Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Momma Yɛnnantew Yehowa Akwan So

Momma Yɛnnantew Yehowa Akwan So

Momma Yɛnnantew Yehowa Akwan So

“Anigye ne obiara a osuro Yehowa, na ɔnantew n’akwan so.”—DW. 128:1, NW.

1, 2. Dɛn nti na yebetumi anya ahotoso sɛ yebetumi anya anigye?

OBIARA pɛ sɛ n’ani gye. Nanso, akyinnye biara nni ho sɛ sɛ obi rehwehwɛ anigye a, ɛno nkyerɛ ankasa sɛ ɔwɔ anigye.

2 Nanso, yebetumi anya anigye ankasa. Dwom 128:1, NW, ka sɛ: “Anigye ne obiara a osuro Yehowa, na ɔnantew n’akwan so.” Sɛ yɛnantew Onyankopɔn akwan so, na yɛyɛ n’apɛde de som no a, yebetumi anya anigye. Eyi betumi aka sɛnea yɛbɔ yɛn bra ne su ahorow a yɛda no adi no dɛn?

Momma Yɛnyɛ Anokwafo

3. Abusuabɔ bɛn na yɛn ho so a yebehyira ama Onyankopɔn ne anokwafo a yɛbɛyɛ no wɔ?

3 Wɔn a wosuro Yehowa no di nokware te sɛ ɔno ara. Yehowa dii bɔ biara a ɔhyɛɛ tete Israelfo no so. (1 Ahe. 8:56) Ɛbɔ a ɛho hia sen biara a yebetumi ahyɛ Onyankopɔn ne sɛ yebehyira yɛn ho so ama no, na mpae a yɛbɛbɔ daa no bɛboa yɛn ma yɛatumi adi so. Yebetumi abɔ mpae te sɛ nea odwontofo Dawid yɛe no. Ɔbɔɔ mpae sɛ: “Na wo, Nyankopɔn woate me bɔhyɛ, . . . Mɛto dwom pa mama wo din daa, na mama m’aboade daa daa.” (Dw. 61:5, 8; Ɔsɛnk. 5:4-6) Sɛ yebetumi ayɛ Onyankopɔn nnamfo a, ɛsɛ sɛ yedi nokware.—Dw. 15:1, 4.

4. Yefta ne ne babea no buu ɛbɔ a Yefta hyɛɛ Yehowa no dɛn?

4 Wɔ Israel Atemmufo no nna mu no, Yefta hyɛɛ bɔ sɛ sɛ Yehowa ma odi Amonfo so nkonim a, ɔde biribiara a ebedi kan abehyia no ɛda a ɔresan afi ɔko no aba fie no bɛbɔ “ɔhyew afɔre” ama no. Yefta babea a odi no ɔbakoro no na obehyiaa no. Esiane gyidi a na Yefta ne ne babea a na ɔnwaree no wɔ wɔ Yehowa mu nti, ɔboaa Yefta ma odii ne bɔhyɛ no so. Ɛwom sɛ, na aware ne abawo yɛ ade a na wobu no kɛse wɔ Israel de, nanso Yefta babea no fii ne pɛ mu kɔɔ so dii sigya, na onyaa hokwan som Yehowa wɔ n’asɔrefie hɔ.—Atem. 11:28-40, NW.

5. Dɛn na Hana yɛe de kyerɛe sɛ ɔyɛ ɔnokwafo?

5 Ɔbea bi a na osuro Onyankopɔn a wɔfrɛ no Hana no dii nokware. Ná ɔne ne kunu Elkana a ɔyɛ Lewini no ne ne kora Penina te Efraim a na ɛwɔ mmepɔw so no so. Penina woo mma pii, na na odi Hana a na onni mma no ho fɛw, titiriw, bere a na abusua no akɔ ntamadan no ho rekɔsom no. Bere bi a na wɔrekɔsom no, Hana hyɛɛ Yehowa bɔ sɛ sɛ ɔwo ɔbabarima a, ɔde no bɛma no. Ankyɛ na Hana nyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabarima too no din Samuel. Bere a Hana twaa Samuel nufu no, ɔde no kɔmaa Onyankopɔn wɔ Silo, na ɔmaa Samuel som Yehowa “ne nkwa nna nyinaa.” (1 Sam. 1:11) Ɛwom mpo sɛ, na Hana nnim sɛ ɔbɛwo mma foforo akyiri yi de, nanso odii ɛbɔ a ɔhyɛɛ Yehowa no so.—1 Sam. 2:20, 21.

