Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wɔmaa Wɔn Asetra Yɛɛ Nea Mfaso wɔ So—So Wubetumi Ayɛ Saa Ara?

Wɔmaa Wɔn Asetra Yɛɛ Nea Mfaso wɔ So—So Wubetumi Ayɛ Saa Ara?

Wɔmaa Wɔn Asetra Yɛɛ Nea Mfaso wɔ So—So Wubetumi Ayɛ Saa Ara?

NÁ ONUA bi a wɔfrɛ no Marc a ofi Canada yɛ adwuma wɔ adwumakuw bi a wɔhyehyɛ mfiri ma nnwumakuw a wɔde wimhyɛn kɔ wim mu. Ná ɔde ne bere fã na ɛyɛ adwuma no, na na ɔyɛ daa kwampaefo nso. Ɛda bi, ɔpanyin a ɔhwɛ adwuma no so kae sɛ ɔbɛbɔ Marc aba so. Ná ɛno bɛhwehwɛ sɛ Marc de ne bere nyinaa yɛ adwuma no, na ogye akatua pii nso. Dɛn na Marc yɛe?

Bere a onuawa bi a wɔfrɛ no Amy a ofi Philippines rebewie sukuu no, ná ɔyɛ daa kwampaefo. Owiee sukuu akyi no, ne nsa kaa adwuma bi a na akatua wom yiye, nanso ná adwuma no begye ne bere nyinaa. Gyinae bɛn na Amy sii?

Marc ne Amy ansi gyinae koro, na nea ɛtoo wɔn mu biara no ma yehu nyansa a ɛwɔ afotu a wɔde maa Kristofo a na wɔwɔ tete Korinto no mu no so. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Wɔn a wɔde wiase nneɛma di dwuma no mmma ennnye wɔn adwene.”—1 Kor. 7:29-31.

Di Wiase no, Nanso Mma Ennye W’adwene

Ansa na yɛbɛhwɛ nea ɛtoo Marc ne Amy no, ma yensusuw nea asɛm a ɛne “wiase” (anaa, koʹsmos wɔ Hela kasa mu) a Paulo de dii dwuma wɔ ne krataa a ɔde kɔmaa Korintofo mu no kyerɛ no ho tiawa. Wɔ saa Bible mu asɛm no mu no, koʹsmos kyerɛ wiase nhyehyɛe a yɛte mu yi, a ɛno ne nnipa asetram biribiara, na emu bi ne nneɛma a yɛde di dwuma daa wɔ yɛn asetram te sɛ adan, nnuan, ne ntade. Sɛ yɛn mu dodow no ara nsa bɛka saa nneɛma a yehia no da biara da no a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ adwuma. Nokwarem no, ɛsɛ sɛ yedi wiase no na ama yɛatumi adi Kyerɛwnsɛm mu asɛyɛde a yɛwɔ a ɛne sɛ yɛnhwɛ yɛn ho ne yɛn mmusua no ho dwuma. (1 Tim. 5:8) Nanso, bere koro no ara no, yenim sɛ “wiase . . . retwam.” (1 Yoh. 2:17) Enti, yedi wiase no kosi baabi a ɛfata, nanso ‘yɛmma ennye yɛn adwene.’—1 Kor. 7:31.

Bible mu afotu a ɛne sɛ wonni wiase no nkosi baabi a ɛfata no ahyɛ anuanom mmarima ne mmea pii nkuran ma wɔasan ahwehwɛ wɔn asetram nsɛm mu, atew bere a wɔde yɛ honam fam adwuma so, na wɔnhwehwɛ ahonyade pii nso. Bere a wɔyɛɛ saa no, ankyɛ na wohui sɛ wɔn asetra ayɛ nea mfaso wɔ so ankasa, efisɛ wonyaa bere pii maa wɔn mmusua, na wotumi yɛɛ pii wɔ Yehowa som mu nso. Bio nso, ahonyade a wɔmfa wɔn bere nyinaa nni akyi no ama wɔde wɔn ho ato Yehowa so kɛse sen sɛ wɔde wɔn ho bɛto wiase no so. So wo nso wubetumi ayɛ saa ara, na woatew nneɛma a wohwehwɛ wɔ asetram no so sɛnea ɛbɛyɛ a wubenya bere pii de ayɛ Onyankopɔn Ahenni no ho adwuma no?—Mat. 6:19-24, 33.

