Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Mo Mu Hena Na Ɔyɛ Onyansafo Na N’adwenem Abue?”

“Mo Mu Hena Na Ɔyɛ Onyansafo Na N’adwenem Abue?”

“Mo Mu Hena Na Ɔyɛ Onyansafo Na N’adwenem Abue?”

“Mo mu hena na ɔyɛ onyansafo na n’adwenem abue? Ma ɔmfa ne bra pa no nna ne nnwuma adi denam odwo a efi nyansam so.”—YAK. 3:13.

1, 2. Dɛn na yebetumi aka afa nnipa pii a wobu wɔn sɛ wɔyɛ anyansafo no ho?

HENA na wususuw sɛ ɔyɛ onyansafo ankasa? So ɛyɛ w’awofo, akwakoraa bi, anaa ebia ɔbenfo bi a ɔkyerɛ ade wɔ kɔlege bi mu? Ebia, ntetee a wunyae, ne wo nsɛm tebea na wubegyina so akyerɛ obi a wususuw sɛ onim nyansa ankasa no. Nanso, Onyankopɔn asomfo de, nea ɛma Onyankopɔn bu obi sɛ ɔyɛ onyansafo no so titiriw na wogyina hu obi a onim nyansa ankasa.

2 Ɛnyɛ wɔn a wiase no bu wɔn sɛ wonim nyansa no nyinaa na wɔyɛ anyansafo ankasa wɔ Onyankopɔn ani so. Sɛ nhwɛso no, Hiob ne mmarima bi a na wobu wɔn ho sɛ wɔka anyansasɛm kasae, nanso Hiob ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Minhu onyansafo biara wɔ mo mu.” (Hiob 17:10) Ɔsomafo Paulo kaa nnipa bi a wɔpoo Onyankopɔn ho nimdeɛ no ho asɛm sɛ: “Ɛwom, na wɔka sɛ wɔyɛ anyansafo de, nanso wɔbɛyɛɛ nkwaseafo.” (Rom. 1:22) Na Yehowa ankasa nam odiyifo Yesaia so kaa no pefee sɛ: “Wonnue, wɔn a wɔyɛ wɔn ankasa ani so anyansafo.”—Yes. 5:21.

3, 4. Sɛ obi betumi ayɛ onyansafo ankasa a, dɛn na ɛsɛ sɛ ɔyɛ?

3 Ɛda adi pefee sɛ, ɛsɛ sɛ yehu nea ɛma obi yɛ onyansafo ankasa na ɛma onya Onyankopɔn anim dom no. Mmebusɛm 9:10 ma yehu obi a ɔyɛ onyansafo ankasa. Ɛhɔ ka sɛ: “Nyansa mfiase ne [Yehowa, NW] suro, na ɔkronkronni no ho nimdeɛ ne nhumu.” Ɛsɛ sɛ nnipa a wonim nyansa nya Onyankopɔn ho suro pa, na wobu nneɛma a ɛsɔ Onyankopɔn ani. Nanso, ɛnnɔɔso sɛ obi begye atom sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ kɛkɛ, na ogye tom sɛ ɔwɔ nneɛma a ɛsɔ n’ani. Osuani Yakobo boa yɛn ma yetumi hu nneɛma a ɛsɔ Onyankopɔn ani no. (Kenkan Yakobo 3:13.) Hyɛ nea ɔkae no nsow: “Ma ɔmfa ne bra pa no nna ne nnwuma adi.” Ɛsɛ sɛ woma wohu nyansa ankasa wɔ wo nneyɛe ne wo kasa mu da biara da.

4 Nyansa ankasa kyerɛ gyinae pa a obi tumi si, na ɔde nimdeɛ ne ntease di dwuma wɔ ɔkwampa so. Dɛn na yɛyɛ a ɛbɛma wɔahu sɛ yɛwɔ nyansa a ɛte saa? Yakobo bobɔɔ nneɛma bi a ɛbɛda adi wɔ wɔn a wonim nyansa no nneyɛe mu no din. * Dɛn na ɔkae a ɛbɛboa ma yɛne yɛn mfɛfo gyidifo ne wɔn a wonni asafo no mu anya abusuabɔ pa?