6. Dɛn na Tihiko yɛe de kyerɛe sɛ ɔyɛ ɔnokwafo?

6 Ná Kristoni barima bi a ɔtraa ase wɔ afeha a edi kan no mu a wɔfrɛ no Tihiko no yɛ “ɔsomfo nokwafo.” (Kol. 4:7) Tihiko ne ɔsomafo Paulo tutuu akwan fii Hela twaam Makedonia koduu Asia Kumaa, na ebia woduu Yerusalem mpo. (Aso. 20:2-4) Ɛbɛyɛ sɛ ɔno ne “onua” a ɔboaa Tito ma wɔyɛɛ akyɛde a wɔde kɔmaa wɔn mfɛfo gyidifo a na wɔwɔ Yudea a na wohia mmoa no ho nhyehyɛe no. (2 Kor. 8:18, 19; 12:18) Bere a wɔde Paulo too afiase nea edi kan wɔ Roma no, ɔmaa ɔnokwafo Tihiko sii n’ananmu de nkrataa kɔmaa wɔn mfɛfo gyidifo a na wɔwɔ Efeso ne Kolose no. (Efe. 6:21, 22; Kol. 4:8, 9) Paulo somaa Tihiko kɔɔ Efeso bere a wɔde Paulo too afiase ne mprenu so wɔ Roma no. (2 Tim. 4:12) Sɛ yɛn nso yedi nokware a, wɔbɛma yɛn dwumadi ahorow wɔ Yehowa som mu.

7, 8. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ na Dawid ne Yonatan yɛ nnamfo paa?

7 Onyankopɔn pɛ sɛ yɛyɛ nnamfo a yedi nokware. (Mmeb. 17:17) Ɔhene Saul ba Yonatan ne Dawid faa adamfo. Bere a Yonatan tee sɛ Dawid akum Goliat no, ‘Yonatan kra kyekyeree Dawid kra ho, na Yonatan dɔɔ no sɛ n’ankasa ne kra.’ (1 Sam. 18:1, 3) Bere a Yonatan tee sɛ Saul pɛ sɛ okum Dawid no, ɔbɔɔ Dawid amanneɛ. Bere a Dawid guanee no, Yonatan kohyiaa no, na ɔne no yɛɛ apam. Bere a Saul tee sɛ Yonatan ne Dawid akɔkasa no, ɛkaa kakraa bi ma anka Saul kum Yonatan, nanso nnamfo baanu no san hyiae bio, na wɔhyɛɛ wɔn adamfofa no mu den. (1 Sam. 20:24-41) Bere a etwa to koraa a Dawid ne Yonatan hyiae no, Yonatan hyɛɛ Dawid nsam den wɔ “Onyankopɔn mu.”—1 Sam. 23:16-18.

8 Yonatan wui wɔ Israelfo ne Filistifo akodi mu. (1 Sam. 31:6) Dawid too awerɛhow dwom sɛ: “Wo nti me ho hia me, me nua Yonatan, w’asɛm yɛɛ me dɛ sɛ, wo dɔ yɛɛ me nwonwa sen mmea dɔ.” (2 Sam. 1:26) Ná Dawid ne Yonatan yɛ nnamfo paa.

Munnya “Ahobrɛase Adwene” Bere Nyinaa

9. Ɔkwan bɛn so na Atemmufo ti 9 ma yehu nea enti a mfaso wɔ so sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase?

