Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kristo Mmae—Wote Ase Dɛn?

Kristo Mmae—Wote Ase Dɛn?

Kristo Mmae—Wote Ase Dɛn?

“Dɛn na ɛbɛyɛ wo mmae ne bere a ɛwɔ hɔ yi awiei ho sɛnkyerɛnne?”—MAT. 24:3.

1. Asɛm a ɛho hia bɛn na Yesu asomafo no kobisaa no?

BƐYƐ mfe mpem abien a atwam ni no, Yesu asomafo no mu baanan kɔɔ wɔn Wura no nkyɛn kokoam ne no kɔbɔɔ nkɔmmɔ wɔ Ngo Bepɔw no so, na wobisaa no asɛm bi. Asɛm no ne sɛ: “Bere bɛn na eyinom bɛbam, na dɛn na ɛbɛyɛ wo mmae ne bere a ɛwɔ hɔ yi awiei ho sɛnkyerɛnne?” (Mat. 24:3) Asomafo no de nsɛm abien bi a ɛho hia paa dii dwuma wɔ wɔn asɛmmisa no mu. Nsɛm abien no ne, “wo mmae” ne “bere a ɛwɔ hɔ yi awiei.” Ná saa nsɛm yi kyerɛ dɛn?

2. Asɛmfua “awiei” anaa awiei bere no kyerɛ dɛn ankasa?

2 Nea edi kan no, yebesusuw asɛm a ɛne “awiei” anaa awiei bere a ɛyɛ asɛm a ɛho hia paa no mu nea ɛto so abien a wɔkyerɛɛ ase fii Hela asɛmfua syn·teʹlei·a mu no ho. Wɔ mfitiase Hela kasa a wɔde kyerɛw Bible no mu no, na nea asɛmfua a ɛne “awiei” no kyerɛ ankasa ne “awiei bere.” Nanso, wɔkyerɛɛ Hela asɛmfua a ɛte sɛ ɛno a ɛne te’los no ase “awiei.” Yebetumi de ɔkasa bi a wɔma wɔ Ahenni Asa so ayɛ mfatoho de akyerɛkyerɛ nsonsonoe a ɛwɔ saa nsɛmfua abien yi ntam no mu. Bere a ɔkasa bi reba awiei no ne bere a ɔkasafo no gye bere kakra de tĩ nsɛm a waka no mu, na afei ɔkyerɛkyerɛ sɛnea ne kasa no fa n’atiefo ho no mu no. Ɔkasa no awiei ne bere a ɔkasafo no fi asɛnka agua no so no. Saa ara na sɛnea Bible ka no, asɛm a ɛne “bere a ɛwɔ hɔ yi awiei” no kyerɛ bere tenten a ebedi ansa na wiase no akɔ awiei, a awiei no ankasa nso ka ho.

3. Nneɛma a ɛbɛkɔ so wɔ Yesu mmae no mu no bi ne dɛn?

3 Na asɛm wo “mmae” a asomafo no bisaa ho asɛm no nso kyerɛ dɛn? Eyi yɛ asɛm a wɔkyerɛɛ ase fii Hela asɛmfua pa·rou·siʹa mu. * Kristo mmae anaa pa·rou·siʹa no fii ase bere a wɔde Yesu sii agua so sɛ Ɔhene wɔ soro wɔ afe 1914 mu no. Na ɛbɛkɔ so akosi bere a ɔbɛba abɛsɛe abɔnefo wɔ “ahohiahia kɛse” no mu no. (Mat. 24:21) Nneɛma foforo pii a ebi ne nneɛma nhyehyɛe bɔne yi “nna a edi akyiri,” wɔn a wɔapaw wɔn no anoboaboa, ne nyan a wobenyan wɔn a wɔapaw wɔn no afi awufo mu ma wɔakɔ soro no bɛkɔ so wɔ Yesu mmae yi mu. (2 Tim. 3:1; 1 Kor. 15:23; 1 Tes. 4:15-17; 2 Tes. 2:1) Yebetumi aka sɛ “bere a ɛwɔ hɔ yi awiei” (syn·teʹlei·a) ne Kristo mmae (pa·rou·siʹa) no reyɛ ayɛ ade koro.

