Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bɔhyɛ Bi a Ɛho Hia Paa

Bɔhyɛ Bi a Ɛho Hia Paa

Bɔhyɛ Bi a Ɛho Hia Paa

MAHYƐ bɔ bi a ɛho hia paa. Ma menka nea enti a Spaniani ababaa a meyɛ ɔbaatan no hyɛɛ saa bɔ no nkyerɛ wo.

Ná asomdwoe ne ahotɔ nni m’awofo fie. Bere a me nuabarima kumaa a na wadi mfe anan no nyaa akwanhyia na owui no, yɛn abusua no dii awerɛhow yiye. Bio nso, esiane me papa subammɔne nti, na me maame nni anigye wɔ n’aware mu. Nanso, ɔhaw yi nyinaa akyi no, me maame tumi kyerɛkyerɛɛ me ne me nuabarima panyin no abrabɔ pa.

Bere bi akyi no, me ne me nuabarima no nyinaa warewaree. Ɛno akyi bere tiaa bi no, wohui sɛ me maame anya kokoram, na ɛno na ekum no. Nanso, ɔmaa yɛn agyapade bi ansa na ɔrewu.

Ná maame afipamfo no mu biako aka owusɔre ho anidaso a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm mu no ho asɛm akyerɛ no, na ɔpenee so ma wɔne no suaa Bible. Aka kakraa ma wawu no, Bible mu asɛm no ma onyaa anidaso, na ɛboaa no ma n’ani gyei wɔ n’asetram.

Bere a me ne me nuabarima no hui sɛ Bible mu asɛm no akyekye yɛn maame werɛ no, yɛn nso yefii ase suaa Onyankopɔn Asɛm. Bere a mebɔɔ asu bɛyɛɛ Yehowa Dansefo no, ɔsram biako akyi na mewoo me ba a ɔto so abien, na na ɔyɛ abeawa a ne ho yɛ fɛ, na yɛtoo no din Lucía.

Ná ɛda a mebɔɔ asu no ho hia me paa. Ade biako nti a na ɛte saa ne sɛ, afei de, na mabɛyɛ Yehowa dea, na na mahyira me ho so ama no sɛ mɛsom no akosi daa. Ade foforo nso ne sɛ, ná metumi aka me gyidi ho asɛm akyerɛ me babarima ne me babea a medɔ wɔn no.

Nanso, ankyɛ na asɛm baa ade a ɛto so abien a na ɛma m’ani gye no ho. Bere a Lucía dii mfe anan no, obenyaa yafunyare bi a na emu yɛ den. Bere a nnuruyɛfo yɛɛ ne nipaduam nhwehwɛmu no, wohui sɛ biribi a ne kɛse te sɛ akutu ahon ne mmerɛbo mu. Oduruyɛfo no kae sɛ Lucía anya kokoram bi a ɛyɛ kɛse ntɛmntɛm. Enti, Lucía de mfe ason koo kokoram no, na ɔde emu fã kɛse no ara daa ayaresabea.

Lucía Ahofama

Wɔ saa mfe a na emu yɛ den yi mu no, Lucía nam atuu a na ɔyɛ me, ne m’ano a na ɔfew so hyɛɛ me nkuran mpɛn pii. Su a ɔdaa no adi wɔ ne yare no ho no nso kaa ayaresabea hɔ adwumayɛfo no koma. Ná n’ani gye ho sɛ ɔne ayarehwɛfo no bɛyɛ adwuma bere nyinaa, na na ɔboa wɔn ma wɔde anonne ne nneɛma foforo kɔma mmofra a wɔdeda ayaresabea hɔ no. Ayarehwɛfo no maa Lucía atade nguguso fitaa bi ne lapɛl baagye a ná ɛda no adi sɛ ɔyɛ “ayarehwɛfo boafo.”

Obi a ɔyɛ adwuma wɔ ayaresabea hɔ kae sɛ: “Ná m’ani gye Lucía ho paa. Ná ɔyɛ abofra a ɔpɛ adwuma, adwinnidi wɔ n’ani so, na na n’ani gye mfoniniyɛ ho. Ná ne ho yɛ anika, na na ɔyɛ n’ade te sɛ ɔpanyin.”

Onyankopɔn Asɛm maa Lucía nyaa ahoɔden ne abotɔyam. (Heb. 4:12) Ná ogye Onyankopɔn Asɛm mu bɔhyɛ a ɛne sɛ, wɔ wiase foforo no mu no, “owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne yaw nso nni hɔ bio” no di. (Adi. 21:4) Esiane sɛ na Lucía dwen afoforo ho nti, ná ɔka Bible mu asɛm kyerɛ nkurɔfo bere nyinaa. Ɛmfa ho sɛ na Lucía yare no mu yɛ den no, owusɔre mu gyidi a ɛyɛ den a na ɔwɔ no kyekyee ne werɛ, na na ɔwɔ anigye bere nyinaa. (Yes. 25:8) Ne werɛ anhow da kosii ɛda a kokoram no kum no.

