Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mateo Nhoma no Mu Nsɛntitiriw

Mateo Nhoma no Mu Nsɛntitiriw

Yehowa Asɛm Wɔ Nkwa

Mateo Nhoma no Mu Nsɛntitiriw

MATEO a na ɔyɛ Yesu Kristo yɔnko pa, a bere bi na ɔyɛ towgyeni no ne obi a odii kan yɛɛ Yesu asetra ne ne som adwuma ho kyerɛwtohɔ a ɛyɛ anigye. Wodii kan de Hebri kasa na ɛkyerɛw Mateo Asɛmpa no, na akyiri yi, wɔkyerɛɛ ase kɔɔ Hela kasa mu. Wɔkyerɛw wiei wɔ bɛyɛ afe 41 Y.B. mu, na ɛno na ɛka Hebri Kyerɛwnsɛm no ne Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no bom.

Asɛmpa a ɛka koma na mfaso wɔ so yi a ɛda adi sɛ wɔkyerɛw maa Yudafo titiriw no kaa Yesu ho asɛm sɛ ɔno ne Mesia, Onyankopɔn Ba a wɔhyɛɛ ne ho bɔ no. Sɛ yetie emu nsɛm no yiye a, ɛbɛhyɛ gyidi a yɛwɔ wɔ nokware Nyankopɔn no, ne Ba no, ne Ne bɔhyɛ ahorow no mu den.—Heb. 4:12.

“ƆSORO AHENNI NO ABƐN”

(Mat. 1:1–20:34)

Mateo twee adwene sii Ahenni no asɛmti ne Yesu nkyerɛkyerɛ so. Na saa a ɔyɛe no amma wantumi anka ne nsɛm no nnidiso nnidiso sɛnea esisii no pɛpɛɛpɛ. Sɛ nhwɛso no, ɛwom sɛ Yesu maa Bepɔw so Asɛnka no wɔ ne som adwuma no mfinimfini hɔ baabi de, nanso Mateo kaa ho asɛm wɔ ne nhoma no mfiase.

Bere a na Yesu reyɛ ne som adwuma no wɔ Galilea no, ɔyɛɛ anwonwade ahorow, ɔde ɔsom adwuma no ho akwankyerɛ maa asomafo 12 no, ɔkaa Farisifo no anim, na ɔmaa mfatoho pii a ɛfa Ahenni no ho. Afei, ofii Galilea baa “Yudea wɔ Yordan agya.” (Mat. 19:1) Bere a Yesu ne n’asuafo no nam kwan so no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Yɛrekɔ Yerusalem, na wobeyi onipa Ba no ama na wobebu no kumfɔ, na ne nnansa so no wobenyan no.’—Mat. 20:18, 19.

Kyerɛwnsɛm mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

3:16—Ɔkwan bɛn so na “ɔsoro buei” bere a wɔbɔɔ Yesu asu no? Ɛbɛyɛ sɛ Yesu kaee asetra a na ɔwom wɔ soro ansa na ɔreba asase so no saa bere no.

5:21, 22—Sɛ obi da n’abufuw adi a, so anibere wom paa sen nea ɔde n’abufuw hyɛ ne mu no? Yesu bɔɔ kɔkɔ sɛ sɛ obi ma ne bo kɔ so fuw ne nua a, na ɔreyɛ bɔne a anibere wom. Nanso, sɛ obi da n’abufuw adi denam nsɛm a ɔkeka de sopa ne nua so a, ɛno yɛ nea anibere wom koraa, na wɔrenni n’asɛm wɔ asɛnnibea kɛkɛ, na mmom wobedi n’asɛm wɔ bagua kɛse mu.

5:48—So yebetumi ayɛ “pɛ” ankasa te sɛ nea ‘yɛn Agya a ɔwɔ soro no yɛ pɛ’ no? Yiw, ebetumi aba saa wɔ ɔkwan bi so. Ɔdɔ ho asɛm na na Yesu reka wɔ ha, na ɔka kyerɛɛ wɔn a na wɔretie no no sɛ, wonsuasua Onyankopɔn na wɔnyɛ pɛ wɔ ɔdɔ mu. (Mat. 5:43-47) Wɔbɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa? Wɔnam wɔn dɔ a wɔbɛtrɛw mu ma aso wɔn atamfo so no so na wɔbɛyɛ saa.

7:16—“Aba” bɛn na wɔde hu nokware som? Ɛnyɛ yɛn abrabɔ nkutoo ne aba a wɔde hu nokware som. Yɛn gyidi a ɛno ne nkyerɛkyerɛ a yedi akyiri no nso ka ho.

10:34-38—So Kyerɛwnsɛm no mu nsɛm na ɛde abusua mu mpaapaemu ba? Dabida. Mmom no, abusuafo a wonnye nni no nneyɛe na ɛde mpaapaemu no ba. Ebia, wɔn ani rennye Kristosom ho anaasɛ wɔbɛsɔre atia, na ɛno na ɛde abusua mu mpaapaemu no ba.—Luka 12:51-53.

