Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wugye Yehowa Tumidi Tom?

So Wugye Yehowa Tumidi Tom?

So Wugye Yehowa Tumidi Tom?

“Monka amanaman mu sɛ, [Yehowa, NW] di hene.”—DWOM 96:10.

1, 2. (a) Asɛm a ɛyɛ nwonwa bɛn na esii wɔ bɛyɛ October afe 29 Y.B. mu? (b) Dɛn na saa asɛm a esii no ma Yesu hui?

ASƐM bi a ɛyɛ nwonwa a na ebi nsii da wɔ asase so sii wɔ bɛyɛ October afe 29 Y.B. mu. Asɛmpa kyerɛwfo Mateo bɔ amanneɛ sɛ: “Ɔbɔɔ Yesu asu wiei no ara na ofii nsu no mu puei, na hwɛ! ɔsoro buei, na [Yohane Osuboni huu] Onyankopɔn honhom sɛ ɛresian ba [Yesu] so te sɛ aborɔnoma. Afei hwɛ! Nne bi fi soro kae sɛ: ‘Oyi ne me Ba a medɔ no na magye no atom.’” Asɛm a esii yi yɛ nsɛm kakraa bi a Nsɛmpa akyerɛwfo baanan no nyinaa yɛɛ ho kyerɛwtohɔ no mu biako.—Mateo 3:16, 17; Marko 1:9-11; Luka 3:21, 22; Yohane 1:32-34.

2 Honhom kronkron a wohwie guu Yesu so no na ɛma wohui sɛ ɔno ne Mesia anaa Kristo, a nea ɛkyerɛ ne Nea Wɔasra No no. (Yohane 1:33) Awiei koraa no, ná ‘aseni’ a wɔhyɛɛ no ho bɔ no aba! Afei de, ná onii a Satan bɛka ne nantin na ɔno nso abɔ ɔtamfo kɛse a ɔsɔre tia Yehowa ne Ne tumidi ti no na na ogyina Yohane Osuboni anim yi. (Genesis 3:15) Efi saa bere no, Yesu hui pefee sɛ ɛsɛ sɛ ɔbɔ mmɔden ma nea Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ wɔ Ne tumidi ne N’Ahenni ho no bam.

3. Dɛn na Yesu yɛe de siesiee ne ho maa adwuma a na ɔrebɛyɛ de agyina Yehowa tumidi akyi no?

3 Nea ɛbɛyɛ na Yesu asiesie ne ho ayɛ adwuma a wɔde ama no no, “Yesu a honhom kronkron ahyɛ no mã no danee ne ho fii Yordan ho, na honhom no de no kɔɔ sare so.” (Luka 4:1; Marko 1:12) Bere a Yesu kodii nnafua 40 wɔ sare no so hɔ no, onyaa bere de susuw Onyankopɔn tumidi a na Satan aka sɛ ɛmfata no ne nea na ɛsɛ sɛ ɔno Yesu yɛ de gyina Yehowa tumidi akyi no ho anibere so. Saa asɛm no fa abɔde a wonim nyansa nyinaa, a wɔne abɔfo a wɔwɔ soro ne nnipa a wɔwɔ asase so no ho. Enti, ɛsɛ sɛ yesusuw sɛnea Yesu dii nokware wɔ n’asetram, ne nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ de kyerɛ sɛ yɛn nso yɛpɛ sɛ yegyina Yehowa tumidi akyi no ho.—Hiob 1:6-12; 2:2-6.

Satan Kae sɛ Yehowa Tumidi Mfata

4. Dɛn na Satan yɛe de kyerɛe sɛ Yehowa tumidi mfata?

4 Nokwasɛm ne sɛ, Satan huu nsɛm a esisii a yɛaka ho asɛm seesei ara no nyinaa. Satan ansɛe bere koraa na otuu n’ani sii “ɔbea” no ‘aseni’ no mu otitiriw no so. (Genesis 3:15) Satan sɔɔ Yesu hwɛe mprɛnsa, na ɔkae sɛ Yesu nyɛ biribi a ɛte sɛ nea ɛbɛma Yesu anya so mfaso mmom sen sɛ ɔbɛyɛ nneɛma a na n’Agya pɛ sɛ ɔyɛ no. Sɔhwɛ a ɛto so abiɛsa no mu titiriw na Satan ma ɛdaa di sɛ Yehowa tumidi mfata. Satan de “wiase ahenni nyinaa ne mu anuonyam” kyerɛɛ Yesu, na ɔyɛɛ aniammɔnho ka kyerɛɛ Yesu sɛ: “Sɛ wobɔ wo mu ase som me a, mede eyinom nyinaa bɛma wo.” Esiane sɛ na Yesu nim pefee sɛ “wiase ahenni nyinaa” yɛ Satan de nti, Yesu kyerɛe sɛ ogyina Onyankopɔn tumidi akyi, na obuaa Satan sɛ: “Fi hɔ kɔ, Satan! Wɔakyerɛw sɛ, ‘Yehowa wo Nyankopɔn na ɛsɛ sɛ wokotow no, na ɔno nkutoo na ɛsɛ sɛ wosom no.’”—Mateo 4:8-10.

