Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Momma Yɛnyɛ Nnipa A Wɔte Asɛm Ase, Na Yɛnyɛ Yɛn Ade Sɛnea Ɛfata

Momma Yɛnyɛ Nnipa A Wɔte Asɛm Ase, Na Yɛnyɛ Yɛn Ade Sɛnea Ɛfata

Momma Yɛnyɛ Nnipa A Wɔte Asɛm Ase, Na Yɛnyɛ Yɛn Ade Sɛnea Ɛfata

“Kɔ so kae wɔn . . . [sɛ] wɔnyɛ nnipa a wɔte asɛm ase.”—TITO 3:1, 2.

1, 2. Dɛn na Kyerɛwnsɛm no ka fa ntease a yɛda no adi ho, na dɛn nti na ɛfata sɛ yɛyɛ eyi?

YEHOWA, yɛn soro Agya a ɔwɔ ɔdɔ no nim nyansa sen obiara. Esiane sɛ ɔno na ɔbɔɔ yɛn nti, ɔno na yɛhwehwɛ akwankyerɛ fi ne hɔ de bɔ yɛn bra. (Dw. 48:14) Kristo suani Yakobo kyerɛwee sɛ, ‘nyansa a efi soro no de, nea edi kan no, ɛho tew, ɛpɛ asomdwoe, ɛwɔ ntease, ɛyɛ asoɔmmerɛw, mmɔborohunu ne aba pa ayɛ no mã, ɛnhwɛ nnipa anim, ɛnyɛ nyiyim, ɛnyɛ nyaatwom.’—Yak. 3:17.

2 Ɔsomafo Paulo tu yɛn fo sɛ: “Momma nnipa nyinaa nhu mo ntease [“ahobrɛase,” Kingdom Interlinear].” * (Filip. 4:5) Kristo Yesu ne Awurade, na ɔno ne Kristofo asafo no Ti. (Efe. 5:23) Hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ yɛn mu biara da ntease adi, na yegye akwankyerɛ a Kristo de ma no tom, na yɛbrɛ yɛn ho ase nso bere a yɛne yɛn mfɛfo nnipa redi nsɛm no!

3, 4. (a) Ma nhwɛso fa kyerɛ sɛnea sɛ yɛda ntease adi a, yenya so mfaso. (b) Dɛn na yɛrebesusuw ho?

3 Sɛ yɛda ntease adi wɔ ɔkwan a ɛfata so a, yenya so mfaso. Nhwɛso bi ni: Bere a wohui sɛ amumɔyɛfo bi pɛ sɛ wodi awu wɔ wimhyɛn mu wɔ Britain no, ɛkame ayɛ sɛ wɔn a wɔde wimhyɛn tu kwan nyinaa penee so sɛ wobedi ahyɛde a wɔde mae sɛ ɛnsɛ sɛ wɔde nneɛma bi a na anka wɔma kwan ma wɔde tu kwan no foro wimhyɛn bio no so. Sɛ yɛreka kar a, yehu nea enti a ɛho hia sɛ yɛda ntease adi ma ahyɛnkafo foforo no. Titiriw no, sɛ ɛkɔba sɛ yɛnam ɔkwantempɔn so na ɔhyɛnkafo foforo rete asi ɔkwan no mu a, yɛtɔ yɛn bo ase ma no sɛnea ɛbɛyɛ a akwanhyia biara rensi, na ama obiara atumi akɔ ne kwan asomdwoe mu.

4 Ɛyɛ den ma yɛn mu pii sɛ yɛbɛda ntease adi. Ma yensusuw nneɛma abiɛsa a ɛbɛboa yɛn ma yɛatumi ada ntease adi no ho nhwɛ. Nea edi kan no, adwene a yɛde yɛ saa, su a yekura wɔ wɔn a wodi tumi ho, ne baabi a ɛsɛ sɛ yɛda ntease adi kodu.

Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Yɛda Ntease Adi?

