Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yɛne Wɔn Nte Faako Nanso Yɛn Werɛ Mfii Wɔn

Yɛne Wɔn Nte Faako Nanso Yɛn Werɛ Mfii Wɔn

Yɛne Wɔn Nte Faako Nanso Yɛn Werɛ Mfii Wɔn

ƆSOMAFO Paulo tuu ne mfɛfo Kristofo fo sɛ: “Momma yɛnyɛ nnipa nyinaa yiye, ne titiriw no wɔn a wɔne yɛn bɔ abusua wɔ gyidi mu no.” (Gal. 6:10) Yɛda so ara di akwankyerɛ a Onyankopɔn honhom ma ɔkyerɛwee no akyi nnɛ, na yɛhwehwɛ akwan a yɛbɛfa so ayɛ yɛn mfɛfo gyidifo yiye. Kristofo asafo no mufo a wohia mmoa a ɛfata sɛ yefi ɔdɔ mu boa wɔn no mu bi ne yɛn nuanom mmarima ne mmea a yɛdɔ wɔn a wɔte nkwakoraa ne mmerewa fie no.

Wɔ aman bi so no, wɔn amammerɛ ne sɛ abusuafo bɛhwɛ wɔn awofo a wɔn mfe akɔ anim no wɔ fie. Nanso, wɔ aman foforo so de, wɔtaa de wɔn a wɔn mfe akɔ anim no kɔ nkwakoraa ne mmerewa fie ma wɔhwɛ wɔn wɔ hɔ. Dɛn na yɛbɛyɛ wɔ Kristofo a wɔn mfe akɔ anim a wɔte afie a ɛte saa mu no ho? Ɔhaw bɛn na wohyia? Sɛ wonni abusuafo a wɔhwɛ wɔn a, wɔbɛyɛ dɛn atumi atra hɔ? Dɛn na Kristofo asafo no betumi ayɛ de aboa wɔn? Na sɛ yɛkɔsra wɔn daa a, mfaso bɛn na yebenya?

Ɔhaw a Wohyia wɔ Nkwakoraa ne Mmerewa Fie

Sɛ wɔde Kristofo a wɔn mfe akɔ anim kɔtra ofie a ɛte saa mu a, wohu sɛ wɔakɔtra asafo bi a wonnim emufo no asasesin mu. Ne saa nti, ebia Adansefo a wɔwɔ hɔ no rentaa nkɔsra wɔn. Bio nso, ɛda adi sɛ, nnipa a wɔbɛkɔ akɔto wɔn wɔ ofie hɔ no yɛ ɔsom ahorow mufo. Na ɛno betumi ahaw yɛn mfɛfo Adansefo a wɔn mfe akɔ anim no.

Sɛ nhwɛso no, wɔ mmeae bi no, wɔn a wɔhwɛ ofie no so yɛ nhyehyɛe ma ɔsom ahorow bɛyɛ asɔre wɔ hɔ. Owura bi a ɔyɛ adwuma wɔ ofie a ɛte saa no bi mu kae sɛ: “Wɔde Adansefo a wɔn mfe akɔ anim a wontumi nkasa yiye no bi atra mmubuafo nkongua mu de wɔn akɔ asɔre no bi a wɔammisa wɔn adwene wɔ ho.” Bio nso, wɔn a wɔyɛ adwuma wɔ afie a ɛte saa mu no taa de awodadi, Buronya, ne Easter gyigye nkwakoraa ne mmerewa no ani. Wɔasan ama Adansefo binom a wɔwɔ afie a ɛte saa mu no adi nnuan bi a wɔn ahonim mma wɔn kwan sɛ wodi. (Aso. 15:29) Sɛ yɛsra yɛn nuanom mmarima ne mmea a wɔn mfe akɔ anim no daa a, yebetumi aboa wɔn ma wɔadi nsɛnnennen a ɛte saa no ho dwuma.

