Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Wɔn A Wɔpɛ’ Nkwa No Retie Asɛmpa No

‘Wɔn A Wɔpɛ’ Nkwa No Retie Asɛmpa No

‘Wɔn A Wɔpɛ’ Nkwa No Retie Asɛmpa No

“Wɔn a wɔpɛ daa nkwa nyinaa danee gyidifo.”—ASO. 13:48.

1, 2. Dɛn na tete Kristofo no yɛe wɔ Yesu nkɔmhyɛ a ɛne sɛ wɔbɛka asɛmpa no wɔ asase so nyinaa no ho?

WƆAYƐ sɛnea tete Kristofo no tiee Yesu nkɔmhyɛ a ɛne sɛ wɔbɛka Ahenni no ho asɛmpa no wɔ asase so nyinaa no ho kyerɛwtohɔ a ɛyɛ anigye wɔ Bible mu nhoma a ɛne Asomafo Nnwuma no mu. (Mat. 24:14) Asɛmpakafo a wɔyɛ nsi no yɛɛ nhwɛso maa wɔn a na wobedi wɔn akyi no nyinaa. Esiane nsi a Yesu asuafo no de dii adanse wɔ Yerusalem nti, nnipa mpempem pii a na “asɔfo no mu pii” ka ho baa asafo a na ɛwɔ hɔ wɔ afeha a edi kan mu no mu.—Aso. 2:41; 4:4; 6:7.

2 Asɛmpatrɛwfo a na wɔwɔ afeha a edi kan no mu no boaa nnipa pii ma wɔbɛyɛɛ Kristofo. Sɛ nhwɛso no, Filipo kɔkaa asɛm no wɔ Samaria, na nnipa pii tiee no. (Aso. 8:5-8) Paulo ne asuafo afoforo tutuu akwan pii kɔkaa Kristo ho asɛm wɔ Kipro, Asia Kumaa afã bi, Makedonia, Hela, ne Italia. Yudafo ne Helafo pii bɛyɛɛ gyidifo wɔ nkurow a wɔkaa asɛm no wom no mu. (Aso. 14:1; 16:5; 17:4) Tito nso kɔkaa asɛm no wɔ Kreta. (Tito 1:5) Ná Petro reyɛ adwuma no denneennen wɔ Babilon, na eduu bere a ɔkyerɛw ne krataa a edi kan no wɔ afe 62 kosi afe 64 Y.B. mu no, ná Kristofo no aka asɛmpa no wɔ Ponto, Galatia, Kapadokia, Asia, ne Bitinia. (1 Pet. 1:1; 5:13) Hwɛ anigye ara a ɛbɛyɛ sɛ wonyae saa bere no! Afeha a edi kan no mu Kristofo asɛmpakafo no de nsi kaa asɛm no araa ma wɔn atamfo mpo kae sɛ, “wɔadan wiase ani.”—Aso. 17:6; 28:22.

3. Nkɔso bɛn na Ahenni adawurubɔfo renya wɔ asɛnka adwuma no mu nnɛ, na ɛno ma wote nka dɛn?

3 Ɛnnɛ mmere yi mu nso, wɔahyira Kristofo asafo no ma anya nkɔanim kɛse. Sɛ wokenkan Yehowa Adansefo afe afe akontaabu, na wuhu nkɔso a wɔrenya wɔ wiase nyinaa no a, so ɛnhyɛ wo nkuran? So ɛnyɛ wo anigye sɛ wuhu sɛ Ahenni adawurubɔfo no yɛɛ Bible adesua bɛboro ɔpepem asia wɔ afe 2007 ɔsom afe no mu? Bio nso, nnipa dodow a wɔkɔɔ Yesu Kristo wu Nkaedi wɔ afe a etwaam no ma yehu sɛ, nnipa bɛyɛ ɔpepem du a wɔnyɛ Yehowa Adansefo na wɔkyerɛɛ asɛmpa no ho anigye na wɔbaa saa afahyɛ titiriw yi ase. Eyi kyerɛ sɛ, adwuma pii da so ara wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛyɛ.

4. Henanom na wɔretie Ahenni no ho asɛm no?

4 Sɛnea na ɛte wɔ afeha a edi kan no mu no, ɛnnɛ, “wɔn a wɔpɛ daa nkwa nyinaa” regye nokware no. (Aso. 13:48) Yehowa retwe nnipa a wɔte saa no aba n’ahyehyɛde no mu. (Kenkan Hagai 2:7.) Su bɛn na ɛsɛ sɛ yɛkɔ so nya wɔ Kristofo som adwuma no ho na ama yɛatumi aboa ma wɔayɛ anoboaboa adwuma yi yiye?