5. Adwumaden bɛn na na ɛsɛ sɛ Yesu yɛ?

5 Yesu de nea ɔyɛe wɔ n’asetra mu nyinaa kyerɛe pefee sɛ na ade a ehia no paa ne sɛ obegyina Yehowa tumidi akyi. Yesu hui yiye sɛ na ɛsɛ sɛ odi nokware kosi owu mu wɔ Satan nsa ano, sɛnea wɔhyɛɛ ho nkɔm sɛ wɔbɛka “ɔbea” no ‘aseni’ no nantin no, na Yesu nam so ada no adi sɛ Onyankopɔn tumidi na ɛfata. (Mateo 16:21; 17:12) Ná ɛsɛ sɛ Yesu di adanse nso sɛ Onyankopɔn Ahenni no ne ahyehyɛde a Yehowa ama no tumi sɛ enni otuatewfo Satan so na ɛmma n’abɔde nyinaa nnya asomdwoe bio. (Mateo 6:9, 10) Dɛn na Yesu yɛe de yɛɛ saa adwumaden yi?

“Onyankopɔn Ahenni Abɛn”

6. Dɛn na Yesu yɛe de kyerɛe sɛ Ahenni no ne ade a Onyankopɔn de ‘bɛsɛe Ɔbonsam nnwuma’?

6 Mfiase no, “Yesu kɔɔ Galilea kɔkaa Onyankopɔn ho asɛmpa, na ɔkae sɛ: ‘Bere a wɔahyɛ no adu, na Onyankopɔn ahenni abɛn.’” (Marko 1:14, 15) Nokwarem no, Yesu kae sɛ: “Ɛsɛ sɛ mekɔ nkurow foforo mu nso kɔka Onyankopɔn ahenni ho asɛmpa no, efisɛ eyi nti na wɔsomaa me.” (Luka 4:18-21, 43) Yesu tutuu akwan faa asase no so nyinaa “kaa Nyankopɔn ahenni ho asɛmpa.” (Luka 8:1) Yesu san yɛɛ anwonwade pii, na ɔmaa nnipadɔm aduan dii, ɔmaa ɛpo ne mframa yɛɛ komm, ɔsaa ayarefo yare, na onyanee awufo. Yesu nam anwonwade ahorow a ɔyɛe yi so kyerɛe sɛ Onyankopɔn betumi asiesie biribiara a atuatew a ɛkɔɔ so wɔ Eden no ama asɛe ne amanehunu a ɛde aba no, na ‘wasɛe Ɔbonsam nnwuma.’—1 Yohane 3:8.

7. Dɛn na Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo no sɛ wɔnkɔyɛ, na dɛn na efii mu bae?

7 Nea ɛbɛyɛ na wɔaka Ahenni no ho asɛmpa wɔ wiase nyinaa no, Yesu boaboaa n’akyidifo anokwafo bi ano, na ɔmaa wɔn ntetee a ɛbɛma wɔatumi ayɛ saa adwuma no. Nea edi kan no, ɔfrɛɛ n’asomafo 12 no, na “ɔsomaa wɔn sɛ wɔnkɔka Nyankopɔn ahenni ho asɛm.” (Luka 9:1, 2) Ɛno akyi no, ɔsomaa nnipa foforo 70 sɛ wɔnkɔka sɛ: “Onyankopɔn ahenni no abɛn mo.” (Luka 10:1, 8, 9) Bere a asuafo yi san bae, na wɔbɛkaa sɛnea nnipa pii atie Ahenni no ho asɛm no kyerɛɛ Yesu no, Yesu kae sɛ: “Mahu sɛ Satan fi soro ahwe ase dedaw sɛ anyinam.”—Luka 10:17, 18.

