Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Tumidi Ne Onyankopɔn Ahenni No

Yehowa Tumidi Ne Onyankopɔn Ahenni No

Yehowa Tumidi Ne Onyankopɔn Ahenni No

“Wo [Yehowa, NW] na kɛseyɛ ne mmaninyɛ ne anuonyam ne nimdi ne aseda wɔ wo, . . . Wo, [Yehowa, NW], na ahenni wɔ wo.” —1 BERESOSƐM 29:11.

1. Dɛn nti na Yehowa na ɔfata sɛ ɔyɛ amansan Hene?

ODWONTOFO no nam asɛm a edi hɔ yi a ɔkae so twee adwene sii nokwasɛm a ɛfa ahenni ho so. Ɔkae sɛ: “[Yehowa, NW] de n’agua asi soro, na n’ahenni di ade nyinaa so.” (Dwom 103:19) Esiane sɛ Yehowa Nyankopɔn yɛ Ɔbɔadeɛ nti, ɔno ne nea ɔfata sɛ ɔyɛ amansan Hene.

2. Ɔkwan bɛn so na Daniel kyerɛkyerɛɛ sɛnea Yehowa di abɔfodɔm no so hene no mu?

2 Nokwarem no, sɛ ɔhene bi betumi adi tumi a, gye sɛ onya ɔmanfo a obedi wɔn so. Mfiase no, Yehowa dii honhom abɔde a ɔbɔɔ wɔn no so hene. Nea odi kan ne ne Ba a ɔwoo no koro no, ne afei abɔfodɔm a wɔaka no. (Kolosefo 1:15-17) Mfe pii akyi no, wɔmaa odiyifo Daniel huu sɛnea Yehowa di hene wɔ soro no ho biribi. Daniel bɔɔ amanneɛ sɛ: “Mede hwɛ ara kosii sɛ wosisii agua, na obi a ne nna akyɛ bɛtraa ase, . . . mpem mpem som no, na ɔpedu huhaa gyina n’anim.” (Daniel 7:9, 10) Yehowa a ɔno ne nea ne “nna akyɛ” no dii n’abusua a wɔne abɔfo a wɔdɔɔso a wodi ne mmara so pɛpɛɛpɛ, na wɔsom no sɛ “n’asomfo” a wɔyɛ n’apɛde no so sɛ Ɔhene wɔ mfe pii a yennim ano mu.—Dwom 103:20, 21.

3. Ɔkwan bɛn so na Yehowa trɛw ne tumidi mu ma eduu yɛn amansan yi mu?

3 Bere kɔɔ so no, Yehowa bɔɔ amansan kɛse yi ne emu nneɛma pii a yɛn asase yi nso ka ho de trɛw n’ahenni mu. (Hiob 38:4, 7) Sɛ obi gyina asase yi so na ɔhwɛ wim a, ohu sɛ owia, ɔsram, ne nsoromma mu biara nam ne kwan so pɛpɛɛpɛ te sɛ nea enhia sɛ obi kyerɛ wɔn kwan. Nanso, odwontofo no kae sɛ: “[Yehowa] na ɔhyɛe na wɔbɔɔ wɔn; na ɔde wɔn tintim hɔ daa daa, wahyɛ ahyɛde a obi ntra.” (Dwom 148:5, 6) Yehowa rekyerɛ abɔfodɔm no ne amansan yi mu nneɛma kwan, na ɔma wɔn ahyɛde bere nyinaa.—Nehemia 9:6.

4. Ɔkwan bɛn so na Yehowa di tumi wɔ nnipa so?

4 Bere a Onyankopɔn bɔɔ nnipa baanu a wodi kan no, ɔsan dii ne tumi wɔ ɔkwan foforo so. Biribiara a na nnipa hia na ama wɔn asetra ayɛ nea atirimpɔw ne abotɔyam wom a Yehowa de maa wɔn akyi no, ɔsan ka kyerɛɛ wɔn sɛ wonni asase so abɔde nyinaa so tumi, na ɛno kyerɛ sɛ ɔmaa wɔn tumi. (Genesis 1:26-28; 2:8, 9) Enti, ɛda adi pefee sɛ, Onyankopɔn di ne nkurɔfo so wɔ ɔkwampa so ne ayamye mu, na ɔsan di wɔn ni. Sɛ Adam ne Hawa kɔɔ so brɛɛ wɔn ho ase hyɛɛ Yehowa tumidi ase a, anka wɔbɛtra ase daa wɔ paradise wɔ asase so.—Genesis 2:15-17.

