Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Momma Yenkyi “Nnɛema Hunu”

Momma Yenkyi “Nnɛema Hunu”

Momma Yenkyi “Nnɛema Hunu”

“Nea odi nneɛma hunu akyi de, onni ti.”—MMEB. 12:11, NW.

1. Nneɛma a mfaso wɔ so a yɛwɔ no bi ne dɛn, na adwuma a eye sen biara bɛn na yebetumi de ayɛ?

KRISTOFO nyinaa wɔ nneɛma bi a mfaso wɔ so. Ebi betumi ayɛ apɔwmuden ne ahoɔden, ɔdom akyɛde, anaa ahonyade. Esiane sɛ yɛdɔ Yehowa nti, yɛn ani gye ho sɛ yɛde saa nneɛma no bɛsom no. Na yɛnam saa a yɛyɛ so tie Onyankopɔn afotu yi: “Fa w’ahonyade hyɛ [Yehowa, NW] anuonyam.”—Mmeb. 3:9.

2. Kɔkɔbɔ bɛn na Bible de ma wɔ nneɛma hunu ho, na dɛn na saa kɔkɔbɔ yi kyerɛ ankasa?

2 Nanso, Bible san ka nneɛma hunu ho asɛm, na ɛbɔ yɛn kɔkɔ sɛ, ɛnsɛ sɛ yedi akyi de sɛe yɛn bere. Eyi nti, ma yensusuw asɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 12:11, no ho nhwɛ. Ɛkenkan wɔ New World Translation Bible no mu sɛ: “Nea ɔdɔw n’asase no bedidi amee, na nea odi nneɛma hunu akyi de, onni ti.” Sɛ yɛfa ɛbɛ no sɛnea ɛte no ara a, ɛnyɛ den sɛ yɛbɛte ase. Sɛ onipa bi de ne bere ne n’ahoɔden yɛ adwumaden de hwɛ n’abusua a, ɛbɛma abusua no atumi anya honam fam nneɛma a wohia. (1 Tim. 5:8) Nanso, sɛ ɔsɛe ne bere wɔ nneɛma hunu ho a, ɔda no adi sɛ “onni ti,” na ɔyɛ obi a ontumi nsusuw nneɛma ho yiye, na onnim nea ɔreyɛ. Ɛda adi paa sɛ, onipa a ɔte saa no bedi hia.

3. Ɔkwan bɛn so na kɔkɔbɔ a Bible de ma wɔ nneɛma hunu ho no fa yɛn som ho?

3 Na sɛ yɛde ɛbɛ no mu nnyinasosɛm no ba yɛn som mu nso ɛ? Ɛno ma yehu sɛ, sɛ Kristoni bi de nsi ne nokwaredi som Yehowa a, onya abotɔyam ankasa. Obetumi anya ahotoso sɛ Onyankopɔn behyira no nnɛ, na wanya awerɛhyem paa sɛ obenya nkwa daakye. (Mat. 6:33; 1 Tim. 4:10) Nanso, Kristoni a odi nneɛma hunu akyi no sɛe ɔne Yehowa ntam ne anidaso a ɔwɔ sɛ ɔbɛtra ase daa no. Dɛn na yebetumi ayɛ na asɛm a ɛte saa anto yɛn? Ɛsɛ sɛ yehu nneɛma “hunu” a yɛreyɛ wɔ yɛn asetram no, na yesi yɛn bo sɛ yebeyi saa nneɛma no afi yɛn akwan mu.—Kenkan Tito 2:11, 12.

