Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Momma Yensuasua Ɔsɛmpatrɛwfo A Ɔsen Biara No

Momma Yensuasua Ɔsɛmpatrɛwfo A Ɔsen Biara No

Momma Yensuasua Ɔsɛmpatrɛwfo A Ɔsen Biara No

“Munsuasua me sɛnea me nso misuasua Kristo no.”—1 KOR. 11:1.

1. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yesuasua Yesu Kristo?

ƆSOMAFO Paulo suasuaa Ɔsɛmpatrɛwfo a ɔsen biara a ɔne Yesu Kristo no. Paulo nso hyɛɛ ne mfɛfo Kristofo nkuran sɛ: “Munsuasua me sɛnea me nso misuasua Kristo no.” (1 Kor. 11:1) Bere a Yesu fi ahobrɛase mu hohoroo n’asomafo no nan ho de yɛɛ ahobrɛase ho asuade maa wɔn wiei no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Magyaw mo nhwɛsode sɛ sɛnea mayɛ mo no, mo nso monyɛ saa ara.” (Yoh. 13:12-15) Sɛ́ Kristofo a yɛwɔ hɔ nnɛ no, ɛsɛ sɛ yɛn nso yesuasua Yesu Kristo wɔ yɛn kasa, yɛn nneyɛe, ne su ahorow a yɛda no adi no mu.—1 Pet. 2:21.

2. Sɛ Sodikuw no mpaw wo sɛ ɔsɛmpatrɛwfo mpo a, su bɛn na wubetumi anya?

2 Wɔ adesua a edi eyi anim mu no, yehui sɛ, ɔsɛmpatrɛwfo yɛ ɔsɛmpakafo a wɔasoma no sɛ ɔnkɔka asɛmpa no nkyerɛ afoforo. Paulo bisaa nsɛm bi a ɛho hia faa asɛmpaka adwuma yi ho. (Kenkan Romafo 10:11-15.) Hyɛ no nsow sɛ, ɔsomafo no bisae sɛ: “Sɛ obi anka asɛm no . . . a, ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛte?” Afei, Paulo faa Yesaia nkɔmhyɛ no mu asɛm kae sɛ: “Nea ɔnam mmepɔw so ka asɛmpa no anan yɛ fɛ dɛn ara!” (Yes. 52:7) Sɛ wɔmpaw wo sɛ ɔsɛmpatrɛwfo nsomaa wo sɛ kɔka asɛm no wɔ ɔman foforo so mpo a, wubetumi anya asɛmpaka adwuma no ho anigye, asuasua Yesu, na woayɛ ɔsɛmpakafo a ɔyɛ nsi. Wɔ afe a etwaam no mu no, Ahenni adawurubɔfo 6,957,852 na wɔyɛɛ ‘asɛmpakafo adwuma’ no wɔ nsase 236 so.—2 Tim. 4:5.

“Yɛagyaw Nneɛma Nyinaa Abedi W’akyi”

3, 4. Dɛn na Yesu gyaa hɔ wɔ soro, na dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama yɛatumi abɛyɛ n’akyidifo?

3 Nea ɛbɛyɛ na Yesu ayɛ adwuma a wɔde maa no wɔ asase so awie no, “ogyaa biribiara mu faa akoa tebea,” na ogyaw anuonyam ne asetra a na ɔwɔ wɔ soro no hɔ. (Filip. 2:7) Yɛrentumi mfa biribiara a yɛde rebɔ afɔre de asuasua Kristo no ntoto nneɛma a Yesu de bɔɔ afɔre bere a na ɔreba asase so no ho. Nanso, yebetumi akɔ so agyina pintinn, a yɛrensan mma yɛn kɔn nnɔ nneɛma a na yɛwɔ a yɛagyaw wɔ Satan wiase no mu no.—1 Yoh. 5:19.

