Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Munnyina Pintinn, Na Monhwɛ Yehowa Nkwagye’

‘Munnyina Pintinn, Na Monhwɛ Yehowa Nkwagye’

‘Munnyina Pintinn, Na Monhwɛ Yehowa Nkwagye’

“[Yehowa, NW] wɔ m’afa, minsuro, dɛn na onipa betumi ayɛ me?”—DWOM 118:6.

1. Nneɛma a ɛyɛ hu a ɛbɛba daakye bɛn na adesamma rebehu?

ƐRENKYƐ, adesamma behu nneɛma a ɛyɛ hu a wonhuu bi saa da. Bere a Yesu reka sɛ eyi bɛba wɔ yɛn bere yi mu ho asɛm no, ɔbɔɔ n’asuafo no kɔkɔ sɛ: “Ahohiahia kɛse a efi wiase mfitiase besi mprempren ebi nsii, na ebi nso nsi bio bɛba. Nokwarem no, sɛ wɔantwa nna no so a ɔhonam biara nni hɔ a wobegye no nkwa; nanso wɔn a wɔapaw wɔn no nti wobetwa nna no so.”—Mateo 24:21, 22.

2. Dɛn na ama ahohiahia kɛse no mmae?

2 Ɔsoro abɔfo a nnipa ntumi nhu wɔn no na seesei wɔmmaa ahohiahia kɛse no mmae. Ɔsomafo Yohane nyaa hokwan huu nea enti a ahohiahia kɛse no mmae wɔ adiyisɛm a Yesu de maa no no mu. Ɔsomafo akwakoraa no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Mihuu abɔfo baanan sɛ wogyinagyina asase afanan kurakura asase so mframa anan no mu denneennen . . . Na mihuu ɔbɔfo foforo a ɔde Onyankopɔn teasefo no nsɔano fi owiapuei reforo kɔ soro; na ɔde nne kɛse teɛɛm ka kyerɛɛ abɔfo baanan . . . no sɛ: ‘Monnhaw asase anaa ɛpo anaa nnua no, kosi sɛ yɛbɛsɔ yɛn Nyankopɔn nkoa ano wɔ wɔn moma so.’”—Adiyisɛm 7:1-3.

3. Dɛn na ebefi ahohiahia kɛse no ase?

3 “Yɛn Nyankopɔn nkoa” a wɔasra wɔn no nsɔano a etwa to no reba awiei. Abɔfo baanan no ayɛ krado sɛ wobegyae saa ɔsɛe mframa no mu. Sɛ wogyae mu a, dɛn na ebedi kan asi? Ɔbɔfo bi bua saa asɛmmisa no: “Wɔbɛtow Babilon kurow kɛse no hwii akyene, na wonhu no bio da.” (Adiyisɛm 18:21) Bere a wɔasɛe wiase atorosom nyinaa awie no, hwɛ ahurusi ara a wobedi wɔ soro.—Adiyisɛm 19:1, 2.

4. Nsɛm bɛn na ɛrebesisi?

4 Asase so aman nyinaa bɛka wɔn ho abom asɔre atia Yehowa nkurɔfo. So amanaman no betumi atɔre saa nokware Kristofo no ase? Ɛbɛyɛ te sɛ nea wobetumi ayɛ. Nanso, hwɛ! Ɔsoro asafodɔm a wodi Kristo Yesu akyi no bɛhwɛ sɛ wɔbɛsɛe nnipa a wɔaka wɔn ho abom yi. (Adiyisɛm 19:19-21) Awiei koraa no, wɔde Ɔbonsam ne n’abɔfo bɛto amena donkudonku bi mu a wontumi nyɛ hwee. Wɔrentumi nnaadaa nnipa bio efisɛ wɔbɛkyekyere wɔn mfe apem. Hwɛ ahotɔ ara a nnipakuw kɛse a wobenya wɔn ti adidi mu no benya!—Adiyisɛm 7:9, 10, 14; 20:1-3.

5. Anigye bɛn na wɔn a wobedi Yehowa nokware no benya?

5 Ɛrenkyɛ nsɛm a ɛyɛ nwonwa na ɛyɛ hu yi besisi. Ne nyinaa fa fata a Yehowa fata sɛ odi amansan so tumi no ho. Na susuw eyi ho hwɛ: Sɛ yedi Yehowa nokware na yegyina ne tumidi no afã a, yebenya kyɛfa wɔ Yehowa din a wɔbɛtew ho ne n’atirimpɔw a ɛbɛba mu no mu. Hwɛ anigye a ɛso bi nni a ɛno bɛyɛ!