5. Wɔ Mose Mmara no ase no, na dɛn na na ebetumi aka akoa bi ma wakɔ so atra ne wura nkyɛn?

5 Adeyɛ bi a ɛkɔɔ so wɔ tete mmere mu ansa na Kristofo mmere reba no ma yehu adwempa a na obi de da ntease adi no. Wɔ Mose Mmara no ase no, na wogyae Hebrifo a wɔatɔ wɔn sɛ nkoa no ma wɔfa wɔn ho di wɔ afe a ɛto so ason ne Ahosɛpɛw afahyɛ no mu, na na wɔyɛ eyi wɔ mmere abien yi mu biara a ebedi kan aba no mu. Nanso, na akoa bi betumi aka sɛ ɔbɛkɔ so asom ne wura sɛ akoa. (Kenkan Exodus 21:5, 6.) Dɛn na na ebetumi aka akoa bi ma wayɛ saa? Ɔdɔ na na ɛbɛka no ma wakɔ so ahyɛ ne wura a odwen nnipa ho no ase.

6. Dwuma bɛn na ɔdɔ di wɔ ntease a yɛda no adi mu?

6 Saa ara na ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no ka yɛn koma ma yehyira yɛn nkwa so ma no, na yedi ne mmara so. (Rom. 14:7, 8) Ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ: “Eyi ne nea Nyankopɔn dɔ kyerɛ, sɛ yebedi n’ahyɛde so; nanso n’ahyɛde nyɛ den.” (1 Yoh. 5:3) Obi a ɔwɔ ɔdɔ a ɛte saa no nhwehwɛ nneɛma a ne nkutoo hia. (1 Kor. 13:4, 5) Sɛ yɛne nnipa foforo redi nsɛm a, yɔnkodɔ bɛboa yɛn ma yɛada ntease adi, na yɛde wɔn ahiade adi yɛn de kan. Sɛ́ anka yɛbɛyɛ pɛsɛmenkominya no, ɛsɛ sɛ yesusuw afoforo ahiade ho mmom.—Filip. 2:2, 3.

7. Dwuma bɛn na ntease a yɛda no adi no di wɔ yɛn som adwuma no mu?

7 Ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn kasa anaa yɛn nneyɛe to afoforo hintidua. (Efe. 4:29) Nokwarem no, ɔdɔ bɛboa yɛn ma yɛrenyɛ biribiara a ebetumi ahaw nnipa bi a ɛsono abusuakuw ne ɔman a wofi mu no sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya nkɔso aba Yehowa som mu. Mpɛn pii no, eyi hwehwɛ sɛ yɛda ntease adi. Sɛ nhwɛso no, sɛ anuanom mmea a wɔyɛ asɛmpatrɛwfo a wɔtaa keka wɔn ano toto wɔn ani akyi, anaa wɔhyɛ trɔsa a ɛkye wɔn no kɔ mmeae a sɛ obi siesie ne ho wɔ saa kwan no so a wobetumi abu no sɛ ɔbɔ bra bɔne no a, wogyae ahosiesie a ɛte saa no, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrento afoforo hintidua.—1 Kor. 10:31-33.

8. Ɔkwan bɛn so na ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn no bɛboa yɛn ma yɛayɛ yɛn ho sɛ ‘akumaa’?

8 Ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no boa yɛn na yɛanyɛ ahantan. Bere a akasakasa sɔree wɔ Yesu asuafo no mu sɛ wɔn mu hena na ɔyɛ ɔkɛse no, Yesu kɔfaa abofra kumaa bi begyinaa wɔn mfinimfini, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Obiara a obegye abofra yi me din mu no, na wagye me nso, na obiara a obegye me no, na wagye nea ɔsomaa me no nso. Na nea ɔyɛ ne ho kumaa wɔ mo nyinaa mu no, ɔno na ɔyɛ kɛse.” (Luka 9:48; Mar. 9:36) Sɛ́ ankorankoro no, ebia ɛbɛyɛ den ama yɛn paa sɛ yɛbɛyɛ yɛn ho sɛ ‘akumaa.’ Sintɔ a wɔde woo yɛn ne ahomaso betumi ama yɛahwehwɛ dibea, nanso ahobrɛase bɛboa yɛn ma yɛada ntease adi.—Rom. 12:10.

9. Sɛ yebetumi ada ntease adi a, dɛn na ɛsɛ sɛ yegye tom?

9 Sɛ yebetumi ada ntease adi a, ɛsɛ sɛ yegye wɔn a Onyankopɔn ama wɔn tumi no tumidi tom. Nokware Kristofo nyinaa gye nnyinasosɛm a ɛho hia a ɛfa tiyɛ ho no tom. Ɔsomafo Paulo kaa eyi ho asɛm pefee kyerɛɛ Korintofo no sɛ: “Mepɛ sɛ muhu sɛ ɔbarima biara ti ne Kristo; ɔbea nso ti ne ɔbarima; Kristo nso ti ne Nyankopɔn.”—1 Kor. 11:3.