Nneyɛe a Ɛma Yehu Obi a Onim Nyansa Ankasa

5. Ɔkwan bɛn so na obi a onim nyansa ankasa no bɛbɔ ne bra?

5 Ɛfata sɛ yesi so dua bio sɛ, Yakobo de nyansa bataa abrabɔ pa ho. Esiane sɛ Yehowa suro ne nyansa mfiase nti, onipa a onim nyansa bɔ mmɔden sɛ ɔbɛbɔ ne bra ma ɛne Onyankopɔn akwan ne nneɛma a ɛsɔ n’ani ahyia. Wɔmmfa Onyankopɔn nyansa nnwo yɛn. Nanso, sɛ yesua Bible daa na yesusuw ho a, yebetumi anya bi. Sɛ yesua Onyankopɔn asɛm na yesusuw ho a, ɛbɛboa yɛn ma yɛayɛ nea Efesofo 5:1 ka yi: “Munsuasua Onyankopɔn.” Dodow a yesuasua Yehowa nipasu no, dodow no ara na yɛbɛda nyansa adi wɔ yɛn nneyɛe mu. Yehowa akwan korɔn sen nnipa akwan koraa. (Yes. 55:8, 9) Enti, sɛ yesuasua sɛnea Yehowa yɛ n’ade a, wɔn a wonni Kristofo asafo no mu no behu sɛ yɛyɛ nnipa a yɛda nsow.

6. Dɛn nti na sɛ obi da odwo adi a, ɛkyerɛ sɛ ɔresuasua Onyankopɔn, na dɛn na obi yɛ a ɛkyerɛ sɛ odwo?

6 Yakobo ka sɛ, ɔkwan biako a yebetumi afa so asua Yehowa ne sɛ yebenya “odwo a efi nyansam.” Ɛwom sɛ, odwo hwehwɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade brɛbrɛ de, nanso bere koro no ara, Kristoni betumi anya akokoduru, na aboa no ma wayɛ n’ade wɔ ɔkwan a ɛfata so. Ɛwom sɛ, Onyankopɔn ahoɔden nni ano de, nanso odwo, na yensuro sɛ yɛbɛkɔ n’anim. Onyankopɔn Ba no daa n’Agya odwo no bi adi araa ma otumi kae sɛ: “Mo a moabrɛ na wɔde nnesoa asoa mo nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma mo ho adwo mo. Momfa me kɔndua nto mo ho so na munsua me, efisɛ midwo, na mebrɛ me ho ase koma mu, na mo kra ho bedwo no.”—Mat. 11:28, 29; Filip. 2:5-8.

7. Dɛn nti na yebetumi abu Mose sɛ ɔyɛ obi a ɔyɛɛ odwo ho nhwɛso pa?

7 Bible ka nnipa bi a wɔdaa odwo anaa ahobrɛase soronko adi ho asɛm. Mose yɛ wɔn mu biako. Ná ɔwɔ asɛyɛde kɛse bi de, nanso wɔka ne ho asɛm sɛ “odwo pii sen nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa.” (Num. 11:29; 12:3) Na kae akokoduru a Yehowa maa Mose nyae de yɛɛ N’apɛde no. Ná Yehowa ani gye ho sɛ ɔde nnipa bi a wodwo bedi dwuma de ayɛ n’apɛde.

8. Ɛbɛyɛ dɛn na nnipa a wɔnyɛ pɛ atumi ada “odwo a efi nyansam” adi?

8 Ɛda adi pefee sɛ, nnipa a wɔnyɛ pɛ betumi ada “odwo a efi nyansam” adi. Na yɛn nso ɛ? Yɛbɛyɛ dɛn atumi abɔ mmɔden ada saa su yi adi? Odwo yɛ Yehowa honhom kronkron no aba no fã. (Gal. 5:22, 23) Yebetumi abɔ mpae abisa Onyankopɔn honhom, na yɛabɔ yɛn ho mmɔden ada honhom aba no adi, na yɛanya ahotoso sɛ, Onyankopɔn bɛboa yɛn ama yɛada odwo adi kɛse. Odwontofo no ma yenya awerɛhyem a emu yɛ den sɛ, yebetumi ayɛ saa. Ɔkae sɛ: ‘Onyankopɔn bɛma ahobrɛasefo asua ne kwan.’—Dw. 25:9.