6. Esiane nea ɛrebesi nti, dɛn na yebesusuw ho?

6 So yɛasiesie yɛn ho ama nsɛm akɛse a ɛrebesisi no? So yɛwɔ Yehowa tumi a ɔde gye nkwa no mu gyidi? Yɛwɔ ahotoso sɛ ɔbɛfa ɔkwan a eye sen biara so aboa yɛn wɔ bere a ɛsɛ mu? Sɛ yɛrebua nsɛmmisa a ɛtete saa a, yebetumi ama ɔsomafo Paulo nsɛm a ɔka kyerɛɛ ne mfɛfo Kristofo a na wɔwɔ Roma no atra yɛn adwenem: “Biribiara a wɔakyerɛw ato hɔ no, wɔakyerɛw ama yɛn nkyerɛkyerɛ, na yɛnam yɛn boasetɔ ne Kyerɛwnsɛm no mu awerɛkyekye so anya anidaso.” (Romafo 15:4) Nneɛma a wɔakyerɛw sɛ ɛnkyerɛkyerɛ yɛn a ɛma yenya awerɛkyekye ne anidaso no bi ne bere a Yehowa gyee Israelfo fii Misrifo a wɔhyɛɛ wɔn so atirimɔden so no nsam no. Ɛsɛ sɛ nsɛm a ɛka koma saa a yɛbɛhwehwɛ mu yiye ahu sɛnea Yehowa de ne ho gyee nsɛm mu de gyee Israelfo no hyɛ yɛn nkuran kɛse bere a yɛrehwɛ ahohiahia kɛse a ɛreba ntɛmntɛm no kwan no.

Yehowa Gyee Ne Nkurɔfo

7. Wɔ afe 1513 A.Y.B. mu no, tebea a emu yɛ den bɛn na ɛbaa Misraim?

7 Ná ɛyɛ afe 1513 A.Y.B. Ná Yehowa de ɔhaw akron aba Misrifo no so dedaw. Ɔhaw a ɛto so akron no akyi no, ntɛm ara na Farao kaa nsɛm yi de pam Mose fii n’anim: “Fi me so kɔ, hwɛ wo ho yiye, na nhu m’anim bio; na da a wubehu m’anim no, wubewu.” Mose buaa no sɛ: “Ɔsɛmpa! Merenhu w’anim bio.”—Exodus 10:28, 29.

8. Akwankyerɛ a na ɛbɛma Israelfo anya nkwa bɛn na wɔde maa wɔn, na dɛn na efii mu bae?

8 Afei Yehowa maa Mose hui sɛ aka ɔhaw a etwa to a ɔde bɛba Farao ne Misrifo nyinaa so. Wɔ ɔsram Abib (Nisan) da a ɛto so 14 mu no, na Misrifo mmakan ne mmoa mmakan nyinaa bewuwu. Nanso sɛ Israelfo di akwankyerɛ a na Onyankopɔn de bɛma Mose no akyi pɛpɛɛpɛ a, na wobenya wɔn ti adidi mu. Ná ɛsɛ sɛ wɔde odwennini mogya sra wɔn fie apongua abien ne aponguatifi no ho na afei wɔtra fie. Dɛn na esii saa anadwo no? Yɛmma Mose ankasa nka nkyerɛ yɛn: “Anadwo dasu mu no [Yehowa, NW] bobɔɔ Misraim asase so mmakan nyinaa.” Ntɛm ara na Farao yɛɛ ho biribi. Ɔfrɛɛ Mose ne Aaron, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monsɔre mfi me man mu, mo ne Israelfo no, na monkɔ nkɔsom [Yehowa, NW], sɛnea mokae no.” Ɛnna Israelfo a ɛbɛyɛ sɛ wɔn dodow boro ɔpepem abiɛsa ne “afrafrafo pii” a wɔnyɛ Israelfo a wonnim wɔn dodow ne wɔn kɔe.—Exodus 12:1-7, 29, 31, 37, 38.

9. Ɛhe na Onyankopɔn de Israelfo no fa fii Misraim kɔe, na dɛn ntia?

