Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wɔabu Wɔn Sɛ Wɔfata Sɛ Wonya Ahenni No

Wɔabu Wɔn Sɛ Wɔfata Sɛ Wonya Ahenni No

Wɔabu Wɔn Sɛ Wɔfata Sɛ Wonya Ahenni No

“Eyi na edi Nyankopɔn atemmu a ɛteɛ ho adanse, na ɛma wobu mo sɛ mofata Nyankopɔn ahenni . . . no.”—2 TES. 1:5.

1, 2. Atɛn bɛn na Onyankopɔn abɔ ne tirim sɛ obebu, na hena na obebu atɛn no?

BƐYƐ afe 50 wɔ Yesu Bere so no, ná ɔsomafo Paulo wɔ Atene. Bere a ohuu sɛnea na nkurɔfo a wɔwɔ hɔ no resom abosom no, ɛhaw no, na ɔde anifere dii wɔn adanse. Ɛbɛyɛ sɛ, asɛm a ɔka de wiee ne kasa no maa n’atiefo a na wɔyɛ abosonsomfo no susuw nneɛma ho anibere so. Paulo kae sɛ: “Afei [Onyankopɔn reka] akyerɛ adesamma a wɔwɔ mmaa nyinaa sɛ obiara nsakra. Efisɛ wayi da bi asi hɔ a wabɔ ne tirim sɛ ɔnam ɔbarima bi a wapaw no so bebu asase atɛn wɔ trenee mu, na wanyan no afi owu mu de ayɛ nnyinasode ama nnipa nyinaa.”—Aso. 17:30, 31.

2 Hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ yesusuw asɛm a ɛne sɛ Onyankopɔn ayi da bi asi hɔ a ɔde bebu nnipa atɛn no ho anibere so! Ɛwom sɛ Paulo ammɔ onii a obebu atɛn no din wɔ ɔkasa a ɔmae wɔ Atene no mu de, nanso yɛn de, yenim sɛ ɔno ne Yesu Kristo a wɔanyan no afi awufo mu no. Atɛn a Yesu bebu no bɛyɛ owu ne nkwa asɛm.

3. Dɛn nti na Yehowa ne Abraham yɛɛ apam, na hena na obedi dwuma titiriw ma apam no abam?

3 Saa Atemmu Da no tenten bɛyɛ mfe 1,000. Yesu bɛtra atemmu agua so wɔ Yehowa din mu sɛ Onyankopɔn Ahenni no so Hene, nanso ɛnyɛ ɔno nkutoo na obebu atɛn no. Yehowa apaw afoforo afi nnipa mu sɛ wɔne Yesu nkodi hene na wommu atɛn wɔ saa mfirihyia apem no mu. (Fa toto Luka 22:29, 30 ho.) Bɛyɛ mfe 4,000 a atwam ni na Yehowa too saa Atemmu Da no fapem bere a ɔne ne somfo nokwafo Abraham yɛɛ apam no. (Kenkan Genesis 22:17, 18.) Ɛda adi sɛ, saa apam no fii ase yɛɛ adwuma wɔ afe 1943 A.Y.B. mu. Nokwarem no, Abraham antumi anhu mfaso a ná nnipa benya afi saa apam no so no nyinaa. Nanso, yɛn a yɛwɔ hɔ nnɛ no tumi hu nea na ɛwɔ apam no mu a ɛno ne sɛ, Abraham aseni no bedi dwuma titiriw bi ma Onyankopɔn tirim a wabɔ sɛ obebu nnipa atɛn no abam.

4, 5. (a) Hena ne Abraham aseni no mu otitiriw no, na asɛm bɛn na ɔka faa Ahenni no ho? (b) Bere bɛn na wobuee hokwan maa ebinom nyaa anidaso sɛ wobedi ade wɔ Ahenni no mu?

4 Yesu a wɔde honhom kronkron sraa no wɔ afe 29 Y.B. mu no na ɔbɛyɛɛ Abraham aseni no mu otitiriw, Mesia anaa Kristo, a wɔhyɛɛ ne ho bɔ no. (Gal. 3:16) Ná Yesu de mfe abiɛsa a edi hɔ no bɛka Ahenni no ho asɛmpa akyerɛ Yuda man no. Bere a wɔkyeree Yohane Osuboni akyi no, Yesu daa no adi sɛ, nnipa foforo betumi anya anidaso sɛ wɔne no bedi ade wɔ Ahenni no mu. Ɔkae sɛ: “Efi Yohane Suboni bere so besi sesɛɛ, ɔsoro ahenni no ne botae a nnipa repere adu ho, na wɔn a wɔrepere adu ho no so mu denneennen.”—Mat. 11:12.

