Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔkwan Bɛn So Na Ɛsɛ Sɛ Yɛne Afoforo Di?

Ɔkwan Bɛn So Na Ɛsɛ Sɛ Yɛne Afoforo Di?

Ɔkwan Bɛn So Na Ɛsɛ Sɛ Yɛne Afoforo Di?

“Sɛnea mopɛ sɛ nnipa yɛ mo no, monyɛ wɔn saa ara.”—LUKA 6:31.

1, 2. (a) Dɛn ne Bepɔw so Asɛnka no? (b) Dɛn na yebesua ho ade wɔ adesua yi ne nea edi hɔ no mu?

NÁ Yesu Kristo yɛ Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse ampa. Bere a nyamesom akannifo a wɔtan Yesu somaa mmarima bi sɛ wɔnkɔkyere no no, wɔsan de nsapan kɔe kɔkae sɛ: “Obiara nkasaa saa da.” (Yoh. 7:32, 45, 46) Kasa ahorow a etu mpɔn a Yesu mae no mu biako ne ne Bepɔw so Asɛnka no. Wɔayɛ Bepɔw so Asɛnka no ho kyerɛwtohɔ wɔ Mateo Asɛmpa ti 5 kosi ti 7, na asɛm a ɛte saa ara wɔ Luka 6:20-49. *

2 Ebia, asɛm a wonim no yiye sen biara wɔ kasa a Yesu mae yi mu ne asɛm bi a ɛfata sɛ onipa biara de bɔ ne bra no. Ɛfa sɛnea ɛsɛ sɛ yɛne afoforo di ho. Yesu kae sɛ: “Sɛnea mopɛ sɛ nnipa yɛ mo no, monyɛ wɔn saa ara.” (Luka 6:31) Wode, hwɛ sɛnea Yesu yɛɛ nneɛma pa maa nkurɔfo! Yesu saa ayarefo yare, na onyanee awufo mpo. Nanso, nnipa a wogyee asɛmpa a Yesu kae no toom no titiriw na wonyaa nhyira. (Monkenkan Luka 7:20-22.) Yɛn a yɛyɛ Yehowa Adansefo no ani gye sɛ yɛreyɛ Ahenni ho asɛmpaka adwuma a ɛte saa no bi. (Mat. 24:14; 28:19, 20) Yebesua nsɛm a Yesu ka faa saa adwuma yi ho, ne nsɛm foforo a ɔkae wɔ Bepɔw so Asɛnka no mu a ɛfa sɛnea ɛsɛ sɛ yɛne afoforo di ho ade wɔ adesua asɛm yi ne nea edi hɔ no mu.

Monyɛ Nnipa a Wodwo

3. Wobɛkyerɛkyerɛ odwo mu dɛn?

3 Yesu kae sɛ: “Anigye ne wɔn a wodwo, efisɛ wobenya asase no” adi. (Mat. 5:5) Kyerɛwnsɛm no nka da sɛ, sɛ obi dwo a, na ɔyɛ mmerɛw. Nea odwo kyerɛ ne sɛ yɛbɛyɛ yɛn ade brɛbrɛ de adi nea Onyankopɔn hwehwɛ sɛ yɛyɛ so. Yɛda saa su yi adi wɔ sɛnea yɛne yɛn mfɛfo nnipa di mu. Sɛ nhwɛso no, ‘yɛmmmfa bɔne nntua obiara bɔne so ka.’—Rom. 12:17-19.