10. Dɛn na yɛn ho ase a yɛbrɛ ma Yehowa tumidi no kyerɛ?

10 Sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase ma Onyankopɔn tumidi a, ɛkyerɛ sɛ, yɛwɔ yɛn Agya a ɔwɔ ɔdɔ no mu ahotoso. Yehowa hu nea yɛyɛ nyinaa, na obetumi atua yɛn ka. Sɛ yɛma saa asɛm yi tra yɛn adwenem a, ɛbɛboa yɛn bere a afoforo nna obu adi nkyerɛ yɛn, anaasɛ wɔn bo fuw yɛn no. Paulo kyerɛwee sɛ: “Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, mo fam de, mo ne nnipa nyinaa ntra asomdwoe mu.” Paulo de akwankyerɛ a edi so yi sii saa afotu no so dua sɛ: “Adɔfo, munnni mo ho werɛ, na mmom munnyaw mma Nyankopɔn abufuw; efisɛ wɔakyerɛw sɛ: ‘Aweredi wɔ me; me ara metua ka, Yehowa na ose.’”—Rom. 12:18, 19.

11. Dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yegye Kristo tiyɛ tom?

11 Ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ obu ma wɔn a Onyankopɔn ama wɔn tumi wɔ Kristofo asafo no mu no nso. Adiyisɛm ti 1 ka Kristo Yesu ho asɛm sɛ, okura “nsoromma” a wɔwɔ asafo no mu no wɔ ne nsa nifa mu. (Adi. 1:16, 20) Sɛ yɛbɛka paa a, saa “nsoromma” no gyina hɔ ma mpanyimfo akuw, anaa ahwɛfo a wɔwɔ asafo ahorow no mu no. Saa ahwɛfo a wɔapaw wɔn yi gye Kristo akanni tom, na wosuasua sɛnea Yesu ne afoforo dii nsɛm wɔ ayamye mu no. Nnipa a wɔwɔ asafo no mu nyinaa gye nhyehyɛe a Yesu ayɛ a ɛne sɛ, “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no mma yɛn honhom fam aduan wɔ bere a ɛsɛ mu no tom. (Mat. 24:45-47) Ɛnnɛ, sɛ yefi yɛn pɛ mu sua nhoma ahorow a wɔayɛ ama yɛn no, na yɛde emu nsɛm di dwuma a, ɛkyerɛ sɛ, yegye Kristo tiyɛ no tom, na ɛno ma asomdwoe ne biakoyɛ tra asafo no mu.—Rom. 14:13, 19.

Ɛsɛ sɛ Yɛyɛ Nnipa a Wɔda Ntease Adi Kodu He?

12. Dɛn nti na ntease a yɛda no adi no wɔ baabi a ekodu?

12 Nanso, ntease a yɛda no adi no nkyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ yegyae yɛn gyidi mu anaasɛ yebu Onyankopɔn mmara so. Bere a nyamesom akannifo baraa tete Kristofo no sɛ mma wɔnnkyerɛkyerɛ wɔ Yesu din mu bio no, dɛn na wɔyɛe? Petro ne asomafo a wɔaka no de akokoduru kae sɛ: “Ɛsɛ sɛ yetie Nyankopɔn mmom sen nnipa.” (Aso. 4:18-20; 5:28, 29) Enti, ɛnnɛ, sɛ wiase atumfo no bɔ mmɔden sɛ wɔbɛma yɛagyae asɛmpaka adwuma no a, yennnyae, mmom no, yɛfa akwan horow so de anifere ka asɛm no. Sɛ wɔbara yɛn sɛ ɛnsɛ sɛ yɛka asɛm no wɔ afie afie a, yebetumi afa akwan foforo so anya afiewuranom ne wɔn abɔ nkɔmmɔ, na yɛakɔ so ayɛ adwuma a Onyankopɔn de ama yɛn no. Saa ara nso na sɛ “atumfoɔ a wɔkorɔn no” bara yɛn sɛ yennyae asafo nhyiam kɔ a, yehyiam wɔ akuw nketewa mu sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn adwene remma yɛn so.—Rom. 13:1; Heb. 10:24, 25.