8. Dɛn na nneɛma a Yesu yɛe wɔ n’asetram no ma ɛdaa adi?

8 Yesu yeree ne ho, na ɔde hokwan biara a onyae dii Ahenni no ho adanse. Yesu yɛɛ adwuma bere nyinaa, awia ne anadwo, na ɔde nneɛma a ɛbɛma ne ho adwo no mpo too nkyɛn. Yesu kae sɛ: “Asakraman wɔ abɔn, na ewim nnomaa wɔ mmerebuw, nanso onipa Ba no nni baabi a ɔde ne ti bɛto.” (Luka 9:58; Marko 6:31; Yohane 4:31-34) Aka bere tiaa bi ma Yesu awu no, ogyinaa Pontio Pilato anim de akokoduru ka kyerɛɛ no sɛ: “Eyi nti na wɔwoo me, na eyi nti na mebaa wiase, sɛ merebedi nokware no ho adanse.” (Yohane 18:37) Yesu nam nea ɔyɛe wɔ n’asetra mu nyinaa so kyerɛe sɛ wamma asase so sɛ ɔrebɛyɛ ɔkyerɛkyerɛfo kɛse anaa obi a ɔyɛ anwonwade, anaa Ogyefo bi a ɔde ne ho rebɛbɔ afɔre ara kwa. Na mmom ɔbae sɛ ɔrebɛyɛ Yehowa, ade nyinaa so tumfo no apɛde, na wadi adanse sɛ Onyankopɔn wɔ tumi a ɔde bɛma Ahenni no ayɛ adwuma ma n’apɛde abam.—Yohane 14:6.

“Asa!”

9. Awiei koraa no, ɛyɛɛ dɛn na Satan nyaa Onyankopɔn ɔbea no ‘aseni’ no kaa ne nantin?

9 Nea Yesu yɛe wɔ Ahenni no ho biara anyɛ Ɔtamfo a ɔne Satan Ɔbonsam no dɛ koraa. Satan bɔɔ mmɔden mpɛn pii sɛ ɔnam ‘n’aseni’ no fã a ɛwɔ asase so a wɔne amanyɔfo ne nyamesomfo no so bekum Onyankopɔn ɔbea no ‘aseni’ no. Satan ne n’akyitaafo tuu wɔn ani sii Yesu so fi bere a wɔwoo no kosii sɛ owui wɔ asase so. Awiei koraa no, wɔ afe 33 Y.B. mu fefɛw bere mu no, ná bere adu sɛ woyi onipa Ba no hyɛ Ɔtamfo no nsa ma ɔka ne nantin. (Mateo 20:18, 19; Luka 18:31-33) Nsɛmpa no ka no pefee sɛ, Satan piapiaa nkurɔfo, efi Yuda Iskariot so kosi asɔfopɔn, akyerɛwfo, Farisifo, ne Romafo so, ma wobuu Yesu fɔ kum no yayaayaw wɔ asɛndua so.—Asomafo Nnwuma 2:22, 23.

10. Dwuma titiriw bɛn na wu a Yesu wui wɔ asɛndua so no dii?

10 Sɛ wususuw ɛyaw a Yesu tee no bere tenten wɔ asɛndua no so ansa na ɔrewu no ho a, dɛn na ɛba w’adwenem? Ebia wokae agyede afɔre a Yesu fi ne pɛ mu bɔ maa nnipa abɔnefo no. (Mateo 20:28; Yohane 15:13) Ɔdɔ a ɛso bi nni a Yehowa daa no adi de maa Yesu bɔɔ saa afɔre no betumi ama wo ho adwiriw wo. (Yohane 3:16) Ebia wote nka te sɛ Roma sraani panyin bi a biribi kaa no ma ɔkaa asɛm a edi so yi no. Ɔkae sɛ: “Ampa ara Onyankopɔn Ba ni.” (Mateo 27:54) Sɛ saa na wote nka a, ɛfata. Nanso, kae asɛm a edi akyiri koraa a Yesu kae bere a na ɔsɛn asɛndua no so no. Ɔkae sɛ: “Asa!” (Yohane 19:30) Dɛn na na asa no? Ɛwom sɛ Yesu nam n’abrabɔ ne ne wu so yɛɛ nneɛma pii de, nanso so na ɛnyɛ Yehowa tumidi ho asɛm a ɛsɔree no a na wobesiesie no nti na Yesu baa asase so? So na wɔnhyɛɛ nkɔm sɛ ‘aseni’ no behu amane pii wɔ Satan nsa ano, na wɔnam so ayi ahohorabɔ a wɔde aba Yehowa din so no nyinaa afi hɔ? (Yesaia 53:3-7) Ná saa asɛyɛde ahorow yi mu yɛ duru de, nanso Yesu dii ne nyinaa ho dwuma pɛpɛɛpɛ. Ná asa ampa!