9 Ná ɔkwan a ɛda Mediterranea Po no ho a ɛkɔfa Filistifo asase so no nware koraa a na anka Israelfo betumi afa so. Nanso na ɛhɔ yɛ atamfo asase. Enti, ebia nea ɛbɛyɛ na Yehowa nkurɔfo nkodi ako no, ɔmaa wɔkɔfaa sare asase a ɛda Po Kɔkɔɔ no ho no so. Ɛwom na nnipa a wɔretu kwan no yɛ ɔpepem pii de, nanso na wɔnyɛ dɔm a obiara nam baabiara kɛkɛ. Bible ka sɛ: “Bere a Israelfo no fi Misraim reba no, na wɔahyehyɛ wɔn ho sɛ asafodɔm.”—Exodus 13:17, 18, NW.

‘Monhwɛ Yehowa Nkwagye’

10. Dɛn nti na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Israelfo sɛ wɔnkɔbɔ nsra wɔ Pi-Hahirot?

10 Nea edi hɔ no, nsɛm bi a ɛyɛ nwonwa sisii. Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Ka kyerɛ Israelfo ma wɔnnan nkɔbɔ nsra wɔ Pi-Hahirot anim wɔ Migdol ne po ntam, wɔ Baal-Sefon anim.” Bere a nnipadɔm yi dii akwankyerɛ yi so no, wohui sɛ wɔaka mmepɔw no ne Po Kɔkɔɔ no ntam. Ná ɛte sɛ nea ɔkwan biara nni hɔ a wɔbɛfa so aguan. Nanso na Yehowa nim nea ɔreyɛ. Ɔka kyerɛɛ Mose sɛ: “Mepirim Farao koma ma watiw wɔn, na mɛhyɛ m’anim nyam Farao ne ne dɔm nyinaa so, na Misrifo ahu sɛ mene [Yehowa, NW].”—Exodus 14:1-4.

11. (a) Dɛn na Farao yɛe, na Israelfo no yɛɛ wɔn ade dɛn? (b) Mmuae bɛn na Mose de maa Israelfo a na wɔrenwiinwii no?

11 Bere a Farao tee nka sɛ wadi mfomso sɛ wama Israelfo afi Misraim no, ntɛm ara na ɔfaa nteaseɛnam 600 tiw wɔn denneennen. Bere a Israelfo huu Misraim asraafo no, ehu kaa wɔn ma wɔka kyerɛɛ Mose sɛ: “So adamoa a enni Misraim nti na woafa yɛn aba ha sɛ yemmewuwu sare so yi?” Esiane sɛ na Mose wɔ Yehowa mu ahotoso nti, obuaa wɔn sɛ: “Munnsuro, munnyina pintinn, na monhwɛ [Yehowa, NW] nkwagye a ɔde rebɛkyerɛ mo nnɛ. . . . [Yehowa, NW] bɛko ama mo, na mo de, monyɛ komm!”—Exodus 14:5-14.

12. Dɛn na Yehowa yɛ de gyee ne nkurɔfo?

12 Asɛm a Mose kae sɛ Yehowa ankasa bɛko ama Israelfo no baa mu, efisɛ tumi a ɛboro nnipa ahoɔden so boaa wɔn. Yehowa bɔfo nam anwonwakwan so maa omununkum dum a na edi Israelfo anim no kodii wɔn akyi. Bere a na omununkum no ma esum ba Misrifo no so no, na saa omununkum koro no ara ma Israelfo no nya hann. (Exodus 13:21, 22; 14:19, 20) Mose tiee Onyankopɔn asɛm, na afei ɔteɛɛ ne nsa. Kyerɛwtohɔ no toa so sɛ: “[Yehowa, NW] de apuei mframa dennen maa ɛpo no kɔe anadwo no nyinaa . . . Na Israelfo no nam asase kesee so faa ɛpo no mfinimfini, na nsu no yɛɛ wɔn ɔfasu wɔn nifa ne wɔn benkum.” Misrifo no san tiw wɔn, nanso na Yehowa wɔ ne nkurɔfo afã. Ɔmaa Misrifo no ho yeraw wɔn, na ɔka kyerɛɛ Mose sɛ: “Teɛ wo nsa ɛpo no so, na nsu no nsan mmra Misrifo ne wɔn nteaseɛnam ne wɔn apɔnkɔfo no so.” Wɔsɛee Farao ne n’asraafo no pasaa a ɔsraani baako mpo anka!—Exodus 14:21-28; Dwom 136:15.

Sua Biribi Fi Israel Nkwagye no Mu

13. Israelfo no yɛɛ wɔn ade dɛn bere a wogyee wɔn no?

13 Anwonwakwan a wɔfaa so gyee Israelfo no kaa wɔn dɛn? Ɛkaa Mose ne Israelfo no nyinaa ma wofii wɔn pɛ mu too dwom de yii Yehowa ayɛ! Wɔtoo dwom sɛ: “Mɛto [Yehowa, NW] dwom, na ɔma na wama ne ho so . . . [Yehowa, NW] bedi hene de bɛkɔ akosi daa daa.” (Exodus 15:1, 18) Nokwarem no, adwene a wodii kan nyae ne sɛ wɔbɛkamfo Onyankopɔn. Yehowa daa ne tumi adi saa bere no.

