Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ma Wo ‘Nkyerɛkyerɛ Ntu Mpɔn’

Ma Wo ‘Nkyerɛkyerɛ Ntu Mpɔn’

Ma Wo ‘Nkyerɛkyerɛ Ntu Mpɔn’

“Ka asɛm no, . . . yi ntɛn, ka anim, tu fo, abodwokyɛre ne ɔkyerɛkyerɛ a etu mpɔn nyinaa mu.”—2 TIM. 4:2.

1. Ahyɛde bɛn na Yesu de maa n’asuafo no, na nhwɛso bɛn na ɔyɛ maa wɔn?

ƐWOM sɛ bere a Yesu reyɛ ne som adwuma wɔ asase so no ɔsaa yare anwonwakwan so de, nanso na wonim no yiye sɛ ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfo, na ɛnyɛ ɔyaresafo, anaasɛ obi a ɔyɛ anwonwade. (Mar. 12:19; 13:1) Adwuma a na ɛho hia Yesu paa ne sɛ ɔbɛka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa, na saa ara na ɛho hia n’akyidifo a wɔwɔ hɔ nnɛ no nso. Wɔde ahyɛde ama Kristofo sɛ wɔnkɔ so nyɛ asuafoyɛ adwuma no, na wɔnkyerɛkyerɛ nkurɔfo mma wonni nea Yesu ahyɛ yɛn nyinaa so.—Mat. 28:19, 20.

2. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama yɛatumi aka asɛm no?

2 Yɛbɔ mmɔden bere nyinaa sɛ yɛbɛma yɛn nkyerɛkyerɛ atu mpɔn sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi ayɛ adwuma a wɔde ama yɛn a ɛno ne asuafoyɛ adwuma no. Ɔsomafo Paulo sii sɛnea ɛho hia sɛ yɛma yɛn nkyerɛkyerɛ tu mpɔn no so dua bere a ɔkyerɛw Timoteo a ɔyɛ ne yɔnko a ɔne no ka asɛm no. Ɔkae sɛ: “Ma w’ani mmra wo ho ne wo nkyerɛkyerɛ so bere nyinaa. Bata eyinom ho, na sɛ woyɛ saa a, wubegye wo ho ne wɔn a wotie wo no nkwa.” (1 Tim. 4:16) Ɛnyɛ nimdeɛ kɛkɛ a yɛbɛkyerɛkyerɛ nkurɔfo ma wɔanya ho asɛm na na Paulo reka. Kristofo a wonim nkyerɛkyerɛ yiye no ka Bible mu nokwasɛm no ma ɛka nkurɔfo koma, na wɔhyɛ wɔn nkuran ma wɔyɛ nsakrae wɔ wɔn asetra mu nso. Sɛ obi betumi ayɛ saa a, gye sɛ osua. Enti, yɛbɛyɛ dɛn atumi ama yɛn ‘nkyerɛkyerɛ atu mpɔn’ bere a yɛreka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa akyerɛ afoforo no?—2 Tim. 4:2.

Ma Wo ‘Nkyerɛkyerɛ Ntu Mpɔn’

3, 4. (a) Yɛbɛyɛ dɛn atumi ama yɛn ‘nkyerɛkyerɛ atu mpɔn’? (b) Ɔkwan bɛn so na Teokrase Ɔsom Sukuu no boa yɛn ma yɛyɛ akyerɛkyerɛfo a wotu mpɔn?

3 Sɛ obi betumi ayɛ biribi ma ‘atu mpɔn’ a, ɛsɛ sɛ osua ho ade, de nea wasua no yɛ adwuma, na ɔhwɛ sɛnea afoforo yɛ saa ade no. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa nneɛma abiɛsa no nyinaa na ama yɛatumi aka asɛmpa no wɔ ɔkwan a etu mpɔn so. Sɛ yɛbɔ mpae na yesua ade a yɛrekɔkyerɛkyerɛ no a, yebetumi ate ase yiye. (Kenkan Dwom 119:27, 34.) Sɛ yɛhwɛ ɔkwan a akyerɛkyerɛfo a wonim nkyerɛkyerɛ yiye fa so kyerɛkyerɛ afoforo no a, yebetumi asuasua wɔn. Na sɛ yɛbɔ mmɔden bere nyinaa de nea yɛasua no yɛ adwuma a, ɛbɛboa yɛn ma yɛn nkyerɛkyerɛ atu mpɔn.—Luka 6:40; 1 Tim. 4:13-15.