5 Ansa na Yesu reka wɔn a ‘wobeso’ ɔsoro Ahenni no mu ‘denneennen’ ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Nokwarem mise mo sɛ, wɔn a mmea awo wɔn mu no, obiara nsɔree a ɔyɛ kɛse sen Yohane Suboni; nanso nea osua wɔ ɔsoro ahenni no mu yɛ kɛse sen no.” (Mat. 11:11) Dɛn nti na Yesu kaa saa? Efisɛ, saa bere no, na wommuee hokwan a ɛbɛma nnipa anokwafo anya anidaso sɛ wɔne Kristo bedi ade wɔ Ahenni no mu no kosii sɛ wohwiee honhom kronkron guu asuafo no so wɔ Pentekoste afe 33 Y.B. mu. Saa bere no, ná Yohane Osuboni no awu dedaw.—Aso. 2:1-4.

Wɔabu Abraham Aseni no Treneefo

6, 7. (a) Ɔkwan bɛn so na na Abraham aseni no bɛyɛ te “sɛ ɔsoro nsoromma”? (b) Nhyira bɛn na Abraham nyae, na nhyira a ɛte saa ara bɛn na n’aseni no mufo nso nya?

6 Wɔka kyerɛɛ Abraham sɛ, n’aseni no mufo bɛdɔɔso na wɔayɛ “sɛ ɔsoro nsoromma” ne mpoano nhwea. (Gen. 13:16; 22:17) Ɔkwan foforo so no, wɔ Abraham bere so no, na ɛyɛ den sɛ nnipa betumi ahu nnipa dodow a wɔbɛbom ayɛ aseni no. Nanso, akyiri yi, wɔma wohuu Abraham honhom fam aseni no mufo dodow ankasa. Ná nnipa 144,000 na wɔde wɔn bɛka Yesu ho.—Adi. 7:4; 14:1.

7 Onyankopɔn Asɛm ka Abraham gyidi ho asɛm sɛ: ‘Abraham gyee Yehowa dii, na obuu eyi sɛ trenee maa no.’ (Gen. 15:5, 6) Nokwarem no, onipa biara nni hɔ a ne trenee wie pɛyɛ. (Yak. 3:2) Nanso, esiane sɛ Abraham nyaa gyidi soronko nti, Yehowa hui sɛ ɔteɛ, na ɔfrɛɛ no n’adamfo mpo. (Yak. 2:23) Wɔabu wɔn a wɔbom yɛ Abraham honhom fam aseni no mufo ne Yesu nso sɛ treneefo, na eyi ma wonya nhyira pii sen Abraham.

8. Nhyira ahorow bɛn na Abraham aseni no mufo benya?

8 Esiane sɛ Kristofo a wɔasra wɔn no anya Yesu agyede afɔre no mu gyidi nti, wɔabu wɔn treneefo. (Rom. 3:24, 28) Wɔ Yehowa ani so no, wɔabu wɔn bem afi wɔn bɔne ho, na wobetumi de honhom kronkron asra wɔn ma wɔabɛyɛ Onyankopɔn mma ne Yesu Kristo nuanom nso. (Yoh. 1:12, 13) Wɔde wɔn aba apam foforo no mu, na wɔayɛ wɔn ɔman foforo, “Nyankopɔn Israel.” (Gal. 6:16; Luka 22:20) Hokwan kɛse bɛn ara ni! Esiane nea Onyankopɔn ayɛ ama Kristofo a wɔasra wɔn yi nti, wonni anidaso sɛ wɔbɛtra asase so daa. Wɔde saa anidaso no abɔ afɔre de asesa anigye kɛse a wobenya sɛ wɔne Yesu bebu atɛn wɔ Atemmu Da no mu no, na wɔne no adi ade wɔ soro.—Kenkan Romafo 8:17.

9, 10. (a) Bere bɛn na wodii kan de honhom kronkron sraa Kristofo, na dɛn na na wobenya? (b) Mmoa bɛn na wɔde maa Kristofo a wɔasra wɔn no?