Ka Asɛm no Kyerɛ Onipa Biara

5. Nnipa bɛn na wonya Yehowa anim dom?

5 Afeha a edi kan no mu Kristofo no hui sɛ “Onyankopɔn nhwɛ nnipa anim, na mmom ɔman biara mu no onipa a osuro no na ɔyɛ adetrenee no, ogye no tom.” (Aso. 10:34, 35) Ɛsɛ sɛ obi a ɔpɛ sɛ ɔne Yehowa ntam yɛ papa no nya Yesu agyede afɔre no mu gyidi. (Yoh. 3:16, 36) Nea Yehowa pɛ ne sɛ “wogye nnipa ahorow nyinaa ma wobenya nokware no ho nimdeɛ a edi mũ.”—1 Tim. 2:3, 4.

6. Dɛn na ɛnsɛ sɛ Ahenni adawurubɔfo yɛ, na dɛn ntia?

6 Ɛbɛyɛ mfomso sɛ adawurubɔfo a wɔka asɛmpa no begyina abusuakuw a nnipa bi fi mu, dibea a wokura wɔ asetram, wɔn ahosiesie, ɔsom a wɔwom, anaa biribi foforo biara so akyerɛ sɛ nnipa no betie asɛm no anaasɛ wɔrentie. Wode susuw ho hwɛ: So ɛnyɛ wo anigye sɛ onipa a odii kan kaa Kyerɛwnsɛm no mu nokware no kyerɛɛ wo no ammu n’ani angu wo so? Dɛn nti na wonka asɛm a ebetumi agye nkwa no nkyerɛ obiara a obetie?—Kenkan Mateo 7:12.

7. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yebu wɔn a yɛka asɛm no kyerɛ wɔn no atɛn?

7 Yesu na Yehowa apaw no sɛ Ɔtemmufo; enti yenni hokwan sɛ yebu obiara atɛn. Eyi fata, efisɛ, esiane sɛ yɛnte sɛ Yesu nti, ‘nea yɛn ani hu’ anaa ‘nea yɛn aso te’ so nkutoo na yebetumi agyina abu atɛn, nanso Yesu de, otumi hu koma ne adwene mu.—Yes. 11:1-5; 2 Tim. 4:1.

8, 9. (a) Ansa na Saul rebɛyɛ Kristoni no, na ɔyɛ onipa bɛn? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ yesua fi ɔsomafo Paulo asɛm no mu?

8 Nnipa ahorow nyinaa bi aba abɛsom Yehowa. Nhwɛso titiriw biako ne Saul a ofi Tarso a akyiri yi wɔbɛfrɛɛ no ɔsomafo Paul no. Ná Saul a ɔyɛ Farisini no mpɛ Kristofo no asɛm koraa. Esiane sɛ na Paulo gye di paa sɛ Kristofo no nyɛ Yehowa asomfo nti na ɔde ɔtaa baa Kristofo asafo no so no. (Gal. 1:13) Wɔ nnipa ani so no, na Paulo nyɛ obi a wɔhwɛ kwan koraa sɛ obetumi abɛyɛ Kristoni. Nanso, Yesu huu biribi pa bi wɔ Saul komam, na ɔpaw no ma ɔkɔyɛɛ adwuma titiriw bi. Ɛno nti, Saul bɛyɛɛ afeha a edi kan no mu Kristofo asafo no mufo a wɔyɛ hyew na wɔyɛ nsi paa no mu biako.

9 Dɛn na yesua fi ɔsomafo Paulo asɛm yi mu? Wɔ yɛn asasesin mu no, ebia nnipakuw bi wom a ɛte sɛ nea wɔn ani nnye asɛm a yɛka no ho. Ɛwom sɛ ebia ɛbɛyɛ yɛn sɛ wɔn mu biara remmɛyɛ nokware Kristoni da de, nanso ɛsɛ sɛ yɛkɔ so ka asɛm no kyerɛ wɔn. Ɛtɔ mmere bi a, nnipa a yɛnhwɛ kwan koraa sɛ wɔn ani begye asɛm no ho mmom no na wotie. Yɛn adwuma ne sɛ yɛbɛkɔ so aka asɛm no akyerɛ nnipa nyinaa a ‘yennyae.’—Kenkan Asomafo Nnwuma 5:42.

