Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Munnya Anigye Wɔ Mo Aware Mu

Munnya Anigye Wɔ Mo Aware Mu

Munnya Anigye Wɔ Mo Aware Mu

“Wɔde nyansa na esi dan, na wɔde nhumu ma egyina.”—MMEB. 24:3.

1. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn daa nyansa adi wɔ ɔbarima a odi kan no ho?

YƐN soro Agya a onim nyansa no nim nea eye ma yɛn. Sɛ nhwɛso no, Onyankopɔn hui sɛ, sɛ N’atirimpɔw bɛbam a, ɛnde, na “enye sɛ onipa nko tra” Eden turo no mu. Ade titiriw nti a Onyankopɔn bɔɔ ɔbea kaa ɔbarima no ho ne sɛ, awarefo bɛwo mma ‘ahyɛ asase so ma.’—Gen. 1:28; 2:18, NW.

2. Nhyehyɛe bɛn na Yehowa yɛe a nnipa anya so mfaso?

2 Yehowa kae sɛ: “Merebɛyɛ ɔboafo ama no, ɔhokafo a ɔfata no.” Afei, Onyankopɔn maa nnahɔɔ tɔɔ onipa no so, na oyii onipa a ɔyɛ pɛ no mfe mparow biako. Ɔde mfe mparow a oyii no yɛɛ ɔbea. Bere a Yehowa de ɔbea a ɔyɛ pɛ yi a ɔne Hawa brɛɛ Adam no, Adam kae sɛ: “Afei me nnompe mu dompe ne me honam mu nam ni. Oyi na wɔbɛfrɛ no ɔbea, efisɛ ɔbarima mu na woyii no fii.” Ná Hawa yɛ ɔhokafo a ɔfata Adam ampa. Ná ɛbɛsono sɛnea wɔn mu biara bɛyɛ n’ade, ne suban a wɔbɛda no adi, nanso na wɔn baanu nyinaa yɛ pɛ, na wɔbɔɔ wɔn wɔ Onyankopɔn suban so nso. Saa kwan yi na Yehowa nam so hyehyɛɛ aware a edi kan no. Adam ne Hawa de anigye na egyee Onyankopɔn nhyehyɛe yi a na ɛbɛma wɔaboa wɔn ho wɔn ho no toom.—Gen. 1:27, NW; 2:21-23.

3. Nnipa pii bu akyɛde a ɛne aware no dɛn, na nsɛmmisa bɛn na eyi ma ɛsɔre?

3 Awerɛhosɛm ne sɛ, atuatew abu so nnɛ wɔ wiase baabiara. Ɔhaw a atuatew de ba no mfi Onyankopɔn. Nnipa pii bu Onyankopɔn akyɛde a ɛne aware no animtiaa, na wɔka sɛ ne bere atwam, na ɛde ateetee ne ntɔkwaw na ɛba. Nnipa a wɔware no mu pii taa gyae aware. Ebia awofo renna ɔdɔ adi nkyerɛ wɔn mma, na sɛ aware no reyɛ agu a, awarefo baanu no mu biara bɔ mmɔden sɛ wɔbɛfa mmofra no so anya ne yɔnko ho mfaso. Awofo pii mpɛ sɛ wobegyae nsɛm mu ma aka na ama asomdwoe ne biakoyɛ atra wɔn ntam. (2 Tim. 3:3) Ɛnde, awarefo bɛyɛ dɛn atumi ama anigye akɔ so atra wɔn aware mu wɔ mmere a emu yɛ den yi mu? Dwuma bɛn na ntease a yɛda no adi wɔ aware mu no di ma aware gyina? Dɛn na yebetumi asua afi awarefo a wɔwɔ hɔ nnɛ a wɔama anigye akɔ so atra wɔn aware mu no nhwɛso mu?

Yehowa Akwankyerɛ a Yebegye Atom

4. (a) Aware ho akwankyerɛ bɛn na Paulo de mae? (b) Ɔkwan bɛn so na Kristofo a wɔyɛ osetie no di Paulo akwankyerɛ yi so?

