Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Akode Biara A Wɔbɔ Hyɛ Wo No Renyɛ Yiye

Akode Biara A Wɔbɔ Hyɛ Wo No Renyɛ Yiye

Akode Biara A Wɔbɔ Hyɛ Wo No Renyɛ Yiye

“Akode biara a wɔbɔ hyɛ wo renyɛ yiye.”—YESAIA 54:17.

1, 2. Ɔkwan bɛn so na tebea a Yehowa Adansefo a wɔwɔ Albania afa mu no ma yehu sɛ Yesaia 54:17 yɛ nokware?

MFE pii a atwam no, na Kristofo akokodurufo bi te ɔman ketewaa bi a mmepɔw wom wɔ Europa anafo fam mu. Komunis aban bi a wonnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛtɔre wɔn ase. Nanso ayayade a wɔyɛɛ wɔn, adwumayɛban mu a wɔde wɔn gui, ne atosɛm a nsɛm ho amanneɛbɔfo ka faa wɔn ho no antumi antɔre wɔn ase. Ná wɔyɛ henanom? Wɔyɛ Yehowa Adansefo a wɔwɔ Albania. Ɛwom sɛ na ɛyɛ den paa ma wɔn sɛ wobehyiam na wɔaka asɛmpa no de, nanso animia a wɔde gyinaa mu wɔ mfe pii mu no hyɛɛ Kristosom anuonyam na eyii Yehowa din ayɛ. Afe a etwaam, bere a na wɔrehyira wɔn Betel fie foforo so no, Ɔdansefo bi a ɔde mfe pii asom nokwaredi mu no kae sɛ: “Ɛmfa ho mmɔden biara a Satan bɔ no, ɔkɔ so di nkogu na Yehowa di nkonim bere nyinaa!”

2 Eyi nyinaa yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ asɛm a Onyankopɔn ka faa ne nkurɔfo ho a ɛwɔ Yesaia 54:17 no yɛ nokware: “Akode biara a wɔbɔ hyɛ wo renyɛ yiye, na tɛkrɛma biara a ɛbɛsɔre ne wo ayi ntɛn no, wobebu no fɔ.” Nsɛm a asisi ma yehu sɛ Satan wiase no ntumi nyɛ biribiara a ɛbɛma Yehowa Nyankopɔn asomfo a wɔahyira wɔn ho so ama no no agyae ne som.

Satan Bɔ Akode Hyɛ Yɛn, Nanso Ɛnyɛ Yiye

3, 4. (a) Satan akode no bi ne dɛn? (b) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Ɔbonsam akode a ɔbɔ hyɛ yɛn no nyɛɛ yiye?

3 Akode a wɔabɔ ahyɛ nokware asomfo no bi ne yɛn adwuma no a wɔbara, nnipa bi a wɔma wɔyɛ yɛn basabasa, nneduaban mu a wɔde yɛn gu, ne ‘mmara so a wɔnam de ɔhaw ba’ yɛn so. (Dwom 94:20) Nokwarem no, saa bere yi mpo a Yehowa Adansefo resua asɛm yi no, ‘wɔresɔ’ nokware Kristofo yi nokwaredi ‘ahwɛ’ wɔ aman bi so.—Adiyisɛm 2:10.

4 Sɛ nhwɛso no, Yehowa Adansefo adwumayɛbea bi bɔɔ amanneɛ sɛ wɔ afe biako pɛ mu no, wɔtow hyɛɛ Onyankopɔn asomfo so mpɛn 32 bere a na wɔrekɔ asɛnka no. Bio nso, polisifo kyeree Adansefo a wɔyɛ mpanyin ne mmofra, mmarima ne mmea mpɛn 59 bere a na wɔreka asɛm no, na wɔmaa ebinom de wɔn nsa tintim nkrataa so, wotwitwaa wɔn mfonini, na wɔde wɔn guu afiase sɛ nnebɔneyɛfo. Wɔahunahuna ebinom sɛ wɔbɛhwe wɔn. Wɔ ɔman foforo so no, seesei wɔayɛ Yehowa Adansefo a wɔakyere wɔn, wɔabɔ wɔn ka, anaa wɔahwe wɔn no ho kyerɛwtohɔ bɛboro 1,100. Eyinom mu bɛboro 200 sii da a na wɔahyia rehyɛ Yesu wu ho fã no! Nanso Yehowa honhom aboa ne nkurɔfo ma wɔagyina tebea horow ano, ɛmfa ho amanehunu pii a wohyia wɔ aman yi ne aman afoforo so no. (Sakaria 4:6) Ɔtaa a emu yɛ den a atamfo de ba no remma wɔn a wɔreyi Yehowa ayɛ no nka wɔn ano ntom. Nokwarem no, yɛwɔ ahotoso sɛ akode biara ntumi nsɛe Onyankopɔn atirimpɔw.

