Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Monkɔ So Nkae Yehowa Bere Nyinaa

Monkɔ So Nkae Yehowa Bere Nyinaa

Monkɔ So Nkae Yehowa Bere Nyinaa

“Mede [Yehowa, NW] masi m’anim daa.”—DW. 16:8.

1. Dɛn na Bible mu nsɛm betumi aboa yɛn ma yɛayɛ?

WƆAYƐ nsɛm a ɛka koma a ɛfa sɛnea Onyankopɔn ne nnipa dii nsɛm no ho kyerɛwtohɔ wɔ Yehowa Asɛm mu. Bible ka nnipa pii a wɔboa maa Onyankopɔn atirimpɔw baam ho asɛm. Nokwarem no, wɔankyerɛw saa nnipa no anom nsɛm ne nnwuma a wɔyɛe a ɛwɔ Bible mu no sɛ yɛnkenkan mfa nnyigye yɛn ani kɛkɛ. Mmom no, nsɛm a ɛte saa no betumi ama yɛabɛn Onyankopɔn kɛse.—Yak. 4:8.

2, 3. Ɛsɛ sɛ yɛte asɛm a ɛwɔ Dwom 16:8 no ase dɛn?

2 Yɛn nyinaa betumi asua nneɛma pii afi nnipa a wɔaka wɔn ho nsɛm wɔ Bible mu a yenim wɔn yiye no hɔ. Wɔn mu bi ne Abraham, Sara, Mose, Rut, Dawid, Ester, ɔsomafo Paulo, ne afoforo. Saa ara na yebetumi asua biribi afi nnipa bi a wɔanka wɔn ho nsɛm pii wɔ Bible mu no nso hɔ. Sɛ yesusuw Bible mu nsɛm ho a, ebetumi aboa yɛn ma yɛayɛ yɛn ade te sɛ odwontofo no. Ɔkae sɛ: “Mede [Yehowa, NW] masi m’anim daa yi, na ɔwɔ me nifa yi, merenhim.” (Dw. 16:8) Ɛsɛ sɛ yɛte saa asɛm no ase dɛn?

3 Ɔsraani taa kura ne nkrante wɔ ne nsa nifa mu, na ɛno ma ɛyɛ den sɛ ɔkyɛm a ekura ne nsa benkum mu no betumi abɔ ne nsa nifa no ho ban. Nanso, sɛ ne yɔnko bi gyina ne nifa so reko a, ɔbɔ no ho ban. Sɛ yɛkɔ so kae Yehowa na yɛyɛ n’apɛde a, ɔbɛbɔ yɛn ho ban. Enti, momma yɛnhwɛ sɛnea Bible mu nsɛm a yebesusuw ho no betumi ahyɛ yɛn gyidi den ma “yɛakɔ so akae Yehowa bere nyinaa.”—Byington.

Yehowa Tie Yɛn Mpaebɔ

4. Ma Kyerɛwnsɛm mu nhwɛso bi a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn tie mpaebɔ.

4 Sɛ yɛkɔ so kae Yehowa a, obetie yɛn mpaebɔ. (Dw. 65:2; 66:19) Asɛm bi a esii wɔ Abraham akoa panyin a ɛbɛyɛ sɛ ɔno ne Elieser asetram no ma yenya eyi ho adanse a edi mu. Abraham somaa Elieser sɛ ɔnkɔ Mesopotamia nkɔhwehwɛ ɔbea a osuro Onyankopɔn mmrɛ Isak mma ɔnware no. Elieser bɔɔ Onyankopɔn mpae hwehwɛɛ akwankyerɛ, na bere a Rebeka maa ne yoma nsu nomee no, ohui sɛ Yehowa atie no. Esiane sɛ na Elieser ani gye mpaebɔ ho nti, onyaa ɔbea ma ɔbɛyɛɛ Isak yere a ɔdɔ no. (Gen. 24:12-14, 67) Ɛwom sɛ, Abraham akoa no de ɛyɛ adwuma titiriw bi na ɔkɔyɛe, nanso so ɛnsɛ sɛ yɛn nso yenya ahotoso sɛ Yehowa tie yɛn mpaebɔ?

5. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ sɛ yɛbɔ mpae tiawa wɔ yɛn tirim mpo a, Yehowa betumi atie?

5 Ɛtɔ mmere bi a, ɛho behia sɛ yɛbɔ mpae ntɛm hwehwɛ Onyankopɔn hɔ mmoa. Bere bi, Persia hene Artasasta hui sɛ ne nsahyɛfo Nehemia anim ayɛ mmɔbɔmmɔbɔ. Ɔhene no bisaa Nehemia sɛ: “Ɛdɛn na worehwehwɛ yi?” Ntɛm ara ‘na Nehemia bɔɔ ɔsoro Nyankopɔn mpae.’ Ná ɛsɛ sɛ Nehemia ma mpae a ɛbɛyɛ sɛ ɔbɔe wɔ ne tirim no yɛ tiawa. Nanso, Onyankopɔn tiei, efisɛ ɔhene no boaa Nehemia ma ɔsan kɔtoo Yerusalem fasu no. (Kenkan Nehemia 2:1-8.) Yiw, sɛ yɛbɔ mpae tiawa wɔ yɛn tirim mpo a, Yehowa betumi atie.

6, 7. (a) Nhwɛso bɛn na Epafra yɛe wɔ mpaebɔ ho? (b) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae ma afoforo?

6 Wɔhyɛ yɛn nkuran sɛ ‘yɛmmɔ mpae mma yɛn ho yɛn ho.’ Ɛwom, ɛnyɛ bere nyinaa na yehu adanse a ɛkyerɛ sɛ wɔatie mpae a ɛte saa a yɛbɔ ma afoforo no ntɛm ara. (Yak. 5:16) Epafra a ɔyɛ “Kristo somfo nokwafo” no bɔɔ mpae denneennen maa ne mfɛfo gyidifo. Bere a Paulo wɔ Roma no, ɔkyerɛwee sɛ: “Kristo Yesu akoa Epafra a ofi mo [Kolosefo] mu no kyia mo; daa ɔyere ne ho bɔ mpae ma mo, sɛnea ɛbɛyɛ a awiei koraa mubegyina hɔ pi, na moanya ahotoso kɛse wɔ Onyankopɔn apɛde nyinaa mu. Na midi ne ho adanse sɛ ɔbɔ ne ho mmɔden pii ma mo ne wɔn a wɔwɔ Laodikea ne wɔn a wɔwɔ Hierapoli no.”—Kol. 1:7; 4:12, 13.

7 Ná Kolose, Laodikea, ne Hierapoli yɛ nkurow a ɛwɔ faako wɔ Asia Kumaa. Ná Kristofo a wɔwɔ Hierapoli no ne nnipa a wɔsom onyamewa Cybele na ɛte, ná wɔn a wɔwɔ Laodikea no te nnipa a ahonyade agye wɔn adwene mu, na na nnipa nyansapɛ betumi asɛe wɔn a wɔwɔ Kolose no nso adwene. (Kol. 2:8) Enti, ɛnyɛ nwonwa sɛ Epafra a na ofi Kolose no ‘yeree ne ho bɔɔ mpae maa’ gyidifo a na wɔwɔ Kolose no! Bible nkyerɛ ɔkwan a wɔfaa so buaa Epafra mpaebɔ no de, nanso yegye di sɛ ɔkɔɔ so bɔɔ mpae maa ne mfɛfo gyidifo no; saa ara na ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛyɛ. Ɛwom sɛ, ‘yɛmfa yɛn ho nnyigye afoforo nsɛm mu’ de, nanso ebia na yenim sɛ yɛn busuani anaa yɛn adamfo bi rehyia gyidi ho sɔhwɛ bi a emu yɛ den. (1 Pet. 4:15) Hwɛ sɛnea ɛyɛ papa sɛ yɛbɛkae no wɔ yɛn mpaebɔ mu! Mpae a afoforo bɔ maa Paulo no boaa no, na saa ara na mpae a yɛn nso yɛbɔ ma afoforo no betumi aboa wɔn pii.—2 Kor. 1:10, 11.

8. (a) Yɛyɛ dɛn hu sɛ na Kristofo mpanyimfo a wofi Efeso no nim mfaso a na ɛwɔ mpaebɔ so? (b) Su bɛn na ɛsɛ sɛ yenya wɔ mpae a yɛbɔ Onyankopɔn no ho?

