Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yesu Kristo—Ɔsɛmpatrɛwfo A Ɔsen Biara

Yesu Kristo—Ɔsɛmpatrɛwfo A Ɔsen Biara

Yesu Kristo—Ɔsɛmpatrɛwfo A Ɔsen Biara

“Mebae sɛ n’ananmusini, na Ɔno na ɔsomaa me.”—YOH. 7:29.

1, 2. Hena ne ɔsɛmpatrɛwfo, na hena na yebetumi afrɛ no Ɔsɛmpatrɛwfo a ɔsen biara no?

SƐ WOTE asɛmfua “asɛmpatrɛwfo” a, dɛn na ɛba w’adwenem? Nea ɛba ebinom adwenem ne Kristoman mu asɛmpatrɛwfo a wɔn mu pii de wɔn ho hyehyɛ ɔman a wɔsom wom no amanyɔsɛm ne sikasɛm mu no. Nanso, wo a woyɛ Yehowa Dansefo no de, ɛda adi sɛ, nea ɛba w’adwenem ne asɛmpatrɛwfo a Sodikuw no soma wɔn ma wɔkɔka asɛmpa no wɔ aman ahorow so wɔ wiase nyinaa no. (Mat. 24:14) Saa asɛmpatrɛwfo yi fi wɔn pɛ mu de wɔn bere ne wɔn ahoɔden yɛ saa adwuma pa yi de boa nkurɔfo ma wɔbɛn Yehowa Nyankopɔn, na wɔne no nya abusuabɔ a emu yɛ den.—Yak. 4:8.

2 “Ɔsɛmpatrɛwfo” ne “asɛmpatrɛwfo” yɛ nsɛmfua a empue wɔ New World Translation of the Holy Scriptures no mu ankasa. Nanso, Reference Bible no ka wɔ Efesofo 4:11 ase hɔ asɛm no mu sɛ, wobetumi akyerɛ Hela asɛmfua a ɛne “asɛmpakafo” no ase nso sɛ “asɛmpatrɛwfo.” Yehowa ne Ɔsɛmpakafo a ɔsen biara no, nanso yɛrentumi mfrɛ no Ɔsɛmpatrɛwfo a ɔsen biara, efisɛ obiara nsomaa no da. Nanso, Yesu Kristo kaa ne soro Agya no ho asɛm sɛ: “Mebae sɛ n’ananmusini, na Ɔno na ɔsomaa me.” (Yoh. 7:29) Esiane ɔdɔ kɛse a Yehowa wɔ ma nnipa nti, ɔsomaa ne Ba a ɔwoo no koro no baa asase so. (Yoh. 3:16) Yebetumi afrɛ Yesu sɛ Ɔsɛmpatrɛwfo a ɔsen biara no, anaa Ɔsɛmpatrɛwfo a obiara ne no nsɛ, efisɛ nea enti a wɔsomaa no baa asase so no mu biako ne sɛ ‘ommedi nokware no ho adanse.’ (Yoh. 18:37) Yesu tumi kaa Ahenni no ho asɛmpa no, na yɛn a yɛwɔ hɔ nnɛ no da so ara nya asɛnka adwuma a ɔyɛe no so mfaso. Sɛ nhwɛso no, sɛ́ yɛyɛ asɛmpatrɛwfo anaasɛ yɛnyɛ bi no, yebetumi asuasua akwan a ɔfaa so kyerɛkyerɛe no, na yɛde ayɛ adwuma wɔ asɛnka mu.

3. Nsɛmmisa bɛn na yɛrebesusuw ho?

3 Yesu adwuma a ɔyɛe sɛ Ahenni dawurubɔfo no ma nsɛmmisa a ɛte sɛɛ ba yɛn adwenem: Dɛn na Yesu hyiae wɔ asase so wɔ ne som adwuma no mu? Dɛn nti na na ne nkyerɛkyerɛ tu mpɔn? Na dɛn na ɛmaa ne som adwuma no yɛɛ nea mfaso wɔ so?

Ahofama a Yesu Daa no Adi wɔ Asase So

4-6. Nneɛma foforo a Yesu behui bere a wɔsomaa baa asase so no bi ne dɛn?

