Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nnipa a Wɔwɔ Wiase Nyinaa Reyɛ Biako—Ɔkwan Bɛn So?

Nnipa a Wɔwɔ Wiase Nyinaa Reyɛ Biako—Ɔkwan Bɛn So?

Nnipa a Wɔwɔ Wiase Nyinaa Reyɛ Biako—Ɔkwan Bɛn So?

WOBƐKYERƐ “biakoyɛ” ase dɛn? Nnipa binom ka sɛ, sɛ ntɔkwaw anaa akasakasa nni nnipa ntam a, na ɛkyerɛ sɛ biakoyɛ wɔ wɔn ntam. Sɛ nhwɛso no, sɛ aman abien anaa nea ɛboro saa yɛ apam na wɔpene so sɛ wɔbɛtra ase asomdwoe mu a, yebetumi aka sɛ wɔayɛ biako. Nanso, so saa na biakoyɛ kyerɛ ankasa? Ɛnte saa koraa.

Wode susuw ho hwɛ: Efi teteete de besi nnɛ no, wɔayɛ asomdwoe apam mpempem pii ma agu. Dɛn ntia? Efisɛ, mpɛn pii no, nea ehia wiase akannifo titiriw ne tumi a wɔn ankasa benya, na ɛnyɛ asomdwoe ne biakoyɛ. Afei nso, aman bi suro sɛ sɛ wɔantete wɔn asraafo ma wɔanyɛ den te sɛ aman a wɔaka no a, asɛm betumi ato wɔn.

Enti, sɛ aman abien bi wɔ hɔ na akodi nni wɔn ntam a, ɛno nkyerɛ ankasa sɛ wɔayɛ biako, na asomdwoe wɔ wɔn ntam. Sɛ mmarima baanu poma atuo na wɔn mu biara de akyerɛ ne yɔnko so a, so yebetumi aka ankasa sɛ asomdwoe wɔ wɔn ntam esiane sɛ wɔntowee nti? Nyansa nnim sɛ yebenya adwene a ɛte saa! Nanso, tebea a ɛte saa na aman pii wom nnɛ. Esiane sɛ aman pii nnye wɔn ho nni nti, ama wosuro sɛ anhwɛ a da koro ɔman bi bedi kan atow n’akode. Dɛn na wɔayɛ sɛnea ɛbɛyɛ a asɛm a ɛte saa rensi?

Nuklea Akode Ho Hu—Ɛno na Ɛmma Biakoyɛ Mma

Nnipa pii de wɔn ani ato Nuklea Akode a Wɔmma Ɛnnɔɔso Ho Apam (Nuklea Apam) no so. Saa apam no a wogye toom wɔ afe 1968 mu no barae sɛ ɛnsɛ sɛ aman a wonni saa akode no bi no yɛ bi, na ɛnsɛ sɛ wɔn a wɔwɔ bi dedaw no nso yɛ bi ka ho. Nea enti a wɔyɛɛ saa Nuklea Apam a ɛnnɛ aman bɛboro 180 agye atom no ne sɛ, wɔnam so beyi akode nyinaa afi hɔ.

Ɛwom sɛ ɛte sɛ nea aman a wɔyɛɛ apam no wɔ adwempa de, nanso aman bi a wɔkasa tia Nuklea Apam no ahu sɛ, nea ɛma wɔyɛɛ saa apam no ne sɛ, wɔmpɛ sɛ aman a wonni saa akode no bi no yɛ bi. Enti, wosuro sɛ aman a wɔde wɔn nsa ahyɛ apam no ase no betumi asesa wɔn adwene. Nokwarem no, aman bi bu Nuklea Apam no sɛ ɛyɛ asisisɛm kɛse sɛ wɔremma wɔnnyɛ akode no bi mfa mmɔ wɔn ho ban.

Nea asɛe asɛm no koraa, anaa nea ama ayɛ hu ne sɛ, ɔman biara wɔ hokwan sɛ ɔde nuklea ahoɔden yɛ anyinam ahoɔden. Eyi ama nnipa bi suro sɛ aman bi a wɔkyerɛ sɛ wɔde nuklea reyɛ nneɛma a ɛnyɛ akode no betumi awia wɔn ho de ayɛ akode.