5. Dɛn na yebetumi aka afa sɛnea Yehowa di ne tumi no ho?

5 Dɛn na yebetumi asua afi nea yɛasusuw ho yi nyinaa mu? Nea edi kan no, Yehowa adi n’abɔde nyinaa so tumi bere nyinaa. Nea ɛto so abien ne sɛ, Onyankopɔn di ne tumi wɔ ayamye mu, na odi ne nkurɔfo ni. Nea etwa to no, sɛ yetie Onyankopɔn asɛm na yegye ne tumidi tom a, ɛbɛma yɛanya anigye ne abotɔyam daa. Enti, ɛnyɛ nwonwa sɛ biribi kaa tete Israel hene Dawid ma ɔkaa asɛm a edi so yi sɛ: “Wo [Yehowa, NW] na kɛseyɛ ne mmaninyɛ ne anuonyam ne nimdi ne aseda wɔ wo, na nea ɛwɔ ɔsoro ne asase so nyinaa wɔ wo. Wo, [Yehowa, NW], na ahenni wɔ wo, na wo na woama wo ho so di ade nyinaa so ti.”—1 Beresosɛm 29:11.

Dɛn Nti na Yehia Onyankopɔn Ahenni No?

6. Abusuabɔ bɛn na Onyankopɔn tumidi ne n’Ahenni no wɔ?

6 Sɛ Yehowa ne Amansan Hene a ofi teteete adi n’abɔde so tumi na wada ne kɛseyɛ adi bere nyinaa a, ɛnde dɛn nti na yɛsan hia Onyankopɔn Ahenni no? Mpɛn pii no, ɔhene bi taa fa ahyehyɛde bi so na edi ne manfo so. Enti, Onyankopɔn Ahenni yɛ nhyehyɛe a wayɛ a ɔnam so bedi n’abɔde a wɔwɔ amansan yi mu no so tumi.

7. Dɛn nti na Yehowa yɛɛ nhyehyɛe foforo de dii ne tumi?

7 Yehowa afa akwan horow so adi tumi wɔ mmere ahorow bi mu. Ɔyɛɛ nhyehyɛe foforo a ɔde bedi asɛm foforo bi a esii ho dwuma. Eyi yɛ bere a Onyankopɔn abɔfo no mu biako a ɔne Satan tew atua na otumi daadaa Adam ne Hawa ma wɔtew atua tiaa Yehowa tumidi no. Wɔnam saa atuatew no so sɔre tiaa Onyankopɔn tumidi. Ɔkwan bɛn so? Bere a Satan ka kyerɛɛ Hawa sɛ sɛ odi aduaba a wɔabara no a ‘ɔrenwu’ no, na nea ɔrepɛ akyerɛ ne sɛ Yehowa nka nokware, enti ɛmfata sɛ wotie n’asɛm. Satan san ka kyerɛɛ Hawa sɛ: “Onyankopɔn nim sɛ da a mubedi bi no, mo ani bebue, na moayɛ sɛ Onyankopɔn ahu papa ne bɔne.” Nea na Satan reka akyerɛ Adam ne Hawa ne sɛ sɛ wobu wɔn ani gu Onyankopɔn ahyɛde so na wɔyɛ nea wɔn ankasa pɛ a, ebesi wɔn yiye. (Genesis 3:1-6) Wɔnam nea wɔyɛe no so kaa no pen sɛ Onyankopɔn nniso mfata. Dɛn na na Yehowa bɛyɛ?

8, 9. (a) Sɛ sodifo bi hu sɛ nkurɔfo bi atew atua wɔ ne man mu a, dɛn na ɔbɛyɛ? (b) Dɛn na Yehowa yɛe wɔ Eden atuatew no ho?

8 Sɛ nnipa bi tew atua wɔ ɔman bi mu a, dɛn na yɛhwɛ kwan sɛ sodifo a ɔwɔ hɔ no bɛyɛ? Wɔn a wonim abakɔsɛm no bɛkae nsɛm bi a ɛtete saa a asisi no. Sɛ́ anka sodifo no bebu n’ani agu asɛm no so no, mpɛn pii no, sodifo bi—nea ne yam ye mpo—bebu atuatewfo no fɔ sɛ wɔyɛ amammɔfo. Afei, sodifo no betumi ama obi tumi sɛ ɔne atuatewfo no nkɔko nni wɔn so nkonim mma asomdwoe mmra ɔman no mu. Saa pɛpɛɛpɛ na Yehowa yɛɛ asɛm a esii no ho biribi ntɛm ara, na obuu atuatewfo no fɔ de kyerɛe sɛ ɔno na odi tumi. Yehowa ka kyerɛɛ Adam ne Hawa sɛ wɔmfata sɛ wonya daa nkwa akyɛde no, na Ɔpam wɔn fii Eden turo no mu.—Genesis 3:16-19, 22-24.