Wɔabu Atoro Tɛkrɛma Fɔ

5. Atoro tɛkrɛma bɛn na ɛsɔre tiaa Yehowa asomfo wɔ afeha a edi kan no mu?

5 Yesaia hyɛɛ nkɔm sɛ Onyankopɔn nkurɔfo bebu tɛkrɛma biara a ɛsɔre tia wɔn no fɔ. Wɔ afeha a edi kan no mu no, na wɔtaa toto Kristofo ano, na na wobu wɔn sɛ nnebɔneyɛfo. Nsɛm a ɛwɔ Asomafo Nnwuma 16:20, 21 no yɛ atosɛm a ɛte saa ho nhwɛso: ‘Nnipa yi rehaw yɛn kurow yi paa, na wɔde amanne ahorow bi reto gua a mmara mma yɛn kwan sɛ yedi akyi anaa yɛyɛ efisɛ yɛyɛ Romafo.’ Bere foforo nso, nyamesomfo a wɔyɛ asɔretiafo bɔɔ mmɔden sɛ wobɛkanyan kurow no mu atumfoɔ ma wɔayɛ biribi atia Kristo akyidifo bere a wɔkae sɛ: ‘Mmarima yi a wɔadan wiase ani no aba ha nso, na wɔsɔre tia Kaesare ahyɛde ahorow.’ (Asomafo Nnwuma 17:6, 7) Wɔkae sɛ ɔsomafo Paulo yɛ “obusufo,” na ɔyɛ kuw bi a wotutu nsɛm gu nkurɔfo asom ma wɔtew atua “wɔ asase nyinaa so” no kannifo.—Asomafo Nnwuma 24:2-5.

6, 7. Dɛn ne ɔkwan biako a nokware Kristofo fa so bu nsɛm a wɔka gu wɔn so no fɔ?

6 Enti ɛnyɛ yɛn nwonwa sɛ ɛnnɛ wɔatoto Kristofo ano, wɔaka atosɛm agu wɔn so, na wɔasɛe wɔn din. Yɛyɛ dɛn bu nsɛm a ɛte saa a wɔka gu yɛn so no fɔ?—Yesaia 54:17.

7 Mpɛn pii no, Yehowa Adansefo nam wɔn abrabɔ pa so kyerɛ sɛ nsɛm a wɔka gu wɔn so no nyɛ nokware. (1 Petro 2:12) Sɛ Kristofo da wɔn ho adi sɛ wodi ɔman mmara so na wɔyɛ nnipa a wɔwɔ su pa a wodwen wɔn mfɛfo nnipa yiyedi ho a, ɛbɛda adi sɛ nsɛm a wɔka gu wɔn so no yɛ atoro. Yɛn abrabɔ pa ma ɛda adi sɛ yɛyɛ ade a ɛteɛ. Bere a nkurɔfo hwɛ sɛnea yɛde animia yɛ nnwuma pa no, ɛtaa ka wɔn ma wɔhyɛ yɛn soro Agya no anuonyam na wohu ɔbra pa a n’asomfo bɔ no.—Yesaia 60:14; Mateo 5:14-16.

8. (a) Dɛn na ɛtɔ mmere bi a ebia ebehia na yɛatumi de Kyerɛwnsɛm no akyerɛkyerɛ yɛn gyinabea mu? (b) Yɛyɛ dɛn bu tɛkrɛma a ɛsɔre tia yɛn no fɔ de suasua Kristo?

8 Ɔbrapa a Kristofo bɔ akyi no, ɛtɔ bere bi a ebia ebehia akokoduru na yɛatumi de Kyerɛwnsɛm no akyerɛkyerɛ yɛn gyinabea mu. Ɔkwan biako ne sɛ yɛde yɛn asɛm bɛkɔ akɔdan aban ne asɛnnibea de ahwehwɛ ahobammɔ. (Ester 8:3; Asomafo Nnwuma 22:25-29; 25:10-12) Yesu wɔ asase so no, bere bi ɔkaa nsɛm penpen kyerɛɛ wɔn a wɔkasa tiaa no no de bɔɔ wɔn atosɛm gui. (Mateo 12:34-37; 15:1-11) Yɛn nso, yebetumi de hokwan biara a yebenya akyerɛkyerɛ yɛn gyidi mu akyerɛ afoforo de asuasua Yesu. (1 Petro 3:15) Ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn ho fɛw a yɛn sukuufo, adwumayɛfo, anaa yɛn abusuafo a wɔnyɛ gyidifo di no ma yegyae Onyankopɔn Asɛm mu nokware no ka da.—2 Petro 3:3, 4.