Bere Tenten Bi

4. Ɔkwan bɛn so na Yesu mmae no ne sɛnea nneɛma kɔɔ so wɔ Noa bere so no di nsɛ?

4 Nokwasɛm a ɛne sɛ asɛmfua pa·rou·siʹa kyerɛ bere tenten bi no ne nea Yesu ka faa ne mmae ho no hyia. (Kenkan Mateo 24:37-39.) Hyɛ no nsow sɛ, Yesu amfa ne mmae no antoto bere tiaa a Nsuyiri no bae wɔ Noa bere so mu no ho. Mmom no, Yesu de ne mmae no totoo nneɛma a ɛkɔɔ so bere tenten ansa na Nsuyiri no reba no ho. Saa bere no mu na Noa yɛɛ adaka no ne n’asɛnka adwuma no, na saa bere no kɔɔ so kosii sɛ awiei koraa no, Nsuyiri no bae. Nneɛma a esisii saa bere no kɔɔ so wɔ mfe pii mu. Saa ara nso na nsɛm a ebesisi akosi sɛ ahohiahia kɛse no bɛba, ne ahohiahia kɛse no ankasa nyinaa ka Kristo mmae no ho.—2 Tes. 1:6-9.

5. Ɔkwan bɛn so na asɛm a ɛwɔ Adiyisɛm ti 6 no ma yehu sɛ Yesu mmae no yɛ bere tenten bi?

5 Bible nkɔmhyɛ afoforo da no adi sɛ Kristo mmae no yɛ bere tenten bi, na ɛmfa bere a ɔbɛba abɛsɛe abɔnefo ho no nkutoo. Adiyisɛm nhoma no ka Yesu ho asɛm sɛ ɔte ɔpɔnkɔ fitaa bi so, na wɔama no abotiri. (Kenkan Adiyisɛm 6:1-8.) Bere a wɔde Yesu sii agua so sɛ Ɔhene wɔ afe 1914 mu akyi no, wɔkaa ne ho asɛm sɛ “ofii adi kodii nkonim [na wawie] ne nkonimdi koraa.” Afei, kyerɛwtohɔ no ma yehu sɛ, apɔnkɔsotefo tete apɔnkɔ a wɔn kɔla gu ahorow so di Yesu akyi. Wɔ nkɔmhyɛ mu no, saa apɔnkɔ ne wɔn sotefo no gyina hɔ ma akodi, aduankɔm, ne yaredɔm, na saa nneɛma no nyinaa akɔ so wɔ bere tenten a wɔfrɛ no “nna a edi akyiri” no mu. Yɛahu saa nkɔmhyɛ ahorow yi mmamu wɔ yɛn bere yi so.

6. Dɛn na Adiyisɛm ti 12 boa yɛn ma yehu fa Kristo mmae no ho?

6 Adiyisɛm ti 12 ma yehu Onyankopɔn Ahenni no a wɔde asi hɔ wɔ soro no ho nsɛm foforo pii. Ɛka ɔko bi a ɛkɔɔ so wɔ soro no ho asɛm. Mikael a ɔne Yesu Kristo a ɔredi tumi wɔ soro no ne n’abɔfo ne Ɔbonsam ne n’adaemone koe. Ɛno nti, wotuu Satan Ɔbonsam ne ne dɔm no fii soro baa asase so. Kyerɛwtohɔ no ka sɛ, efi saa bere no, Ɔbonsam afa abufuw kɛse efisɛ “onim sɛ ne bere a aka yɛ tiaa.” (Kenkan Adiyisɛm 12:7-12.) Ɛnde, ɛda adi pefee sɛ, sɛ na wɔde Kristo Ahenni no si hɔ wɔ soro a, ‘due’ anaa amanehunu kɛse na na ɛbɛba asase ne ɛsotefo nyinaa so.

