Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Momma Yɛnhwehwɛ Onyankopɔn Akwankyerɛ Wɔ Biribiara Mu

Momma Yɛnhwehwɛ Onyankopɔn Akwankyerɛ Wɔ Biribiara Mu

Momma Yɛnhwehwɛ Onyankopɔn Akwankyerɛ Wɔ Biribiara Mu

“Saa Onyankopɔn yi yɛ yɛn Nyankopɔn daa daa, ɔbɛyɛ yɛn kwankyerɛfo de akosi wu mu.”—DW. 48:14.

1, 2. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yedi Yehowa akwankyerɛ akyi sen sɛ yɛde yɛn ho bɛto yɛn ankasa nyansa so, na nsɛmmisa bɛn na yɛrebesusuw ho?

SƐ YESUSUW nsɛnhunu anaa nneɛma a edi nnipa awu ho a, ɛnyɛ den koraa sɛ yɛbɛdaadaa yɛn ho ayɛ yɛn adwene sɛ mfomso biara nni ho. (Mmeb. 12:11) Sɛ yɛte nka paa sɛ yɛnyɛ biribi a ɛmfata sɛ Kristoni yɛ a, mpɛn pii no, yɛn koma bɛdaadaa yɛn ma yɛayɛ ade koro no. (Yer. 17:5, 9) Enti, odwontofo no yɛɛ n’ade nyansam bere a ɔbɔɔ Yehowa mpae sɛ: “Ma wo hann ne wo nokware mmegya me” no. (Dw. 43:3) Ɔde ne ho too Yehowa so, na wamfa ne ho anto nyansa kakra a ɔwɔ no so. Ná baabiara nni hɔ a obetumi anya akwankyerɛ pa asen Yehowa hɔ. Sɛnea odwontofo no yɛe no, mfaso wɔ so sɛ yɛn nso yɛhwehwɛ akwankyerɛ fi Onyankopɔn hɔ.

2 Nanso, dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa akwankyerɛ so sen biribi foforo biara? Bere bɛn na ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ Yehowa akwankyerɛ? Su ahorow bɛn na ɛsɛ sɛ yenya na ama yɛanya Yehowa akwankyerɛ so mfaso, na ɔkwan bɛn so na Yehowa kyerɛ yɛn kwan nnɛ? Yebesusuw nsɛmmisa a ɛho hia yi ho wɔ adesua yi mu.

Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Yɛde Yɛn Ho To Yehowa Akwankyerɛ So?

3-5. Dɛn nti na yebetumi de yɛn ho ato Yehowa akwankyerɛ so koraa?

3 Yehowa yɛ yɛn soro Agya. (1 Kor. 8:6) Yehowa nim yɛn mu biara yiye, na otumi hu nea ɛwɔ yɛn komam tɔnn. (1 Sam. 16:7; Mmeb. 21:2) Ɔhene Dawid ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: “Wo na wunim m’asetra ne me sɔre, wuhu m’adwenem akyirikyiri. Na asɛm biara nni me tɛkrɛma so gye nea wo, [Yehowa, NW], wunim ne nyinaa.” (Dw. 139:2, 4) Esiane sɛ Yehowa nim yɛn yiye saa nti, so ɛnsɛ sɛ yenya ahotoso sɛ onim nea eye ma yɛn sen biara? Afei nso, Yehowa nim nyansa sen obiara. Ohu biribiara, na ohu ade kɔ akyiri sen onipa biara, na ohu nneɛma a ɛbɛba daakye no bere tenteenten ansa na aba. (Yes. 46:9-11; Rom. 11:33) Yehowa yɛ “Onyankopɔn a ɔyɛ onyansafo koro pɛ.”—Rom. 16:27.

4 Afei nso, Yehowa dɔ yɛn, na ɔpɛ sɛ esi yɛn yiye bere nyinaa. (Yoh. 3:16; 1 Yoh. 4:8) Esiane sɛ Onyankopɔn yɛ ɔdɔ nti, ɔda ayamye adi kyerɛ yɛn. Osuani Yakobo kyerɛwee sɛ: “Akyɛde pa ne adekyɛde a ɛyɛ pɛ biara fi soro; esian fi hann Agya no nkyɛn.” (Yak. 1:17) Wɔn a wɔma Onyankopɔn kyerɛ wɔn kwan no nya n’ayamye so mfaso kɛse.