9 Ɛsɛ sɛ yenya “ahobrɛase adwene,” na ama yɛayɛ Onyankopɔn nnamfo. (1 Pet. 3:8; Dw. 138:6) Atemmufo ti 9 ma yehu nea enti a mfaso wɔ so sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase. Gideon ba Yotam kae sɛ: “Da bi nnua kɔe sɛ wɔkɔsra obi asi wɔn so hene.” Wɔbɔɔ ngodua, borɔdɔma, ne bobe din. Wɔde saa nnua no gyinaa hɔ maa ankorankoro bi a na wɔfata sɛ wodi Israelfo so hene nanso wɔampɛ sɛ wɔyɛ saa no. Nanso, wɔde nsɔe a ogya nkutoo na wotumi de sɔ no gyinaa hɔ maa Abimelek a na ɔyɛ ahantan ne owudifo a na ɔpɛ sɛ odi afoforo so tumi no ahenni. Ɛwom sɛ, Abimelek “dii Israel so mfe abiɛsa” de, nanso ohyiaa ɔpatuwu. (Atem. 9:8-15, 22, 50-54) Hwɛ sɛnea ɛfata sɛ yenya “ahobrɛase adwene”!

10. Dɛn na woasua afi “anuonyam” a Herode amfa amma “Onyankopɔn” no mu?

10 Wɔ afeha a edi kan Y.B. mu no, ná Yudea hene Herode Agripa ɔhantanfo no ne Tirofo ne Sidonfo ani nhyia. Ná Tirofo ne Sidonfo pɛ sɛ wɔma asomdwoe ba wɔne Herode Agripa ntam. Bere bi a na Herode rekasa akyerɛ ɔmanfo no, nkurɔfo no bɔ gyee no so sɛ: “Onyame bi nne ni, ɛnyɛ onipa nne!” Herode ani gyee sɛnea nkurɔfo no hoahoaa no no ho, na esiane sɛ “wamfa anuonyam no amma Onyankopɔn” nti, Yehowa bɔfo bɔɔ no ma owuu animguase wu. (Aso. 12:20-23) So yenim ɔkasa ma, anaasɛ yetumi kyerɛkyerɛ Bible mu nokware no yiye? Sɛ ɛte saa a, ɛnde momma yɛmfa anuonyam no mma Onyankopɔn a ɔma yetumi yɛ saa no.—1 Kor. 4:6, 7; Yak. 4:6.

Momma Yennya Akokoduru na Yɛnyɛ Den

11, 12. Ɔkwan bɛn so na Henok asɛm no ma yehu sɛ Yehowa ma n’asomfo akokoduru, na ɔhyɛ wɔn den?

11 Sɛ yɛde ahobrɛase nantew Yehowa akwan so a, ɔbɛma yɛn akokoduru na yɛayɛ den. (Deut. 31:6-8, 23) Ɛwom sɛ, Henok a ɔto Adam so ason wɔ awo ntoatoaso mu no ne amumɔyɛfo na ɛtrae de, nanso onyaa akokoduru ne Onyankopɔn nantewee, na ɔyɛɛ nea ɛteɛ. (Gen. 5:21-24) Esiane sɛ nkurɔfo no kaa kasafĩ, na wɔyɛɛ amumɔyɛde nti, Yehowa hyɛɛ Henok den ma ɔkaa nsɛm a na tumi wom kyerɛɛ wɔn. (Kenkan Yuda 14, 15.) So wowɔ akokoduru a ɛfata a wode ka Onyankopɔn atemmusɛm kyerɛ afoforo?

12 Yehowa de atemmu baa amumɔyɛfo no so bere a ɔde Nsuyiri baa wiase nyinaa wɔ Noa bere so no. Nanso, Henok nkɔmhyɛ no betumi ahyɛ yɛn nkuran, efisɛ ɛrenkyɛ na Onyankopɔn ahotefo mpempem pii no abɛsɛe amumɔyɛfo a wɔwɔ hɔ nnɛ no. (Adi. 16:14-16; 19:11-16) Yehowa tie yɛn mpaebɔ, na ɔma yɛn akokoduru ma yɛde ka n’asɛm, sɛ́ ɛyɛ atemmusɛm anaasɛ ɛfa nhyira a Ahenni no de bɛbrɛ nnipa ho no.

13. Dɛn nti na yebetumi anya ahotoso sɛ Onyankopɔn betumi ama yɛn akokoduru ne ahoɔden a yehia a yɛde begyina ateeteesɛm ano?

