Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Aware Ne Abawo Wɔ Awiei Bere Yi Mu

Aware Ne Abawo Wɔ Awiei Bere Yi Mu

Aware Ne Abawo Wɔ Awiei Bere Yi Mu

“Bere a aka no sua.”—1 KOR. 7:29.

1. (a) Nsakrae a ɛrekɔ so nnɛ a “emu yɛ den” no bi ne dɛn? (b) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma nsakrae a ɛrekɔ so wɔ mmusua mu no ho hia yɛn?

ONYANKOPƆN Asɛm ka siei sɛ akodi, asasewosow, aduankɔm, ne ɔyaredɔm bɛkɔ so wɔ “awiei bere” yi mu. (Dan. 8:17, 19; Luka 21:10, 11) Bible san bɔɔ kɔkɔ sɛ, nsakrae akɛse pii bɛkɔ so wɔ nnipa asetram wɔ mmere a emu yɛ den yi mu. Mmusua mu basabasayɛ ka nneɛma a ɛbɛkɔ so wɔ “nna a edi akyiri” yi a “emu yɛ den” no ho. (2 Tim. 3:1-4) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma saa nsakrae ahorow yi ho hia yɛn? Nea enti a ɛte saa ne sɛ, nsakrae akɛse yi rekɔ so wɔ baabiara, na ano yɛ den araa ma ebetumi aka adwene a Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ wɔ wɔ aware ne abawo ho no. Ɔkwan bɛn so?

2. Nnipa a wɔwɔ wiase no mu dodow no ara bu aware ne awaregyae dɛn?

2 Ɛnnɛ, nnipa pii mmu awaregyae sɛ ɛyɛ aniberesɛm, na wɔreyɛ saa wɔ baabiara. Awaregyae redɔɔso wɔ aman pii so. Nanso, ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn werɛ fi sɛ, ɛsono adwene a Yehowa Nyankopɔn wɔ wɔ aware ne awaregyae ho koraa, ɛnna ɛsono adwene a wiase no mu nnipa dodow no ara nso kura. Ɛnde, Yehowa bu aware ne awaregyae dɛn?

3. Yehowa ne Yesu Kristo nyinaa bu aware dɛn?

3 Yehowa Nyankopɔn hwɛ kwan sɛ, awarefo bɛkɔ so adi ntam a wɔkae wɔ wɔn aware mu no so. Bere a Yehowa reka ɔbarima ne ɔbea a wodi kan no abom sɛ awarefo no, ɔkae sɛ, ‘ɔbarima de ne ho bɛbata ne yere ho, na wɔayɛ ɔhonam koro.’ Akyiri yi, Yesu Kristo tĩĩ saa asɛm no mu, na ɔde kaa ho sɛ: “Enti nea Onyankopɔn aka abom no, mma onipa biara nntetew mu.” Yesu san kae sɛ: “Sɛ ɛnyɛ aguamammɔ nti na obi gyaa ne yere na ɔsan ware foforo a, wasɛe aware.” (Gen. 2:24; Mat. 19:3-6, 9) Enti, Yehowa ne Yesu nyinaa hwɛ kwan sɛ awarefo bɛkɔ so atra wɔ wɔn nkwa nna nyinaa mu, kosi sɛ wɔn mu biako bewu. (1 Kor. 7:39) Esiane sɛ aware yɛ nhyehyɛe a ɛyɛ kronkron nti, ɛsɛ sɛ yebu awaregyae sɛ ɛyɛ aniberesɛm paa. Nokwarem no, Onyankopɔn Asɛm ka sɛ, Yehowa kyi awaregyae a ennyina Kyerɛwnsɛm so. *Kenkan Malaki 2:13-16; 3:6.