11:2-6—Esiane sɛ na Yohane ate Onyankopɔn nne sɛ wagye Yesu atom nti, na onim dedaw sɛ Yesu ne Mesia no, sɛ ɛte saa a, dɛn nti na Yohane san bisae sɛ Yesu ne “Nea Ɔreba no” anaa? Ɛbɛyɛ sɛ nea enti a Yohane bisaa saa asɛm yi ne sɛ, ná ɔpɛ sɛ ɔte fi Yesu ankasa anom sɛ ɔno ne Mesia no. Afei nso, na Yohane pɛ sɛ ohu sɛ “obi foforo” bɛba wɔ Ahenni tumi mu na wama Yudafo no nsa aka nea ná wɔrehwɛ kwan no nyinaa anaa. Mmuae a Yesu de mae no ma yehu sɛ na obi foforo biara nni hɔ a ɔbɛba.

19:28—“Israel mmusuakuw dumien” a wobebu wɔn atɛn no gyina hɔ ma henanom? Wonnyina hɔ mma honhom fam Israel mmusuakuw 12 no. (Gal. 6:16; Adi. 7:4-8) Ná asomafo a Yesu ne wɔn rekasa no bɛba abɛyɛ honhom fam Israel no mufo, na wɔremmɛyɛ emufo no so atemmufo. Yesu ne ‘wɔn yɛɛ ahenni ho apam,’ na na wɔbɛyɛ ‘ahemman ne asɔfo ama Onyankopɔn.’ (Luka 22:28-30; Adi. 5:10) Honhom fam Israelfo no na “wobebu wiase atɛn.” (1 Kor. 6:2) Enti, ɛda adi sɛ, “Israel mmusuakuw dumien” no a wɔn a wɔte nhengua so wɔ soro bebu wɔn atɛn no gyina hɔ ma nnipa a wɔwɔ wiase a wɔnka ahene asɔfokuw a wɔde mmusuakuw 12 no yɛɛ wɔn ho mfonini wɔ Mpata Da no ho no.—Lev., ti 16.

Asuade a Ɛwom ma Yɛn:

4:1-10. Saa asɛm yi ma yehu sɛ Satan yɛ obi a ɔwɔ hɔ ankasa, na ɔnyɛ subammɔne bi ara kwa. Satan de “honam akɔnnɔ ne aniwa akɔnnɔ ne asetra mu nneɛma a nnipa de hoahoa wɔn ho” sɔ yɛn hwɛ. Nanso, sɛ yɛde Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm bɔ yɛn bra a, ɛbɛboa yɛn ma yɛakɔ so adi Onyankopɔn nokware.—1 Yoh. 2:16.

5:1–7:29. Ma wo ne Onyankopɔn ntam abusuabɔ ho nhia wo. Yɛ obi a ɔpɛ asomdwoe. Nnwinnwen ɔbra sɛe ho. Di wo bɔhyɛ so. Sɛ worebɔ mpae a, fa nneɛma a ɛfa Onyankopɔn som ho di kan ansa na woaka honam fam nneɛma ho asɛm. Yɛ ɔdefo wɔ Onyankopɔn anim. Hwehwɛ Ahenni no ne Onyankopɔn trenee kan. Nkasa ntia afoforo. Yɛ nea Onyankopɔn pɛ. Hwɛ sɛnea nneɛma a mfaso wɔ so wɔ Bepɔw so Asɛnka no mu!

9:37, 38. Ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho yɛ asuafoyɛ adwuma no bere a yɛresrɛ Owura no sɛ “ɔmma adwumayɛfo mmra ne twa no mu” no.—Mat. 28:19, 20.

10:32, 33. Ɛnsɛ sɛ yesuro da sɛ yɛbɛka yɛn gyidi ho asɛm akyerɛ afoforo.

13:51, 52. Sɛ yɛte Ahenni no ho nokwasɛm no ase a, ɛba bɛyɛ yɛn asɛyɛde sɛ yɛkyerɛkyerɛ afoforo na yɛboa wɔn ma wɔte nokware a ɛho hia no ase.

14:12, 13, 23. Ɛho hia sɛ yɛn nkutoo nya bere de susuw nneɛma a ɛho hia ho.—Mar. 6:46; Luka 6:12.

17:20. Ɛsɛ sɛ yenya gyidi de gyina akwanside a ɛte sɛ bepɔw a etwitware yɛne Onyankopɔn ntam abusuabɔ mu no, na aboa yɛn ma yɛagyina nsɛnnennen ano. Ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu so sɛ yɛbɛhyɛ gyidi a yɛwɔ wɔ Yehowa ne ne bɔhyɛ ahorow mu no mu den.—Mar. 11:23; Luka 17:6.

18:1-4; 20:20-28. Nnipa sintɔ ne ɔsom a na Yesu asuafo no wom a na esi dibea so dua no na ɛma wɔperee dibea ho no. Ɛsɛ sɛ yenya ahobrɛase, na ama yɛatumi ako atia nsusuwii bɔne, na yɛanya adwene a ɛfata wɔ ɔsom hokwan ne asɛyɛde ahorow ho.