4 Ɛsɛ sɛ asɛmpatrɛwfo a wɔwɔ hɔ nnɛ ne Kristofo binom a wɔatu kɔ mmeae a wohia Ahenni ho asɛmpakafo pii no sua sɛ wɔbɛma wɔn ani aka baabi a wɔakɔ a ɛhɔ asetra nyɛ papa te sɛ baabi a na wɔte kan no. Nanso, yɛrentumi mfa yɛn adwene mpo mmu nsonsonoe a na ɛwɔ asetra a Yesu baa mu wɔ asase so ne nea na ɔwom wɔ soro wɔ n’Agya nkyɛn ntam no. Ɛhɔ no, na ɔne abɔfo a wɔde adwempa som Yehowa no na ɛte. (Hiob 1:6; 2:1) Hwɛ sɛnea na asetra bɛyɛ soronko koraa ama Yesu sɛ ɔne nnipa abɔnefo bɛtra wɔ wiase a ɔbrasɛe ahyɛ mu ma no mu! (Mar. 7:20-23) Ná ɛsɛ sɛ Yesu siesie akansi a na ɛkɔ so wɔ n’asuafo a wɔbɛn no paa no ntam mpo. (Luka 20:46; 22:24) Nanso, Yesu dii ɔhaw biara a ohyiae wɔ asase so no ho dwuma sɛnea ɛfata.

5 Ɛnyɛ bere a wɔwoo Yesu no ara pɛ na ofii ase kasae; osuaa kasa sɛnea akokoaa biara a wɔwo no sua kasa no. Hwɛ sɛnea na eyi bɛyɛ nsakrae ama Yesu, obi a na ɔma abɔfo akwankyerɛ wɔ soro no! Bere a Yesu baa asase so no, anyɛ yiye koraa no, ɔkaa ‘nnipa kasa’ biako. Ɛsono nnipa kasa, ɛnna ɛsono ‘abɔfo kasa’ koraa. (1 Kor. 13:1) Onipa biara nni hɔ a ɔkasa ma ɛkaa koma te sɛ Yesu.—Luka 4:22.

6 Ma yensusuw nneɛma ahorow bi a na ɛno nso yɛ foforo koraa wɔ Onyankopɔn Ba no ani so bere a ɔbaa asase so no ho nhwɛ. Ɛwom sɛ wɔamfa Adam bɔne no bi anwo Yesu de, nanso ɔbɛyɛɛ onipa te sɛ wɔn a akyiri yi na wɔbɛba abɛyɛ ne “nuanom” anaa n’akyidifo a wɔasra wɔn no. (Kenkan Hebrifo 2:17, 18.) Anadwo a etwa to wɔ Yesu asase so asetra mu no, wanka ankyerɛ ne soro Agya sɛ ɔnsoma “abɔfo bɛboro asafotow dumien” mma wɔmmɛboa no. Nanso, wode susuw abɔfodɔm a na Yesu adi wɔn so tumi sɛ Ɔbɔfo Panyin Mikael no ho hwɛ! (Mat. 26:53; Yuda 9) Nokwarem no, Yesu yɛɛ anwonwade ahorow; nanso sɛ yɛde nea ɔyɛe bere a na ɔwɔ asase so no toto nea anka obetumi ayɛ wɔ soro no ho a, na nea ɔyɛe wɔ asase so no yɛ ketewaa bi.

7. Yudafo no buu Mose Mmara no dɛn?

7 Bere a Yesu nnya maa asase so sɛ onipa a na wɔfrɛ no “Asɛm no,” ɛbɛyɛ sɛ na ɔno ne Onyankopɔn Kasamafo a odii Israelfo no anim de wɔn faa sare no so no. (Yoh. 1:1; Ex. 23:20-23) Nanso, na Israelfo no ‘anya Mmara no sɛnea abɔfo de mae no, nanso wɔanni so.’ (Aso. 7:53; Heb. 2:2, 3) Nokwarem no, Yudafo nyamesom akannifo a wɔtraa ase wɔ afeha a edi kan no mu no ante Mose Mmara no ase ankasa. Sɛ nhwɛso no, susuw Homeda ho mmara no ho hwɛ. (Kenkan Marko 3:4-6.) Akyerɛwfo ne Farisifo no ‘ammu Mmara no mu nsɛm a tumi wom a ɛne atɛntrenee ne mmɔborohunu ne nokwaredi no.’ (Mat. 23:23) Nanso, Yesu annyae da sɛ ɔbɛka nokware no ho asɛm akyerɛ wɔn.

8. Dɛn nti na Yesu betumi aboa yɛn?

8 Ná Yesu wɔ ahofama. Ɔdɔ a na ɔwɔ ma nnipa no kaa ne koma, na na n’ani gye ho paa sɛ ɔbɛboa wɔn. Wannyae nsi a na ɔde yɛ asɛmpaka adwuma no da. Na esiane sɛ Yesu dii nokware maa Yehowa bere a na ɔwɔ asase so no nti, “wabɛyɛ nea wɔn a wɔyɛ osetie ma no nyinaa daa nkwagye hyɛ ne nsa.” Bio nso, “esiane sɛ n’ankasa huu amane bere a wɔsɔɔ no hwɛe no nti, obetumi atwitwa agye wɔn a [wɔte sɛ yɛn a] wɔsɔ wɔn hwɛ no.”—Heb. 2:18; 5:8, 9.