13 Yehia Onyankopɔn hɔ akokoduru ne ahoɔden na ama yɛatumi agyina ateeteesɛm ano. Bere a Esau waree Hetifo mmea baanu no, “wɔhyɛɛ Isak ne Rebeka [a wɔyɛ n’awofo no] awerɛhow.” Rebeka bɔɔ abubuw sɛ: “Het mmabea nti m’asetra afono me. Sɛ [yɛn babarima] Yakob kɔware yere Het mmabea mu, sɛ eyinom, wɔ asase yi so mmabea mu a, nkwa yɛ dɛn na ɛma me?” (Gen. 26:34, 35; 27:46) Isak yɛɛ asɛm no ho biribi, na ɔmaa Yakob kɔhwehwɛɛ yere wɔ Yehowa asomfo mu. Ɛwom sɛ, Isak ne Rebeka antumi anyɛ ɔhaw a na Esau akɔfa aba no ho hwee de, nanso Onyankopɔn maa wɔn nyansa, akokoduru, ne ahoɔden ma wɔkɔɔ so de dii Yehowa nokware. Sɛ yɛn nso yɛbɔ Yehowa mpae hwehwɛ mmoa a, ɔbɛyɛ saa ara ama yɛn.—Dw. 118:5.

14. Ɔkwan bɛn so na Israelni abeawa bi daa akokoduru adi?

14 Mfe pii akyi no, asraafo bi faa Israelni abeawa bi dommum ma ɔkɔyɛɛ abaawa wɔ Siriani sraani panyin Naaman a na ɔyare kwata no fie. Esiane sɛ na abeawa no ate sɛ Onyankopɔn nam odiyifo Elisa so ayɛ anwonwade nti, ɔde akokoduru ka kyerɛɛ Naaman yere sɛ: ‘Sɛ me wura bɛkɔ Israel a, anka Yehowa diyifo bɛsa ne kwata no ama no.’ Naaman kɔɔ Israel, na wɔsaa no yare anwonwakwan so. (2 Ahe. 5:1-3) Hwɛ sɛnea saa abeawa no yɛ nhwɛso pa ma mmofra a wɔde wɔn ho to Yehowa so hwehwɛ akokoduru de di akyerɛkyerɛfo, mfɛfo sukuufo, ne afoforo adanse no!

15. Akokodurusɛm bɛn na Ahab fiehwɛfo Obadia daa no adi?

15 Akokoduru a Onyankopɔn de ma yɛn no boa yɛn ma yetumi gyina ɔtaa ano. Susuw Ɔhene Ahab fiehwɛfo Obadia a ɔtraa ase wɔ odiyifo Elia bere so no ho hwɛ. Bere a Ɔhemmaa Isebel hyɛe sɛ wonkunkum Onyankopɔn adiyifo no, Obadia de wɔn mu 100 siee ‘aduonum aduonum wɔ ɔbodan mu.’ (1 Ahe. 18:13; 19:18) So wubenya akokoduru de aboa wo mfɛfo Kristofo a wɔrehyia ɔtaa no te sɛ nea Obadia boaa Yehowa adiyifo no?

16, 17. Bere a Aristarko ne Gaio hyiaa ɔtaa no, wɔyɛɛ wɔn ade dɛn?

16 Sɛ yehyia ɔtaa a, yebetumi anya ahotoso sɛ Yehowa bɛboa yɛn. (Rom. 8:35-39) Basabasayɛfo a wɔn dodow bɛyɛ apem tow hyɛɛ Paulo mfɛfo Aristarko ne Gaio so wɔ Efeso agoprama so. Dwetɛ dwumfo Demetrio na ɔkɔfaa basabasayɛ no bae. Ná Demetrio ne ne mfɛfo dwetɛ adwumfo no yɛ Artemi abosonnan tɔn, na esiane asɛnka adwuma a Paulo yɛe wɔ hɔ no nti, na kurow no mufo pii agyae abosonsom ma wɔn adwuma a ɛma wonya sika pii no reyɛ agu. Basabasayɛfo no kɔtwee Aristarko ne Gaio kɔɔ agoprama no so, na wɔkɔɔ so teɛteɛɛm sɛ: “Efesofo Artemi yɛ kɛse!” Ebia na Aristarko ne Gaio hwɛ kwan sɛ wobekum wɔn, nanso kurow no kyerɛwfo dwudwoo nnipadɔm no bo.—Aso. 19:23-41.