13. Dɛn na Yesu ka faa wɔn a wɔwɔ tumi a yɛbɛbrɛ yɛn ho ase ama wɔn no ho?

13 Wɔ Yesu Bepɔw so Asɛnka no mu no, ɔmaa nkurɔfo huu nea enti a ehia sɛ wɔbrɛ wɔn ho ase ma wɔn a wɔwɔ tumi no. Ɔkae sɛ: “Sɛ obi pɛ sɛ ɔde wo kɔ asɛnnii kogye w’atade nhyɛase a, fa w’atade nguguso nso ka ne ho, na sɛ obi a ɔwɔ tumi hyɛ wo sɛ monkɔ kwansin biako a, wo ne no nkɔ akwansin abien.” (Mat. 5:40, 41) * Sɛ yedwen afoforo ho, na yɛwɔ ɔpɛ sɛ yɛbɛboa wɔn a, ɛbɛka yɛn ma yɛn nso yɛayɛ pii asen nea wobisa yɛn no.—1 Kor. 13:5; Tito 3:1, 2.

14. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yetie awaefo da?

14 Ɛwom sɛ, yɛwɔ ɔpɛ sɛ yɛbɛyɛ nnipa a wɔte asɛm ase de, nanso ɛnsɛ sɛ yɛyɛ nneɛma bi a awaefo bɛka sɛ yɛnyɛ no da. Ɛsɛ sɛ yɛtwe yɛn ho fi awaefo ho koraa, sɛnea ɛbɛyɛ a nokware no ho rengu fĩ, na biakoyɛ akɔ so atra asafo no mu. Paulo kyerɛw faa “anuanom atorofo” ho sɛ: “Yɛangow yɛn ho anhyɛ saa nnipa no ase, dabi, yɛanyɛ saa dɔnhwerew biako pɛ mpo, sɛnea ɛbɛyɛ a asɛmpa no ho nokware no bɛtra mo mu.” (Gal. 2:4, 5) Ɛwom sɛ, ɔwae a ɛte saa ntaa nsɔre wɔ asafo no mu de, nanso sɛ ebi ba mu a, Kristofo a wodi nokware no kɔ so bata nokware no ho pintinn.

Ɛsɛ sɛ Ahwɛfo Te Asɛm Ase

15. Sɛ Kristofo a wɔyɛ ahwɛfo hyiam a, dɛn na wobetumi ayɛ de akyerɛ sɛ wɔte asɛm ase?

15 Nneɛma a wɔhwehwɛ fi wɔn a wɔpaw wɔn sɛ ahwɛfo no hɔ mu biako ne sɛ wobehu wɔn sɛ wɔyɛ nnipa a wɔte asɛm ase. Paulo kyerɛwee sɛ: “Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo yɛ obi a . . . ɔte asɛm ase.” (1 Tim. 3:2, 3) Eyi ho hia titiriw, bere a asafo mu mpanyimfo ahyia resusuw asafo no ho no. Ɛwom sɛ, ɛnyɛ ahyɛde sɛ ɛsɛ sɛ ɔpanyin biara a ɔwɔ nhyiam no ase kasa de, nanso ansa na wobesi gyinae bi no, mpanyimfo no mu biara wɔ ho kwan sɛ ofi ne pɛ mu kyerɛ n’adwene. Bere a wogu so resusuw nsɛm ho no, ebia ɔpanyin bi bɛsesa n’adwene bere a ɔte sɛ mpanyimfo foforo atwe adwene asi Kyerɛwnsɛm no mu nnyinasosɛm a ɛfa asɛm a wɔresusuw ho no so no. Ɔpanyin a ne ho akokwaw nkasa ntia afoforo adwenkyerɛ, na ɔrenka sɛ nea ɔno aka no ara na wɔmfa nyɛ adwuma, mmom no, obegye afoforo adwenkyerɛ atom. Wɔ nhyiam no mfiase no, ebia na ɛsono adwene a wɔn mu biara kura, nanso sɛ mpanyimfo a wɔwɔ ahobrɛase na wɔte asɛm ase no de mpaebɔ susuw nsɛm ho a, ɛma biakoyɛ tra wɔn ntam.—1 Kor. 1:10; Kenkan Efesofo 4:1-3.