Aman a wɔwɔ nuklea akode no bi dedaw mpo betumi abu wɔn ani agu Nuklea Apam no so. Wɔn a wɔkasa tia Nuklea Apam no ka sɛ ɛbɛyɛ nea nyansa nnim sɛ yɛbɛhwɛ kwan sɛ aman a wɔwɔ akode pii no bɛsɛe nea wɔwɔ nyinaa anaasɛ wɔrenyɛ pii nka ho bio. Sɛnea nhoma bi kyerɛ no, “sɛ wobetumi ama aman a wɔwɔ akode pii no asɛe akode a wɔwɔ no anaasɛ wɔagyae yɛ a, . . . gye sɛ wɔma aman a seesei wɔn ani nhyia no fa wɔn ho nnamfo denneennen, na wonya wɔn ho wɔn ho mu ahotoso, [nanso ɛbɛyɛ den sɛ ɛbɛyɛ yiye saa], na biribi a ɛte saa rentumi nsi da.”

Mmɔden biara a nnipa abɔ sɛ wɔbɛma biakoyɛ aba no, ɛmfa ho adwempa a wɔde yɛe no, anyɛ yiye. Eyi nyɛ wɔn a wosua Bible no nwonwa, efisɛ Onyankopɔn Asɛm ka sɛ: “Enni ɔbarima nsam, sɛnea ɔnam a obetutu n’anammɔn.” (Yeremia 10:23) Bible san ka no pefee sɛ: “Ɛwɔ ɔkwan bi a ɛteɛ onipa ani so, na n’awiei yɛ owu kwan.” (Mmebusɛm 16:25) Mmɔden a nnipa nniso ahorow rebɔ sɛ wɔbɛma biakoyɛ aba no renyɛ yiye. Nanso, anidaso wɔ hɔ.

Onii a Ɔde Biakoyɛ Ankasa Bɛba

Onyankopɔn bɔhyɛ pii wɔ Bible mu a ɛkyerɛ sɛ biakoyɛ bɛba wiase, nanso ɛnyɛ onipa desani bi na ɔde bɛba. Ɔbɔadeɛ no a na ɔpɛ sɛ nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa tra ase asomdwoe mu no na ɔbɛyɛ nea onipa biara ntumi nyɛ no. Ebia ebinom besusuw sɛ ɛrentumi nyɛ yiye. Nanso, nea na Onyankopɔn pɛ fi mfiase pɛɛ ne sɛ nnipa bɛtra ase wɔ asomdwoe ne biakoyɛ mu. * Nsɛm pii wɔ Bible mu a edi adanse sɛ Onyankopɔn da so ara pɛ sɛ nnipa nyinaa yɛ biako. Susuw ɛho nhwɛso kakraa bi ho hwɛ:

• “Mommra mmɛhwɛ [Yehowa, NW] nnwuma, ɔsɛe ko a wama aba asase so. Ɔma akodi gyae kosi asase ano, obubu ta mu na otwitwa peaw mu asinasin, ɔde gya hyew nteaseɛnam.”—DWOM 46:8, 9.

• “Wɔrenyɛ bɔne na wɔrensɛe ade bio, me bepɔw kronkron no nyinaa so, na [Yehowa, NW] hu bɛyɛ asase ma, sɛ nsu kata po so no.”—YESAIA 11:9.

• “Ɔbɛmene owu akosi daa, na [Yehowa, NW] bɛpopa ani nyinaa so nusu, na wayi ne man ahohora afi asase nyinaa so akɔ, efisɛ [Yehowa, NW] na waka.”—YESAIA 25:8.

• “Sɛnea ne bɔhyɛ te no, yɛretwɛn ɔsoro foforo ne asase foforo, na eyi mu na trenee bɛtra.”—2 PETRO 3:13.

• “[Onyankopɔn bɛpopa] wɔn aniwam nusu nyinaa, na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne yaw nso nni hɔ bio. Kan nneɛma no atwam.”—ADIYISƐM 21:4.