14. (a) Dɛn na yebetumi asua afa Yehowa ho wɔ Israelfo asɛm no mu? (b) Dɛn ne afe 2008 afe asɛm no?

14 Akwankyerɛ, awerɛkyekye ne anidaso bɛn na nsɛm a ɛyɛ nwonwa yi ma yenya? Akyinnye biara nni ho sɛ yetumi hu sɛ Yehowa betumi aboa ne nkurɔfo wɔ sɔhwɛ biara a wɔbɛfa mu mu. Obetumi adi tebea biara a ebia ɛbɛto wɔn ho dwuma. Bere a Yehowa maa apuei mframa dennen no bɔe no, Po Kɔkɔɔ no antumi ansiw Israelfo no kwan. Na otumi maa saa Po Kɔkɔɔ no ara faa Farao ne n’asraafodɔm no. Sɛ yesusuw eyi ho a, yebetumi aka asɛm a odwontofo no kae yi bi: “[Yehowa, NW] wɔ m’afa, minsuro, dɛn na onipa betumi ayɛ me?” (Dwom 118:6) Yebetumi anya awerɛkyekye nso afi Paulo nsɛm a ɛwɔ Romafo 8:31 no mu: “Sɛ Onyankopɔn wɔ yɛn afa a, hena na obetumi ne yɛn adi asi?” Hwɛ awerɛhyem ara a kyerɛw nsɛm yi ma yenya! Eyi ehu ne adwene mu naayɛ biara a ebia yɛwɔ fi hɔ, na ɛma yenya anidaso. Ɛnde hwɛ sɛnea afe 2008 afe asɛm no fata: ‘Munnyina pintinn, na monhwɛ Yehowa nkwagye’!—Exodus 14:13.

15. Ná osetie ho hia dɛn wɔ Israelfo a wogyee wɔn fii Misraim no mu, na nnɛ nso dɛn nti na ɛho hia?

15 Dɛn bio na yebetumi asua afi tu a Israelfo tu fii Misraim no mu? Ɛne sɛ ɛsɛ sɛ yetie Yehowa wɔ biribiara a ɔka kyerɛ yɛn sɛ yɛnyɛ mu. Israelfo no tiee Twam no ho akwankyerɛ nyinaa na wodii so. Wɔ Nisan 14 anadwo no, wɔyɛɛ osetie na wɔampue. Bere a awiei koraa wofii Misraim no, na ɛsɛ sɛ ‘wɔhyehyɛ wɔn ho sɛ asafodɔm.’ (Exodus 13:18, NW) Ɛnnɛ, ɛho hia paa sɛ yetie akwankyerɛ a “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no de ma yɛn no! (Mateo 24:45) Ɛsɛ sɛ yetie Onyankopɔn asɛm a waka no yiye. Ɛka sɛ: “Eyi ne kwan, sɛ mofa nifa oo, mofa benkum oo, monnantew so.” (Yesaia 30:21) Bere a yɛrebɛn ahohiahia kɛse no, ɛda adi sɛ wɔde akwankyerɛ ahorow bi bɛma yɛn. Sɛ yebetumi atwa ahohiahia kɛse no a, ebegyina sɛnea yɛne Yehowa nkoa anokwafo afoforo bɔ no so.

16. Dɛn na yebetumi asua afi sɛnea Onyankopɔn de ne ho gyee nsɛm mu de gyee Israelfo no mu?

16 Kae nso sɛ, Yehowa de Israelfo no faa ɔkwan foforo so ma ɛyɛɛ te sɛ nea wɔaka mmepɔw no ne Po Kɔkɔɔ no ntam. Ná ɛte sɛ nea wɔamfa baabi pa. Nanso na biribiara wɔ Yehowa nsam, na biribiara kɔɔ yiye ma ɛhyɛɛ no anuonyam na ogyee ne nkurɔfo nkwa. Ɛnnɛ, ebia yɛrente nea enti a wɔyɛ ahyehyɛde no mu nneɛma bi wɔ ɔkwan bi so no ase, nanso yebetumi anya akwankyerɛ a Yehowa nam akoa nokwafo no so de ma yɛn no mu ahotoso yiye. Ɛtɔ mmere bi a, ɛbɛyɛ te sɛ nea yɛn atamfo redi yɛn so nkonim. Esiane sɛ yentumi nhu nneɛma mu nkɔ akyiri nti, ebia yɛrentumi nte ɛho nsɛm nyinaa ase. Nanso Yehowa betumi de ne ho agye nsɛm mu wɔ bere a ɛsɛ mu sɛnea tete no ɔyɛ maa Israelfo no.—Mmebusɛm 3:5.