4 Da bi, ɔsomafo Petro ka kyerɛɛ Yesu sɛ: “Hwɛ! Yɛagyaw nneɛma nyinaa abedi w’akyi.” (Mat. 19:27) Bere a Yesu ka kyerɛɛ Petro, Andrea, Yakobo, ne Yohane sɛ wommedi n’akyi no, ntɛm ara na wogyaw wɔn asaw hɔ kodii n’akyi. Wogyaee mpataayi adwuma no, na wɔde asɛnka adwuma no yɛɛ wɔn adwuma titiriw. Sɛnea Luka Asɛmpa no bɔ amanneɛ no, Petro kae sɛ: “Hwɛ! Yɛagyaw yɛn nneɛma hɔ abedi w’akyi.” (Luka 18:28) Ná ɛho nhia sɛ yɛn mu dodow no ara gyaw “yɛn nneɛma” nyinaa hɔ ansa na yɛrebɛyɛ Yesu akyidifo. Nanso, na ɛsɛ sɛ ‘yɛpa yɛn ho akyi’ ansa na yɛrebɛyɛ Kristo akyidifo ne Yehowa asomfo a yefi yɛn koma nyinaa mu som no. (Mat. 16:24) Nhyira pii afi saa a yɛyɛe no mu aba. (Kenkan Mateo 19:29.) Sɛ yesuasua Kristo, na yɛde nsi yɛ asɛnka adwuma no a, ɛma yɛn koma tɔ yɛn yam. Na ne titiriw no, sɛ yɛatumi aboa obi ma wabɛn Onyankopɔn ne ne Dɔba no a, ɛnde yɛn bo bɛtɔ yɛn yam kɛse.

5. Ka osuahu bi a ɛkyerɛ nea obi a ɔwɔ akwantu mu betumi ayɛ bere a wahu Bible mu nokware no.

5 Ná Brazilni barima bi a ne din de Valmir a ɔte Suriname no tu sika kɔkɔɔ. Ná ɔyɛ ɔsadweam, na na ne bra nso asɛe. Bere bi a ɔkɔɔ kurow kɛse bi mu no, Yehowa Adansefo fii ase ne no suaa Bible. Wɔne no suaa ade da biara da, ɔyɛɛ nsakrae pii, na ankyɛ na ɔbɔɔ asu. Bere a ohui sɛ n’adwuma no nti ɛyɛ den ma no sɛ ɔbɛbɔ ne bra sɛnea Bible kyerɛkyerɛ no, ɔtɔn n’adwuma a na sika wom no, na ɔsan kɔɔ Brazil sɛ ɔrekɔboa n’abusua ma wɔn nso ahu nokware no. Sɛ wɔn a wɔwɔ akwantu mu no mu pii sua Bible no a, wɔn ankasa gyae nnwuma a wɔyɛ wɔ aman a edi yiye no mu no, na wɔsan kɔ wɔn man mu kɔboa wɔn abusuafo ne afoforo ma wɔbɛn Yehowa. Ahenni adawurubɔfo a wɔte saa no da no adi sɛ, wɔn ani gye asɛmpaka adwuma no ho ankasa.

6. Sɛ yɛrentumi ntu nkɔ mmeae a wohia Ahenni adawurubɔfo pii a, dɛn na yebetumi ayɛ?

6 Adansefo pii atumi atu akɔ mmeae a wohia Ahenni no ho asɛmpakafo pii no. Adansefo binom mpo tu kɔ amannɔne kɔka asɛmpa no wɔ hɔ. Ebia, yɛn ankasa yɛrentumi ntu nkɔ mmeae a ɛtete saa de, nanso yebetumi ayɛ nea yɛn ahoɔden betumi bere nyinaa de aka asɛmpa no de asuasua Yesu.