Wɔtetee Yesu Yiye sɛ Ɔkyerɛkyerɛfo

9, 10. Ntetee bɛn na Yesu nyae ansa na wɔresoma no aba asase so?

9 Sodikuw no yɛ nhyehyɛe ma wɔtete Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ no ansa na wɔasoma wɔn sɛ asɛmpatrɛwfo. So wɔtetee Yesu Kristo? Yiw, nanso wankɔ rabifo ntetee sukuu ansa na wɔresra no sɛ Mesia no; saa ara nso na wɔantete no wɔ nyamesom akannifo no bi nan ase. (Yoh. 7:15; fa toto Asomafo Nnwumam 22:3 ho.) Ɛnde, ɛyɛɛ dɛn na Yesu tumi huu ɔkyerɛkyerɛ yiye saa?

10 Ɛmfa ho nea ebia Yesu sua fii ne maame Maria ne ne papa Yosef a ɔtetee no no hɔ no, onyaa ntetee a ɛsen biara a ɔde yɛɛ ne som adwuma no fii Yehowa a onim nkyerɛkyerɛ sen biara no hɔ. Yesu kaa eyi ho asɛm sɛ: “Efisɛ mamfa m’ankasa me pɛ so na mekasae, na mmom Agya a ɔsomaa me no ara na ahyɛ me nea ɛsɛ sɛ meka ankasa.” (Yoh. 12:49) Hyɛ no nsow sɛ, wɔkyerɛɛ Ɔba no asɛm pɔtẽẽ a ɔnka. Akyinnye biara nni ho sɛ, Yesu de bere pii gyee akwankyerɛ fii n’Agya hɔ ansa na ɔreba asase so. So ntetee pa bi wɔ hɔ a ɛbɛto nea onyae no?

11. Yesu suasuaa sɛnea n’Agya ne nnipa dii nsɛm no koduu he?

11 Ɔba no ne n’Agya nyaa abusuabɔ a emu yɛ den fi bere a wɔbɔɔ no no. Ansa na Yesu reba asase so no, ɔhwɛɛ sɛnea Yehowa ne nnipa di nsɛm no, na ohuu adwene a Onyankopɔn wɔ wɔ nnipa ho. Ɔba no nso daa ɔdɔ a Onyankopɔn wɔ ma nnipa no bi adi araa ma Yesu a wɔfrɛɛ no nyansa no, tumi kae sɛ: “M’ani ka nnipa mma mu.”—Mmeb. 8:22, 31.

12, 13. (a) Dɛn na Yesu suae bere a ɔhwɛɛ sɛnea n’Agya ne Israelfo dii nsɛm no? (b) Ɔkwan bɛn so na Yesu de ntetee a onyae no yɛɛ dwuma?

12 Ɔba no nam sɛnea n’Agya dii nsɛnnennen ho dwuma a ɔhwɛe no so nso nyaa ntetee foforo. Sɛ nhwɛso no, susuw sɛnea Yehowa ne Israelfo asoɔdenfo no dii nsɛm no ho hwɛ. Nehemia 9:28 ka sɛ: “Wonyaa asomdwoe pɛ no, wɔsan kɔyɛɛ [wo Yehowa] w’anim bɔne; na wugyaw wɔn de wɔn hyɛɛ wɔn atamfo nsa, na wodii wɔn so. Ɛnna wɔsan sũ frɛɛ wo; na wo nso wufi soro tiee wɔn, na wuyii wɔn sɛ wo mmɔborohunu bebree no te, bere horow mu.” Yesu nam adwuma a ɔne Yehowa boom yɛe, ne sɛnea Yehowa yɛ n’ade a ɔhwɛe no so nyaa ayamhyehye a ɛte saa ara maa nnipa a ɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ wɔn no.—Yoh. 5:19.

