Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Hwɛ Ɔsom Adwuma A Wugyee No Awurade Mu No So”

“Hwɛ Ɔsom Adwuma A Wugyee No Awurade Mu No So”

“Hwɛ Ɔsom Adwuma A Wugyee No Awurade Mu No So”

“Hwɛ ɔsom adwuma a wugyee no Awurade mu no so, na wie.”—KOL. 4:17.

1, 2. Asɛyɛde bɛn na Kristofo wɔ wɔ nnipa ho?

YƐWƆ asɛyɛde kɛse a ɛsɛ sɛ yedi ho dwuma wɔ nnipa a yɛne wɔn te no ho. Gyinae ahorow a nnipa a wɔte saa sisi no nnɛ no na ɛbɛkyerɛ sɛ wobenya nkwa anaasɛ wobewu wɔ “ahohia kɛse” no mu. (Adi. 7:14) Onipa a Onyankopɔn de ne honhom kaa no ma ɔkyerɛw Mmebusɛm nhoma no kae sɛ: “Gye wɔn a wɔretwe wɔn akɔ owu mu, na sɛ wɔtɔ okum kwan so ntintan a, sianka wɔn ɛ.” Asɛm a ɛka koma bɛn ara ni! Sɛ yɛammɔ nkurɔfo kɔkɔ amma wɔanhu nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ a, yebetumi adi wɔn mogya ho fɔ. Nokwarem no, saa kyerɛwsɛm koro no ara kɔ so ka sɛ: “Sɛ wuse: Hwɛ, yennim yi a, so nea ɔkari koma no nhu mu, na nea ɔkora wo kra no nnim? Na obetua onipa ka sɛ ne nneyɛe te.” Ɛda adi pefee sɛ, Yehowa asomfo ntumi nka sɛ ‘wonnim’ sɛ nnipa nkwa da asiane mu.—Mmeb. 24:11, 12.

2 Nkwa som bo ma Yehowa. Na ɔhyɛ n’asomfo nkuran sɛ wɔnyɛ nea wobetumi biara mfa nnye nnipa pii nkwa. Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn somfo biara ma afoforo te nkwagye asɛm a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no. Yɛn adwuma no te sɛ ɔwɛmfo bi a ɔbɔ nkurɔfo kɔkɔ bere a ohu sɛ asiane bi reba no. Yɛmpɛ sɛ yedi nnipa a wɔrebɛsɛe no mogya ho fɔ. (Hes. 33:1-7) Enti, hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ yɛkɔ so “ka asɛm no”!—Kenkan 2 Timoteo 4:1, 2, 5.

3. Nsɛm bɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi ne abien a edidi so no mu?

3 Saa adesua yi bɛboa wo ma woahu ɔkwan a wubetumi afa so adi akwanside ahorow a wuhyia wɔ asɛnka adwuma a egye nkwa mu no so, ne sɛnea wubetumi aboa nnipa pii no. Adesua a ɛto so abien no bɛboa wo ma woahu nea ɛsɛ sɛ woyɛ na ama woatumi akyerɛkyerɛ nokware ahorow a ɛho hia no mu yiye. Adesua a ɛto so abiɛsa no nso bɛma woahu osuahu a ɛhyɛ nkuran a Ahenni adawurubɔfo renya wɔ wiase nyinaa no bi. Nanso, ansa na yebesusuw saa nsɛm yi ho no, ɛbɛyɛ papa sɛ yesusuw nea enti a yɛn bere yi mu ayɛ den no ho.

Nea Enti a Nnipa Pii Nni Anidaso

4, 5. Ɔhaw bɛn na nnipa rehyia, na nnipa pii yɛ wɔn ade dɛn wɔ ho?

