Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Marko Nhoma no Mu Nsɛntitiriw

Marko Nhoma no Mu Nsɛntitiriw

Yehowa Asɛm Wɔ Nkwa

Marko Nhoma no Mu Nsɛntitiriw

MARKO Asɛmpa no ne Nsɛmpa anan no mu nea ɛyɛ tiawa koraa. Yohane a wɔfrɛ no Marko no na ɔkyerɛw nhoma no wɔ Yesu Kristo wu ne ne wusɔre akyi bɛyɛ mfe 30. Ɛka nneɛma pii a ɛyɛ anigye a Yesu yɛe wɔ mfe abiɛsa ne fã a ɔde yɛɛ asɛnka adwuma no mu ho asɛm.

Ɛda adi sɛ, Marko kyerɛw ne nhoma no maa wɔn a na wɔnyɛ Yudafo no, titiriw Romafo. Marko nhoma no ka Yesu ho asɛm sɛ Onyankopɔn Ba a ɔyɛ anwonwade a ɔde nnamyɛ kaa asɛmpa no. Nhoma no si nnwuma a Yesu yɛe so dua kɛse sen ne nkyerɛkyerɛ. Sɛ yɛkenkan Marko Asɛmpa no a, ɛbɛhyɛ gyidi a yɛwɔ wɔ Mesia no mu no den, na ɛbɛkanyan yɛn ma yɛde nsi aka Onyankopɔn asɛm no wɔ Kristofo adwuma a yɛreyɛ no mu.—Heb. 4:12.

ASƐNKA ADWUMA KƐSE A YESU YƐE WƆ GALILEA

(Mar. 1:1–9:50)

Bere a Marko kaa Yohane Osuboni no adwuma ne nnafua 40 a Yesu kodii wɔ sare so ho asɛm wɔ Marko 1:1-14 wiei no, Marko fii ase kaa asɛnka adwuma a Yesu yɛe wɔ Galilea no ho asɛm. Asɛm a ɛne “ntɛm ara” a osii so dua mpɛn pii no ma yehu sɛ Yesu yɛɛ adwuma no ntɛm so.—Mar. 1:10, 12, Twi Bible (Akuapem).

Annu mfe abiɛsa na Yesu wiee asɛnka adwuma a ɔyɛɛ no mprɛnsa wɔ Galilea no. Marko kaa ne nsɛm no mu dodow no ara nnidiso nnidiso sɛnea esisii no. Marko anka Yesu Bepɔw so asɛnka ne kasa atenten pii a ɔmae no ho asɛm.

Kyerɛwnsɛm mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

1:15Bere a wɔahyɛ” bɛn na na awie du no? Ná Yesu reka sɛ bere a wɔahyɛ sɛ ɛsɛ sɛ ofi ne som adwuma ase no adu. Ná Onyankopɔn Ahenni no abɛn, efisɛ na Yesu a Wɔapaw no sɛ Ɔhene no wɔ wɔn ntam. Afei, na nnipa komapafo betumi agye Yesu asɛnka adwuma no atom, na wɔde ayɛ adwuma ma wɔasɔ Onyankopɔn ani.

1:44; 3:12; 7:36—Dɛn nti na na Yesu mpɛ sɛ nkurɔfo ka anwonwade ahorow a ɔyɛe no ho asɛm kyerɛ obiara? Ná Yesu mpɛ sɛ nkurɔfo gyina atesɛm anaasɛ nsɛm a wɔagugu mu so na wogye no di, na mmom, na ɔpɛ sɛ nkurɔfo gyina nea wɔde wɔn ankasa ani ahu so na wogye no tom sɛ ɔno ne Kristo no. (Yes. 42:1-4; Mat. 8:4; 9:30; 12:15-21; 16:20; Luka 5:14) Ɔbarima a na anka ahonhommɔne wɔ no so a ofi Gerasa no nkutoo na bere a Yesu saa no yare no, wammɔ n’ano. Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, ɔnkɔ fie na ɔnkɔka nea asi no nkyerɛ n’abusuafo. Ná Gerasafo no aka akyerɛ Yesu sɛ omfi wɔn asase no so nkɔ, enti na Yesu rennya bere pii anaa ɔrennya bere koraa nka asɛm no nkyerɛ nnipa a wɔwɔ hɔ no. Ná ɔbarima no a Yesu asa no yare no a ɔwɔ hɔ, ne adanse a obedi no betumi ama nkurɔfo no agyae nsɛmmɔne biara a na wɔbɛka afa mprako a wowui no ho no.—Mar. 5:1-20; Luka 8:26-39.

2:28Dɛn nti na wɔfrɛ Yesu sɛ “Homeda Wura”? Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Mmara no kura nneɛma pa a ɛbɛba no sunsuma.” (Heb. 10:1) Sɛnea na Mose Mmara no kyerɛ no, na nnansia na wɔde yɛ adwuma, na na ɛda a ɛto so ason no yɛ Homeda. Yesu saa nnipa pii yare saa da no. Nea Yesu yɛe yi yɛ asomdwoe ne nhyira afoforo a adesamma benya wɔ Kristo Mfirihyia Apem Nniso no ase bere a wɔayi Satan nniso bɔne no afi hɔ no ho mfonini. Enti, saa Ahenni no so Hene no san yɛ “homeda Wura.”—Mat. 12:8; Luka 6:5.

