Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wɔabu Wɔn Sɛ Wɔfata Sɛ Wɔkyerɛ Wɔn Kwan Kɔ Nkwa Asuti Ho

Wɔabu Wɔn Sɛ Wɔfata Sɛ Wɔkyerɛ Wɔn Kwan Kɔ Nkwa Asuti Ho

Wɔabu Wɔn Sɛ Wɔfata Sɛ Wɔkyerɛ Wɔn Kwan Kɔ Nkwa Asuti Ho

“Oguammaa . . . no bɛhwɛ wɔn, na ɔbɛkyerɛ wɔn kwan akɔ nkwa asuti ho.”—ADI. 7:17.

1. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn Asɛm ma yehu Kristofo a wɔasra wɔn no, na adwuma bɛn na Yesu de maa wɔn?

ONYANKOPƆN ASƐM ma yehu sɛ Kristofo a wɔasra wɔn a wɔhwɛ Kristo nneɛma so wɔ asase so no ne “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no. Bere a Kristo bɛhwɛɛ “akoa” no wɔ afe 1918 mu no, ohui sɛ wɔn a wɔasra wɔn a wɔwɔ asase yi so no gu so rema honhom fam “aduan bere a ɛsɛ mu.” Ɛno nti, Yesu a ɔyɛ Owura no ani sɔɔ wɔn, na ɛno akyi no, ɔde wɔn ‘sii nea ɔwɔ nyinaa so.’ (Kenkan Mateo 24:45-47.) Wɔn a wɔasra wɔn no nam saa kwan yi so som Yehowa asomfo afoforo wɔ asase yi so ansa na wɔakonya wɔn apɛgyade wɔ soro.

2. Nneɛma a Yesu wɔ no bi ne dɛn?

2 Owura biara wɔ ne nneɛma anaa n’agyapade so tumi, na otumi de yɛ nea ɔpɛ biara. Nneɛma a Yesu Kristo a ɔne Ɔhene a Yehowa de no asi agua so no wɔ wɔ asase so no ne nneɛma a wɔde yɛ Ahenni no ho adwuma no nyinaa. “Nnipakuw kɛse” a ɔsomafo Yohane huu wɔn wɔ anisoadehu mu no nso ka nneɛma a ɔwɔ no ho. Yohane kaa nnipakuw kɛse no ho asɛm sɛ: “Hwɛ! nnipakuw kɛse bi a obiara ntumi nkan wɔn, a wofi amanaman ne mmusuakuw ne nnipa ne kasa nyinaa mu, gyinagyina ahengua no ne Oguammaa no anim hyehyɛ ntade tenten fitafitaa; na wokurakura berɛw.”—Adi. 7:9.

3, 4. Hokwan kɛse bɛn na nnipakuw kɛse no mufo anya?

3 Saa nnipakuw kɛse no mufo no ka wɔn a Yesu frɛɛ wɔn “nguan foforo” no ho. (Yoh. 10:16) Wɔn anidaso ne sɛ wɔbɛtra ase daa wɔ paradise asase so. Wɔwɔ ahotoso sɛ Yesu ‘bɛkyerɛ wɔn kwan akɔ nkwa asuti ho,’ na “Nyankopɔn bɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa.” Esiane sɛ wɔwɔ saa anidaso no nti, “wɔahoro wɔn ntade ma ayɛ fitaa Oguammaa no mogya mu.” (Adi. 7:14, 17) Wɔwɔ Yesu afɔre no mu gyidi, ma enti, wɔ Onyankopɔn anim no, wɔhyehyɛ ‘ntade fitaa.’ Wɔabu wɔn sɛ wɔyɛ treneefo a wɔyɛ Onyankopɔn nnamfo te sɛ Abraham.

4 Bio nso, esiane sɛ Onyankopɔn bu nguan foforo no mu nnipakuw kɛse a wɔredɔɔso no treneefo nti, wobetumi ahwɛ kwan sɛ wobegye wɔn nkwa bere a wɔresɛe nneɛma nhyehyɛe yi wɔ ahohiahia kɛse no mu no. (Yak. 2:23-26) Wobetumi abɛn Yehowa, na sɛ́ nnipakuw no, wɔhwɛ kwan sɛ wobenya wɔn ti adidi mu wɔ Harmagedon. (Yak. 4:8; Adi. 7:15) Wɔnyɛ nea wɔn ankasa pɛ, na mmom wɔpɛ sɛ wɔsom wɔ ɔsoro Hene no ne ne nuanom a wɔasra wɔn a wɔwɔ asase so no akwankyerɛ ase.

