Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yɛn Ani Kyerɛ Wiase Foforo No Mu

Yɛn Ani Kyerɛ Wiase Foforo No Mu

Asetram Nsɛm

Yɛn Ani Kyerɛ Wiase Foforo No Mu

Sɛnea Jack Pramberg ka kyerɛe

Atuhoamafo bɛboro 80 na wɔyɛ adwuma wɔ Yehowa Adansefo baa dwumadibea a ɛbɛn Arboga, kurow ketewa fɛfɛɛfɛ bi a ɛwɔ Sweden mfinimfini fam no. Ɛhɔ na me ne me yere Karin te na yɛyɛ adwuma. Ɛyɛɛ dɛn na yekopuee hɔ?

BƐYƐ afeha a ɛto so 19 no awiei mu hɔ no, Swedenni ababaa bi a wadi mfe 15 tu kɔtraa United States. Bere a na ɔte atukɔfo atrae wɔ New York City no, ohyiaa Swedenni aberante bi a na ɔyɛ adwuma wɔ po so hyɛn mu. Wobenyaa ɔdɔ maa wɔn ho, wɔwaree, na wɔwoo me. Wɔwoo me wɔ Bronx, New York, U.S.A., wɔ afe 1916 mu, bere a na Wiase Ko I no rekɔ so no.

Ɛno akyi bere tiaa bi no, yetu kɔtraa Brooklyn, beae bi a na ɛbɛn Brooklyn Heights no pɛɛ. Akyiri yi, me papa ka kyerɛɛ me sɛ, me ne no nkɔtra hyɛmma ketewa bi a ɛbɛn Brooklyn Bridge no mu, na bere a yɛwɔ nsu no so no, na yɛn ani tua Yehowa Adansefo wiase nyinaa adwumayɛbea ti no. Ná minnim da sɛ adwuma a wɔyɛ hɔ no bɛka m’asetra daakye.

Wiase Ko I no baa awiei wɔ afe 1918 mu, na saa bere no, ná wɔagyae nnipa a wokunkum wɔn kwa wɔ Europa no. Asraafo no san kɔɔ wɔn kurom kohyiaa ɔhaw foforo—adwuma a na wonnya nyɛ, ne ohia buruburoo. Me papa hui sɛ mfaso wɔ so sɛ yɛbɛsan akɔ Sweden, na yɛkɔe wɔ afe 1923 mu. Awiei koraa no, yɛkɔtraa Erikstad, akuraa ketewaa bi a ɛbɛn keteke gyinabea bi a ɛwɔ Dalsland mantam mu no mu. Me papa buee adwuma bi a na wosiesie mfiri wɔ hɔ, na ɛhɔ na minyin kɔɔ sukuu.

Woguu Aba Bi

Me papa adwuma no ankɔ so yiye. Enti, wɔ afe 1930 mfe no mfiase mu no, ɔsan kɔyɛɛ po so hyɛn mu adwuma bio. Ɛkaa me ne Maame nkutoo wɔ fie. Ná dadwen ahyɛ me maame so ma, na me na mehwɛɛ paapa adwuma no so. Da koro bi, Maame kɔsraa me papa nuabarima bi a wɔfrɛ no Johan. Esiane sɛ na nneɛma a ɛrekɔ so wɔ wiase agyaw me maame adwennwen nti, obisaa Johan sɛ: “Enti sei ara na wiase yi bɛyɛ?”

Johan buae sɛ, “Dabi, Ruth, ɛnte saa.” Johan san ka kyerɛɛ Ruth sɛ, Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ ɔde abɔnefosɛm bɛba awiei, na ɔnam Ahenni a Yesu Kristo yɛ so Hene no so de trenee nniso bɛba asase so nyinaa. (Yesaia 9:6, 7; Daniel 2:44) Johan kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, Ahenni no a Yesu kyerɛe sɛ yɛmmɔ ho mpae no ne trenee nniso anaa aban a ɛde paradise bɛba asase so no.—Mateo 6:9, 10; Adiyisɛm 21:3, 4.

