Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn Na Ɛma Asetra Yɛ Nea Mfaso Wɔ So?

Dɛn Na Ɛma Asetra Yɛ Nea Mfaso Wɔ So?

Dɛn Na Ɛma Asetra Yɛ Nea Mfaso Wɔ So?

“Suro Onyankopɔn, na di ne mmara nsɛm so.”—ƆSƐNK. 12:13.

1, 2. Ɔkwan bɛn so na Ɔsɛnkafo nhoma no a yebesusuw ho no betumi aboa yɛn?

SUSUSW ɔbarima bi a ɛte sɛ nea ɔwɔ biribiara wɔ n’asetram ho hwɛ. Ɔyɛ obi a wagye din a nkurɔfo bu no kɛse. Ɔyɛ adefo paa a wɔwɔ asase so no mu biako, na ɔno ne onyansafo a ɔsen biara wɔ ne bere so. Nanso, nea watumi ayɛ nyinaa akyi no, ɔda so ara bisa ne ho sɛ, ‘Dɛn na ɛma asetra yɛ nea mfaso wɔ so?’

2 Onipa bi a ɔte saa traa ase ankasa bɛyɛ mfe mpem abiɛsa a atwam ni no. Ná wɔfrɛ no Salomo, na Ɔsɛnkafo nhoma no ma yehu sɛnea na ɔrehwehwɛ akomatɔyam wɔ asetram no. (Ɔsɛnk. 1:13) Yebetumi asua nneɛma pii afi Salomo asɛm no mu. Nokwarem no, nsɛm a nyansa wom a ɛwɔ Ɔsɛnkafo nhoma no mu no betumi aboa yɛn ma yɛde botae a ɛbɛma yɛn asetra ayɛ nea mfaso wɔ so ankasa asisi yɛn ani so.

“Ɔdadwen Hunu”

3. Nnipa asetra ho nsɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa susuw ho anibere so?

3 Salomo kae sɛ Onyankopɔn bɔɔ nneɛma a ɛyɛ fɛ pii wɔ asase so—nneɛma a ɛdɔɔso a ebetumi ama yɛn ani agye kɛse bere nyinaa. Nanso, yɛrentumi nhwehwɛ nneɛma a Onyankopɔn abɔ no mu nwie, efisɛ yɛn nkwa nna yɛ tiaa dodo. (Ɔsɛnk. 3:11; 8:17) Sɛnea Bible ka no, yɛn nkwa nna yɛ tiaa, na etwam ntɛm. (Hiob 14:1, 2; Ɔsɛnk. 6:12) Ɛsɛ sɛ nokwasɛm yi a ɛma yesusuw nneɛma ho anibere so no ka yɛn ma yɛde nkwa a yɛwɔ no di dwuma nyansam. Saa a yɛbɛyɛ no nyɛ mmerɛw, efisɛ Satan wiase no betumi atwetwe yɛn ma yɛafa ɔkwan a ɛmfata so.

4. (a) Dɛn na Hebri asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “ahuhude” no kyerɛ? (b) Nneɛma a nkurɔfo di akyi bɛn na yɛrebesusuw ho?

4 Salomo de asɛmfua “ahuhude” ne nsɛmfua bi a ɛte sɛ eyi dii dwuma mpɛn 30 wɔ Ɔsɛnkafo nhoma no mu de sii asiane a ɛwom sɛ yebedi nneɛma hunu akyi so dua. Hebri asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “ahuhude” no kyerɛ ade hunu, nneɛma a mfaso nni so, nneɛma a ɛho nhia, anaa nneɛma a ɛnkyɛ na ayera. (Ɔsɛnk. 1:2, 3) Ɛtɔ mmere bi a, na Salomo de asɛmfua “ahuhude” di dwuma de kyerɛ “ɔdadwen hunu.” (Ɔsɛnk. 1:14; 2:11) Ɛda adi sɛ, mfaso biara remma mmɔden a obi bɛbɔ sɛ obedwen nneɛma hunu ho no so. Obiara a ɔbɛbɔ mmɔden sɛ ɔbɛyɛ saa no rennya hwee mfi mu. Saa ara na sɛ yɛde botae ahorow a nyansa nnim sisi yɛn anim a, ebedi yɛn huammɔ. Yɛn nkwa nna a yɛwɔ wɔ wiase yi mu no yɛ tiaa dodo ma enti, ɛnsɛ sɛ yɛsɛe no wɔ nneɛma bi a yɛrennya so mfaso biara ho. Enti, nea ɛbɛyɛ na yɛrenni mfomso a ɛte saa no, momma yensusuw nhwɛso ahorow bi a Salomo de mae a ɛfa nneɛma a nkurɔfo taa di akyi wɔ asetram ho no ho nhwɛ. Nea edi kan no, yebesusuw anigyede ne ahonyade a yebedi akyi ho. Ɛno akyi no, yebesusuw adwuma a yɛyɛ a ɛsɔ Onyankopɔn ani ho.