9 Bere a Yehowa rebu Satan atɛn no, ɔdaa no adi sɛ wayɛ nhyehyɛe foforo a ɔnam so bedi ne tumi a ɛbɛma asomdwoe ne ahotɔ aba n’amansan no mu nyinaa. Onyankopɔn ka kyerɛɛ Satan sɛ: “Mede ɔtan bɛto wo ne ɔbea no ntam ne w’aseni ne n’aseni ntam. Ɔbɛbɔ wo ti na wo nso wobɛka ne nantin.” (Genesis 3:15, NW) Enti, Yehowa daa no adi sɛ wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛma ‘aseni’ no tumi ma wasɛe Satan ne ne dɔm no pasaa, na wafa so ada no adi sɛ Ne tumidi na ɛfata.—Dwom 2:7-9; 110:1, 2.

10. (a) Henanom na wɔbɛyɛɛ ‘aseni’ no? (b) Asɛm bɛn na Paulo ka faa nkɔmhyɛ a edi kan no mmamu ho?

10 Yesu Kristo ne nnipakuw bi a ɔne wɔn bedi hene no na wɔbɛyɛɛ ‘aseni’ no. Wɔn na wɔbɛbom ayɛ Onyankopɔn Mesia Ahenni no. (Daniel 7:13, 14, 27; Mateo 19:28; Luka 12:32; 22:28-30) Nanso, wɔanna saa nsɛm yi nyinaa adi amonom hɔ ara. Nokwarem no, nkɔmhyɛ a edi kan yi mmamu kɔɔ so yɛɛ “ahintasɛm kronkron a wɔammɔ so bere tenteenten.” (Romafo 16:25) Mfehaha pii na gyidifo de hwɛɛ bere a wobeyi “ahintasɛm kronkron” no adi, bere a Bible mu nkɔmhyɛ a edi kan no benya mmamu ma obiara ahu sɛ Yehowa tumidi na ɛfata no.—Romafo 8:19-21.

Woyii “Ahintasɛm Kronkron” no Adi Nkakrankakra

11. Asɛm bɛn na Yehowa ka kyerɛɛ Abraham?

11 Bere kɔɔ so no, Yehowa yii ‘Onyankopɔn ahenni ho ahintasɛm kronkron no’ ho nneɛma bi adi nkakrankakra. (Marko 4:11) Abraham a wɔfrɛɛ no “Yehowa adamfo” no ka nnipa a woyii saa nneɛma no bi adi kyerɛɛ wɔn no ho. (Yakobo 2:23) Yehowa hyɛɛ Abraham bɔ sɛ Ɔbɛyɛ no “ɔman kɛse.” Akyiri yi, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham bio sɛ: ‘Ahene befi wo mu,’ na “w’asefo mu na wobehyira asase so amanaman nyinaa.”—Genesis 12:2, 3; 17:6; 22:17, 18.

12. Ɔkwan bɛn so na Satan aseni no daa ne ho adi wɔ Nsuyiri no akyi?

12 Eduu Abraham bere so no, na nnipa bi abɔ mmɔden sɛ wobedi afoforo so tumi dedaw. Sɛ nhwɛso no, Bible ka Noa nanankansowa Nimrod ho asɛm sɛ: “Ofii ase yɛɛ otumfoɔ asase so. Ɔno na ɔyɛɛ ɔbɔmmɔfo a ɔwɔ tumi [Yehowa, NW] anim.” (Genesis 10:8, 9) Ɛda adi pefee sɛ, Satan na ɔde Nimrod ne afoforo a wɔn ankasa yɛɛ wɔn ho ahemfo no yɛɛ adwuma. Wɔne wɔn akyitaafo no nyinaa bɛyɛɛ Satan aseni no fã.—1 Yohane 5:19.

