Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Momma Yensua Biribi Mfi Mfomso a Israelfo Dii no Mu

Momma Yensua Biribi Mfi Mfomso a Israelfo Dii no Mu

Momma Yensua Biribi Mfi Mfomso a Israelfo Dii no Mu

BERE a Israelfo no duu Bɔhyɛ Asase no so no, na wonim nea Yehowa pɛ sɛ wɔyɛ. Ná Onyankopɔn nam Mose so aka akyerɛ wɔn sɛ: “Mompam asase no sotefo nyinaa mfi mo anim, na monsɛe wɔn abo ahoni nyinaa, na wɔn ahoni a wɔagu no, monsɛe ne nyinaa, na monsɛe wɔn sorɔnsorɔmmea nyinaa.”—Num. 33:52.

Ná ɛnsɛ sɛ Israelfo no ne wɔn a na wɔte asase no so no yɛ apam, na saa ara nso na na ɛnsɛ sɛ wɔne wɔn di ayeware. (Deut. 7:2, 3) Nokwarem no, wɔbɔɔ Onyankopɔn nkurɔfo no kɔkɔ sɛ: “Hwɛ wo ho yiye na wo ne nea ɔte asase a worekɔ so no so no ampam, na wɔammɛdan wo mu afiri.” (Ex. 34:12) Nanso, Israelfo no yɛɛ Onyankopɔn so asoɔden, na afiri no yii wɔn. Dɛn na ɛmaa afiri no yii wɔn no? Kɔkɔbɔ ho asuade bɛn na yebetumi anya afi asɛm a ɛtoo wɔn no mu?—1 Kor. 10:11.

Fekubɔ Ma Wɔkɔsom Abosom

Bere a Israelfo no rekɔ akɔfa Bɔhyɛ Asase no, mfiase no, wodii wɔn a na wɔte asase no so no so nkonim. Nanso, Israelfo no anni Onyankopɔn ahyɛde so ankosi ase. Wɔampam wɔn atamfo no. (Atem. 1:1–2:10) Mmom no, bere a Israelfo no ne “aman ason” a na wɔte asase no so trae, na wɔne wɔn bɔɔ fekuw daa no, wɔne wɔn faa nnamfo. (Deut. 7:1) Dɛn na eyi maa Israelfo no yɛe? Bible ka sɛ: “Wɔfofaa wɔn mmabea warewaree na wɔde wɔn mmabea momaa wɔn mma aware, na wɔsonsom wɔn anyame. Na Israelfo yɛɛ nea ɛyɛ [Yehowa, NW] ani so bɔne, na wɔn werɛ fii [Yehowa, NW] wɔn Nyankopɔn, na wɔkɔsom Baalim ne Asera nnua.” (Atem. 3:5-7) Fekuw a Israelfo ne asase no sofo bɔe no maa wɔne wɔn dii ayeware, na wɔsom abosom. Esiane sɛ Israelfo no ne nkurɔfo no dii ayeware nti, ɛyɛɛ den maa wɔn sɛ wɔbɛpam nkurɔfo no afi asase no so. Ɛma woguu nokware som ho fĩ, na Israelfo no ankasa som abosom.

Nnamfo a Israelfo no ne nkurɔfo a na wɔte Bɔhyɛ Asase no so fae no ma ɛyɛɛ mmerɛw koraa sɛ saa nkurɔfo no bɛdaadaa Israelfo no ma wɔasɛe wɔne Onyankopɔn ntam sen bere a na wɔyɛ wɔn atamfo no. Susuw ade foforo a na ɛno nso bɛma Israelfo no agu nokware som ho fĩ no ho hwɛ.

Kuayɛ Ma Wɔsom Baal

Bere a Israelfo no duu Bɔhyɛ Asase no so no, wɔankɔ so anni atutra bio, na wɔn mu pii bɛyɛɛ akuafo. Ɛbɛyɛ sɛ Israelfo no suasuaa akwan a na Kanaanfo a wɔkɔtoo wɔn wɔ asase no so no fa so yɛ kua no. Ɛda ada di sɛ, ɛnyɛ akwan a na Kanaanfo no fa so yɛ kua no nkutoo na Israelfo no suae. Kanaanfo a Israelfo no ne wɔn bɔe no ma wobenyaa gyidi a na Kanaanfo wɔ wɔ kuayɛ ho no bi.

Ná Kanaanfo no som Baal ahorow pii. Ná wosusuw sɛ saa anyame no na wɔma wɔn nnɔbae yɛ yiye. Israelfo no dɔɔ wɔn mfuw, na wotwaa wɔn nnɔbae, na bere bi akyi no, wɔne Kanaanfo no boom som wɔn anyame. Ná wosusuw sɛ, anyame no na wɔma wonya nnɔbae pii. Enti Israelfo no pii yɛɛ wɔn ho te sɛ nea wɔsom Yehowa, nanso na wɔawae afi nokware som ho ankasa.

