Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Tie Yɛn Sufrɛ

Yehowa Tie Yɛn Sufrɛ

Yehowa Tie Yɛn Sufrɛ

“[Yehowa, NW] ani wɔ treneefo so, na n’aso tie wɔn sufrɛ.”—DW. 34:15.

1, 2. (a) Nnipa pii te nka dɛn nnɛ? (b) Dɛn nti na eyi nyɛ yɛn nwonwa?

SO WOREHYIA ɔhaw bi? Sɛ ɛte saa a, ɛnyɛ wo nkutoo na asɛm a ɛte saa ato wo. Nnipa pii na wɔrebɔ mmɔden sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi agyina nhyɛso a wohyia no da biara da wɔ wiase bɔne yi mu no ano. Nnipa binom wɔ hɔ a, ɛyɛ den ma wɔn yiye sɛ wobegyina ɔhaw a wɔrehyia no ano. Wɔte nka paa te sɛ odwontofo Dawid a ɔkaa asɛm a edi so yi no. Ɔkae sɛ: “Mahodwow, na mabubu pasaa, me koma apinisi nti misu dennen. Me koma pere katirikatiri, m’ahoɔden atu, na m’aniwa hann po nni me ho bio.”—Dw. 38:8, 10.

2 Sɛ́ Kristofo no, ɔhaw ahorow a nnipa hyia wɔ asetra mu no nyɛ yɛn nwonwa. Yenim sɛ “awoko yaw” ka Yesu mmae ho sɛnkyerɛnne a wɔhyɛɛ ho nkɔm no ho. (Mar. 13:8; Mat. 24:3) Nea Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “awoko yaw” no kyerɛ ne amanehunu anaa ɔhaw a emu yɛ den a nnipa fa mu. Hwɛ sɛnea saa asɛm no kyerɛkyerɛ amanehunu kɛse a nnipa refa mu wɔ mmere a “emu yɛ den” anaa ɛyɛ hu yi mu no mu yiye!—2 Tim. 3:1.

Yehowa Nim Yɛn Haw

3. Dɛn na Onyankopɔn nkurɔfo nim no yiye?

3 Yehowa nkurɔfo nim yiye sɛ, ɔhaw ahorow yi bi betumi ato wɔn, na wonim sɛ tebea bɔne yi mu bɛyɛ den asen nea yɛwɔ mu yi mpo. Ɔhaw a nnipa nyinaa hyia akyi no, yɛn a yɛyɛ Onyankopɔn asomfo no, san hyia ɔhaw fi yɛn “tamfo Bonsam” a wasi ne bo sɛ ɔbɛsɛe yɛn gyidi no hɔ. (1 Pet. 5:8) Hwɛ sɛnea ɛnyɛ den koraa sɛ yɛbɛte nka te sɛ Dawid a ɔkaa asɛm a edi so yi no. Ɔkyerɛwee sɛ: “Ahohora apɛtɛw me koma, na abɔ me yare, na mehwɛ nea ɔrebɛma me due kwan a, obi mma, mehwehwɛ awerɛkyekyefo a, minhu bi”!—Dw. 69:20.

4. Sɛ yehyia ɔhaw a, dɛn na ɛkyekye yɛn werɛ?

4 So na Dawid rekyerɛ sɛ onni anidaso biara? Ɛnte saa. Hyɛ asɛm a ɔsan kae wɔ saa dwom no mu no nsow. Ɔkae sɛ: “Yehowa tie ahiafo, Na ɔremmu ɔno ara ne nneduafo [anaa, ne nkurɔfo a wogu afiase] no animtiaa da.” (Dw. 69:33, NW) Ɛtɔ mmere bi a, yɛn mu biara betumi ate nka sɛ ɔhaw anaa amanehunu a ɔrehyia no ama wayɛ te sɛ nea ɔda afiase no. Ebia, ɛbɛyɛ te sɛ nea afoforo nte tebea a yɛwom no ase ankasa, na ebetumi aba sɛ wonte ase nso ampa. Nanso, te sɛ Dawid no, esiane sɛ yenim sɛ Yehowa nim yɛn haw ankasa nti, etumi ma yenya awerɛkyekye.—Dw. 34:15.