Munni Aware Ni

4. Dɛn nti na Kristofo mmerante ne mmabaa binom nu wɔn ho sɛ wɔperee wɔn ho waree?

4 Ɔbarima ne ɔbea nna ho nsɛm agye nnipa a wɔte wiase bɔne yi mu no adwene. Da biara da, yehu mfonini ahorow a ɛkanyan nna ho akɔnnɔ pii. Mfonini a ɛte saa betumi anya yɛn so nkɛntɛnso, titiriw yɛn mmerante ne mmabaa a yɛdɔ wɔn a wɔwɔ asafo no mu no. Dɛn na ɛsɛ sɛ Kristofo mmerante ne mmabaa yɛ wɔ mfonini a ɛmfata a ebetumi akanyan nna ho akɔnnɔ wɔ wɔn mu bere mpo a wɔko tia no ho? Ebinom aware ntɛm sɛnea ɛbɛyɛ a wobegyina nkate a ɛte saa no ano. Wɔhwɛ kwan sɛ sɛ wɔware a, ɛremma wɔmmɔ aguaman. Nanso, sɛ wɔware a, ɛnkyɛ na wɔn mu binom anu wɔn ho sɛ wɔwaree. Dɛn ntia? Sɛ aware foforo mu anigye no tew fi wɔn ani so a, wohu sɛ wɔne wɔn kunu anaa wɔn yere no adwene nhyia wɔ asetram biribiara ho. Nokwarem no, awarefo a wɔte saa no hyia ɔhaw a emu yɛ den.

5. Dɛn na ebetumi aboa awarefo ma wɔakɔ so adi ntam a wɔkae wɔ wɔn ayeforohyia da no so? (Hwɛ ase hɔ asɛm no nso.)

5 Sɛ woware obi—wo yɔnko Kristoni mpo—na wanyɛ n’ade sɛnea na wohwɛ kwan no a, ebetumi ahaw wo yiye. (1 Kor. 7:28) Nanso, ɛmfa ho sɛ nsɛnnennen wɔ aware mu no, nokware Kristofo nim sɛ, ɛnyɛ aware a anigye nnim ano aduru ne awaregyae a ennyina Kyerɛwnsɛm so. Enti, ɛfata sɛ Kristofo asafo no mufo da obu adi kyerɛ wɔn a esiane sɛ wɔpɛ sɛ wodi ntam a wɔkae wɔ wɔn ayeforohyia da no so nti wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛtra wɔn aware ho no, na wofi ɔdɔ mu boa wɔn. *

6. Ɛsɛ sɛ Kristofo mmerante ne mmabaa bu ware a wɔbɛware no dɛn?

6 So woyɛ aberante anaa ababaa a wonwaree? Sɛ ɛte saa a, ɛsɛ sɛ wubu ware a wobɛware no dɛn? Sɛ wotwɛn kosi sɛ wubenyin wɔ nipaduam, adwenem, ne Onyankopɔn som mu ansa na woafi ase akyerɛ Kristoni barima anaa ɔbea bi ho anigye sɛ wobɛware no a, ɛremma wunni yaw pii. Nokwarem no, Kyerɛwnsɛm no nkyerɛ mfe a ɛsɛ sɛ obi di ansa na waware. * Nanso, Bible kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ wotwɛn kosi sɛ wubetwam wɔ mfe a nna ho nkate mu yɛ den paa no mu. (1 Kor. 7:36) Dɛn ntia? Efisɛ, nna ho nkate a emu yɛ den betumi asɛe w’adwene ma woasi gyinae a ɛnyɛ papa a ebetumi ama woadi yaw pii akyiri yi. Kae sɛ, w’ankasa mfaso ne anigye a wubenya nti na Yehowa de aware ho afotu a nyansa wom ama wɔ Bible mu no.—Kenkan Yesaia 48:17, 18.

Monyɛ Abawo Ho Nhyehyɛe Pa

7. Nneɛma bɛn na ɛkɔ so wɔ awarefo nkumaa bi asetram, na dɛn nti na eyi betumi de ɔhaw aba wɔn aware no mu?

7 Awarefo bi a wɔware ntɛm wo ba bere a wɔn ankasa da so yɛ mmofra. Bere a wɔbɛwo a ɛhwehwɛ sɛ wɔde nnɔnhwerew 24 hwɛ abofra no da biara da no, na wɔn ankasa nnyaa bere mfa nhuu wɔn ho yiye. Sɛnea ɛtaa ba no, maame no de ne bere pii hwɛ abofra a wɔawo no foforo no, na ebetumi ayɛ ne kunu aberantewa no yaw sɛ ne yere no nnya bere mma no. Bio nso, abofra no a awarefo no hwɛ no anadwo a ɛsɛe wɔn nna no betumi de abufuw ne ɔhaw aba wɔn aware no mu. Nea wobehu ara ne sɛ wontumi nyɛ nea wɔpɛ bio. Afei, wontumi nkɔ mmeae bi, anaa wɔnyɛ nneɛma bi a na anka wotumi yɛ bere a na wonni mma no. Ɛsɛ sɛ wobu nsakrae a aba wɔn asetram no dɛn?

