Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nya “Ayamhyehye”

Nya “Ayamhyehye”

Nya “Ayamhyehye”

ƐNNƐ paa ne bere a ehia sɛ yɛda ayamhyehye adi kyerɛ yɛn yɔnko nnipa pii a ɔkɔm, ɔyare, ohia, nsɛmmɔnedi, ɔmanko, ne atoyerɛnkyɛm ato wɔn no. Ayamhyehye kyerɛ tema a obi nya ma onipa foforo a ɔrehu amane anaa asɛm bi ato no, na bere koro no ara ɔyɛ biribi de boa no. Sɛnea sɛ obi fa owia so na sɛ onya nsuonwini nom a ne ho dwo no no, saa ara na ayamhyehye a wɔda no adi tumi ma obi a wabotow ho yɛ no den, ɛtew yawdi so, na ɛkyekye obi a ɔwɔ amanehunu mu werɛ.

Yɛnam yɛn nneyɛe ne yɛn nsɛm so betumi ada ayamhyehye adi—ɛne sɛ yebedwen afoforo ho na yɛaboa wɔn bere a wohia yɛn. Ɛnyɛ yɛn abusuafo, yɛn nnamfo, ne amannifo nkutoo na ɛsɛ sɛ yɛda ayamhyehye adi kyerɛ wɔn. Yebetumi atrɛw mu ma aso nkurɔfo a yennim wɔn mpo so. Yesu Kristo bisae wɔ ne Bepɔw so Asɛnka no mu sɛ: “Sɛ modɔ wɔn a wɔdɔ mo a, akatua bɛn na mowɔ?” Yesu Kristo a ɔwɔ ayamhyehye yi san kae sɛ: “Enti nea mopɛ sɛ nnipa nyɛ mo biara no, mo nso monyɛ wɔn saa ara.”—Mateo 5:46, 47; 7:12.

Wubetumi akenkan nsɛm yi wɔ Kyerɛw Kronkron no mu. Nnipa pii gye tom sɛ Bible no ne nhoma a ebetumi ama yɛn akwankyerɛ a ɛsen biara a yɛde bɛda ayamhyehye adi. Kyerɛwnsɛm no taa ka asɛyɛde a yɛwɔ sɛ yɛboa wɔn a biribi nti, wontumi mmoa wɔn ho no ho asɛm. Bible ka ne Kyerɛwfo ne yɛn Bɔfo, Yehowa Nyankopɔn ho asɛm sɛ ɔne obi a ɔda ayamhyehye adi sen obiara.

Sɛ nhwɛso no, yɛkenkan sɛ: “[Onyankopɔn bu] atɛn ma ayisaa ne okunafo, na ɔdɔ ɔhɔho ma no aduan ne nkataho.” (Deuteronomium 10:18) Wɔka Yehowa Nyankopɔn ho asɛm sɛ “obu atɛn ma wɔn a wodi wɔn amim, ɔma wɔn a ɔkɔm de wɔn aduan.” (Dwom 146:7) Yehowa hyɛɛ ahɔho a na wonni aboafo ho mmara sɛ: “Ɔhɔho . . . nyɛ mo sɛ mo kuroni bi, na dɔ no sɛ wo ho.”—Leviticus 19:34.

Nanso ɛnyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛda ayamhyehye adi bere nyinaa. Ɔsomafo Paulo kyerɛw Kristofo a na wɔwɔ Kolose no sɛ: “Munyi nipasu dedaw no ne ne nneyɛe ngu, na monhyɛ nipasu foforo a wɔnam nokware nimdeɛ so reyɛ no foforo sɛnea Onii a ɔbɔe no suban te . . . Sɛ́ nnipa a Onyankopɔn apaw mo, akronkronfo ne adɔfo no, monhyɛ ayamhyehye.”—Kolosefo 3:9, 10, 12.

Enti egye mmɔdenbɔ na yɛatumi ada ayamhyehye adi. Saa su no ka “nipasu foforo” a wɔhwɛ kwan sɛ Kristofo hyɛ no ho. Ná Paulo te tete Romafo a na wɔn tirim yɛ den no mu. Ɔhyɛɛ ne mfɛfo gyidifo nkuran sɛ wɔnyɛ nsakrae kɛse wɔ wɔn nipasu mu na ama wɔatumi ada tema ne ayamhyehye adi kɛse.

Mfaso a Ɛwɔ Ayamhyehye So

Ebinom bu wɔn a wɔda ayamhyehye adi no sɛ wɔyɛ mmerɛw. So adwene a ɛte saa teɛ?