13 Yesu de ntetee a onyae no yɛɛ adwuma bere a ɔne n’asuafo no dii nsɛm wɔ ayamye so no. Ade rebɛkye ma Yesu awu anadwo no, asomafo a na Yesu ada ɔdɔ kɛse adi akyerɛ wɔn no nyinaa “gyaw no hɔ guanee.” (Mat. 26:56; Yoh. 13:1) Ɔsomafo Petro mpo paa Kristo mprɛnsa! Nanso, Yesu yɛɛ biribi a na ɛbɛma asomafo no atumi asan aba ne nkyɛn. Ɔka kyerɛɛ Petro sɛ: “Nanso masrɛ ama mo na mo gyidi ansa; na wo, sɛ wosan ba a, hyɛ wo nuanom den.” (Luka 22:32) Wɔde honhom fam Israel asi “asomafo ne adiyifo” no so denneennen, na wɔakyerɛkyerɛw Oguammaa Yesu Kristo asomafo anokwafo 12 no din wɔ fapem a wɔato Yerusalem Foforo no fasu asi so no ho. Ɛde besi nnɛ no, Kristofo a wɔasra wɔn no ne wɔn mfɛfo “nguan foforo” no a wɔahyira wɔn ho so no nam Onyankopɔn nsa a tumi wom ne ne Dɔba no akanni so anya nkɔso wɔ Ahenni no ho asɛmpaka adwuma no mu.—Efe. 2:20; Yoh. 10:16; Adi. 21:14.

Sɛnea Yesu Kyerɛkyerɛe

14, 15. Akwan bɛn so na na Yesu nkyerɛkyerɛ sen akyerɛwfo ne Farisifo no de no koraa?

14 Ɔkwan bɛn so na Yesu de ntetee a onyae no yɛɛ adwuma de kyerɛkyerɛɛ n’akyidifo no? Sɛ yɛde sɛnea Yesu kyerɛkyerɛe no toto Yudafo nyamesom akannifo no de ho a, yehu pefee sɛ, ɔkwan a Yesu faa so kyerɛkyerɛe no sen wɔn de no koraa. Akyerɛwfo ne Farisifo no de ‘wɔn atetesɛm sɛee Onyankopɔn asɛm.’ Nanso, Yesu ammɔ ne tirim ankyerɛkyerɛ; ɔde Onyankopɔn asɛm na ɛkyerɛkyerɛe bere nyinaa. (Mat. 15:6; Yoh. 14:10) Na saa ara na ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛyɛ.

15 Ade foforo bi nso wɔ hɔ a ɛmaa Yesu daa nsow koraa fii nyamesom akannifo no ho. Yesu kaa akyerɛwfo ne Farisifo no ho asɛm sɛ: “Nea wɔka kyerɛ mo nyinaa, munni so na monyɛ, nanso monnyɛ wɔn nnwuma, efisɛ wɔka nanso wɔnyɛ.” (Mat. 23:3) Yesu de nea ɔkyerɛkyerɛɛ nkurɔfo no bɔɔ ne bra. Ma yensusuw nhwɛso bi a ɛkyerɛ sɛ eyi te saa no ho nhwɛ.

16. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ Yesu de asɛm a ɛwɔ Mateo 6:19-21 no bɔɔ ne bra?

16 Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ, ‘wɔnhyehyɛ ademude ɔsoro.’ (Kenkan Mateo 6:19-21.) So Yesu ankasa de saa afotu no bɔɔ ne bra? Yiw, efisɛ otumi kaa n’ankasa ho asɛm a ɛyɛ nokware yi sɛ: “Asakraman wɔ abɔn, na ewim nnomaa wɔ mmerebuw, nanso onipa Ba no nni baabi a ɔde ne ti bɛto.” (Luka 9:58) Yesu anni ahonyade akyi. Ahenni no ho asɛmpa a na ɔbɛka no na ɔde n’ani sii so titiriw, na ɔnam n’abrabɔ so kyerɛɛ ɔkwan a obi betumi afa so ayi agyapade a ɔbɛhyehyɛ wɔ asase so ho dadwen afi no so. Yesu kyerɛɛ sɛnea mfaso wɔ so paa sɛ yɛhyehyɛ yɛn agyapade wɔ soro, “baabi a nwewee anaa nkannare nsɛe no, na akorɔmfo mmubu nkowia.” So woretie afotu a Yesu de mae a ɛne sɛ yɛnhyehyɛ yɛn agyapade wɔ soro no?

Yesu Su Ahorow a Ɛmaa Nkurɔfo Ani Gyee ne Ho

17. Su ahorow bɛn na ɛmaa Yesu yɛɛ ɔsɛmpakafo a ɔda nsow koraa?

17 Su ahorow bɛn na ɛmaa Yesu yɛɛ ɔsɛmpakafo a ɔda nsow koraa? Saa su no bi ne adwene a na ɔwɔ wɔ nkurɔfo a ɔboaa wɔn no ho no. Su pa ahorow a Yehowa wɔ a Yesu daa no adi no bi ne ahobrɛase, ɔdɔ, ne ayamhyehye. Hyɛ sɛnea saa su ahorow yi maa nnipa pii bɛn Yesu no nsow.

18. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ na Yesu brɛ ne ho ase?

18 Bere a Yesu penee so sɛ ɔbɛba asase so no, “ogyaa biribiara mu faa akoa tebea bɛyɛɛ sɛ nnipa.” (Filip. 2:7) Saa a ɔyɛe no kyerɛe sɛ ɔbrɛ ne ho ase. Afei nso, Yesu ammu nkurɔfo animtiaa. Wanka da sɛ, ‘Mifi soro na ɛbae nti ɛsɛ sɛ mutie me.’ Yesu anyɛ n’ade te sɛ atoro mesia, na wamfa anhoahoa ne ho da sɛ ɔno ne Mesia no ankasa. Yesu bɔɔ nkurɔfo ano mmere bi sɛ mma wɔnnka onipa ko a ɔyɛ, anaa nneɛma a na wayɛ ama wɔn no ho asɛm nnkyerɛ afoforo. (Mat. 12:15-21) Ná Yesu pɛ sɛ nkurɔfo gyina nea wɔn ankasa ahu so na wosi gyinae sɛ wobedi n’akyi. Hwɛ sɛnea ɛhyɛɛ Yesu asuafo no nkuran sɛ wɔn Wura no anhwehwɛ sɛ wɔbɛyɛ pɛ te sɛ abɔfo a na ɔne wɔn atra wɔ soro no!

19, 20. Ɔkwan bɛn so na ɔdɔ ne ayamhyehye maa Yesu boaa nkurɔfo?

19 Yesu Kristo san daa ɔdɔ a ɛyɛ ne soro Agya no su titiriw no adi. (1 Yoh. 4:8) Ɔdɔ na ɛmaa Yesu kyerɛkyerɛɛ n’atiefo no. Sɛ nhwɛso no, susuw sɛnea ɔtee nka maa aberante bi a na ɔyɛ sodifo no ho hwɛ. (Kenkan Marko 10:17-22.) Yesu ‘dɔɔ no,’ na na ɔpɛ sɛ ɔboa no, nanso aberante sodifo no annyaw n’ahonyade pii no hɔ ammedi Kristo akyi.

20 Ná ayamhyehye ka Yesu su ahorow a ɛmaa nkurɔfo ani gyee ne ho no ho. Sɛnea ɛte wɔ nnipa a wɔnyɛ pɛ nyinaa fam no, na wɔn a wotiee Yesu nkyerɛkyerɛ no nso wɔ ɔhaw ahorow pii. Esiane sɛ na Yesu nim eyi nti, ne yam hyehyee no ma ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn, na wɔyɛɛ no mmɔbɔ. Sɛ nhwɛso no: Bere bi, na Yesu ne n’asomafo no nni adagyew araa ma wɔannya bere mpo annidi. Nanso, bere a Yesu huu nnipakuw kɛse bi no, dɛn na ɔyɛe? Bible ka sɛ: “Wɔyɛɛ no mmɔbɔ, efisɛ na wɔte sɛ nguan a wonni hwɛfo. Na ofii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn nneɛma pii.” (Mar. 6:34) Yesu huu sɛnea na nnipa a ɔka asɛm no kyerɛ wɔn no asɛm yɛ mmɔbɔ fa, na ɔyeree ne ho kyerɛkyerɛɛ wɔn, yɛɛ anwonwade ahorow de boaa wɔn. Wɔn mu binom ani gyee su pa horow a na Yesu wɔ no ho, na ne nkyerɛkyerɛ kaa wɔn koma ma wɔbɛyɛɛ n’asuafo.

21. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu?

21 Nneɛma pii wɔ hɔ a yebetumi asua afi Yesu hɔ bere a ɔbɛyɛɛ ne som adwuma wɔ asase so, sɛnea adesua a edi hɔ no bɛma yɛahu no. Akwan bɛn na yebetumi afa so asuasua Yesu Kristo a ɔno ne Ɔsɛmpatrɛwfo a ɔsen biara no?

Wubebua Dɛn?

• Ntetee bɛn na Yesu nyae ansa na ɔreba asase so?

• Ɔkwan bɛn so na na Yesu nkyɛkyerɛ sen akyerɛwfo ne Farisifo no de koraa?

• Yesu su ahorow bɛn na ɛmaa nkurɔfo ani gyee ne ho?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Ɔkwan bɛn na Yesu faa so kyerɛkyerɛɛ nnipa akuwakuw no?