5. Dɛn na na Ɔhene Salomo wɔ mu ahotoso?

5 Dawid ba Salomo sii saa nokwasɛm yi so dua bere a na wɔrehyira Yerusalem asɔrefie no so no. (Kenkan 2 Beresosɛm 6:29-31.) Salomo srɛɛ Yehowa sɛ, ontie onipa nokwafo biara a ɔde “ne haw ne ne yaw” bɛba N’anim no mpaebɔ. Dɛn na na Onyankopɔn bɛyɛ wɔ nnipa a wɔahaw yi mpaebɔ no ho? Salomo daa no adi sɛ ɔwɔ ahotoso sɛ Onyankopɔn betie saafo no mpaebɔ, na wasan ayɛ biribi de aboa wɔn. Dɛn ntia? Efisɛ, Onyankopɔn nim nea ɛwɔ “nnipa mma koma mu” ankasa.

6. Yɛbɛyɛ dɛn atumi agyina dadwen ano, na dɛn ntia?

6 Sɛ́ ankorankoro no, yɛn nso yebetumi de ‘yɛn haw ne yɛn yaw’ akɔ Yehowa anim wɔ mpaebɔ mu. Ɛsɛ sɛ yɛma nim a yenim sɛ Onyankopɔn nim yɛn haw na odwen yɛn ho no kyekye yɛn werɛ. Ɔsomafo Petro sii saa asɛm yi so dua bere a ɔkae sɛ: “Montow mo dadwen nyinaa ngu no so, efisɛ ɔdwene mo ho” no. (1 Pet. 5:7) Yehowa te nka ma yɛn wɔ ɔhaw biara a ɛto yɛn no ho. Yesu sii sɛnea Yehowa fi ɔdɔ mu dwen yɛn ho no so dua sɛ: “Wɔntɔn nkasanoma abien nnye kaprɛ? Nanso emu biako mpo ntɔ fam a mo Agya nnim ho hwee. Na mo ti so nhwi koraa wɔakan. Enti munnsuro: Mosom bo sen nkasanoma bebree.”—Mat. 10:29-31.

Momma Yɛnhwehwɛ Yehowa Mmoa

7. Mmoa bɛn na yebetumi anya ahotoso sɛ yebenya?

7 Yebetumi anya ahotoso paa sɛ, sɛ yehyia ɔhaw a, Yehowa ani gye ho sɛ ɔbɛboa yɛn, na obetumi ayɛ saa nso. “Onyankopɔn yɛ yɛn guankɔbea ne ahoɔden, ahohia mu boafo pa a wɔanya no nhui.” (Dw. 34:15-18; 46:1) Ɔkwan bɛn na Onyankopɔn fa so de mmoa a ɛte saa no ma yɛn? Susuw asɛm a ɛwɔ 1 Korintofo 10:13 no ho hwɛ. Ɛhɔ ka sɛ: “Onyankopɔn yɛ ɔnokwafo, na ɔremma wɔnsɔ mo nhwɛ ntra nea mubetumi, na mmom ɔbɛma kwan abɛda sɔhwɛ no ho a mode befi mu, na moatumi agyina ano.” Yehowa betumi de ne ho agye nsɛm mu de ayi ɔhaw a yɛrehyia no afi yɛn so, anaasɛ ebia ɔbɛma yɛn ahoɔden a yɛde begyina ano. Sɛnea ɛte biara no, Yehowa bɛboa yɛn.

8. Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya Onyankopɔn mmoa?