4 Yehowa ne yɛn Kyerɛkyerɛfo Kunini. Ɔnam n’ahyehyɛde no fã a ɛwɔ asase yi so no so tete n’asomfo ma wohu ɔkwan a wɔbɛfa so ayɛ asɛnka adwuma no. (Yes. 30:20, 21) Eyi nti, dapɛn biara, asafo ahorow nyinaa yɛ Teokrase Ɔsom Sukuu a wɔde tete wɔn a wonya mu kyɛfa no ma wɔbɛyɛ Onyankopɔn Ahenni no ho adawurubɔfo a wotu mpɔn. Bible ne nhoma titiriw a wosua wɔ sukuu no mu. Yehowa Asɛm a wɔnam ne honhom so kyerɛwee no ma yehu nea ɛsɛ sɛ yɛkyerɛkyerɛ. Bio nso, sukuu no ma yehu akwan a ɛfata na etu mpɔn a wɔfa so kyerɛkyerɛ. Teokrase Ɔsom Sukuu no kae yɛn bere nyinaa sɛ sɛ yebetumi ayɛ akyerɛkyerɛfo a yetu mpɔn a, ɛsɛ sɛ yɛde Onyankopɔn Asɛm no kyerɛkyerɛ, de nsɛmmisa di dwuma yiye, ma yɛn nkyerɛkyerɛ yɛ nea asete nyɛ den, na yɛkyerɛ afoforo ho anigye. Momma yensusuw eyi mu biara ho mmiako mmiako. Ɛno akyi no, yebesusuw ɔkwan a yebetumi afa so akyerɛkyerɛ ma aka osuani bi koma no ho.

Fa Onyankopɔn Asɛm Kyerɛkyerɛ

5. Nhoma titiriw bɛn na ɛsɛ sɛ yɛde kyerɛkyerɛ, na dɛn ntia?

5 Yesu a ɔno ne ɔkyerɛkyerɛfo a ɔsen onipa biara no de Kyerɛwnsɛm no na ɛkyerɛkyerɛe. (Mat. 21:13; Yoh. 6:45; 8:17) Wanka ɔno ankasa asɛm, na mmom, Onii a ɔsomaa no no asɛm na ɔkae. (Yoh. 7:16-18) Saa ara na ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛyɛ. Ɛno nti, ɛsɛ sɛ asɛm a yɛka wɔ afie afie anaa bere a yɛreyɛ Bible adesua no gyina Onyankopɔn Asɛm so. (2 Tim. 3:16, 17) Nsɛm biara nni hɔ a yɛde yɛn ankasa nyansa bɛka a ɛbɛto nea Kyerɛwnsɛm a wɔde Onyankopɔn honhom kyerɛwee a etu mpɔn na tumi wom no ka no. Bible wɔ tumi kɛse. Biribiara a yɛrebɔ mmɔden sɛ yɛbɛkyerɛ osuani no, ɛyɛ papa sɛ yɛma ɔkenkan fi Kyerɛwnsɛm no mu.—Kenkan Hebrifo 4:12.

6. Ɔkwan bɛn so na ɔkyerɛkyerɛfo bi betumi aboa obi a ɔne no sua ade no ma wate nea wɔresua no ase?

6 Eyi nkyerɛ sɛ sɛ Kristoni bi rekɔyɛ Bible adesua a, ɛnsɛ sɛ osua ansa na wakɔ. Mmom no, ɛsɛ sɛ ɔkyerɛkyerɛfo no di kan susuw kyerɛw nsɛm a wɔnkaa mu asɛm wɔ nhoma no mu a ɔbɛpɛ sɛ ɔno anaa osuani no kenkan bere a wɔreyɛ Bible adesua no ho. Mpɛn pii no, ɛyɛ papa sɛ mobɛkenkan kyerɛw nsɛm a yɛde kyerɛkyerɛ yɛn gyidi ahorow mu no. Ɛho hia nso sɛ woboa osuani no ma ɔte nea mokenkan no ase.—1 Kor. 14:8, 9.

