Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wokae?

So Wokae?

So Wokae?

So w’ani agye Ɔwɛn-Aban a aba nnansa yi akenkan ho? Ɛnde, hwɛ sɛ wubetumi abua nsɛmmisa a edidi so yi anaa:

• Dɛn nti na “Apam Dedaw” no so wɔ mfaso paa?

Ne Kyerɛwfo no nyɛ onyame bi a ne tirim yɛ den, na mmom ɛyɛ Yehowa a ɔyɛ ɔdɔ Nyankopɔn no. Yesu ne n’asuafo no kɔɔ so twee adwene sii Hebri Kyerɛwnsɛm no so. Afotu a mfaso wɔ so a yebetumi de abɔ yɛn bra da biara da wom na ɛma yenya daakye ho anidaso a ɛyɛ anigye nso.—9/1, kratafa 4-7.

• Dɛn na mmere a wɔama atwam fi bere a Adam ne Hawa yɛɛ bɔne no ama ada adi?

Mfe mpempem pii a atwam fi bere a Adam ne Hawa yɛɛ bɔne no ama ada adi sɛ Satan yɛ ɔtorofo, efisɛ wɔne wɔn asefo mpempem pii awuwu. Mmere a atwam no ama ada adi sɛ sɛ nnipa twe wɔn ho fi Onyankopɔn ho a, ensi wɔn yiye na wontumi nkyerɛ wɔn anammɔn kwan, na saa ara nso na wonni hokwan a wɔde bɛyɛ saa.—9/15, kratafa 6-7.

• Dɛn nti na wɔankasa antia Yakob sɛ ɔyɛɛ ne ho te sɛ Esau?

Ná Yakob na ɔfata sɛ n’agya hyira no, efisɛ na Yakob atɔ panyinni no afi Esau hɔ dedaw. Bere a Isak hui sɛ ɛyɛ Yakob na wahyira no no, wanyɛ biribiara a ɛkyerɛ sɛ na ɔpɛ sɛ ɔsesa nhyira no. Ɛda adi pefee sɛ na Onyankopɔn a anka obetumi ayɛ ho biribi no, pɛ sɛ nhyira no kɔ Yakob nkyɛn.—10/1, kratafa 31.

• Ɔkwan bɛn so na ahonim a yɛwɔ no ma yehu sɛ nnipa mfi adannandi mu?

Wɔ aman ne mmusua nyinaa mu no, nnipa afi wɔn pɛ mu atu wɔn ho ama aboa afoforo, ɛmfa ho mpo sɛ wɔde wɔn nkwa to asiane mu no. Sɛ nnipa yɛ mmoa a wɔrepere sɛ wobɛtra nkwa mu ɔkwan biara so a, anka wɔrenna ayamye a efi komam saa adi.—10/15, kratafa 20.

• Dɛn nti na yebetumi aka sɛ Onyankopɔn brɛ ne ho ase, na ɔkwan bɛn so na ɔda su yi adi?

Sɛ́ Amansan Hene ne Ɔbɔadeɛ no, Onyankopɔn nni sintɔ te sɛ yɛn. Nanso, nea ɛne 2 Samuel 22:36 hyia no, Onyankopɔn brɛ ne ho ase, kyerɛ sɛ odwen nnipa a wɔba fam a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ nea ɛsɔ n’ani no ho, na ohu wɔn mmɔbɔ. Sɛ yɛbɛka a, Onyankopɔn brɛ ne ho ase hwɛ fam sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛda ayamye adi akyerɛ nnipa a wosuro no no.—11/1, kratafa 4-5.

• Ɔkwan bɛn so na tete nkuku a abubu foa Bible kyerɛwtohɔ so?

Wɔn a wotutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu no ahu kyɛmfɛre pii wɔ Samaria a mmusuakuw ason a wɔn ho kyerɛwtohɔ wɔ Yosua 17:1-6 no din wɔ so. Kyɛmfɛre a wɔahu wɔ Arad no foa asɔfo mmusua ho nsɛm so, na Onyankopɔn din nso wɔ so. Kyɛmfɛre a wɔahu wɔ Lakis no kyerɛkyerɛ amanyɔsɛm ne basabasayɛ a ɛkɔɔ so wɔ Yuda ansa na Babilon kɔtow hyɛɛ wɔn so no mu.—11/15, kratafa 12-14.

• Dɛn na ɛma yehu sɛ Luka na ɔkyerɛw Asomafo Nnwuma no?

Wɔkyerɛw Luka Asɛmpa no ne Asomafo Nnwuma no kɔmaa Teofilo, na eyi ma yehu sɛ Luka na ɔkyerɛw abien no nyinaa. Edin nsiananmu “yɛn” a wɔde dii dwuma no ma yehu sɛ Luka nso de ne ho hyɛɛ nnwuma a wɔkaa ho asɛm no mu bi. (Asomafo Nnwuma 16:8-15)—11/15, kratafa 18.

• Ɛsɛ sɛ Kristoni bu ahayɔ ne mpataayi dɛn?

Efi Noa bere so no, Onyankopɔn ama nnipa kwan sɛ wonkum mmoa na wonni. Nanso ahyɛde a ɛkyerɛ sɛ yenhwie mmoa mogya ngu no si so dua sɛ ɛsɛ sɛ yebu mmoa nkwa sɛ efi Onyankopɔn hɔ. Enti, ɛnsɛ sɛ Kristofo kunkum mmoa de gyigye wɔn ani kɛkɛ. Ɛho hia sɛ yedi Kaesare mmara so na yesusuw afoforo ahonim ho. (Romafo 14:13)—12/1, kratafa 31.