Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wubu Afoforo Sɛnea Yehowa Bu Wɔn No?

So Wubu Afoforo Sɛnea Yehowa Bu Wɔn No?

So Wubu Afoforo Sɛnea Yehowa Bu Wɔn No?

‘Ɛnsɛ sɛ mpaapaemu biara ba nipadua no mu, na mmom ɛsɛ sɛ akwaa no nya adwenkoro ma wɔn ho wɔn ho.’—1 KOR. 12:25.

1. Bere a edi kan a wobaa honhom fam paradise no mu no, wotee nka dɛn?

BERE a edi kan a yefii wiase bɔne no mu, na yefii ase de yɛn ho bɔɔ Yehowa nkurɔfo no, ɛda adi sɛ, yɛn ani gyee ɔdɔ a yehui sɛ ɛwɔ wɔn mu ne sɛnea wodwen wɔn ho wɔn ho no ho. Hwɛ sɛnea yehui sɛ Yehowa Adansefo yɛ soronko koraa wɔ nkurɔfo a Satan di wɔn so a wommu ade, wɔyɛ nitan, na wɔpɛ ntɔkwaw no ho! Yɛbaa honhom fam paradise a asomdwoe ne biakoyɛ wom no mu.—Yes. 48:17, 18; 60:18; 65:25.

2. (a) Dɛn na ebetumi ama sɛnea yebu afoforo no asesa? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

2 Nanso, bere rekɔ so no, esiane sɛ yɛnyɛ pɛ nti, adwempa a yɛwɔ wɔ yɛn nuanom ho no betumi afi ase asesa. Esiane sɛ yɛtɔ sin nti, sɛ́ anka yɛde yɛn adwene besi yɛn nuanom suban pa so no, yebetumi de yɛn adwene asi mfomso a wodi so kɛse mmom. Nea yɛrekyerɛ ne sɛ, yɛma yɛn werɛ fi sɛ yebebu wɔn te sɛ nea Yehowa bu wɔn no. Sɛ yemmu yɛn nuanom te sɛ nea Yehowa bu wɔn no a, ɛnde ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ adwene a yekura no mu yiye, na yɛma yɛn adwene ne adwene a Yehowa kura a emu da hɔ no hyia.—Ex. 33:13.

Sɛnea Yehowa Hu Yɛn Nuanom

3. Bible de Kristofo asafo no toto dɛn ho?

3 Sɛnea wɔakyerɛw wɔ 1 Korintofo 12:2-26 no, ɔsomafo Paulo de Kristofo a wɔasra wɔn asafo no totoo nipadua a ɛwɔ “akwaa pii” ho. Sɛnea nipadua akwaa nyinaa nyɛ pɛ no, saa ara na asafo no mufo suban ne wɔn mmɔdenbɔ nso nyɛ pɛ. Nanso, Yehowa gye asafo no mufo nyinaa tom. Yehowa dɔ asafo no muni biara, na n’ani sɔ wɔn. Saa ara nso na Paulo tu yɛn fo sɛ, ɛsɛ sɛ asafo no mufo ‘nya adwenkoro ma wɔn ho wɔn ho.’ Eyi betumi ayɛ den, efisɛ yɛn nyinaa suban nyɛ pɛ.

4. Dɛn nti na ebehia sɛ yɛyɛ nsakrae wɔ adwene a yɛwɔ wɔ yɛn nuanom ho no mu?

4 Ebia yɛde yɛn adwene besi yɛn nuanom mmerɛwyɛ ahorow so mpo. Sɛ yɛyɛ saa a, na ayɛ te sɛ nea yɛde yɛn adwene resi mfonini bi a esi hɔ fã pɔtee bi so. Nanso, Yehowa de, ohu mfonini no afã nyinaa. Yebetumi de yɛn adwene asi biribi a yɛn ani nnye ho so, bere a Yehowa de, ohu onipa mũ no nyinaa, a su pa ahorow a onipa no wɔ nyinaa ka ho. Dodow a yɛbɔ mmɔden sɛ yebesuasua Yehowa no, dodow no ara na yebetumi aboa ma ɔdɔ ne biakoyɛ atra asafo no mu.—Efe. 4:1-3; 5:1, 2.

