Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wokae?

So Wokae?

So Wokae?

So w’ani agye Ɔwɛn-Aban a aba nnansa yi akenkan ho? Ɛnde, hwɛ sɛ wubetumi abua nsɛmmisa a edidi so yi anaa:

• Bere bɛn na nsoromma mu ahwɛfo no kɔsraa Yesu?

Bible nkyerɛase bi ka sɛ: “Anyansafo no ankɔsra Yesu bere a na ɔda mmoa adididaka mu anadwo a wɔwoo no sɛnea nguanhwɛfo no yɛe no. Asram bi akyi na wɔkɔsraa no.” Saa bere no, na Yesu yɛ “abofra kumaa” a ɔwɔ fie. (Mat. 2:7-11) Sɛ na wɔama Yesu sika ne akyɛde afoforo a ɛsom bo anadwo a wɔwoo no no a, so anka Maria de nnomaa abien pɛ na ɛbɛkɔ akɔbɔ afɔre wɔ asɔrefie hɔ wɔ nnafua 40 akyi no?—1/1, kratafa 31.

• Dɛn na nnipa pii betumi ayɛ na ama wɔn asetra ayɛ nea mfaso wɔ so?

Ebia a obi bebisa sɛ, ‘So metumi ayɛ nsakrae wɔ m’asetram na matew bere a mede hwehwɛ ahonyade no so?’ Amy yɛɛ saa. Ná ɔwɔ ahode pii, nanso na onni anigye. Ohui sɛ, ná wiase yi mu adwuma a ɔde ne ho ahyɛ mu fee no ama ɔreyɛ ayera afi gyidi no ho. Enti, ɔde Ahenni nneɛma dii kan wɔ n’asetram, na otumi yɛɛ akwampae adwuma no kosii bere bi. Amy ka sɛ, “Seesei, manya abotɔyam a mannya bi da” wɔ bere a mede yɛɛ adwuma wɔ wiase no mu no.—1/15, kratafa 19.

• Dɛn na ebetumi aboa mmaatan binom ma wɔanya akomatɔyam? Mmaatan pii fi fie kɔyɛ adwuma pɛ sika. Ebinom yɛ saa sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya sika ahwɛ wɔn mmusua, afoforo nso yɛ saa sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn ankasa benya sika anaasɛ wobenya sika atotɔ afɛfɛde. Afoforo nso wɔ hɔ a, esiane sɛ wɔn ani gye wɔn adwuma ho nti na wɔyɛ saa. Kristofo a wɔyɛ ɛnanom yɛ nnwuma bi a ɛho hia—titiriw bere a mmofra no susua no. Ɛnanom bi atew bere a wɔde yɛ adwuma no so anaa wɔagyae koraa, sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya bere pii ama wɔn mmusua, na ɛno ma ɛnanom no nya akomatɔyam kɛse.—2/1, kratafa 28-31.

• “Awo ntoatoaso” bɛn na Yesu kaa ho asɛm wɔ Mateo 24:34 no?

Sɛ na Yesu rekasa akyerɛ nnipa abɔnefo anaa ɔreka wɔn ho asɛm na ɔde asɛm “awo ntoatoaso” yɛ adwuma a, na ɔntaa mfa nka wɔn ho asɛmpa. Nanso, bere a ɔne n’asuafo a na ɛrenkyɛ na wɔde honhom kronkron asra wɔn no rekasa no de, wanyɛ saa. Ɛyɛ n’asuafo no na wobetumi akyerɛ nea asɛm a ɛwɔ Mateo 24:32, 33 no kyerɛ ankasa. Enti, yebetumi aka sɛ na Yesu reka n’akyidifo a wɔasra wɔn a na wɔwɔ afeha a edi kan no mu ne wɔn a wɔwɔ hɔ nnɛ no ho asɛm.—2/15, kratafa 23-4.

• Ɔkwan bɛn so na na Mose Mmara no yɛ kwankyerɛfo sɛnea wɔaka ho asɛm wɔ Galatifo 3:24 no?

Wɔ tete no, na ɔkwankyerɛfo taa yɛ akoa a wɔwɔ ne mu ahotoso a ɔhwɛ abofra bɔ no ho ban, na ɔsan hwɛ sɛ abofra no bedi nea ne papa pɛ sɛ ɔyɛ so. Saa ara na Mose Mmara no bɔɔ Yudafo no ho ban fii nneɛma a ebetumi asɛe wɔn te sɛ ayeware a na wɔne abosonsomfo bedi ho. Sɛnea na ɔkwankyerɛfo hwɛ abofra bi bɔ ne ho ban bere tiaa bi no, saa ara na Mose Mmara no nso yɛɛ adwuma bere tiaa bi kosii sɛ Kristo bae.—3/1, kratafa 18-21.

• Nea ɛne asɛm a ɛwɔ Yakobo 3:17 hyia no, su ahorow bɛn na ɛsɛ sɛ yɛda no adi?

Sɛ yɛn ho bɛtew a, ɛsɛ sɛ yɛtwe yɛn ho fi nneɛma a ɛyɛ bɔne ho ntɛm ara. (Gen. 39:7-9) Ɛsɛ sɛ yɛyɛ nnipa a wɔpɛ asomdwoe, na yɛtwe yɛn ho fi anuɔdensɛm ne nneɛma a ebetumi asɛe asomdwoe a yɛwɔ no ho. Enti, ɛsɛ sɛ yɛn mu biara bisa ne no ho sɛ: ‘So meyɛ obi a ɔpɛ asomdwoe, anaa ɔsɛe asomdwoe? So akasakasa taa sɔre wɔ me ne afoforo ntam? So me bo fuw ntɛmntɛm, anaasɛ metaa hyɛ afoforo abufuw? Anaasɛ mede bɔne firi, na meyɛ obi a meka no katee sɛ nea mepɛ na ɛsɛ sɛ afoforo yɛ?’—3/15, kratafa 24-5.

• Dɛn nti na Yesu buee ɔbarima bi a na n’ani afura no aniwa nkakrankakra? (Mar. 8:22-26)

Bible no mma ho mmuae tee. Nanso, ɛbɛyɛ sɛ saa bere yi de, ɔbarima no aniwa a Yesu buee no nkakrankakra no ma otumi hwɛɛ hann a n’ani so anwowɔ no. Eyi ma yehu ɔdɔ a ɛbɛyɛ sɛ na Yesu wɔ ma ɔbarima a na n’ani afura no.—4/1, kratafa 30.