17 Sɛ wo na asɛm a ɛte saa too wo a, so anka wubegyae asɛnka adwuma no sɛnea ɛbɛyɛ a wubenya ahotɔ? Biribiara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ Aristarko anaa Gaio paa abaw. Esiane sɛ na Aristarko fi Tesalonika nti, na onim sɛ sɛ obi yɛ asɛmpaka adwuma no bi a, obetumi ahyia ɔtaa. Wɔ mfe bi a na atwam no, bere a Paulo kɔkaa asɛmpa no wɔ Tesalonika no, basabasayɛ bi sɔree wɔ hɔ. (Aso. 17:5; 20:4) Esiane sɛ na Aristarko ne Gaio nantew Yehowa akwan so nti, na Onyankopɔn ama wɔn ahoɔden ne akokoduru a wɔde begyina ɔtaa ano.

Ɛsɛ sɛ Yɛhwɛ Nneɛma a Ɛfa Afoforo Ho

18. Ɔkwan bɛn so na Priska ne Akwila ‘hwɛɛ’ nneɛma a ɛfa afoforo ho?

18 Sɛ́ yɛrehyia ɔtaa anaa yenhyiaa bi no, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn mfɛfo Kristofo ho hia yɛn. Ná Priska ne Akwila ‘hwɛ nneɛma’ a ɛfa afoforo ho, anaa wɔma afoforo ho hia wɔn. (Kenkan Filipifo 2:4) Ɛbɛyɛ sɛ saa awarefo a wɔyɛ nhwɛso pa yi maa Paulo baabi dae wɔ Efeso, kurow a Demetrio a na ɔyɛ dwetɛ dwumfo no maa nkurɔfo bi yɛɛ basabasa wɔ hɔ a yɛaka ho asɛm dedaw no. Ɛbɛyɛ sɛ saa asɛm no na ɛmaa Akwila ne Priska de ‘wɔn kɔn too hɔ’ maa Paulo no. (Rom. 16:3, 4; 2 Kor. 1:8) Ɛnnɛ, yɛn nuanom a wɔrehyia ɔtaa a yedwen wɔn ho no ma yɛyɛ ‘anifere sɛ awɔ.’ (Mat. 10:16-18) Yɛhwɛ yiye wɔ asɛnka adwuma no mu, na yɛmmobɔ yɛn nuanom a wɔrehyia ɔtaa no din, anaa yɛnka wɔn ho nsɛm foforo nkyerɛ wɔn a wɔretaa wɔn no mfa nyi wɔn mma.

19. Nneɛma pa bɛn na Dorka yɛ maa afoforo?

19 Yɛwɔ akwan pii a yɛfa so kyerɛ sɛ afoforo ho hia yɛn. Kristofo binom hia nneɛma bi, na ebia yɛn na yebetumi ama wɔn nsa aka saa nneɛma no. (Efe. 4:28; Yak. 2:14-17) Wɔ afeha a edi kan no mu no, ná ɔbea yamyefo bi a ne din de Dorka wɔ Yopa asafo no mu. (Kenkan Asomafo Nnwuma 9:36-42.) “Ná nnwuma pa ne adɔe” ayɛ Dorka ma, na ɛda adi sɛ, adɔe a na ɔyɛ no bi ne ntade a na ɔpam ma akunafo a na wohia mmoa no. Bere a Dorka wui wɔ afe 36 Y.B. mu no, akunafo no werɛ howee paa. Onyankopɔn maa ɔsomafo Petro nyanee Dorka, na ɛda adi pefee sɛ, Dorka de ne nkwa nna a ɔde traa asase so no kaa asɛmpa no anigye so, na ɔyɛɛ nneɛma pa maa afoforo. Hwɛ anigye ara a ɛyɛ sɛ yɛwɔ Kristofo mmea a wɔn yam ye wɔ yɛn mu nnɛ!