7. Dɛn na dwom a ɛto so abien no ka ho asɛm, na hokwan a wɔde bɛma ebinom bɛn na wɔaka ho asɛm wom?

7 Dwom a ɛto so abien no nso yɛ nkɔmhyɛ a ɛka Yesu a wɔde no sii agua so sɛ Ɔhene wɔ ɔsoro Bepɔw Sion so no ho asɛm. (Kenkan Dwom 2:5-9; 110:1, 2.) Nanso, saa dwom yi san ma yehu sɛ wɔbɛma wiase atumfo no ne wɔn nkoa bere sɛ wɔmfa mmrɛ wɔn ho ase nhyɛ Kristo nniso ase. Wotu wɔn fo sɛ ‘wonhu nyansa’ na ‘wontie afotu.’ Nokwarem no, sɛ saa atumfo no som Yehowa ne ne Hene a wapaw no no a, saa bere no bɛyɛ “nhyira” ama “wɔn a woguan toa [Onyankopɔn] no nyinaa.” Enti, sɛ ná Yesu ba n’ahenni tumi mu a, wɔbɛma wiase atumfo no bere ma wɔde asakra wɔn adwene.—Dw. 2:10-12.

Nsɛnkyerɛnne no a Yebehu

8, 9. Henanom na wobehu Kristo mmae no ho sɛnkyerɛnne no na wɔate ase?

8 Bere a Farisifo no kobisaa Yesu ɛbere a Ahenni no bɛba ho asɛm no, Yesu buae sɛ, ɛremma “mma wonhu no pefee” sɛnea wɔn adwene yɛ wɔn no. (Luka 17:20, 21) Wɔn a wonnye nni rente ase. Wɔbɛyɛ dɛn atumi ate ase? Nea enti a wɔrente ase ne sɛ wonnye Yesu ntom mpo sɛ ɔno ne Ɔhene a obedi wɔn so daakye. Sɛ ɛte saa a, ɛnde, henanom na wobehu Kristo mmae no ho sɛnkyerɛnne no na wɔate ase?

9 Yesu kɔɔ so ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ, wɔn de wobehu sɛnkyerɛnne no pefee “sɛnea anyinam ma ne hann hyerɛn fi ɔsoro ase fã bi kɔ ɔsoro ase fã foforo no.” (Kenkan Luka 17:24-29.) Ɛho hia sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ, saa asɛm koro yi ara ho kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Mateo 24:23-27 no da no adi pefee sɛ, ná Kristo reka ne mmae no ho asɛm.

Awo Ntoatoaso a Ehu Sɛnkyerɛnne No

10, 11. (a) Bere bi a atwam no, wɔkyerɛkyerɛɛ “awo ntoatoaso” a wɔaka ho asɛm wɔ Mateo 24:34 no mu dɛn? (b) Akyinnye biara nni ho sɛ, henanom na Yesu asuafo no tee ase sɛ wɔbɛka saa “awo ntoatoaso” no ho?

10 Bere bi a atwam no, saa nsɛmma nhoma yi kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, wɔ afeha a edi kan no mu no, na “awo ntoatoaso yi” a wɔaka ho asɛm wɔ Mateo 24:34 no fa “Yudafo a wonnye nni awo ntoatoaso a na ɛwɔ hɔ saa bere” no ho. * Ɛte sɛ nea na saa nkyerɛkyerɛmu no fata, efisɛ wɔ mmeae foforo a Yesu de asɛmfua “awo ntoatoaso” dii dwuma nyinaa no, nsɛm a ɔka kaa ho no ma yehu sɛ wanka awo ntoatoaso no ho asɛmpa. Mpɛn pii no, Yesu de asɛm bi a ɛnyɛ papa te sɛ “abɔnefo” na ɛkaa awo ntoatoaso no ho asɛm. (Mat. 12:39; 17:17; Mar. 8:38) Enti, nsɛmma nhoma yi daa no adi sɛ wɔ yɛn bere yi mu no, Yesu asɛm no fa “awo ntoatoaso” abɔnefo a wonnye nni a wobehu nneɛma a ebesisi a ɛkyerɛ sɛ yɛwɔ “bere a ɛwɔ hɔ yi awiei” anaa awiei bere (syn·teʹlei·a) ne wiase yi awiei (teʹlos) no ho.