3:5; 7:34; 8:12—Ɛyɛɛ dɛn na Marko tumi kaa sɛnea na Yesu te nka wɔ tebea ahorow ho no ho asɛm yiye saa? Ná Marko nka asomafo 12 no ho, na saa ara nso na ɔne Yesu ammɔ. Atetesɛm bi kyerɛ sɛ, ɔsomafo Petro a na ɔyɛ Marko yɔnko a ɔbɛn no no na ɔkaa nsɛm a Marko kyerɛw no mu dodow no ara kyerɛɛ no.—1 Pet. 5:13.

6:51, 52—“Paanoo ho asɛm” bɛn na asuafo no ante ase? Ná Yesu de paanoo anum ne mpataa abien pɛ maa mmarima 5,000 di mee a wɔankan mmea ne mmofra a wodii bi anka ho no nkyɛe koraa. “Paanoo ho asɛm” a na anka ɛsɛ sɛ Yesu asuafo no te ase wɔ saa anwonwade a ɔyɛe no ho ne sɛ, na Yehowa Nyankopɔn ama Yesu tumi sɛ ɔmfa nyɛ anwonwade. (Mar. 6:41-44) Sɛ asuafo no tee ase sɛ na wɔama Yesu tumi kɛse a, anka bere a Yesu nantew nsu so anwonwakwan so no, anka ɛrenyɛ wɔn nwonwa pii.

8:22-26—Dɛn nti na Yesu faa akwan abien so buee ɔbarima bi a na n’ani afura no ani? Ɛbɛyɛ sɛ tema a na Yesu wɔ ma ɔbarima no nti na ɛma ɔfaa saa kwan no so no. Sɛnea obuee ɔbarima a na n’ani afura a na ohuu hann akyɛ no aniwa nkakrankakra no ma otumi hwɛɛ hann a n’ani so anwowɔ no.

Asuade a Ɛwom ma Yɛn:

2:18; 7:11; 12:18; 13:3. Marko kyerɛkyerɛɛ amanne, nsɛmfua, gyidi, ne mmeae ahorow a ebia na akenkanfo a na wɔnyɛ Yudafo no nnim no mu. Ɔmaa emu daa hɔ sɛ, Farisifo no ‘di mmuada,’ korban yɛ “akyɛde a wɔahyira so ama Nyankopɔn,” na Sadukifo ka “sɛ owusɔre nni hɔ,” na sɛ obi gyina “Ngo Bepɔw no” so a, na “n’ani tua” asɔrefie no. Esiane sɛ Yudafo no nkutoo na na abusua a Mesia no fi mu ho asɛm hia wɔn nti, Marko anka ho asɛm biara. Enti, nea Marko yɛe no yɛ nhwɛso ma yɛn. Sɛ yɛwɔ asɛnka mu anaasɛ yɛrema ɔkasa wɔ asafo nhyiam ase a, ɛsɛ sɛ yɛma nea yɛn atiefo no nim ne nea wonnim no ho asɛm tra yɛn adwenem bere nyinaa.

3:21. Ná Yesu abusuafo nyɛ gyidifo. Enti, ɔte nka ma wɔn a esiane wɔn gyidi nti, wɔn abusuafo a wonnye nni sɔre tia wɔn, anaa wodi wɔn ho fɛw no yiye.

3:31-35. Bere a wɔbɔɔ Yesu asu no na ɔbɛyɛɛ Onyankopɔn honhom mu Ba, na na ne maame ne “Yerusalem a ɛwɔ soro no.” (Gal. 4:26) Efi saa bere no, Yesu maa n’asuafo no bɛyɛɛ nkurɔfo a wɔbɛn no yiye na wɔda ne koma so sen ne honam fam abusuafo no. Eyi kyerɛ yɛn sɛ, ɛsɛ sɛ yɛma Onyankopɔn som ho hia yɛn sen biribi foforo biara wɔ yɛn asetra mu.—Mat. 12:46-50; Luka 8:19-21.

8:32-34. Ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani da hɔ, na yɛyɛ ntɛm bɔ afotu biara a afoforo de bɛma yɛn a ɛkyerɛ sɛ, ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn ho ma Yehowa som pii no gu. Ɛsɛ sɛ obiara a odi Kristo akyi no siesie ne ho sɛ ‘ɔbɛpa ne ho akyi,’ a nea ɛkyerɛ ne sɛ, ɔde nneɛma bi bɛkame ne ho, na wayi akɔnnɔ bɔne ne dibea ho anibere biara afi ne mu. Ɛsɛ sɛ onya ɔpɛ sɛ ‘ɔbɛfa n’asɛndua’ na wahu amanne. Sɛ ɛkɔba sɛ wogu n’anim ase, anaa wɔtaa no, anaasɛ wokum no mpo esiane sɛ ɔyɛ Kristoni nti a, ɛsɛ sɛ ɔpene so. Ɛsɛ sɛ ‘odi’ Yesu ‘akyi daa,’ na osuasua sɛnea Yesu bɔɔ ne bra no. Asuafo a yɛbɛyɛ no hwehwɛ sɛ yɛkɔ so nya ahofama te sɛ Kristo Yesu.—Mat. 16:21-25; Luka 9:22, 23.