5 Awiei koraa no, Yehowa yɛ ade nyinaa so Tumfoɔ. Eyi nti, odwontofo no kae sɛ: “Nea ɔte ɔsorosoroni no hintabea tra Tweaduampɔn nwini ase. Mise [Yehowa, NW] sɛ: Me guankɔbea ne m’abankɛse, me Nyankopɔn a mede me ho meto wo so.” (Dw. 91:1, 2) Sɛ yedi Yehowa akwankyerɛ akyi a, na yɛrehwehwɛ guankɔbea afi Onyankopɔn a ontumi nni yɛn huammɔ da no nkyɛn. Sɛ yehyia ɔsɔretia mpo a, Yehowa boa yɛn. Ɔrenni yɛn huammɔ da. (Dw. 71:4, 5; Kenkan Mmebusɛm 3:19-26.) Nokwarem no, Yehowa nim nea eye ma yɛn paa, ɔpɛ sɛ esi yɛn yiye, na obetumi ama yɛn nsa aka nea eye ma yɛn paa no. Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ nea nyansa nnim sɛ yebebu yɛn ani agu Yehowa akwankyerɛ so! Nanso, bere bɛn na yehia saa akwankyerɛ no?

Bere Bɛn na Yehia Akwankyerɛ?

6, 7. Bere bɛn na yehia Yehowa akwankyerɛ?

6 Nokwarem no, yehia Onyankopɔn akwankyerɛ wɔ yɛn nkwa nna nyinaa mu, efi yɛn mmofraase kosi yɛn nkwakoraabere ne yɛn mmerewabere mu. Odwontofo no kae sɛ: “Saa Onyankopɔn yi yɛ yɛn Nyankopɔn daa daa, ɔbɛyɛ yɛn kwankyerɛfo de akosi wu mu.” (Dw. 48:14) Kristofo a wonim nyansa hwehwɛ Onyankopɔn akwankyerɛ bere nyinaa te sɛ nea odwontofo no yɛe no.

7 Nanso, mmere bi wɔ hɔ a, yɛte nka sɛ yehia mmoa titiriw bi denneennen. Ɛtɔ mmere bi a, yehu sɛ yɛwɔ ‘ahohia’ mu, ebia na yɛrehyia ɔtaa, yare bi a emu yɛ den abɔ yɛn, anaasɛ yɛn adwuma afi yɛn nsa mpofirim. (Dw. 69:16, 17) Ɛyɛ awerɛkyekye sɛ yɛbɛkɔ Yehowa nkyɛn wɔ mmere a ɛte saa mu, na yɛwɔ ahotoso sɛ, ɔbɛhyɛ yɛn den ma yɛagyina asɛm a ato yɛn no ano, na wakyerɛ yɛn kwan ma yɛasisi gyinae pa. (Kenkan Dwom 102:17.) Yehia Onyankopɔn mmoa wɔ mmere foforo mu nso. Sɛ nhwɛso no, sɛ yɛrekɔka Ahenni no ho asɛmpa akyerɛ yɛn afipamfo a, yehia Yehowa akwankyerɛ sɛnea ɛbɛyɛ a asɛm a yɛreka no bɛka wɔn koma. Na bere biara a ɛho behia sɛ yesi gyinae bi no, sɛ́ ɛfa anigyede, ntadehyɛ ne ahosiesie, fekubɔ, adwuma, nhomasua, anaa biribi foforo biara ho no, sɛ yedi Yehowa akwankyerɛ akyi a, yɛbɛyɛ yɛn ade nyansam. Nokwarem no, yehia Onyankopɔn akwankyerɛ wɔ yɛn asetram bere nyinaa.