8 So afoforo nim yɛn sɛ yɛyɛ mmarima ne mmea a yɛn ani gye mpaebɔ ho? Bere a Paulo ne Kristofo mpanyimfo a wofi Efeso no yɛɛ nhyiam wiei no, “ɔne wɔn nyinaa buu nkotodwe bɔɔ mpae.” Wowiei no, “wɔn nyinaa sui, na wosusoo Paulo kɔn mu few n’ano, efisɛ asɛm a ɔkae sɛ wɔrenhu no bio no yɛɛ wɔn yaw yiye.” (Aso. 20:36-38) Yennim saa mpanyimfo no nyinaa din de, nanso ɛda adi sɛ na wonim mfaso a ɛwɔ mpaebɔ so. Ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ hokwan a yɛanya de bɔ Onyankopɔn mpae no ho anisɔ, na ‘yɛma nsa a ɛho tew so,’ na yenya gyidi sɛ yɛn soro Agya no betie yɛn.—1 Tim. 2:8.

Momma Yentie Onyankopɔn wɔ Biribiara Mu

9, 10. (a) Nhwɛso bɛn na Selofehad mmabea no yɛe? (b) Ɔkwan bɛn so na osetie a Selofehad mmabea no yɛe no betumi aka adwene a Kristofo a wɔnwaree wɔ wɔ aware ho?

9 Sɛ yɛkɔ so kae Yehowa bere nyinaa a, ɛbɛboa yɛn ma yɛatie no, na ɛbɛma yɛanya nhyira. (Deut. 28:13; 1 Sam. 15:22) Eyi hwehwɛ sɛ yɛyɛ osetie bere nyinaa. Ma yensusuw sɛnea Selofehad mmabea baanum a wɔtraa ase wɔ Mose bere so no yɛɛ wɔn ade no ho nhwɛ. Wɔ Israelfo mu no, na mmabarima na wodi wɔn agyanom ade. Selofehad wui a na onni mmabarima, na Yehowa kae sɛ wɔmfa n’agyapade nyinaa mma ne mmabea baanum no, nanso na gye sɛ ne mmabea no yɛ ade biako bi. Ná ɛsɛ sɛ wɔware Manase mmabarima sɛnea ɛbɛyɛ a agyapade no remfi wɔn abusua no mu nkodi abusua foforo mu.—Num. 27:1-8; 36:6-8.

10 Ná Selofehad mmabea no wɔ gyidi sɛ sɛ wotie Onyankopɔn a, nneɛma bɛkɔ yiye ama wɔn. Bible ka sɛ: “Sɛnea [Yehowa, NW] hyɛɛ Mose no, saa ara na Selofehad mmabea no yɛe; na Mahla, Tirsa ne Hogla ne Milka ne Noa, Selofehad mmabea no warewaree wɔn agya nuanom mma; na wɔwarewaree wɔ Yosef ba Manase mma mmusua mu, na wɔn agyapade no kaa wɔn agya abusua abusuakuw no mu.” (Num. 36:10-12) Saa mmea a wɔyɛ osetie no yɛɛ nea Yehowa ka kyerɛɛ wɔn no. (Yos. 17:3, 4) Saa ara na Kristofo a wɔn ho akokwaw wɔ Onyankopɔn som mu a wɔnwaree no da gyidi adi, na wotie Onyankopɔn ahyɛde a ɛne sɛ wɔnware “Awurade mu nkutoo” no.—1 Kor. 7:39.

11, 12. Dɛn na Kaleb yɛe de kyerɛe sɛ na ɔwɔ Onyankopɔn mu ahotoso?