9, 10. Mmɔden bɛn na ɛsɛ sɛ yɛbɔ na ama yɛatumi ada odwo a ɛsɔ Onyankopɔn ani adi, na dɛn ntia?

9 Nanso, gye sɛ yɛbɔ yɛn ho mmɔden paa ansa na yɛatumi ada odwo adi kɛse. Ebia, esiane sɛnea wɔtetee yɛn no nti, ɛyɛ den ma yɛn mu binom sɛ yɛbɛda odwo adi. Bio nso, ebia nnipa a yɛne wɔn te no bɛhyɛ yɛn nkuran sɛ ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani yɛ den, na wɔaka akyerɛ yɛn sɛ, sɛ obi “tia yɛn a, yentia no bi.” Nanso, so ɛyɛ nea nyansa wom ankasa sɛ yɛbɛyɛ saa? Sɛ ogya ketewa bi tɔ wo fie a, so wode krasin na ebedum no, anaasɛ wode nsuonwini? Sɛ wode krasin gu ogya no so a, ɛbɛma ogya no agye nsam koraa, nanso sɛ wode nsuonwini gu so a, ebedum no ntɛm ara. Saa ara na Bible tu yɛn fo sɛ: “Mmuae bɔkɔɔ sianka anibere, na asɛnnennen hwanyan abufuw mu.” (Mmeb. 15:1, 18) Sɛ ɛkɔba sɛ ɔhaw ahorow bi sɔre wɔ yɛne asafo no muni bi anaa obi a onni asafo no mu ntam a, so yɛbɛda odwo adi de akyerɛ sɛ yɛwɔ nyansa ankasa?—2 Tim. 2:24.

10 Sɛnea yɛadi kan aka no, nnipa pii a wiase honhom di wɔn so no nna odwo adi, na wɔmpɛ asomdwoe. Mmom no, nea yehu ne sɛ atirimɔdenfo ne ahantanfo na wɔahyɛ wiase yi mu ma. Ná Yakobo nim eyi, na ɔbɔɔ asafo no mufo kɔkɔ sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrenna su a ɛte saa no bi adi. Dɛn bio na yebetumi asua afi afotu a ɔde mae no mu?

Su Ahorow a Nnipa a Wonnim Nyansa Da no Adi

11. Su ahorow bɛn na ɛne Onyankopɔn nyansa nhyia?

11 Yakobo kyerɛw su ahorow a ɛne Onyankopɔn nyansa nhyia koraa ho asɛm pefee. (Kenkan Yakobo 3:14.) Ahoɔyaw ne ntɔkwapɛ yɛ wiase su, ɛnyɛ Onyankopɔn su. Susuw nea ɛba bere a nkurɔfo da wiase su adi no ho hwɛ. Wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo akuw asia na wɔhwɛ Holy Sepulchre asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no a wɔkyerɛ sɛ wosii no wɔ baabi a wokum Yesu na wosiee no no afã bi so. Saa akuw no akɔ so adi akameakame bere nyinaa. Wɔ afe 2006 mu no, Time nsɛmma nhoma no kaa tebea bi a ɛkɔɔ so wɔ bere bi a atwam ho asɛm sɛ, “asɔfo no koe nnɔnhwerew pii, . . . na wɔde kanea nnua akɛse boroo wɔn ho.” Wonnye wɔn ho wɔn ho nni koraa ma enti wɔde asɔredan no safe ama Ɔkramoni bi sɛ ɔnhwɛ so mma wɔn.

12. Sɛ yɛanna nyansa adi a, dɛn na ebetumi aba?

12 Ɛnsɛ sɛ ntɔkwapɛ a ɛte saa kɔ so wɔ nokware Kristofo asafo no mu. Nanso, esiane sɛ yɛnyɛ pɛ nti, ɛtɔ mmere bi a, ebinom di wɔn koko so asɛm. Ɛno betumi de akasakasa ne ntɔkwaw bi aba asafo no mu. Ɔsomafo Paulo hui sɛ na eyi rekɔ so wɔ Korinto asafo no mu, enti ɔkyerɛw wɔn sɛ: “Bere a ahoɔyaw ne ntawntawdi wɔ mo mu yi, ɛnyɛ honam akɔnnɔ akyi na mudi a monantew te sɛ nnipa anaa?” (1 Kor. 3:3) Awerɛhosɛm ne sɛ, saa su yi kɔɔ so traa asafo yi a na ɛwɔ afeha a edi kan mu no mu kosii bere bi. Enti, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na saa su yi bi amma asafo bi mu nnɛ.