4 Ɔsomafo Paulo a ɔyɛ Kristoni no de akwankyerɛ a efi Onyankopɔn hɔ maa akunafo sɛ, sɛ wɔpɛ sɛ wɔsan ware a, ɛsɛ sɛ wɔware wɔ “Awurade mu nkutoo.” (1 Kor. 7:39) Ná eyi nyɛ ade foforo mma Kristofo a na wɔyɛ Yudafo no. Onyankopɔn Mmara a ɔde maa Israelfo no kaa no pefee sɛ, mma wɔne aman a wɔsom abosom a wɔatwa wɔn ho ahyia no “nnni ayeware.” Yehowa kyerɛkyerɛɛ asiane a ɛwɔ wɔn ani a wobebu agu Onyankopɔn gyinapɛn yi so no mu. Ɔkae sɛ: “Efisɛ [obi a ɔnyɛ Israelni no bɛdan] wo ba ani afi m’akyi, na wɔasom anyame foforo, na [Yehowa, NW] bo afuw mo, na wasɛe wo ntɛm.” (Deut. 7:3, 4) Dɛn na Yehowa hwehwɛ sɛ n’asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ yɛ bere a wɔpɛ sɛ wɔware no? Ɛda adi pefee sɛ, ɛsɛ sɛ Onyankopɔn somfo ware obi a ɔwɔ “Awurade mu” a wahyira ne ho so abɔ asu sɛ Onyankopɔn somfo. Nyansa wom sɛ yɛde Yehowa akwankyerɛ yi bɛyɛ adwuma bere a yɛpɛ sɛ yɛware no.

5. Yehowa ne Kristofo a wɔyɛ awarefo bu aware mu bɔhyɛ ahorow dɛn?

5 Onyankopɔn bu aware mu bɔhyɛ sɛ ɛyɛ kronkron. Bere a Yesu a ɔyɛ Onyankopɔn ankasa Ba no retwe adwene asi aware a edi kan no so no, ɔkae sɛ: “Nea Onyankopɔn aka abom no, mma onipa biara nntetew mu.” (Mat. 19:6) Odwontofo no kae yɛn sɛ, ɛsɛ sɛ yɛfa ɛbɔ ahorow a yɛhyɛ no aniberesɛm. Ɔkae sɛ: “Fa aseda bɔ Onyankopɔn afɔre, na tua w’aboade ma nea ɔwɔ ɔsorosoro no.” (Dw. 50:14) Ɛwom sɛ, awarefo betumi anya anigye kɛse bere a wɔaware no de, nanso ɛsɛ sɛ wɔfa ɛbɔ ahorow a wɔhyɛ wɔ wɔn ayeforohyia da no aniberesɛm, na wɔfa no sɛ ɛyɛ asɛyɛde a ɛda wɔn so.—Deut. 23:21.

6. Dɛn na yebetumi asua afi Yefta nhwɛso no mu?

6 Susuw Yefta a ɔsomee sɛ Israel temmufo wɔ afeha a ɛto so 12 A.Y.B. mu no asɛm no ho hwɛ. Ɔhyɛɛ Yehowa bɔ sɛ: “Sɛ wode Amonfo no hyɛ me nsa a, ɛnde nea ebefi me fi apon ano abehyia me da a meresan mafi Amonfo so dwoodwoo no, ɛbɛyɛ [Yehowa, NW] de, na mede mɛbɔ afɔre mũ.” Bere a Yefta hui sɛ ne babea a odi no ɔbakoro no na obehyiaa no bere a na ɔresan aba ne fie wɔ Mispa no, so Yefta hwehwɛɛ ɔkwan bi a ɔbɛfa so abu ne bɔhyɛ no so? Dabi. Ɔkae sɛ: “Mabue m’ano mama [Yehowa, NW], na mintumi mensan m’akyi.” (Atem. 11:30, 31, 35) Ɛwom sɛ, sɛ na Yefta di ɛbɔ a ɔhyɛɛ Yehowa no so a na ɔrennya aseni, na na ne din nso bɛyera de, nanso odii ne bɔhyɛ no so. Ɛwom sɛ, ɛsono ɛbɔ a Yefta hyɛe no ne nea wɔhyɛ wɔ ayeforohyia ase no de, nanso Yefta bɔhyɛ no a odii so no yɛ nhwɛso pa a ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔyɛ okununom ne ɔyerenom suasua, na wodi wɔn bɔhyɛ ahorow so.