5. Dɛn na nnipakuw kɛse no mufo yɛ de boa Kristo nuanom a wɔasra wɔn no?

5 Satan wiase no de ɔsɔretia a emu yɛ den aba Kristofo a wɔasra wɔn no so, na ɛbɛkɔ so asɔre atia wɔn. Nanso, wobetumi anya ahotoso sɛ wɔn mfɛfo nnipakuw kɛse no bɛboa wɔn. Bere a Kristofo a wɔasra wɔn no so atew seesei no, nnipakuw kɛse no de, afe biara, nnipa ɔpehaha pii bɛka wɔn ho. Wɔn a wɔasra wɔn no ankasa ntumi nhwɛ Kristofo asafo ahorow bɛyɛ 100,000 a ɛwɔ wiase nyinaa no mu biara so. Enti, mmoa a wɔn a wɔasra wɔn no nya fi nguan foforo no hɔ mu biako ne sɛ, wɔma nnipakuw kɛse no mu mmarima a wɔfata no som sɛ asafo mu mpanyimfo. Saa mpanyimfo no boa ma wɔhwɛ Kristofo ɔpepem pii a mprempren wɔde wɔn ahyɛ “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no nsa no so.

6. Ɔkwan bɛn so na wɔhyɛɛ nkɔm sɛ nguan foforo no a wɔyɛ Kristofo a wɔasra wɔn no ahokafo bɛboa wɔn?

6 Odiyifo Yesaia hyɛɛ nkɔm sɛ nguan foforo no a wɔyɛ Kristofo a wɔasra wɔn no ahokafo no befi wɔn pɛ mu aboa wɔn. Ɔkyerɛwee sɛ: “Nea Yehowa aka ni: ‘Misraim apaafo a wontua wɔn ka ne Etiopia aguadifo ne Saba mmarima atenten bɛba wo nkyɛn, na wɔbɛyɛ wo dea. Wobedi w’akyi.’” (Yes. 45:14, NW) Wɔ sɛnkyerɛnne kwan so no, Kristofo a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtra asase so a wɔwɔ hɔ nnɛ no di akoa kuw a wɔasra wɔn no ne ne Sodikuw no akyi, na wodi wɔn akwankyerɛ so. Sɛ́ “apaafo a wontua wɔn ka” no, nguan foforo no fi wɔn pɛ mu ne wɔn koma nyinaa mu de wɔn ahoɔden ne wɔn ahode boa asɛnka adwuma a Kristo de ahyɛ n’akyidifo a wɔasra wɔn a wɔwɔ asase so no nsa a wɔreyɛ wɔ wiase nyinaa no.—Aso. 1:8; Adi. 12:17.

7. Adwuma bɛn na wɔretete nnipakuw kɛse no mufo ama wɔayɛ?

7 Bere a nnipakuw kɛse no mufo reboa wɔn nuanom a wɔasra wɔn no, ná wɔn a wɔasra wɔn no nso de ntetee rema nnipakuw kɛse no mufo ma wɔabɛyɛ adesamma abusua foforo a wɔbɛtra ase wɔ Harmagedon akyi no fapem. Ɛsɛ sɛ saa fapem no yɛ den, ná emufo no yɛ nkurɔfo a wɔwɔ ɔpɛ sɛ wobegye Owura no akwankyerɛ atom na wɔde ayɛ adwuma. Wɔama Kristoni biara anya hokwan de reda ne ho adi sɛ ɔyɛ obi a Ɔhene Kristo Yesu betumi de no ayɛ adwuma. Sɛ Kristoni bi nya gyidi na odi nokware nnɛ a, ná ɔreda ne ho adi sɛ sɛ Ɔhene no de akwankyerɛ ma no wɔ wiase foforo no mu a, ɔde bɛyɛ adwuma.

Nnipakuw Kɛse no Da Wɔn Gyidi Adi

8, 9. Dɛn na nnipakuw kɛse no mufo reyɛ de ada wɔn gyidi adi?