Nya Yehowa mu Ahotoso

17. Dɛn nti na yebetumi anya Onyankopɔn akwankyerɛ mu ahotoso koraa?

17 Hwɛ sɛnea Israelfo no benya ahotoso afa bere a wodwennwen sɛnea omununkum dum no dii wɔn anim awia, na ogya dum kyerɛɛ wɔn kwan anadwo no ho no! Ná ɛda adi sɛ nokware ‘Nyankopɔn no bɔfo’ na na odi wɔn anim wɔ akwantu no mu. (Exodus 13:21, 22; 14:19) Ɛnnɛ, yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa bɛkyerɛ ne nkurɔfo kwan, ɔbɛbɔ wɔn ho ban, na wagye wɔn. Yebetumi anya asɛm yi mu ahotoso: ‘Yehowa rennyaw n’ahotefo. Ɔhwɛ wɔn so daa.’ (Dwom 37:28) Mommma yɛn werɛ mmfi abɔfo a wɔwɔ tumi a wɔtaa Onyankopɔn asomfo akyi nnɛ no da. Ɛdenam wɔn mmoa so no, yebetumi ‘agyina pintinn, na yɛahwɛ Yehowa nkwagye.’—Exodus 14:13.

18. Dɛn nti na ɛho hia sɛ ‘yɛhyɛ Onyankopɔn akode no nyinaa’?

18 Dɛn na ebetumi aboa yɛn nyinaa ma ‘yɛagyina pintinn’ wɔ nokware no mu? Ɛne sɛ yɛbɛhyɛ honhom akode a Paulo kyerɛkyerɛɛ mu wɔ krataa a ɔkyerɛw kɔmaa Efesofo no mu no. Hyɛ no nsow sɛ ɔsomafo no tu yɛn fo sɛ ‘yɛnhyɛ Onyankopɔn akode nyinaa.’ So yɛrehyɛ honhom akode yi nyinaa? Wɔ afe a ɛreba no mu no, ɛsɛ sɛ obiara hwehwɛ ne ho mu hwɛ sɛ ɔhyɛ akode yi fã biara yiye anaa. Yɛn tamfo, Satan Ɔbonsam nim yɛn mmerɛwyɛ, na ɔbɔ mmɔden sɛ obenya yɛn bere a yɛnhwɛ kwan anaasɛ ɔde n’ani besi biribi a yɛtɔ sin wom so. Yɛne ahonhommɔne dɔm na “anya.” Nanso Yehowa de n’ahoɔden bɛboa yɛn ma yɛadi nkonim!—Efesofo 6:11-18; Mmebusɛm 27:11.

19. Sɛ yenya boasetɔ a, hokwan bɛn na yebetumi anya?

19 Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ: “Sɛ munya boasetɔ a mubenya mo kra.” (Luka 21:19) Ɛmmra sɛ yɛbɛka wɔn a wɔde nokwaredi gyina sɔhwɛ biara a ebia wobehyia ano no ho, na Onyankopɔn adom nti yɛanya hokwan ‘agyina pintinn, na yɛahwɛ Yehowa nkwagye.’

Wubebua Dɛn?

• Nsɛm a ɛyɛ nwonwa bɛn na ɛrenkyɛ ebesisi?

• Dɛn na Yehowa yɛ de daa ne tumi a ɔde gye nkwa no adi wɔ afe 1513 A.Y.B. no?

• Dɛn na woasi wo bo sɛ wobɛyɛ daakye?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 20]

Afe 2008 afe asɛm no ne: ‘Munnyina pintinn, na monhwɛ Yehowa nkwagye.’—Exodus 14:13.

[Mfonini wɔ kratafa 17]

“Biribiara a wɔakyerɛw ato hɔ no, wɔakyerɛw ama yɛn kyerɛkyerɛ”

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Farao koma a opirimii no de ɔsɛe baa Misrifo so

[Mfonini wɔ kratafa 19]

Bere a Israelfo no tiee biribiara a Yehowa ka kyerɛɛ wɔn no, wonyaa nkwa