Ɛyɛ saa da no na mehyɛɛ ɛbɔ a ɛho hia paa no. Ná Lucía ntumi ntew n’ani koraa. Ná ne papa kura ne nsa biako mu, na na me nso mikura biako mu. Na meka guu n’asom sɛ: “Nsuro, merennyaw wo hɔ. Wode, home nkakrankakra. Wobɛsɔre no na wo ho atɔ wo. Worente yaw bio, na merennyaw wo.”

Esiane sɛ mahyɛ no bɔ nti, ɛsɛ sɛ midi saa bɔhyɛ no so. Minim sɛ, saa bere a mede bɛtwɛn no renyɛ mmerɛw. Na minim nso sɛ sɛ metɔ me bo ase de me ho to Yehowa so na mekɔ so di nokware ma no a, Lucía bɛsɔre afi awufo mu abehu me.

Nea Lucía De Gyaw Yɛn

Akokoduru a Lucía daa no adi, ne sɛnea asafo no mufo boaa yɛn kɛse no kaa me kunu a na ɔnyɛ Yehowa Dansefo no koma yiye. Ɛda a Lucía wui no, me kunu ka kyerɛɛ me sɛ, ɛsɛ sɛ ɔsan susuw nneɛma ho yiye. Adapɛn kakraa bi akyi no, ɔka kyerɛɛ asafo mu panyin bi sɛ ɔne no mmesua Bible. Ankyɛ na me kunu fii ase kɔɔ asafo nhyiam ahorow no nyinaa bi. Ɛdenam Yehowa mmoa so no, ogyaee sigaretnom, ade a na ɛyɛ den ma no sɛ ɔbɛyɛ.

Ɛwom sɛ, awerɛhow a midi wɔ Lucía wu ho no nkɔe koraa de, nanso meda Yehowa ase paa wɔ nea Lucía de gyaw yɛn no ho. Me ne me kunu de owusɔre ho anidaso a ɛyɛ anigye no kyekye yɛn werɛ, na yetumi de yɛn adwene twa bere a yebehu Lucía no ho mfonini, na yehu n’ani aba nkuruwankuruwa a ɔreserew na n’afono mu abobɔ ntokuruntokuru.

Me babea no awerɛhosɛm no aka obi a ɔte yɛn mpɔtam hɔ nso koma yiye. Memeneda anɔpa bi a na osu retɔ no, ɔbea bi a na Lucía ne ne babarima kɔ sukuu biako no baa yɛn fie. Ná saa yare koro no ara akum ne babarima a na wadi mfe 11. Bere a ɔbea no tee Lucía asɛm no, ɔhwehwɛɛ baabi a yɛte bɛsraa yɛn. Ná ɔpɛ sɛ ohu sɛnea meregyina Lucía wu no ano, na ɔkae sɛ, yɛntew kuw bi a yɛde bɛkyekye ɛnanom a saa asɛm yi bi ato wɔn no werɛ.

Meka kyerɛɛ ɔbea no sɛ, Bible mu bɔhyɛ ahorow no mu biako ama manya awerɛkyekye ankasa, ɛyɛ awerɛkyekye a ɛsen nea onipa biara betumi de ama. Bere a merekenkan Yesu asɛm a ɛwɔ Yohane 5:28, 29 akyerɛ no no, n’anim tewee. Ɔmaa yɛne no suaa Bible, na ankyɛ na onyaa “Nyankopɔn asomdwoe a ɛboro adwene nyinaa so” no bi. (Filip. 4:7) Sɛ yɛresua Bible a, yɛtaa gye bere kakra de yɛn adwene bu sɛ yɛwɔ wiase foforo no mu a yɛrema yɛn adɔfo a wɔawuwu a wɔasɔre no akwaaba.

Nokwarem no, bere tiawa a Lucía de traa ase no ama yɛanya biribi a ɛbɛtra hɔ daa. Gyidi a Lucía daa no adi no aboa ma yɛn abusua no de biakoyɛ resom Onyankopɔn, na saa ara nso na ama masi me bo denneennen sɛ mɛkɔ so asom Yehowa. Akyinnye biara nni ho sɛ, yɛn a yɛn adɔfo awuwu a ebia wobenya owusɔre no nyinaa wɔ bɔhyɛ bi a ɛho hia a ɛsɛ sɛ yedi so.

[Mfonini wɔ kratafa 20]

Paradise ho mfonini a Lucía yɛe