13, 14. Ma nhwɛso bi fa kyerɛ sɛnea obi betumi ada wiase adwene adi.

13 Ɛbɛyɛ dɛn na su a ɛte saa de nkakrankakra aba asafo bi mu? Nneɛma nketenkete bi na ebetumi de aba. Sɛ nhwɛso no, sɛ wɔresi Ahenni Asa bi a, ebetumi aba sɛ anuanom adwene renhyia wɔ sɛnea ɛsɛ sɛ wɔyɛ nneɛma bi no ho. Sɛ wɔannye onua bi adwenkyerɛ antom a, ne bo betumi afuw, na ebia wakasa atia gyinae ahorow a wobesi no denneennen. Ebia ɔrentu ne nan nsi baabi a wɔresi Ahenni Asa no bio! Sɛ obi yɛ n’ade saa a, na wama ne werɛ afi sɛ, mpɛn pii no, ɛyɛ asomdwoe a ɛwɔ asafo no mu no na ɛma wotumi yɛ adwuma bi yiye, na ɛnyɛ ɔkwan pɔtee bi a wɔfa so yɛ adwuma no. Odwo ne su a Yehowa ani gye ho, na ɛnyɛ ntɔkwapɛ.—1 Tim. 6:4, 5.

14 Nhwɛso foforo nso betumi ayɛ sɛ, mpanyimfo bi a wɔwɔ asafo bi mu ahu no pefee sɛ ɔpanyin bi a ɔde mfe pii asom no nnu Kyerɛwnsɛm mu ahwehwɛde ahorow no ho bio. Ɔmansin sohwɛfo a wabɛsra asafo no hu sɛ wɔde afotu pɔtee bi ama saa ɔpanyin no wɔ bere bi a atwam, nanso wamfa anyɛ adwuma, enti ɔmansin sohwɛfo no pene gyinae a mpanyimfo no asi no so sɛ wonnye onua no dibea no mfi ne nsam. Ɔpanyin no bɛyɛ n’ade dɛn wɔ asɛm yi ho? So ɔde ahobrɛase ne odwo begye gyinae a mpanyimfo no nyinaa asi ne Kyerɛwnsɛm mu afotu a wɔde bɛma no no atom, na wabɔ ne ho mmɔden sɛ obedu Kyerɛwnsɛm mu ahwehwɛde ahorow no ho sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi afata asan asom sɛ ɔpanyin bio? Anaasɛ, esiane sɛ ɔnyɛ ɔpanyin bio no nti, obenya mpanyimfo no ho menasepɔw na watan wɔn? Dɛn nti na ɛsɛ sɛ onua bi te nka sɛ ɔfata sɛ ɔsom sɛ ɔpanyin bere a mpanyimfo a wɔaka no nyinaa te nka sɛ ɔmfata no? Hwɛ sɛnea nyansa wom sɛ ɔbɛda ahobrɛase adi, na wagye gyinae a mpanyimfo no asi no atom na ɔde wɔn afotu no ayɛ adwuma!

15. Dɛn nti na wote nka sɛ Onyankopɔn afotu a ɛwɔ Yakobo 3:15, 16 no yɛ nea ɛho hia paa?

15 Nokwarem no, akwan foforo wɔ hɔ a ebetumi ama obi ada su a ɛte saa adi. Nanso, asɛm biara a ɛbɛsɔre no, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛrenna su a ɛtete saa adi. (Kenkan Yakobo 3:15, 16.) Osuani Yakobo kae sɛ, saa su ahorow no yɛ “asase so” de, efisɛ ɛyɛ wiase su na ɛnyɛ Onyankopɔn nyansa. Yakobo kae nso sɛ, su a ɛtete saa no yɛ “honam” anaa mmoa de, efisɛ ɛte sɛ nea wɔn a wɔda su a ɛte saa adi no nnwene te sɛ mmoa ara pɛ. Su ahorow a ɛte saa no yɛ “adaemone de,” efisɛ ɛda adaemone a wɔyɛ Onyankopɔn atamfo no su adi. Hwɛ sɛnea ɛmfata sɛ Kristoni bi bɛda saa su ahorow no adi!