8. Ɛsɛ sɛ yebu abawo dɛn, na dɛn ntia?

8 Sɛnea ɛfata sɛ wodi aware ni no, saa ara na ɛsɛ sɛ wobu abawo sɛ ɛno nso yɛ asɛyɛde a nidi wom a Onyankopɔn de ma no. Sɛ ɛkɔba sɛ ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔyɛ awarefo yɛ nsakrae wɔ wɔn asetram bere a wɔawo abofra bi no a, ɛsɛ sɛ wɔyɛ nea wobetumi biara de yɛ saa wɔ ɔkwan a ɛfata so. Esiane sɛ Yehowa na ɔma nnipa tumi wo nti, ɛsɛ sɛ awofo bu akokoaa no sɛ ɔyɛ ‘Yehowa agyapade.’ (Dw. 127:3) Ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔyɛ ɛnanom ne agyanom bɔ mmɔden di wɔn asɛyɛde ho dwuma sɛ ‘awofo wɔ Awurade mu.’—Efe. 6:1.

9. (a) Nneɛma bɛn na awofo yɛ de tete abofra? (b) Dɛn na okunu betumi ayɛ de aboa ne yere ma ɔne Onyankopɔn ntam abusuabɔ mu ayɛ den?

9 Mfe pii na awofo de nneɛma bɔ afɔre de tete abofra. Abofra ntetee yɛ adwuma kɛse a egye bere ne ahoɔden pii. Ɛsɛ sɛ Kristoni a ɔyɛ okunu hu sɛ, sɛ ne yere wo a, ɔbea no ntumi mfa n’adwene nsi nneɛma a yesua wɔ asafo nhyiam ase no so mfe pii, na ebia bere kakraa bi pɛ na obenya de akenkan Bible adwennwen ho. Eyi betumi ama abusuabɔ a ɔne Onyankopɔn wɔ no mu ayɛ mmerɛw. Abawo ho nhyehyɛe pa a wɔyɛ hwehwɛ sɛ okunu no yɛ nea obetumi nyinaa de boa ma wɔhwɛ abofra no. Okunu no betumi ne ne yere abɔ nneɛma a wosusuw ho wɔ asafo nhyiam ase a ne yere ante no yiye no ho nkɔmmɔ wɔ fie akyiri yi. Okunu no betumi ahwɛ abofra no ama ne yere anya bere pii de aka Ahenni no ho asɛmpa no.—Kenkan Filipifo 2:3, 4.

10, 11. (a) Ɔkwan bɛn so na wɔde “Yehowa nyansakyerɛ” tete mmofra? (b) Dɛn nti na Kristofo pii a wɔyɛ awofo fata nkamfo?

10 Abawo ho nhyehyɛe pa hwehwɛ pii sen aduan, ntade, dabere, ne ayarehwɛ a wɔde ma abofra. Wɔ awiei bere a emu yɛ hu yi mu na ɛsɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ mmofra abrabɔ pa fi wɔn mmofraase pɛɛ. Ɛsɛ sɛ wɔde “Yehowa nteɛso ne nyansakyerɛ” tete mmofra. (Efe. 6:4) Saa “nyansakyerɛ” yi hwehwɛ sɛ wɔde Yehowa adwene dua abofra bi adwenem fi ne mmofraase pɛɛ kosi ne mpanyin afe a emu na ohyia nsɛnnennen no so.—2 Tim. 3:14, 15.

11 Bere a Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo no sɛ ‘wɔnkɔ nkɔyɛ aman nyinaa n’asuafo’ no, ɛda adi paa sɛ na ɔreka akyerɛ awofo sɛ wɔmmoa wɔn mma mma wɔmmɛyɛ asuafo. (Mat. 28:19, 20) Nhyɛso a wiase yi de ba mmerante ne mmabaa so no ma saa adwuma yi yɛ den. Enti, ɛfata paa sɛ asafo no mufo nyinaa fi ɔdɔ mu kamfo awofo a wotumi tete wɔn mma ma wɔbɛyɛ Kristofo a wɔahyira wɔn ho so no. Awofo a wodi wɔn asɛyɛde ho dwuma no nam wɔn gyidi ne wɔn nokwaredi so ‘adi’ wiase no so “nkonim.”—1 Yoh. 5:4.