8 Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya saa mmoa no? Hyɛ nea wotu yɛn fo sɛ yɛnyɛ no nsow: “Montow mo dadwen nyinaa ngu no so.” Eyi kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn dadwen ne yɛn haw nyinaa to Yehowa so. Yɛbɔ mmɔden sɛ yɛrennwennwen pii, na yɛtɔ yɛn bo ase de yɛn ho to Yehowa so ma odi yɛn ahiade ho dwuma ma yɛn. (Mat. 6:25-32) Egye ahobrɛase na ama yɛatumi ada ahotoso a ɛte saa adi, na yɛamfa yɛn ho anto yɛn ankasa ahoɔden anaa yɛn nyansa so. Sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase hyɛ “Nyankopɔn nsa a tumi wom no ase” a, na yɛregye atom sɛ yɛnsɛ hwee. (Kenkan 1 Petro 5:6.) Sɛ yɛyɛ saa a, ɛboa yɛn ma yetumi gyina ɔhaw biara a Onyankopɔn ma kwan ma ɛba yɛn so no ano. Ebia, nea yɛpɛ paa ne sɛ yebenya ahotɔ ntɛm, nanso yɛwɔ ahotoso sɛ Yehowa nim ɛbere pɔtẽẽ a obedi yɛn asɛm ama yɛn, ne ɔkwan a ɔbɛfa so ayɛ saa no.—Dw. 54:7; Yes. 41:10.

9. Adesoa bɛn na na ɛsɛ sɛ Dawid dan to Yehowa so no?

9 Kae asɛm a Dawid kyerɛwee wɔ Dwom 55:22 no. Ɔkae sɛ: “Dan w’adesoa to [Yehowa, NW] so, na obeso wo mu, ɔremma ɔtreneeni ntwiw n’anan mu da.” Bere a Dawid kyerɛw saa asɛm no, na ɔwɔ ahoyeraw kɛse mu. (Dw. 55:4) Yenim sɛ bere a ne ba Absalom bɔɔ pɔw sɛ obegye ahenni no afi ne nsam no na ɔkyerɛw saa dwom yi. Ahitofel a ɔyɛ Dawid fotufo a ogye no di paa no nso kɔkaa wɔn a na wɔabɔ Dawid ho pɔw bɔne no ho. Ná ɛsɛ sɛ Dawid guan fi Yerusalem de pere ne nkwa. (2 Sam. 15:12-14) Bere a na Dawid wɔ ahohia a ɛte saa mu mpo no, ɔkɔɔ so de ne ho too Onyankopɔn so, na Yehowa nso boaa no.

10. Sɛ yɛkɔ ahohia mu a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

10 Ɛho hia sɛ yɛde ɔhaw biara a ebia yɛrehyia no kɔ Yehowa anim wɔ mpaebɔ mu sɛnea Dawid yɛe no. Ma yensusuw nea ɔsomafo Paulo hyɛɛ yɛn nkuran sɛ yɛnyɛ wɔ eyi ho no ho nhwɛ. (Kenkan Filipifo 4:6, 7.) Dɛn na mpae a ɛte saa a yebefi komam abɔ no bɛma yɛanya? Sɛ yɛyɛ saa a, “Nyankopɔn asomdwoe a ɛboro adwene nyinaa so no bɛbɔ [yɛn] koma ne [yɛn] adwene nsusuwii ho ban denam Kristo Yesu so.”

11. Ɔkwan bɛn so na “Nyankopɔn asomdwoe” bɔ yɛn koma ne yɛn adwene ho ban?