5. Dɛn nti na ɛnyɛ papa sɛ yebu afoforo atɛn?

5 Ná Yesu nim yiye sɛ, nnipa a wɔnyɛ pɛ taa bu afoforo atɛn. Yesu tuu yɛn fo sɛ: “Mummmu atɛn na wɔammu mo atɛn.” (Mat. 7:1) Hyɛ no nsow sɛ, wɔ mfitiase kasa a wɔde kyerɛw Bible mu no, nea na Yesu rekyerɛ ankasa ne sɛ: “Munnyae atemmu.” Ná Yesu nim sɛ n’atiefo no mu pii kasa tia afoforo. So yɛn nso yɛte saa? Sɛ yɛte saa a, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden paa sesa yɛn suban, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔremmu yɛn atɛn. Nokwarem no, tumi bɛn na yɛwɔ a yɛbɛka sɛ obi a Yehowa apaw no de no reyɛ adwuma no mfata, anaasɛ yɛbɛka sɛ ɔmfata sɛ ɔtra asafo no mu? Ebia na onua bi wɔ sintɔ ahorow bi, nanso sɛ Yehowa kɔ so gye no tom a, so ɛbɛyɛ papa sɛ yɛbɛka sɛ ɔmfata? (Yoh. 6:44) So yegye di paa sɛ Yehowa na ɔredi ne nkurɔfo anim, ma enti sɛ ɛho behia sɛ ɔyɛ nsakrae bi a, ɔbɛyɛ wɔ n’ankasa ne bere a ɛsɛ mu?—Kenkan Romafo 14:1-4.

6. Yehowa bu n’asomfo dɛn?

6 Anigyesɛm ne sɛ, Yehowa tumi hu nea Kristoni biara betumi ayɛ bere a wayɛ pɛ wɔ wiase foforo no mu no. Yehowa nim nkɔso a wanya wɔ ne som mu dedaw no nso. Enti, Yehowa mfa n’adwene nsi ɔhonam mmerɛwyɛ biara a obi wɔ no so. Yɛkenkan wɔ Dwom 103:12 sɛ: “Sɛ apuei ne atɔe ntam ware no, sɛ wama yɛn ne yɛn mmarato ntam aware ne no.” Hwɛ sɛnea yebetumi ada Onyankopɔn ase sɛ ɔmmfa n’adwene nnsi yɛn mmerɛwyɛ so!—Dw. 130:3.

7. Dɛn na yesua fi sɛnea Yehowa buu Dawid no mu?

7 Yɛwɔ adanse wɔ Kyerɛwnsɛm no mu a ɛma yehu sɛ Yehowa wɔ tumi soronko a ɛma otumi de n’adwene si su pa ahorow a onipa bi wɔ so. Onyankopɔn kaa Dawid ho asɛm sɛ, “m’akoa Dawid a odii me mmara nsɛm so na ɔde ne koma nyinaa dii m’akyi sɛ ɔbɛyɛ nea ɛteɛ m’ani so.” (1 Ahe. 14:8) Nokwarem no, yenim sɛ Dawid yɛɛ nneɛma bi a na enye de, nanso Yehowa de n’adwene sii su pa a na ɔwɔ no so, efisɛ na onim sɛ Dawid wɔ koma pa.—1 Be. 29:17.

Hu Wo Nuanom Sɛnea Yehowa Hu Wɔn No

8, 9. (a) Ɔkwan bɛn so na yebetumi ayɛ te sɛ Yehowa? (b) Dɛn na yebetumi de ayɛ eyi ho nhwɛso, na dɛn na yebetumi asua afi mu?

