Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yɛreka Asɛmpa No Wɔ Andes Bepɔw No So

Yɛreka Asɛmpa No Wɔ Andes Bepɔw No So

Yɛreka Asɛmpa No Wɔ Andes Bepɔw No So

NÁ YƐYƐ nnipa 18 na yɛda mfutudan no mu. Bere a na yɛhyehyɛ yɛn nkotoku a wɔhyɛ mu da mu na awɔw de yɛn ma yɛn ho repo kyɛkyɛkyɛkyɛ no, yɛtee osu kɛse bi a na ɛretɔ gu nkyɛnsee a ekuru ɔdan a yɛda mu no so no nnyigyei. Esiane sɛnea na mfutudan ketewaa a yɛda mu no mu te nti, na yɛn adwene yɛ yɛn sɛ gyama yɛne nnipa a yɛadi kan abɛda ɔdan no mu.

Dɛn na ɛmaa yɛn a na yɛyɛ nnipa 18 no kɔɔ saa beae yi? Ɛyɛ ɔpɛ a na yɛwɔ sɛ yebedi Yesu ahyɛde a ɛne sɛ, yɛnka asɛmpa no nkosi “asase ano nohoa” no so no. (Aso. 1:8; Mat. 24:14) Yɛkɔkaa asɛm no wɔ asasesin a na atew ne ho wɔ Bolivia Andes bepɔw so no mu.

Ɔkwan a Yɛfaa so Koduu Hɔ

Ɔhaw a edi kan a na ɛsɛ sɛ yedi ho dwuma ne ɔkwan a na yɛbɛfa so akodu hɔ no. Yɛtee sɛ bɔs a ɛkɔ mmeae a atew ne ho saa no nni bere pɔtee a etu. Bere a bɔs a yɛde rekɔ no bae no, yehui sɛ na esua koraa, enti yɛn mu binom annya nkongua antra so. Nanso, awiei koraa no, yɛn nyinaa koduu baabi a na yɛrekɔ no.

Ná yɛn botae ne sɛ yɛbɛka asɛm no wɔ nkuraa a egu Bolivia Andes bepɔw so no ase. Enti, bere a bɔs no de yɛn duu baabi a yesii no, yɛsoasoaa yɛn nneɛma too santen faa anammɔnkwan a na ɛdeda bepɔw a ɛtwere hɔ no ho no so.

Ɛwom sɛ, na ɛte sɛ nea na nkuraa no susua de, nanso na adan a ɛwom no ntam kwan woware, enti na yedi nnɔnhwerew pii ansa na yɛatumi akɔ nkuraa no mu biara ase. Ɔkwantenten biara a yetwae no, yehui bere nyinaa sɛ ɔdan foforo wɔ yɛn anim. Esiane sɛ na anammɔnkwan a ɛdeda wura no mu no dɔɔso nti, na yɛtaa yera.

“Dɛn Nti na Moamma Ntɛm?”

Bere a awuraa bi hui sɛ yɛatwa kwantenten aba hɔ no, n’ani gyei araa ma ɔma yɛnoaa yɛn awia aduan wɔ ɔno ankasa ne gya so wɔ ne mukaase. Bere a ɔbarima bi huu nea Bible no kyerɛkyerɛ fa tebea a awufo wom ho no, obisae sɛ, “Dɛn nti na moamma ntɛm?” Ɔbarima no ani gyee asɛm no ho araa ma bere a yefii n’akuraa no ase no, odii yɛn akyi bisaa yɛn nsɛm pii wɔ kwan so. Ná ɔbarima foforo wɔ hɔ a na ɔntee Yehowa Adansefo ho asɛm da, na n’ani gyee yɛn nhoma ahorow no ho yiye. Ɔbarima no daa yɛn ase pii sɛ yɛabɛsra no, na ɔde ɔdan bi a na yebetumi ada mu anadwo no safe maa yɛn.

Da koro anadwo bi, ná esum wom araa ma yekosii yɛn ntamadan wɔ ntɛtea akɛse tuntum bi mu a yɛanhu. Ntɛtea no fii ase wee yɛn. Esiane sɛ na yɛabrɛ paa nti, yɛantumi antutu yɛn ntamadan no amfi hɔ. Nanso, anigyesɛm ne sɛ, ankyɛ na ntɛtea no gyaee yɛn we.

Esiane sɛ na yɛda fam nti, mfiase no, na yɛn akyi ne yɛn mfẽ yɛ yɛn yaw, nanso ɛkokwaw yɛn ma enti sɛ edu anadwo a, na yɛnte yaw bio. Sɛ edu anɔpa na yehu mununkum a abunkam wɔ abon a ɛdeda bepɔw no ho no mu a ɛreforo ba soro nkakrankakra no ne sukyerɛmma fɛfɛ a ɛwɔ bepɔw no atifi wɔ akyirikyiri no a, na yɛn werɛ afi ɛyaw biara a yɛtee no. Asuten a ɛreworo so ne nnomaa su nkutoo na na yɛte wɔ hɔ.

Bere a yeguaree asuten no mu wiei no, yeboom susuw Bible mu asɛm bi ho. Ɛno akyi no, yedii yɛn anɔpaduan, na yɛde nkakrankakra foroo bepɔw no kɔɔ nkuraa foforo a ɛwɔ akyirikyiri no ase. Mfaso baa bepɔw a yɛforoe no so. Yɛkɔtoo aberewa bi wɔ hɔ, na bere a ohui sɛ Onyankopɔn din Yehowa no wɔ Bible mu no, osui. Asɛm no maa ne ho dwiriw no paa. Afei de, na obetumi abɔ Onyankopɔn din wɔ ne mpaebɔ mu!