11. Dɛn na Yesu bɛyɛ na ama nkɔm a wɔhyɛe wɔ Eden no anya mmamu koraa?

11 Esiane sɛ Yesu dii nokware nti, bere a owui no, wɔannyan no sɛ onipa bio, na mmom, wonyanee no sɛ “honhom a ɔma nkwa.” (1 Korintofo 15:45; 1 Petro 3:18) Yehowa hyɛɛ ne Ba a na wahyɛ no anuonyam no bɔ sɛ: “Tra me nifa kosi sɛ mede w’atamfo mɛyɛ wo nan ase ntiaso.” (Dwom 110:1) Omumɔyɛfo kɛse a ɔne Satan ne wɔn a wɔka bom yɛ ‘n’aseni’ no nyinaa ka ‘atamfo’ no ho. Yesu Kristo a ɔyɛ Yehowa Mesia Ahenni no so Hene no bedi anim ma wɔasɛe atuatewfo a wɔwɔ soro ne asase so no nyinaa. (Adiyisɛm 12:7-9; 19:11-16; 20:1-3, 10) Afei, nkɔmhyɛ a ɛwɔ Genesis 3:15 no ne mpae a Yesu kyerɛɛ n’akyidifo no benya mmamu koraa. Yesu kae sɛ wɔmmɔ mpae sɛ: “W’ahenni mmra. W’apɛde nyɛ hɔ wɔ asase so sɛnea ɛte wɔ soro.”—Mateo 6:10; Filipifo 2:8-11.

Nhwɛso a Ɛsɛ sɛ Yedi Akyi

12, 13. (a) Ɔkwan bɛn so na nkurɔfo retie Ahenni ho asɛmpa no nnɛ? (b) Sɛ yɛpɛ sɛ yedi Kristo akyi a, nsɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yesusuw ho?

12 Sɛnea Yesu hyɛɛ nkɔm no, ɛnnɛ, wɔreka Ahenni no ho asɛmpa no wɔ wiase nyinaa. (Mateo 24:14) Ɛno nti, nnipa ɔpepem pii ahyira wɔn nkwa so ama Onyankopɔn. Wɔn ani gye nhyira ahorow a Ahenni no bɛma wɔanya no ho. Wɔhwɛ kwan sɛ wɔbɛtra ase daa, na wɔanya asomdwoe ne ahobammɔ wɔ paradise asase so. Na wɔde anigye ka wɔn anidaso yi ho asɛm kyerɛ afoforo. (Dwom 37:11; 2 Petro 3:13) So woka wɔn a wɔreka Ahenni no ho asɛmpa no ho? Sɛ woreka bi a, yɛma wo amo. Nanso, biribi foforo wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛn mu biara susuw ho.

13 Ɔsomafo Petro kyerɛwee sɛ: “Kristo mpo huu amane maa mo, na ogyaw mo nhwɛso a mode bedi n’anammɔn akyi pɛɛ.” (1 Petro 2:21) Hyɛ no nsow sɛ ɛnyɛ nsi a Yesu de kaa asɛm no, anaa sɛnea na onim nkyerɛkyerɛ yiye no ho asɛm na Petro kae wɔ ha, na mmom ɛyɛ amane a Yesu hui no. Esiane sɛ Petro ne Yesu nantewee nti, ná onim sɛ Yesu wɔ ɔpɛ sɛ obehu amane de abrɛ ne ho ase ahyɛ Yehowa tumidi ase sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛma Satan ayɛ ɔtorofo. Ɛnde, ɔkwan bɛn so na yebetumi adi Yesu anammɔn akyi? Ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho sɛ: ‘So m’ani gye ho sɛ mehu amane de agyina Yehowa tumidi akyi de ahyɛ no anuonyam? So sɛnea mebɔ me bra ne sɛnea meyɛ me som adwuma no da no adi sɛ Yehowa tumidi akyi a megyina no ne ade a ɛho hia paa wɔ m’asetra mu?’—Kolosefo 3:17.