Asiane Wom sɛ Yɛrenhwehwɛ Onyankopɔn Akwankyerɛ

8. Aduaba a na wɔabara sɛ ɛnsɛ sɛ wodi a Hawa dii no kyerɛ dɛn?

8 Nanso, kae sɛ ɛsɛ sɛ yenya ɔpɛ sɛ yebedi Yehowa akwankyerɛ akyi. Sɛ yɛmpɛ sɛ yedi Onyankopɔn akwankyerɛ akyi a, ɔrenhyɛ yɛn. Onipa a odi kan a wampɛ sɛ odi Yehowa akwankyerɛ akyi ne Hawa, na nea efi ade a ɔyɛe no mu bae no ma yehu sɛ, asiane wɔ gyinae bɔne a ɛte saa a obi besi no mu. Susuw nea ade a ɔyɛe no kyerɛ nso ho hwɛ. Esiane sɛ na Hawa pɛ ‘sɛ ɔyɛ te sɛ Onyankopɔn na ohu papa ne bɔne’ nti na odii aduaba a wɔabara sɛ ɛnsɛ wodi no. (Gen. 3:5) Ɔnam aduaba no a odii no so pɛe sɛ ɔyɛ ne ho te sɛ Onyankopɔn, na osisi ɔno ankasa gyinae wɔ nea ɛyɛ papa ne nea ɛyɛ bɔne ho mmom sen sɛ obedi Yehowa akwankyerɛ akyi. Enti, Hawa poo Yehowa tumidi. Ná ɔmpɛ sɛ ɔhyɛ obiara ase. Ne kunu Adam nso yɛɛ asoɔden koro no ara bi.—Rom. 5:12.

9. Sɛ yɛpo Yehowa akwankyerɛ a, na yɛreyɛ dɛn, na dɛn nti na nyansa nnim koraa sɛ yɛbɛyɛ saa?

9 Ɛnnɛ, sɛ yɛanni Yehowa akwankyerɛ akyi a, na yɛn nso yɛrepo Yehowa tumidi. Sɛ nhwɛso no, susuw obi a ɔma n’ani begye ɔbarima ne ɔbea nna ho mfonini a wɔhwɛ ho hwɛ. Sɛ ɔwɔ Kristofo asafo no mu a, ɛnde na onim Yehowa akwankyerɛ a ɛfa asɛm yi ho no. Onim sɛ, ɛnsɛ sɛ wɔbɔ afideyɛ din mpo wɔ yɛn mu, na kampɛsɛ yɛde anigye ahwɛ biribi a ɛte saa. (Efe. 5:3) Sɛ onipa a ɔte saa po Yehowa akwankyerɛ yi a, ná ɔrepo Yehowa tumidi nso, na ɔmpɛ sɛ Yehowa di no so. (1 Kor. 11:3) Nyansa nnim koraa sɛ yɛbɛyɛ saa, efisɛ sɛnea Yeremia kae no, “enni ɔbarima nsam, sɛnea ɔnam a obetutu n’anammɔn.”—Yer. 10:23.

10. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde hokwan a yɛwɔ sɛ yetumi fi yɛn pɛ mu yɛ ade no di dwuma nyansam?

10 Ebia nnipa binom rennye Yeremia asɛm yi ntom, na wobesusuw sɛ sɛ Yehowa ma kwan ma obiara tumi fi ne pɛ mu yɛ nea ɔpɛ a, ɛnde ɛnsɛ sɛ ɔkasa tia yɛn wɔ nea yɛyɛ ho. Ɛwom sɛ, yɛn pɛ mu a yefi yɛ ade no yɛ akyɛde de, nanso ɛnsɛ sɛ yɛn werɛ fi sɛ asɛyɛde bata ho. Yebebu nsɛm a yɛka ne nneɛma a yɛyɛ ho akontaa akyerɛ Onyankopɔn. (Rom. 14:10) Yesu kae sɛ: “Nea ayɛ koma mã no na ano ka.” Ɔsan kae sɛ: “Koma no mu na nsusuwii bɔne, awudi, awaresɛe, aguamammɔ, korɔnbɔ, adansekurum, ne abususɛm fi ba.” (Mat. 12:34; 15:19) Ɛno nti, nsɛm a yɛka ne nneɛma a yɛyɛ no na ɛma wohu nea ɛwɔ yɛn koma mu. Ɛno na ɛkyerɛ nnipa kõ a yɛyɛ ankasa. Enti, Kristoni a onim nyansa hwehwɛ Yehowa akwankyerɛ wɔ biribiara a ɔyɛ mu. Sɛ ɔyɛ saa a, Yehowa nso bu no sɛ ‘ɔteɛ wɔ ne koma mu,’ na Yehowa ‘bɛyɛ no yiye.’—Dw. 125:4.