So Anigyede Akyi a Yebedi Bɛma Yɛn Ani Agye?

5. Nneɛma bɛn na Salomo yɛe de hwehwɛɛ akomatɔyam?

5 Salomo bɔɔ mmɔden sɛ obedi anigyede akyi de ahwehwɛ akomatɔyam sɛnea nnipa pii a wɔwɔ hɔ nnɛ yɛ no. Salomo kae sɛ: “Mansiw me koma anigye biara ho kwan.” (Ɔsɛnk. 2:10) Nneɛma bɛn na Salomo yɛe de gyigyee n’ani? Sɛnea Ɔsɛnkafo ti 2 kyerɛ no, ɔde ‘nsã hwɛɛ ne honam,’ na bere koro no ara no, ɔbɔɔ mmɔden dii ne ho so. Ɔyeyɛɛ nturo, sisii ahemfie, tiee nnwom, na odii nnuan a ɛyɛ dɛ.

6. (a) Dɛn nti na ɛnyɛ mfomso sɛ yebegye yɛn ani? (b) Dɛn ne ɔkwan a ɛfata sɛ yɛfa so gye yɛn ani?

6 So Bible ka sɛ ɛyɛ mfomso sɛ obi ne ne nnamfo begye wɔn ani? Dabida. Sɛ nhwɛso no, Salomo kae sɛ, sɛ obi yɛ adwumaden wie, na odidi dwudwo ne ho a, ɛyɛ akyɛde a efi Onyankopɔn hɔ. (Kenkan Ɔsɛnkafo 2:24; 3:12, 13.) Bio nso, Yehowa ankasa ka kyerɛ mmerante ne mmabaa sɛ, ‘wɔmma wɔn ani nnye na wonnya koma pa,’ nanso ɛsɛ sɛ wɔyɛ saa wɔ ɔkwan a ɛfata so. (Ɔsɛnk. 11:9) Ɛho hia sɛ yedwudwo yɛn ho, na yɛde nneɛma a ɛfata gye yɛn ani. (Fa toto Marko 6:31 ho.) Nanso, ɛnsɛ sɛ yɛma anigyede bɛyɛ ade titiriw wɔ yɛn asetram. Mmom no, ɛsɛ sɛ anigyede yɛ te sɛ nnɔkɔnnɔkɔwade a yɛde pa yɛn anom bere a yɛadidi awie no, na ɛnyɛ aduan no ankasa. Wubegye atom sɛ, ɛmfa ho sɛnea w’ani gye nnɔkɔnnɔkɔwade ho no, sɛ wudi ɛno nkutoo a, ɛrenkyɛ na afono wo, na worennya ahoɔden pii mfi mu nso. Saa ara na Salomo hui sɛ, sɛ obi de n’asetra nyinaa di anigyede akyi a, ɛyɛ “ɔdadwen hunu.”—Ɔsɛnk. 2:10, 11.

7. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye wɔ nneɛma a yɛyɛ de gyigye yɛn ani no ho?

