔne afoforo ntam nsɛmnsɛm, na wɔayɛ nnipa a wɔpɛ asomdwoe nso. Eyi boa kɛse ma mmofra no ani gye, na wonya abotɔyam wɔ wɔn nkwa nna nyinaa mu.

Dan ne Kathy wɔ mma baasa a wɔadu wɔn mpanyin afe so a wɔrebɔ mmɔden wɔ Onyankopɔn som mu. Dan ka sɛ: “Ɛwom sɛ bere a wosusua no, na wɔn ntetee yɛ den de, nanso ɛyɛ yɛn anigye sɛ yɛn mma no reyere wɔn ho wɔ Yehowa som mu nnɛ. Seesei, wotumi ne afoforo bɔ yiye, na sɛ nkurɔfo fom wɔn a, wofi wɔn komam de firi wɔn, na ɛma asomdwoe kɔ so tra wɔn ntam.” Kathy ka sɛ: “Eyi hyɛ yɛn nkuran titiriw, efisɛ asomdwoe yɛ Onyankopɔn honhom aba no fã.”—Galatifo 5:22, 23.

Enti, sɛ́ Kristofo a moyɛ awofo a moretete mo mma ma wɔabɛyɛ nnipa a wɔpɛ asomdwoe no, sɛ mfiase no ɛyɛ te sɛ nea mo mma no mfa mo afotu no nyɛ adwuma mpo a, esiane mfaso a ebetumi afi mu aba nti, ɛnsɛ sɛ ‘mopa abaw’ anaasɛ ‘mobrɛ.’ Munnya awerɛhyem sɛ, bere a moreyɛ saa no, “ɔdɔ ne asomdwoe Nyankopɔn no ne mo bɛtra.”—Galatifo 6:9; 2 Korintofo 13:11.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 16 Yehowa Adansefo na wotintimii.

[Adaka/​Mfonini wɔ kratafa 20]

SO MFASO WƆ SO?

Nsɛnkyerɛwfo adwumakuw bi a wɔfrɛ no Media Awareness Network no kyerɛw asɛm bi a n’asɛmti ne “Basabasayɛ a Ɛkɔ so wɔ Sini a Woyi no TV So Mu.” Wɔkae wɔ mu sɛ: “Basabasa a nnipa a wɔwɔ su pa a wɔwɔ sini no mu ne nsɛmmɔnedifo a wɔwɔ mu nyinaa kɔ so yɛ a woyi kyerɛ no ma ɛbɛyɛ te sɛ nea wɔresi so dua sɛ adwene a nkurɔfo kura sɛ wɔnam basabasayɛ so na esiesie ɔhaw no yɛ nokware.” Bere a wɔhwehwɛɛ sini ahorow a woyi wɔ TV so ne nnwom ho video a woyi kyerɛ nyinaa mu no, wohui sɛ ɔha mu 10 pɛ na wɔdaa no adi wɔ mu sɛ nea efi basabasayɛ mu ba no nye. Nea wɔkyerɛw faa asɛm no ho ne sɛ, “woyii basabasayɛ no kyerɛe sɛ ade a asɛm biara nni ho, ɛnhaw adwene, ade a wontumi nyi mfi mu, a nea ɛkyerɛ ne sɛ basabasayɛ ne ɔkwan a eye sen biara a wɔfa so siesie ɔhaw.”

So wuhu sɛ ehia sɛ woyɛ nsakrae wɔ TV a mohwɛ wɔ mo fie mu no mu? Mommma sini a woyi wɔ TV so no nnsɛe mmɔden a morebɔ sɛ mobɛkyerɛkyerɛ mo mma ma wɔayɛ nnipa a wɔpɛ asomdwoe no.

[Mfonini wɔ kratafa 17]

Kyerɛkyerɛ wo mma ma wonnya ɔpɛ sɛ wɔbɛsɔ “asomdwoe Nyankopɔn” no ani

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Sɛ wo mma didi afoforo atɛm anaa wɔyɛ basabasa a, gye bere fa teɛ wɔn so

[Mfonini wɔ kratafa 19]

Ɛsɛ sɛ wo mma sua sɛnea wɔpa kyɛw na wɔde bɔne firi