9 Wɔ Pentekoste afe 33 Y.B. mu no, wɔmaa nnipa anokwafo bi nyaa hokwan sɛ wɔbɛka wɔn a wɔne Yesu bedi ade wɔ Atemmu Da no mu no ho. Wɔde honhom kronkron bɔɔ Yesu asuafo bɛyɛ 120 asu ma wɔbɛyɛɛ Kristofo a wɔasra wɔn no mufo a wodi kan. Nanso, wɔ wɔn fam no, na ɛno yɛ mfiase ara kwa. Efi saa bere no, ɛmfa ho sɔhwɛ ahorow a na Satan de bɛba wɔn so nyinaa akyi no, ná ɛsɛ sɛ wɔkɔ so di nokware ma Yehowa. Ná ɛsɛ sɛ wɔkɔ so di nokware kosi owu mu ansa na wɔanya nkwa abotiri no wɔ soro.—Adi. 2:10.

10 Ɛno nti, Yehowa nam n’Asɛm ne Kristofo asafo no so de afotu ne nkuranhyɛ a na Kristofo a wɔasra wɔn no hia maa wɔn. Sɛ nhwɛso no, ɔsomafo Paulo kyerɛw Kristofo a wɔasra wɔn a na wɔwɔ Tesalonika no sɛ: “Sɛnea yɛkɔɔ so tuu mo mu biara fo sɛnea agya yɛ ne mma, na yɛkyekyee mo werɛ dii mo adanse, sɛnea ɛbɛyɛ na moakɔ so anantew sɛnea ɛsɛ Onyankopɔn a ɔrefrɛ mo akɔ n’ahenni ne n’anuonyam mu no.”—1 Tes. 2:11, 12.

11. Nhoma bɛn na Yehowa ma wɔkyerɛw maa “Nyankopɔn Israel” no mufo?

11 Bere a wodii kan paw Kristofo a wɔasra wɔn no asafo no mufo akyi bɛboro mfe 60 no, Yehowa hui sɛ ɛfata sɛ ɔma wɔyɛ Yesu som adwuma a ɔbɛyɛe wɔ asase so no ho kyerɛwtohɔ, na wɔkora so. Ɔma wɔkyerɛw sɛnea Yesu ne Kristofo a wɔasra wɔn a wɔtraa ase wɔ afeha a edi kan no mu dii nsɛm, ne afotu a ɔde maa wɔn no nso too hɔ. Yehowa nam saa kwan yi so de Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm a ɔma wɔde ne honhom kyerɛwee no bɛkaa Hebri Kyerɛwnsɛm a na ɔde ne honhom akyerɛw a ɛwɔ hɔ dedaw no ho. Wodii kan kyerɛw Hebri Kyerɛwnsɛm no maa honam fam Israel bere a na wɔne Onyankopɔn wɔ abusuabɔ soronko no. Wɔkyerɛw Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no maa “Nyankopɔn Israel” a wɔne Kristo nuanom a wɔasra wɔn a wɔn ara nso ne Onyankopɔn honhom fam mma no titiriw. Nanso, na ɛno nkyerɛ sɛ sɛ wɔn a wɔnyɛ Israelfo no sua Hebri Kyerɛwnsɛm no a, ná wɔrennya so mfaso pii. Saa ara na sɛ Kristofo a wɔmfaa honhom kronkron nsraa wɔn no nso sua Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no na wɔde emu afotu no bɔ wɔn bra a, wobenya so mfaso pii.—Kenkan 2 Timoteo 3:15-17.

12. Asɛm bɛn na Paulo kaee Kristofo a wɔasra wɔn no?

12 Wobuu afeha a edi kan no mu Kristofo no treneefo, na wɔde honhom kronkron sraa wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya wɔn soro apɛgyade no. Honhom a wɔde sraa wɔn no amma wɔanyɛ ahemfo wɔ wɔn mfɛfo Kristofo a wɔasra wɔn no so wɔ bere a na wɔda so wɔ asase so no. Ɛda adi sɛ, tete Kristofo binom buu wɔn ani guu saa asɛm yi so, na wofii ase hwehwɛɛ dibea a ɛmfata wɔ wɔn nuanom mu wɔ asafo no mu. Ɛno maa Paulo bisaa wɔn sɛ: “Sɛ́ moamee dedaw? Sɛ́ moanya mo ho dedaw? Sɛ́ moafi ase redi ade a yɛnka ho? Me yam a anka moafi ase redi ade ankasa, na yɛn nso yɛaka mo ho ne mo adi ade.” (1 Kor. 4:8) Enti, Paulo kaee ne beresofo a na wɔasra wɔn no sɛ: “Yɛnyɛ mo wuranom mo gyidi so, na mmom yɛyɛ mfɛfo adwumayɛfo a yɛboa ma mo ani gye.”—2 Kor. 1:24.