11 Ɛwom sɛ, bere a Yesu anka asɛmpa amfa asɛmfua “awo ntoatoaso” a ɔde yɛɛ adwuma ho no, na ɔreka nnipa abɔnefo a wɔwɔ ne bere so no ho asɛm de, nanso so awo ntoatoaso a wɔaka ho asɛm wɔ Mateo 24:34 no fa nnipa abɔnefo ho? Kae sɛ, na Yesu asomafo no mu baanan akɔ ne nkyɛn wɔ “kokoam.” (Mat. 24:3) Esiane sɛ Yesu anka asɛmmɔne bi amfa saa “awo ntoatoaso yi” ho bere a na ɔne wɔn rekasa no nti, akyinnye biara nni ho sɛ, asomafo no tee ase sɛ wɔne wɔn mfɛfo asuafo no bɛka “awo ntoatoaso” a ɛrentwam da “kosi sɛ eyinom nyinaa bɛbam” no ho.

12. Dɛn na asɛm a Yesu ka faa awo ntoatoaso ho no ma yehu nkurɔfo a na Yesu reka wɔn ho asɛm bere a ɔde asɛm “awo ntoatoaso” dii dwuma no?

12 Dɛn na yebetumi agyina so akyerɛ sɛ na Yesu asuafo no bɛka awo ntoatoaso no ho? Gye sɛ yesusuw nsɛm a ɔka faa ho no ho yiye. Yesu kae wɔ Mateo 24:32, 33 sɛ: “Afei munsua biribi mfi borɔdɔma dua ho mfatoho yi mu: Sɛ enya fefɛw na eyiyi nhaban ara pɛ a, munim sɛ ahohuru bere abɛn. Saa ara na mo nso, sɛ muhu eyinom nyinaa a, munhu sɛ wabɛn apon ano.” (Fa toto Marko 13:28-30; Luka 21:30-32 ho.) Afei, yɛkenkan wɔ Mateo 24:34 sɛ: “Nokwarem mise mo sɛ awo ntoatoaso yi rentwam da kosi sɛ eyinom nyinaa bɛbam.”

13, 14. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ ɛbɛyɛ sɛ “awo ntoatoaso” a Yesu kaa ho asɛm no yɛ n’asuafo no?

13 Yesu kae sɛ, ɛyɛ n’asuafo a na ɛrenkyɛ na wɔde honhom kronkron asra wɔn no na sɛ “eyinom nyinaa” bam a wobetumi ahu nea ɛkyerɛ. Enti, ɛbɛyɛ sɛ na Yesu reka n’asuafo no ho asɛm bere a ɔkae sɛ: “Awo ntoatoaso yi rentwam da kosi sɛ eyinom nyinaa bɛbam” no.

14 Esiane sɛ Yesu asuafo no nte sɛ wɔn a na wonnye nni no nti, na ɛnyɛ sɛnkyerɛnne no nko na wobehu, na mmom na wɔbɛte ase nso. Ná ‘wobesua’ biribi afi sɛnkyerɛnne a ebesisi no mu na ‘wɔahu’ nea ɛkyerɛ ankasa nso. Wobehu ankasa sɛ “wabɛn apon ano.” Ɛwom sɛ Yudafo a wonnye nni no ne Kristofo anokwafo a wɔasra wɔn no nyinaa huu Yesu asɛm no mmamu wɔ afeha a edi kan no mu de, nanso ɛyɛ n’akyidifo a wɔasra wɔn a na wɔwɔ hɔ saa bere no nkutoo na wotumi suaa biribi fii nsɛm a esisii no mu na wohuu nea ɛkyerɛ ankasa nso.

