Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yohane Nhoma no Mu Nsɛntitiriw

Yohane Nhoma no Mu Nsɛntitiriw

Yehowa Asɛm Wɔ Nkwa

Yohane Nhoma no Mu Nsɛntitiriw

YOHANE—“osuani a na Yesu dɔ no no”—ne onipa a otwa to a Onyankopɔn honhom ma ɔkyerɛw Kristo asase so asetra ne ne som ho asɛm. (Yoh. 21:20) Wɔkyerɛw Yohane Asɛmpa no wɔ bɛyɛ afe 98 Y.B. mu, na emu nsɛm dodow no ara na enni Nsɛmpa abiɛsa a aka no mu.

Botae pɔtee bi na ɔsomafo Yohane de kyerɛw n’Asɛmpa no. Ɔkaa nneɛma a ɔkyerɛwee no ho asɛm sɛ: “Wɔakyerɛw eyinom ato hɔ na moagye adi sɛ Yesu ne Kristo, Onyankopɔn Ba no, na esiane sɛ mugye di nti moanya nkwa denam ne din so.” (Yoh. 20:31) Nokwarem no, yebetumi anya emu nsɛm no so mfaso kɛse.—Heb. 4:12.

‘HWƐ, ONYANKOPƆN GUAMMAA NO’

(Yohane 1:1–11:54)

Bere a Yohane Osuboni no huu Yesu no, ɔde ahotoso kae sɛ: “Hwɛ, Onyankopɔn Guammaa a oyi wiase bɔne fi hɔ no ni!” (Yoh. 1:29) Bere a Yesu tutuu akwan faa Samaria, Galilea, Yudea, ne Yordan apuei fam no, ɔkaa asɛmpa no, ɔkyerɛkyerɛe, na ɔyɛɛ anwonwade wɔ hɔ maa ‘nnipa pii gyee no dii.’—Yoh. 10:41, 42.

Anwonwade akɛse a Yesu yɛe no mu biako ne Lasaro a onyan no fii awufo mu no. Bere a nnipa pii hui sɛ Yesu anyan ɔbarima bi a wawu nnanan afi awufo mu no, wogyee Yesu dii. Nanso, asɔfo mpanyin ne Farisifo no bɔɔ pɔw sɛ wobekum Yesu. Enti, Yesu fii hɔ, na ɔkɔɔ “asase a ɛbɛn sare so, kurow bi a wɔfrɛ no Efraim mu.”—Yoh. 11:53, 54.

Kyerɛwnsɛm mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

1:35, 40—Osuani bɛn na na ɔne Andrea ne Yohane Osuboni no gyina hɔ no? Ɔkyerɛwfo no frɛ Yohane Osuboni no bere nyinaa sɛ “Yohane,” na ɔmmɔ n’ankasa din wɔ Asɛmpa a ɔkyerɛwee no mu. Enti, ɛda adi sɛ, osuani a wɔammɔ ne din no ne Yohane a ɔkyerɛw Asɛmpa no.

2:20—Asɔrefie bɛn na “wɔde mfe aduanan asia” sii no? Ná Yudafo no reka Serubabel asɔrefie a Yudea hene Herode san sii no ho asɛm. Sɛnea abakɔsɛm kyerɛwfo Josephus kyerɛ no, wofii ase sii saa asɔrefie no wɔ Herode nniso afe a ɛto so 18 mu, anaa afe 18 ne afe 17 A.Y.B. ntam hɔ. Wɔde mfe awotwe na esii asɔrefie no kronkronbea ne ɔdan no afã titiriw no. Nanso, wɔkɔɔ so sisii adan a ɛbemmɛn asɔrefie no koduu afe 30 Y.B. mu Twam bere no ne ɛno akyi, bere a na Yudafo no reka sɛ wɔde mfe 46 na esii no.