4 Nsɛm a ɛresisi wɔ wiase yi mu no ma yehu sɛ yɛte “bere a ɛwɔ hɔ yi awiei” mu, na ɛkyerɛ sɛ awiei no abɛn pɛɛ. Nsɛm a Yesu ne n’asuafo no kae sɛ ebesisi, ne nneɛma a ɛbɛkɔ so a ɛbɛma nnipa ahu sɛ yɛte “nna a edi akyiri” no mu no rekɔ so. Nneɛma a ɛde “awoko yaw” no aba a ebi ne akodi, aduankɔm, asasewosow, ne amanehunu afoforo rehaw nnipa. Amumɔyɛ, pɛsɛmenkominya, ne subammɔne abu so wɔ baabiara. Nnipa a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔde Bible mu nsɛm bɛbɔ wɔn bra no mpo te nka sɛ yɛte “mmere a emu yɛ den” mu.—Mat. 24:3, 6-8, 12; 2 Tim. 3:1-5.

5 Nanso, nnipa dodow no ara na wonnim nea nsɛm a ɛresisi wɔ wiase yi mu no kyerɛ ankasa. Ne saa nti, nnipa pii na nea ebetumi ato wɔn ankasa ne wɔn mmusua no ho nsɛm ayɛ wɔn dadwen. Nnipa pii na wɔn adɔfo a wowuwu anaa asiane ahorow a wohyia ma wodi awerɛhow. Esiane sɛ nnipa a wɔte saa no nnim nea enti a saa nneɛma no rekɔ so ankasa, ne nea ɛbɛyɛ a wobenya ano aduru nti, wonni anidaso.—Efe. 2:12.

6. Dɛn nti na “Babilon Kɛse” no ntumi mmoaa n’akyidifo?

6 “Babilon Kɛse” a ɛno ne wiase nyinaa atoro som ahemman no nyɛɛ hwee mfa mmoaa nnipa. Mmom no, wama nnipa pii anom “n’aguamammɔ nsa no” abobow ma wonhu ɔkwan a wɔmfa so nsom Onyankopɔn yiye. Bio nso, atoro som nam n’aguamammɔ so adaadaa “asase so ahemfo” adi wɔn so, na ɔde atoro nkyerɛkyerɛ ne ahonhonsɛmdi ama nnipa dodow no ara ayɛ nkoa ama amanyɔfo. Ɛwom sɛ, atoro som anya nnipa so tumi ne nkɛntɛnso de, nanso ɛmfa Onyankopɔn asɛm mu nokware no nkyerɛkyerɛ nkurɔfo koraa.—Adi. 17:1, 2, 5; 18:23.

7. Asɛm bɛn na ɛrebɛto nnipa dodow no ara, na dɛn na yebetumi ayɛ de aboa wɔn mu binom?

7 Yesu kae sɛ nnipa dodow no ara na wɔnam ɔkwan a ɛsõ a ɛkɔ ɔsɛe mu no so. (Mat. 7:13, 14) Nnipa bi wɔ hɔ a nea enti a wɔnam ɔkwan a ɛsõ no so ne sɛ wɔahyɛ da na wɔapo Bible nkyerɛkyerɛ, nanso afoforo pii wɔ hɔ a esiane sɛ wɔn som mu akannifo adaadaa wɔn anaasɛ wɔnkyerɛkyerɛɛ wɔn nea Yehowa hwehwɛ ankasa nti na wɔnam ɔkwan a ɛsõ no so no. Ebinom wɔ hɔ a, sɛ wɔde Kyerɛwnsɛm no boa wɔn ma wohu nea enti a ɛsɛ sɛ wofi ɔkwan a ɛsõ no so a, ebia wɔbɛsesa wɔn akwan. Nanso, wɔbɛsɛe wɔn a wɔkɔ so tra Babilon Kɛse no mu na wɔmfa Bible mu nsɛm mmɔ wɔn bra no wɔ “ahohiahia kɛse” no mu.—Adi. 7:14.