15. (a) Henanom na wɔbom yɛ “awo ntoatoaso” a ɛwɔ hɔ nnɛ a Yesu kaa ho asɛm no? (b) Dɛn nti na yentumi mmu akontaa nhu “awo ntoatoaso yi” tenten ankasa? (Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 25 no.)

15 Wɔn a wɔnte Onyankopɔn asɛm ase a wɔwɔ hɔ nnɛ no te nka sɛ ‘wonhuu’ Yesu mmae no ho sɛnkyerɛnne no “pefee.” Wɔka sɛ biribiara rekɔ so te sɛ nea ɛte fi teteete no. (2 Pet. 3:4) Nanso, Kristo nuanom anokwafo a wɔasra wɔn a wɔne Yohane kuw a wɔwɔ hɔ nnɛ no ahu saa sɛnkyerɛnne yi a ɛte sɛ anyinam hann no, na wɔate nea ɛkyerɛ no ase ankasa. Sɛ́ kuw no, wɔn a wɔasra wɔn no na wɔbom yɛ “awo ntoatoaso” a ɛwɔ hɔ nnɛ a ɛrentwam kosi sɛ “eyinom nyinaa bɛbam” no. * Eyi kyerɛ sɛ bere a ahohiahia kɛse a wɔahyɛ ho nkɔm no befi ase no, na Kristo nuanom a wɔasra wɔn no mu bi da so wɔ asase so.

“Monkɔ so Nwɛn”

16. Dɛn na ɛsɛ sɛ Kristo asuafo nyinaa yɛ?

16 Nanso, ɛnyɛ sɛnkyerɛnne no nko na ɛsɛ sɛ yehu, na mmom ɛsɛ sɛ yɛyɛ pii ka ho. Yesu kɔɔ so kae sɛ: “Nea mereka akyerɛ mo yi mereka akyerɛ nnipa nyinaa, monkɔ so nwɛn.” (Mar. 13:37) Yɛn a yɛte ase nnɛ nyinaa, sɛ́ yɛyɛ wɔn a wɔasra wɔn no mufo anaa nnipakuw kɛse no mufo no, ɛsɛ sɛ yɛma asɛm yi ho hia yɛn sen biara. Efi bere a wɔde Yesu sii agua so sɛ Ɔhene wɔ soro wɔ afe 1914 mu no, bɛboro mfe 90 atwam. Ɛwom sɛ yɛn ho a yebesiesie na yɛakɔ so awɛn no betumi ayɛ den de, nanso ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa. Sɛ yɛte ase sɛ Kristo redi tumi sɛ Ɔhene a aniwa nhu no a, ɛbɛboa yɛn ma yɛasiesie yɛn ho na yɛakɔ so awɛn. Ɛbɛsan ama yɛakae nokwasɛm a ɛne sɛ, ɛrenkyɛ Yesu bɛsɛe n’atamfo nyinaa wɔ ‘dɔn a yensusuw mu’ no mu.—Luka 12:40.

17. Ɛsɛ sɛ saa ntease a yɛanya yi ma yɛte nka dɛn, na dɛn na ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ?

17 Kristo mmae no a yɛate ase no aboa yɛn ma yɛahu hia a ehia sɛ yɛyere yɛn ho yɛ asɛnka adwuma no. Yenim sɛ Yesu aba dedaw, na efi afe 1914 reba no, ɔredi ade sɛ Ɔhene a aniwa nhu no wɔ soro. Ɛrenkyɛ, ɔbɛba abɛsɛe abɔnefo na wayɛ nsakrae pii wɔ asase yi so nyinaa. Enti, ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo denneennen sen bere biara sɛ yɛbɛyere yɛn ho ayɛ adwuma a Yesu hyɛɛ nkɔm sɛ wɔbɛyɛ no bi. Ɔkae sɛ: “Wɔbɛka ahenni ho asɛmpa yi wɔ asase so nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no [teʹlos] bɛba.”—Mat. 24:14.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 3 Yehu nea asɛmfua pa·rou·siʹa kyerɛ no wɔ nsonsonoe a ɛwɔ nsɛm “mewɔ hɔ” ne “minni hɔ” a ɔsomafo Paulo de yɛɛ adwuma wɔ 2 Korintofo 10:10, 11 ne Filipifo 2:12 no mu. Sɛ wopɛ nkyerɛkyerɛmu a ɛkɔ akyiri a, hwɛ Insight on the Scriptures, Po 2, kratafa 676-9.