Saa Bible mu bɔhyɛ ahorow no kaa Maame koma amonom hɔ ara. Na bere a Maame reba fie nyinaa no, na ɔreda Onyankopɔn ase. Nanso, na me ne Paapa nyinaa mpɛ sɛnea ná Maame ani abegye nyamesom ho no. Saa bere yi mu ara, wɔ afe 1930 mfe no mfinimfini mu hɔ no, mitu kɔɔ Trollhättan a ɛwɔ Sweden atɔe fam no, na minyaa adwuma wɔ adwuma kɛse bi mu wɔ hɔ. Ankyɛ na Paapa a na ofi po so bae nkyɛe ne Maame nyinaa tu bɛtraa me nkyɛn wɔ kurow a na mete mu no mu. Enti, yɛn abusua no san traa faako bio.

Esiane sɛ na Maame pɛ sɛ osua Onyankopɔn ho ade pii nti, ɔhwehwɛɛ Yehowa Adansefo a wɔwɔ baabi a na yɛte no. Saa bere no, na Adansefo no hyia wɔ ankorankoro afie mu te sɛ nea ná tete Kristofo no yɛ no. (Filemon 1, 2) Da bi, na adu Maame so sɛ wɔbɛyɛ asafo nhyiam no wɔ ne fie. Maame de ahopopo bisaa Paapa sɛ obetumi ama ne nnamfonom aba fie hɔ anaa? Paapa buae sɛ: “Sɛ wo nnamfonom yɛ me nso me nnamfo.”

Enti, yɛmaa kwan ma wɔbaa yɛn fie. Bere a mihui sɛ nkurɔfo no reba yɛn fie no, mifii adi. Nanso, bere bi akyi no, sɛ na wɔba hɔ a, na mimfi adi bio. Sɛnea na Adansefo no anim tew, ne sɛnea na wɔka asɛm ma ɛtɔ asom no ma miyii wɔn ho adwene a ɛnteɛ a na mewɔ no nyinaa fii me mu. Aba bi fii ase fifii me komam, saa aba no ne daakye ho anidaso a minyae.

Mekɔyɛɛ Adwuma wɔ Po So

Ɛbɛyɛ sɛ Paapa de po so adwuma no woo me, efisɛ me nso mekɔyɛɛ adwuma wɔ po so. Mibehui nso sɛ, ɛho hia paa sɛ me ne Onyankopɔn nya abusuabɔ. Mebɔɔ mmɔden sɛ bere biara a yebedu po so hyɛn gyinabea bi no, mɛhwehwɛ Yehowa Adansefo a wɔwɔ hɔ no. Yeduu Amsterdam, Holland (a seesei wɔfrɛ no Netherlands) no, mekɔɔ posɔfese kobisaa baabi a metumi ahu Adansefo no. Bere a me ne wɔn a wɔwɔ posɔfese hɔ no bɔɔ nkɔmmɔ kakra no, wɔkyerɛɛ me baabi a mehu Adansefo no, na ntɛm ara na misii kwan so kɔɔ wɔn nkyɛn. Abeawa bi a wadi mfe du gyee me fɛw so wɔ ɔpon no ano. Ná meyɛ ɔhɔho de, nanso amonom hɔ ara na metee nka sɛ me ne abeawa no ne n’abusua afa nnamfo, na mihuu sɛnea amanaman ntam onuayɛ no yɛ anigye fa!

Ɛwom sɛ na yɛnka kasa koro de, nanso bere a abusua no faa kalenda ne kratasin bi a wɔahyehyɛ bere a keteke no ba ne bere a etu wɔ so, na wofii ase sɛ wɔreyɛ asase mfonini wɔ so no, metee wɔn ase sɛ na wɔrebɛyɛ nhyiam wɔ Haarlem, kurow bi a ɛbɛn baabi a na yɛwɔ no mu. Mekɔɔ nhyiam no bi, na ɛwom sɛ mante asɛm biako mpo a wɔkae wɔ ase de, nanso m’ani gyei yiye. Bere a mihui sɛ Adansefo no de nkratasin reto nsa afrɛ nkurɔfo ma wɔabetie baguam ɔkasa a wɔbɛma no Kwasida no, ɛkaa me sɛ me nso menkyekyɛ bi. Enti, mesesaw nkratasin a na nkurɔfo agye na wɔatow agu no, na mesan de maa afoforo.