Saa bɔhyɛ ahorow yi bɛbam. Dɛn ntia? Efisɛ, sɛ́ Ɔbɔadeɛ no, Yehowa Nyankopɔn wɔ tumi a ɔde bɛma nnipa nyinaa ayɛ biako. (Luka 18:27) Na ɔwɔ ɔpɛ nso sɛ ɔbɛyɛ saa. Nokwarem no, Bible frɛ nea Onyankopɔn bɛyɛ yi sɛ “ɛsɔ n’ani . . . sɛ . . . ɔbɛka nneɛma nyinaa abom bio wɔ Kristo mu, nea ɛwɔ soro ne nea ɛwɔ asase so.”—Efesofo 1:8-10.

Ɛbɔ a Onyankopɔn ahyɛ sɛ ɔde “wiase foforo” a emu na “trenee bɛtra” bɛba no nyɛ nsusuwii hunu bi ara kwa. (2 Petro 3:13) Yehowa Nyankopɔn hyɛɛ bɔ sɛ: “Ɛrensan mma me nkyɛn kwa, gye sɛ ɛyɛ nea mepɛ na ewie nea enti a mesomae no.”—Yesaia 55:11.

Onyankopɔn Asɛm Ama Wɔayɛ Biako

Sɛnea yɛadi kan aka wɔ asɛm a edi eyi anim mu no, mpɛn pii no, sɛ́ anka nyamesom bɛma nnipa ayɛ biako no, ɛpaapae wɔn mu mmom. Ɛsɛ sɛ yesusuw eyi ho anibere so, efisɛ sɛ yegye tom sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ a, so ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ n’asomfo ne wɔn ho wɔn ho bɛtra asomdwoe ne biakoyɛ mu? Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan saa!

Mpaapaemu a nyamesom de aba nnipa mu no mfi Yehowa Nyankopɔn, na n’Asɛm nso nkyerɛkyerɛ saa. Esiane sɛ ɔsom ahorow no nkyerɛkyerɛ nkurɔfo ɔkwan a Onyankopɔn akyerɛ sɛ yɛmfa so nyɛ biako, na mmom, wɔkyerɛkyerɛ nhyehyɛe a nnipa ayɛ de hwehwɛ biakoyɛ no nti na ama aba saa. Yesu frɛɛ nyamesom akannifo a na wɔwɔ ne bere so no “nyaatwomfo,” na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Edi sɛ Yesaia hyɛɛ mo ho nkɔm sɛ, ‘Ɔman yi de wɔn ano na edi me ni, na wɔn koma de, atwe afi me ho koraa. Wɔkɔ so som me kwa, efisɛ wɔkyerɛkyerɛ nsɛm a nnipa ahyehyɛ.’”—Mateo 15:7-9.

Nanso, nokware som ma nnipa yɛ biako. Odiyifo Yesaia ka siei sɛ: “Nna a edi akyiri no mu no, [Yehowa, NW] fi bepɔw no betim hɔ ataa mmepɔw atifi, na wɔama so asen nkoko nyinaa, na amanaman nyinaa asen yuu aba ho. Na obebu amanaman no ntam atɛn, na ɔbɛka aman bebree anim, na wɔde wɔn nkrante abobɔ nsɔw, ne wɔn mpeaw ayeyɛ nnare; ɔman bi remma afoa so nhyɛ ɔman bi, na wɔrensua akodi bio.”—Yesaia 2:2, 4.

Ɛnnɛ, Yehowa Adansefo a wɔwɔ nsase bɛboro 230 so no de akwankyerɛ ahorow a ɛbɛma wɔayɛ biako a Yehowa Nyankopɔn de ama no reyɛ adwuma. Dɛn ne ade titiriw a ama wɔayɛ biako no? Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Monhyɛ ɔdɔ efisɛ ɛyɛ koroyɛ hama a ɛyɛ pɛ.” (Kolosefo 3:14) Hela asɛmfua a Paulo de gyinaa hɔ maa “hama” no betumi akyerɛ ntini a ɛwɔ nipadua mu. Ntini ahorow a ɛte saa no yɛ den te sɛ ntampehama, na ɛyɛ nnwuma titiriw abien wɔ nipadua no mu. Ɛno na esuso nipadua no akwaa no biara mu, na ɛkeka nnompe nso toatoa mu.