11 Ɛsɛ sɛ yetie Yehowa wɔ biribiara mu te sɛ nea Israelni Kaleb yɛe no. (Deut. 1:36) Bere a wogyee Israelfo fii Misraim wɔ afeha a ɛto so 16 A.Y.B. mu no, Mose somaa akwansrafo 12 sɛ wɔnkɔhwɛ Kanaan asase no, nanso wɔn mu 2 pɛ a wɔne Kaleb ne Yosua na wɔhyɛɛ nkurɔfo no nkuran sɛ wɔmfa wɔn ho nto Onyankopɔn so koraa, na wɔnkɔ asase no so. (Num. 14:6-9) Bɛyɛ mfe aduanan akyi no, na Yosua ne Kaleb da so ara te ase a na wɔde wɔn koma nyinaa redi Yehowa akyi, na Onyankopɔn maa Yosua dii Israelfo no anim kɔɔ Bɔhyɛ Asase no so. Nanso, ɛda adi sɛ, akwansrafo du a wɔanna gyidi adi no wuwui wɔ mfe 40 a Israelfo no de wɔɔ ntwɛtwɛdɛ wɔ sare no so no mu.—Num. 14:31-34.

12 Kaleb a na n’ani afi a ɔno de wanwu wɔ Israelfo no akwantu no mu no tumi gyinaa Yosua anim kae sɛ: “Midii [Yehowa, NW] me Nyankopɔn akyi miwiei.” (Kenkan Yosua 14:6-9.) Ɛwom sɛ na atamfo tete nkurow akɛse a wɔato ho afasu mu wɔ asase a ɛwɔ bepɔw so a na Onyankopɔn de ahyɛ Kaleb bɔ no so de, nanso Kaleb a na wadi mfe 85 no srɛɛ Yosua sɛ ɔmfa hɔ mma no.—Yos. 14:10-15.

13. Sɔhwɛ ahorow a yehyia nyinaa akyi no, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama Onyankopɔn ahyira yɛn?

13 Sɛ ‘yedi Yehowa akyi kosi ase’ te sɛ nea ɔnokwafo Kaleb a ɔyɛɛ osetie no yɛe no a, Onyankopɔn behyira yɛn. Sɛ yehyia ɔhaw ahorow a emu yɛ den, na ‘yedi Yehowa akyi kosi ase’ a, ɔbɛboa yɛn. Nanso, ɛrenyɛ mmerɛw sɛ yebedi Yehowa akyi akosi ase wɔ yɛn nkwa nna nyinaa mu te sɛ nea Kaleb yɛe no. Ɛwom sɛ bere a Ɔhene Salomo fii ase dii ade no, odii Yehowa akyi de, nanso ne yerenom danee ne koma ma ɔkɔsom abosom wɔ ne nkwakoraabere mu, na “ne koma anni mũ [Yehowa, NW] ne Nyankopɔn ho sɛ n’agya Dawid koma.” (1 Ahe. 11:4-6) Ɛmfa ho sɔhwɛ ahorow biara a yebehyia no, momma yentie Onyankopɔn wɔ biribiara mu nkosi ase, na yɛnkɔ so nkae no daa.

Momma Yɛmfa Yɛn Ho Nto Yehowa So Bere Nyinaa

14, 15. Dɛn na Naomi asɛm no ama woasua wɔ nea enti a ɛsɛ sɛ wode wo ho to Onyankopɔn so no mu?

14 Ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho to Onyankopɔn so, ne titiriw no, bere a ayɛ te sɛ nea yɛn anidaso asa na yɛahaw no. Ma yensusuw ɔbaapanyin Naomi a ɔtamfo a ɔne owu faa ne kunu ne ne mmabarima baanu no ho nhwɛ. Bere a Naomi fi Moab kɔɔ Yuda no, ɔbɔɔ abubuw sɛ: “Mommfrɛ me Naomi [ase ne: Nea wɔadom no], na momfrɛ me Mara [ase ne: Nwenenwene], efisɛ Tweaduampɔn ne me adi no nwoma so sɛ! Mekɔɔ no ma, na [Yehowa, NW] de me hunu na aba; ɛdɛn na mofrɛ me Naomi, na [Yehowa, NW] ayi me ntɛn, na Tweaduampɔn ne me adi no bɔne yi?”—Rut 1:20, 21.