Wobehyira Wɔn a Wɔka Asɛm no a ‘Wonnyae No’

10. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛka asɛm no kyerɛ nnipa bi a ɛte sɛ nea wɔn ho yɛ hu no? Ma osuahu ahorow bi a moanya wɔ mo mpɔtam hɔ.

10 Nea yɛn aniwa hu no betumi adaadaa yɛn. Sɛ nhwɛso no, Ignacio * fii ase ne Yehowa Adansefo suaa Bible bere a na ɔda afiase wɔ Amerika Anafo fam man bi mu no. Esiane sɛ na ɔyɛ nnipa basabasa nti, na nkurɔfo suro no. Ɛno nti, sɛ Ignacio mfɛfo nneduafo no yɛ nneɛma tɔn na nneduafo a wɔtɔɔ bi no mpɛ sɛ wotua ka a, Ignacio na na wɔma ɔkɔdan ɛka no ma wɔn. Nanso, bere a Ignacio nyaa nkɔso wɔ Bible a na ɔresua no mu, na ɔde nea na ɔresua no yɛɛ adwuma no, saa osisifo tirimɔdenfo yi bɛyɛɛ ɔyamyefo. Ɛno nti, obiara mmɔ no paa mma ɔnkɔdan ne ka mma no bio, nanso Ignacio ani sɔ nsakrae a Bible mu nokware ahorow ne Onyankopɔn honhom ama no ayɛ no. N’ani gye nso sɛ Ahenni adawurubɔfo a wɔbɔɔ mmɔden ne no suaa ade no ammu wɔn ani angu no so.

11. Dɛn nti na yɛsan kɔ nkurɔfo nkyɛn mpɛn pii?

11 Nea enti a yɛsan kɔ wɔn a yɛaka asɛm no akyerɛ wɔn nkyɛn mpɛn pii no mu biako ne sɛ, wɔn nsɛm tebea ne wɔn suban tumi sesa. Ebia efi bere a yɛkɔɔ wɔn nkyɛn akyi no, yare bi a emu yɛ den abɔ wɔn mu bi, ebinom nso adwuma afi wɔn nsa, anaasɛ wɔn dɔfo bi awu. (Kenkan Ɔsɛnkafo 9:11.) Nsɛm a ɛresisi wɔ wiase no betumi ama nkurɔfo asusuw wɔn daakye ho anibere so. Nsɛm a ɛtete saa betumi ama obi a na anka n’ani nnye asɛm no ho, anaa ɔsɔre tia asɛm no mpo atie. Enti, ɛsɛ sɛ yɛka asɛmpa no kyerɛ afoforo bere biara a ɛfata.

12. Ɛsɛ sɛ yebu nnipa a yɛka asɛm no kyerɛ wɔn no dɛn, na dɛn ntia?

12 Ɛte sɛ nea ɛyɛ nnipa su sɛ wobeyiyi nnipa mu na wɔabu wɔn ani agu wɔn mu binom so. Nanso, Yehowa de, ohu sɛnea obiara te ankasa. Na ohu su pa a obiara wɔ no. (Kenkan 1 Samuel 16:7.) Ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden yɛ saa ara wɔ yɛn asɛnka adwuma no mu. Osuahu ahorow pii ma yehu sɛ, sɛ yenya adwempa wɔ nnipa a yɛka asɛm no kyerɛ wɔn nyinaa ho a, biribi pa fi mu ba.

13, 14. (a) Dɛn nti na ɔkwampaefo bi annya ɔbea bi a ohyiaa no wɔ asɛnka mu no ho adwempa? (b) Dɛn na yebetumi asua afi saa asɛm yi mu?

13 Ná onuawa kwampaefo bi a wɔfrɛ no Sandra a ɔwɔ Caribbean supɔw bi so no reyɛ afie afie asɛnka. Ohyiaa Ruth a na afahyɛ bi adi ne ti paa no. Ná wɔapaw Ruth mprenu sɛ ɔman no afahyɛ hemmaa. Ruth kyerɛɛ asɛmpa a na Sandra reka no ho anigye paa ma enti wɔyɛɛ Bible adesua ho nhyehyɛe. Sandra ka sɛ: “Bere a mekɔɔ Ruth dan mu no, mihuu ne mfonini kɛse bi a otwae bere a na wɔredi afahyɛ no a na wahyehyɛ ne ho, ne afahyɛ no ho abasobɔde ahorow a na wagye. Ɛno ma midii mfomso susuw sɛ esiane sɛ wagye din saa na n’ani gye afahyɛ no ho kɛse nti, ɔnyɛ obi a n’ani betumi agye nokware no ho. Enti migyaee ne nkyɛn kɔ.”