8 Kristofo a wɔasra wɔn asafo no ahokafo a wɔne nguan foforo no da wɔn gyidi adi wɔ akwan pii so. Nea edi kan no, wɔboa wɔn a wɔasra wɔn no ma wɔka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no. (Mat. 24:14; 28:19, 20) Nea ɛto so abien ne sɛ, wofi wɔn pɛ mu tie Sodikuw no akwankyerɛ.—Heb. 13:17; kenkan Sakaria 8:23.

9 Nea ɛto so abiɛsa no, nnipakuw kɛse no mufo de Yehowa trenee nnyinasosɛm bɔ wɔn bra de boa wɔn nuanom a wɔasra wɔn no. Wɔbɔ mmɔden nso sɛ wobenya “ɔdɔ, anigye, asomdwoe, abodwokyɛre, ayamye, papayɛ, gyidi, odwo, ahosodi.” (Gal. 5:22, 23) Ɛnnɛ, sɛ wode saa su ahorow yi bɔ wo bra na woanyɛ “ɔhonam nnwuma” no bi a, ebia nkurɔfo ani rennye wo ho. Nanso, nnipakuw kɛse no mufo asi wɔn bo sɛ wɔremfa wɔn ho nhyɛ “aguamammɔ, afide, ahohwi, abosonsom, ahonhonsɛmdi, nitan, ntawntawdi, ahoɔyaw, bobɔne, mansotwe, mpaapaemu, fekusɛm, anibere, akɔwensasɛm, anigye ntraso, ne nneɛma a ɛtete saa” mu.—Gal. 5:19-21.

10. Dɛn na nnipakuw kɛse no mufo asi wɔn bo sɛ wɔbɛyɛ?

10 Esiane sɛ yɛnyɛ pɛ nti, ebetumi ayɛ den ama yɛn sɛ yɛbɛsow honhom aba, akwati ɔhonam nnwuma no, na yɛako atia nhyɛso a Satan wiase no de ba yɛn so no. Nanso, yɛasi yɛn bo sɛ yɛremma yɛn ankasa mmerɛwyɛ, akwanside ahorow, ne nipaduam mmerɛwyɛ, mmu yɛn abam mma ɛnsɛe gyidi ne ɔdɔ a emu yɛ den a yɛwɔ ma Yehowa no. Yenim sɛ Yehowa bɛyɛ nea waka no—obegye nnipakuw kɛse no nkwa wɔ ahohiahia kɛse no mu.

11. Akwan bɛn na Satan abɔ mmɔden sɛ ɔnam so bɛsɛe Kristofo gyidi?

11 Nanso, yɛma yɛn ani da hɔ bere nyinaa efisɛ yenim sɛ yɛn tamfo ankasa ne Ɔbonsam, na ɔmpa abaw da. (Kenkan 1 Petro 5:8.) Ɔbonsam abɔ mmɔden sɛ ɔnam awaefo ne afoforo so bɛma yɛagye adi sɛ nkyerɛkyerɛ a yedi akyi no yɛ atoro. Nanso, saa kwan a ɔfa so no ntaa nyɛ adwuma. Saa ara na ɛwom sɛ ɛtɔ mmere bi na ɔde ɔtaa ba yɛn so a ɛma asɛnka adwuma no brɛ ase de, nanso mpɛn pii no, ɔtaa no hyɛ wɔn a wohyia ɔtaa no gyidi den mmom. Enti, Satan ayere ne ho paa refa ɔkwan bi a ogye di sɛ obetumi de asɛe yɛn gyidi so. Ɔde abasamtu di dwuma. Wɔbɔɔ Kristofo a wɔtraa ase wɔ afeha a edi kan no mu kɔkɔ wɔ eyi ho. Wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monnwene [Kristo a] ogyinaa pintinn wɔ nnebɔneyɛfo ntuatuaano mu a amfa mfaso ammrɛ wɔn no ho yiye.” Dɛn nti na ɔkaa saa? Sɛnea ɛbɛyɛ na ‘wɔremmrɛ, na wɔmpa abaw.’—Heb. 12:3.

12. Ɔkwan bɛn so na Bible mu afotu hyɛ wɔn a wɔn abam abu no den?