15 Ɛwom sɛ na Naomi ahaw de, nanso sɛ yɛtɔ yɛn bo ase kenkan Rut nhoma no a, yehu sɛ Naomi kɔɔ so de ne ho too Yehowa so. Na hwɛ sɛnea nneɛma sesa yɛɛ yiye maa no akyiri yi! Boas waree Naomi asebea Rut a na wabɛyɛ okunafo no, na wɔwoo ɔbabarima. Naomi na ogyigyee abofra no, na Bible ka sɛ: “N’afipamfo mmea no too no din kae sɛ: Wɔawo ɔbabarima ama Naomi. Na wɔfrɛɛ no Obed, ɔno ne Dawid n’agya Yisai n’agya.” (Rut 4:14-17) Sɛ wonyan Naomi fi awufo mu ba asase so a, ɔbɛte sɛ Rut a saa bere no na wanyan ɔno nso no bɛyɛɛ Yesu a ɔne Mesia no nenabea. (Mat. 1:5, 6, 16) Te sɛ Naomi no, ebia yɛn nso yɛrentumi nhu sɛnea tebea bɔne bi a yɛwom seesei no betumi abɛyɛ papa akyiri yi. Enti, momma yɛmfa yɛn ho nto Onyankopɔn so bere nyinaa sɛnea wɔatu yɛn fo wɔ Mmebusɛm 3:5, 6 no. Ɛka sɛ: “Fa wo koma nyinaa bata [Yehowa, NW] ho, na mfa wo ho ntweri wo nhumu. Hu no w’akwan nyinaa mu, na ɔno na ɔbɛteɛ w’akwan.”

Momma Yɛmfa Yɛn Ho Nto Honhom Kronkron So

16. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn honhom boaa mmarima mpanyimfo bi a na wɔwɔ tete Israel no?

16 Sɛ yɛkɔ so kae Yehowa daa a, ɔbɛma ne honhom kronkron no akyerɛ yɛn kwan. (Gal. 5:16-18) Ná Onyankopɔn honhom wɔ mmarima mpanyimfo 70 a wɔpaw wɔn sɛ wɔmmoa Mose mma ‘wɔne no nsoa’ Israelfo no “adesoa no” so. Eldad ne Medad nkutoo na wɔbɔɔ wɔn din, nanso honhom no boaa wɔn nyinaa ma wɔyɛɛ adwuma a wɔde hyɛɛ wɔn nsa no. (Num. 11:13-29) Akyinnye biara nni ho sɛ na wɔyɛ mmarima a wɔyɛ den, wosuro Onyankopɔn, na wɔyɛ anokwafo te sɛ wɔn a na wɔadi kan apaw wɔn no. (Ex. 18:21) Kristofo mpanyimfo a wɔwɔ hɔ nnɛ nso da su ahorow a ɛte saa adi.

17. Dwuma bɛn na Yehowa honhom kronkron no dii bere a na wɔresi ntamadan no?

17 Yehowa honhom kronkron no dii dwuma titiriw bi wɔ bere a na wɔresi ntamadan no wɔ sare so no mu. Yehowa paw Besaleel sɛ odwumfo titiriw ma odii anim ma wosii ntamadan no. Ɔhyɛɛ no bɔ sɛ “mede Onyankopɔn honhom mahyɛ no ma, nyansa ne nhumu ne nimdeɛ ne adwinni ahorow nyinaa mu.” (Ex. 31:3-5) Mmarima a wɔwɔ “nyansa koma” boaa Besaleel ne ne boafo Oholiab ma wɔyɛɛ adwuma kɛse no. Bio nso, Yehowa honhom kanyan nnipa a wɔn koma kaa wɔn no ma woyii ntoboa pii. (Ex. 31:6; 35:5, 30-34) Saa honhom koro no ara na ɛkanyan Onyankopɔn asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ ma wɔyɛ nea wobetumi nyinaa de hwehwɛ Ahenni no kan. (Mat. 6:33) Ebia yenim adwuma bi yɛ yiye, nanso ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae hwehwɛ honhom kronkron ma ɛboa yɛn na ama yɛatumi ayɛ adwuma a Yehowa de ama ne nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ no.—Luka 11:13.

Momma Yensuro Asafo Yehowa Bere Nyinaa

18, 19. (a) Su bɛn na Onyankopɔn honhom kronkron ma yenya? (b) Dɛn na woasua afi nea Simeon ne Hana yɛe no mu?

