Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wɔka Kyerɛɛ Gilead Adesuafo No Sɛ “Womfi Ase Ntutu Fam”

Wɔka Kyerɛɛ Gilead Adesuafo No Sɛ “Womfi Ase Ntutu Fam”

Gilead Adesua Awiei Dwumadi A Ɛto So 123

Wɔka Kyerɛɛ Gilead Adesuafo No Sɛ “Womfi Ase Ntutu Fam”

WƆ Memeneda, September 8, 2007 no, nnipadɔm a wɔn dodow si 6,352 a wofi aman 41 so kɔɔ Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu adesuakuw a ɛto so 123 no adesua awiei dwumadi no ase. Bere a ɛbɔɔ anɔpa 10:00 no, Anthony Morris a ɔyɛ Sodikuw no muni a na ɔyɛ dwumadi no guamtrani no maa atiefo no akwaaba. Bere a ɔkaa nsɛm kakra de fii dwumadi no ase no, ɔfrɛɛ ɔkasafo a odi kan a wɔfrɛ no Gary Breaux a ɔyɛ United States Baa Boayikuw no muni no.

Onua Breaux maa adesuafo no awerɛhyem sɛ, ɛmfa ho sɛnea nnipa a wɔyɛ Yehowa apɛde no te wɔ nipaduam no, wɔn ho yɛ fɛ wɔ Yehowa ani so. (Yer. 13:11, NW) Ɔka kyerɛɛ adesuafo no sɛ, wɔmma wɔn ho nkɔso nyɛ fɛ wɔ Yehowa ani so. Afei, Gerrit Lösch a ɔyɛ Sodikuw no muni no sii so dua sɛ sɛ yɛsom Yehowa a, ɛfata sɛ yɛhwɛ kwan sɛ obetua yɛn ka. (Heb. 11:6) Nanso, ɛsɛ sɛ ɔdɔ a nyaatwom nnim na yɛde som Yehowa.

William Samuelson a ɔyɛ Teokrase Sukuu Ahorow Dwumadibea sohwɛfo no na ɔmaa ɔkasa a edi hɔ no. Ɔka kyerɛɛ adesuafo no sɛ wɔnkɔ so nyɛ adwuma a nidi wom a ɛno ne Ɔhene a ɔredi tumi no ho asɛm a wɔka kyerɛ afoforo no, na wɔmfa wɔn abrabɔ pa nna no adi sɛ wodi wɔn ho ni. * Sam Roberson a ɔyɛ Teokrase Sukuu Ahorow Dwumadibea sohwɛfo boafo no hyɛɛ adesuafo no nkuran sɛ, wɔmfa wɔn adwene nsi su pa a afoforo wɔ no so bere nyinaa. Ɔkae sɛ, sɛ adesuafo no yɛ saa a, wobetumi ‘adɔ anuanom nyinaa’ yiye.—1 Pet. 2:17.

Bere a wɔmaa ɔkasa ahorow a ɛhyɛ nkuran no wiei no, Gilead ɔkyerɛkyerɛfo Mark Noumair bisabisaa adesuafo no bi nsɛm ma wɔkaa osuahu ahorow a wonyae wɔ asɛnka mu bere a na Gilead sukuu no rekɔ so no. Adesuafo no maa atiefo no nyinaa hui pefee sɛ, wɔn ani gye asɛnka adwuma no ho, na wɔpɛ sɛ wɔboa afoforo paa. Ɛno akyi no, Kent Fischer a ɔwɔ Patterson Betel Dwumadibea no bisabisaa Baa Boayikuw mufo a wofi aman abiɛsa a wɔde asɛmpatrɛwfo akɔ hɔ no nsɛm. Nsɛm a saa anuanom a wɔn yam ye no kae no maa atiefo no a na adesuafo no mu pii awofo ka ho no nyaa awerɛhyem sɛ, wɔhwɛ asɛmpatrɛwfo a wɔyɛ foforo no yiye wɔ aman a wɔde wɔn kɔ so no so. Afei, Izak Marais a ɔyɛ adwuma wɔ Kasa Nkyerɛase Dwumadibea no bisabisaa asɛmpatrɛwfo bi a wɔayɛ adwuma no akyɛ no nsɛm. Nsɛm a saa anuanom no kae no maa adesuafo no hui sɛ wɔn ani begye wɔ adwuma a wɔrekɔyɛ no mu.