7 Afei nso, ɛnyɛ anigyede nyinaa na ɛfata. Anigyede pii wɔ hɔ a ebetumi asɛe yɛne Yehowa ntam, na ama yɛabu bra bɔne. Esiane ‘anigye’ a nnipa ɔpepem pii repɛ nti, wɔnom nnubɔne, wɔwe nsã, anaasɛ wɔtow kyakya, na ɛno ama wɔredi awerɛhow kɛse wɔ wɔn asetram. Yehowa fi ayamye mu bɔ yɛn kɔkɔ sɛ, sɛ yɛma yɛn koma anaa yɛn aniwa daadaa yɛn ma yɛkɔyɛ bɔne a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ yebetwa so aba.—Gal. 6:7.

8. Dɛn nti na nyansa wom sɛ yesusuw nea yɛreyɛ wɔ yɛn asetram no ho?

8 Bio nso, sɛ yedi anigyede akyi pii a, ɛremma yɛmfa yɛn adwene nsi nneɛma a ɛho hia paa wɔ asetram no so. Ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ, yɛn nkwa nna twam ntɛm, na biribiara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ yebenya apɔwmuden, na yɛrenhyia ɔhaw biara wɔ yɛn nkwa nna a ɛyɛ tiaa no mu. Ɛno nti na Salomo san kae sɛ, sɛ yɛkɔ ayi, titiriw Kristoni barima anaa ɔbea nokwafo bi ayi ase a, yebenya mfaso pii asen sɛ yɛbɛkɔ “anigye fi” no. (Kenkan Ɔsɛnkafo 7:2, 4.) Dɛn nti na ɛte saa? Sɛ yetie ɔkasa a wɔma wɔ ayi no ase, na yesusuw Yehowa somfo nokwafo a wawu no asetram nsɛm ho a, ebetumi aka yɛn ma yɛahwehwɛ nea yɛn ankasa yɛreyɛ wɔ yɛn asetram no mu. Ɛno betumi ama yɛahu sɛ ɛho hia sɛ yɛyɛ nsakrae wɔ nneɛma a yɛde asisi yɛn ani so no mu, sɛnea ɛbɛyɛ a yɛde yɛn nkwa nna a aka no bedi dwuma nyansam.—Ɔsɛnk. 12:1.

So Ahonyade Bɛma Yɛn Koma Atɔ Yɛn Yam?

9. Dɛn na Salomo hui wɔ ahonyade a obi benya ho?

9 Bere a Salomo kyerɛw Ɔsɛnkafo nhoma no, na ɔyɛ asikafo paa a wɔwɔ wiase no mu biako. (2 Be. 9:22) Ná ɔwɔ sika a obetumi de ayɛ nea ɔpɛ biara. Ɔkyerɛwee sɛ: “Biribiara a m’aniwa hwehwɛe no, mankame no.” (Ɔsɛnk. 2:10) Nanso, ohui sɛ ahonyade ankasa mma nnipa nnya abotɔyam. Enti, ɔde asɛm no baa awiei sɛ, “Nea ɔpɛ sika no, sika mmee no, na nea ɔpɛ adedodow no nnya mu mfaso.”—Ɔsɛnk. 5:10.

10. Dɛn na ɛma yenya abotɔyam na yɛyɛ adefo ankasa?

10 Ɛmfa ho sɛ ahonyade nni gyina no, ɛda so ara wɔ tumi a ebetumi atwetwe nnipa kɛse. Wɔ nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ United States nnansa yi mu no, adesuafo a wɔakɔ sukuupɔn mu foforo nyinaa mu ɔha biara mu 75 kae sɛ, nea esi wɔn ani so paa wɔ asetram ne sɛ “wobenya sika pii.” Na sɛ wonya sika pii sɛnea wɔkae no mpo a, so wɔn ani begye ankasa? Ɛnte saa. Nnipa a wɔyɛ nhwehwemu ahu sɛ, sɛ obi de n’adwene nyinaa si ahonyade so a, ɛyɛ den sɛ obenya anigye ne akomatɔyam. Ná Salomo adi kan ahu eyi dedaadaw. Enti, ɔkyerɛwee sɛ: “Meboaa dwetɛ ne sika ne ahene ne nsase so ademude ano, . . . na hwɛ, ne nyinaa yɛ ahuhude ne ɔdadwen hunu.” * (Ɔsɛnk. 2:8, 11) Nanso, sɛ yefi yɛn koma nyinaa mu som Yehowa, na ohyira yɛn a, yɛbɛyɛ adefo ankasa.—Kenkan Mmebusɛm 10:22.