Adwempa a Ebinom De Di Sigya Anaasɛ Wɔnwo Mma

12. Dɛn nti na Kristofo binom di sigya kosi bere bi?

12 Esiane sɛ “bere a aka no sua,” na “wiase su resesa” nti, Onyankopɔn Asɛm tu yɛn fo sɛ, yensusuw mfaso horow a ɛwɔ sigyadi so no ho. (1 Kor. 7:29-31) Eyi nti, Kristofo binom si gyinae sɛ wobedi sigya wɔn nkwa nna nyinaa, anaasɛ wobedi sigya akosi bere bi ansa na wɔaware. Wɔfata nkamfo sɛ wɔmmfa hokwan a sigyadi ma wonya no nnhwehwɛ wɔn ankasa mfaso. Nnipa pii di sigya sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛsom Yehowa a ‘biribiara nnye wɔn adwene.’ (Kenkan 1 Korintofo 7:32-35.) Kristofo a wɔyɛ asigyafo binom yɛ akwampaefo anaa wɔsom wɔ Betel. Wɔn mu pii pɛ sɛ Yehowa ahyehyɛde no de wɔn yɛ adwuma kɛse, na wɔbɔ mmɔden kɔ Asomfo Ntetee Sukuu. Nokwarem no, wɔn a wodii sigya de yɛɛ bere nyinaa som adwuma kosii bere bi na ansa na wɔware no taa hu sɛ, nneɛma pa a wosuae bere a na wɔyɛ asigyafo no da so ara reboa wɔn wɔ wɔn aware mu.

13. Dɛn nti na Kristofo a wɔyɛ awarefo binom si gyinae sɛ wɔrenwo mma?

13 Nsakrae foforo bi nso rekɔ so wɔ mmusua mu wɔ wiase no afã bi. Awarefo pii asi gyinae sɛ wɔrenwo mma. Sikasɛm nti na ebinom yɛ saa; afoforo nso pɛ sɛ wonya kwan yɛ adwuma bi a sika wom. Kristofo binom a wɔyɛ awarefo nso mpɛ sɛ wɔwo mma. Ebinom taa yɛ saa sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya bere pii de asom Yehowa. Eyi nkyerɛ sɛ awarefo a wɔte saa no nnya aware mu anigye. Wonya aware mu anigye ankasa. Nanso, wɔpɛ sɛ wɔde nneɛma a wonya wɔ aware mu no bi to nkyɛn na wɔde Ahenni adwuma no di kan wɔ wɔn asetram. (1 Kor. 7:3-5) Saa awarefo no mu binom som Yehowa ne wɔn nuanom wɔ amansin ne amantam adwuma no mu anaa Betel. Afoforo nso som sɛ akwampaefo anaa asɛmpatrɛwfo. Yehowa werɛ remfi wɔn adwuma ne ɔdɔ a wɔda no adi wɔ ne din ho no.—Heb. 6:10.

‘Mo Ho Behiahia Mo Ɔhonam Mu’

14, 15. ‘Ɔhonam mu ahohiahia’ bɛn na Kristofo a wɔyɛ awofo betumi afa mu?

14 Ɔsomafo Paulo ka kyerɛɛ Kristofo a wɔaware sɛ wɔn ho “behiahia wɔn ɔhonam mu.” (1 Kor. 7:28) Eyi betumi ayɛ yare a awarefo, wɔn mma, anaa wɔn awofo a wɔn mfe akɔ anim no bɛyare. Ebetumi nso ayɛ nsɛnnennen ne ɔhaw a wohyia wɔ wɔn mma ntetee mu. Sɛnea yɛkae wɔ adesua yi mfiase no, Bible ka too hɔ sɛ, wɔ “nna a edi akyiri” no mu no, “mmere a emu yɛ den” bɛba. Nneɛma a emu yɛ den a ɛbɛba no bi ne mmofra a wɔbɛyɛ wɔn “awofo so asoɔdenfo.”—2 Tim. 3:1-3.