14, 15. (a) Dɛn na Yesu yɛe wɔ afotu a ɛmfata a wɔde maa no, ne nneɛma bi a na nkurɔfo pɛ sɛ ɔyɛ no ho, na dɛn nti na ɔyɛɛ saa? (b) Asɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yɛma ɛtra yɛn adwenem bere nyinaa? (Fa adaka a ɛne “Gyina Yehowa Afã” no mu nsɛm ka ho.)

14 Yehyia sɔhwɛ ahorow, akɛse ne nketewa, na saa ara nso na yesisi gyinaesi ahorow a emu yɛ duru ne nea emu nyɛ duru pii da biara da. Dɛn na ɛsɛ sɛ yegyina so sisi gyinae ahorow? Sɛ nhwɛso no, sɛ yehyia sɔhwɛ bi a ebetumi asɛe yɛne Onyankopɔn ntam sɛ Kristofo a, dɛn na yɛyɛ? Bere a Petro ka kyerɛɛ Yesu sɛ ɔnka asɛm papa mma ne ho no, dɛn na Yesu yɛe? Yesu ka kyerɛɛ Petro sɛ: “Fi m’ani so, Satan! . . . wonnwene Onyankopɔn adwene, na mmom nnipa adwene.” (Mateo 16:21-23) Anaasɛ, sɛ wɔma yɛn hokwan ahorow bi a ɛbɛma yɛanya sika pii anaa nkɔso wɔ adwuma mu, nanso ebetumi ama yɛatoto yɛn som adwuma ase sɛ́ Kristofo, na asɛe yɛne Onyankopɔn ntam a, so yɛyɛ yɛn ade te sɛ nea Yesu yɛe no? Bere a Yesu hui sɛ nkurɔfo a ɔyɛɛ anwonwade ma wohui no ‘pɛ sɛ wɔkyere no yɛ no ɔhene no,’ oguan fii hɔ ntɛm ara.—Yohane 6:15.

15 Dɛn nti na Yesu ampene so koraa sɛ ɔbɛyɛ ade a na nkurɔfo no pɛ sɛ ɔyɛ saa bere no ne mmere foforo no? Efisɛ, ohui pefee sɛ ɛnyɛ n’ankasa ahobammɔ anaa mfaso a obenya nkutoo ho asɛm na na ɛwɔ saa nsɛm yi mu. Ná ɔpɛ sɛ ɔyɛ n’Agya apɛde, na ogyina Yehowa tumidi akyi ɔkwan biara so. (Mateo 26:50-54) Enti, ɛsɛ sɛ yɛma Yehowa tumidi ho asɛm no tra yɛn adwenem yiye bere nyinaa te sɛ nea Yesu yɛe no, sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛbɔ yɛn ho ban afi nneɛma bɔne ho bere nyinaa. Dɛn nti na ɛte saa? Efisɛ, ɛnyɛ den koraa sɛ Satan mfiri beyi yɛn. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, sɛnea Satan tumi daadaa Hawa no, waben wɔ sɛnea wotumi ma nneɛma bɔne yɛ akɔnnɔ no mu.—2 Korintofo 11:14; 1 Timoteo 2:14.

16. Sɛ yɛreboa afoforo a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛde yɛ yɛn botae titiriw?

16 Sɛ yɛkɔ asɛnka a, yɛbɔ mmɔden ne nkurɔfo susuw wɔn ahiasɛm ho, na yɛde Bible no ma wɔn ho mmuae. Eyi yɛ ɔkwampa a yɛfa so ma wɔn ani gye Bible no sua ho. Nanso, ɛnyɛ yɛn botae titiriw ne sɛ yɛbɛboa nkurɔfo ma wɔahu nea Bible no ka, anaasɛ yɛbɛma wɔahu nhyira ahorow a Onyankopɔn Ahenni no de bɛba no. Ɛsɛ sɛ yɛboa wɔn ma wɔte nea enti a ɛsɛ sɛ wogyina Onyankopɔn tumidi no akyi no ase. So wɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ nokware Kristofo na wɔfa wɔn ‘asɛndua,’ na Ahenni no nti wohu amane? (Marko 8:34) So wɔn ani gye ho sɛ wɔne wɔn a wogyina Yehowa tumidi akyi no bɛbɔ, na wɔnam so ama Satan ayɛ ɔtorofo ne otwirifo? (Mmebusɛm 27:11) Ɛyɛ hokwan kɛse na yɛanya sɛ yɛbɛboa yɛn ho ne afoforo ma wɔagyina Yehowa tumidi no akyi.—1 Timoteo 4:16.