11 So mpaebɔ betumi aboa ma ɔhaw no afi wo so? Yiw, ebetumi. Nanso, ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ, ɛnyɛ bere nyinaa na Yehowa bua yɛn mpaebɔ sɛnea ebia yɛhwɛ kwan no. Nanso, mpaebɔ boa yɛn ma yɛkɔ so nya adwempa sɛnea ɛbɛyɛ a yɛn haw no remmoro yɛn so. Sɛ adwennwen hyɛ yɛn so a, “Nyankopɔn asomdwoe” betumi ama yɛanya abotɔyam. Te sɛ asraafo a wɔasoma wɔn sɛ wɔnkɔbɔ kurow bi ho ban mfi atamfo nsam no, saa ara na “Nyankopɔn asomdwoe” bɛbɔ yɛn koma ne yɛn adwene ho ban. Nyankopɔn asomdwoe bɛboa yɛn nso ma yɛatumi adi adwenem naayɛ, ehu, ne abasamtu so, na ɛremma yɛmpere yɛn ho nyɛ yɛn ade wɔ ɔkwan a nyansa nnim so.—Dw. 145:18.

12. Kyerɛkyerɛ sɛnea onipa bi betumi anya asomdwoe no mu.

12 Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya asomdwoe bere a yɛwɔ ɔhaw mu no? Susuw mfatoho bi a ɛne tebea a yɛwom no di nsɛ wɔ ɔkwan bi so no ho hwɛ. Odwumayɛni bi betumi ne adwumam panyin bi a ɔyɛ nhyɛ ayɛ adwuma. Nanso, odwumayɛni no wɔ hokwan sɛ ɔkɔka n’asɛm kyerɛ adwumawura no a ne yam ye, na ɔte asɛm ase no. Adwumawura no hyɛ odwumayɛni no bɔ sɛ onim nea ɛrekɔ so no, na ɛrenkyɛ obegye adwumam panyin no dibea no afi ne nsam. Eyi bɛma odwumayɛni no ate nka dɛn? Sɛ ɛho behia sɛ odwumayɛni no kɔ so fa ateetee mu kakra mpo a, esiane sɛ ogye adwumawura no di, na onim nea ɔrebɛyɛ no nti, ɛbɛhyɛ no den ma wakɔ so ayɛ adwuma no. Saa ara na yɛn nso yenim sɛ Yehowa nim tebea a yɛrefa mu no, na wama yɛn awerɛhyem sɛ “wobetu wiase yi sodifo no afi hɔ” nnansa yi ara. (Yoh. 12:31) Hwɛ sɛnea eyi kyekye yɛn werɛ!

13. Wɔ mpae a yɛbɔ akyi no, dɛn bio na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

13 Sɛ yɛde yɛn haw to Yehowa anim wɔ mpaebɔ mu a, so na yɛawie? Dabi. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ pii ka ho. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn mpaebɔ no ho adwuma. Bere a Ɔhene Saulo somaa mmarima sɛ wɔnkɔ Dawid fie nkokum no no, Dawid bɔɔ mpae sɛ: “Me Nyankopɔn, gye me fi m’atamfo nsam, bɔ me ho ban, wɔn a wɔsɔre hyɛ me no ho. Gye me amumɔyɛfo mu, na gye me nkwa fi mogyapɛfo nsam.” (Dw. 59:1, 2) Wɔ mpae a Dawid bɔe akyi no, otiee afotu a ne yere de maa no no, na oguanee. (1 Sam. 19:11, 12) Saa ara na yɛn nso yebetumi abɔ mpae de ahwehwɛ nyansa de adi ɔhaw a yɛrehyia no ho dwuma, na ebia ebetumi atew ɔhaw a yɛrehyia no so.—Yak. 1:5.