Akwakoraa bi kae sɛ, ɛbɛyɛ sɛ Onyankopɔn na wasian abɛhwɛ no, na ɔtoo dwom bi sɛ, wɔasoma abɔfo aba ne nkyɛn. Ɔbarima foforo bi a na yare ama waka dan mu ka kyerɛɛ yɛn sɛ, nnipa a ɔne wɔn te n’akuraa no ase no mu biara mmɛsraa no da. Ɛyɛɛ no nwonwa sɛ na yɛatwa kwan afi La Paz tɔnn aba hɔ. Ɔbarima foforo nso ani gyee kɛse sɛ Yehowa Adansefo kɔ nkurɔfo afie mu kɔsra wɔn, bere a ɔsom afoforo de, asɔredɔn na wɔde frɛ wɔn.

Afie a ɛwɔ mpɔtam hɔ no mu biara nni hɔ a anyinam nkanea wɔ mu, enti sɛ esum duru a, na nkurɔfo akɔda, sɛ owia pue a, na wɔasɔre. Ɛno nti, nea ɛbɛyɛ na yɛato nkurɔfo wɔ fie no, na ɛsɛ sɛ yefi asɛnka ase anɔpa nnɔnsia. Sɛ yɛanyɛ saa a, nkurɔfo no mu dodow no ara bɛkɔ wɔn afum. Akyiri yi, ná ebinom a na wɔwɔ wɔn afum reyɛ adwuma no gyae tie Onyankopɔn Asɛm a yɛreka no, na na ɛno ma nantwi a wɔde no refɛtɛw asase no nya kwan home kakra. Ná nnipa a yɛto wɔn wɔ fie no mu pii de oguantenhoma sɛw fam ma yɛtra so, na na wɔfrɛ wɔn abusuafo ma wobetie asɛm no bi. Akuafo no mu bi maa yɛn aburow nkotoku akɛse de kyerɛɛ Bible ho nhoma a yɛde maa wɔn no ho anisɔ.

“Moamma Mo Werɛ Amfi Me”

Nokwarem no, sɛ nkurɔfo betumi anya Bible mu nimdeɛ a ɛkɔ akyiri a, ɛsɛ sɛ yɛkɔsra wɔn mpɛn pii. Nnipa pii srɛɛ yɛn sɛ, yɛnsan mmra wɔn nkyɛn mmɛkyerɛkyerɛ wɔn bio. Ne saa nti, yɛasan akɔ Bolivia nkuraa yi ase mpɛn pii.

Bere a yɛsan kɔɔ hɔ no, aberewa bi ani gyei sɛ yɛasan abɛsra no, na ɔkae sɛ: “Moayɛ te sɛ me mma. Moamma mo werɛ amfi me.” Owura bi daa yɛn ase wɔ adwuma a yɛreyɛ no ho, na ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ, ɛda foforo a yɛbɛba no, yɛmmɛsoɛ ne fie. Sɛ yɛbɛka a, mfaso kɛse a afi adwuma a yɛkɔyɛe no mu aba ne sɛ, yɛtee sɛ awuraa bi a yekohuu no wɔ yɛn nsrahwɛ a edi kan no biako mu no atu akɔtra kurow kɛse mu, na seesei, ɔreka asɛmpa no wɔ hɔ.

Eduu yɛn nsrahwɛ a edi kan no da etwa to no, ná yɛn krasin a yɛde sɔ yɛn sutof no asa, na na yɛn nnuan nso reyɛ asa. Yɛkɔhwehwɛɛ nnyina de sɔɔ gya de noaa yɛn aduan a na aka no, na yefii ase nantew twaa kwan. Ná yɛmmɛn baabi a yɛrekɔfa bɔs no koraa. Yeduu hɔ no, na ade asa.

Ɔkwan a Yɛfaa So Beduu Fie

Bere a yɛresan aba fie no, yehyiaa ɔhaw bi. Yɛn bɔs no sɛee wɔ ɔkwan mu. Bere bi akyi no, yenyaa lɔre bi a na nnipa ahyɛ mu ma akyi trae. Eyi ma yenyaa hokwan dii wɔn a na yɛne wɔn te lɔre no akyi a na wɔpɛ sɛ wohu nea yɛkɔyɛe wɔ hɔ no adanse. Ɛwom sɛ, nkurɔfo no fɛre ade de, nanso wɔn anim tew na wɔwɔ adamfofa su.

Bere a yɛtraa lɔre no akyi nnɔnhwerew akron no, yekoduu fie a na yɛafɔw twɔnn, na na awɔw ade yɛn araa ma aka yɛn nnompe. Nanso, yɛn akwantu no so baa mfaso. Bere a na yɛnam kwan so no, yɛne ɔbea bi a na ɔte kurow kɛse mu yɛɛ Bible adesua ho nhyehyɛe.

Nokwarem no, ɛyɛ hokwan a ɛyɛ anigye a yenyae sɛ yɛkɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ nkurɔfo a wɔte mmeae a atew ne ho saa no. Yɛkaa asɛm no wɔ nkuraa anan ne asese pii ase. Yesusuw asɛm a edi so yi ho sɛ, “Nea ɔnam mmepɔw so ka asɛmpa no anan yɛ fɛ dɛn ara! ɔka asomdwoesɛm, ɔka papa ho asɛmpa, ɔma wɔte nkwagye asɛm.”—Yes. 52:7; Rom. 10:15.

[Mfonini wɔ kratafa 17]

Yɛrekɔka asɛmpa no