Kɔ so Ka Asɛm no a ‘Wunnyae’

8, 9. Bere a afeha a edi kan no mu Kristofo hyiaa ɔsɔretia no, dɛn na wɔyɛe, na dɛn nti na wɔyɛɛ saa?

8 Yesu kae sɛ n’asuafo no bɛka Ahenni no ho asɛmpa no na wɔayɛ asuafo. (Mat. 28:19, 20) Enti, nokware Kristofo abu asɛnka adwuma a wɔyɛ no sɛ ɛyɛ ɔsom a wɔde ma Onyankopɔn bere nyinaa, na ɛno nso ne ade titiriw a wɔyɛ de kyerɛ sɛ wɔwɔ gyidi. Ɛno nti, bere mpo a Yesu akyidifo a wodi kan no hyiaa ɔsɔretia no, wɔkɔɔ so kaa asɛm no. Wɔde wɔn ho too Yehowa so hwehwɛɛ mmoa, na wɔbɔɔ mpae sɛ ɔmmoa wɔn mma wɔnkɔ so ‘mfa akokoduru nyinaa nka n’asɛm’ no. Yehowa nso de ne honhom kronkron no hyɛɛ wɔn ma, na wɔde akokoduru kaa Onyankopɔn asɛm no.—Aso. 4:18, 29, 31.

9 Bere a asɔretiafo yɛɛ Yesu akyidifo basabasa no, so wɔbɔɔ hu gyaee asɛmpa no ka? Dabida. Asomafo no asɛnka adwuma no maa Yudasom mu akannifo no ho yeraw wɔn, enti wɔkyeree asomafo no hunahunaa wɔn, na wɔhwee wɔn. Nanso, “wɔkɔɔ so kyerɛkyerɛe kaa Kristo Yesu ho asɛmpa . . . a wɔannyae.” Asomafo no hui pefee sɛ na ɛsɛ sɛ ‘wotie Nyankopɔn mmom sen nnipa.’—Aso. 5:28, 29, 40-42.

10. Sɔhwɛ ahorow bɛn na Kristofo rehyia nnɛ, na dɛn na ebetumi afi wɔn abrabɔ pa no mu aba?

10 Onyankopɔn asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ a wɔyɛ asɛnka adwuma no mu dodow no ara na wɔnhwee wɔn anaa wɔmfaa wɔn nguu afiase da. Nanso, nokware Kristofo nyinaa hyia sɔhwɛ ahorow bi. Sɛ nhwɛso no, ebia w’ahonim a wode Bible atete no no bɛhwehwɛ sɛ wobɔ wo bra wɔ ɔkwan a nnipa dodow no ara ani nnye ho so, anaasɛ woyɛ w’ade wɔ ɔkwan soronko so. Esiane Bible mu nsɛm a wode bɔ wo bra nti, ebia w’ayɔnkofo, wo mfɛfo sukuufo, ne nnipa a wo ne wɔn te no bɛte nka sɛ woyɛ obi a wɔne wo yɛ biribiara ɛnyɛ yiye. Nanso, mma nsɛm a ɛmfata a wɔka fa wo ho no mmu w’abam. Wiase no wɔ honhom fam sum mu, nanso ɛsɛ sɛ Kristofo ‘hyerɛn sɛ akanea.’ (Filip. 2:15) Ebia, nnipa binom a wɔwɔ koma pa behu nnwuma pa a woyɛ no na wɔakyerɛ ho anigye, na wɔahyɛ Yehowa anuonyam.—Kenkan Mateo 5:16.

11. (a) Dɛn na ebinom betumi ayɛ wɔ asɛm a yɛka no ho? (b) Ɔsɔretia bɛn na ɔsomafo Paulo hyiae, na dɛn na ɔyɛe wɔ ho?