16. Su bɛn na ɛsɛ sɛ Kristoni a ɔyɛ ɔhwɛfo da no adi?

16 Ɛsɛ sɛ Kristoni a ɔyɛ asafo mu panyin no bɔ mmɔden sɛ ɔde teokrase akwankyerɛ bɛyɛ adwuma wɔ biribiara a ɔyɛ mu. Ɛsɛ sɛ ɔda saa su no adi bere a ɔresrasra ne nuanom no, na ɛbɛboa no ma wada tema adi, na ɔne afoforo adi nsɛm wɔ odwo mu. Petro kyerɛwee sɛ: “Monhwɛ Nyankopɔn nguankuw a wɔhyɛ mo nsa no so, ɛnyɛ ɔhyɛ so, na mmom mumfi mo pɛ mu; ɛnyɛ adifudepɛ nso nti, na mmom anigye so.”—1 Pet. 5:2.

17. Ɛbɛyɛ dɛn na asafo no mufo nyinaa atumi ada ahobrɛase adi wɔ sɛnea wɔne afoforo di nsɛm no mu?

17 Wɔn a wɔn mfe akɔ anim a wɔwɔ asafo no mu no ani sɔ mmoa kɛse a mmerante ne mmabaa de ma wɔn no, na wodi wɔn ni. Saa ara na mmerante ne mmabaa no nso da obu adi kyerɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim a wɔde mfe pii asom Yehowa no. (1 Tim. 5:1, 2) Kristofo asafo no mu mpanyimfo hwehwɛ mmarima a wɔfata a wobetumi de asɛyɛde ahorow ahyehyɛ wɔn nsa, na wɔtete saa mmarima no ma wɔboa wɔn ma wɔhwɛ Onyankopɔn nguan no so. (2 Tim. 2:1, 2) Ɛsɛ sɛ Kristoni biara hu mfaso a ɛwɔ afotu a Onyankopɔn honhom maa Paulo kyerɛwee yi so. Ɔkyerɛwee sɛ: “Monyɛ osetie mma wɔn a wodi mo anim no na mommrɛ mo ho ase mma wɔn, efisɛ wɔn na wɔhwɛ mo kra so sɛ nnipa a wobebu akontaa; ɛno bɛma wɔde anigye ayɛ eyi, na ɛnyɛ ahomegu, anyɛ saa a ɛrensi mo yiye.”—Heb. 13:17.

Ɛsɛ sɛ Yɛbrɛ Yɛn Ho Ase wɔ Yɛn Abusua Mu

18. Dɛn nti na ɛfata sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase wɔ abusua mu?

18 Ɛsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase wɔ abusua mu nso. (Kenkan Kolosefo 3:18-21.) Bible kyerɛ adwuma a ɛsɛ sɛ Kristofo abusua no muni biara yɛ. Agya no yɛ ɔyere no ti, na ɔno ara nso na ɛyɛ n’asɛyɛde sɛ ɔkyerɛkyerɛ mmofra no. Ɛsɛ sɛ ɔyere no gye ne kunu tumidi tom, na ɛsɛ sɛ mmofra no nso bɔ mmɔden yɛ osetie, efisɛ, sɛ wɔyɛ saa a, ɛsɔ Awurade ani. Sɛ abusua no muni biara brɛ ne ho ase, na ɔyɛ n’ade wɔ ɔkwan a ɛfata so a, obetumi aboa ma biakoyɛ ne asomdwoe atra abusua no mu. Nhwɛso ahorow bi wɔ Bible mu a ɛboa yɛn ma yɛte saa asɛm yi ase yiye.

19, 20. (a) Nsonsonoe bɛn na ɛwɔ ntease a Eli daa no adi ne nea Yehowa daa no adi no mu? (b) Dɛn na awofo betumi asua afi saa nhwɛso ahorow yi mu?

19 Bere a na Samuel yɛ abarimaa no, na Eli na ɔsom sɛ ɔsɔfopanyin wɔ Israel. Nanso, na Eli mmabarima a wɔne Hofni ne Pinehas no yɛ “mmahuhufo” a ‘wonnim Yehowa.’ Eli tee nneɛma bɔne a na ne mma no reyɛ no ho asɛm. Ná nneɛma bɔne a ne mma no reyɛ no bi ne sɛ, wɔne mmea a wɔsom wɔ ahyiae ntamadan no ano no bɔ aguaman. Dɛn na Eli yɛe wɔ asɛm yi ho? Eli ka kyerɛɛ ne mma no sɛ, sɛ wɔyɛ bɔne tia Yehowa a, wɔrennya obi a ɔbɛsrɛ bɔne fafiri ama wɔn. Nanso, Eli anteɛ ne mma no so. Ne saa nti, Eli mma no kɔɔ so yɛɛ nneɛma bɔne. Awiei koraa no, Yehowa buu wɔn atɛn a ɛteɛ sɛ wɔfata owu. Bere a Eli tee sɛ ne mma no awu no, ɔno nso wui. Awerɛhosɛm bɛn ara ni! Ɛda adi pefee sɛ, ntease a Eli daa no adi no nyɛ papa, efisɛ ɔnam saa a ɔyɛe no so sosɔɔ ne mma no so ma wɔkɔɔ so yɛɛ bɔne.—1 Sam. 2:12-17, 22-25, 34, 35; 4:17, 18.