16. Nsakrae bɛn na ebia a ɛho behia sɛ yɛyɛ, na yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa?

16 Ɛsɛ sɛ asafo no muni biara hwehwɛ ne mu hwɛ, na ɔbɔ mmɔden yi su biara a ɛte saa fi ne mu. Esiane sɛ ahwɛfo na wɔkyerɛkyerɛ asafo no nti, ɛsɛ sɛ wɔma wɔn ani da hɔ na woyi subammɔne biara fi wɔn mu. Esiane yɛn sintɔ ne wiase yi nkɛntɛnso nti, ɛnyɛ mmerɛw sɛ yebeyi saa su ahorow yi afi yɛn mu. Yebetumi de su a ɛte saa a yɛpɛ sɛ yeyi fi yɛn mu no atoto obi a ɔrebɔ mmɔden sɛ ɔbɛforo bepɔw bi a atɛkyɛ wɔ so na ɛso yɛ toro ho. Sɛ yɛannya biribi anso mu a, yebetumi ate asan. Nanso, sɛ yeso Bible mu afotu ne mmoa a Onyankopɔn asafo a ɛwɔ wiase nyinaa no de ma yɛn no mu denneennen a, yebetumi akɔ yɛn anim.—Dw. 73:23, 24.

Su Ahorow a Anyansafo Bɔ Mmɔden sɛ Wɔbɛda no Adi

17. Sɛ biribi yɛ nnipa a wonim nyansa sɛ wɔnyɛ bɔne a, dɛn na wɔtaa yɛ?

17 Kenkan Yakobo 3:17. Sɛ yesusuw su ahorow a “nyansa a efi soro no” ma yɛda no adi no ho a, yebetumi anya so mfaso. Sɛ yɛka sɛ yɛn ho tew a, nea ɛkyerɛ ne sɛ, yɛyɛ kurennyenn, na yɛn ho nguu fi wɔ yɛn nneyɛe ne yɛn nsusuwii mu. Ɛsɛ sɛ yɛtwe yɛn ho fi nneɛma bɔne ho ntɛm ara. Ɛnsɛ sɛ obi ka kyerɛ yɛn ansa na yɛayɛ saa. Fa no sɛ obi de ne nsa rebɛwɔ w’ani, wotwe wo ti ntɛm ara, anaa wobɔ ne nsa kyene, ɛnyɛ obi na ɔka kyerɛ wo sɛ twe wo ti anaa bɔ ne nsa; enhia sɛ wudwen nea ɛsɛ sɛ woyɛ no ho ansa. Saa ara na sɛ biribi yɛ yɛn sɛ yɛnyɛ bɔne a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade. Ɛsɛ sɛ yɛn suban pa ne yɛn ahonim a yɛde Bible atetew no no kanyan yɛn ma yɛpo adebɔne ntɛm ara. (Rom. 12:9) Bible ka nnipa pii a wɔyɛɛ wɔn ade wɔ saa kwan yi so te sɛ Yosef ne Yesu ho asɛm.—Gen. 39:7-9; Mat. 4:8-10.

18. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ yɛyɛ nnipa a (a) wɔhwehwɛ asomdwoe? (b) wɔpɛ asomdwoe?