Bere bi, yɛn hyɛn no kogyinaa Argentina kurow Buenos Aires mu, na mekɔɔ Yehowa Adansefo baa dwumadibea a ɛwɔ hɔ no. Ná adwumayɛdan ne ɔdan a wɔkora nneɛma wom nkutoo na ɛwɔ hɔ. Mihui sɛ ɔbea bi te ɔpon bi ho renwene ntama, na na abeawa kumaa bi a ɛbɛyɛ sɛ ɔyɛ ne ba nso de abaduaba bi redi agoru wɔ hɔ. Ná ade asa, na mihui sɛ ɔbarima bi reyiyi nhoma fi nhomakorabea, na na Creation nhoma a ɛwɔ Sweden kasa mu no bi ka ho. Bere a mihuu anigye a na wɔde reyɛ adwuma no, misii gyinae saa bere no ara sɛ mɛyɛ Yehowa Dansefo.

Bere a yɛnam po so resan akɔ Sweden no, yɛfaa Canada asraafo bi a na wimhyɛn de wɔn akɔhwe ase wɔ Newfoundland mpoano no traa yɛn hyɛn no mu. Nna kakraa bi akyi no, bere a na yɛreyɛ adu Scotland no, Engiresi po so asraafo kyeree yɛn gyee yɛn hyɛn no. Wɔde yɛn kɔɔ Kirkwall a ɛwɔ Orkney Islands no so kɔhwehwɛɛ yɛn nneɛma mu. Ná Wiase Ko II no afi ase, na na Hitler Nasi asraafo no ako afa Poland wɔ September 1939 mu. Nna kakraa bi akyi no, wogyaee yɛn, na yɛsan toaa yɛn akwantu no so kɔɔ Sweden a yɛanhyia ɔhaw biara wɔ ɔkwan so.

Mikoduu fie asomdwoe mu, na ɛyɛ saa bere no nso na mitumi ne Onyankopɔn nyaa abusuabɔ pa. Afei de, na masi me bo denneennen sɛ me ne Onyankopɔn nkurɔfo bɛbɔ, na na mepɛ sɛ me ne wɔn hyiam bere nyinaa. (Hebrifo 10:24, 25) Ɛma mede anigye kae bere a na meyɛ adwuma wɔ po so hyɛn mu no, bere nyinaa ná midi me mfɛfo adwumayɛfo no adanse, na minim sɛ wɔn mu biako nso bɛyɛɛ Ɔdansefo.

Ɔsom Adwuma Soronko Bi

Wɔ afe 1940 mfiase no, mekɔsraa Yehowa Adansefo baa dwumadibea a ɛwɔ Stockholm no. Johan H. Eneroth a saa bere no na ɔhwɛ ɔsom adwuma no so wɔ Sweden no na ohyiaa me. Bere a meka kyerɛɛ no sɛ, mepɛ sɛ meyɛ bere nyinaa som adwuma no bi sɛ daa kwampaefo no, ɔhwɛɛ me dinn, na obisaa me sɛ, “So wugye di sɛ ahyehyɛde yi ne Onyankopɔn de no?”

Mekae sɛ, “Yiw.” Ɛno ma wɔbɔɔ me asu June 22, 1940, na mifii ase ne adwumayɛfo a wɔwɔ suban pa a na wɔwɔ baa dwumadibea hɔ no yɛɛ adwuma. Ná yɛkɔ asɛnka dapɛn awiei biara. Sɛ edu ahohurubere a, na yɛde baesekre kɔyɛ adwuma wɔ nsasesin a ɛwɔ akyirikyiri no mu, na na yɛka asɛmpa no wɔ hɔ wɔ dapɛn no awiei no mu nyinaa. Na ɛtɔ mmere bi a, na yɛda sare a wɔatwa asum hɔ so anadwo.