Fa Nsɛmmisa Di Dwuma Yiye

7. Dɛn nti na nsɛmmisa a yɛde di dwuma yiye no yɛ ɔkwampa a wɔfa so kyerɛkyerɛ?

7 Sɛ yɛde nsɛmmisa di dwuma yiye a, ɛma osuani no dwen, na ɛboa ɔkyerɛkyerɛfo no nso ma ne nkyerɛkyerɛ no ka osuani no koma. Enti, sɛ́ anka wobɛkyerɛkyerɛ kyerɛw nsɛm mu akyerɛ osuani no, ma ɔno mmom nkyerɛkyerɛ mu nkyerɛ wo. Ɛtɔ mmere bi a, ɛsɛ sɛ wubisa asɛm foforo anaa nsɛm bi a ebetumi aboa osuani no ma wate asɛm no ase. Sɛ moresua ade na wubisa nsɛm ma osuani no nso kasa bi a, ná woreboa no ma wate ade a moresua no ase yiye, na ɛbɛsan aboa no ma ɔno ankasa agye atom sɛ nea wasua no yɛ nokware.—Mat. 17:24-26; Luka 10:36, 37.

8. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ahu nea ɛwɔ osuani bi komam?

8 Yɛde nsɛmmisa ne mmuae na esua yɛn nhoma ahorow no. Akyinnye biara nni ho sɛ, nnipa a wo ne wɔn sua Bible no mu dodow no ara na sɛ wubisa nsɛmmisa a wɔatintim wɔ nkyekyɛm a moresusuw ho no ase a, wobetumi afi nkyekyɛm no mu ama mmuae ntɛm. Nanso, ɔkyerɛkyerɛfo a ɔpɛ sɛ ne nkyerɛkyerɛ ka ne suani koma no renka sɛ esiane sɛ osuani no ama mmuae a ɛteɛ nti, ɛkyerɛ sɛ wate ase. Sɛ nhwɛso no, ebia osuani bi betumi akyerɛkyerɛ nea Bible ka fa aguamammɔ ho no mu pɛpɛɛpɛ. (1 Kor. 6:18) Nanso, sɛ wode anifere bisa osuani no nsɛm a, wubetumi ahu adwene ankasa a ɔwɔ wɔ nea ɔresua no ho. Enti, ɔkyerɛkyerɛfo no betumi abisa sɛ: “Dɛn nti na Bible ka sɛ ɛnsɛ sɛ obi a ɔnwaree ne ɔbarima anaa ɔbea bi da? W’adwene yɛ wo dɛn wɔ aguamammɔ a Onyankopɔn abara no ho? So wususuw sɛ mfaso wɔ so sɛ wobɛbɔ wo bra sɛnea Onyankopɔn asɛm ka no?” Mmuae a osuani no bɛma wɔ nsɛmmisa a ɛtete saa ho no betumi ama woahu nea ɛwɔ ne komam ankasa.—Kenkan Mateo 16:13-17.

Ma Ɛnyɛ Nea Asete Nyɛ Den

9. Sɛ yɛne afoforo resusuw Kyerɛwnsɛm no ho a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛma ɛtra yɛn adwenem?

9 Nokwasɛm ahorow pii a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no ankasa yɛ nea asete nyɛ den. Nanso, ebetumi aba sɛ, atoro som nkyerɛkyerɛ ama nkurɔfo a yɛne wɔn sua Bible no adwene atu afra. Sɛ́ akyerɛkyerɛfo no, yɛn adwuma ne sɛ yɛbɛma nkurɔfo ate Bible no ase a wɔmmrɛ ho. Akyerɛkyerɛfo a wotu mpɔn kyerɛkyerɛ wɔn nsɛm mu wɔ ɔkwan a asete nyɛ den, emu da hɔ, na ɛyɛ pɛpɛɛpɛ so. Sɛ yedi saa akwankyerɛ yi akyi a, yɛbɛkyerɛkyerɛ nokware no mu ma ayɛ mmerɛw ama osuani no ate ase. Ɛnsɛ sɛ wokyerɛkyerɛ nsɛm a ɛmfa adesua no ho mu kɔ akyiri. Ɛho nhia sɛ yɛkyerɛkyerɛ kyerɛwsɛm a yɛbɛkenkan no fã biara mu. Fa w’adwene si kyerɛwsɛm no fã a ɛbɛma asɛm a moresusuw ho no mu ada hɔ yiye no so. Bere a osuani no rete nneɛma ase nkakrankakra no, ɔbɛba abɛte Kyerɛwnsɛm mu nokware ahorow a emu dɔ paa no ase.—Heb. 5:13, 14.

