Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wowɔ Obi A Wusua No Wɔ Onyankopɔn Som Mu?

Wowɔ Obi A Wusua No Wɔ Onyankopɔn Som Mu?

Wowɔ Obi A Wusua No Wɔ Onyankopɔn Som Mu?

BERE a Usia dii mfe 16 pɛ no, ɔbɛyɛɛ anafo fam Yuda ahemman no so hene. Odii ade mfe 50 fi afeha a ɛto so akron no awiei besi afeha a ɛto so awotwe no mfiase A.Y.B. mu. Usia fi ne mmofraase ‘yɛɛ nea ɛteɛ Yehowa ani so.’ Dɛn na enyaa no so tumi ma ɔfaa kwantrenee so? Abakɔsɛm kyerɛ sɛ: “[Usia hwehwɛɛ] Onyankopɔn nna a Sakaria a ɔyɛ Onyankopɔn adehu mu nhumufo no wɔ hɔ no nyinaa, na nna nso a ɔhwehwɛɛ [Yehowa, NW] no, Onyankopɔn ma odii yiye.”—2 Beresosɛm 26:1, 4, 5.

Bible no akyi no, yennim Sakaria a na ɔyɛ ɔhene fotufo no ho nsɛm pii. Nanso sɛ́ “Onyankopɔn adehu mu nhumufo” no, Sakaria nyaa sodifo a na onyinii yi so nkɛntɛnso pa ma ɔyɛɛ nea ɛteɛ. Nhoma bi ka sɛ ɛbɛyɛ sɛ na Sakaria “yɛ ɔbarima a onim Kyerɛwnsɛm no mu yiye, ɔwɔ Onyankopɔn som mu suahu pii, na onim nkyerɛkyerɛ nso.” (The Expositor’s Bible) Bible ho ɔbenfo bi kaa Sakaria ho asɛm sɛ: “Ná onim nkɔmhyɛ yiye, na na . . . ɔyɛ ɔbarima a ɔwɔ nimdeɛ, ahofama, na ɔteɛ; na ɛte sɛ nea onyaa Usia so nkɛntɛnso pa.”

Usia nokwaredi ma onyaa nhyira pii, na “ne ho yɛɛ den . . . pa ara” efisɛ “Onyankopɔn boaa no.” Nokwarem no, nkɔso a onyae wɔ Onyankopɔn som mu no na ɛboaa no ma odii yiye wɔ n’asetra mu ‘bere a na Sakaria wɔ hɔ no nyinaa.’ (2 Beresosɛm 26:6-8) Bere a esii Usia yiye no, ɔpoo ne nhwɛsofo Sakaria nkyerɛkyerɛ. Usia koma ‘horan ma ɔsɛee, na ɔfom Yehowa.’ Bere bi a ɔtoo Onyankopɔn mmara no, yare bɔne bi totɔɔ ne honam ani sɛee no ma wantumi anyɛ adwuma sɛ ɔhene ankosi ase.—2 Beresosɛm 26:16-21.

So wowɔ obi a wubetumi aka sɛ ɔkyerɛkyerɛ wo anaa wohwɛ no sua no a ɔboa wo ma ‘wohwehwɛ Onyankopɔn’? Wubetumi anya obi a ɔte saa ɛmfa ho sɛ woyɛ abofra anaa ɔpanyin, anaasɛ ebia woyɛ ɔbea anaa ɔbarima no. Kyerɛ onipa a ɔte saa ho anisɔ efisɛ n’afotu betumi aboa wo ma woakɔ so ayɛ nea ɛteɛ wɔ Yehowa ani so. Yɛ aso tie Kristoni a ne ho akokwaw yi, na susuw n’afotu ho anibere so. Mmu w’ani ngu “Onyankopɔn adehu mu nhumufo” a ɔte saa no nsɛm so da.—Mmebusɛm 1:5; 12:15; 19:20.