Mmoa a Asafo no De Ma

Ná tete Kristofo no di asɛyɛde a wɔwɔ wɔ nkwakoraa ne mmerewa a wonni abusuafo a wɔhwɛ wɔn ho no ho dwuma. (1 Tim. 5:9) Saa ara na ahwɛfo a wɔwɔ hɔ nnɛ no hwɛ sɛ wɔremmu wɔn ani ngu wɔn a wɔn mfe akɔ anim a wɔte nkwakoraa ne mmerewa fie no so. * Asafo mu panyin bi a wɔfrɛ no Robert kae sɛ: “Ɛyɛ papa sɛ Kristofo a wɔyɛ ahwɛfo ankasa bɛkɔ akɔsra wɔn a wɔn mfe akɔ anim no, na wohu sɛnea wɔn asetram te, na wɔne wɔn bɔ mpae. Asafo no betumi ayɛ pii de aboa wɔn a wɔn mfe akɔ anim no.” Sɛ yegye bere kɔsra wɔn a wɔn mfe akɔ anim no a, yɛda no adi sɛ yenim sɛnea Yehowa ani sɔ sɛ yɛbɛhwɛ wɔn a wɔwɔ ahohia mu no.—Yak. 1:27.

Sɛ asafo mu mpanyimfo no hu sɛ ɛho hia a, wofi wɔn pɛ mu yɛ nhyehyɛe boa wɔn nuanom mmarima ne mmea a wɔte nkwakoraa ne mmerewa fie a ɛwɔ baabi a wɔwɔ no. Robert kaa ade biako a ɛho betumi ahia wɔn no ho asɛm sɛ, “Sɛ yɛn nuanom mmarima ne mmea a wɔn mfe akɔ anim no betumi akɔ Kristofo nhyiam ahorow no bi a, ɛsɛ sɛ yɛhyɛ wɔn nkuran ma wɔyɛ saa.” Nanso, mpanyimfo no betumi ayɛ nhyehyɛe foforo ama wɔn a wɔrentumi nkɔ Ahenni Asa so no. Onuawa bi a wɔfrɛ no Jacqueline a wadi boro mfe 80 a ɔyare ɔkwaha no tie asafo nhyiam ahorow no wɔ telefon so. Ɔkae sɛ: “Nhyiam no a mitie wɔ telefon so bere a dwumadi no rekɔ so no boa me yiye. Na biribiara nni wiase yi mu a mede bɛsesa dwumadi no a mitie no da!”

Sɛ Kristoni bi a ne mfe akɔ anim ntumi ntie nhyiam ahorow no wɔ telefon so a, mpanyimfo no betumi ayɛ nhyehyɛe na wɔakyere dwumadi no agu afiri so ama no. Onua a ɔde dwumadi a wɔakyere agu afiri so no rekɔma onua anaa onuawa a ɔwɔ nkwakoraa ne mmerewa fie no betumi ne onua no abɔ nkɔmmɔ a ɛhyɛ nkuran. Asafo mu panyin bi kae sɛ: “Sɛ yɛne yɛn nuanom mmarima ne mmea a wɔn mfe akɔ anim bɔ asafo no mufo ho nkɔmmɔ a, ɛma wɔte nka sɛ wɔda so ara ka asafo no ho.”

Monkɔ so ne Wɔn Mmɔ Nkɔmmɔ

Sɛnea ɛtaa ba no, sɛ wɔde wɔn a wɔn mfe akɔ anim no pii kɔ nkwakoraa ne mmerewa fie a, egyaw wɔn adwennwen, na ɛma wɔn ani so tan wɔn. Sɛ ɛba saa a, ɛma ebinom yɛ dinn, na wɔmpɛ sɛ wɔbɛkasa obiara ho. Nanso, sɛ wɔde yɛn nuanom mmarima ne mmea a wɔn mfe akɔ anim no kɔ nkwakoraa ne mmerewa fie na yɛkɔsra wɔn ntɛm ara, na yɛma wohu sɛ yɛtaa wɔn akyi a, yɛbɛboa wɔn ma wɔasan anya akomatɔyam ne anigye kakra.—Mmeb. 17:22.