10. Dɛn na yebegyina so ahu nkyekyɛm dodow a ɛsɛ sɛ yesua wɔ Bible adesua biara a yɛbɛyɛ no mu?

10 Nkyekyɛm dodow ahe na ɛsɛ sɛ mususuw ho wɔ adesua biara mu? Ɛsɛ sɛ wode nhumu yɛ adwuma wɔ eyi mu. Ɔkyerɛkyerɛfo no ne osuani no nyinaa nsɛm tebea ne wɔn mmɔdenbɔ nyɛ pɛ, nanso sɛ́ akyerɛkyerɛfo no, ɛsɛ sɛ yɛma ɛtra yɛn adwenem bere nyinaa sɛ nea enti a yɛne obi sua ade ne sɛ yɛbɛboa no ma wayɛ den wɔ gyidi mu. Enti, ɛsɛ sɛ yɛma osuani no bere a ɛfata ma ɔde kenkan nhoma a yɛne no resua no ma ɔte ase, na ogye nokware ahorow a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no tom. Ɛnsɛ sɛ yɛne no sua nneɛma pii bere a ɔnte ase. Mmom no, ɛsɛ sɛ yɛne no sua ade no nkakrankakra, na yɛma ɛtoatoa so. Sɛ yɛn Bible suani no nya te asɛm a yɛresua no ase a, ɛsɛ sɛ yɛkɔ yɛn anim.—Kol. 2:6, 7.

11. Dɛn na yebetumi asua afi ɔkwan a ɔsomafo Paulo faa so kyerɛkyerɛe no mu?

11 Sɛ ɔsomafo Paulo reka asɛmpa no akyerɛ nnipa a wɔyɛ foforo a, na ɔnka nsɛm a asete yɛ den. Ɛwom sɛ na Paulo yɛ obi a onim nhoma yiye de, nanso wamfa nsɛm akɛse anni dwuma wɔ asɛnka mu. (Kenkan 1 Korintofo 2:1, 2.) Nnipa a wɔwɔ koma pa ani gye Kyerɛwnsɛm mu nokware no a yɛma asete yɛ mmerɛw no ho, na ɛma wɔn bo tɔ wɔn yam. Ɛho nhia sɛ obi sua nhoma kɔ akyiri ansa na wate Kyerɛwnsɛm no ase.—Mat. 11:25; Aso. 4:13; 1 Kor. 1:26, 27.

Boa Asuafo Ma Wonhu Mfaso a Ɛwɔ Nea Wɔresua no So

12, 13. Dɛn na ebetumi ahyɛ osuani bi nkuran ma ɔde nea ɔresua no ayɛ adwuma? Ma ho nhwɛso.

12 Sɛ yɛn nkyerɛkyerɛ bɛyɛ nea etu mpɔn a, ɛsɛ sɛ ɛka osuani no koma. Ɛsɛ sɛ osuani no hu sɛnea ade a moresua no fa no ho, sɛnea obenya so mfaso, ne sɛnea sɛ ɔde Kyerɛwnsɛm mu akwankyerɛ yɛ adwuma a, ɛbɛma n’asetra ayɛ papa.—Yes. 48:17, 18.

13 Sɛ nhwɛso no, ebia ná yɛne osuani no resusuw Hebrifo 10:24, 25 ho. Saa kyerɛwsɛm no hyɛ Kristofo nkuran sɛ wɔne wɔn mfɛfo gyidifo nhyiam na wɔmfa Kyerɛwnsɛm no nhyehyɛ wɔn ho nkuran, na wonnya fekubɔ a ɔdɔ wom. Sɛ osuani no nnya mfii ase nkɔɔ asafo nhyiam ahorow a, ebia yebetumi akyerɛ no ɔkwan a yɛfa so yɛ asafo nhyiam no tiawa, na yɛne no asusuw nneɛma a yebesua wɔ asafo nhyiam a edi hɔ ase no ho. Yebetumi akyerɛkyerɛ mu akyerɛ no sɛ, asafo nhyiam ahorow no ka ɔsom a yɛde ma Onyankopɔn no ho, na yɛama wahu sɛ yenya so mfaso. Afei, yebetumi aka akyerɛ no sɛ ɔmmra bi. Nea ɛsɛ sɛ ɛma osuani no tie Kyerɛwnsɛm mu afotu yi ne ɔpɛ a ɔwɔ sɛ ɔbɛsɔ Yehowa ani, na ɛnyɛ sɛ ɔbɛyɛ saa de asɔ onii a ɔne no sua ade no ani.—Gal. 6:4, 5.