12 So woate nka da sɛ wopɛ sɛ wugyae Yehowa som? So ɛtɔ mmere bi a, wote nka sɛ woantumi anni Yehowa nokware? Sɛ ɛte saa a, mma Satan mfa ɛno so mma wunnyae Yehowa som. Sɛ wusua Bible kɔ akyiri, na wufi wo komam bɔ mpae, kɔ asafo nhyiam daa, na wo ne wo mfɛfo Kristofo bɔ a, ɛbɛhyɛ wo den na ‘woampa abaw.’ Yehowa ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛboa wɔn a wɔsom no no ma wɔanya ahoɔden foforo, na yebetumi de yɛn ho ato ne bɔhyɛ so. (Kenkan Yesaia 40:30, 31.) Fa w’adwene si Ahenni adwuma no so. Nsɛe bere wɔ nneɛma a mfaso nni so ho, na kɔ so boa afoforo. Sɛ woyɛ saa a, ɛbɛhyɛ wo den ma woatumi agyina abasamtu ano.—Gal. 6:1, 2.

Wogye Wɔn Fi Ahohiahia no mu De Wɔn Kɔ Wiase Foforo no Mu

13. Adwuma bɛn na wɔn a wobenya nkwa wɔ Harmagedon no bɛyɛ?

13 Wɔ Harmagedon akyi no, ɛho behia sɛ wɔde Yehowa akwan kyerɛkyerɛ nnipa pii a wɔnteɛ a wobenya owusɔre no. (Aso. 24:15) Ebehia sɛ wosua Yesu agyede afɔre no ho ade; afei nso, ɛsɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ wɔn ma wonya saa afɔrebɔ no mu gyidi sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya so mfaso. Ebehia sɛ woyi wɔn adwene fi atoro nkyerɛkyerɛ a na wokura no so, na wɔtwe wɔn ho fi wɔn kan abrabɔ no ho. Ɛsɛ sɛ wɔhyɛ nipasu foforo a ɛma wohu wɔn a wɔyɛ nokware Kristofo no. (Efe. 4:22-24; Kol. 3:9, 10) Nguan foforo no mufo a wobenya nkwa wɔ Harmagedon no benya adwuma pii ayɛ. Hwɛ anigye ara a ɛbɛyɛ sɛ wɔbɛyɛ adwuma a ɛte saa ama Yehowa wɔ bere a wiase bɔne yi mu nhyɛso ne emu nneɛma a ɛtwetwe adwene biara nni hɔ no!

14, 15. Kyerɛkyerɛ nkɔmmɔbɔ a ɛbɛkɔ so wɔ wɔn a wobenya nkwa wɔ ahohiahia kɛse no mu ne wɔn a wobenya owusɔre no ntam no mu.

14 Yehowa asomfo anokwafo a wowuwui ansa na Yesu rebɛyɛ n’asase so som adwuma no nso besua nneɛma pii saa bere no. Wobehu onii a ɔbɛyɛɛ Mesia a na wɔahyɛ no ho bɔ sɛ ɔbɛba a wɔhwɛɛ kwan sɛ wobehu no nanso wɔanhu no no. Bere a na wɔte ase no, wɔdaa wɔn ho adi sɛ wɔyɛ nkurɔfo a wɔpɛ sɛ Yehowa kyerɛkyerɛ wɔn. Hwɛ anigye ne hokwan a yebenya sɛ yɛbɛboa wɔn. Sɛ nhwɛso no, yɛbɛkyerɛkyerɛ Daniel ma wahu sɛnea nkɔmhyɛ ahorow a ɔkyerɛwee a na ɔnte ase no nyaa mmamu!—Dan. 12:8, 9.

15 Nokwarem no, ɛwom sɛ wɔn a wobenya owusɔre no besua nneɛma pii afi yɛn hɔ de, nanso yɛn nso yɛwɔ nsɛm pii a yebebisa wɔn. Wobetumi akyerɛkyerɛ nsɛm bi a wɔaka ho asɛm wɔ Bible mu nanso wɔankyerɛkyerɛ mu ankɔ akyiri no mu akyerɛ yɛn. Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ anigye sɛ yɛbɛte Yesu ho nsɛm pii afi Yesu maame nua ba Yohane Osuboni no hɔ! Akyinnye biara nni ho sɛ, nsɛm a ɛte saa a yɛbɛte afi adansefo anokwafo no hɔ no bɛma yɛate Onyankopɔn Asɛm ase yiye asen ntease a yɛwɔ nnɛ no. Yehowa asomfo anokwafo a wɔawuwu, a nnipakuw kɛse no mufo a wowuwui wɔ awiei bere no mu ka ho no benya “owusɔre a eye kyɛn so.” Wofii ase som Yehowa wɔ wiase a na Satan di so no mu. Hwɛ anigye a wobenya sɛ wɔbɛkɔ so asom Onyankopɔn wɔ wiase foforo a ɔhaw biara nnim no mu!—Heb. 11:35; 1 Yoh. 5:19.