20, 21. (a) Abusuabɔ bɛn na nkuran a yɛbɛhyɛ afoforo, ne wɔn ho a yɛbɛma ahia yɛn no wɔ? (b) Dɛn na wubetumi ayɛ de ahyɛ afoforo nkuran?

20 Sɛ yɛhyɛ afoforo nkuran a, ɛma wohu sɛ wɔn ho hia yɛn. (Rom. 1:11, 12) Ná Paulo yɔnko dwumayɛni Silas yɛ obi a ɔhyɛ afoforo nkuran. Bere a wɔkaa twetiatwa ho asɛm wiei wɔ afe 49 Y.B. mu no, sodikuw a na ɛwɔ Yerusalem no somaa ananmusifo ma wɔde krataa kɔmaa Kristofo a na wɔwɔ nkurow foforo so no. Silas, Yuda, Barnaba, ne Paulo de krataa no kɔɔ Antiokia. Silas ne Yuda ‘kaa nsɛm pii de hyɛɛ anuanom nkuran, na wɔhyɛɛ wɔn den.’—Aso. 15:32.

21 Akyiri yi, wɔde Paulo ne Silas too afiase wɔ Filipi, na asasewosow bi a esii wɔ hɔ no ma wogyaa wɔn. Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ wɔn ani gyei sɛ wodii afiasehwɛfo no adanse na ɔne ne fiefo nyinaa bɛyɛɛ gyidifo! Silas ne Paulo hyɛɛ anuanom a wɔwɔ kurow no mu no nkuran ansa na wɔrefi hɔ akɔ. (Aso. 16:12, 40) Bɔ mmɔden fa nsɛm a woka, ɔkasa ahorow a woma, ne nsi a wode yɛ asɛnka adwuma no hyɛ afoforo nkuran te sɛ nea Paulo ne Silas yɛe no. Na sɛ wowɔ “nkuranhyɛsɛm bi a,” sɛnea ɛte biara no, bɔ mmɔden ‘ka’ kyerɛ afoforo.—Aso. 13:15.

Monkɔ so Nnantew Yehowa Akwan So

22, 23. Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya Bible mu nsɛm so mfaso ankasa?

22 Hwɛ sɛnea ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani sɔ sɛ wɔayɛ nkurɔfo asetram nsɛm ho kyerɛwtohɔ wɔ Yehowa a ɔyɛ “nkuranhyɛ nyinaa Nyankopɔn” no Asɛm mu! (2 Kor. 1:3, Byington) Sɛ yebenya saa nsɛm no so mfaso a, ɛsɛ sɛ yɛde Bible mu nsɛm no bɔ yɛn bra, na yɛma Onyankopɔn honhom kronkron kyerɛ yɛn kwan.—Gal. 5:22-25.

23 Sɛ yesusuw Bible mu nsɛm ho a, ɛbɛboa yɛn ma yɛanya su ahorow a Onyankopɔn ani gye ho. Ɛbɛma yɛne Yehowa a ɔma yɛn “nyansa ne nimdeɛ ne anigye” no ntam abusuabɔ mu ayɛ den. (Ɔsɛnk. 2:26) Sɛ yɛyɛ saa a, yebetumi ama ɔdɔ Nyankopɔn no koma atɔ ne yam. (Mmeb. 27:11) Ɛmmra sɛ, yebesi yɛn bo sɛ yɛbɛkɔ so anantew Yehowa akwan so na ama ne koma atɔ ne yam.

Wubebua Dɛn?

• Wobɛyɛ dɛn atumi ada no adi sɛ woyɛ ɔnokwafo?

• Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yenya “ahobrɛase adwene”?

• Ɔkwan bɛn so na Bible mu nsɛm betumi aboa yɛn ma yɛanya akokoduru?

• Dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ afoforo ho hia yɛn?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 8]

Ɛwom sɛ na ɛbɔ a ɔnokwafo Yefta hyɛe no so di yɛ den de, nanso ɔne ne babea no dii so

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Mmofra, dɛn na moasua afi Israelni abeawa no asɛm no mu?

[Mfonini wɔ kratafa 11]

Ɔkwan bɛn so na Dorka maa ne mfɛfo Kristofo nsa kaa wɔn ahiade?