Adwuma Bɛn na Ɛma Yenya Abotɔyam Ankasa?

11. Dɛn na Kyerɛwnsɛm no ka fa mfaso a ɛwɔ adwuma so ho?

11 Yesu kae sɛ: “M’Agya ayɛ adwuma abesi sesɛɛ, na me nso mekɔ so yɛ adwuma.” (Yoh. 5:17) Akyinnye biara nni ho sɛ, Yehowa ne Yesu nyinaa nya abotɔyam wɔ adwuma a wɔyɛ mu. Bible ka sɛnea Yehowa nyaa abotɔyam wɔ nneɛma a ɔbɔe no ho asɛm sɛ: “Onyankopɔn huu nea ɔyɛe nyinaa, na hwɛ, eye papa.” (Gen. 1:31) Bere a abɔfo huu nneɛma a Onyankopɔn ayɛ nyinaa no, ‘wɔbɔɔ ose.’ (Hiob 38:4-7) Saa ara na Salomo nso huu mfaso a ɛwɔ adwuma so.—Ɔsɛnk. 3:13.

12, 13. (a) Nsɛm bɛn na nnipa baanu bi aka de akyerɛ sɛ adwumaden ma yenya abotɔyam? (b) Dɛn nti na ɛtɔ mmere bi a, honam fam adwuma betumi ama obi abam abu?

12 Nnipa pii ahu sɛ mfaso wɔ adwumaden a yɛbɛyɛ so. Sɛ nhwɛso no, José a onim mfoniniyɛ yiye no kae sɛ, “Sɛ wutumi yɛ mfonini bi a ɛwɔ w’adwenem a, ɛma wote nka te sɛ nea woatumi ayɛ ade kɛse bi.” Miguel, * a ɔyɛ adwumawura nso kae sɛ: “Adwuma ma abotɔyam, efisɛ etumi ma wohwɛ w’abusua. Ebetumi nso ama woate nka sɛ woayɛ biribi wɔ w’asetram.”

13 Nanso, nnipa pii yɛ adwuma koro no ara da biara da, na ɛmma wonnya kwan mfa wɔn adwene nyɛ biribi foforo biara. Ɛtɔ mmere bi a, wɔteetee nkurɔfo wɔ mmeae a wɔyɛ adwuma no, na wotumi sisi wɔn mpo. Sɛnea Salomo kae no, esiane sɛ ebia ɔkwadwofo de ne ho hyehyɛ nkurɔfo a wɔwɔ dibea wɔ adwuma bi mu nti, ebetumi ama wɔde odwumayɛni a ɔyɛ nsi akatua ama no. (Ɔsɛnk. 2:21) Nneɛma foforo nso wɔ hɔ a ebetumi ama nkurɔfo abam abu. Esiane ɔman bi sikasɛm a ɛsɛe, anaa asiane ahorow bi a esi nti, adwuma bi a wofii ase no na ɛte sɛ nea mfaso kɛse wom no betumi agu. (Kenkan Ɔsɛnkafo 9:11.) Mpɛn pii no, sɛ onipa a ɔbɔ mmɔden sɛ obedi yiye no hu sɛ ‘wabrɛ ɔbrɛ hunu’ a, n’abam bu, na odi yaw.—Ɔsɛnk. 5:16.