20 Nanso, susuw sɛnea Onyankopɔn ne abɔfo dii nsɛm no ho hwɛ. Ná odiyifo Mikaia anya anisoadehu a ɛyɛ nwonwa a ɛfa nhyiam bi a Yehowa ne N’abɔfo yɛe ho. Yehowa bisaa abɔfo no sɛ wɔn mu hena na obetumi adaadaa Israel hene Ahab na wama saa ɔhemmɔne no ahwe ase. Yehowa tiee abɔfo no mu pii adwenkyerɛ. Afei, ɔbɔfo bi kae sɛ ɔbɛkɔ akɔdaadaa no. Yehowa bisaa no sɛ, ɔkwan bɛn na ɔbɛfa so ayɛ saa? Bere a asɛm a ɔbɔfo no kae no tɔɔ Yehowa asom mu no, Yehowa kae sɛ, ɔnkɔdaadaa no. (1 Ahe. 22:19-23) So abusua mufo betumi asua biribi afi saa asɛm yi mu na wɔde ayɛ adwuma wɔ wɔn asetram? Ɛsɛ sɛ Kristoni a ɔyɛ okunu ne agya susuw ne yere ne ne mma adwenkyerɛ ne wɔn nyansahyɛ ahorow ho. Saa ara nso na sɛ ɔyerenom ne wɔn mma kyerɛ wɔn adwene anaa wɔka nneɛma bi a wɔn ani gye ho no ho asɛm wie a, ɛsɛ sɛ wogye akwankyerɛ a okunu no de bɛma wɔn no tom, efisɛ ɔno na Kyerɛwnsɛm no ama no tumi sɛ onsi gyinae.

21. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu?

21 Hwɛ sɛnea ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani sɔ sɛ Yehowa fi nyansa ne ɔdɔ mu akae yɛn sɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ nnipa a wɔte asɛm ase! (Dw. 119:99) Wɔ adesua a edi hɔ mu no, yebesusuw sɛnea ntease a yɛda no adi wɔ ɔkwan a ɛfata so no boa ma yenya anigye wɔ aware mu no ho.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 2 Ɔsomafo Paulo de asɛmfua a ɛyɛ den sɛ wɔde Borɔfo kasa biako pɛ bɛkyerɛ ase na edii dwuma wɔ asɛm yi mu. Nhoma bi ka sɛ: “Nea ntease kyerɛ ne sɛ obi befi ne pɛ mu agyae nsɛm mu ma aka, na wada tema ne odwo adi akyerɛ afoforo.” Enti, asɛmfua no kyerɛ ahobrɛase ne ntease a wɔda no adi, na ɛnhwehwɛ sɛ obi yɛ katee wɔ Onyankopɔn mmara a wɔde bedi dwuma ho, na saa ara na ɛnsɛ sɛ obi ka sɛ ɔbɛyɛ biribiara a ɔwɔ hokwan sɛ ɔyɛ.

^ nky. 13 Hwɛ asɛm a ɛne “Sɛ Wɔhyɛ Wo sɛ Yɛ Adwuma Bi A” a ɛwɔ February 15, 2005, Ɔwɛn-Aban, kratafa 23-6 no.

Wubebua Dɛn?

• Sɛ yɛda ntease adi a, mfaso bɛn na yenya?

• Ahwɛfo bɛyɛ dɛn atumi ada ntease adi?

• Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛda ntease adi wɔ abusua mu?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 4]

Asafo mu mpanyimfo suasua sɛnea Kristo ne afoforo dii nsɛm wɔ ayamye mu no

[Mfonini wɔ kratafa 6]

Sɛ asafo mu mpanyimfo hyiam na wɔde mpaebɔ susuw nsɛm ho, na wɔda ntease adi a, ɛma biakoyɛ tra wɔn ntam