Nea Ɛbɛma Yɛatumi Anya Ahoɔden De Agyina

14. Sɛ yɛrehyia ɔhaw a, dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛagyina ano?

14 Ebia Onyankopɔn renyi ɔhaw a yɛrehyia no mfi yɛn so ntɛm ara. Ebia ɛbɛkɔ so akosi bere bi. Sɛ ɛba saa a, dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛagyina? Nea edi kan no, kae sɛ sɛ yehyia ɔhaw na yɛkɔ so som Yehowa wɔ nokwaredi mu a, yɛda no adi sɛ yɛdɔ no. (Aso. 14:22) Kae sɛnea Satan totoo Hiob ano no. Satan kae sɛ: “So ɔkwa ara na Hiob suro Onyankopɔn no? So ɛnyɛ wo na woabɔ ɔno ne ne fi ne ade a ɔwɔ nyinaa ho ban ahyia? Ne nsa ano adwuma woahyira so, na n’afieboa ase afɛe asase no so. Na afei teɛ wo nsa ka nea ɔwɔ nyinaa hwɛ, sɛ ɔrennome anaa!” (Hiob 1:9-11) Hiob nam nokware a odii no so daa no adi sɛ, asɛm a Ɔbonsam kae no yɛ atoro. Sɛ yehyia ɔhaw, na yegyina ano a, yɛn nso yenya hokwan da no adi sɛ Satan yɛ ɔtorofo. Sɛ yɛkɔ so gyina ɔhaw ano a, ɛma anidaso ne ahotoso a yɛwɔ wɔ Yehowa mu no mu yɛ den.—Yak. 1:4.

15. Osuahu ahorow bɛn na ebetumi ahyɛ yɛn den?

15 Nea ɛto so abien no, kae sɛ “amanehunu koro no ara na wɔde ba mo nuanom a wɔwɔ wiase nyinaa so.” (1 Pet. 5:9) Nokwarem no, “sɔhwɛ biara ntoo mo sɛ nea ɛto nnipa nyinaa.” (1 Kor. 10:13) Enti, sɛ wokɔ so susuw nsɛm a ato afoforo ho sen sɛ wode w’adwene besi w’ankasa wo haw ahorow so a, wubetumi anya ahoɔden ne akokoduru de agyina wo haw no ano. (1 Tes. 1:5-7; Heb. 12:1) Gye bere fa susuw nnipa bi a wunim wɔn a wɔde nokwaredi regyina tebea ahorow a ɛyɛ yaw ano no ho. So woayɛ nhwehwɛmu wɔ nkurɔfo asetram nsɛm a wɔatintim mu de ahwehwɛ nnipa bi a wɔafa asetra a ɛte sɛ nea wowom no ho nsɛm mu? Ebia, wɔn suahu no betumi ahyɛ wo den yiye.

16. Sɛ yehyia sɔhwɛ ahorow a, ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn hyɛ yɛn den?

16 Nea ɛto so abiɛsa no, mma wo werɛ mmfi sɛ Yehowa yɛ “ahummɔbɔ Agya ne awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn, nea ɔkyekye yɛn werɛ yɛn ahohiahia nyinaa mu, nea ɛbɛyɛ na yɛn nso, esiane awerɛkyekye yi a yenya fi Nyankopɔn hɔ nti, yebetumi akyekye wɔn a wɔwɔ ahohiahia biara mu no werɛ.” (2 Kor. 1:3, 4) Ɛte sɛ nea Onyankopɔn gyina yɛn nkyɛn rehyɛ yɛn nkuran, ná ɔrehyɛ yɛn den wɔ amanehunu a yɛrehyia no mprempren ne “yɛn ahohiahia nyinaa mu” nso. Eyi ma yɛn nso yetumi ‘kyekye wɔn a wɔwɔ ahohiahia biara mu no werɛ.’ Paulo ankasa hui sɛ saa asɛm yi yɛ nokware.—2 Kor. 4:8, 9; 11:23-27.

17. Ɔkwan bɛn so na Bible betumi aboa yɛn ma yɛagyina ɔhaw a yehyia no ano?