Dabida! Ade titiriw a ɛkanyan obi ma ɔda ayamhyehye ankasa adi ne ɔdɔ a emu yɛ den a efi Onyankopɔn, nea ɔwɔ ɔdɔ kɛse sen obiara no hɔ. “Onyankopɔn ne dɔ.” (1 Yohane 4:16) Wɔfrɛ Yehowa “ahummɔbɔ Agya ne awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn” ma ɛfata. (2 Korintofo 1:3) Asɛm a wɔkyerɛɛ ase “ahummɔbɔ” no kyerɛ “tema ne ayamhyehye a yebenya ama afoforo a wɔrehu amane.” Yehowa “yam ye ma bonniayɛfo ne abɔnefo.”—Luka 6:35.

Yɛn Bɔfo no hwehwɛ sɛ yɛn nso, yɛda ayamye su te sɛ ayamhyehye adi. Yɛkenkan wɔ Mika 6:8 sɛ: “Wɔaka nea eye akyerɛ wo, onipa, ne nea [Yehowa, NW] hwehwɛ wo hɔ: ɛnyɛ biribiara sɛ adetreneeyɛ ne adɔepɛ.” Yɛkenkan wɔ Mmebusɛm 19:22 sɛ: “Onipa adɔeyɛ na ɛma wɔdɔ no.” Saa ara na Onyankopɔn Ba, Yesu Kristo a ɔdaa n’Agya su adi pɛpɛɛpɛ no tuu n’akyidifo fo sɛ: “Monkɔ so nhu mmɔbɔ sɛnea mo Agya hu mmɔbɔ no.” (Luka 6:36) Bible foforo kyerɛ afotu yi ase sɛ: “Munnya ayamhyehye sɛnea mo Agya wɔ ayamhyehye no.”—The Jerusalem Bible.

Esiane sɛ ayamhyehye so wɔ mfaso pii nti, eye paa sɛ yɛda no adi. Yehu sɛ asɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 11:17 yi yɛ nokware: “Ɔyamyefo yɛ ne kra yiye.” Sɛ yɛda ayamhyehye adi kyerɛ obi a ohia mmoa a, Onyankopɔn bu no sɛ yɛayɛ ama No. Onyankopɔn ankasa ka sɛ ɔde papa bɛhyɛ ayamhyehye biara a n’asomfo da no adi no ananmu. Onyankopɔn honhom kaa Ɔhene Salomo ma ɔkae sɛ: “Nea ohu ɔbrɛfo mmɔbɔ de fɛm [Yehowa, NW], na nea ɔde ama no, ɔbɛhyɛ no ananmu.” (Mmebusɛm 19:17) Paulo nso kyerɛwee sɛ: “Munim sɛ papa a obiara bɛyɛ no, . . . obenya eyi ho akatua afi Yehowa hɔ.”—Efesofo 6:8.

Sɛ yɛda ayamhyehye adi a, etumi de asomdwoe ba, na ɛboa ma yesiesie yɛne afoforo ntam akasakasa. Ɛboa ma yesiesie yɛne afoforo ntam nsɛmnsɛm nso, na ɛma yɛde bɔne firi. Nea ebetumi ama nsɛmnsɛm asɔre yɛne afoforo ntam ne sɛ, ebia na afoforo nte nneɛma bi a yɛyɛ ase anaa ɛnyɛ bere nyinaa na yɛda yɛn nsusuwii anaa yɛn atenka adi sɛnea anka yɛpɛ. Ayamhyehye a yɛda no adi no boa ma yesiesie ɔhaw a ɛte saa, na ɛboa ma yenya asomdwoe. Ɛnyɛ den sɛ yɛde obi a ɔwɔ ayamhyehye mfomso befiri no. Sɛ yenya ayamhyehye a, ɛboa ma yɛde Paulo afotu a ɔde maa Kristofo yi di dwuma: “Sɛ obi wɔ asɛm tia ne yɔnko a, monkɔ so nnya mo ho abotare na momfa mfirifiri mo ho korakora.”—Kolosefo 3:13.

Ayamhyehye Kyerɛ Tema a Wɔda no Adi

Bio nso, ayamhyehye tumi tew obi a ɔrehu amane haw so. Sɛnea yɛahu no, ɛma yenya tema ma wɔn a wɔahaw, na ɛma yɛte nka ma wɔn a wɔrehu amane. Ayamhyehye kyerɛ sɛ yebehu nnipa a wɔrehu amane mmɔbɔ na yɛayɛ biribi pa bi de aboa wɔn.

Sɛ Kristofo da tema adi a, na wɔresuasua Yesu. Ná Yesu nyɛ obi a onni ne ho adagyew koraa sɛ ɔbɛboa afoforo wɔ wɔn asetra mu ne Onyankopɔn som mu. Bere a ohui sɛ afoforo hia mmoa no, ofi ayamhyehye mu boaa wɔn.