Dɛn na Ɛma Aware Yɛ Yiye?

7. Nsakrae bɛn na ehia sɛ wɔn a wɔaware foforo no yɛ?

7 Awarefo pii kaakae nantew a edi wɔn aware anim no ma wɔn ani gye kɛse. Hwɛ anigye ara a wonyae bere a wohuu onii a na wɔbɛware no daakye no yiye no! Dodow a wɔboom yɛɛ nneɛma bi no, dodow no ara na wohuu wɔn ho yiye. Nanso, sɛ́ wɔnantewee kakra ansa na wɔreware anaasɛ obi na ɔyɛɛ aware no ho nhyehyɛe maa wɔn no, awiei koraa no, bere a wɔbɛyɛɛ okunu ne ɔyere no, na ɛsɛ sɛ wɔyɛ nsakrae ahorow. Okunu bi kae sɛ: “Ade a na ɛhaw yɛn paa wɔ bere a yɛwaree foforo no ne gye a na yebegye atom sɛ yɛnyɛ asigyafo bio no. Mfiase no, na ɛyɛ den ma yɛn sɛ yɛbɛtew bere a yɛde kɔsrasra yɛn nnamfo ne yɛn abusuafo no so.” Okunu foforo bi a waware mfe 30 ni no nso kae sɛ, bere a ɔwaree foforo no, ohui sɛ na ɛnsɛ sɛ “ɔno nkutoo susuw nneɛma ho bio” na ama watumi ayɛ n’ade wɔ ɔkwan a ɛfata so. Sɛ obi to nsa frɛ no a, ansa na ɔbɛpene so no, na ɛsɛ sɛ ɔne ne yere susuw ho na wosi gyinae, na wosusuw nea wɔn mu biara ani gye ho no ho. Wɔ tebea a ɛte saa mu no, mfaso wɔ so sɛ yɛda ntease adi.—Mmeb. 13:10.

8, 9. (a) Dɛn nti na nkɔmmɔbɔ a ɛfata ho hia? (b) Nneɛma bɛn mu na ntease a awarefo bɛda no adi betumi aboa wɔn, na dɛn ntia?

8 Ɛtɔ mmere bi a, ɛsono baabi a nnipa baanu a wɔware no mu biara fi. Aware a ɛte sɛ eyi mu titiriw na ɛsɛ sɛ awarefo no fi wɔn komam bɔ nkɔmmɔ. Ɛsono sɛnea abusuakuw biara mufo bɔ nkɔmmɔ. Sɛ wohwɛ sɛnea wo kunu anaa wo yere ne n’abusuafo bɔ nkɔmmɔ a, ebetumi aboa wo ma woate wo hokafo no ase yiye. Ɛtɔ mmere bi a, ɛnyɛ asɛm a obi ka ne asɛm no, na mmom ɔkwan a ɔfa so ka no no na ɛma wuhu n’adwene. Na wubetumi ahu nneɛma pii a ɔmfaa n’ano nkae no mpo. (Mmeb. 16:24; Kol. 4:6) Ɛho hia sɛ awarefo de nhumu yɛ adwuma, na ama wɔanya anigye.—Kenkan Mmebusɛm 24:3.