8 Yehowa tumi hu nea ɛwɔ onipa koma mu, na yɛn de, yentumi nhu. Eyi nkutoo yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ, ɛnsɛ sɛ yebu afoforo atɛn. Yennim adwene a onipa bi kura nyinaa. Ɛsɛ sɛ yesuasua Yehowa, na ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn adwene si nnipa sintɔ ahorow a awiei koraa no ebefi hɔ no so. So ɛrenyɛ papa sɛ yɛde bɛyɛ yɛn botae sɛ yebesuasua Yehowa wɔ saa kwan yi so? Sɛ yɛamfa yɛn adwene ansi afoforo sintɔ ahorow so a, ɛbɛboa yɛn kɛse ma asomdwoe atra yɛne yɛn nuanom mmarima ne mmea ntam.—Efe. 4:23, 24.

9 Sɛ nhwɛso no, susuw ofie bi a ayɛ agowagow ho hwɛ. Nsunsuan atwiw afa ɔdan no ho, ne mpomma abubuw, na nsu anwini agu ɔdan no nsɛmso so ma asɛe. Nnipa dodow no ara betumi ahwɛ ofie no, na wɔaka sɛ, ɛsɛ sɛ wobubu gu; efisɛ ayɛ tan. Nanso, onipa foforo betumi ahu ofie no na wanya adwene foforo koraa wɔ ho. Obetumi ahu sɛ ɔdan no ankasa de, ɛwɔ ahoɔden, na wobetumi asiesie ma ayɛ yiye. Enti, ɔtɔ ofie no, na osiesie ma ɛyɛ fɛ. Ɛno akyi no, wɔn a wotwam wɔ ofie no ho no ka sɛ ofie no ayɛ fɛ yiye. So yebetumi ayɛ te sɛ onipa a osiesiee ofie no? Sɛ́ anka yɛde yɛn adwene besi yɛn nuanom sintɔ ahorow so no, so yebetumi ahu su pa ahorow a wɔwɔ ne nkɔso a wobetumi anya wɔ Onyankopɔn som mu no? Sɛ yɛde yɛn adwene si su pa a yɛn nuanom wɔ so sɛnea Yehowa yɛ no a, yebetumi anya ɔdɔ ama wɔn.—Kenkan Hebrifo 6:10.

10. Ɔkwan bɛn so na afotu a ɛwɔ Filipifo 2:3, 4 no betumi aboa yɛn?

10 Ɔsomafo Paulo maa yɛn afotu a ebetumi aboa yɛn ma yɛne asafo no mufo ntam ayɛ papa. Paulo tuu Kristofo fo sɛ: “Mommfa mansotwe anaa anuonyamhunupɛ nnyɛ biribiara, na mmom mumfi ahobrɛase mu mmu afoforo sɛ wɔkyɛn mo, na monnhwɛ nneɛma a ɛfa mo nko ara ho, na mmom monhwɛ nea ɛfa afoforo ho nso bi.” (Filip. 2:3, 4) Ahobrɛase bɛboa yɛn ma yɛanya afoforo ho adwempa. Sɛ yɛkyerɛ afoforo ho anigye, na yɛde yɛn adwene si su pa ahorow a wɔwɔ so a, ɛbɛboa yɛn ma yɛabu wɔn sɛnea Yehowa bu wɔn no.

11. Nsakrae a ɛrekɔ so bɛn na aka yɛn asafo ahorow no bi?

11 Nsakrae a ɛrekɔ so wɔ wiase nnansa yi no ama nkurɔfo atutu akwan pii. Seesei, nkurow akɛse bi wɔ hɔ a nnipa a wɔtete mu no fi aman ahorow so. Ahɔho no mu bi a wɔabɛtra yɛn mpɔtam no ani abegye Bible mu nokware no ho, na wɔabɛka yɛn ho ne yɛn resom Yehowa. Saafo yi fi “amanaman ne mmusuakuw ne nnipa ne kasa nyinaa mu.” (Adi. 7:9) Ne saa nti, yɛn asafo ahorow no mu pii wɔ hɔ a, nnipa a wofi aman ahorow so na wɔwom.