13. Nkɔm bɛn na Yehowa nam Yakob so hyɛe?

13 Mmɔden a Satan bɔe sɛ ɔbɛma nnipa adi tumi nyinaa akyi no, Yehowa ma n’atirimpɔw kɔ so bam. Yehowa nam Abraham nana Yakob so kae sɛ: “Ahempoma rempa Yuda ho, na tumi poma remfi n’anan ntam, kosi sɛ Silo bɛba; na ɔno na aman betie no.” (Genesis 49:10, NW) Nea asɛmfua “Silo” kyerɛ ne “Nea Ɛyɛ Ne De; Nea Ade no Wɔ No.” Enti saa nkɔmhyɛ no kyerɛe sɛ, ná obi bɛba a ɔno na ɔwɔ hokwan sɛ ogye “ahempoma” anaa tumidi, ne “tumi poma” a ɔde bedi “aman” anaa adesamma nyinaa so no. Ná hena na ɔbɛyɛ saa Onipa yi?

“Kosi sɛ Silo Bɛba”

14. Apam bɛn na Yehowa ne Dawid yɛe?

14 Yisai ba Dawid a na ɔyɛ oguanhwɛfo no ne obi a odi kan wɔ Yuda abusua mu a Yehowa paw no sɛ onni ne nkurɔfo so hene. * (1 Samuel 16:1-13) Bɔne a Dawid yɛe ne mfomso ahorow a ɔyɛe nyinaa akyi no, onyaa Yehowa anim dom, efisɛ ogyee Yehowa tumidi toom koraa. Bere a Yehowa rekyerɛkyerɛ nkɔm a ɔhyɛe wɔ Eden no mu akɔ akyiri no, ɔne Dawid yɛɛ apam, na ɔkae sɛ: “Mɛma w’aseni a ofi wo yam so w’akyi, na mama n’ahenni atim.” Ná ɛnyɛ Dawid ne ne ba Salomo a obedi n’ade no nkutoo na aseni no bɛfa wɔn so aba, efisɛ ɔkae wɔ apam no mu sɛ: ‘Mɛma n’ahenni agua atim akosi daa.’ Onyankopɔn maa emu daa hɔ pefee wɔ apam a ɔne Dawid yɛe no mu sɛ, Ahenni no ‘aseni’ a wɔahyɛ no ho bɔ no befi Dawid abusua mu na ɔbɛba.—2 Samuel 7:12, 13.

15. Dɛn nti na yebetumi abu Yuda ahenni no sɛ na egyina hɔ ma Onyankopɔn Ahenni?

15 Dawid ne obi a wɔde no fii ahene abusua a ɔsɔfopanyin de ngo kronkron sraa wɔn no ase. Ne saa nti, na wobetumi afrɛ saa ahemfo yi sɛ wɔn a wɔasra wɔn. (1 Samuel 16:13; 2 Samuel 2:4; 5:3; 1 Ahene 1:39) Wɔkaa ahemfo no ho asɛm sɛ wɔte Yehowa ahengua so, na wodii hene maa Yehowa wɔ Yerusalem. (2 Beresosɛm 9:8) Enti, wɔ ɔkwan bi so no, na Yuda ahenni no gyina hɔ ma Onyankopɔn Ahenni, na ɛno so na na Yehowa nam di ne tumi.

16. Dɛn na efii Yuda ahemfo nniso no mu bae?

16 Bere a ɔhene no ne ne manfo brɛɛ wɔn ho ase maa Yehowa tumidi no, Yehowa bɔɔ wɔn ho ban, na ohyiraa wɔn pii. Ɔman no dii yiye, na wonyaa asomdwoe pii wɔ Salomo ahenni ase sen ahemfo a wɔaka nyinaa. Ɛno ma yehu asomdwoe ne yiyedi a ɛbɛba wɔ Onyankopɔn Ahenni no ase no ho biribi ketewaa bi wɔ bere a wɔasɛe Satan nnwuma nyinaa na Yehowa ama obiara ahu sɛ ne tumidi na ɛfata no mu. (1 Ahene 4:20, 25) Awerɛhosɛm ne sɛ, ahemfo dodow no ara a wodii ade wɔ Dawid abusua mu no anni Yehowa mmara so, na ɛno maa ɔmanfo no de wɔn ho hyɛɛ abosonsom ne nna mu ɔbrasɛe mu. Awiei koraa no, Yehowa maa Babilonfo sɛee ahenni a na Dawid abusua na wodi so no wɔ afe 607 A.Y.B mu. Ɛbɛyɛɛ te sɛ nea Satan adi nkonim wɔ mmɔden a ɔbɔe sɛ ɔbɛma nkurɔfo ahu sɛ Yehowa tumidi nyɛ papa no mu.

17. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ bere a wotuu Dawid abusua ahenni no gui no, na Yehowa da so ara redi tumi?

17 Ahenni a na Dawid abusua na wodi so no a wotu gui, ne Israel ahemman a ɛwɔ atifi fam no a na wɔatu agu dedaw no ankyerɛ sɛ na Yehowa tumidi adi nkogu anaasɛ ɛnyɛ papa, na mmom ɛyɛ nea Satan nkɛntɛnso de bae ne twe a nnipa twee wɔn ho fii Onyankopɔn ho no na ɛde ɔhaw no nyinaa bae. (Mmebusɛm 16:25; Yeremia 10:23) Nea ɛbɛyɛ na Yehowa ama yɛahu sɛ ɔda so ara redi tumi no, ɔnam odiyifo Hesekiel so kae sɛ: “Wɔayi abotiten no na wɔapɔn ahemmotiri no; . . . nnanani, nnanani, nnanani na mɛdan no; na eyi nso rentra hɔ, de bɛkɔ akosi sɛ nea atemmu wɔ no no bɛba, na mede mama no.” (Hesekiel 21:26, 27) Saa asɛm no kyerɛ sɛ, na ‘aseni’ a wɔahyɛ no ho bɔ anaa Onii a ‘na atemmu wɔ no no’ nnya mmae.

18. Asɛm bɛn na ɔbɔfo Gabriel ka kyerɛɛ Maria?

18 Ma yɛnhwɛ asɛm a esii wɔ bɛyɛ afe 2 A.Y.B mu no. Wɔsomaa ɔbɔfo Gabriel ma ɔkɔkaa asɛm bi kyerɛɛ Maria a na ɔyɛ ɔbaabun no. Ná Maria te Nasaret a ɛyɛ kurow bi a ɛwɔ Galilea wɔ Palestina asase no atifi fam no mu. Ɔbɔfo no ka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ! wobɛfa yafunu na woawo ɔbabarima, na ɛsɛ sɛ woto ne din Yesu. Ɔbɛyɛ kɛse na wɔbɛfrɛ no Ɔsorosoroni no Ba; na Yehowa Nyankopɔn de n’agya Dawid ahengua bɛma no, na obedi Yakob fie so hene afebɔɔ, na n’ahenni remma awiei.”—Luka 1:31-33.

19. Bere a wɔwoo Yesu no, nsɛm a ɛyɛ anigye bɛn na na ɛrebesisi?

19 Awiei koraa no, ná bere a wɔbɛma wɔahu “ahintasɛm kronkron no” abɛn. Ná ɛrenkyɛ na ‘aseni’ no mu Otitiriw no apue. (Galatifo 4:4; 1 Timoteo 3:16) Ná Satan bɛka aseni titiriw no nantin. Ná saa ‘aseni’ no nso bɛbɔ Satan ti, na wayi Satan ne n’akyidifo nyinaa afi hɔ. Yesu bɛsan adi adanse nso sɛ ɔnam Onyankopɔn Ahenni no so besiesie nneɛma a Satan asɛe no no nyinaa, na wama yɛahu sɛ Yehowa tumidi na ɛfata. (Hebrifo 2:14; 1 Yohane 3:8) Ɔkwan bɛn so na Yesu bɛfa ayɛ eyi? Nhwɛso bɛn na Yesu yɛ maa yɛn sɛ yensua? Yebenya ho mmuae no wɔ adesua a edi hɔ no mu.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 14 Ná onipa a Onyankopɔn dii kan paw no sɛ onni Israel so hene a ɔne Saul no fi Benyamin abusua mu.—1 Samuel 9:15, 16; 10:1.

Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?

• Dɛn na ɛma Yehowa fata sɛ ɔyɛ amansan yi so Hene?

• Dɛn na ɛmaa Yehowa sii gyinae sɛ ɔde Ahenni no besi hɔ?

• Ɔkwan bɛn na Yehowa faa so yii “ahintasɛm kronkron no” adi nkakrankakra?

• Dɛn na ɛkyerɛ sɛ bere a wotuu Dawid abusua ahenni no gui no, na Yehowa da so ara di tumi?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Dɛn na Yehowa kae sɛ ɔnam Abraham so bɛyɛ?

[Mfonini wɔ kratafa 25]

Dɛn nti na Dawid abusua ahenni no a wotu gui no ankyerɛ sɛ na Yehowa tumidi adi nkogu?