16. Sɛnea Bible nkɔmhyɛ kyerɛ no, Atemmu Da no bɛkɔ so dɛn?

16 Sɛ edu bere bi wɔ Atemmu Da no mu a, wobebuebue nhoma mmobɔwee mu. Wobegyina nhoma mmobɔwee no ne Bible so titiriw na abu nnipa nyinaa atɛn, na ama wɔahu wɔn a wɔbɛfata sɛ wonya daa nkwa no. (Kenkan Adiyisɛm 20:12, 13.) Ebedu Atemmu Da no awiei no, ná onipa biara anya bere a ɛfata a ɔde bɛkyerɛ baabi a ogyina wɔ amansan tumidi ho asɛm no mu. So obegye Ahenni no atom na wama Oguammaa no akyerɛ no kwan akɔ “nkwa asuti ho”? Anaasɛ ɔremmrɛ ne ho ase mma Onyankopɔn Ahenni no? (Adi. 7:17; Yes. 65:20) Ebedu saa bere no, na nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa anya hokwan asi wɔn ankasa gyinae, a bɔne a wɔde woo wɔn ne wiase bɔne yi mu nneɛma annya wɔn so nkɛntɛnso. Obiara nni hɔ a obetumi aka sɛ Yehowa atemmu a etwa to no mfata. Ɛyɛ abɔnefo nkutoo na wɔbɛsɛe wɔn afebɔɔ.—Adi. 20:14, 15.

17, 18. Anigye bɛn na Kristofo a wɔasra wɔn no ne nguan foforo no de hwɛ Atemmu Da no kwan?

17 Esiane sɛ wɔabu Kristofo a wɔasra wɔn a wɔwɔ hɔ nnɛ no sɛ wɔfata sɛ wonya Ahenni no nti, wɔde anigye hwɛ kwan sɛ wobedi ade wɔ Atemmu Da no mu. Hwɛ hokwan kɛse a wobenya! Saa anidaso a wɔwɔ no kanyan wɔn ma wotie Petro afotu a ɔde maa wɔn nuanom a wɔtraa ase wɔ afeha a edi kan no mu no. Otuu wɔn fo sɛ: “Monyɛ nea mubetumi biara mma frɛ a wɔafrɛ mo ne paw a wɔapaw mo no nni mu; na sɛ mokɔ so yɛ saa a, morenhwe ase da. Nokwasɛm ni, ɛbɛma moanya hokwan kɛse akɔ yɛn Awurade ne yɛn Agyenkwa Yesu Kristo daa ahenni no mu.”—2 Pet. 1:10, 11.

18 Nguan foforo no ani agye sɛ wɔn nuanom a wɔasra wɔn no wɔ anidaso a ɛte saa. Wɔasi wɔn bo sɛ wɔbɛboa wɔn. Ɛnnɛ, esiane sɛ nguan foforo no yɛ Onyankopɔn nnamfo nti, ɛhyɛ wɔn nkuran ma wɔyɛ nea wobetumi nyinaa wɔ Onyankopɔn som mu. Wɔ Atemmu Da no mu no, bere a Yesu de wɔn rekɔ nkwa asuti no ho no, wobedi ahurusi na wɔafi wɔn koma nyinaa mu aboa ma Onyankopɔn nhyehyɛe akɔ so. Afei, awiei koraa no, wobebu wɔn sɛ wɔfata sɛ wɔyɛ Yehowa asomfo a wɔbɛtra asase so daa daa!—Rom. 8:20, 21; Adi. 21:1-7.

So Wokae?

• Nneɛma a Yesu wɔ no bi ne dɛn?

• Dɛn na nnipakuw kɛse no mufo yɛ de boa wɔn nuanom a wɔasra wɔn no?

• Ɔsom ho kwan ahorow ne anidaso bɛn na nnipakuw kɛse no mufo anya?

• Wubu Atemmu Da no dɛn?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 25]

Nnipakuw kɛse no mufo ahoro wɔn ntade ma ayɛ fitaa wɔ Oguammaa no mogya mu

[Mfonini wɔ kratafa 27]

Dɛn na wohwɛ kwan sɛ wubesua afi anokwafo a wobenya owusɔre no hɔ?