12. Adwene bɛn na ɛsɛ sɛ yɛkɔ so nya ma yɛn ho yɛn ho, na dɛn nti na ɛtɔ mmere bi a, eyi a yɛbɛyɛ no betumi ayɛ den?

12 Ɛho behia sɛ yɛma yɛn ani da hɔ, na yenya afoforo ho adwempa wɔ yɛn asafo mu. Eyi kae yɛn sɛ, ɛsɛ sɛ yesusuw ɔsomafo Petro afotu a ɛka sɛ yɛnna “onuadɔ a nyaatwom nnim” adi, na ‘yemfi komam nnodɔ yɛn ho denneennen’ no ho. (1 Pet. 1:22) Ebetumi ayɛ den sɛ yɛbɛda onuadɔ ankasa adi wɔ asafo a nnipa a wɔwom no fi aman ahorow so no mu. Ebia, yɛn mfɛfo asomfo amammerɛ ne yɛn de renhyia koraa, na saa ara na ebia wɔn nhomanim, wɔn sikasɛm, ne abusua a wofi mu no nso te. So ɛyɛ den ma wo sɛ wobɛte afoforo nsusuwii ne sɛnea wɔyɛ wɔn nneɛma no ase? Ebia wɔn nso te nka saa ara wɔ wo ho. Nanso, wɔaka akyerɛ yɛn nyinaa sɛ: “Monnɔ anuanom nyinaa.”1 Pet. 2:17.

13. Nsakrae ahorow bɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ wɔ yɛn nsusuwii mu?

13 Ebia ɛho behia sɛ yɛyɛ nsakrae bi wɔ yɛn nsusuwii mu, sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi atrɛw yɛn dɔ mu ma aka yɛn nuanom nyinaa. (Kenkan 2 Korintofo 6:12, 13.) So yɛahyɛ no nsow sɛ yɛka sɛ, “Me de, minni obiara ho adwemmɔne, nanso . . . ,” bere a yɛaka saa awie no, so yɛka subammɔne bi a yesusuw sɛ abusuakuw bi mufo taa da no adi ho asɛm? Sɛ yɛte nka wɔ nneɛma ho saa a, ɛnde, ɛsɛ sɛ yeyi adwemmɔne biara a ɛda so wɔ yɛn mu no fi hɔ. Yebetumi abisa yɛn ho sɛ, ‘So mebɔ mmɔden bere nyinaa sɛ mehu nkurɔfo a ɛsono wɔn amammerɛ no yiye?’ Sɛ yɛhwehwɛ yɛn mu saa a, ɛbɛboa yɛn ma yɛakyerɛ yɛn nuanom a wɔwɔ wiase nyinaa ho anisɔ, na yɛanya ɔdɔ ama wɔn nyinaa.

14, 15. (a) Ma nnipa bi a wɔyɛɛ nsakrae wɔ adwene a na wokura wɔ afoforo ho no ho nhwɛso? (b) Yɛbɛyɛ dɛn atumi asuasua wɔn?

14 Bible ma yɛn nhwɛso pa a ɛfa wɔn a wɔyɛɛ nsakrae wɔ wɔn nsusuwii mu no ho, na wɔn mu biako ne Petro. Esiane sɛ na Petro yɛ Yudani nti, na ɔrenkɔ Amanaman muni fie. Hwɛ sɛnea na Petro bɛte nka bere a wɔka kyerɛɛ no sɛ ɔnkɔ Kornelio a ɔyɛ Amanaman muni momonotoni no fie no! Petro sesaa n’adwene, na ohui sɛ na ɛyɛ Onyankopɔn pɛ sɛ nnipa a wofi aman nyinaa mu ba Kristofo asafo no mu. (Aso. 10:9-35) Ná ɛsɛ sɛ Saul a akyiri yi ɔbɛyɛɛ ɔsomafo Paulo no sesa n’adwene, na oyi afoforo ho adwemmɔne biara fi ne mu. Paulo kae sɛ, ná wataa Kristofo no, na ‘ɔtaa Onyankopɔn asafo ma ɛtraa so ma na ɔpɛ sɛ ɔsɛe no koraa.’ Nanso, bere a Awurade Yesu teɛɛ Paulo adwene no, ɔyɛɛ nsakrae kɛse, na ofii ase gyee akwankyerɛ fii wɔn a na wataa wɔn bere bi no mpo hɔ.—Gal. 1:13-20.