Yerusalem—Ɔbo Duruduru

9. Yerusalem bɛn na egyina hɔ ma Kristo “tɔkwaboba [ɔbo duruduru]” a wɔkaa ho asɛm wɔ Sakaria 12:3 no, na henanom na wogyina n’ananmu wɔ asase so?

9 Sakaria nkɔmhyɛ no ma yehu nea enti a amanaman no sɔre tia nokware Kristofo. Hyɛ nea Sakaria 12:3 ka yi nsow: “Na ɛda no, mede Yerusalem mɛyɛ tɔkwaboba [ɔbo duruduru] mama aman nyinaa.” Yerusalem bɛn na nkɔmhyɛ yi ka ho asɛm no? Yerusalem ho nkɔm a Sakaria hyɛe no fa “ɔsoro Yerusalem,” ɔsoro Ahenni a wɔafrɛ Kristofo a wɔasra wɔn kɔ mu no ho. (Hebrifo 12:22) Mesia Ahenni no adedifo no mu kakraa bi a wɔaka da so ara wɔ asase so. Wɔne wɔn ahokafo, “nguan foforo” no hyɛ nkurɔfo nkuran sɛ wɔmfa wɔn ho mmɛhyɛ Onyankopɔn Ahenni no ase bere a bere da so wɔ hɔ no. (Yohane 10:16; Adiyisɛm 11:15) Dɛn na amanaman no ayɛ wɔ nsa a wɔato afrɛ wɔn yi ho? Mmoa bɛn na Yehowa de ma nokware asomfo nnɛ? Momma yɛnhwehwɛ mu bere a yɛresusuw nea Sakaria ti 12 kyerɛ ho no. Sɛ yɛyɛ saa a, yebetumi anya awerɛhyem sɛ ‘akode biara’ a wɔbɔ tia Onyankopɔn nkurɔfo a wɔasra wɔn no ne wɔn ahokafo a wɔahyira wɔn ho so no ‘rennyɛ yiye.’

10. (a) Dɛn nti na wɔrehaw Onyankopɔn nkurɔfo? (b) Dɛn na ato wɔn a wɔbɔ mmɔden sɛ wobeyi “tɔkwaboba [ɔbo duruduru]” no afi hɔ no?

10 Sakaria 12:3 ma yehu sɛ amanaman no “bepirapira.” Ɛyɛ dɛn ba saa? Onyankopɔn aka sɛ ɛsɛ sɛ wɔka Ahenni no ho asɛmpa. Yehowa Adansefo fa ahyɛde a ɛne sɛ wɔnka asɛm no aniberesɛm. Nanso Ahenni no ho asɛm a wɔka no ne adesamma anidaso koro pɛ a ayɛ “tɔkwaboba [ɔbo duruduru]” ama amanaman no. Wɔbɔ mmɔden sɛ wɔde wɔn ho begyigye Ahenni asɛnkafo no adwuma mu de ayi afi hɔ. Amanaman a wɔyɛ saa no ‘apirapira’ wɔn ho ma wɔn ho nyinaa atwitwa. Bere a wɔyɛ a ɛnkosi hwee no, wɔn din pa mpo ho ba asɛm ma wɔn anim gu ase. Wɔrentumi mma nokware asomfo a wobu hokwan a wɔanya de reka Onyankopɔn Ahenni a Mesia no di so ho “daa asɛmpa” no nka wɔn ano ntom ansa na wiase a ɛwɔ hɔ yi awiei aba. (Adiyisɛm 14:6) Bere a afiase wɛmfo bi a ɔwɔ Afrika man bi so huu sɛnea wɔyɛɛ Yehowa asomfo basabasa no, ɔkaa biribi sɛɛ: ‘Nkurɔfo yi a moredi wɔn ani yi, moresɛe mo bere kwa. Wɔrempa wɔn gyidi da. Wɔkɔ so ara dɔɔso.’

11. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn adi n’asɛm a waka wɔ Sakaria 12:4 no so?