5:14—So bɔne a obi yɛ na ɛma ɔyare? Ɛnyɛ bere nyinaa na ɛte saa. Sintɔ a yenya fii awo mu na ɛmaa ɔbarima a Yesu saa no yare no yaree mfe 38 no. (Yoh. 5:1-9) Nea na Yesu rekyerɛ ne sɛ, bere a wɔahu ɔbarima no mmɔbɔ asa no yare no, ɛsɛ sɛ ɔfa nkwagye kwan no so, na na ɛnsɛ sɛ ɔhyɛ da yɛ bɔne bio, sɛnea ɛbɛyɛ a biribi bɔne a ɛsen yare renyɛ no. Ná ɔbarima no betumi ayɛ bɔne a wɔremfa mfiri a ɛbɛma wawu a ɔrennya owusɔre.—Mat. 12:31, 32; Luka 12:10; Heb. 10:26, 27.

5:24, 25—Henanom ne wɔn a ‘wɔafi owu mu aba nkwa mu’ no? Ná Yesu reka wɔn a na anka wɔawuwu wɔ honhom fam, nanso bere a wɔtee Yesu asɛm no wogye dii, na wogyaee bɔne yɛ no ho asɛm. Nea ɛkyerɛ sɛ ‘wɔafi owu mu’ ne sɛ, wɔayi owu afobu afi wɔn so, na Onyankopɔn mu gyidi a wɔanya nti, wɔama wɔanya daa nkwa ho anidaso.—1 Pet. 4:3-6.

5:26; 6:53—Sɛ́ obi benya nkwa “n’ankasa mu no” kyerɛ dɛn? Wɔ Yesu Kristo fam no, na eyi kyerɛ tumi abien pɔtee a wanya afi Onyankopɔn hɔ—tumi a ɔwɔ sɛ ɔma nnipa nya gyinabea pa wɔ Yehowa anim, ne tumi a ɔwɔ sɛ ɔbɛma wɔn a wɔawuwu no asɔre afi awufo mu na wama wɔn nkwa. Wɔ Yesu akyidifo no fam no, na nea ‘nkwa a wobenya wɔ wɔn mu’ no kyerɛ ne sɛ wobenya daa nkwa. Kristofo a wɔasra wɔn no nya nkwa a ɛte saa no bere a wɔanyan wɔn kɔ ɔsoro no. Anokwafo a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtra asase so no de, gye sɛ wotwa sɔhwɛ a etwa to a ɛbɛba wɔ Kristo Mfirihyia Apem Nniso no awiei no ansa na wɔanya daa nkwa.—1 Kor. 15:52, 53; Adi. 20:5, 7-10.

6:64—So bere a Yesu repaw Yuda Iskariot no, na onim sɛ Yuda beyi no ama? Ɛda adi sɛ na onnim. Nanso, da bi, wɔ afe 32 Y.B. mu no, Yesu ka kyerɛɛ n’asomafo no sɛ: “Mo mu baako yɛ otwirifo.” Ebetumi aba sɛ, saa bere no, Yesu ‘fii ase’ huu nneyɛe bɔne bi wɔ Yuda ho.—Yoh. 6:66-71.

Asuade a Ɛwom ma Yɛn:

2:4. Ná Yesu reka akyerɛ Maria sɛ, sɛ́ Onyankopɔn Ba a wɔabɔ no asu asra no no, ɛsɛ sɛ ogye akwankyerɛ fi ne soro Agya hɔ. Ɛwom sɛ, afei na na Yesu afi ne som adwuma no ase de, nanso na onim dɔn anaa bere a ɛsɛ sɛ ɔyɛ adwuma a wɔde ama no no, a na n’afɔrebɔ wu no nso ka ho. Ná ɛnsɛ sɛ ɔma ne busuani a ɔbɛn no paa te sɛ Maria mpo twitware n’ananmu wɔ Onyankopɔn apɛde a ɔbɛyɛ no ho. Ɛsɛ sɛ yɛde adwene a ɛte saa ara som Yehowa Nyankopɔn.