Yehowa Ma Yenya Ntetee a Ɛfata

7. Sukuu ahorow bɛn na wɔde tete wɔn a wɔpɛ sɛ wonya nkɔso sɛ Ahenni adawurubɔfo no?

7 Sɛnea Yesu nyaa ntetee fii n’Agya hɔ no, yebetumi anya ntetee a Yehowa de rema nnɛ no so mfaso. Yesu ankasa kae sɛ: “Wɔakyerɛw wɔ Adiyifo no mu sɛ, ‘Yehowa bɛkyerɛkyerɛ wɔn nyinaa.’” (Yoh. 6:45; Yes. 54:13) Ɛnnɛ, yɛwɔ sukuu ahorow a wɔahyɛ da ayɛ a wɔde tete yɛn ma yɛbɔ Ahenni no ho dawuru. Akyinnye biara nni ho sɛ, yɛn nyinaa anya Teokrase Ɔsom Sukuu no a yɛyɛ wɔ yɛn asafo ahorow mu no so mfaso wɔ ɔkwan bi so. Akwampaefo nya hokwan kɔ Akwampaefo Ɔsom Sukuu. Akwampaefo pii a wɔasom akyɛ no anya hokwan akɔ sukuu no mprenu. Asafo mu mpanyimfo ne asomfo akɔ Ahenni Som Sukuu no bi ma wɔn nkyerɛkyerɛ atu mpɔn, na ama wotumi som wɔn mfɛfo gyidifo yiye. Asafo mu mpanyimfo ne asomfo pii a wɔnwaree akɔ Asomfo Ntetee Sukuu no bi, na asiesie wɔn ma wotumi boa afoforo wɔ asɛnka adwuma no mu. Anuanom mmarima ne mmea pii a wɔama wɔn dwumadi wɔ aman foforo so sɛ asɛmpatrɛwfo no mu pii na wɔakɔ Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu no bi.

8. Nneɛma a ɛsom bo a anuanom binom fi wɔn pɛ mu de bɔ afɔre sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya ntetee a Yehowa de ma no bi ne dɛn?

8 Yehowa Adansefo pii na wɔayɛ nsakrae ahorow sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi akɔ sukuu ahorow yi bi. Nea ɛbɛyɛ na Yugu atumi akɔ Asomfo Ntetee Sukuu no bi wɔ Canada no, ogyaee honam fam adwuma a na ɔyɛ no, efisɛ bere a ɔsrɛɛ kwan no, n’adwumawura no amma no kwan. Yugu kae sɛ: “Minnuu me ho, efisɛ, sɛ anka wɔdom me maa me kwan a, anka wɔbɛhwɛ kwan sɛ mɛkɔ so ayɛ adwuma no daa. Nanso, seesei mayɛ krado a meretwɛn sɛ mɛkɔ akɔyɛ adwuma biara a Yehowa de bɛma me no.” Yehowa Adansefo pii na wɔafi wɔn pɛ mu de nneɛma bi a na anka ɛsom bo kɛse ma wɔn no abɔ afɔre sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya ntetee a Onyankopɔn de ma no bi.—Luka 5:28.

9. Ma nhwɛso bi a ɛkyerɛ sɛ sɛ nkurɔfo bɔ mmɔden ankasa de Bible nkyerɛkyerɛ yɛ adwuma a, ɛma wonya nkɔso kɛse.

9 Sɛ nkurɔfo bɔ mmɔden ankasa de Bible nkyerɛkyerɛ yɛ adwuma a, ɛma wonya nkɔso kɛse. (2 Tim. 3:16, 17) Susuw Saulo a ofi Guatemala no asɛm no ho hwɛ. Bere a wɔwoo no no, na n’adwene ho aka kakra. Saulo akyerɛkyerɛfo no mu biako ka kyerɛɛ Saulo maame sɛ, ɛnsɛ sɛ ɔhyɛ abarimaa no ma osua akenkan, efisɛ sɛ ɔyɛ saa a, ɔbɛma abarimaa no ateetee. Enti Saulo wiee sukuu a na onnim akenkan. Nanso, Ɔdansefo bi de Sua Akenkan ne Akyerɛw nhomawa no kyerɛɛ Saulo akenkan. Awiei koraa no, Saulo nyaa nkɔso ma otumi yɛɛ dwumadi wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu. Akyiri yi, Saulo maame hyiaa ɔkyerɛkyerɛfo no wɔ asɛnka mu. Bere a ɔkyerɛkyerɛfo no tee sɛ Saulo ahu akenkan no, ɔka kyerɛ Saulo maame sɛ ɔne no mmra ne fie dapɛn a edi hɔ no. Bere a Saulo kɔɔ ɔkyerɛkyerɛfo no fie dapɛn a edi hɔ no, ɔkyerɛkyerɛfo no bisaa Saulo sɛ, “Dɛn na worebɛkyerɛkyerɛ me?” Saulo fii ase kenkan Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nhoma no nkyekyɛm bi kyerɛɛ no. Ɔkyerɛkyerɛfo no kae sɛ, “Ɛyɛ me nwonwa sɛ wo paa na worekyerɛkyerɛ me nnɛ yi.” Ɔkyerɛkyerɛfo no yɛɛ Saulo atuu, na n’ani gyei araa ma n’ani tɛɛtɛɛ nusu.