18 Nyansa a efi soro no hwehwɛ nso sɛ yɛyɛ nnipa a wɔhwehwɛ asomdwoe. Eyi kyerɛ sɛ, ɛnsɛ sɛ yɛyɛ anuɔdensɛm, yɛyɛ ntɔkwapɛfo, anaasɛ yɛyɛ nneɛma bi a ɛsɛe asomdwoe. Yakobo kyerɛkyerɛɛ saa asɛm yi mu kɔɔ akyiri. Ɔkae sɛ: “Wodua trenee aba wɔ asomdwoe mu ma wɔn a wɔpɛ asomdwoe.” (Yak. 3:18) Hyɛ asɛm a ɛne “wɔpɛ asomdwoe” no nsow. So wonim yɛn wɔ asafo no mu sɛ, yɛyɛ nnipa a wɔpɛ asomdwoe anaasɛ yɛyɛ wɔn a wɔsɛe asafo no asomdwoe? So yɛtaa ne afoforo nya akasakasa, na yɛyɛ nnipa a ɛnkyɛ na yɛn bo afuw anaasɛ yɛhyɛ afoforo abufuw? So yɛka sɛ yɛn de saa ara na yɛte, anaasɛ yefi ahobrɛase mu bɔ mmɔden sɛ yebeyi suban biara a afoforo ani nnye ho no afi yɛn mu? So wonim yɛn sɛ yɛyɛ nnipa a yɛbɔ mmɔden bere nyinaa sɛ yebesiesie yɛne afoforo ntam, na yɛyɛ ntɛm de afoforo mfomso firi wɔn na yɛma yɛn werɛ fi? Sɛ yɛde nokwaredi hwehwɛ yɛn mu a, ɛbɛboa yɛn ma yɛahu sɛ ehia sɛ yɛbɔ mmɔden da Onyankopɔn nyansa adi wɔ nsɛm a ɛte sɛ eyi mu.

19. Dɛn na obi yɛ a ɛma wobu no sɛ ɔyɛ obi a ɔda ntease adi?

19 Yakobo kae sɛ, ntease a yɛbɛda no adi no ka nyansa a efi soro no ho. So wonim yɛn sɛ, yɛyɛ nnipa a sɛ yɛne afoforo reka asɛm na wommuu Kyerɛwnsɛm mu asɛm biara so a, yegyae nea yɛn adwene yɛ yɛn no mu na yetie nea wɔka no? Anaasɛ yɛka no denneennen sɛ, nea yɛaka no ara na wɔmfa nyɛ adwuma? So wonim sɛ yɛyɛ nnipa a yedwo a yɛn asɛm ka nyɛ den? Sɛ yɛyɛ yɛn ade wɔ saa kwan yi so a, na ɛkyerɛ sɛ, yɛda ntease adi.

20. Sɛ yɛda Onyankopɔn su ahorow a yɛasusuw ho no adi a, dɛn na ebefi mu aba?

20 Sɛ anuanom mmarima ne mmea bɔ mmɔden de Onyankopɔn su ahorow a Yakobo kyerɛw ho asɛm no yɛ adwuma a, hwɛ sɛnea asafo no mu bɛyɛ anigye afa! (Dw. 133:1-3) Sɛ yedwo, yɛpɛ asomdwoe, na yɛda ntease adi kyerɛ yɛn ho yɛn ho a, akyinnye biara nni ho sɛ yɛn ntam bɛyɛ papa, na ɛbɛma ada adi sɛ yɛwɔ “nyansa a efi soro no.” Wɔ adesua a edi hɔ no mu no, yebesua sɛnea yebebu afoforo sɛnea Yehowa bu wɔn no ho ade. Na ɛno betumi aboa yɛn ma yɛada odwo ne ntease adi, na yɛapɛ asomdwoe.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 4 Asɛm no ma yehu sɛ, ɛyɛ mpanyimfo anaa “akyerɛkyerɛfo” a wɔwɔ asafo no mu ho asɛm na na Yakobo reka. (Yak. 3:1) Ɛsɛ sɛ saa mmarima yi yɛ nhwɛso pa wɔ Onyankopɔn nyansa a wɔbɛda no adi no mu. Nanso, yɛn nyinaa betumi asua biribi afi afotu no mu.

Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?

• Dɛn na ɛma Kristoni bi yɛ onyansafo ankasa?

• Yɛbɛyɛ dɛn atumi ada Onyankopɔn nyansa adi kɛse?

• Su bɛn na wɔn a wɔnna “nyansa a efi soro no” adi no da no adi?

• Su ahorow bɛn na woasi wo bo sɛ wobɛda no adi kɛse?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Ɔkwan bɛn so na akasakasa betumi aba nkakrankakra nnɛ?

[Mfonini wɔ kratafa 24]

So wotwe wo ho fi bɔne ho ntɛm ara?