14 Bere bi akyi no, Ruth baa Ahenni Asa so, na bere a wowiee asafo nhyiam no, obisaa Sandra sɛ, “Dɛn nti na womma me nkyɛn ne me mmesua ade bio?” Sandra paa no kyɛw, na wɔyɛɛ nhyehyɛe kɔtoaa adesua no so. Ruth nyaa nkɔso ntɛmntɛm, na oyiyii afahyɛ no ho mfonini no fii ne dan no mu. Ofii ase kɔɔ asafo nhyiam ne asɛnka, na ohyiraa ne nkwa so maa Yehowa. Nokwarem no, Sandra behui sɛ odii mfomso mfiase no.

15, 16. (a) Dɛn na efii adanse a ɔdawurubɔfo bi dii ne busuani no mu bae? (b) Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛma sɛnea yɛn busuani bi te no bu yɛn abam, na mmom yɛkɔ so di no adanse?

15 Adansefo pii aka asɛm no akyerɛ wɔn abusuafo a wɔnyɛ Yehowa Adansefo no ma biribi pa afi mu aba, bere mpo a na ɛte sɛ nea wɔrentie no. Sɛ nhwɛso no, Joyce yɛ Kristoni bea bi a ɔte United States. Ná ne nuabea kunu akɔda afiase mpɛn pii fi bere a na ɔyɛ aberantewaa no. Joyce ka sɛ: “Esiane sɛ na ɔtɔn nnubɔne na ɔnom bi, bɔ korɔn, na ɔyɛɛ nneɛma bɔne pii nti, na nkurɔfo bu no sɛ mfaso biara nni no so. Ɛwom sɛ na ɔyɛ nneɛma bɔne de, nanso mekɔɔ so kaa Bible mu nokware no kyerɛɛ no mfe 37.” Wohyiraa abotare a Joyce nya de boaa ne busuani no so kɛse. Awiei koraa no, saa ɔbarima no fii ase ne Yehowa Adansefo suaa Bible no, na ɔyɛɛ nsakrae pii wɔ n’asetram. Nnansa yi ara, Joyce nuabea kunu no bɔɔ asu wɔ ɔmantam nhyiam bi a wɔyɛe wɔ California, U.S.A., no ase bere a na wadi mfe 50. Joyce ka sɛ: “M’ani gyei araa ma misui. Ɛyɛ me dɛ paa sɛ mampa abaw wɔ no ho!”

16 Ebia esiane sɛnea w’abusuafo binom te nti, worempɛ sɛ wobɛka Bible mu nokware no ho asɛm akyerɛ wɔn. Nanso, Joyce amma biribi a ɛte saa ansiw no kwan sɛ ɔbɛka asɛm no akyerɛ ne nuabea kunu no. Sɛ yɛbɛka paa, hena na obetumi ahu nea ɛwɔ ne yɔnko komam? Ebia onipa a ɔte saa no fi ne koma nyinaa mu rehwehwɛ nokware som. Enti, mfa saa hokwan no nkame no.—Kenkan Mmebusɛm 3:27.

Nhoma a Yɛde Yɛ Bible Adesua Ma Etu Mpɔn

17, 18. (a) Dɛn na amanneɛbɔ a efi wiase nyinaa ba no ka fa mfaso a ɛwɔ Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nhoma no so ho? (b) Efi bere a wode nhoma yi yɛɛ adwuma no, osuahu ahorow a ɛhyɛ nkuran bɛn na woanya?