Nkyerɛkyerɛ a Ɛka Koma

10. Nhoma bɛn na yɛwɔ a yetumi de kyerɛkyerɛ Bible mu nokware no mu yiye?

10 Yesu de nea osua fii Yehowa hɔ tẽẽ, ne akwankyerɛ a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no na ɛkyerɛkyerɛɛ nkurɔfo. (Luka 4:16-21; Yoh. 8:28) Sɛ yɛde Yesu afotu yɛ adwuma, na yɛde Bible mu nsɛm kyerɛkyerɛ a, na yɛresuasua Yesu. Sɛ yɛyɛ saa a, ɛma yɛn nyinaa ka asɛnkoro, yenya nsusuwii koro, na ɛboa ma yɛyɛ biako. (1 Kor. 1:10) Hwɛ sɛnea ɛyɛ yɛn anigye sɛ “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no ma yenya Bible ho nhoma a ɛboa yɛn ma yɛkɔ so yɛ biako wɔ yɛn nkyerɛkyerɛ mu, na ɛma yɛkɔ so tumi yɛ asɛmpaka adwuma no! (Mat. 24:45; 28:19, 20) Saa nhoma no mu biako ne Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no a ɛwɔ kasa 179 mu no.

11. Ɔkwan bɛn so na onuawa bi a ɔwɔ Ethiopia de Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no dii ɔsɔretia bi so?

11 Sɛ yɛne nkurɔfo de Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no sua Kyerɛwnsɛm no a, etumi ma wɔn a wɔsɔre tia yɛn no mpo sesa wɔn adwene. Da bi, na onuawa ɔkwampaefo bi a wɔfrɛ no Lula a ofi Ethiopia ne obi resua Bible no, ɔbea bi a ɔyɛ osuani no busuani de abufuw baa hɔ bɛka kyerɛɛ wɔn sɛ mfaso nni adesua a wɔreyɛ no so. Lula tɔɔ ne bo ase de sika bɔne ho mfatoho a ɛwɔ Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no ti 15 no ne ɔbea no susuw nsɛm ho. Ɔbea no bo dwoe, na ɔma wɔtoaa adesua no so. Nokwarem no, adesua a edi hɔ a wɔyɛe no, ɔbea no kɔtraa mu bi, na ɔsrɛe sɛ, wɔne ɔno nso mmesua Bible, na ɔkae sɛ obetua ho ka mpo! Bere tiaa bi akyi no, wɔne ɔbea no yɛɛ Bible adesua no mprɛnsa dapɛn biara, na onyaa nkɔso wɔ nokware no mu.

12. Ma nhwɛso bi fa kyerɛ ɔkwan a mmofra betumi afa so akyerɛkyerɛ Bible mu nokware ahorow no mu yiye.

12 Mmofra betumi de Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no aboa afoforo. Bere a na Keanu a wadi mfe 11 a ofi Hawaii rekenkan saa nhoma yi wɔ sukuu no, ne mfɛfo sukuufo no mu biako bisaa no sɛ, “Dɛn nti na munni afahyɛ ahorow?” Keanu kenkan mmuae no fii nkekaho a n’asɛmti ne “So Ɛsɛ sɛ Yedi Afahyɛ Ahorow?” no mu kyerɛɛ no. Afei, ɔdan kɔɔ kratafa a wɔahyehyɛ nhoma no mu nsɛm no, na obisaa abarimaa no sɛ, nsɛmti no mu nea ɛwɔ he na n’ani gye ho paa? Ɔne no fii ase yɛɛ Bible adesua. Wɔ ɔsom afe a etwaam no mu no, Yehowa Adansefo yɛɛ Bible adesua 6,561,426, na wɔde Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no na ɛyɛɛ emu pii. So wode nhoma yi reyɛ Bible adesua ahorow?