17 Nea ɛto so anan no, yɛwɔ Onyankopɔn Asɛm Bible no a “eye ma ɔkyerɛkyerɛ, ntɛnyi, nneɛma ateɛteɛ, trenee mu nteɛso, na Onyankopɔn nipa afata koraa a wɔasiesie no yiye ama adwuma pa biara” no. (2 Tim. 3:16, 17) Fata a Onyankopɔn Asɛm ma ‘yɛfata’ na ‘esiesie yɛn yiye ma adwuma pa biara’ akyi no, ɛsan nso boa yɛn ma yegyina ɔhaw a yehyia wɔ yɛn asetram no ano. ‘Ɛma yɛfata koraa’ na ‘esiesie yɛn yiye.’ Nea Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “wɔasiesie no yiye” no kyerɛ ankasa ne sɛ, “wɔma obi nsa ka nea ohia nyinaa.” Ɛbɛyɛ sɛ tete no, na wɔde saa asɛmfua yi di dwuma de ka po so hyɛn bi a wɔde rebetu kwan a wɔde nneɛma a ehia nyinaa agu mu, anaa afiri bi a wɔasiesie no yiye ma etumi yɛ adwuma biara a wɔpɛ sɛ ɛyɛ no ho asɛm. Saa ara na Yehowa nam n’Asɛm no so ma yɛn nsa ka nea yehia nyinaa a yɛde begyina ɔhaw biara a ebia yebehyia no ano. Saa pɛpɛɛpɛ na yebetumi aka sɛ, “Sɛ Onyankopɔn ma kwan ma sɔhwɛ bi ba me so a, ɛdenam ne mmoa so no, metumi agyina ano.”

Wobegye Yɛn Afi Yɛn Haw Nyinaa Mu

18. Dɛn na sɛ yɛma ɛtra yɛn adwenem a, ɛno nso bɛboa yɛn ma yɛakɔ so adi nokware?

18 Nea ɛto so anum no, ma anigyesɛm a ɛne sɛ, ɛrenkyɛ Yehowa begye nnipa afi ɔhaw ahorow a wohyia nyinaa mu no ntra w’adwenem bere nyinaa. (Dw. 34:19; 37:9-11; 2 Pet. 2:9) Awiei koraa no, ɛnyɛ ɔhaw a yɛrehyia no mprempren no nko na Onyankopɔn begye yɛn afi mu, na mmom ɔbɛma yɛanya daa nkwa, sɛ́ yɛbɛkɔ akɔka Yesu ho wɔ soro anaasɛ yɛbɛtra paradise wɔ asase so no.

19. Dɛn nti na yebetumi de nokwaredi agyina ɔhaw ano?

19 Enkosi saa bere no, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so gyina ɔhaw a yehyia wɔ wiase bɔne yi mu no ano. Hwɛ sɛnea yɛn ani gyina bere a ɔhaw nyinaa befi hɔ no! (Dw. 55:6-8) Momma yɛnkae sɛ, sɛ yɛkɔ so de nokwaredi gyina ɔhaw ano a, yɛma Ɔbonsam yɛ ɔtorofo. Ɛmmra sɛ, yɛn mpaebɔ ne yɛn nuanom Kristofo bɛhyɛ yɛn den, na yɛnkae sɛ, yɛn nuanom rehyia ɔhaw ahorow a ɛte sɛ yɛn de no ara. Kɔ so fa Onyankopɔn Asɛm di dwuma yiye, na ama woayɛ obi a ɔfata koraa a wɔasiesie no yiye. Nya ahotoso bere nyinaa sɛ, “awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn” no fi ɔdɔ mu dwen wo ho. Kae sɛ, “[Yehowa, NW] ani wɔ treneefo so, na n’aso tie wɔn sufrɛ.”—Dw. 34:15.

Wubetumi Abua?

• Dawid tee nka dɛn wɔ ɔhaw ahorow a ohyiae no ho?

• Ahotoso bɛn na Ɔhene Salomo nyae?

• Dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛagyina ɔhaw a Yehowa ma kwan ma ɛba yɛn so no ano?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 13]

Ná Salomo wɔ ahotoso sɛ Yehowa bɛyɛ biribi de aboa Onyankopɔn nkurɔfo a wɔahaw no

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Dawid de n’adesoa too Yehowa so wɔ mpaebɔ mu, na afei ɔyɛɛ ne mpaebɔ no ho adwuma