Kɔkɔbɔ a Emu Yɛ Den ma Yɛn Nnɛ

Bere a Israelfo no kɔtoo nkurɔfo a na wɔte Bɔhyɛ Asase no so no, ɛda adi sɛ, na enni wɔn adwenem sɛ wɔbɛsom Baal na wɔayɛ nneɛma bɔne a Baal asomfo no yɛ no bi. Nanso, fekuw a Israelfo ne wɔn bɔe no na ɛma wɔsom Baal. Sɛ yɛne nkurɔfo a wɔwɔ adamfofa su nanso wɔne yɛn nni Kristofo gyidi, gyinapɛn, ne nnyinasosɛm koro bɔ a, so ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ wobetumi asɛe yɛne Onyankopɔn ntam? Ɛwom sɛ, ebia ɛho behia sɛ yɛne wɔn a wonnye nni bɔ wɔ adwumam, sukuu mu, anaa ebia ofie mpo de, nanso, ɛsɛ sɛ yɛma asɛm a ɛtoo Israelfo no yɛ kɔkɔbɔ ma yɛn. Sɛ yɛde yɛn ho hyɛ fekubɔ a ɛte saa mu a, na yɛrefrɛfrɛ ɔhaw aba yɛn so. Bible ka nokwasɛm yi sɛ: “Fekubɔne sɛe ɔbra pa.”—1 Kor. 15:33.

Ɛnnɛ, yehyia sɔhwɛ ahorow pii a ɛte sɛ nea Israelfo no hyiae no. Nnipa a wɔwɔ hɔ nnɛ no bu nneɛma pii ne nnipa bi sɛ wɔyɛ anyame. Emu bi ne sika, wɔn a wogyigye ɔmanfo ani, agumadifo, amanyɔfo, nyamesom akannifo bi, ne abusuafo mpo. Eyi mu biara betumi abɛyɛ ade a yɛn ani gye ho titiriw wɔ yɛn asetram. Sɛ yɛne nkurɔfo a wɔnnɔ Yehowa bɔ denneennen a, ebetumi asɛe yɛne Onyankopɔn ntam.

Ná nna mu ɔbrasɛe nso ka Baalsom mu nneɛma a Israelfo no mu pii ani gyee ho na ɛdaadaa wɔn no ho. Mfiri a ɛte saa da so ara yi Onyankopɔn nkurɔfo. Sɛ nhwɛso no, ade a ebetumi ama obi a ɔpɛ asɛm anaa n’ani nna hɔ asɛe n’ahonim pa ara ne sɛ ɔbɛsɔ ne kɔmputa wɔ ne fie na wahwɛ ɔbarima ne ɔbea nna ho mfonini wɔ Intanɛt so. Hwɛ sɛnea ɛyɛ awerɛhow sɛ Kristoni bi bɛma nguamansɛm a ɛwɔ Intanɛt so adaadaa no.

“Anigye Ne Wɔn a Wodi Ne Nkaesɛm So”

Gyinae a yebesi sɛ yebetie Yehowa asɛm anaasɛ yɛrentie no wɔ nea ɔka fa nnamfo a yɛbɛfa ho no yɛ ankorankoro biara asɛm. (Deut. 30:19, 20) Enti, ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho sɛ: ‘Nnipa bɛn na me ne wɔn bɔ bere a meregye m’ani no? Wobu Onyankopɔn mmara dɛn, na wɔn abrabɔ nso te dɛn? So wɔsom Yehowa? So fekuw a me ne wɔn bɛbɔ no bɛboa me ma mayɛ Kristoni papa?’

Odwontofo no too dwom sɛ: “Anigye ne wɔn a wɔn ho nni asɛm, wɔn kwan mu, na wɔnantew Yehowa mmara mu. Anigye ne wɔn a wodi ne nkaesɛm so; wɔde wɔn koma nyinaa hwehwɛ no.” (Dw. 119:1, 2, NW) Nokwarem no, “anigye ne obiara a osuro Yehowa, na ɔnantew n’akwan mu.” (Dw. 128:1, NW) Sɛ yɛrefa nnamfo a, momma yensua biribi mfi mfomso a Israelfo no dii mu, na yɛnyɛ osetie koraa mma Yehowa.—Mmeb. 13:20.

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Sɛ yɛne nkurɔfo a wɔnnɔ Yehowa bɔ a, ebetumi ama yɛasom abosom