13. Ɔkwan bɛn so na Bible a yɛne nkurɔfo sua no betumi aboa wɔn kɛse?

13 Sɛ yɛne nkurɔfo de Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no sua Kyerɛwnsɛm no a, ebetumi aboa wɔn a wɔpɛ sɛ wɔyɛ Onyankopɔn apɛde no kɛse. Akwampaefo atitiriw bi a wɔyɛ awarefo a wɔwɔ Norway ne abusua bi a wofi Zambia fii ase suaa Bible. Ná awarefo a wofi Zambia no wɔ mmabea baasa, na na wɔmpɛ sɛ wɔwo bio. Enti, bere a ɔbea no nyinsɛnee no, ɔne ne kunu sii gyinae sɛ wobetu nyinsɛn no agu. Aka nna kakraa bi ma wɔakohu oduruyɛfo bi no, wosuaa Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no ti a ɛne “Onyankopɔn Adwene a Yebenya Wɔ Nkwa Ho” no. Abofra a ɔhyɛ yafunu mu mfonini a ɛwɔ saa ti no mu no kaa awarefo no koma yiye ma wosii gyinae sɛ wɔrentu nyinsɛn no ngu. Wɔkɔɔ so nyaa nkɔso wɔ nokware no mu, na wɔde wɔn babarima a wɔwoo no no too onua a ɔne wɔn suaa ade no.

14. Kyerɛkyerɛ sɛnea sɛ yɛde nea yɛkyerɛkyerɛ afoforo no bɔ yɛn bra a, ade pa fi mu ba no mu.

14 Ade biako a ɛho hia paa wɔ ɔkwan a Yesu faa so kyerɛkyerɛe no ho ne sɛ, ɔde nea ɔkyerɛkyerɛɛ nkurɔfo no bɔɔ ne bra. Nnipa pii ani gye Yehowa Adansefo a wosuasua Yesu na wɔde nea wɔka no bɔ wɔn bra no suban pa no ho. Akorɔmfo kɔɔ adwumawura bi a ɔwɔ New Zealand kar mu kowiaa n’adaka bi. Adwumawura no kɔbɔɔ polisini bi amanneɛ, na polisini no ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ wo nsa bɛka adaka no ne emu nneɛma no a, gye sɛ Yehowa Dansefo bi kopue so.” Ɔdansefo bi a na ɔrekyekyɛ atesɛm nkrataa kopuee adaka no so. Bere a nneɛma no wura tee sɛ Ɔdansefo no ahu adaka no, ɔkɔɔ onuawa no fie. Bere a adwumawura no huu ne nkrataa bi a ɛho hia no paa wɔ onuawa no fie no, ne bo tɔɔ ne yam. Onuawa no ka kyerɛɛ adwumawura no sɛ: “Esiane sɛ meyɛ Yehowa Dansefo nti, mihui sɛ ɛfata sɛ mede w’adaka no ne emu nneɛma no brɛ wo.” Adwumawura no ho dwiriw no, na ɔkaee asɛm a na polisini no aka akyerɛ no saa da no anɔpa no. Ɛda adi pefee sɛ, nokware Kristofo de nea wosua fi Bible mu no bɔ wɔn bra de suasua Yesu.—Heb. 13:18.

Momma Yensuasua Su a Yesu Daa no Adi Kyerɛɛ Nkurɔfo no Bi

15, 16. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ama nkurɔfo ani agye asɛm a yɛka no ho?

15 Su a Yesu daa no adi kyerɛɛ nkurɔfo no ma wotiee asɛm a na ɔka no. Sɛ nhwɛso no, ɔdɔ ne ahobrɛase a na ɔwɔ no maa ahiafo baa ne nkyɛn. Ne yam hyehyee no maa nkurɔfo a wɔbaa ne nkyɛn no, na ɔkaa abodwoesɛm de kyekyee wɔn werɛ, na ɔsaa pii yare. (Kenkan Marko 2:1-5.) Ɛwom sɛ yɛrentumi nyɛ anwonwade de, nanso yebetumi ada ɔdɔ, ahobrɛase, ne ayamhyehye a ɛyɛ su a ɛboa nkurɔfo ma wobegye nokware no adi.