18 Honhom kronkron no ma yenya osuro pa bi wɔ yɛn komam, na ɛno ma yɛkɔ so kae Yehowa bere nyinaa. Wɔka kyerɛɛ Onyankopɔn nkurɔfo a wɔtraa ase wɔ tete mmere mu no sɛ: “Munsuro Asafo Yehowa na mummu no kronkron.” (Yes. 8:13, Byington) Ná Simeon ne Hana yɛ nnipa baanu a wosuro Onyankopɔn a na wɔn mfe akɔ anim a wɔtraa ase wɔ Yerusalem wɔ afeha a edi kan no mu. (Kenkan Luka 2:25-38.) Simeon gyee nkɔmhyɛ ahorow a na ɛfa Mesia no ho no dii, na na “ɔretwɛn Israel awerɛkyekye.” Onyankopɔn hwiee honhom kronkron guu Simeon so, na ɔmaa no awerɛhyem sɛ ɔbɛtra ase de n’ani ahu Mesia no. Na saa ara na ɛbae. Da bi, wɔ afe 2 A.Y.B. mu no, Yesu maame Maria ne ne papa Yosef a ɔtetee no no de Yesu a na ɔyɛ akokoaa no kɔɔ asɔrefie hɔ. Simeon a honhom kronkron kaa no no hyɛɛ nkɔm faa Mesia no ho, na ɔkae sɛ Maria bedi awerɛhow. Na bere a wɔbɔɔ Yesu asɛnduam no, Maria werɛ howee. Nanso, hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ Simeon ani gyei kɛse bere a ogyee “Kristo a Yehowa asoma no” no too ne nsa so no! Na hwɛ nhwɛso pa a Simeon a osuro Onyankopɔn no yɛ maa Onyankopɔn asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ!

19 Ná okunafo Hana a wadi mfe 84 a osuro Onyankopɔn no ‘mpa asɔrefie hɔ da.’ Ɔde “mmuadadi ne nkotɔsrɛ” som Yehowa awia ne anadwo. Bere a wɔde akokoaa Yesu baa asɔrefie hɔ no, na Hana nso wɔ hɔ. Hwɛ sɛnea n’ani gyei sɛ ohuu onii a na ɔbɛyɛ Mesia daakye no! Nokwarem no, ‘ɔdaa Onyankopɔn ase kaa abofra no ho asɛm kyerɛɛ wɔn a wɔretwɛn gye a wobegye Yerusalem no nyinaa.’ Asɛm no kaa Hana koma araa ma ɔkaa asɛmpa yi kyerɛɛ afoforo! Te sɛ Simeon ne Hana no, Kristofo a wɔn mfe akɔ anim a wɔwɔ hɔ nnɛ no ani gye paa sɛ ɛmfa ho mfe dodow biara a nnipa bi adi no, wobetumi abɛyɛ Yehowa Adansefo.

20. Ɛmfa ho mfe a yɛadi no, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ, na dɛn nti na ehia sɛ yɛyɛ saa?

20 Ɛmfa ho mfe a yɛadi no, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so kae Yehowa bere nyinaa. Sɛ yɛyɛ saa a, obehyira mmɔden a yɛbɔ sɛ yɛbɛka n’ahenni ne n’anwonwade ho asɛm akyerɛ afoforo no so. (Dw. 71:17, 18; 145:10-13) Nanso, sɛ yɛpɛ sɛ yɛhyɛ Yehowa anuonyam a, ɛsɛ sɛ yɛda su ahorow a Onyankopɔn wɔ no bi adi. Sɛ yɛkɔ so hwehwɛ Bible mu a, dɛn na yebetumi asua afa su ahorow a ɛte saa no ho?

Wubebua Dɛn?

• Yɛyɛ dɛn hu sɛ Yehowa tie mpaebɔ?

• Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yetie Onyankopɔn wɔ biribiara mu?

• Sɛ ɛba sɛ yɛhaw mpo a, dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so bere nyinaa?

• Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn honhom kronkron boa ne nkurɔfo?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 4]

Yehowa tiee mpae a Nehemia bɔe no

[Mfonini wɔ kratafa 5]

Sɛ yɛkae sɛnea nneɛma sesa yɛɛ yiye maa Naomi no a, ɛbɛboa yɛn ma yɛde yɛn ho ato Yehowa so