11. Dɛn na yesua fi Israelfo no abakɔsɛm mu?

11 Susuw Israelfo abakɔsɛm ho hwɛ. Bere a saa ɔman no sisii gyinae pa, na wodii Yehowa ahyɛde so no, Yehowa bɔɔ wɔn ho ban. (Yos. 24:15, 21, 31) Nanso, wɔde wɔn pɛ mu a wotumi fi yɛ ade no dii dwuma wɔ ɔkwammɔne so mpɛn pii. Wɔ Yeremia bere so no, Yehowa kaa Israelfo no ho asɛm sɛ: “Wɔantie, na wɔammrɛ wɔn asõ ase, na wɔfaa wɔn ankasa kwan so, dii wɔn koma bɔne denyɛ akyi, na wɔsan wɔn akyi, na wɔankɔ anim.” (Yer. 7:24-26) Awerɛhosɛm bɛn ara ni! Ɛnsɛ sɛ ɛba da sɛ asoɔden ne nneɛma a yɛn ani gye ho nti, yɛbɛpo Yehowa akwankyerɛ, na yɛafa yɛn ankasa akwan so ma ɛno nti ‘yɛasan yɛn akyi a yɛrenkɔ yɛn anim’!

Dɛn na Ɛsɛ sɛ Yɛyɛ na Ama Yɛatumi Atie Onyankopɔn Afotu?

12, 13. (a) Su bɛn na ɛma yenya ɔpɛ sɛ yebedi Yehowa akwankyerɛ akyi? (b) Dɛn nti na gyidi ho hia?

12 Ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no ma yenya ɔpɛ sɛ yebedi n’akwankyerɛ akyi. (1 Yoh. 5:3) Nanso, Paulo kaa biribi foforo a ɛsɛ sɛ yɛyɛ ho asɛm sɛ: “Yɛnam gyidi mu, na ɛnyɛ nea yehu mu.” (2 Kor. 5:6, 7) Dɛn nti na gyidi ho hia? Nea enti a ɛte saa ne sɛ, Yehowa de yɛn “fa akwantrenee so,” nanso saa akwan no nyɛ akwan a ɛma yenya sika ne dibea wɔ saa wiase yi mu. (Dw. 23:3) Ɛno nti, ɛsɛ sɛ yɛde gyidi aniwa a yɛwɔ no si Onyankopɔn nhyira a ɛso bi nni a yenya fi Yehowa som mu no so. (Kenkan 2 Korintofo 4:17, 18.) Na gyidi boa yɛn ma yɛn ani sɔ honam fam nneɛma kakra a yɛwɔ no.—1 Tim. 6:8.

13 Yesu kae sɛ, nokware som hwehwɛ sɛ yɛde yɛn ho bɔ afɔre, na ɛno nso hwehwɛ sɛ yenya gyidi. (Luka 9:23, 24) Yehowa asomfo anokwafo binom de nneɛma pii abɔ afɔre, na wɔafa ohia ne nhyɛso mu, nkurɔfo anya wɔn ho adwemmɔne, na wɔahyia ɔtaa a emu yɛ den mpo. (2 Kor. 11:23-27; Adi. 3:8-10) Ɛyɛ gyidi a emu yɛ den a wonyae nkutoo na ɛma wotumi de anigye gyinaa sɔhwɛ ahorow yi mu. (Yak. 1:2, 3) Gyidi a emu yɛ den ma yenya ahotoso sɛ eye paa sɛ yebedi Yehowa akwankyerɛ akyi bere nyinaa. Sɛ yedi Yehowa akwankyerɛ akyi bere nyinaa a, yebenya so mfaso daa. Yɛwɔ ahotoso paa sɛ, akatua a wɔn a wɔsom Yehowa nokwarem benya no ma amanehunu biara wohyia no bere tiaa mu no yɛ te sɛ ade ketewaa bi.—Heb. 11:6.