9 Awarefo pii ahu sɛ sɛ wɔrepaw nneɛma a wɔn ani gye ho ne baabi a wɔbɛkɔ akogye wɔn ani a, ɛho hia sɛ wɔda ntease adi. Ansa na morebɛware no, ebia na wo hokafo no de bere pii di agoru bi, anaasɛ ɔde ne ho hyɛ anigyede afoforo bi mu. Afei a moaware yi, so ɛho behia sɛ moyɛ nsakrae? (1 Tim. 4:8) Mubetumi abisa asɛm a ɛte saa ara afa bere a mode kɔsrasra mo abusuafo no ho. Ɛfata sɛ awarefo susuw saa nneɛma no ho, sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya bere abom asom Onyankopɔn, na wɔayɛ nneɛma foforo.—Mat. 6:33.

10. Ɔkwan bɛn so na ntease a yɛbɛda no adi betumi aboa ma abusuabɔ pa abɛda awofo ne wɔn mma a wɔaware no ntam?

10 Sɛ ɔbarima bi ware a, ogyaw n’agya ne ne na, na saa ara na ɔbea nso yɛ. (Kenkan Genesis 2:24.) Nanso, sɛ obi ware a, ɛno nkyerɛ sɛ wade ne ho afi Onyankopɔn ahyɛde a ɛne sɛ onni n’agya ne ne na ni no ho. Enti, sɛ nnipa baanu ware a, sɛnea ɛte biara no, wɔbɛkɔ akɔsra wɔn awofo ne wɔn nsenom. Okunu bi a waware mfe 25 no kae sɛ: “Ɛtɔ mmere bi a, ɛyɛ den sɛ wobɛyɛ nea wo hokafo hwehwɛ sɛ woyɛ ma no no, na bere koro no ara woayɛ nea w’awofo, wo nuanom, ne wo nsenom nso pɛ ama wɔn. Bere a misusuw ɔkwampa a mɛfa so adi saa tebea yi ho dwuma ho no, mahu sɛ Genesis 2:24 boa paa. Ɛwom sɛ obi wɔ asɛyɛde sɛ ɔboa n’abusuafo na ɔyɛ nneɛma bi ma wɔn de, nanso saa kyerɛwsɛm no ma mihui sɛ me hokafo ahiade na ɛsɛ sɛ mede di kan.” Saa ara na Kristofo a wɔyɛ awofo a wɔda ntease adi no behu sɛ wɔn mma a wɔaware no akɔbɔ abusua foforo, na okunu no titiriw na ɛyɛ n’asɛyɛde sɛ odi saa abusua no anim na ɔkyerɛ wɔn kwan.

11, 12. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ awarefo ma abusua adesua ne mpaebɔ ho hia wɔn?

11 Abusua adesua a wɔyɛ no daa no ho hia. Osuahu a Kristofo mmusua pii anya no di saa nokwasɛm yi ho adanse. Ebia ɛrenyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛhyehyɛ adesua a ɛte saa na yɛakɔ so ayɛ no bere nyinaa. Obi a ɔyɛ abusua ti kae sɛ: “Sɛ afei na anka yɛrebɛware foforo a, anka aware no mfiase pɛɛ na yɛbɛhyehyɛ abusua adesua, na yɛahwɛ sɛ yɛbɛyɛ no daa.” Ɔde kaa ho sɛ: “Sɛ yɛreyɛ abusua adesua, na mihu sɛ Bible mu asɛm bi a yɛresusuw ho no ama me yere ani agye a, ɛma m’ani gye paa.”

12 Mpae a wɔbom bɔ nso yɛ ade foforo a ɛboa. (Rom. 12:12) Sɛ okunu ne ɔyere bom som Yehowa a, abusuabɔ pa a wɔne Onyankopɔn nya no betumi ama ɔdɔ a ɛwɔ wɔn aware mu no mu ayɛ den. (Yak. 4:8) Okunu bi a ɔyɛ Kristoni kae sɛ: “Sɛ wudi mfomso—sɛ ɛyɛ mfomso nketenkete a ɛhyɛ abufuw mpo—na woyɛ ntɛm pa kyɛw, na woka ho asɛm bere a moabom rebɔ mpae no a, ɛyɛ ɔkwan a wofa so da no adi sɛ woanu wo ho ampa.”—Efe. 6:18.