Sɛ yɛn nuanom nkwakoraa ne mmerewa no yare awerɛfiri, anaa wɔn asom ayɛ den, anaa wɔwɔ ɔhaw afoforo bi a ɛmma wontumi ne wɔn mmɔ nkɔmmɔ a, ebinom betumi anya adwene sɛ mfaso nni so sɛ wɔbɛkɔ akɔsra wɔn. Nanso, sɛ ɛyɛ den sɛ yɛne wɔn bɛbɔ nkɔmmɔ mpo, na yɛbɔ mmɔden kɔsra wɔn bere nyinaa a, yɛda no adi sɛ yɛda so ara ‘di kan de nidi ma’ yɛn mfɛfo gyidifo. (Rom. 12:10) Sɛ onua bi a ne mfe akɔ anim yare awerɛfi a, yebetumi ahyɛ no nkuran ma waka nneɛma bi a ɔyɛe wɔ bere bi a atwam—ne mmofraase de mpo—ho asɛm akyerɛ yɛn, anaasɛ yɛbɛma waka nea ɛyɛe a obehuu Bible mu nokware no. Sɛ ɛba sɛ onhu nsɛmfua a ɔmfa nni dwuma a, dɛn na yebetumi ayɛ? Ɛsɛ sɛ yɛtɔ yɛn bo ase tie no, na sɛ ɛbɛyɛ yiye a, yɛka nsɛmfua abien anaa abiɛsa a yehu sɛ ɔpɛ sɛ ɔde ka n’asɛm no, anaasɛ yɛbɔ n’asɛm no mua ma no, na yɛhyɛ no nkuran ma ɔtoa so. Sɛ n’adwene atu afra, anaasɛ ne kasa mu nna hɔ, na ɛyɛ den sɛ yɛbɛte nea ɔka no ase a, yɛbɛbɔ mmɔden sɛ yebetie no yiye na yɛate nea ɔrepɛ akyerɛ no ase.

Sɛ ontumi nkasa koraa a, yebetumi afa ɔkwan foforo so ne no abɔ nkɔmmɔ. Laurence yɛ onuawa ɔkwampaefo bi a ɔsra Kristoni bea bi a wadi mfe 80 a wɔfrɛ no Madeleine a ontumi nkasa no daa. Laurence kyerɛkyerɛ ɔkwan a ɔfa so ne Madeleine bɔ nkɔmmɔ no mu sɛ: “Sɛ me ne Madeleine rebɔ mpae a, miso ne nsam. Ɔno nso mia me nsa kakra bɔ n’ani kyerɛ me de kyerɛ sɛ n’ani sɔ ɔdɔ a meda no adi kyerɛ no no.” Sɛ yeso yɛn nnamfo a wɔn mfe akɔ anim no nsam, anaasɛ yefi komam yɛ wɔn atuu a, ebetumi ama wɔanya awerɛhyem sɛ yɛdɔ wɔn yiye.