15 Mmofra ntetee yɛ adwuma kɛse ma Kristofo a wɔyɛ awofo. Nneɛma bɔne a ɛrekɔ so wɔ “mmere a emu yɛ den” yi mu no bi tumi ka yɛn. Enti, ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔyɛ awofo kɔ so ko tia nkɛntɛnso bɔne a “wiase nhyehyɛe” yi betumi anya wɔ wɔn mma so no. (Efe. 2:2, 3) Na ɛnyɛ bere nyinaa na awofo tumi di nkonim! Sɛ aberante anaa ababaa bi a wɔtetee no wɔ Kristofo abusua bi mu gyae Yehowa som a, nokwarem no, ɛma awofo a wɔabɔ mmɔden sɛ wɔde Onyankopɔn asɛm bɛtete wɔn ba no ho ‘hiahia’ wɔn.—Mmeb. 17:25.

‘Ahohiahia Kɛse no Bɛba’

16. “Ahohiahia” bɛn na Yesu hyɛɛ ho nkɔm?

16 Nanso, ahohiahia foforo a emu yɛ den kɛse koraa sen “ahohiahia” biara a yebetumi ahyia wɔ aware ne abayɛn mu no bɛba. Wɔ nkɔm a Yesu hyɛ faa ne mmae ne nneɛma nhyehyɛe yi awiei ho mu no, ɔkae sɛ: “Ahohiahia kɛse a efi wiase mfitiase besi mprempren ebi nsii, na ebi nso nsi bio bɛba.” (Mat. 24:3, 21) Akyiri yi, Yesu daa no adi sɛ nnipakuw kɛse bi benya nkwa wɔ “ahohiahia kɛse” no mu. Nanso, Satan nhyehyɛe no bɛkɔ so de ɔhaw a emu yɛ den a etwa to aba Yehowa Adansefo a wɔyɛ nnipa a wɔpɛ asomdwoe no so. Akyinnye biara nni ho sɛ, ɛbɛyɛ bere a emu yɛ den ama yɛn—mpanyin ne mmofra—nyinaa.

17. (a) Dɛn nti na yebetumi de ahotoso ahwɛ daakye kwan? (b) Adwene bɛn na ɛsɛ sɛ yenya wɔ aware ne abawo ho?

17 Nanso, ɛnsɛ sɛ yedwen nea ɛbɛba daakye no ho pii. Awofo a wodi Yehowa nokware no betumi ahwɛ kwan sɛ wɔbɛbɔ wɔne wɔn mma nkumaa ho ban. (Kenkan Yesaia 26:20, 21; Sef. 2:2, 3; 1 Kor. 7:14) Nanso, seesei de, ɛsɛ sɛ yɛma mmere a emu yɛ den a yɛte mu yi no ka adwene a yɛwɔ wɔ aware ne abawo ho wɔ awiei bere yi mu. (2 Pet. 3:10-13) Sɛ yɛyɛ saa a, sɛ́ yɛyɛ asigyafo anaa awarefo, yɛwɔ mma anaa yenni bi no, yɛnam yɛn abrabɔ so bɛma ayeyi ne anuonyam aka Yehowa ne Kristofo asafo no.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 3 Hwɛ asɛmti a ɛne “He Has Hated a Divorcing,” (Okyi Awaregyae) a ɛwɔ Live With Jehovah’s Day in Mind nhoma no mu kratafa 125 no.

^ nky. 5 Sɛ wɔn a wɔrehyia nsɛnnennen wɔ wɔn aware mu no kenkan aware ho nsɛm a ɛwɔ September 15, 2003 Ɔwɛn-Aban, ne January 8, 2001 Nyan! mu no a, ɛbɛhyɛ wɔn den.

^ nky. 6 Hwɛ Questions Young People Ask—Answers That Work nhoma no ti 30 a n’asɛmti ne, “Am I Ready for Marriage?” (“So Maso Aware?”)

Ntimu

• Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ Kristofo mmerante ne mmabaa pere wɔn ho ware?

• Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ de tete abofra?

• Dɛn nti na Kristofo pii di sigya, anaasɛ sɛ wɔaware a, wɔnwo mma?

• “Ahohiahia” bɛn na Kristofo a wɔyɛ awofo betumi afa mu?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 17]

Dɛn nti na nyansa wom sɛ Kristofo mmerante ne mmabaa nyin ansa na wɔaware?

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Okunu betumi ayɛ pii de aboa ne yere ma wanya Yehowa som mu kyɛfa sɛnea ɛfata

[Mfonini wɔ kratafa 19]

Dɛn nti na Kristofo a wɔyɛ awarefo binom si gyinae sɛ wɔrenwo mma?