Da Ntease Adi wɔ W’aware Mu

13. Afotu bɛn na Paulo de mae wɔ aware mu nna mu nkitahodi ho?

13 Ɛnsɛ sɛ Kristofo a wɔaware yɛ nneɛma bi a ɛmfata wɔ nna mu nkitahodi mu te sɛ nea wɔn a nna ho nsɛm agye wɔn adwene a wɔwɔ wiase no yɛ no nnɛ no. Bere a Paulo de asɛm yi ho afotu rema no, ɔkae sɛ: “Okunu mma ne yere nea ɛsɛ no; na ɔyere nso nyɛ saa ara mma ne kunu. Ɔyere nni n’ankasa nipadua so tumi, na mmom ne kunu; saa ara nso na okunu nni n’ankasa nipadua so tumi, na mmom ne yere.” Afei, Paulo de akwankyerɛ a emu da hɔ mae sɛ: “Mommfa nnkame mo ho, gye sɛ mo baanu nyinaa pene so saa kosi bere bi.” Adɛn ntia? Sɛnea ɛbɛyɛ a ‘mubenya bere ama mpaebɔ na moasan abehyiam bio, na amma sɛ ahosodi a moannya nti, Satan bɛsɔ mo ahwɛ.’ (1 Kor. 7:3-5) Mpaebɔ ho asɛm a Paulo kae no ma yehu nneɛma a ɛsɛ sɛ Kristoni ma ɛho hia no paa. Nanso, ɔmaa emu daa hɔ pefee sɛ, ɛsɛ sɛ Kristoni biara a waware no ma ne hokafo honam fam ne ne nkate fam ahiade ahorow ho hia no.

14. Ɔkwan bɛn so na awarefo betumi de Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm adi dwuma wɔ nna mu nkitahodi mu?

14 Ɛsɛ sɛ okunu ne ɔyere ka nna ho asɛm pefee, na wohu sɛ sɛ wɔanna tema adi wɔ nna ho nsɛm mu a, ebetumi de ɔhaw pii aba. (Kenkan Filipifo 2:3, 4; fa toto Mateo 7:12 ho.) Eyi aba saa wɔ mmusua bi a emufo nni ɔsom biako mu ntam. Sɛ wɔn adwene nhyia wɔ nneɛma ho mpo a, mpɛn pii no, nea ɔyɛ Kristoni no betumi afa n’abrabɔ pa, ayamye, ne nsɛm mu a ogyae ma ɛka so aboa ma tebea no ayɛ yiye. (Kenkan 1 Petro 3:1, 2.) Sɛ awarefo dɔ Yehowa ne wɔn ahokafo, na wɔda ntease adi a, ɛbɛboa wɔn wɔ nna mu nkitahodi mu.

15. Ɔkwan bɛn so na obu de anigye ba aware mu?

15 Okunu a ne yam ye da obu adi kyerɛ ne yere wɔ nneɛma foforo mu nso. Sɛ nhwɛso no, obesusuw sɛnea ne yere te nka wɔ nneɛma nketenkete ho mpo. Okunu bi a waware mfe 47 kae sɛ: “Meda so ara resua sɛ mɛda obu adi akyerɛ me yere.” Wotu Kristofo a wɔyɛ ɔyerenom fo sɛ wɔnna obu kɛse adi nkyerɛ wɔn kununom. (Efe. 5:33) Sɛ wɔka wɔn kununom ho nsɛmmɔne, na wɔka wɔn mfomso ho asɛm bere a nkurɔfo wɔ hɔ a, ɛnkyerɛ obu. Mmebusɛm 14:1 ka sɛ: “Ɔbea nyansafo si ne dan, na ɔbea kwasea de ne nsa dwiriw.”