4. Dɛn nti na wɔn a wodwo wɔ anigye?

4 Nnipa a wodwo wɔ anigye, efisɛ “wobenya asase no” adi. Yesu a na ‘odwo, na ɔbrɛ ne ho ase wɔ koma mu’ no ne obi a ‘wɔapaw no sɛ ɔdedifo wɔ nneɛma nyinaa so,’ ɛno nti, ɔno ne asase so Ɔdedifo titiriw. (Mat. 11:29; Heb. 1:2; Dw. 2:8) Wɔhyɛɛ nkɔm sɛ nnipa foforo bɛka Mesia no a ɔno ne “onipa ba” no ho ma wɔadi ade wɔ ɔsoro Ahenni no mu. (Dan. 7:13, 14, 21, 22, 27) Sɛ́ Kristo “mfɛfo adedifo” no, nnipa 144,000 a wodwo no nso ne Kristo bedi asase so ahene. (Rom. 8:16, 17; Adi. 14:1) Nnipa foforo a wodwo benya daa nkwa wɔ asase so wɔ Ahenni no ase.—Dw. 37:11.

5. Sɛ yesuasua odwo a Kristo wɔ no bi a, mfaso bɛn na yebenya?

5 Sɛ yɛyɛ nnipa a yɛkasa tia nkurɔfo denneennen a, ɛda adi sɛ afoforo ani rennye yɛn ho, na ɛbɛma wɔatwe wɔn ho afi yɛn ho. Nanso, sɛ yɛda odwo a Kristo wɔ no bi adi a, yɛma asafo no mufo ani gye, na yɛhyɛ wɔn den. Sɛ ‘yɛte ase honhom mu, na yedi honhom no akwankyerɛ akyi a,’ Onyankopɔn tumi a ɔde yɛ ade no bɛma yɛasow odwo a ɛyɛ honhom aba no fã no. (Monkenkan Galatifo 5:22-25.) Nokwarem no, yɛpɛ sɛ yɛyɛ nnipa a wodwo a Yehowa honhom kronkron kyerɛ yɛn kwan!

Hwɛ Sɛnea Mmɔborohunufo wɔ Anigye!

6. Suban pa bɛn na “mmɔborohunufo” wɔ?

6 Yesu san kae wɔ ne Bepɔw so Asɛnka no mu sɛ: “Anigye ne mmɔborohunufo, efisɛ wobehu wɔn mmɔbɔ.” (Mat. 5:7) “Mmɔborohunufo” wɔ ayamhyehye, wɔwɔ tema, na wohu nnipa a wɔn asɛm yɛ mmɔbɔ no mmɔbɔ. Esiane sɛ nkurɔfo ‘yɛɛ’ Yesu “mmɔbɔ” nti, ɔnam anwonwakwan so maa wɔn a na wɔrehu amane no ho tɔɔ wɔn. (Mat. 14:14; 20:34) Enti, ɛsɛ sɛ mmɔborohunu ne tema ka yɛn ma yehu afoforo mmɔbɔ.—Yak. 2:13.

7. Dɛn na mmɔborohunu a na Yesu wɔ no ma ɔyɛe?

7 Bere bi a na Yesu rekogye n’ahome no, ohyiaa nnipadɔm bi wɔ ɔkwan so, na “wɔyɛɛ no mmɔbɔ, efisɛ na wɔte sɛ nguan a wonni hwɛfo.” Enti, “ofii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn nneɛma pii.” (Mar. 6:34) Hwɛ anigye ara a yenya bere a yɛn nso yɛka Ahenni no ne Onyankopɔn mmɔborohunu kɛse ho asɛm kyerɛ afoforo sɛnea Yesu yɛe no!

8. Dɛn nti na mmɔborohunufo wɔ anigye?

8 Mmɔborohunufo wɔ anigye efisɛ wohu “wɔn mmɔbɔ.” Sɛ yehu nkurɔfo mmɔbɔ a, wɔn nso taa hu yɛn mmɔbɔ. (Luka 6:38) Bio nso, Yesu kae sɛ: “Sɛ mode nkurɔfo mfomso firi wɔn a, mo soro Agya nso de befiri mo.” (Mat. 6:14) Mmɔborohunufo nkutoo na wonim anigye a nnipa nya bere a wɔde bɔne firi na wonya Onyankopɔn anim dom no.