Wo Nsrahwɛ Ho Hia

Sɛ wosra obi a ne mfe akɔ anim daa a, ebetumi ama nkurɔfo a wɔhwɛ no no ahwɛ no yiye. Onua bi a wɔfrɛ no Danièle a wasra ne mfɛfo Adansefo a wɔte nkwakoraa ne mmerewa fie bɛyɛ mfe 20 ni no ka sɛ, “Sɛ adwumayɛfo a wɔhwɛ nkwakoraa ne mmerewa no hu sɛ wɔtaa bɛsra akwakoraa anaa aberewa bi a, ɛma wɔhwɛ no yiye.” Robert a yɛfaa n’asɛm kae wɔ atifi hɔ no ka sɛ: “Ɛda adi sɛ, adwumayɛfo a wɔhwɛ nkwakoraa ne mmerewa no betie obi a ɔtaa bɛsra wɔn a wɔwɔ hɔ no asɛm. Wɔrenna obu a ɛte saa ara adi nkyerɛ obi a ɔntaa mmɛsra wɔn no.” Esiane sɛ mpɛn pii na abusuafo nkyerɛ adwuma a wɔn a wɔhwɛ nkwakoraa ne mmerewa no yɛ no ho anisɔ nti, sɛ ahɔho a wɔba hɔ no da adwumayɛfo no ase a, wɔn ani sɔ paa. Bio nso, sɛ yɛne adwumayɛfo a wɔhwɛ nkwakoraa ne mmerewa no nya abusuabɔ pa a, wɔbɛda obu kɛse adi akyerɛ Ɔdansefo a ne mfe akɔ anim a wɔrehwɛ no no, na wɔate no ase wɔ ne gyidi ahorow ho.

Yebetumi nso ne adwumayɛfo no afa nnamfo na yɛayɛ nnwuma nketenkete bi de aboa wɔn. Wɔ mmeae bi no, esiane sɛ wonnya adwumayɛfo a wɔfata bere nyinaa nti, wontumi nhwɛ nkwakoraa ne mmerewa no yiye. Rébecca a ɔyɛ adwuma wɔ ofie ɛte saa mu kae sɛ: “Sɛ wɔredidi a na wɔn ho adwuma yɛ den paa. Enti saa mmere yi na ɛyɛ papa sɛ obi bɛsra n’adamfo na ɔboa no ma odidi.” Ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn den sɛ yebebisa adwumayɛfo no ma wɔakyerɛ yɛn nneɛma bi a yebetumi ayɛ de aboa.

Sɛ yɛkɔ nkwakoraa ne mmerewa fie koro mu nsrahwɛ daa a, yebetumi ahu nneɛma bi a wohia, na yebetumi abisa kwan afi adwumayɛfo a wɔwɔ hɔ no hɔ na yɛayɛ biribi de aboa wɔn. Sɛ nhwɛso no, yebetumi de wɔn adɔfo mfonini anaa mfonini a mmofra ayɛ akosisi wɔn dan mu ma ɛhɔ ayɛ fɛ. Esiane sɛ yɛpɛ sɛ nkwakoraa ne mmerewa no ani gye nti, yebetumi de atade a wɔhyɛ de kõ awɔ, nku anaa samina, ne nea ɛkeka ho akɔma wɔn. Sɛ turo wɔ ofie hɔ a, so yebetumi ne wɔn akotu mpase wɔ turo no mu agye mframa? Laurence a yɛafa n’asɛm aka dedaw no ka sɛ: “Madeleine hwɛ kwan sɛ mɛkɔ akɔsra no dapɛn biara. Sɛ me ne mmofra kɔsra no a, ɔserew ntɛm ara, na n’ani gye!” Sɛ yɛkɔsra wɔn a wɔwɔ nkwakoraa ne mmerewa fie no, na yɛyɛ nneɛma bi a ɛte saa ma wɔn a, ebetumi ama wɔn ani agye yiye.—Mmeb. 3:27.

Obiara Nya Nsrahwɛ Yi so Mfaso

Sɛ yɛkɔsra obi a ne mfe akɔ anim daa a, ɛbɛma yɛahu sɛ ‘yɛn dɔ di mũ.’ (2 Kor. 8:8) Ɔkwan bɛn so? Ɛbɛyɛ yɛn awerɛhow sɛ yebehu sɛ yɛn adamfo bi regogow nkakrankakra. Laurence ka sɛ: “Mfiase no, sɛnea na Madeleine ayɛ mmerɛw no maa me werɛ howee yiye araa ma bere biara a mɛkɔ akɔsra no akyi no, na misu. Nanso, mihui sɛ sɛ yefi yɛn komam bɔ mpae a, ebetumi aboa yɛn ma yɛadi yɛn awerɛhow so, na ama yɛatumi ahyɛ wɔn nkuran pii.” Mfe pii ni na Robert akɔsra Kristoni bi a ne din de Larry a yare a ɛka obi adwene ma ne werɛ fi biribiara ayɛ no no. Robert ka sɛ: “Yare no ama Larry kasa ayɛ basaa ma sɛ ɔkasa a mente biako mpo. Nanso, sɛ yɛrebɔ mpae a, mitumi hu sɛ ɔwɔ gyidi.”