15 Akyinnye biara nni ho sɛ, ɛdenam Yehowa honhom no mmoa so no, yebetumi ayɛ nsakrae wɔ yɛn suban mu. Sɛ yehu sɛ subammɔne bi da so ara wɔ yɛn mu a, momma yɛmmɔ mmɔden sɛ yebetu ase, na yɛmfa “asomdwoe koroyɛ hama ntra ase honhom biakoyɛ mu.” (Efe. 4:3-6) Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ, “[yɛnhyɛ] ɔdɔ efisɛ ɛyɛ koroyɛ hama a ɛyɛ pɛ.”—Kol. 3:14.

Momma Yensuasua Yehowa wɔ Asɛnka Mu

16. Dɛn na Onyankopɔn pɛ sɛ nnipa yɛ?

16 Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Onyankopɔn nhwɛ nnipa anim.” (Rom. 2:11) Nea Yehowa pɛ ne sɛ ɔde nnipa a wofi aman nyinaa mu bɛba ma wɔabɛsom no. (Kenkan 1 Timoteo 2:3, 4.) Ɛno nti, wayɛ nhyehyɛe sɛ wɔnka “daa asɛmpa” nkyerɛ “aman ne mmusuakuw ne kasa ne nkurɔfo nyinaa.” (Adi. 14:6) Yesu kae sɛ: “Afuw no ne wiase.” (Mat. 13:38) Wo ne w’abusua te saa asɛm no ase dɛn?

17. Ɔkwan bɛn so na yebetumi aboa nnipa ahorow nyinaa?

17 Ɛnyɛ obiara na obetumi atu kwan akɔ akyirikyiri akɔka Ahenni no ho asɛmpa akyerɛ afoforo. Nanso, yebetumi aka asɛm yi akyerɛ nnipa a wofi wiase no afã nyinaa a wɔte yɛn asasesin mu no. So yɛma yɛn ani da hɔ, na yɛde hokwan biara a yenya no di nnipa ahorow nyinaa adanse, a ɛnyɛ wɔn a yɛaka asɛm no akyerɛ wɔn mfe pii no nkutoo? Dɛn nti na womfa nyɛ wo botae sɛ wobɛka asɛmpa no akyerɛ wɔn a yɛnkaa asɛm no nkyerɛ wɔn pii no?—Rom. 15:20, 21.

18. Dɛn na Yesu yɛe de kyerɛe sɛ odwen nnipa ho?

18 Yesu tee nka paa sɛ, ɛsɛ sɛ ɔboa nnipa ahorow nyinaa. Wanka asɛm no wɔ asasesin biako pɛ mu. Bible mu asɛm bi ka kyerɛ yɛn sɛ, Yesu ‘kyinkyinii nkurow ne nkuraa nyinaa mu.’ Na afei, “bere a ohuu nnipakuw no, wɔyɛɛ no mmɔbɔ,” na ɔkae sɛ, ɛsɛ sɛ ɔboa wɔn.—Mat. 9:35-37.

19, 20. Dɛn ne akwan bi a yebetumi afa so ada adwene a Yehowa ne Yesu wɔ wɔ nnipa ahorow nyinaa ho no bi adi?