“WOBEYI ONIPA BA NO AMA”

(Mat. 21:1–28:20)

Yesu baa Yerusalem wɔ Nisan 9, 33 Y.B. mu no, “na ɔte afurum so.” (Mat. 21:5) Ɛda a edi hɔ no, ɔbaa asɔrefie hɔ bɛtew ho. Nisan 11 no, ɔkyerɛkyerɛe wɔ asɔrefie hɔ, ɔkaa akyerɛwfo ne Farisifo no anim, na ɛno akyi no, ɔkaa ne “mmae ne bere a ɛwɔ hɔ yi awiei ho sɛnkyerɛnne” ho asɛm kyerɛɛ n’asuafo no. (Mat. 24:3) Ade kyee no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Munim sɛ aka nnanu ma twam adu, na wobeyi onipa Ba no ama na wɔabɔ no asɛndua mu.”—Mat. 26:1, 2.

Yesu de ne wu a na abɛn no ho Nkaedi sii hɔ wɔ Nisan 14. Na ɛno akyi no, woyii no mae, wɔkyeree no, wodii n’asɛm, na wɔbɔɔ no asɛndua mu. Ne nnansa so no, wonyan no fii awufo mu. Ansa na Yesu a wɔanyan no afi awufo mu reforo akɔ soro no, ɔka kyerɛɛ n’akyidifo no sɛ: “Enti monkɔ nkɔyɛ aman nyinaa m’asuafo.”—Mat. 28:19.

Kyerɛwnsɛm mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

22:3, 4, 9—Bere bɛn na nsa a wɔto frɛɛ nkurɔfo kɔɔ ayeforohyia ase mprɛnsa no mu biara fii ase? Ɔfrɛ a edi kan a wɔde boaboaa ayeforo kuw no ano no fii ase bere a Yesu ne n’akyidifo no kaa asɛm no wɔ afe 29 Y.B. mu no, na ɛtoaa so kosii afe 33 Y.B. mu. Ɔfrɛ a ɛto so abien no fii ase wɔ bere a wohwiee honhom kronkron guu asuafo no so wɔ Pentekoste afe 33 Y.B. mu kosii afe 36 Y.B. mu. Wɔ ɔfrɛ a edi kan ne nea ɛto so abien no nyinaa mu no, wɔfrɛɛ Yudafo, wɔn a wɔasakra abɛyɛ Yudafo, ne Samariafo nkutoo. Nanso, ɔfrɛ a ɛto so abiɛsa a efii ase wɔ afe 36 Y.B. no mu de, wɔtoo nsa frɛɛ nkurɔfo a na wogyinagyina kurow no atempɔn so, a wɔne Amanaman mufo a wontwaa twetia no wɔ bere a Romafo sraani panyin Kornelio sakraa n’adwene no, na atoa so de abesi yɛn bere yi so.

23:15—Dɛn nti na na obi a Farisifo no ama wasakra abɛyɛ Farisini no bɛfata ama Gehenna mmɔho abien sen’ Farisifo no ankasa? Ɛbɛyɛ sɛ na nnipa bi a wɔsakra bɛyɛɛ Farisifo no yɛ amumɔyɛfo. Ebia bere a wɔsakra baa Farisifo a wɔyɛ katee no mu no, wɔn nneyɛe bɛyɛɛ nea enye koraa, na ebia wɔbɛyɛɛ katee sen wɔn akyerɛkyerɛfo a na wɔabu wɔn fɔ no mpo. Enti, sɛ wɔde wɔn toto Yudafo a wɔyɛ Farisifo no ho a, na ‘wɔfata ma Gehenna’ mmɔho abien ampa.

27:3-5—Dɛn na Yuda nuu ne wɔ ho? Biribiara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ na Yuda ahonu no fi komam. Sɛ́ anka ɔbɛhwehwɛ bɔne fafiri afi Onyankopɔn hɔ no, asɔfo mpanyin ne mpanyimfo no mmom na ɔkɔkaa ne bɔne kyerɛɛ wɔn. Esiane sɛ na Yuda ayɛ bɔne a “ɛkɔ owu mu” nti, ɛfata sɛ ɔtee nka sɛ odi fɔ na n’abam nso bui. (1 Yoh. 5:16) Ne ho a na ɛyeraw no nti na onuu ne ho.

Asuade a Ɛwom ma Yɛn:

21:28-31. Ade a ɛho hia Yehowa paa ne sɛ yɛbɛyɛ nea ɔpɛ. Sɛ nhwɛso no, ɛsɛ sɛ yɛde nsi ka Ahenni no ho asɛm na yɛyɛ asuafoyɛ adwuma no.—Mat. 24:14; 28:19, 20.

22:37-39. Hwɛ sɛnea mmara nsɛm akɛse abien no bɔ nneɛma a Onyankopɔn hwehwɛ sɛ wɔn a wɔsom no no yɛ no mua tiawa!

[Mfonini wɔ kratafa 31]

So wode nsi reyɛ otwa adwuma no?

[Asɛm Fibea wɔ kratafa 31]

© 2003 BiblePlaces.com

[Mfonini wɔ kratafa 31]

Mateo sii Ahenni no asɛmti so dua