11 Yehia akokoduru na ama yɛatumi akɔ so aka Ahenni no ho asɛm no. Nnipa bi a w’abusuafo mpo ka ho, betumi adi wo ho fɛw anaasɛ wɔafa ɔkwan bi so abu w’abam. (Mat. 10:36) Esiane asɛnka adwuma a na ɔsomafo Paulo yɛ nti, wɔhwee no mpɛn dodow bi. Hyɛ sɛnea ɔyɛɛ n’ade wɔ ɔsɔretia a ɛte saa ho no nsow. Ɔkyerɛwee sɛ: “Yɛn Nyankopɔn mmoa so yenyaa akokoduru de kaa Onyankopɔn asɛmpa no kyerɛɛ mo ɔbrɛ pii mu, bere a yehuu amane mfiase, na wɔbɔɔ yɛn adapaa” no. (1 Tes. 2:2) Nokwarem no, bere a wɔkyeree Paulo, sunsuanee ne ntade mu, twaa no mmaa, na wɔde no too afiase akyi no, ná obehia akokoduru paa na ama wakɔ so aka asɛmpa no. (Aso. 16:19-24) Dɛn na ɛmaa Paulo nyaa akokoduru kɔɔ so kaa asɛm no? Ɛyɛ ɔpɛ a emu yɛ den a na ɔwɔ sɛ ɔbɛkɔ so ayɛ adwuma a na Onyankopɔn de ama no no.—1 Kor. 9:16.

12, 13. Nsɛnnennen bɛn na ebinom rehyia, na dɛn na wɔreyɛ de agyina ano?

12 Ebetumi nso ayɛ den sɛ wobɛkɔ so de nsi ayɛ asɛnka adwuma no wɔ nsasesin a wontaa nto nnipa wɔ fie anaasɛ nnipa a wɔwɔ hɔ no ntie Ahenni no ho asɛm no mu. Dɛn na yebetumi ayɛ wɔ tebea ahorow a ɛte saa ho? Ɛho behia sɛ yenya akokoduru soronko de ka asɛm no wɔ bɔnnɔ so. Yebetumi nso ayɛ nsakrae wɔ bere a yɛde kɔ asɛnka no mu, anaasɛ yɛbɛkɔ so ayɛ asɛnka adwuma no wɔ mmeae a yebetumi ato nnipa pii no.—Fa toto Yohane 4:7-15; Asomafo Nnwuma 16:13; 17:17 ho.

13 Nsɛnnennen foforo a ɛsɛ sɛ nnipa pii gyina ano ne onyin ne yare a entumi mma wɔnyɛ asɛnka adwuma no pii sɛnea wɔpɛ no. Sɛ onyin anaa yare mma wuntumi nyɛ asɛnka adwuma no pii sɛnea wopɛ a, mma w’abam mmu. Yehowa nim ɔhaw a worehyia no pefee, na n’ani sɔ nea wutumi yɛ no. (Kenkan 2 Korintofo 8:12.) Amanehunu biara a ebia worehyia no, sɛ́ ɛyɛ ɔsɔretia, asɛm no a nkurɔfo ntie, anaa yare no, yɛ nea w’ahoɔden betumi nyinaa fa ka asɛmpa no kyerɛ afoforo.—Mmeb. 3:27; fa toto Marko 12:41-44 ho.

‘Hwɛ Wo Som Adwuma no So’