4. Sɛ yɛbɛka paa a, dɛn ne nneɛma hunu?

4 Ɛnde, dɛn ne nneɛma hunu? Sɛ yɛbɛka paa a, ebetumi ayɛ biribiara a ɛmma yentumi mfi yɛn kra nyinaa mu nsom Yehowa. Sɛ nhwɛso no, ebi betumi ayɛ anigyede ahorow. Nokwarem no, sɛ yɛannye yɛn ani antra so a, yebetumi anya anigyede so mfaso. Nanso, sɛ yɛde bere pii “gye yɛn ani” na yebu yɛn ani gu ɔsom a yɛde ma Onyankopɔn no so a, anigyede no betumi abɛyɛ ade hunu, na ɛno betumi asɛe yɛne Onyankopɔn ntam. (Ɔsɛnk. 2:24; 4:6) Sɛ Kristoni bi mpɛ sɛ asɛm a ɛte saa to no a, ɛsɛ sɛ ɔma n’ani da hɔ, na ɔhwɛ nneɛma a ɔde ne bere yɛ no yiye. (Kenkan Kolosefo 4:5.) Nanso, nneɛma hunu bi wɔ hɔ a ebetumi asɛe yɛne Onyankopɔn ntam koraa asen anigyede. Na emu bi ne atoro anyame.

Mommma Yennni Anyamehunu Akyi

5. Ɔkwan bɛn so na Bible taa de asɛmfua “hunu” di dwuma?

5 Ɛyɛ nwonwa sɛ, wɔ baabiara a asɛmfua “hunu” pue wɔ Bible mu no, wɔtaa de ka atoro anyame ho asɛm. Sɛ nhwɛso no, Yehowa ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ: “Monnyɛ anyamehunu, ahoni, anaa abosom adum biara. Na mommfa ɔbo nnsen ohoni biara nnsi mo asase so nnsom no.” (Lev. 26:1, NW) Ɔhene Dawid kyerɛwee sɛ: “Yehowa yɛ kɛse na ɔfata ayeyi pii. Munsuro no nsen anyame nyinaa. Amanaman no anyame nyinaa yɛ anyamehunu. Na Yehowa de, ɔno na ɔyɛɛ ɔsoro.”—1 Be. 16:25, 26, NW.

6. Dɛn nti na atoro anyame yɛ anyamehunu?

6 Sɛnea Dawid kae no, nneɛma a ɛma yehu Yehowa kɛseyɛ atwa yɛn ho ahyia. (Dw. 139:14; 148:1-10) Hwɛ hokwan kɛse ara a Israelfo no nyae sɛ wɔne Yehowa yɛɛ apam! Hwɛ sɛnea nyansa nnim sɛ wɔtwee wɔn ho fii Yehowa ho, na wɔkɔsom ahoni a wɔasen ne abosom adum! Bere a Israelfo kɔɔ ahohia mu no, ɛbɛdaa adi sɛ wɔn atoro anyame no yɛ anyamehunu ankasa, efisɛ wɔantumi annye wɔn ho na kampɛsɛ wɔagye wɔn asomfo no.—Atem. 10:14, 15; Yes. 46:5-7.

7, 8. Ɔkwan bɛn so na “Ahonyade” betumi abɛyɛ te sɛ onyame?

7 Ɛnnɛ, wɔ aman pii so no, nkurɔfo da so ara som ahoni a nnipa ayɛ, na mfaso biara nni anyame a wɔte saa no so te sɛ anyame a na wɔsom wɔn tete no ara pɛ. (1 Yoh. 5:21) Nanso, ahoni akyi no, nneɛma foforo nso wɔ hɔ a Bible frɛ no anyame. Sɛ nhwɛso no, susuw asɛm a Yesu kae yi ho hwɛ. Ɔkae sɛ: “Obiara ntumi nsom awuranom baanu; efisɛ sɛ wantan baako na wannɔ ɔfoforo no a, ɔbɛbata baako ho na wabu ɔfoforo no animtiaa. Muntumi nsom Onyankopɔn ne Ahonyade.”—Mat. 6:24.