14. Adwuma bɛn na ɛma yenya abotɔyam a edi mu sen biara?

14 So adwuma bi wɔ hɔ a enni huammɔ da? José a ɔyɛ mfoniniyɛfo a yɛkaa ne ho asɛm no kae sɛ: “Mfonini ahorow a yɛyɛ betumi ayera anaa asɛe wɔ mfe bi akyi. Nanso, ɛnte saa wɔ nneɛma a yɛyɛ wɔ Onyankopɔn som mu no ho. Bere a mitiee Yehowa asɛm na meyɛɛ asɛmpaka adwuma no, maboa afoforo ma wɔabɛyɛ Kristofo a wosuro Onyankopɔn, na ɛno de, ɛrensɛe da. Ɛyɛ ade a ɛsom bo ankasa.” (1 Kor. 3:9-11) Miguel nso kae sɛ, Ahenni ho asɛm a ɔka no ama wanya abotɔyam kɛse koraa sen honam fam adwuma a ɔyɛ no. Miguel ka sɛ: “Biribiara nni hɔ a ebetumi ama w’ani agye kɛse asen sɛ wobɛka Kyerɛwnsɛm no mu nokware akyerɛ obi, na woahu sɛ asɛm no aka onipa no koma.”

“Tow W’abodoo Gu Nsu Ani”

15. Dɛn na ɛma asetra yɛ nea mfaso wɔ so ankasa?

15 Momma yɛnsan mmisa sɛ, dɛn ankasa na ɛma asetra yɛ nea mfaso wɔ so? Sɛ yɛde bere tiaa a yɛde tra ase wɔ wiase bɔne yi mu no yɛ nneɛma pa, na yɛyɛ nea ɛsɔ Yehowa ani a, ɛma yenya akomatɔyam ankasa. Yebetumi ne Onyankopɔn anya abusuabɔ a emu yɛ den, yebetumi de Bible mu nsɛm akyerɛkyerɛ yɛn mma, yebetumi aboa afoforo ma wɔabehu Yehowa, na yebetumi ne yɛn nuanom mmarima ne mmea nso anya ayɔnkofa a ɛtra hɔ daa. (Gal. 6:10) Eyinom nyinaa so wɔ mfaso daa, na wɔn a wɔyɛ saa nneɛma yi no nya nhyira pii. Salomo yɛɛ ntotoho bi a ɛyɛ anigye paa de kyerɛkyerɛɛ nea enti a mfaso wɔ so sɛ yɛyɛ nneɛma pa no mu. Ɔkae sɛ: “Tow w’abodoo gu nsu ani, na daakye bi wubehu.” (Ɔsɛnk. 11:1) Yesu nso tuu n’asuafo no fo sɛ: “Momma, na nkurɔfo bɛma mo.” (Luka 6:38) Bio nso, Yehowa ankasa ahyɛ bɔ sɛ, obetua wɔn a wɔyɛ nneɛma pa ma afoforo no ka.—Mmeb. 19:17; Kenkan Hebrifo 6:10.

16. Bere bɛn na ɛfata paa sɛ yesi nneɛma a yɛpɛ sɛ yɛyɛ wɔ yɛn asetram no ho gyinae?

16 Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ, yensisi gyinae a nyansa wom wɔ nea yɛbɛyɛ daakye ho bere a yɛda so ara yɛ mmerante ne mmabaa no. Sɛ yɛyɛ saa a, ɛremma yennu yɛn ho daakye. (Ɔsɛnk. 12:1) Sɛ yɛde yɛn asetra bere a yɛwɔ ahoɔden paa no di wiase afɛfɛde akyi, na akyiri yi yebehu sɛ ɛyɛ nneɛma hunu a, hwɛ sɛnea yebedi ho yaw kɛse!

17. Dɛn na ebetumi aboa wo ma woayɛ ade a mfaso wɔ so wɔ w’asetram?

17 Yehowa te sɛ agya bi a ɔwɔ ɔdɔ a nea ɔpɛ ara ne sɛ w’ani begye wɔ w’asetram, woayɛ nneɛma pa, sɛnea ɛbɛyɛ a worenni awerɛhow. (Ɔsɛnk. 11:9, 10) Dɛn na ɛbɛboa wo ma woayɛ saa? Fa botae a ɛbɛma woayɛ pii wɔ Onyankopɔn som mu sisi w’ani so, na bɔ mmɔden sɛ wubedu ho. Bɛyɛ mfe 20 a atwam ni no, na ɛsɛ sɛ Javier paw sɛ ɔbɛyɛ oduruyɛfo anaa bere nyinaa somfo. Javier ka sɛ, “Ɛwom sɛ na oduruyɛfo adwuma a mɛyɛ no betumi ama manya abotɔyam de, nanso biribiara nni hɔ a metumi de atoto anigye a minyae bere a meboaa nnipa dodow bi ma wobehuu nokware no ho. Bere nyinaa som adwuma no ama manya anigye kɛse. Na ade a midi ho yaw ne sɛ manhyɛ ase ntɛm.”