14. Nhwɛso bɛn na ɔsomafo Paulo yɛ maa ne mfɛfo Kristofo, na afotu bɛn na ɔde mae?

14 Ɔsomafo Paulo yeree ne ho denneennen yɛɛ ne som adwuma no, na ɔhyɛɛ ne mfɛfo gyidifo nkuran sɛ wɔnyɛ saa ara. (Aso. 20:20, 21; 1 Kor. 11:1) Onipa biako a Paulo hyɛɛ da hyɛɛ no nkuran ne Kristoni bi a ɔtra ase wɔ afeha a edi kan no mu a na wɔfrɛ no Arkipo no. Wɔ krataa a Paulo de kɔmaa Kolosefo no mu no, ɔkyerɛwee sɛ: “Monka nkyerɛ Arkipo sɛ: ‘Hwɛ ɔsom adwuma a wugyee no Awurade mu no so, na wie.’” (Kol. 4:17) Yennim nipa ko a na Arkipo yɛ ne tebea a na ɔwom de, nanso ɛda adi sɛ na wagye ato ne ho so sɛ ɔbɛyɛ asɛnka adwuma no bi. Sɛ woyɛ Kristoni a woahyira wo ho so ama Onyankopɔn a, wo nso woagye ato wo ho so sɛ wobɛyɛ asɛnka adwuma no bi. So wokɔ so hwɛ wo som adwuma no so, sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi awie?

15. Kristofo ho so a wohyira no hwehwɛ sɛ wɔyɛ dɛn, na nsɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho?

15 Ansa na yɛrebɔ asu no, yefii yɛn komam bɔɔ Yehowa mpae de hyiraa yɛn ho so maa no. Eyi kyerɛ sɛ, na yɛasi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ n’apɛde. Enti, mprempren, ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho sɛ, ‘So Onyankopɔn apɛde a mɛyɛ ne ade a ɛho hia me paa wɔ m’asetram?’ Ebia yɛwɔ asɛyɛde ahorow a Yehowa hwɛ kwan sɛ yebedi ho dwuma a ebi ne sɛ yɛbɛhwɛ yɛn abusua. (1 Tim. 5:8) Nanso, dɛn na yɛde yɛn bere ne yɛn ahoɔden a aka no yɛ? Dɛn na ɛho hia yɛn paa wɔ yɛn asetram?—Kenkan 2 Korintofo 5:14, 15.

16, 17. Ɔsom hokwan ahorow bɛn na Kristofo mmerante ne mmabaa, anaa wɔn a wonni asɛyɛde pii no betumi asusuw ho?

16 So woyɛ Kristoni aberante anaa ababaa a woadi mfe 18 a woawie sukuu anaasɛ worebewie? Ɛda adi sɛ, wunni abusua mu asɛyɛde pii. Enti, dɛn na wopɛ sɛ woyɛ wɔ w’asetram? Gyinae bɛn na wubetumi asisi a ɛbɛma woatumi adi ɛbɔ a woahyɛ Yehowa sɛ wobɛyɛ n’apɛde no so yiye? Mmabun pii ayɛ wɔn nhyehyɛe yiye sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi ayɛ akwampae adwuma, na ama wɔanya anigye ne abotɔyam pii.—Dw. 110:3; Ɔsɛnk. 12:1.

17 Ebia woyɛ aberante anaa ababaa. Woyɛ honam fam adwuma de hwɛ wo ho, na wunni asɛyɛde pii. Akyinnye biara nni ho sɛ w’ani gye asafo no mu dwumadi ahorow a wo bere ma wo kwan ma wutumi yɛ no ho. So wopɛ sɛ wunya anigye pii? So woasusuw ho sɛ wobɛyɛ asɛnka adwuma no pii? (Dw. 34:8; Mmeb. 10:22) Wɔ nsasesin bi mu no, ɛho da so ara hia sɛ yɛyɛ asɛnka adwuma no pii de ma obiara te nokware a egye nkwa no ho asɛm. So wubetumi ayɛ nsakrae wɔ w’asetram na ebia woakɔsom wɔ baabi a wohia Ahenni adawurubɔfo pii no?—Kenkan 1 Timoteo 6:6-8.