Nanso, na yɛtaa ka asɛm no wɔ afie afie mu wɔ Stockholm ne nkurow a ɛbemmɛn hɔ no mu. Bere bi, mihuu ɔbarima bi a na n’ani abere wɔ ne fie resiesie n’afiri a ɔde noa nsu. Enti, mebobɔw m’atade nsa kɔboaa no. Bere a afiri no yɛɛ yiye no, ɔbarima no daa me ase, na ɔkae sɛ: “Minim sɛ ɛnyɛ adwuma yi nti na wobaa ha. Enti, ma yɛnkɔ soro hɔ nkɔhohoro yɛn nsa, na yɛmpɛ kɔfe bi nnom.” Me ne no kɔe, na bere a yɛrenom kɔfe no, midii no adanse. Bere bi akyi no, ɔbɛyɛɛ me yɔnko Kristoni.

Ɛwom sɛ na Sweden aban no aka sɛ wɔremma ɔman no mfa ne ho nhyɛ ɔko a na ɛrekɔ so no mu de, nanso wɔde wɔn ho hyɛɛ ɔko no mu wɔ ɔkwan bi so. Wɔfrɛɛ mmarima pii sɛ wɔnkɔ sraadi, na na me nso meka ho. Bere a mamma wɔantete me sɛ ɔsraani no, wɔde me too afiase mpɛn pii, nanso na menna hɔ nkyɛ. Akyiri yi, wɔde me kɔtoo adwumayɛban bi mu. Ná wɔtaa de Adansefo nkumaa kɔ atemmufo anim, na na yɛde hokwan a ɛte saa no ka Onyankopɔn Ahenni ho asɛm kyerɛ wɔn. Eyi maa Yesu nkɔmhyɛ a edi so yi baa mu sɛ: “Wɔbɛtwe mo akɔ amrado ne ahemfo anim, na ayɛ adanse ama wɔne amanaman no.”—Mateo 10:18.

M’asetra Sesae

Wɔ afe 1945 mu no, ɔko no baa awiei wɔ Europa. Saa afe no awiei no, Nathan H. Knorr a na odi asɛnka adwuma no anim wɔ wiase nyinaa no ne ne kyerɛwfo Milton Henschel fi Brooklyn bɛsraa yɛn. Wɔn nsrahwɛ no boae kɛse ma yehuu ɔkwampa a na yɛbɛfa so ayɛ asɛnka adwuma no wɔ Sweden, na m’ankasa minyaa so mfaso pii. Bere a metee sɛ metumi akɔ Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu no, ntɛm ara na mede m’akwammisa krataa kɔe.

Afe a edi hɔ no, mekɔɔ sukuu no bi. Saa bere no, na wɔyɛ wɔ South Lansing, a ɛbɛn New York no. Ntetee a minyae wɔ asram anum mu no ma minyaa anisɔ kɛse maa Bible ne Onyankopɔn ahyehyɛde no. Mihui sɛ wɔn a wodi asɛnka adwuma a yɛreyɛ wɔ wiase nyinaa anim no anim tew, na wɔwɔ ntease nso. Wɔne yɛn nyinaa boom yɛɛ adwumaden. (Mateo 24:14) Ɛwom sɛ eyi anyɛ me nwonwa de, nanso m’ani gyei sɛ mede m’ani hui.

Ankyɛ koraa na ɛbere dui sɛ Gilead Sukuu adesuakuw a ɛto so awotwe no wie wɔn adesua wɔ February 9, 1947. Onua Knorr kaa aman a na wɔbɛma adesuafo no akɔyɛ adwuma wɔ hɔ no. Eduu me so no, ɔkae sɛ, “Onua Pramberg bɛsan akɔ Sweden akɔsom ne nuanom.” Nokwarem ni, m’ani annye ho sɛ ɔkae sɛ mensan nkɔ me kurom.