Susuw nea Yesu yɛe bere a ohuu nnipakuw a na wɔagyaw wɔn a na wonni Onyankopɔn ho nimdeɛ papa biara no ho hwɛ: “Bere a ohuu nnipakuw no, wɔyɛɛ no mmɔbɔ, efisɛ na wɔapirapira wɔn na wɔagyaw wɔn agu hɔ te sɛ nguan a wonni hwɛfo.” (Mateo 9:36) Bible ho nimdefo bi ka asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “wɔyɛɛ no mmɔbɔ” no ho asɛm sɛ ɛkyerɛ “biribi a ɛka obi paa ma ɔyɛ biribi.” Nokwarem no, wɔkyerɛ sɛ eyi yɛ Hela asɛmfua a emu dɔ sen biara a wɔde gyina hɔ ma ayamhyehye no mu biako.

Saa ara na Kristofo a wɔwɔ ayamhyehye nso boa afoforo a wohia mmoa wɔ asetram ne Onyankopɔn som mu no ntɛm. Ɔsomafo Petro kyerɛwee sɛ: “Afei mo nyinaa nyɛ adwene koro, na munnya tema, onuadɔ, ayamhyehye.” (1 Petro 3:8) Sɛ nhwɛso no, bere a na ɛsɛ sɛ abusua bi a wɔyɛ Kristofo tu kɔtra baabi foforo kɔhwɛ wɔn ho yare no, mfɛfo gyidifo a wɔwɔ hɔ no maa wɔn ɔdan traa mu asram asia a wɔantua ho ka biara. Okunu no ka sɛ: “Da biara na wɔbɛhwɛ sɛnea yɛn ho te, na nsɛm a ɛhyɛ nkuran a na wɔka no maa yɛn ani kae.”

Nokware Kristofo dwen ahɔho ahiade nso ho. Wofi wɔn pɛ mu de wɔn ahoɔden ne wɔn ahode som nnipa a wonnim wɔn. Atuhoamafo a wɔboaa nkurɔfo a na wonnim wɔn koraa a yɛkaa wɔn ho asɛm wɔ asɛm a edi eyi anim mu no yɛ Yehowa Adansefo.

Enti ayamhyehye ne adɔeyɛ ahyɛ Kristofo asafo no ma. Ɔdɔ ka asafo no mufo ma wɔhwehwɛ akwan a wɔbɛfa so asom afoforo. Esiane ɔhaw ahorow a nyisaa ne akunafo a wɔwɔ asafo no mu wɔ nti, ebia ebehia sɛ wususuw wɔn ho na woda tema adi kyerɛ wɔn. So wubetumi aboa nnipa a wɔte saa ma wɔagyina ohia, ayaresa papa a wonnya, adan pa a wonnya, anaa ɔhaw foforo bi a wɔrehyia ano?

Susuw awarefo bi a wɔwɔ Greece no ho hwɛ. Ɔbarima no fã dwudwoe. Wɔde ɔne ne yere kɔɔ ayaresabea wɔ akyirikyiri. Akutu fuw bi a wɔwɔ na na ɛma wonya sika kakra de hwɛ wɔn ho. Nanso bere a na wɔwɔ ayaresabea no, na hena na ɔbɛtew wɔn akutu no ama wɔn? Asafo a na wɔwom no tew maa wɔn. Wɔtew akutu no tɔnee maa awarefo no nyaa sika a wohia, na ɛmaa wɔn asom nso dwoo wɔn.

Yebetumi ada ayamhyehye adi wɔ akwan pii so. Sɛ nhwɛso no, Kristofo a wɔwɔ ayamhyehye hu sɛ ɛtɔ da bi a, ade titiriw a ebinom a wɔrehu amane hia ne sɛ wobenya afoforo a wobetie wɔn yiye, anya tema ama wɔn, na wɔde Kyerɛwnsɛm no akyekye wɔn werɛ ma wɔabɛsra wɔn.—Romafo 12:15.

Baabi a Wɔbɛda Ayamhyehye Adi Akyerɛ Wo

Ayamhyehye ne ayamye a Kristofo asafo no da no adi wɔ wiase nyinaa no ma wonya asomdwoe ne awerɛkyekye. Nokware Kristofo hu sɛ, ayamhyehye ma nnipa bɛn wɔn, nanso atirimɔdensɛm pam nnipa. Enti bere a wɔbɔ mmɔden sɛ wobesuasua wɔn soro Agya no, wɔyere wɔn ho sɛ wɔbɛda “ayamhyehye” adi wɔ akwan pii so.

Yehowa Adansefo de anigye to nsa frɛ wo sɛ bra benya ayamhyehye ne ɔdɔ a ɛwɔ wɔn mu sɛ Kristofo no bi. Wogye di sɛ w’ani begye tebea a ɛte saa a wɔwom no ho.—Romafo 15:7.

[Mfonini wɔ kratafa 5]

Paulo hyɛɛ Kristofo a na wɔwɔ Kolose no nkuran sɛ wɔnhyɛ ayamhyehye

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 7]

Bere a Yesu huu nkurɔfo a wohia mmoa no, ofi ayamhyehye mu boaa wɔn