18. Dɛn nti na ɔkwan a Yesu faa so bɔɔ ne bra wɔ asase no so yɛ nea mfaso wɔ so paa?

18 Ɛnde, dɛn ne ade a mfaso wɔ so paa a ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden nya wɔ asetram no? Ɔsɛnkafo nhoma no ka sɛ: “Din pa ye sen ngo pa, na owuda ye sen awoda.” (Ɔsɛnk. 7:1) Ɔkwan a Yesu faa so bɔɔ ne bra no ma yɛte saa asɛm yi ase yiye. Onyaa din pa ankasa wɔ Yehowa anim. Bere a Yesu dii nokware kosii owu mu no, ɔma ɛdaa adi sɛ n’Agya tumidi na ɛfata, na ɔde agyede afɔre no mae, na ɛno na ama yɛanya anidaso sɛ yebenya nkwa. (Mat. 20:28) Wɔ mfe kakra a Yesu de traa asase so mu no, ɔyɛɛ nhwɛso a ɛyɛ pɛ a sɛ yɛbɔ mmɔden suasua a, ɛbɛma yɛn asetra ayɛ nea mfaso wɔ so ankasa.—1 Kor. 11:1; 1 Pet. 2:21.

19. Afotu a nyansa wom bɛn na Salomo de mae?

19 Yɛn nso yebetumi anya din pa wɔ Onyankopɔn anim. Yɛn de, yebu din pa a yebenya wɔ Yehowa anim no sɛ ɛsom bo koraa sen ahonyade a yebenya. (Kenkan Mateo 6:19-21.) Yebetumi anya akwan bi a yɛbɛfa so ayɛ nneɛma pa wɔ Yehowa ani so, na ama yɛn asetra ayɛ papa da biara da. Sɛ nhwɛso no, yebetumi aka asɛmpa no akyerɛ afoforo, yebetumi ama yɛn aware ne yɛn abusua ayɛ papa, na yɛasua ade akɔ asafo nhyiam, na aboa yɛn ma yɛne Yehowa ntam abusuabɔ mu ayɛ den. (Ɔsɛnk. 11:6; Heb. 13:16) Ɛnde, yebisa sɛ, wopɛ sɛ w’asetra yɛ nea mfaso wɔ so ankasa? Sɛ saa a, kɔ so tie Salomo afotu a edi so yi: “Suro Onyankopɔn, na di ne mmara nsɛm so. Na eyi ne nnipa nyinaa asɛde.”—Ɔsɛnk. 12:13.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 10 Afe biara, na Salomo nya sika kɔkɔɔ talente 666 (a emu duru bɛboro kilogram 22,000).—2 Be. 9:13.

^ nky. 12 Wɔasesa edin no.

Wubebua Dɛn?

• Dɛn na ɛsɛ sɛ ɛka yɛn ma yesusuw botae ahorow a yɛde sisi yɛn ani so wɔ asetram no ho anibere so?

• Ɛsɛ sɛ yebu anigyede ne ahonyade a yebedi akyi no dɛn?

• Adwuma bɛn na ɛbɛma yɛanya akomatɔyam a ɛtra hɔ daa?

• Nneɛma a mfaso wɔ so bɛn na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden di akyi?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Ɛsɛ sɛ yebu anigyede dɛn wɔ yɛn asetram?

[Mfonini wɔ kratafa 24]

Dɛn na ɛma asɛnka adwuma no yɛ ade a ɛma akomatɔyam ankasa?