Adwumaden Bi a Meyɛe

Bere a mesan kɔɔ Sweden no, na wɔafi ase reyɛ adwuma foforo bi wɔ aman pii so wɔ wiase nyinaa, na na ɛno ne amantam so ahwɛfo adwuma no. Enti, mene obi a odi kan a wɔma meyɛɛ ɔmantam sohwɛfo wɔ Sweden, na na me na mehwɛ ɔman mũ no nyinaa so. Ná meyɛ amansin nhyiam a na wɔyɛ wɔ Sweden nkurow akɛse ne nketewa mu no nyinaa ho nhyehyɛe san hwɛ so. Esiane sɛ na saa nhyehyɛe yi yɛ foforo koraa nti, ɛho akwankyerɛ kakraa bi na wɔde maa me. Me ne Onua Eneroth kaa yɛn ti pam ho yɛɛ nea yebetumi biara de yɛɛ nhyehyɛe a na yɛde bɛyɛ nhyiam ahorow no. Bere a me nsa kaa dwumadi no, ɛbɔɔ me hu, na mebɔɔ Yehowa mpae mpɛn pii sɛ ɔmmoa me. Mfe 15 na mede somee sɛ ɔmantam sohwɛfo.

Saa bere no, na ɛyɛ den sɛ yebenya mmeae a ɛfata de ayɛ nhyiam. Enti, na ɛsɛ sɛ yɛhane asa ahorow a ɔmanfo no di asaw wɔ so ne asa afoforo yɛ nhyiam wɔ so. Mpɛn pii no, na mfiri a ɛma adan mu yɛ hyew nnim, na na emu nneɛma nso asɛɛsɛe. Baabi a ɛte saa a yɛyɛɛ nhyiam no bi ne Finland kurow Rökiö mu. Ná asa no yɛ ɔmanfo asa dedaw bi a wɔagyaw asi hɔ bere tenten a wɔnyɛ hwee wɔ hɔ. Bere a yɛreyɛ nhyiam no, na sukyerɛmma a ano yɛ den retɔ, na na awɔw wom paa. Enti, yɛsɔɔ ogya wɔ ankora akɛse abien bi a na wɔde fango gu mu no mu. Nanso, na yennim sɛ sɛɛ na nnomaa ayɛ mmerebuw wɔ dorobɛn a esi ɔdan no so a wusiw fa mu pue no mu ma emu asiw. Enti, wusiw no hyɛɛ ɔdan no mu ma! Nanso, anuanom de wɔn soro ntade buaa wɔn ti, na na wɔn ani so hyehye wɔn, nanso obiara kɔɔ so traa ase tiee asɛm no. Ɛno amma obiara werɛ amfi saa nhyiam no da.

Akwankyerɛ a wɔde mae sɛ yɛmfa nyɛ saa ɔmansin nhyiam a na wɔyɛ no nnansa no bi ne sɛ yɛbɛma nhyiamfo no aduan. Nea edi kan no, na yenni aduannoa no ho nneɛma, na na yɛnyɛɛ saa adwuma no bi nso da. Nanso, yenyaa anuanom mmea ne mmarima bi a wɔpɛ adwuma ma wɔfaa saa adwuma no too wɔn ho so. Ade rebɛkye ma yɛayɛ nhyiam no, yehui sɛ anuanom no abobɔ wɔn mu ase resensen ntɔmmɔ wɔ hweaseammɔ mu, na na wɔde anigye reka wɔn suahu ahorow akyerɛ wɔn ho wɔn ho. Sɛ anuanom mmea ne mmarima bom yɛ adwumaden wɔ mmere a ɛtete saa mu a, na ɛma wonya nnamfo pii a wɔne wɔn bɔ kyɛ.

Saa bere no, na yɛn adwuma no biako nso ne sɛ yɛbɛhwɛ ma anuanom de dawurubɔ nkrataa abɔ amansin nhyiam ahorow a na yɛyɛ no ho dawuru. Ná yɛto santen fa nkurow ne nkuraase to nsa frɛ nkurɔfo ma wobetie baguam ɔkasa no. Mpɛn pii no, ná nkurɔfo dodow no ara gye yɛn fɛw so, na na wobu ade. Bere bi a na yɛrekyekyɛ dawurubɔ nkrataa wɔ Finspång kurow no mu no, adwumayɛfo bi pue fii wɔn adwumam begyinagyinaa ɔkwan no ho. Mpofirim ara na wɔn mu biako teɛɛm sɛ: “Monhwɛ, saa nkurɔfo yi na Hitler antumi anni wɔn so nkonim no!”