14. Dɛn nti na na ɛsɛ sɛ Hagar brɛ ne ho ase?

14 Ma yensusuw sɛnea ɛsɛ sɛ yenya ahobrɛase nso na ama yɛatumi adi Yehowa akwankyerɛ akyi ho nhwɛ. Sara afenaa Hagar nhwɛso no ma yehu eyi. Bere a Sara hui sɛ ɔrentumi nwo no, ɔde Hagar maa Abraham, na Abraham ne Hagar nyinsɛnee. Afei, Hagar bɛyɛɛ ahomaso wɔ n’awuraa a na onni ba no so. Ne saa nti, Sara “brɛɛ no ase,” na Hagar guanee. Yehowa bɔfo bi hyiaa Hagar, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “San kɔ w’awuraa nkyɛn, na kɔbrɛ wo ho ase hyɛ ne nsa ase.” (Gen. 16:2, 6, 8, 9) Ebia, na eyi nyɛ akwankyerɛ a Hagar ani gye ho. Nanso, ná ɛsɛ sɛ Hagar yi n’ahomaso no fi ne mu na ama watumi adi ɔbɔfo no akwankyerɛ no so. Hagar yii ahomaso no fii ne mu, na ofi ahobrɛase mu yɛɛ nea ɔbɔfo no kae no, na ɛno ma ɔwoo ne ba Ismael wɔ Abraham fie.

15. Kyerɛ tebea ahorow bi a ɛho behia sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase wom na ama yɛatumi adi Yehowa akwankyerɛ akyi nnɛ?

15 Yehowa akwankyerɛ akyi a yebedi no bɛhwehwɛ sɛ, yɛn nso yɛbrɛ yɛn ho ase. Ɛsɛ sɛ ebinom gye tom sɛ Yehowa ani nsɔ nneɛma bi a wɔde gyigye wɔn ani no. Kristoni bi betumi afom obi ma ɛho behia sɛ ɔpa no kyɛw. Anaasɛ ebia wadi mfomso bi a ɛho hia sɛ ogye tom. Na sɛ obi yɛ bɔne a emu yɛ duru nso ɛ? Ɛsɛ sɛ ɔbrɛ ne ho ase, na ɔka bɔne a wayɛ no kyerɛ mpanyimfo no. Wobetumi atu obi afi asafo no mu mpo. Nanso, sɛ wɔbɛsan agye no aba asafo no mu a, ɛsɛ sɛ ofi ahobrɛase mu nu ne ho, na ogyae bɔne no yɛ. Asɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 29:23 no kyekye yɛn werɛ bere a asɛm a ɛte sɛ eyi mu bi ato yɛn no. Ɛhɔ ka sɛ: “Onipa ahantan bɛbrɛ no ase, na honhom mu hobrɛaseni nsa bɛka anuonyam.”

Ɔkwan Bɛn na Yehowa Fa so Kyerɛ Yɛn Kwan?

16, 17. Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya Bible a ɛno ne nhoma a Onyankopɔn akwankyerɛ wom no so mfaso kɛse?

16 Onyankopɔn akwankyerɛ a ɛsen biara no wɔ N’Asɛm a wɔde ne honhom kyerɛwee a ɛne Bible no mu. (Kenkan 2 Timoteo 3:16, 17.) Nea ɛbɛyɛ na yɛanya Onyankopɔn Asɛm no so mfaso kɛse no, ɛnsɛ sɛ yɛtwɛn ma tebea a emu yɛ den bi to yɛn ansa na yɛahwehwɛ nsɛm bi a ɛbɛboa yɛn afi Kyerɛwnsɛm no mu. Mmom no, ɛsɛ sɛ yɛde yɛ yɛn su sɛ yɛbɛkenkan Bible no da biara da. (Dw. 1:1-3) Sɛ yɛyɛ saa a, yebehu Onyankopɔn Asɛm a wɔde ne honhom kyerɛwee no mu nsɛm yiye. Yebenya Onyankopɔn adwene, na ɛno bɛma yɛatumi agyina ɔhaw biara a yɛnhwɛ kwan a ɛbɛto yɛn no mpo ano.

17 Afei nso, ɛho hia sɛ yedwennwen nneɛma a yɛkenkan wɔ Kyerɛwnsɛm mu no ho, na yɛbɔ ho mpae. Sɛ yedwennwen Bible mu nsɛm ho a, ɛma yesusuw sɛnea yebetumi de adi dwuma wɔ tebea ahorow pɔtee bi mu ho. (1 Tim. 4:15) Sɛ yehyia ɔhaw ahorow a emu yɛ den a, yɛbɔ Yehowa mpae srɛ no sɛ, ɔmmoa yɛn mma yennya akwankyerɛ a yɛde bedi ɔhaw ahorow no ho dwuma. Yehowa honhom bɛboa yɛn ma yɛakaakae Kyerɛwnsɛm mu nsɛm bi a mfaso wɔ so a yɛakenkan wɔ Bible anaa Bible ho nhoma ahorow bi mu no.—Kenkan Dwom 25:4, 5.