11 Kenkan Sakaria 12:4. Yehowa ka sɛ ɔbɛma wɔn a wɔko tia n’Ahenni asɛnkafo akokodurufo no ‘ho adwiriw wɔn’ na wafura wɔn ani sɛnkyerɛnne kwan so. Wadi n’asɛm so. Sɛ nhwɛso no, wɔ ɔman bi a wɔbaraa nokware som wɔ hɔ mu no, asɔretiafo antumi ansiw Bible ho nhoma a na Onyankopɔn nkurɔfo benya no kwan. Atesɛm krataa bi mpo kyerɛe sɛ na Yehowa Adansefo de Bible ho nhoma hyɛ baluu mu ba ɔman no mu! Onyankopɔn asɛm a ɔka kyerɛɛ n’asomfo anokwafo yi baa mu: “Mebue m’aniwa . . . na aman no apɔnkɔ nyinaa, mede anifurae mɛbobɔ wɔn.” Esiane sɛ abufuw afura Ahenni no atamfo ani nti, wonnhu nea wɔnyɛ. Nanso yɛwɔ ahotoso sɛ Yehowa bɛkora ne nkurɔfo so sɛ kuw na wahwɛ ma asi wɔn yiye.—2 Ahene 6:15-19.

12. (a) Yɛbɛte ogya a Yesu sɔe bere a na ɔwɔ asase so no ase dɛn? (b) Ɔkwan bɛn so na nkaefo a wɔasra wɔn no asɔ ogya wɔ sɛnkyerɛnne kwan so, na dɛn na afi mu aba?

12 Kenkan Sakaria 12:5, 6. “Yuda mmusua” anaa Yuda abusua mpanyimfo no gyina hɔ ma wɔn a wɔhwɛ Onyankopɔn nkurɔfo so. Yehowa ma ne nkurɔfo yi de nsi a emu yɛ den di ma nkurɔfo a wɔreka n’Ahenni ho asɛm wɔ asase so no. Bere bi Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo sɛ: “Meba bɛsɔɔ gya wɔ asase so.” (Luka 12:49) Ampa ara, ɔsɔɔ gya. Yesu nam nsi a ɔde kaa asɛm no so maa Onyankopɔn Ahenni no bɛyɛɛ ade titiriw wɔ n’asɛnka adwuma no mu. Eyi maa akyinnyegye a emu yɛ den sɔree wɔ Yuda man no nyinaa mu. (Mateo 4:17, 25; 10:5-7, 17-20) Te sɛ “ogya kuku wɔ nnua ntam ne gyatɛn wɔ aba a wɔatwa agu hɔ akuwakuw mu” no, saa ara na Kristo akyidifo a wodi n’anammɔn akyi wɔ yɛn bere yi so no sɔ ogya wɔ sɛnkyerɛnne kwan so. The Finished Mystery * nhoma a woyii no adi wɔ afe 1917 mu no paa Kristoman nyaatwomyɛ ho ntama yiye. Ɛno maa asɔfo no bo fuwii paa. Nnansa yi ara, Ahenni Asɛm a Ɛto so 37, “Atoro Som Awiei Abɛn!” no ama nnipa pii apaw sɛ wobegyina Onyankopɔn Ahenni no afã anaasɛ wɔrennyɛ saa.

Wogyee “Yuda Ntamadan”

13. Dɛn na asɛm “Yuda ntamadan” no kyerɛ, na dɛn nti na Yehowa gye wɔn a wɔde ani asi wɔn so no?

13 Kenkan Sakaria 12:7, 8. Wɔ tete Israel no, na ntamadan yɛ biribi a ɛda nsow wɔ asase no so. Ɛtɔ mmere bi a na nguanhwɛfo ne akuafo da mu. Sɛ atamfo bɛtow hyɛ Yerusalem kurow no so a, na nkurɔfo a wɔte saa no na na wodi kan nya wɔn, ma enti na wohia ahobammɔ. Sɛ yɛbɛka a, asɛm “Yuda ntamadan” no kyerɛ sɛ nkaefo a wɔasra wɔn wɔ yɛn bere yi so no nni nkurow a wɔabɔ ho ban mu, na mmom wɔwɔ petee mu. Wɔde akokoduru bɔ Mesia Ahenni no nneɛma ho ban wɔ hɔ. Asafo Yehowa ‘bedi kan agye Yuda ntamadan’ efisɛ wɔn na Satan de n’ani asi wɔn so.

14. Dɛn na Yehowa yɛ de wowaw wɔn a wɔwɔ “Yuda ntamadan” mu a ɛmma wonhodwo?

14 Nokwarem no, nsɛm a asisi da no adi sɛ Yehowa rewowaw Ahenni no ananmusifo a wɔasra wɔn yi wɔ wɔn “ntamadan” a ɛwɔ petee mu no mu. * Ɔmma ‘wonhodwo,’ kyerɛ sɛ ɔma wɔn ahoɔden ne akokoduru te sɛ ɔhene kofoni, Dawid.