^ nky. 10 Hwɛ November 1, 1995, Ɔwɛn-Aban no kratafa 11-15, 19, 30, 31.

^ nky. 15 Ɛte sɛ nea ɛbere a “awo ntoatoaso yi” tra ase no ne Adiyisɛm nhoma no mu anisoadehu a edi kan no hyia. (Adi. 1:10–3:22) Nea na ɛbɛkɔ so wɔ Awurade da no mu no fii ase fii afe 1914 kosi sɛ anokwafo a wɔasra wɔn no mu nea otwa to no bewu na wɔanyan no.—Hwɛ Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn! nhoma no kratafa 24 nkyekyɛm 4.

Wubebua Dɛn?

• Yɛyɛ dɛn hu sɛ Yesu mmae no yɛ bere tenten bi?

• Henanom na wɔahu Yesu mmae no na wɔate ase?

• Henanom na wɔbom yɛ awo ntoatoaso a ɛwɔ hɔ nnɛ a wɔaka ho asɛm wɔ Mateo 24:34 no?

• Dɛn nti na yentumi mmu akontaa nhu “awo ntoatoaso yi” tenten ankasa?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Adaka wɔ kratafa 25]

So Yebetumi Abu Akontaa Ahu “Awo Ntoatoaso Yi” Tenten?

Wɔtaa de asɛmfua “awo ntoatoaso” ka nnipa a wɔn mfe a wɔadi gu ahorow na wɔtraa ase wɔ bere pɔtee bi mu ho asɛm, anaa wohuu asɛm pɔtee bi a esii. Sɛ nhwɛso no, Exodus 1:6 ka sɛ: ‘Yosef ne ne nuanom nyinaa ne wɔn bere sofo no nyinaa wuwui.’ Ná Yosef ne ne nuanom mfe nyɛ pɛ, nanso wɔn nyinaa huu nsɛm bi a esisii wɔ saa bere no mu no. Ná Yosef nuanom a wɔwoo wɔn ansa na wɔrewo no no ka saa “bere sofo” anaa awo ntoatoaso no ho. Yosef wu gyaw wɔn mu binom. (Gen. 50:24) Wɔwoo Yosef ansa na wɔrewo afoforo a wɔka saa “bere sofo,” anaa awo ntoatoaso no ho a wɔn bi ne Benyamin, na ɛbɛyɛ sɛ Yosef wu akyi no, na saafo no da so te ase.

Enti, sɛ wɔde asɛm “awo ntoatoaso” ka nnipa bi a wɔtra ase wɔ bere pɔtee bi mu ho asɛm a, ɛwom sɛ yɛrentumi nkyerɛ mfe pɔtee a awo ntoatoaso no di de, nanso ɛwɔ awiei, na ɛnyɛ ade a ɛyɛ tenten pii dodo. Enti, bere a Yesu de asɛm a ɛne “awo ntoatoaso yi” dii dwuma wɔ Mateo 24:34 no, na ɛnyɛ sɛ ɔrekyerɛ n’asuafo no sɛnea wobetumi de wɔn adwene abu ahu bere a “nna a edi akyiri” no bɛba awiei. Mmom no, Yesu sii so dua sɛ “da no ne dɔn no” de, obiara nnim.—2 Tim. 3:1; Mat. 24:36.

[Mfonini wɔ kratafa 22]

Bere a wɔde Yesu sii agua so sɛ Ɔhene wɔ afe 1914 mu akyi no, wɔkaa ne ho asɛm sɛ ‘ɔredi nkonim’

[Mfonini wɔ kratafa 24]

“Awo ntoatoaso yi rentwam da kosi sɛ eyinom nyinaa bɛbam”