19 Dɛn ne akwan bi a yebetumi afa so ada su a ɛte saa adi? Ebinom abɔ mmɔden sɛ wobedi adanse wɔ wɔn asasesin no afã bi a wɔntaa nyɛ mu adwuma no mu. Saa mmeae no bi ne baabi a wɔyɛ nnwuma, baabi a ɔmanfo tra gye wɔn ahome, kar gyinabea, anaa adan a wɔabɔ ho ban a ɛyɛ den sɛ wobenya kwan akɔ mu anim. Afoforo nso abɔ mmɔden sɛ wobesua kasa foforo, sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi aka asɛmpa no akyerɛ mmusuakuw bi a wɔbɛtraa wɔn mpɔtam hɔ nkyɛe, anaa nnipakuw bi a bere bi a atwam no, na wɔntaa nni wɔn adanse no. Sɛ yesua sɛnea wokyia nnipa a wɔte saa no wɔ wɔn kurom kasa mu a, ɛbɛboa ma wɔahu sɛ yedwen wɔn ho yiye. Sɛ yɛrentumi nsua kasa foforo a, so yebetumi ahyɛ wɔn a wɔreyɛ saa no nkuran? Nokwarem no, yɛmpɛ sɛ yɛbɛkasa atia wɔn a wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔbɛka asɛmpa no akyerɛ nnipa a wofi ɔman foforo so no, anaasɛ yɛbɛyɛ biribi de abu wɔn abam. Nnipa nyinaa nkwa som bo wɔ Onyankopɔn anim, na yɛpɛ sɛ yɛn nso yebu wɔn saa ara.—Kol. 3:10, 11.

20 Ade foforo nso a ɛkyerɛ sɛ yebu afoforo sɛnea Onyankopɔn bu wɔn no ne sɛ yɛbɛka asɛmpa no akyerɛ nnipa nyinaa, ɛmfa ho tebea biara a wɔwom. Ebetumi aba sɛ ebinom nni afie a wɔte mu, wonni wɔn ho ni, anaasɛ wonim wɔn sɛ wɔyɛ nnipa a wɔn bra asɛe. Sɛ nnipa binom ne yɛn anni no yiye a, ɛnsɛ sɛ ɛno ma yenya ɔman a wofi mu anaa abusuakuw no mufo nyinaa ho adwemmɔne. Nnipa binom ne Paulo anni no yiye, nanso ɛno amma wannyae sɛ ɔbɛka asɛmpa no akyerɛ nnipa a wofi saa mmeae no. (Aso. 14:5-7, 19-22) Ná Paulo gye di sɛ saa nkurɔfo no mu bi bɛkyerɛ asɛmpa no ho anisɔ.

21. Ɔkwan bɛn so na sɛ wubu afoforo sɛnea Yehowa bu wɔn no a, ɛbɛboa wo?

21 Seesei, yɛabehu no pefee sɛ, ɛho hia sɛ yenya adwempa a ɛno ne Yehowa adwene wɔ sɛnea yɛne yɛn nuanom a yɛne wɔn wɔ asafo biako mu, yɛn nuanom a wɔwɔ wiase nyinaa, ne nnipa a yɛka asɛmpa no kyerɛ wɔn no di nsɛm no mu. Dodow a yɛbɔ mmɔden sɛ yebebu yɛn nuanom sɛnea Yehowa bu wɔn no, dodow no ara na yɛbɛyɛ nnipa a yɛboa ma asomdwoe ne biakoyɛ tra yɛn mu. Na ɛbɛma yɛatumi aboa afoforo ma wɔadɔ Yehowa a ɔyɛ Onyankopɔn a ‘ɔnhwɛ nnipa anim,’ na ɔda ɔdɔ adi kyerɛ nnipa nyinaa no—“efisɛ ne nsa ano adwuma ne wɔn nyinaa.”—Hiob 34:19.

Wubetumi Abua?

• Adwene bɛn na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛrennya wɔ yɛn nuanom ho?

• Yɛbɛyɛ dɛn atumi asuasua Yehowa wɔ sɛnea yebu yɛn nuanom no ho?

• Dɛn na wusua fii sɛnea ɛsɛ sɛ yebu yɛn nuanom a wɔwɔ wiase nyinaa no mu?

• Ɔkwan bɛn so na yebetumi asuasua sɛnea Yehowa bu nkurɔfo bere a yɛwɔ asɛnka mu no?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Wobɛyɛ dɛn atumi ahu nkurɔfo a ɛsono wɔn amammerɛ no yiye?

[Mfonini wɔ kratafa 28]

Akwan bɛn na wubetumi afa so aka asɛmpa no akyerɛ nnipa pii?