8 Ɛbɛyɛ dɛn na “Ahonyade” atumi abɛyɛ te sɛ onyame? Wode, fa ɔbo bi a etim wuram wɔ tete Israel no sɛ nhwɛso. Ná wobetumi apaapae ɔbo a ɛte saa no de asi ɔdan anaasɛ wɔde ato ɔfasu. Nanso, sɛ Yehowa nkurɔfo no de ɔbo no yɛɛ “ɔbosom dum” anaa “ɔbo a wɔadi ho adwini” a, ná ɛbɛyɛ hintidua ama wɔn. (Lev. 26:1) Saa ara na mfaso wɔ sika so. Yehia sika na yɛatumi atra ase, na yebetumi de ayɛ nneɛma a mfaso wɔ so wɔ Yehowa som mu nso. (Ɔsɛnk. 7:12; Luka 16:9) Nanso, sɛ yɛma sikapɛ di yɛn anim, na yɛtoto Kristofo som adwuma a yɛyɛ no ase a, ɛnde, na sika abɛyɛ yɛn nyame. (Kenkan 1 Timoteo 6:9, 10.) Wɔ wiase a sikapɛ agye nnipa adwene yi mu no, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ sɛ yebenya adwene a ɛfata wɔ sikapɛ ho.—1 Tim. 6:17-19.

9, 10. (a) Ɛsɛ sɛ Kristoni bu nhomasua dɛn? (b) Asiane bɛn na ɛwɔ nhomasua a ɛkɔ akyiri mu?

9 Ade foforo a mfaso wɔ so a ebetumi abɛyɛ ade hunu ne wiase nhomasua. Yɛpɛ sɛ yɛn mma sua nhoma yiye, sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi ahwɛ wɔn ho daakye. Nea ɛho hia sen saa no, Kristoni a onim nhoma betumi akenkan Bible ate ase yiye, asusuw nneɛma ho asi gyinae pa, na wakyerɛkyerɛ Bible mu nokware mu ma emu ada hɔ ma nkurɔfo ate ase. Egye bere na ama obi de anya nhomasua a mfaso wɔ so, nanso mfaso wɔ ɛbere a wɔde sua nhoma no so.

10 Na nhoma a obi bɛkɔ kɔlege anaa sukuupɔn mu akosua akɔ akyiri no nso ɛ? Nnipa pii bu nhomasua a ɛkɔ akyiri sɛ ɛno ne nea ɛma esi obi yiye wɔ asetram. Nanso, nnipa pii a wonya nhomasua a ɛte saa no de wiase nyansa a edi awu na ɛhyɛ wɔn adwene mu. Nhomasua a ɛte saa no ma nkurɔfo sɛe wɔn mmabunbere a mfaso wɔ so a anka wobetumi de asom Yehowa yiye no. (Ɔsɛnk. 12:1) Ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔ aman a nnipa asua nhoma akɔ akyiri mu no, nnipa pii nnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ. Nanso, Kristoni de, ɔde ne ho to Yehowa so mmom sen sɛ obesua nhoma akɔ akyiri wɔ wiase yi mu de ahwehwɛ ahotɔ.—Mmeb. 3:5.

Mommma Ɔhonam Akɔnnɔ Mmɛyɛ Onyame

11, 12. Dɛn nti na Paulo kaa ebinom ho asɛm sɛ: “Wɔn nyame ne wɔn yafunu”?

11 Wɔ ɔsomafo Paulo krataa a ɔkyerɛw Filipifo no mu no, ɔkaa biribi foforo a ebetumi abɛyɛ onyame ho asɛm. Paulo kaa ebinom a na anka wɔyɛ ne mfɛfo asomfo ho asɛm sɛ: “Nnipa bebree wɔ hɔ a na metaa bɔ wɔn din, nanso afei de mede nusu na ɛbɔ wɔn din sɛ wɔn a wɔnam sɛ Kristo asɛndua no ho atamfo, na wɔn awiei yɛ ɔsɛe, na wɔn nyame ne wɔn yafunu, . . . na wɔde wɔn adwene si asase so nneɛma so.” (Filip. 3:18, 19) Ɛbɛyɛ dɛn na obi yafunu atumi ayɛ onyame?