Mommma Ɔbonsam Kwan

16. Awarefo bɛyɛ dɛn atumi de Efesofo 4:26, 27 adi dwuma wɔ wɔn aware mu?

16 “Mo bo mfuw, nanso monnyɛ bɔne; mommma owia nnkɔtɔ mo so mo abufuw mu, na mommma Ɔbonsam kwan nso.” (Efe. 4:26, 27) Sɛ yɛde saa asɛm no yɛ adwuma a, ebetumi aboa yɛn ma yɛasiesie akasakasa a ɛsɔre wɔ aware mu no, anaa yɛasiw ano mpo. Onuawa bi kae sɛ: “Menkae ɛda a me ne me kunu adwene anhyia wɔ biribi ho na yɛanka ho asɛm da, sɛ ɛho hia sɛ yɛde nnɔnhwerew pii mpo na ɛka asɛm no kosi sɛ yebesiesie a, na yɛyɛ saa.” Wɔn aware no mfiase pɛɛ na ɔne ne kunu ka too hɔ sɛ, sɛ ɔhaw bi sɔre wɔ wɔn ntam a, wɔrenna gye sɛ wɔasiesie ansa. “Yesii gyinae sɛ ɛmfa ho sɛnea ɔhaw no te biara no, yɛde befiri yɛn ho na yɛatra ase asomdwoe mu da biara da.” Enti, wɔnam saa a wɔyɛe no so ‘amma Ɔbonsam kwan.’

17. Sɛ mpo, awarefo te nka sɛ wɔmfata wɔn ho a, dɛn na ebetumi aboa wɔn?

17 Na sɛ wote nka sɛ woaware obi a ɔmfata wo nso ɛ? Ebia w’ani nnye te sɛ nea afoforo ani gye wɔ wɔn aware mu no. Nanso, sɛ woma sɛnea Ɔbɔadeɛ no bu aware no tra w’adwenem a, ɛbɛboa wo. Onyankopɔn de ne honhom kaa Paulo ma otuu Kristofo fo sɛ: “Mo nyinaa mma aware ho mmra nyam, na munngu aware mpa ho fĩ, efisɛ Onyankopɔn bebu aguamammɔfo ne awaresɛefo atɛn.” (Heb. 13:4) Na ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu so nso sɛ: “Hama a ɛbɔ ho abiɛsa no rentew ntɛm so.” (Ɔsɛnk. 4:12) Sɛ okunu ne ɔyere nyinaa ma Yehowa din a ɛho bɛtew no ho hia wɔn kɛse a, wɔbɛma ɔdɔ atra wɔn ntam, na ɛno bɛma wɔne Onyankopɔn ntam nso ayɛ papa. Ɛsɛ sɛ wɔyɛ nea wobetumi biara ma wɔn aware no yɛ yiye, efisɛ wonim sɛ sɛ wɔyɛ saa a, wɔbɛhyɛ Yehowa a ɔno ne aware Hyehyɛfo no anuonyam.—1 Pet. 3:11.

18. Dɛn na yebetumi anya ahotoso sɛ yebenya wɔ aware mu?

18 Ɛda adi pefee sɛ, Kristofo betumi anya anigye wɔ wɔn aware mu. Nanso, sɛ wobenya anigye a, gye sɛ wɔbɔ wɔn ho mmɔden, na wɔda Kristofo su ahorow a ebi ne ntease adi. Ɛnnɛ, wɔ Yehowa Adansefo asafo ahorow a ɛwɔ wiase nyinaa mu no, awarefo pii wɔ mu a wɔada no adi sɛ yebetumi anya anigye wɔ aware mu.

Wubebua Dɛn?

• Dɛn nti na yebetumi aka paa sɛ yebetumi anya anigye wɔ aware mu?

• Dɛn na ebetumi aboa ma aware bi ayɛ yiye?

• Su ahorow bɛn na ɛsɛ sɛ awarefo nya?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 9]

Sɛ obi to nsa frɛ awarefo bi anaasɛ wɔreyɛ nhyehyɛe bi a, ɛyɛ papa sɛ wɔbom susuw ho ansa na wɔasi gyinae

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Mommɔ mmɔden nsiesie akasakasa a ɛsɔre wɔ mo ntam ɛda no ara, na ‘moamma Ɔbonsam kwan’