17 Amanneɛbɔ a efi wiase aman horow so ba no ma yehu sɛ wɔde nhoma a wɔde sua Bible a wɔato din Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? no reboa nnipa komapafo pii. Onuawa ɔkwampaefo bi a ɔwɔ United States a wɔfrɛ no Penni de saa nhoma yi fii Bible adesua pii ase. Ná nnipa a ɔne wɔn sua ade no mu baanu yɛ nkurɔfo a wɔn mfe akɔ anim a wɔmfa wɔn asɔre ahorow nni agoru. Ná Penni adwenem yɛ no nãã wɔ sɛnea saa nnipa baanu no bɛyɛ wɔn ade wɔ Kyerɛwnsɛm mu nokware ahorow a wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no mu no ho. Nanso, Penni kyerɛwee sɛ: “Esiane sɛnea wɔakyerɛkyerɛ nokwasɛm no mu ma emu ada hɔ wɔ ɔkwan a ɛfata so, na ɛyɛ ntiantiaa nti, wogyee nokware a na wɔresua no toom a wɔannye ho akyinnye anaasɛ anhaw wɔn adwene.”

18 Ɔdawurubɔfo bi a ɔwɔ Britain a wɔfrɛ no Pat ne ɔbea bi a waguan afi ɔman bi a ɛwɔ Asia mu fii ase suaa Bible. Ɔbea no guan fii ne man mu bere a asraafo atuatewfo bi kyeree ne kunu ne ne mmabarima kɔe a wanhu wɔn bio no. Ná ɔbea no nkwa da asiane mu, efisɛ wɔhyew ne fie, na mmarima dodow bi too no mmonnaa. Eyinom nyinaa ma ɔtee nka sɛ onni anidaso biara wɔ asetra mu, na mpɛn pii na ɔyɛɛ n’adwene sɛ obekum ne ho. Nanso, Bible adesua no ma onyaa anidaso. Pat kyerɛwee sɛ: “Nkyerɛkyerɛmu ne mfatoho ahorow a emu da hɔ a ɛwɔ Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no mu no kaa ɔbea no koma yiye.” Ɔbea no nyaa nkɔso ntɛmntɛm ma ɔbɛfatae sɛ ɔdawurubɔfo a wɔmmɔɔ no asu, na ɔkae sɛ, ɔpɛ sɛ ɔbɔ asu wɔ nhyiam a edi hɔ a wɔbɛyɛ no ase. Hwɛ sɛnea ɛyɛ anigye sɛ yɛbɛboa nnipa komapafo ma wɔate anidaso nsɛm a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm mu no ase na wɔakyerɛ ho anisɔ!

“Mommma Yɛmmpa Abaw Wɔ Papayɛ Ho”

19. Dɛn nti na asɛnka adwuma no gye ntɛmpɛ saa?

19 Adekyee biara no, ɛho behia kɛse sɛ yɛde ntɛmpɛ ka asɛm no na yɛyɛ asuafo. Afe biara, nnipa komapafo mpempem pii na wotie asɛm a yɛka no. ‘Yehowa da kɛse no abɛn,’ a nea ɛkyerɛ ne sɛ, wɔn a wonni Onyankopɔn ne n’atirimpɔw ho nimdeɛ no ‘atɔ okum kwan so ntintan.’—Sef. 1:14; Mmeb. 24:11.

20. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛn mu biara bɔ mmɔden yɛ?

20 Yebetumi akɔ so aboa nkurɔfo a wɔte saa no. Nanso, sɛ yebetumi ayɛ saa a, ɛsɛ sɛ yesuasua Kristofo a wɔtraa ase wɔ afeha a edi kan no mu a ‘wɔkɔɔ so kyerɛkyerɛe kaa Kristo Yesu ho asɛmpa a wɔannyae’ no. (Aso. 5:42) Ɛmfa ho amanehunu biara a wubehyia no, ma wo ‘nkyerɛkyerɛ ntu mpɔn,’ na kɔ so ka asɛm no kyerɛ nnipa nyinaa fa di tete Kristofo no nhwɛso akyi! “Mommma yɛmmpa abaw wɔ papayɛ ho,” na sɛ yɛammrɛ a, yebenya Onyankopɔn nhyira pii.—2 Tim. 4:2; kenkan Galatifo 6:9.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 10 Wɔasesa din ahorow no bi.

Wubebua Dɛn?

• Henanom na wɔretie asɛmpa no?

• Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu nnipa a yɛka asɛmpa no kyerɛ wɔn no mu biara so?

• Nkɔso bɛn na afi Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nhoma no a yɛde reyɛ adwuma no mu aba?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 13]

Nnipa komapafo mpempem pii retie asɛmpa no

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 15]

Dɛn na yebetumi asua afi nsakrae a ɔsomafo Paulo yɛe no mu?

[Mfonini wɔ kratafa 16]

Adawurubɔfo a wɔka asɛmpa no mmu wɔn ani ngu onipa biara so