Geoffrey Jackson a ɔyɛ Sodikuw no muni no na ɔmaa dwumadi no ho ɔkasa titiriw no. Ná ɔkasa no asɛmti ne “Dɛn na Mode Nea Moate Yi Nyinaa Bɛyɛ?” Onua Jackson a ɔde bɛyɛ mfe 25 yɛɛ asɛmpatrɛw adwuma wɔ Pacific Anafo fam no de ne kasa no gyinaa Yesu Bepɔw so Asɛnka no fã a etwa to no so. Wɔ saa kasa no mu no, Yesu kaa mmarima baanu bi a na obiako yɛ ɔbadwemma, na nea ɔka ho no yɛ ɔkwasea a wɔn baanu nyinaa sisii adan no ho asɛm. Ɔkasafo no kae sɛ, ɛbɛyɛ sɛ wosisii adan abien no nyinaa wɔ faako. Nanso, ɔkwasea no sii ne dan no sii anhwea so, na ɔbadwemma no de, otutuu fam kosii sɛ ɔkɔtoo ɔbotan bi, na osii ne dan no sii so. Bere a mframa kɛse bi bɔe no, ɔdan a wosi sii ɔbotan so no ammu, nanso nea wosi sii anhwea so no de, ebubui pasaa.—Mat. 7:24-27; Luka 6:48.

Yesu kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, wɔn a wotiee ne nsɛm na wɔanyɛ ho hwee no te sɛ ɔkwasea no. Na wɔn a wotiee Yesu nsɛm na wɔde yɛɛ adwuma no te sɛ onyansafo no. Onua Jackson ka kyerɛɛ adesuafo no sɛ, “Sɛ mode nea musua wɔ Bible mu no yɛ adwuma wɔ baabi a morekɔyɛ asɛmpatrɛw adwuma no a, mobɛyɛ te sɛ ɔbadwemma no.” Enti, bere a ɔde ne kasa no reba awiei no, ɔka kyerɛɛ adesuafo no sɛ, sɛ wokodu baabi a wɔrekɔyɛ asɛmpatrɛw adwuma no a, “womfi ase ntutu fam.”

Awiei koraa no, wɔde adesuafo no adesua ho adansedi nkrataa ne mmeae a wɔrekɔyɛ asɛmpatrɛw adwuma no maa wɔn, na Onua Morris de afotu kakra a etwa to maa wɔn. Ɔhyɛɛ adesuafo no nkuran sɛ wonni Yesu akyi bere nyinaa, na wɔmfa wɔn ho nto Yehowa so nhwehwɛ ahoɔden daa. Afei, wɔde dwumadi no nyinaa baa awiei.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 5 Teokrase Sukuu Ahorow Dwumadibea no hyɛ Nkyerɛkyerɛ Boayikuw no ase, na ɛno na ɛhwɛ Gilead sukuu, sukuu a wɔyɛ ma Baa Boayikuw mufo, ne ahwɛfo akwantufo no so.

[Adaka wɔ kratafa 31]

ADESUAKUW NO HO NSƐM

Aman dodow a wofi so: 10

Aman dodow a wɔama wɔn hɔ dwumadi: 24

Adesuafo no dodow: 56

Mfe dodow a wɔadi nkyekyɛm: 33.5

Mfe dodow a wɔadi wɔ nokware no mu nkyekyɛm: 17.9

Mfe dodow a wɔayɛ bere nyinaa som adwuma no nkyekyɛm: 13.8

[Mfonini wɔ kratafa 32]

Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu Adesuakuw a Ɛto so 123 a Wɔawie Wɔn Adesua

Wɔahyehyɛ akuw no fi anim kɔ akyi, na kuw biara mu din no fi benkum kɔ nifa, wɔ ase hɔ din no mu.

(1) Esparza, E.; Papaya, S.; Bilal, A.; Suárez, M.; Evers, E.; Dimichino, K. (2) Rosa, M.; Fujii, R.; Ratey, O.; Leveton, J.; Van Leemputten, M. (3) Boscaino, A.; Beck, K.; Budanov, H.; Braz, C.; Peltz, K.; Siaw, A. (4) Leveton, S.; Santikko, H.; Conte, S.; Wilson, J.; Rylatt, J.; Pierce, S.; Fujii, K. (5) Rosa, D.; Boscaino, M.; Austin, V.; Rodiel, P.; Bilal, P.; Dimichino, P. (6) Ratey, B.; Czyzyk, D.; Clarke, C.; Riedel, A.; Esparza, F.; Siaw, P.; Van Leemputten, T.(7) Rodiel, J.; Evers, J.; Green, J.; Czyzyk, J.; Santikko, M.; Rylatt, M. (8) Peltz, L.; Austin, D.; Riedel, T.; Beck, M.; Pierce, W.; Conte, S.; Green, S. (9) Suárez, J.; Clarke, J.; Papaya, S.; Budanov, M.; Wilson, R.; Braz, R.