Saa ara na ɔdɔ te. Ɔdɔ mma nnipa nkunkum wɔn ho, na ɛyɛ nneɛma foforo nso. Sɛ yesuasua ɔdɔ a Kristo wɔ no bi a, ɛbɛma yɛne nnipa a wofi mmusua ahorow mu atumi atra wɔ asomdwoe mu. Sɛ nhwɛso no, ɛma nkurɔfo de Yesu asɛm a wonim no yiye no bɔ wɔn bra. Wɔakyerɛw saa asɛm yi wɔ Mateo 7:12. Yesu Kristo kae sɛ: “Enti nea mopɛ sɛ nnipa nyɛ mo biara no, mo nso monyɛ wɔn saa ara.” Saa akwankyerɛ yi a nnipa pii de ayɛ adwuma no aboa wɔn ma wɔayi nnipa ho adwemmɔne afi wɔn mu.

‘Monnodɔ Mo Ho’

Yehowa Adansefo asi wɔn bo sɛ wobedi asɛm a Yesu kae yi so de ada wɔn ho adi sɛ wɔyɛ Kristo asuafo. Ɔkae sɛ: “Sɛ mododɔ mo ho a, ɛno na ɛbɛma nnipa nyinaa ahu sɛ moyɛ m’asuafo.” (Yohane 13:35) Wɔada saa ɔdɔ yi adi wɔ ɔkwan soronko so wɔ mmere a mmusuakuw ntam akodi ne amammui mu basabasayɛ asɔre no. Sɛ nhwɛso no, bere a ɔko bi a wɔde tɔre mmusuakuw ase sɔree wɔ Rwanda wɔ afe 1994 mu no, Yehowa Adansefo daa ɔdɔ adi kyerɛɛ wɔn ho wɔn ho. Adansefo a wɔyɛ Hutufo no de wɔn ankasa nkwa too asiane mu de bɔɔ wɔn nuanom a wɔyɛ Tutsifo no ho ban!

Nokwarem no, ɛyɛ nea ntease nnim sɛ yɛbɛhwɛ kwan sɛ, wiase amanaman no benya yɔnkodɔ ama wɔn ho wɔn ho araa ma ɛde biakoyɛ aba wiase yi mu. Sɛnea Bible kyerɛ no, Onyankopɔn na ɔde biakoyɛ a ɛte saa no bɛba wɔ ne bere a ɛsɛ mu. Nanso, seesei mpo, ankorankoro betumi adodɔ wɔn ho ma ɛde biakoyɛ aba.

Wɔ afe a etwaam mu no, Yehowa Adansefo de nnɔnhwerew bɛboro ɔpepepem biako kaa Bible mu asɛm kyerɛɛ nkurɔfo, na wɔma wohui sɛ mfaso wɔ so sɛ wɔde Bible mu afotu bɔ wɔn bra nnɛ. Onyankopɔn Asɛm mu nokware nimdeɛ ama nnipa mpempem pii ayɛ biako. Bere bi, na saa nkurɔfo a wɔayɛ biako yi mu bi tentan wɔn ho. Wɔn mu bi ne Arabifo ne Yudafo, Armeniafo ne Turkeyfo, Germanfo ne Russiafo.

So wopɛ sɛ wuhu sɛnea Onyankopɔn Asɛm Bible no tumi ma nnipa yɛ biako no? Sɛ ɛte saa a, hwehwɛ Yehowa Adansefo a wɔwɔ baabi a wote no, anaa fa address a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 2 no mu nea ɛfata no kyerɛw wɔn.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 12 Sɛ wopɛ sɛ wuhu nea Onyankopɔn bɛyɛ ama nnipa no ho nsɛm pii a, hwɛ Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nhoma a Yehowa Adansefo atintim no ti 3.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 4]

Wɔayɛ asomdwoe apam mpempem pii ma agu

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 7]

Bible mu nsɛm a nkurɔfo de ayɛ adwuma no ama wɔatumi ayɛ ade a nnipa nniso ntumi nyɛ

[Mfonini wɔ kratafa 5]

Onyankopɔn Asɛm ma yehu Onii a ɔde biakoyɛ ankasa bɛba no

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Yehowa Adansefo a wɔyɛ Hutufo ne Tutsifo abom resi ɔdan a wɔsom wom