3:1-9. Nneɛma abien na yesua fi Nikodemo a na ɔyɛ Yudafo sodifo bi asɛm no mu. Nea edi kan no, Nikodemo daa no adi sɛ ɔwɔ ahobrɛase ne nhumu, na na ɔpɛ sɛ ɔte Onyankopɔn asɛm ase. Na ogyee duadwumfo hiani bi ba no toom sɛ ɔkyerɛkyerɛfo a Onyankopɔn asoma no. Ɛsɛ sɛ nokware Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ brɛ wɔn ho ase. Nea ɛto so abien no, bere a Yesu wɔ asase so no, na Nikodemo mpɛ sɛ ɔbɛyɛ ne suani. Ebia na ɛyɛ onipa ho suro, dibea a na ɔwɔ wɔ Sanhedrin no mu, anaa n’ani a na egye n’ahode ho nti na amma wanyɛ saa no. Yetumi hu asuade bi a mfaso wɔ so wɔ saa asɛm yi mu. Ɛno ne sɛ: Ɛnsɛ sɛ nneɛma a yɛn ani gye ho ma ‘yegyae sɛ yɛbɛfa yɛn asɛndua na yɛadi Yesu akyi da biara da.’—Luka 9:23.

4:23, 24. Sɛ yɛn som bɛsɔ Onyankopɔn ani a, ɛsɛ sɛ ɛne nokwasɛm a ɛwɔ Bible mu no hyia, na ɛsɛ sɛ yɛma honhom kronkron no kyerɛ yɛn kwan.

6:27. “Aduan a ɛtra hɔ de kɔ daa nkwa mu” ho adwuma a yɛbɛyɛ ne sɛ yɛbɛbɔ mmɔden ahwehwɛ yɛn honhom fam ahiade. Sɛ yɛyɛ eyi a, yebenya anigye.—Mat. 5:3.

6:44. Yehowa dwen yɛn ho. Ɔnam asɛmpaka adwuma no a ɔma wɔde ba yɛn nkyɛn, ne Bible mu nokware ahorow no a ɔboa yɛn ma yɛte ase na yɛde di dwuma, ne Ne honhom kronkron no so na ɛtwe yɛn kɔ ne Ba no nkyɛn.

11:33-36. Sɛ yɛda yɛn nkate adi a, ɛnkyerɛ sɛ yɛyɛ mmerɛw.

‘DI N’AKYI DAA’

(Yohane 11:55–21:25)

Aka kakra ma wɔadi afe 33 Y.B. mu Twam no, Yesu san kɔɔ Betania. Ɔtraa afurum ba so kɔɔ Yerusalem Nisan 9. Nisan 10 no, Yesu san kɔɔ asɔrefie hɔ bio. Yesu bɔɔ mpae sɛ n’Agya nhyɛ n’ankasa din anuonyam, na ɛne bi buae sɛ: “Mahyɛ no anuonyam na mɛsan ahyɛ no anuonyam bio.”—Yoh. 12:28.

Bere a wɔredi Twam aduan no, Yesu tuu n’akyidifo no fo ne wɔn dii nkra, na ɔbɔɔ mpae maa wɔn. Bere a wɔkyeree Yesu dii n’asɛm, na wokum no akyi no, wonyanee no.

Kyerɛwnsɛm mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

14:2—Ɔkwan bɛn so na na Yesu ‘besiesie baabi’ ama n’akyidifo anokwafo no wɔ soro? Ná nea ɛka eyi ho ne Onyankopɔn anim a Yesu bɛkɔ na ɔde ne mogya no bo akɔma No de ahyɛ apam foforo no mu den. Nea na ɛka baabi a Kristo rekosiesie no ho nso ne ahenni tumi no a na wɔde bɛma no, na ɛno akyi no, wafi ase anyan n’akyidifo a wɔasra wɔn no ma wɔakɔ soro.—1 Tes. 4:14-17; Heb. 9:12, 24-28; 1 Pet. 1:19; Adi. 11:15.

14:16, 17; 16:7, 8, 13, 14—Dɛn nti na wɔde edin nsiananmu a enni ɔbarima anaa ɔbea kabea mu a ɛne “no,” (wɔ Borɔfo kasa mu “it,”) na edii dwuma wɔ Hela nkyerɛwee no mu wɔ Yohane 14:16, 17, ná wɔde edin nsiananmu a ɛwɔ ɔbarima kabea mu a ɛne “ɔno,” (wɔ Borɔfo kasa mu “him” ne “he,”) na edii dwuma wɔ Yohane 16:7, 8, 13, 14 no? Edin nsiananmu a ɛwɔ ɔbarima kabea mu no nkyerɛ sɛ ɛyɛ onipa ho asɛm na wɔreka. Ɛyɛ kasa mmara nti na wɔyɛɛ no saa. Wɔ Hela kasa a ɛno na wɔde kyerɛw Yohane Asɛmpa no mu no, wɔkyerɛw asɛmfua “ɔboafo” wɔ ɔbarima kabea mu, nanso wɔnkyerɛw “honhom” wɔ ɔbarima anaa ɔbea kabea mu.