18. Nsakrae bɛn na awarefo bi a wonnyinii pii bi yɛe, na dɛn na efii mu bae?

18 Susuw nhwɛso a Kevin ne Elena a wofi United States yɛe no ho hwɛ. * Sɛnea mmerante ne mmabaa a wɔaware foforo taa yɛ wɔ wɔn man no mu no, wohui sɛ ɛsɛ sɛ wɔtɔ ofie. Ná wɔn baanu de wɔn bere nyinaa yɛ honam fam adwuma, enti na wobetumi akɔ so anya asetra pa. Nanso, na honam fam adwuma no ne ofie nnwuma a wɔyɛ no mma wonnya bere pii nkɔ asɛnka. Wobehui sɛ na wɔreyɛ de wɔn bere ne wɔn ahoɔden nyinaa ayɛ wɔn agyapade ho adwuma. Nanso, bere a Kevin ne Elena huu akwampaefo bi a wɔyɛ awarefo a wonni honam fam nneɛma pii nanso wɔwɔ anigye no, wosii gyinae sɛ wɔbɛyɛ nsakrae wɔ nea wɔde wɔn ani asi so wɔ wɔn asetram no mu. Bere a wɔbɔɔ mpae hwehwɛɛ Yehowa akwankyerɛ akyi no, wɔtɔn wɔn fie no kɔhanee ɔdan ketewa bi. Elena tew bere a ɔde yɛ honam fam adwuma no so, na ɔbɛyɛɛ ɔkwampaefo. Bere a Kevin hui sɛ ne yere anya anigye no, ɛhyɛɛ no nkuran ma ɔno nso gyaee adwuma a na ɔde ne bere nyinaa yɛ no, na ofii ase yɛɛ akwampae adwuma no bi. Bere bi akyi no, wotu kɔtraa ɔman bi a ɛwɔ Amerika Anafo fam a wohia Ahenni asɛnkafo pii wɔ hɔ no mu. Kevin ka sɛ: “Ná yɛn ani gye wɔ yɛn aware mu de, nanso bere a yɛde yɛn ho hyɛɛ Onyankopɔn som adwuma mu pii no, yɛn ani agye aboro so.”—Kenkan Mateo 6:19-22.

19, 20. Dɛn nti na asɛmpaka adwuma no yɛ adwuma a ɛho hia sen biara nnɛ?

19 Asɛmpaka adwuma no ne adwuma a ɛho hia sen biara a wɔreyɛ wɔ asase so nnɛ. (Adi. 14:6, 7) Ɛboa ma wɔtew Yehowa din ho. (Mat. 6:9) Afe biara, nnipa mpempem pii tie Bible mu asɛm no ma ɛboa wɔn ma wɔn asetra yɛ papa, na eyi betumi ama wɔanya nkwa. Nanso, ɔsomafo Paulo bisae sɛ: “Sɛ obi anka asɛm no . . . a, ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛte?” (Rom. 10:14, 15) Gye sɛ obi ka asɛm no ampa! Dɛn nti na wonyere wo ho nyɛ nea wubetumi biara mfa nwie w’asɛnka adwuma no?

20 Ɔkwan foforo a wubetumi afa so aboa nkurɔfo ma wɔate nea enti a mmere yi mu ayɛ den ase ne nea ebefi gyinae a wobesi mu aba ne sɛ wobɛma wo nkyerɛkyerɛ atu mpɔn. Yebesusuw ɔkwan a wubetumi afa so ayɛ saa no ho wɔ adesua a edi hɔ no mu.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 18 Wɔasesa edin ahorow no.

Wubebua Dɛn?

• Asɛyɛde bɛn na Kristofo wɔ wɔ nnipa ho?

• Ɔkwan bɛn na ɛsɛ sɛ yɛfa so di akwanside ahorow a yehyia wɔ asɛnka adwuma no mu no so?

• Yɛbɛyɛ dɛn atumi awie asɛnka adwuma a yɛagye ato yɛn ho so sɛ yɛbɛyɛ no?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 5]

Yehia akokoduru na ama yɛatumi aka asɛm no bere a yɛrehyia ɔsɔretia no

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Sɛ woka asɛm no wɔ nsasesin a wontaa nto nkurɔfo wɔ fie mu a, dɛn na wubetumi ayɛ?