Sɛnea Wonyaa Nnipa Dodow a Wɔhyɛɛ Wɔn Ho Nkɔm No

13. Wɔ afe 33 Y.B. mu akyi no, ɔkwan bɛn so na wɔpaw wɔn a wɔasra wɔn?

13 Wɔampaw Kristofo a wɔasra wɔn a wɔn dodow si 144,000 no nyinaa wɔ afeha edi kan no mu. Wɔkɔɔ so paw wɔn wɔ asomafo no bere so, na afei wɔpaw wɔn nkakrankakra. Nanso, wɔtoaa so paw wɔn wɔ mfehaha a edii hɔ no mu de abesi nnɛ. (Mat. 28:20) Awiei koraa no, bere a Yesu fii ase dii ade wɔ afe 1914 mu no, wɔpaw wɔn ntɛmntɛm.

14, 15. Wɔ yɛn bere yi so no, dɛn na akɔ so wɔ wɔn a wɔasra wɔn no a wɔpaw wɔn no mu?

14 Nea edi kan no, Yesu tuu wɔn a wɔsɔre tia Onyankopɔn nniso no nyinaa fii soro. (Kenkan Adiyisɛm 12:10, 12.) Afei, ɔde n’adwene sii Ahenni nniso no mufo a wɔaka a wɔbɛboaboa wɔn ano ma wɔn dodow adu 144,000 no so. Ɛda adi sɛ, eduu afe 1930 mfe no mfinimfini no, na wɔreyɛ awie wɔn a wɔasra wɔn no anoboaboa no. Ná wɔn a wɔretie asɛmpa no mu pii nni anidaso biara sɛ wɔbɛkɔ soro. Ná honhom no nni wɔn adanse sɛ wɔyɛ Onyankopɔn mma. (Fa toto Romafo 8:16 ho.) Mmom no, wohui sɛ wɔka “nguan foforo” a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtra ase daa wɔ paradise asase so no ho. (Yoh. 10:16) Enti, wɔ afe 1935 akyi no, wɔde wɔn adwene sii “nnipakuw kɛse” no a ɔsomafo Yohane huu wɔn wɔ anisoadehu mu a wobetwa “ahohiahia kɛse” no anoboaboa no so titiriw wɔ asɛnka adwuma no mu.—Adi. 7:9, 10, 14.

15 Nanso, efi afe 1930 mfe no mu reba no, wɔapaw nnipa kakra bi ma wɔanya ɔsoro anidaso. Dɛn ntia? Ebetumi aba sɛ wɔpaw wɔn sii nnipa bi a na wɔanya ɔsoro frɛ a wɔankɔ so anni nokware no anan mu. (Fa toto Adiyisɛm 3:16 ho.) Paulo mpo kaa nnipa bi a onim wɔn a na wɔafi nokware no mu ho asɛm. (Filip. 3:17-19) Nnipa bɛn na Yehowa bɛpaw wɔn de wɔn asi nkurɔfo a wɔte saa no anan mu? Nokwarem no, ɛno yɛ Yehowa asɛm. Nanso, ɛbɛyɛ nea ntease wom sɛ ɔbɛpaw nnipa bi a wɔte sɛ asuafo a Yesu ne wɔn kasae bere a ɔde Nkaedi no sii hɔ a na wɔakɔ so asom Yehowa mfe pii no, na ɛnyɛ wɔn a wɔyɛ abɛɛfo wɔ Yehowa som mu. *Luka 22:28.