Sɛ yɛkɔsra mfɛfo gyidifo a wɔn mfe akɔ anim a, ɛnyɛ wɔn nko na yɛboa wɔn, na yɛn nso yenya so mfaso. Wɔn bo a wɔasi sɛ wɔbɛkɔ so asom Yehowa bere a wɔne nkurɔfo a ɛsono wɔn gyidi te no ma yehu sɛ, ɛsɛ sɛ yenya gyidi ne akokoduru. Anigye a wɔde gye honhom fam aduan ɛmfa ho sɛ wɔn asom yɛ den na wonhu ade yiye no si so dua sɛ, “ɛnyɛ paanoo nkutoo so na onipa nam bɛtra ase, na mmom asɛm biara a efi Yehowa anom” so. (Mat. 4:4) Sɛnea nkwakoraa ne mmerewa ani gye nneɛma nketenkete te sɛ abofra serew anaa aduan a yɛne wɔn bom di ho no kae yɛn sɛ, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani sɔ nea yɛwɔ. Wɔn ani a egye abusuabɔ pa a wɔne Onyankopɔn wɔ ho no betumi aboa yɛn ma yɛde nneɛma a ɛho hia paa adi kan wɔ yɛn asetra mu.

Nokwarem no, asafo mũ no nyinaa nya mmoa a yɛde ma nkwakoraa ne mmerewa no so mfaso. Ɔkwan bɛn so? Esiane sɛ wɔn a wɔayɛ mmerɛw wɔ nipaduam no hia onuadɔ kɛse nti, wɔma asafo no nya hokwan de da tema kɛse adi. Enti, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa bu mmoa a yɛde ma nnipa a wɔn mfe akɔ anim no sɛ ɛka som a yɛsom yɛn ho yɛn ho no ho. Sɛ ehia sɛ yɛyɛ saa bere tenten mpo a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ. (1 Pet. 4:10, 11) Sɛ mpanyimfo di eyi anim a, wɔbɛboa asafo no mufo a wɔaka no ma wɔahu sɛ ɛnsɛ sɛ wobu wɔn ani gu Kristofo som adwuma no fã yi so da. (Hes. 34:15, 16) Sɛ yefi yɛn pɛ ne ɔdɔ mu boa yɛn mfɛfo Kristofo a wɔn mfe akɔ anim no a, yɛma wonya awerɛhyem sɛ yɛn werɛ mfii wɔn!

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 8 Sɛ asafo mu ɔkyerɛwfo bi hu sɛ wɔde onua anaa onuawa bi a ɔwɔ n’asafo mu akɔtra nkwakoraa ne mmerewa fie wɔ borɔn foforo so a, ɛbɛyɛ nea ayamye ne ɔdɔ wom sɛ ɔbɛma mpanyimfo a wɔwɔ asafo a ɛwɔ saa borɔn no no so no ate no ntɛm ara.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 28]

“Sɛ adwumayɛfo a wɔhwɛ nkwakoraa ne mmerewa no hu sɛ wɔtaa bɛsra akwakoraa anaa aberewa bi a, ɛma wɔhwɛ no yiye”

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Mpae a yefi koma mu bɔ betumi aboa Ɔdansefo bi a ne mfe akɔ anim ma wasan anya akomatɔyam

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Nsɛm a ɛka koma a yɛbɛka akyerɛ yɛn mfɛfo gyidifo a wɔn mfe akɔ anim no betumi ahyɛ wɔn den