Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Yebetumi Anya Wiase a Biakoyɛ Wom?

So Yebetumi Anya Wiase a Biakoyɛ Wom?

So Yebetumi Anya Wiase a Biakoyɛ Wom?

SO ASOMDWOE reba wiase yi mu, anaasɛ ɛrebɛkɔ ɔhaw kɛse mu? Ɛte sɛ nea emu biara betumi asi.

Nanso, wiase akannifo binom de ahotoso ka sɛ yebetumi anya asomdwoe wɔ wiase nyinaa. Ebia nea enti a wɔka saa ne sɛ wɔahu sɛ sɛ asomdwoe amma a, nea ɛbɛba no bɛyɛ hu yiye. Saa ara nso na nsɛmmisa te sɛ nea edidi so yi ma ehu kɛse ka nnipa pii: Aman bɛn na wɔwɔ akode a ebetumi asɛe nneɛma pii? So wobesi wɔn bo atow wɔn akode no? Na sɛ wɔtow a, dɛn na ɛbɛba?

Abakɔsɛm ma yehu sɛ, efi teteete no, akansi ne nnipa mu nyiyim na ɛmma nnipa nnya anidaso sɛ wobetumi ayɛ biako no, na mpɛn pii no, sɛ́ anka nyamesom beyi nea ɛde akodi a ɛte saa ba afi hɔ no, ɛno mmom na ɛhyɛ mu gya. Sɛnkyerɛwfo bi a wɔfrɛ no James A. Haught kyerɛwee sɛ: “Biribiara a ɛde mpaapaemu ba nnipa ntam no betumi ama wɔatentan wɔn ho, na nyamesom yɛ nneɛma a ɛde mpaapaemu ba nnipa mu paa no mu biako. Ɛwom sɛ, nnipa dodow no ara gye di sɛ nyamesom ma nkurɔfo yɛ nnipa ‘papa’ de, nanso ɛda adi pefee sɛ, nyamesom ma nnipa binom di nsɛmmɔne akɛse.” Nhoma kyerɛwfo Steven Weinberg nso kura adwene a ɛte saa ara. Ɔkyerɛwee sɛ: “Nyamesom na ɛma nnipa papa tumi yɛ bɔne.”

So anidaso bi wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ wiase yi bɛyɛ biako da bi? Yiw! Nanso, sɛnea akyiri yi yebehu no, ɛnyɛ nnipa anaa ɔsom a nnipa ahyehyɛ na ɛde biakoyɛ a ɛte saa no bɛba wiase.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 3]

So wiase yi te sɛ ɔtopae bi a ɛrebɛpae?