Bere a Onyankopɔn Bɛyɛ “Ade Nyinaa Ama Obiara”

17, 18. Sɛ yɛda no adi sɛ yegyina Yehowa tumidi no akyi a, bere a ɛyɛ anigye bɛn na yebetumi ahwɛ kwan?

17 Bere a yɛreyɛ nea yebetumi biara nnɛ de yɛn abrabɔ ne yɛn som adwuma akyerɛ sɛ yegyina Yehowa tumidi akyi no, yebetumi ahwɛ bere a Yesu Kristo de ‘ahenni no bɛhyɛ ne Nyankopɔn ne n’Agya nsa’ no kwan. Bere bɛn na eyi bɛba? Ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Bere a watu aban ne tumi ne ahoɔden nyinaa agu no. Na etwa sɛ odi hene kosi sɛ Onyankopɔn de atamfo nyinaa begu ne nan ase. . . . Afei Ɔba no ankasa nso de ne ho bɛhyɛ Nea ɔde nneɛma nyinaa hyɛɛ n’ase no ase, na Onyankopɔn ayɛ ade nyinaa ama obiara.”—1 Korintofo 15:24, 25, 28.

18 Sɛ Onyankopɔn yɛ ‘ade nyinaa ma obiara’ a, hwɛ anigye a saa bere no bɛyɛ! Saa bere no, ná Ahenni no awie n’adwuma. Ná wɔayi wɔn a wɔsɔre tia Yehowa tumidi no nyinaa afi hɔ. Ná wɔasan de asomdwoe aba amansan yi nyinaa mu bio. Odwontofo no kae sɛ abɔde nyinaa bɛto dwom sɛ: “Momfa [Yehowa, NW] din anuonyam mma no . . . Monka amanaman mu sɛ, [Yehowa, NW] di hene.”—Dwom 96:8, 10.

Wubetumi Abua?

• Dɛn na Yesu yɛe de kyerɛe sɛ Onyankopɔn tumidi ne ade a ɛho hia no titiriw wɔ n’asetra mu?

• Ade titiriw bɛn na Yesu nam ne som adwuma ne ne wu no so yɛe?

• Akwan bɛn na yebetumi afa so adi Yesu anammɔn akyi de akyerɛ sɛ yegyina Yehowa tumidi akyi?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Adaka/​Mfonini wɔ kratafa 29]

GYINA YEHOWA AFÃ

Sɛnea anuanom a wɔwɔ Korea ne aman foforo so nim no, sɛ Kristofo hyia sɔhwɛ a emu yɛ den a, ɛyɛ papa sɛ wɔma nea enti a wɔrehyia sɔhwɛ a ɛte saa no tra wɔn adwenem yiye.

Yehowa Dansefo bi a wɔde no too afiase wɔ kan Soviet nniso ase no kae sɛ: “Nea ɛboaa yɛn ma yetumi gyinaa sɔhwɛ no ano ne asɛm a ɛsɔree wɔ Eden turo no mu a na yɛte ase yiye a ɛne sɛ Onyankopɔn na ɔfata sɛ odi tumi no. . . . Ná yenim sɛ ɛyɛ hokwan kɛse na yɛanya sɛ yɛregyina Yehowa nniso no afã. . . . Eyi hyɛɛ yɛn den, na ɛboaa yɛn ma yetumi kuraa yɛn mudi mu.”

Ɔdansefo foforo kyerɛkyerɛɛ nea ɛboaa ɔno ne ne mfɛfo Adansefo wɔ adwumayɛban mu no mu. Ɔkae sɛ: “Yehowa boaa yɛn. Ɛmfa ho sɛnea na tebea no mu yɛ den no, yɛamma biribiara ansɛe yɛne Yehowa ntam. Yɛkaa nsɛm a ɛhyɛ nkuran de hyehyɛɛ yɛn ho yɛn ho den sɛ yɛagyina Yehowa afã wɔ amansan tumidi ho asɛm no mu bere nyinaa.”

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Bere a Satan sɔɔ Yesu hwɛe no, dɛn na Yesu yɛe de gyinaa Yehowa tumidi akyi?

[Mfonini wɔ kratafa 28]

Dɛn na Yesu wu no tumi yɛe?