“Yɛte Nka sɛ Yɛabɛn Yehowa Sen Bere Biara”

Marc a yɛkaa ne ho asɛm mfiase no de Bible mu afotu a ɛne sɛ ɛnsɛ sɛ yɛmma wiase no gye yɛn adwene no yɛɛ dwuma. Enti, wannye abasobɔde a na ɛbɛma wanya sika pii no. Nna kakraa bi akyi no, Marc adwumam panyin no kae sɛ wɔbɛma no akatua a ɛsõ sen kan de no sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛyɛ adwuma foforo a wɔpɛ sɛ wɔde ma no no. Marc ka sɛ: “Ná ɛyɛ sɔhwɛ, nanso mannye ɛno nso.” Marc kyerɛkyerɛɛ nea enti a wanyɛ saa no mu sɛ: “Ná me ne me yere Paula nyinaa pɛ sɛ yɛde yɛn bere pii som Yehowa sɛnea yebetumi. Ne saa nti, yesii gyinae sɛ yɛrenhwehwɛ ahonyade pii. Yɛbɔɔ Yehowa mpae de hwehwɛɛ nyansa a yɛde bedu yɛn botae no ho, na yɛhyɛɛ da pɔtẽẽ a yebefi ase de bere pii ayɛ Yehowa som adwuma no.”

Paula kae sɛ: “Ná mede nnansa yɛ adwuma wɔ ayaresabea bi mu sɛ ɔkyerɛwfo, na na m’akatua nso ye. Ná meyɛ daa kwampaefo nso. Ná mepɛ sɛ mekɔsom Yehowa wɔ baabiara a wohia Ahenni adawurubɔfo pii te sɛ nea na Marc nso pɛ sɛ ɔyɛ no. Nanso, bere a mede krataa kɔe sɛ meregyae adwuma no, m’adwumam panyin no ka kyerɛɛ me sɛ, ɔkyerɛwfo panyin adwuma ho kwan abɛda hɔ, na mefata saa dibea no. Ná ɛno ne ɔkyerɛwfo adwuma a akatua wom sen biara wɔ ayaresabea hɔ, nanso migyaee adwuma no a mansesa m’adwene. Bere a mekyerɛkyerɛɛ nea enti a merenyɛ saa adwuma no mu kyerɛɛ me panyin no, ɔkamfoo me wɔ gyidi a mada no adi no ho.”

Ɛno akyi bere tiaa bi no, wɔmaa Marc ne Paula dwumadi sɛ wɔnkɔsom sɛ akwampaefo atitiriw wɔ asafo ketewa bi a ɛwɔ Canada man no fã bi a atew ne ho mu. Dɛn na efii adwuma a wɔkɔyɛe no mu bae? Marc ka sɛ: “Bere a migyaee adwuma a na akatua wom no a na mede bɛyɛ me nkwa nna mu fã ayɛ no, na midwen me daakye ho, nanso Yehowa hyiraa yɛn som adwuma no so. Afoforo a yɛboa wɔn ma wɔsom Onyankopɔn no ama yɛn ani agye kɛse. Bere nyinaa som adwuma a yɛayɛ no nso ama yɛn aware asɔ kɛse. Nneɛma a ɛho hia ankasa a ɛfa Yehowa som ho nkutoo ho nkɔmmɔ na yɛbɔ. Yɛte nka sɛ yɛabɛn Yehowa sen bere biara.” (Aso. 20:35) Paula ka too so sɛ: “Sɛ wugyae w’adwuma na wufi ofie a ahotɔ wom a woatra mu mfe pii no mu a, ɛsɛ sɛ wode wo werɛ nyinaa hyɛ Yehowa mu. Yɛyɛɛ saa, na Yehowa hyiraa yɛn. Yɛn nuanom mmarima ne mmea a wɔda yɛn koma so a wɔwɔ yɛn asafo foforo no mu no ma yehu sɛ wɔdɔ yɛn, na yɛn ho hia wɔn. Seesei, mede m’ahoɔden a kan no na mede yɛ honam fam adwuma no reboa nkurɔfo ma wɔahu Onyankopɔn. Manya anigye mmoroso wɔ saa adwuma yi mu.”