16 Ayamhyehye a onuawa ɔkwampaefo titiriw bi a wɔfrɛ no Tariua daa no adi no dii dwuma titiriw bi, bere a ɔkɔɔ akwakoraa bi a wɔfrɛ no Beere a ɔte Kiribati a ɛwɔ Pacific Anafo fam no nsupɔw a ɛwɔ akyirikyiri paa no mu biako so fie no. Ɛwom sɛ ɔbarima no kae sɛ ɔrentie asɛm no de, nanso Tariua hui sɛ na ɔbarima no fã adwudwo, na ɔyɛɛ no mmɔbɔ. Tariua bisaa ɔbarima no sɛ: “So woate ɛbɔ a Onyankopɔn ahyɛ nnipa a wɔabɔ nkwakoraa ne mmerewa na wɔyare no?” Afei, Tariua kenkan Yesaia nkɔmhyɛ no fã bi kyerɛɛ no. (Kenkan Yesaia 35:5, 6.) Ɔbarima no ho dwiriw no, na ɔkae sɛ, “Makenkan Bible mfe pii, na me som mu ɔsɛmpatrɛwfo bi abɛsra me mfe pii, nanso minhuu saa asɛm yi wɔ Bible mu da.” Wɔne Beere fii ase suaa Bible no, na onyaa nkɔso wɔ nea na ɔresua no mu. Ɛwom sɛ na yare no abubu no de, nanso seesei wabɔ asu, na ɔhwɛ adesuakuw bi a ɛwɔ baabi a atew ne ho so, na otumi nantew twa kwan kɔka asɛmpa no wɔ supɔw no so nyinaa.

Momma Yɛnkɔ so Nsuasua Kristo

17, 18. (a) Wobɛyɛ dɛn atumi abɛyɛ ɔsɛmpakafo a otu mpɔn? (b) Dɛn na wɔn a wɔde nsi yɛ asɛmpaka adwuma no benya?

17 Osuahu ahorow pii a ɛyɛ anigye a yenya wɔ asɛnka mu no da no adi sɛ sɛ yesuasua Yesu su ahorow na yɛde bɔ yɛn bra a, yebetumi ayɛ asɛmpakafo a wotu mpɔn. Ɛnde, hwɛ sɛnea ɛfata sɛ yesuasua Kristo sɛ asɛmpakafo a wɔyɛ nsi!

18 Bere a ebinom bɛyɛɛ Yesu asuafo wɔ afeha a edi kan no mu no, Petro bisae sɛ: “Dɛn koraa na yebenya?” Yesu buae sɛ: “Obiara a wagyaw afie anaa nuabarimanom anaa nuabeanom anaa papa anaa maame anaa mma anaa nsase esiane me din nti no benya no mmɔho pii na wanya daa nkwa.” (Mat. 19:27-29) Sɛ yɛkɔ so suasua Ɔsɛmpatrɛwfo a ɔsen biara a ɔne Yesu Kristo no a, yɛn nso yebehu sɛ saa asɛm yi yɛ nokware.

Wubebua Dɛn?

• Ɔkwan bɛn so na Yehowa retete yɛn ma yɛabɛyɛ asɛmpakafo?

• Dɛn nti na Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no ma yetumi yɛ asɛnka adwuma no yiye?

• Yɛbɛyɛ dɛn atumi asuasua su a Yesu daa no adi kyerɛɛ nkurɔfo no bi?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 17]

Bere a Yesu ka kyerɛɛ Petro, Andrea, Yakobo, ne Yohane sɛ wommedi n’akyi no, ntɛm ara na wokodii n’akyi

[Mfonini wɔ kratafa 19]

Nhoma ahorow te sɛ “Bible Kyerɛkyerɛ” nhoma no boa ma yɛn nkyerɛkyerɛ kɔ so yɛ biako