12 Ɛbɛyɛ sɛ ná Paulo mfɛfo no wɔ ɔpɛ a emu yɛ den sɛ wobedi ɔhonam akɔnnɔ akyi sen sɛ wɔne Paulo bɛsom Yehowa. Ɛbɛyɛ sɛ wɔn mu binom de wɔn ho hyɛɛ adidi ne asanom mu araa ma wɔbɛyɛɛ adidifo anaa asabofo. (Mmeb. 23:20, 21; fa toto Deuteronomium 21:18-21 ho.) Ebia, afoforo de wɔn bere dodow no ara gyee wɔn ani wɔ wiase no mu, na ɛno amma wɔantumi ansom Yehowa yiye. Ɛnsɛ sɛ yɛma nneɛma a afoforo bu no sɛ anigyede no twetwe yɛn ma yɛgow yɛn ho wɔ ɔkra nyinaa mu a yefi som Yehowa no mu da.—Kol. 3:23, 24.

13. (a) Dɛn ne anibere, na Paulo kyerɛkyerɛɛ mu dɛn? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na amma yɛanyɛ aniberefo?

13 Paulo san kaa ade foforo a ɛno nso yɛ atoro som ho asɛm. Ɔkyerɛwee sɛ: “Munkum mo nipadua akwaa a ɛwɔ asase so no wɔ aguamammɔ, afide, nna ho akɔnnɔ, nkate bɔne, ne anibere a ɛyɛ abosonsom ho.” (Kol. 3:5) Anibere yɛ ɔpɛ a emu yɛ den a yɛde hwehwɛ biribi a ɛnyɛ yɛn de. Na ebetumi ayɛ honam fam nneɛma. Ebetumi ayɛ nna mu ɔbrasɛe mpo. (Ex. 20:17) So ɛnyɛ nea ntease wom sɛ yɛbɛka sɛ akɔnnɔ a ɛte saa yɛ ahonisom anaa abosonsom? Yesu maa mfatoho bi de kyerɛkyerɛɛ sɛnea ɛho hia sɛ yɛbɔ mmɔden biara sɛ yebedi akɔnnɔ bɔne a ɛte saa so no mu.—Kenkan Marko 9:47; 1 Yoh. 2:16.

Momma Yɛnhwɛ Yiye wɔ Nsɛnhunu Ho

14, 15. (a) “Asɛnhunu” bɛn na ɛtoo nnipa pii hintidua wɔ Yeremia bere so? (b) Dɛn nti na na mfaso wɔ asɛm a Mose kae no so?

14 Asɛm a yɛka nso betumi ayɛ asɛnhunu. Sɛ nhwɛso no, Yehowa ka kyerɛɛ Yeremia sɛ: ‘Atoro na adiyifo no de hyɛ me din mu nkɔm; mensomaa wɔn, na menhyɛɛ wɔn na menkasa menkyerɛɛ wɔn ɛ; atoro anisoadehu ne nkɔmhyɛ ne asɛnhunu ne wɔn koma mu nnnaadaa na wɔka.’ (Yer. 14:14) Ɛwom sɛ, saa atoro adiyifo no kae sɛ wɔrekasa wɔ Yehowa din mu de, nanso na ɛyɛ wɔn ankasa adwene ne wɔn nyansa na na wɔde rekyerɛkyerɛ. Enti, na wɔn asɛm no yɛ “asɛnhunu.” Ná mfaso nni wɔn asɛm no so, na na ebetumi adi Onyankopɔn nkurɔfo awu. Wɔ afe 607 A.Y.B. mu no, nnipa pii a wotiee nsɛnhunu a ɛte saa no hyiaa ɔpatuwu wɔ Babilon asraafo nsam.