16. Anisɔ bɛn na yɛanya wɔ nkaefo a wɔwɔ yɛn mu no ho, na dɛn na yebetumi de ahotoso agye adi?

16 Nanso, ɛte sɛ nea ɛnyɛ wɔn a wɔapaw wɔn ma wɔanya ɔsoro anidaso fi afe 1930 mfe no mu nyinaa na wɔpaw wɔn sii ebinom a wɔankɔ so anni nokware no anan mu. Ɛda adi sɛ, Yehowa ahwɛ sɛ ɔbɛma yɛanya Kristofo a wɔasra wɔn no bi wɔ yɛn mu wɔ nhyehyɛe yi nna a edi akyiri yi mu nyinaa kosi sɛ wɔbɛsɛe “Babilon Kɛse” no. * (Adi. 17:5) Na yebetumi anya ahotoso sɛ wobenya 144,000 no mufo nyinaa wɔ Yehowa bere a ɛsɛ mu, na awiei koraa no, wɔn nyinaa bɛkɔ akodi ade wɔ Ahenni no mu. Yebetumi anya nkɔmhyɛ Asɛm no mu gyidi nso sɛ, nnipakuw kɛse a wɔn dodow rekɔ anim bere nyinaa no bɛkɔ so adi nokware sɛ́ kuw. Ɛrenkyɛ, nnipakuw kɛse no ‘befi ahohiahia kɛse’ a ɛbɛba Satan wiase no so no mu, na wɔde anigye akɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu.

Onyankopɔn Nniso a Ɛwɔ Soro no Mufo Dodow Reyɛ Awie Du!

17. Sɛnea 1 Tesalonikafo 4:15-17 ne Adiyisɛm 6:9-11 kyerɛ no, dɛn na Kristofo a wɔasra wɔn a wodii nokware kosii owu mu no anya?

17 Efi afe 33 Y.B. mu no, Kristofo a wɔasra wɔn no mu ɔpedudu pii na wɔada gyidi a emu yɛ den adi, na wɔadi nokware akosi owu mu. Wɔabu saafo yi sɛ wɔfata sɛ wonya Ahenni no. Na ɛda adi sɛ, efi Kristo mmae no mfiase no, wɔanya wɔn akatua wɔ soro.—Kenkan 1 Tesalonikafo 4:15-17; Adiyisɛm 6:9-11.

18. (a) Ahotoso bɛn na wɔn a wɔasra wɔn a wɔda so wɔ asase so no wɔ? (b) Nguan foforo no bu wɔn nuanom Kristofo a wɔasra wɔn no dɛn?

18 Wɔn a wɔasra wɔn a wɔda so wɔ asase so no wɔ ahotoso koraa sɛ, sɛ wɔkɔ so di nokware a, ɛrenkyɛ wɔn nso benya wɔn nokwaredi no so akatua wɔ soro. Sɛ nguan foforo no mufo ɔpepem pii susuw wɔn nuanom a wɔasra wɔn no gyidi ho a, wɔne ɔsomafo Paulo yɛ adwene wɔ asɛm a ɔka faa anuanom a wɔasra wɔn a na wɔwɔ Tesalonika no ho no. Ɔkae sɛ: “Yɛn ankasa de mo hoahoa yɛn ho wɔ Onyankopɔn asafo ahorow no mu esiane boasetɔ ne gyidi a moda no adi wɔ mo taa ne ahohiahia a muhyia nyinaa mu nti. Eyi na edi Nyankopɔn atemmu a ɛteɛ ho adanse, na ɛma wobu mo sɛ mofata Nyankopɔn ahenni a ɛno na morehu ho amane no.” (2 Tes. 1:3-5) Bere biara a wɔn a wɔasra wɔn no muni a otwa to bewu afi asase so no, Onyankopɔn soro nniso no mufo no dodow bewie du. Hwɛ anigye ara a eyi de bɛba wɔ ɔsoro ne asase so nyinaa!

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 15 Hwɛ March 1, 1992, Ɔwɛn-Aban no kratafa 20, nkyekyɛm 17.

^ nky. 16 Hwɛ “Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ” a ɛwɔ May 1, 2007 Ɔwɛn-Aban mu no.

Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?

• Asɛm bɛn na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham a na ɛfa Atemmu Da no ho?

• Dɛn nti na wobuu Abraham sɛ ɔtreneeni?

• Dɛn na treneefo a wobu Abraham aseni no mufo no bɛma wɔanya?

• Ahotoso bɛn na Kristofo nyinaa wɔ?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 20]

Yesu hyɛɛ n’akyidifo no nkuran sɛ wɔmpere nnu Ahenni no ho

[Mfonini wɔ kratafa 21]

Yehowa fii ase paw Abraham aseni no mufo a wɔto so abien no wɔ Pentekoste afe 33 Y.B. mu

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Nguan foforo no ani sɔ sɛ Kristofo a wɔasra wɔn no ka wɔn ho wɔ nna a edi akyiri no mu