Ade Titiriw Bi a Esii wɔ M’asetram

Bere a mihyiaa awuraa hoɔfɛfo bi a wɔfrɛ no Karin no, mihui sɛ na ɛrenkyɛ na magyae ɔmantam sohwɛ adwuma no. Wɔtoo nsa frɛɛ yɛn baanu sɛ yɛnkɔ amanaman ntam nhyiam wɔ Yankee Stadium, New York City, wɔ July 1953 mu. Yɛkɔɔ nhyiam no, bere a nhyiam no fã a edi kan baa awiei Dwoda, ɔsram no da a ɛto so 20 no, Milton Henschel hyiaa yɛn ayeforo. Ná wonhyiaa ayeforo wɔ agoprama a na agye din no so da. Me ne Karin yɛɛ akwantu adwuma no kosii afe 1962 mu, na ɛno akyi no, wɔfrɛɛ yɛn ma yɛkɔyɛɛ adwuma wɔ Sweden Betel. Mfiase no, meyɛɛ adwuma wɔ Nsɛmma Nhoma Tintimbea. Afei, esiane sɛ na mewɔ mfiridwuma ho nimdeɛ nti, wɔma mehwɛɛ mfiri a na wɔde tintim nhoma ne mfiri foforo a na ɛwɔ baa dwumadibea hɔ no so. Karin yɛɛ adwuma wɔ baabi a wɔhoro nneɛma, na ɔkyɛe wɔ hɔ. Nanso, seesei Karin de mfe pii ayɛ adwuma wɔ Adwumayɛbea a wɔhwɛ nhoma a wɔakyerɛ ase awie mu siesie mu mfomso no.

Nneɛma a ɛyɛ anigye na mfaso wɔ so a yɛyɛe no ama yɛn asetra ayɛ anigye wɔ bɛboro mfe 54 a yɛde asom Yehowa sɛ awarefo no mu! Yehowa de asomfo a wɔwɔ ɔdɔ, na wɔyɛ adwumaden adom n’ahyehyɛde no. Wɔ afe 1940 mu, bere a mifii ase yɛɛ adwuma wɔ baa dwumadibea hɔ no, na Adansefo 1,500 pɛ na wɔwɔ Sweden. Nanso, seesei, wɔboro 22,000. Adansefo a wɔwɔ aman foforo so dodow akɔ anim, ma enti wɔ wiase nyinaa no, seesei yɛboro ɔpepem asia ne fã.

Yehowa honhom taa adwuma a yɛreyɛ no akyi, na wɔ ɔkwan bi so no, ɔde nneɛma rehyehyɛ yɛn ahyɛn mu ma. Yɛkɔ so hyɛ yɛn gyidi den, na yɛfa adesamma po a ɛrehuru kutukutu no mu a yensuro. Sɛ yɛto yɛn ani a, yehu no pefee sɛ Onyankopɔn wiase foforo no wɔ yɛn anim. Me ne Karin da Onyankopɔn ase wɔ nneɛma pa a wayɛ ama yɛn no ho, na da biara da, yɛbɔ mpae sɛ Onyankopɔn mma yɛn ahoɔden mma yɛnkɔ so nnyina yɛn mudi mu, na awiei koraa no, yɛadu yɛn botae a ɛne sɛ yebenya Onyankopɔn anim dom na yɛanya daa nkwa no ho!—Mateo 24:13.

[Mfonini wɔ kratafa 12]

Misi me maame nan so

[Mfonini wɔ kratafa 13]

Baabi a me ne Paapa kɔtraa hyɛmma bi mu wɔ afe 1920 mfe no mfiase no

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Me ne Herman Henschel (Milton papa) wɔ Gilead, afe 1946

[Mfonini wɔ kratafa 16]

Yɛwaree wɔ Yankee Stadium wɔ July 20, 1953