15 Nanso, Mose ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ: “Momfa mo koma nto nsɛm a meredi mo ho adanse nnɛ yi so . . . Na ɛnyɛ mo asɛnhunu, na mmom ɛne mo nkwa, na asɛm yi so na monam bɛma mo nna aware asase a moretwa Yordan akodi so no so.” (Deut. 32:46, 47) Yiw, Onyankopɔn na ɔmaa Mose kaa saa asɛm no. Enti, na mfaso wɔ so ampa, na na ɛbɛma ɔman no adi yiye. Wɔn a wotiee Mose asɛm no dii yiye, na wɔn nkwa nna waree wɔ asase no so. Momma yenkyi nsɛnhunu bere nyinaa, na yɛmmata Onyankopɔn nsɛm a ɛyɛ nokware na mfaso wɔ so no ho.

16. Yebu nsɛm a nyansahufo keka a ɛne Onyankopɔn Asɛm nhyia no dɛn?

16 So yɛte sɛ nkurɔfo reka nsɛnhunu nnɛ? Yiw, yɛte. Sɛ nhwɛso no, nyansahufo bi ka sɛ adannandi nkyerɛkyerɛ ne nneɛma foforo a nyansahufo ahu no kyerɛ sɛ, ɛho nhia bio sɛ nnipa gye di sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ, na yebetumi agyina nneɛma a ɛkɔ so wɔ asetram so akyerɛkyerɛ biribiara mu. So ɛsɛ sɛ yɛma nsɛm a ɛte saa a wɔde ahomaso keka no haw yɛn? Dabida! Efisɛ, ɛsono nnipa nyansa, ɛnna ɛsono Onyankopɔn nyansa. (1 Kor. 2:6, 7) Nanso, sɛ ɛba sɛ nnipa nkyerɛkyerɛ ne Onyankopɔn de nhyia a, yenim sɛ nnipa nkyerɛkyerɛ na ɛyɛ atoro bere nyinaa. (Kenkan Romafo 3:4.) Ɛwom sɛ nyansahufo anya nkɔanim wɔ nneɛma bi mu de, nanso nea Bible ka fa nnipa nyansa ho no yɛ nokware sɛ: “Wiase nyansa yɛ nkwaseasɛm ma Onyankopɔn.” Sɛ yɛde nnipa nyansa toto Onyankopɔn nyansa a enni ano no ho a, yehu sɛ mfaso nni nnipa nyansa so koraa.—1 Kor. 3:18-20.

17. Ɛsɛ sɛ yebu nsɛm a Kristoman mu akannifo ne awaefo keka no dɛn?

17 Nnipa a wɔn nso keka nsɛnhunu ne nyamesom akannifo a wɔwɔ Kristoman mu no. Wɔka sɛ wɔkasa wɔ Onyankopɔn din mu, nanso nsɛm a wɔka no mu dodow na ara nnyina Kyerɛwnsɛm no so, na mfaso nni so. Awaefo nso keka nsɛnhunu, na wɔka sɛ wonim nyansa koraa sen “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” a Onyankopɔn apaw no no. (Mat. 24:45-47) Nanso, awaefo ka wɔn ankasa tirim asɛm, na wɔn nsɛm no yɛ nsɛnhunu, na ɛbɛto obiara a otie wɔn no hintidua. (Luka 17:1, 2) Dɛn na yebetumi ayɛ na wɔannaadaa yɛn?