15. Dɛn nti na Yehowa ‘bɛhwehwɛ amanaman no nyinaa asɛe wɔn,’ na bere bɛn na ɔbɛyɛ eyi?

15 Kenkan Sakaria 12:9. Dɛn nti na Yehowa ‘bɛhwehwɛ amanaman no nyinaa asɛe wɔn’? Efisɛ wɔkɔ so sɔre tia Mesia Ahenni no. Esiane sɛ wɔhaw Onyankopɔn nkurɔfo na wɔtaa wɔn nti, wobebu wɔn fɔ. Ɛrenkyɛ, Satan ananmusifo a wɔwɔ asase so no bɛtow ahyɛ Onyankopɔn nokware asomfo so nea etwa to, na ɛno na ɛde ɔko a wɔka ho asɛm wɔ Bible mu sɛ Harmagedon no bɛba. (Adiyisɛm 16:13-16) Ɔtemmufo Kunini no bɛwowaw n’asomfo, na watew ne din ho wɔ amanaman no mu de atua wɔn atamfo no so ka.—Hesekiel 38:14-18, 22, 23.

16, 17. (a) Dɛn ne “[Yehowa, NW] nkoa agyapade”? (b) Satan ntua ano a yegyina no kyerɛ dɛn?

16 Satan akode biara ntumi mma Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ wiase nyinaa no gyidi ne nsi a wɔyɛ no ano nnwo. Yehowa tumi a ɔde gye ne nkurɔfo a ama yɛanya asomdwoe no ne “[Yehowa, NW] nkoa agyapade.” (Yesaia 54:17) Obiara nni hɔ a obetumi ama asomdwoe a yɛwɔ ne tebea a yɛwom sɛ Onyankopɔn nkurɔfo no abɔ yɛn. (Dwom 118:6) Satan bɛkɔ so ahyɛ ɔsɔretia mu den, na wabɔ mmɔden ama wɔahiahia yɛn ho. Nokwaredi a yɛde gyina mu, ɛmfa ho sɛ wɔsɛe yɛn din no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn honhom wɔ yɛn so. (1 Petro 4:14) Wɔreka Yehowa Ahenni a wɔde asi hɔ no ho asɛmpa wɔ wiase nyinaa. Te sɛ akode a wɔde bɔ obi ma n’ani so biri no no, saa ara na wɔn a wɔsɔre tia Onyankopɔn nkurɔfo no atow sɛnkyerɛnne kwan so “ataabo mu abo” aboro wɔn. Nanso Yehowa ma ne nkurɔfo ahoɔden ma wɔde di abo a ɛte saa no so, na entumi wɔn. (Sakaria 9:15) Wɔrentumi mma nkaefo a wɔasra wɔn no ne wɔn ahokafo anokwafo no nka wɔn ano ntom!

17 Yɛhwɛ kwan sɛ wobegye yɛn afi Ɔbonsam ntua mu koraa. Hwɛ awerɛkyekye ara a yɛwɔ sɛ ‘akode biara a wɔbɔ hyɛ yɛn no renyɛ yiye, na tɛkrɛma biara a ɛbɛsɔre ne yɛn ayi ntɛn no, yebebu no fɔ’!

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 12 Yehowa Adansefo na wotintimii, nanso wɔagyae tintim.

^ nky. 14 Sɛ wopɛ ho nsɛm pii a, hwɛ Jehovah’s Witnesses—Proclaimers of God’s Kingdom nhoma a Yehowa Adansefo tintimii no kratafa 675-676.

Wubebua Dɛn?

• Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Satan akode a ɔbɔ hyɛ yɛn no nyɛɛ yiye?

• Ɔkwan bɛn so na ɔsoro Yerusalem yɛ “tɔkwaboba [ɔbo duruduru]”?

• Dɛn na Yehowa yɛ de gye “Yuda ntamadan” no?

• Bere a yɛrebɛn Harmagedon no, ahotoso bɛn na wowɔ?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 21]

Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ Albania no kɔɔ so dii nokware ɛmfa ho ɔtaa a Satan de baa wɔn so no

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Yesu bɔɔ atosɛm a wɔka guu no so no gui

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 24]

Akode biara a wɔbɔ hyɛ wɔn a wɔreka asɛmpa no renyɛ yiye