‘Midii Yiye De, Nanso na M’ani Nnye’

Amy a yɛkaa ne ho asɛm mfiase no sii gyinae soronko. Ɔpenee so yɛɛ adwuma a sika wom a ɔde ne bere nyinaa bɛyɛ no. Amy ka sɛ: “Wɔ afe a edi kan no mu no, mekɔɔ so yɛɛ asɛnka adwuma no, nanso mihui sɛ na m’adwene refi Ahenni adwuma no so nkakrankakra rekɔ nkɔso a menya wɔ adwumam no so. Minyaa hokwan ahorow a ɛbɛma makɔ m’anim wɔ adwumam, na mifii ase de me bere nyinaa hwehwɛɛ adwumam dibea. Bere a mibenyaa asɛyɛde pii wɔ adwumam no, nnɔnhwerew a mede kɔ asɛnka no so kɔɔ so tewee. Awiei koraa no, migyaee asɛnka kɔ koraa.”

Sɛ Amy dwennwen saa bere no ho a, ɔka sɛ: “Ná midi yiye wɔ sika fam. Mitutuu akwan pii, na adwuma no maa afoforo dii me ni. Nanso, ná m’ani nnye. Ná mewɔ sika de, nanso na mewɔ ɔhaw pii. Ná minhu nea enti a aba saa. Afei, mibehui sɛ wiase yi mu adwuma a mede me ho ahyɛ mu fee no na na ama mereyɛ ‘ayera afi gyidi no ho’ no. Ɛno nti, na mede ‘yaw pii’ rewowɔ me ho, sɛnea Onyankopɔn Asɛm ka pɛpɛɛpɛ no.”—1 Tim. 6:10.

Dɛn na Amy yɛe? Ɔka sɛ: “Meka kyerɛɛ asafo mu mpanyimfo no sɛ wɔmmoa me mma me ne Onyankopɔn ntam abusuabɔ mu nsan nyɛ den, na mifii ase kɔɔ asafo nhyiam ahorow bio. Bere a wɔreto dwom bi no, misui. Mekaee anigye a na mewɔ wɔ mfe anum a mede yɛɛ akwampaefo adwuma no mu no, ɛmfa ho sɛ na minni sika saa bere no. Mibehui sɛ na ɛsɛ sɛ migyae bere a mesɛe no de di sika akyi no, na mehwehwɛ Ahenni no kan. Mema wɔtew me dibea so wɔ adwumam, na ɛno ma wɔtew m’akatua so ɔha mu 50, na mifii ase kɔɔ asɛnka bio.” Amy de anigye ka sɛ: “Minyaa anigye wɔ mfe kakra a mede yɛɛ akwampae adwuma no mu. Seesei, manya abotɔyam a mannya bi da wɔ bere a na mede me bere dodow no ara yɛ adwuma ma wiase no mu no.”

So wubetumi ayɛ nsakrae wɔ w’asetram na woatew bere a wode hwehwɛ ahonyade no so? Sɛ wode bere a wubenya no yɛ Ahenni no ho adwuma a, wo nso w’asetra bɛyɛ nea mfaso wɔ so.—Mmeb. 10:22.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 19]

So wubetumi ayɛ nsakrae wɔ w’asetram na woatew bere a wode hwehwɛ ahonyade no so?

[Adaka/​Mfonini wɔ kratafa 19]

“M’ani Agye Ho Dedaw!”

Kristoni bi a ɔyɛ asafo mu panyin a wɔfrɛ no David a ɔte United States no ani begyee ho sɛ ɔne ne yere ne ne mma bɛbom ayɛ bere nyinaa som adwuma no. Otumi yɛɛ nhyehyɛe de ne bere fã yɛɛ honam fam adwuma, na ofii ase yɛɛ akwampae adwuma no. So nsakrae a ɔyɛe yi maa n’asetra bɛyɛɛ nea mfaso wɔ so kɛse? Asram bi akyi no, David kyerɛw n’adamfo bi sɛ: “Biribiara nni hɔ a ebetumi ama obi anya akomatɔyam kɛse sen sɛ obenya bere pii ne n’abusua abom asom Yehowa. Nokwarem no, ná misusuw sɛ ebegye bere kakra ansa na m’ani abegye akwampae adwuma no ho, nanso m’ani agye ho dedaw! Ɛma akomatɔyam ankasa.”

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Marc ne Paula wɔ asɛnka mu