Sɛnea Yebekyi Nsɛnhunu

18. Akwan bɛn na yebetumi afa so de afotu a ɛwɔ 1 Yohane 4:1 no ayɛ adwuma?

18 Ɔsomafo Yohane a na wabɔ akwakoraa no de nsɛnhunu a yebekyi ho afotu pa maa yɛn. (Kenkan 1 Yohane 4:1.) Esiane sɛ yɛde Yohane afotu no yɛ adwuma nti, bere nyinaa yɛka kyerɛ nkurɔfo a yɛkɔ wɔn nkyɛn wɔ asɛnka mu no sɛ, wɔmfa nsɛm a wɔde akyerɛkyerɛ wɔn no ntoto nea Bible ka no ho nhwɛ. Ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛyɛ saa ara. Sɛ yɛte asɛm bi a etia nokware no, anaasɛ wɔka asafo no, mpanyimfo no, anaa yɛn nuanom mu biara ho asɛmmɔne a, yennnye nntom bere a yɛnhwehwɛɛ mu. Mmom no, yebisa yɛn ho sɛ: “So onipa a ɔrekeka saa nsɛm no reyɛ ade a Bible pene so? So nsɛm a ɔrekeka anaa ntwatoso no bɛboa ma Yehowa apɛdeyɛ akɔ so? So ɛde asomdwoe bɛba asafo no mu?” Asɛm biara a yɛbɛte a ɛbɛsɛe yɛn nuayɛ no mmom sen sɛ ɛbɛma anya nkɔso no yɛ asɛnhunu.—2 Kor. 13:10, 11.

19. Dɛn na mpanyimfo bɛyɛ na nsɛm a wɔka no anyɛ nsɛnhunu?

19 Asafo mu mpanyimfo nso betumi asua biribi titiriw afi asɛm a yɛresusuw ho yi mu, na wɔanka nsɛnhunu. Sɛ mpanyimfo retu obi fo a, ɛsɛ sɛ wɔn ankasa kae sɛ wɔtɔ sin na wɔamfa wɔn afotu no annyina osuahu a wɔanya wɔ asetram no so. Ɛsɛ sɛ wɔde wɔn afotu gyina nea Bible ka so bere nyinaa. Ɔsomafo Paulo de akwankyerɛ a ɛfata yi mae sɛ: “Monnyɛ ade nntra nea wɔakyerɛw [no so].” (1 Kor. 4:6) Ɛnsɛ sɛ mpanyimfo yɛ ade tra nea wɔakyerɛw wɔ Bible mu no so. Na sɛ yɛbɛtrɛw mu a, ɛsɛ sɛ wɔde afotu a egyina Bible so a ɛwɔ nhoma ahorow a akoa nokwafo ne ɔbadwemma no ayɛ mu nkutoo na etu afoforo fo.

20. Akwan bɛn so na wɔboa yɛn ma yekyi nneɛma hunu?

20 Nneɛma hunu, sɛ́ ɛyɛ “anyame,” asɛnhunu, anaa biribi foforo biara no, ebetumi adi yɛn awu. Eyi nti, ɛsɛ sɛ yɛbɔ Yehowa mpae bere nyinaa sɛ ɔmmoa yɛn mma yenhu biribiara a ɛyɛ nneɛma hunu, na ɔnkyerɛ yɛn ɔkwan a yɛbɛfa so akyi saa nneɛma no. Sɛ yɛyɛ saa a, na yɛreka asɛm a odwontofo no kae no bi sɛ: “Ma m’ani ntwa adehunu hwɛ ho, ma minnya wo kwan mu nkwa.” (Dw. 119:37) Wɔ adesua a edi hɔ mu no, yebesusuw mfaso a ɛwɔ Yehowa akwankyerɛ a yebegye atom no so ho akɔ akyiri.

Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?

• Sɛ yɛbɛka paa a, dɛn ne nneɛma hunu a ɛsɛ sɛ yekyi no?

• Dɛn na yɛbɛyɛ na yɛamma sika ammɛyɛ te sɛ onyame?

• Ɔkwan bɛn so na ɔhonam akɔnnɔ betumi abɛyɛ abosonsom?

• Yɛbɛyɛ dɛn atumi akyi nsɛnhunu?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 3]

Wɔhyɛɛ Israelfo no nkuran sɛ ‘wɔnnɔw wɔn asase,’ na ɛnsɛ sɛ wodi nneɛma hunu akyi

[Mfonini wɔ kratafa 5]

Ɛnsɛ sɛ honam fam nneɛma ho anigye ma wogow wo ho wɔ Yehowa som mu da

[Mfonini wɔ kratafa 6]

Nsɛm a mpanyimfo ka betumi ayɛ nea mfaso wɔ so kɛse