14, 15. (a) Dɛn na Bible suani bi betumi ahu wɔ Yehowa ho? (b) Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn su a Bible suani bi behu no betumi aboa no?

14 Sɛ Bible asuafo de nea wosua fi Bible mu no bɔ wɔn bra a, mfaso titiriw a wonya fi mu ne sɛ ɛma wobehu Yehowa sɛ obi a ɔwɔ hɔ ankasa, na ɛno ma wɔdɔ no. (Yes. 42:8) Yehowa yɛ Agya a ɔwɔ ɔdɔ ne Ɔbɔadeɛ ne amansan nyinaa Wura, na ɔsan nso ma wɔn a wɔdɔ no na wɔsom no no hu ne su ne nneɛma a otumi yɛ. (Kenkan Exodus 34:6, 7.) Bere a na Mose rebedi Israel man no anim de wɔn afi Misraim nkoasom mu no, Yehowa kaa asɛm a edi so yi de daa ne ho adi kyerɛɛ no. Ɔkae sɛ: “Mɛyɛ me ho nea mepɛ sɛ meyɛ.” (Ex. 3:13-15, NW) Eyi kyerɛ sɛ, na Yehowa bɛyɛ ne ho nea ɔpɛ biara na ama watumi ayɛ nea ɔpɛ sɛ ɔyɛ ma ne nkurɔfo a wapaw wɔn no. Ne saa nti, Israelfo no behui sɛ Yehowa yɛ Ogyefo, Ɔkofo, Ɔdemafo, ne Nea odi ne bɔhyɛ ahorow so, na ɔboaa wɔn wɔ akwan foforo so nso.—Ex. 15:2, 3; 16:2-5; Yos. 23:14.

15 Ebia yɛn Bible asuafo no renhu sɛ Yehowa reboa wɔn anwonwakwan so wɔ wɔn asetram te sɛ nea ɔyɛ maa Mose no. Nanso, bere a yɛn Bible asuafo no reyɛ den wɔ gyidi mu na wɔrehu mfaso a ɛwɔ nea wɔresua no so, na wofi ase de nea wɔresua no yɛ adwuma no, akyinnye biara nni ho sɛ wobehu nea enti a ɛho hia sɛ wɔde wɔn ho to Yehowa so de hwehwɛ akokoduru, nyansa, ne akwankyerɛ. Bere a wɔreyɛ saa no, wɔn nso bɛba abehu sɛ Yehowa yɛ Ɔfotufo, Bammɔfo, ne Ɔdemafo yamyefo a onim nyansa a wobetumi de wɔn ho ato no so ma wama wɔn nsa aka wɔn ahiade nyinaa.—Dw. 55:22; 63:7; Mmeb. 3:5, 6.

Fi Ɔdɔ Mu Kyerɛ Wɔn Ho Anigye

16. Dɛn nti na sɛ yentumi nkyerɛkyerɛ sɛnea yɛpɛ a, ɛno ankasa nkyerɛ sɛ yentumi nyɛ akyerɛkyerɛfo a wotu mpɔn?

16 Sɛ wote nka sɛ wo nkyerɛkyerɛ ntu mpɔn sɛnea wopɛ a, mma w’abam mmu. Yehowa ne Yesu rehwɛ asɛnka adwuma a wɔreyɛ wɔ wiase nyinaa nnɛ no so. (Aso. 1:7, 8; Adi. 14:6) Wobetumi ahyira mmɔden a yɛbɔ de kyerɛkyerɛ nkurɔfo no so sɛnea ɛbɛyɛ a nsɛm a yɛka no bɛka nnipa komapafo no koma. (Yoh. 6:44) Sɛ ɔkyerɛkyerɛfo bi dɔ ne Bible suani ankasa a, ɛbɛma wayere ne ho ayɛ nea obetumi biara de akyerɛkyerɛ no. Ɔsomafo Paulo daa no adi sɛ onim mfaso a ɛwɔ so sɛ yɛbɛdɔ wɔn a yɛrekyerɛkyerɛ wɔn no.—Kenkan 1 Tesalonikafo 2:7, 8.