19:11—Bere a Yesu kaa onipa a ɔde ɔno Yesu maa Pilato ho asɛm no, so na ɛyɛ Yuda Iskariot ho asɛm pɔtee na na ɔreka? Ɛte sɛ nea na Yesu reka nnipa a wɔboa ma wokum no no nyinaa bɔne ho asɛm, na ɛnyɛ Yuda anaa onipa foforo pɔtee bi. Ná saa nnipa yi mu bi ne Yuda, “asɔfo mpanyin ne Sanhedrin no nyinaa,” na na “nnipakuw” a wɔma wotutu guu wɔn asom ma wɔkae sɛ wonnyae Baraba no mpo ka ho.—Mat. 26:59-65; 27:1, 2, 20-22.

20:17—Dɛn nti na Yesu ka kyerɛɛ Maria Magdalene sɛ onnyae ne mu? Ɛda adi sɛ nea ɛmaa Maria soo Yesu mu ne sɛ na osusuw sɛ Yesu rebɛforo akɔ soro a ɔrenhu no bio. Nea ɛbɛyɛ na Yesu ama Maria anya awerɛhyem sɛ onnya mforo nkɔɔ ɔsoro no, Yesu ka kyerɛɛ Maria sɛ onnyae ne mu na ɔnkɔka nkyerɛ n’asuafo no sɛ wanyan afi awufo mu.

Asuade a Ɛwom ma Yɛn:

12:36. Sɛ yebetumi abɛyɛ “hann no mma,” anaa hann kurafo a, ɛsɛ sɛ yenya Onyankopɔn Asɛm Bible mu nokware nimdeɛ. Ɛno akyi no, ɛsɛ sɛ yɛde nimdeɛ a yɛanya no twe afoforo fi honhom fam sum mu ba Onyankopɔn hann mu.

14:6. Ɔkwan biara nni hɔ a yebetumi afa so anya Onyankopɔn anim dom gye sɛ yɛnam Yesu Kristo so. Sɛ yenya Yesu mu gyidi, na yedi ne nhwɛso akyi nkutoo a na yebetumi abɛn Yehowa.—1 Pet. 2:21.

14:15, 21, 23, 24; 15:10. Sɛ yɛyɛ Onyankopɔn apɛde a, ɛbɛboa yɛn ma yɛakɔ so atra Onyankopɔn dɔ ne ne Ba no dɔ mu.—1 Yoh. 5:3.

14:26; 16:13. Yehowa honhom no yɛ ɔkyerɛkyerɛfo ne ɔkaakaefo. Ɛma yehu nokware ahorow nso. Enti, ebetumi aboa yɛn ma yɛanyin wɔ nimdeɛ, nyansa, nhumu, nsusuwii, ne adwempa mu. Ɛno nti, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae bere nyinaa, na yebisa saa honhom no.—Luka 11:5-13.

21:15, 19. Yesu bisaa Petro sɛ ɔdɔ ɔno Yesu sen “eyinom” a ɛno ne mpataa a na egu wɔn anim no anaa? Yesu nam saa asɛm a obisae no so sii so dua sɛ, ɛsɛ sɛ Petro si gyinae di n’akyi bere nyinaa mmom sen sɛ ɔbɛkɔ so ayi mpataa no. Bere a yɛasusuw Nsɛmpa no ho awie no, ebia ahyɛ yɛn bo a yɛasi sɛ yɛbɛdɔ Yesu asen nneɛma foforo biara a ebetumi atwetwe yɛn no mu den. Nokwarem no, momma yemfi yɛn koma nyinaa mu nkɔ so nni n’akyi.

[Mfonini wɔ kratafa 31]

Dɛn na yebetumi asua afi Nikodemo asɛm no mu?