18. Akwan bɛn so na Yehowa nam yɛn nuanom Kristofo so kyerɛ yɛn kwan?

18 Yɛn nuanom Kristofo nso boa yɛn ma yenya Yehowa akwankyerɛ. Wɔn a wɔboa yɛn titiriw wɔ anuanom mu no ne “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no ne n’ananmusifo Sodikuw no a wɔma yɛn honhom fam aduan bere nyinaa no. Aduan no bi ne nhoma a wotintim ne asafo nhyiam ne nhyiam akɛse ho nhyehyɛe a wɔyɛ ma yɛn no. (Mat. 24:45-47; fa toto Asomafo Nnwuma 15:6, 22-31 ho.) Bio nso, yɛn nuanom Kristofo bi a wɔn ho akokwaw wɔ yɛn mu—titiriw asafo mu mpanyimfo—a wɔfata a wobetumi ayɛ yɛn mmoa, na wɔde Kyerɛwnsɛm mu afotu ama yɛn. (Yes. 32:1) Mmofra a wɔwɔ Kristofo mmusua mu no wɔ baabi foforo a wonya mmoa. Mmofra no awofo a wɔyɛ gyidifo no na Onyankopɔn ama wɔn tumi sɛ wɔmfa n’akwankyerɛ mma wɔn, na wɔhyɛ mmofra no nkuran sɛ wɔnhwehwɛ akwankyerɛ mfi wɔn hɔ bere nyinaa.—Efe. 6:1-3.

19. Esiane sɛ yɛkɔ so hwehwɛ Yehowa akwankyerɛ nti, nhyira bɛn na yenya?

19 Yɛahu sɛ, Yehowa nam akwan pii so na ɔma yɛn akwankyerɛ, na ɛyɛ papa sɛ yɛde bedi dwuma yiye. Bere a Ɔhene Dawid reka ɛbere a na Israelfo no di nokware ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Wo so na yɛn agyanom de wɔn ho toe, wɔde wɔn ho too wo so, na wugyee wɔn. Wo na wɔteɛɛm frɛɛ wo, na wonyaa ɔkwan fii, wɔde wɔn ho too wo so, na wɔn ani anwu.” (Dw. 22:3-5) Sɛ yefi ahotoso mu di Yehowa akwankyerɛ akyi a, yɛn nso yɛn ‘ani renwu,’ na yɛn anidaso renyɛ kwa. Sɛ ‘yɛde yɛn kwan hyɛ Yehowa nsam,’ na yɛamfa yɛn ho anto yɛn ankasa nyansa so a, yebenya nhyira pii nnɛ mpo. (Dw. 37:5) Na sɛ yɛkɔ so de nokwaredi som Yehowa kosi ase a, yebenya saa nhyira no afebɔɔ. Ɔhene Dawid kyerɛwee sɛ: “[Yehowa, NW] dɔ atemmu, na ɔrennyaw n’ahotefo. Ɔhwɛ wɔn so daa, . . . na abɔnefo asefo de, wobeyi wɔn hɔ. Treneefo benya asase no adi, na wɔatra so daapem.”—Dw. 37:28, 29.

Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?

• Dɛn nti na yɛde yɛn ho to Yehowa akwankyerɛ so?

• Sɛ yɛpo Yehowa akwankyerɛ a, na dɛn na yɛrekyerɛ?

• Tebea ahorow a ɛho behia sɛ Kristoni bi brɛ ne ho ase wom no bi ne dɛn?

• Ɔkwan bɛn na Yehowa fa so kyerɛ yɛn kwan nnɛ?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 8]

So wohwehwɛ Yehowa akwankyerɛ wɔ w’asetram biribiara mu?

[Mfonini wɔ kratafa 9]

Hawa poo Yehowa tumidi

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Su bɛn na na ɛsɛ sɛ Hagar nya na ama watumi adi ɔbɔfo no akwankyerɛ no so?