Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wobetumi Ayɛ Abosonsomfo Dapɔnna Kristofo De?

Wobetumi Ayɛ Abosonsomfo Dapɔnna Kristofo De?

Wobetumi Ayɛ Abosonsomfo Dapɔnna Kristofo De?

WƆ AFE 2004 awɔw bere mu no, nkurɔfo kyerɛɛ wɔn adwene wɔ Buronyadi ho wɔ Italy. Sukuu so ahwɛfo ne akyerɛkyerɛfo binom gyee adwene a ɛne sɛ wɔntew Buronya ho amanne a wɔyɛ no so anaasɛ wonnyae koraa no toom. Nea enti a wɔkaa saa ne sɛ, sukuu mmofra no mu pii nyɛ Katolekfo anaa Protestantfo. Nanso sukuu so ahwɛfo ne akyerɛkyerɛfo binom ne nnipa afoforo kae sɛ ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ obu ma Buronya ho amanne na wɔkora so.

Wɔ nea nkurɔfo kae yi nyinaa akyi no, yɛrebisa sɛ, ɛhe na Buronya ho amanne no mu pii fi bae? Aka kakra ma wɔakyerɛ wɔn adwene awie no, Vatican atesɛm krataa L’Osservatore Romano kaa nsɛm bi a ɛho hia sɛ yesusuw ho.

Ɛdefa da a wodi Buronya ho no, Katolek atesɛm krataa no kae sɛ: “Wontumi nhu da pɔtẽẽ a wɔwoo Yesu efisɛ Romafo abakɔsɛm, nnipa a wɔkan wɔn saa bere no, ne nhwehwɛmu a ɛno akyi wɔayɛ no nkyerɛ da pɔtẽẽ no. . . . Sɛnea nnipa pii nim no, Roma Asɔre no na wɔpaw December 25 no wɔ afeha a ɛto so anan no mu. Tete Romafo a na wɔpɛ abosonsom saa bere no hyiraa saa da no so maa Owia nyame . . . Ɛwom sɛ na wɔnam Constantine Mmara a ɔhyɛe so agye Kristosom atom wɔ Roma de, nanso na nnipa pii, ne titiriw asraafo, da so ara kura . . . Owia nyame no anansesɛm mu. Ná wodi afahyɛ a atesɛm krataa no kaa ho asɛm no nyinaa wɔ December 25 mu. Ná nea wɔyɛ no fi tete amanne a na nnipa pii gye tom no mu. Eyi na ɛmaa Roma Asɔre no kae sɛ saa da no ho hia Kristofo ma enti wɔde Atɛntrenee Owia, Yesu Kristo sii Owia nyame no ananmu, na wɔpaw da no sɛ wɔde bɛhyɛ n’awo ho fã.”

Na Buronya dua a seesei abɛka Katolekfo amane ho no nso ɛ?

Asɛm bi a ɛwɔ Katolek atesɛm krataa mu no kae sɛ, tete no, na wosusuw sɛ nnua a n’ahaban yɛ frɔmm bere nyinaa te sɛ “nkyeneduru, osennuru, ne nnua afoforo tumi bɔ nkurɔfo ho ban fi nyarewa ho anaa wɔde sa yare.” Ɛtoaa so kae sɛ: “Sɛ edu December 24, bere a ade rebɛkye ma wɔadi Buronya no a, wɔto anansesɛm bi a agye din a ɛfa dua a na ɛwɔ Paradise asase so ho no de kae Adam ne Hawa . . . Ná anka ɛsɛ sɛ dua no yɛ aprɛ dua, nanso esiane sɛ na ɛremfata sɛ wɔde aprɛ dua di dwuma wɔ awɔw bere mu nti, ná wɔde nkyeneduru dua na esi hɔ na wɔde aprɛ hyehyɛ ne mman so, anaa na wɔbɔ Awurade adidi paanoo soronko bi a wɔayɛ Yesu ho mfonini wɔ so, ne afei nnɔkɔnnɔkɔwade ne akyɛde a wɔde ma mmofra ka ho de yɛ Ogye a ɛbɛba daakye no ho sɛnkyerɛnne.” Sɛ saa da no twam nso ɛ?

Bere a atesɛm krataa no rekyerɛ sɛ Germany na wodii kan sii Buronya dua wɔ afeha a ɛto so 16 mu no, ɛkae sɛ: “Italy ka aman a etwa to koraa a wogyee Buronya dua si toom no ho, efisɛ na wosusuw sɛ Protestantfo na wɔde bae sɛnea na nnipa pii kyerɛ no, ma enti wɔkae sɛ wɔmfa Yesu awo ho mfonini nsi ananmu.” Pope Paul VI na “ofii ase sii Buronya dua kɛse bi” wɔ baabi a ɛbɛn Yesu awo ho mfonini a “[ɛwɔ St. Peter’s Square wɔ Roma] no.”

Wususuw sɛ ɛfata sɛ nyamesom kannifo bi begye amanne ne sɛnkyerɛnne a efi tete abosonsom mu atom ma abɛyɛ te sɛ nea ɛyɛ Kristofo adeyɛ? Kyerɛwnsɛm no kyerɛ nea ɛfata sɛ nokware Kristofo yɛ: “Twaka bɛn na trenee ne amumɔyɛ wɔ? Anaasɛ ayɔnkofa bɛn na hann ne sum wɔ?”—2 Korintofo 6:14-17.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 8, 9]

Buronya dua (kratafa a ɛwɔ benkum so) ne Yesu awo ho mfonini wɔ Vatican

[Asɛm Fibea]

© 2003 BiblePlaces.com

[Mfonini wɔ kratafa 9]

Owia nyame

[Asɛm Fibea]

Museum Wiesbaden