17. Yɛbɛyɛ dɛn atumi akyerɛ yɛn Bible suani biara ho anigye ankasa?

17 Saa ara na sɛ yegye bere de hu yɛn Bible suani biara a, ɛbɛma yɛatumi akyerɛ ne ho anigye ankasa. Bere a yɛne no resua Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm ahorow no, ɛda adi sɛ yebehu n’asetra mu nsɛm yiye. Yebehu sɛ ebia wafi ase de nneɛma a wasua afi Bible mu no bi rebɔ ne bra. Ebia yebehu nso sɛ nneɛma bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ ɔkɔ so yɛ nsakrae wom. Sɛ yɛne osuani no reyɛ Bible adesua, na yɛboa no ma ohu sɛnea ɛsɛ sɛ ɔno ankasa de nea ɔresua no bɔ ne bra a, yebetumi afi ɔdɔ mu aboa no ma wabɛyɛ Kristo suani papa.

18. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛne yɛn Bible suani bom bɔ mpae, na yɛbɔ ne din wɔ mpaebɔ no mu?

18 Nea ehia sen biara no, yebetumi ne yɛn Bible suani no abom abɔ mpae, na yɛabɔ ne din wɔ mpaebɔ no mu. Ɛsɛ sɛ yɛma no hu pefee sɛ nea enti a yɛne no resua ade ne sɛ yɛbɛboa no ma wabehu ne Bɔfo no yiye, wabɛn No kɛse, na wanya N’akwankyerɛ so mfaso. (Kenkan Dwom 25:4, 5.) Sɛ yɛbɔ mpae srɛ Yehowa sɛ ɔmmoa osuani no wɔ mmɔden a ɔrebɔ sɛ ɔde nea ɔresua no bɛyɛ adwuma a, ɛbɛma osuani no ahu nea enti a ɛho hia sɛ ‘ɔyɛ asɛm no yɛfo.’ (Yak. 1:22) Na sɛ osuani no te mpae a yefi yɛn koma nyinaa mu bɔ no a, ɛbɛma ɔno nso ahu sɛnea wɔbɔ mpae. Hwɛ anigye ara a yebenya sɛ yɛbɛboa Bible asuafo ma wɔn ankasa ne Yehowa anya abusuabɔ pa!

19. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu?

19 Ɛyɛ yɛn anigye sɛ yebehu sɛ Adansefo bɛboro ɔpepem asia ne fã a wɔwɔ wiase nyinaa no reyere wɔn ho sɛ wɔbɛma wɔn ‘nkyerɛkyerɛ atu mpɔn,’ a nea enti a wɔreyɛ saa ne sɛ, wɔpɛ sɛ wɔboa nnipa komapafo ma wodi nea Yesu aka sɛ yɛnyɛ no nyinaa so. Dɛn na afi yɛn asɛnka adwuma no mu aba? Yebesusuw saa asɛmmisa yi mmuae ho wɔ adesua a edi hɔ no mu.

So Wokae?

• Dɛn nti na ɛsɛ sɛ Kristofo ma wɔn ‘nkyerɛkyerɛ tu mpɔn’?

• Akwan bɛn na yebetumi afa so akyerɛkyerɛ yiye?

• Sɛ yentumi nkyerɛkyerɛ sɛnea yɛpɛ mpo a, dɛn na yebetumi ayɛ ma yɛn nkyerɛkyerɛ atu mpɔn?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 9]

So wode wo din ahyɛ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu?

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Dɛn nti na ɛho hia sɛ sɛ moresua ade a, woma wo Bible suani no kenkan Bible no?

[Mfonini wɔ kratafa 12]

Wo ne osuani no mmom mmɔ mpae, na bɔ ne din wɔ mpaebɔ no mu