9:24. Ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn aniwu sɛ yɛbɛka nea yegye di no ho asɛm akyerɛ afoforo, anaasɛ yɛbɛbɔ mpae asrɛ sɛ wɔmma yɛn gyidi nnɔɔso.—Luka 17:5.

ƆSRAM A ETWA TO NO

(Marko 10:1–16:8)

Ɛrekɔ afe 32 Y.B. awiei no, Yesu baa “Yudea ahye so ne Yordan agya,” na nnipakuw baa ne nkyɛn wɔ hɔ nso. (Mar. 10:1) Bere a ɔkaa asɛm no wɔ hɔ wiei no, osii kwan so kɔɔ Yerusalem.

Wɔ Nisan da a ɛto so 8 no, na Yesu wɔ Betania. Bere a wɔredidi no, ɔbea bi baa hɔ behwiee ngo huamhuam guu ne ti so. Marko kaa nsɛm a esisii fi bere a Yesu kɔɔ Yerusalem nkonimdi so kosii ne wusɔre so no ho asɛm nnidiso nnidiso sɛnea nsɛm no sisii pɛpɛɛpɛ.

Kyerɛwnsɛm mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

10:17, 18—Dɛn nti na Yesu teɛɛ ɔbarima bi a ɔfrɛɛ no “Ɔkyerɛkyerɛfo Pa” no adwene? Yesu nam abodin a wɔde hoahoa nnipa yi a wannye antom no so de anuonyam no maa Yehowa sɛ ɔno ne nokware Nyankopɔn a nneɛma pa nyinaa fi no no. Bio nso, Yesu twee adwene sii nokwasɛm titiriw a ɛne sɛ, Yehowa Nyankopɔn a ɔno ne nneɛma nyinaa Bɔfo no nkutoo na ɔfata sɛ ɔkyerɛ nea ɛyɛ papa ne nea ɛyɛ bɔne.—Mat. 19:16, 17; Luka 18:18, 19.

14:25—Dɛn na na Yesu kyerɛ bere a ɔka kyerɛɛ n’asomafo anokwafo no sɛ: “Merennom bobesa bio da kosi da a mɛnom no foforo wɔ Nyankopɔn ahenni mu” no? Ná ɛnyɛ sɛ Yesu reka sɛ nsã ankasa wɔ soro. Nanso, esiane sɛ ɛtɔ mmere bi a wɔde nsã gyina hɔ ma anigye nti, na Yesu reka anigye a ɔne n’akyidifo a wɔasra wɔn a wobenyan wɔn afi awufo mu benya bere a wɔahyiam wɔ Ahenni no mu no ho asɛm.—Dw. 104:15; Mat. 26:29.

14:51, 52—Hena ne aberante a ɔde “adagyaw guan kɔe” no? Marko nkutoo na ɔkyerɛw saa asɛm a esii yi, enti yebetumi aka sɛ ɛyɛ ɔno ankasa ho asɛm na ɔkae.

15:34—So asɛm a Yesu kae a ɛne “me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, dɛn nti na woapo me?” no kyerɛ sɛ na onni gyidi? Ɛnkyerɛ saa. Ɛwom sɛ yɛrentumi nkyerɛ nea enti a Yesu kaa saa asɛm no de, nanso asɛm a Yesu kae no betumi akyerɛ sɛ ohui sɛ na Yehowa ayi n’ahobammɔ afi ne so sɛnea ɛbɛyɛ a Yehowa bɛma wɔasɔ ne Ba no nokwaredi ahwɛ akosi ase. Ebetumi aba nso sɛ, Yesu kaa saa asɛm no sɛnea ɛbɛyɛ a nkɔmhyɛ a ɛfa ne ho a ɛwɔ Dwom 22:1 no bɛba mu.—Mat. 27:46.

Asuade a Ɛwom ma Yɛn:

10:6-9. Nea Onyankopɔn pɛ ne sɛ awarefo bɛkɔ so atra. Enti, sɛ́ anka awarefo bɛpere wɔn ho sɛ wɔregyae aware no, ɛsɛ sɛ okununom ne ɔyerenom bɔ mmɔden sɛ wɔde Bible mu nsɛm besiesie nsɛnnennen biara a ɛbɛsɔre wɔ wɔn aware mu no.—Mat. 19:4-6.

12:41-44. Okunafo hiani no asɛm no ma yehu sɛ ɛsɛ sɛ yeyi sika de boa nokware som.

[Mfonini wɔ kratafa 29]

Dɛn nti na Yesu ka kyerɛɛ ɔbarima yi sɛ ɔnkɔka nea wayɛ ama no nyinaa ho asɛm nkyerɛ n’abusuafo?