Nea Nti a “Wɔn a Wɔpɛ Asomdwoe” Wɔ Anigye

9. Sɛ yɛyɛ nnipa a wɔpɛ asomdwoe a, yɛbɛyɛ yɛn ade dɛn?

9 Bere a Yesu reka ade foforo a ɛma yɛn ani gye ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Anigye ne wɔn a wɔpɛ asomdwoe, efisɛ wɔbɛfrɛ wɔn ‘Onyankopɔn mma.’” (Mat. 5:9) Nea Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “wɔpɛ asomdwoe” kyerɛ ankasa ne “wɔhwehwɛ asomdwoe.” Sɛ yɛyɛ nkurɔfo a wɔhwehwɛ asomdwoe a, yɛrenka nsɛm a ɛsɛe afoforo din a ebetumi ‘atetew nnamfo ntam,’ anaa yɛrensosɔ nnipa a wɔyɛ saa no so. (Mmeb. 16:28) Yɛnam yɛn kasa ne yɛn nneyɛe so bɛma asomdwoe atra yɛne nnipa a wɔwɔ Kristofo asafo no mu ne wɔn a wonni mu no ntam. (Heb. 12:14) Ne titiriw no, yɛbɛyɛ nea yebetumi biara ma asomdwoe atra yɛne Yehowa Nyankopɔn ntam.—Monkenkan 1 Petro 3:10-12.

10. Dɛn nti na “wɔn a wɔpɛ asomdwoe” no wɔ anigye?

10 Yesu kae sɛ, “wɔn a wɔpɛ asomdwoe” no wɔ anigye, “efisɛ wɔbɛfrɛ wɔn ‘Onyankopɔn mma.’” (Mat. 5:9) Esiane sɛ Kristofo a wɔasra wɔn no agye Yesu adi sɛ ɔno ne Mesia no nti, wɔama “wɔn hokwan sɛ wɔmmɛyɛ Nyankopɔn mma.” (Yoh. 1:12; 1 Pet. 2:24) Na Yesu “nguan foforo” a wɔpɛ asomdwoe no nso ɛ? Yesu bɛyɛ wɔn “Daa-agya” bere a ɔne ne mfɛfo adedifo redi tumi wɔ soro wɔ Mfirihyia Apem Nniso no mu no. (Yoh. 10:14, 16; Yes. 9:6; Adi. 20:6) Wɔ Mfirihyia Apem Nniso no awiei no, saa nnipa a wɔhwehwɛ asomdwoe no bɛba abɛyɛ Onyankopɔn mma a wɔwɔ asase so ankasa.—1 Kor. 15:27, 28.

11. Sɛ yɛma “nyansa a efi soro” no kyerɛ yɛn kwan a, ɔkwan bɛn so na yɛne afoforo bedi?

11 Sɛ yɛpɛ sɛ yɛne Yehowa a ɔno ne “asomdwoe Nyankopɔn” no nya abusuabɔ a emu yɛ den a, ɛsɛ sɛ yesuasua ne su ahorow a ebi ne asomdwoe no. (Filip. 4:9) Sɛ yɛma “nyansa a efi soro” no kyerɛ yɛn kwan a, yɛne afoforo bedi no asomdwoe so. (Yak. 3:17) Yiw, yɛbɛyɛ nnipa a wɔhwehwɛ asomdwoe na wɔwɔ anigye.

“Momma Mo Kanea Nhyerɛn”

12. (a) Dɛn na Yesu ka faa nokware hann no ho? (b) Yɛbɛyɛ dɛn atumi ama yɛn kanea ahyerɛn?

12 Ɔkwan a eye sen biara a yebetumi afa so ne nkurɔfo adi ne sɛ yɛbɛboa wɔn ma wɔahu Onyankopɔn nokware hann no. (Dw. 43:3) Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo no sɛ wɔn na wɔyɛ “wiase hann,” na ɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔmma wɔn kanea nhyerɛn sɛnea ɛbɛyɛ a nkurɔfo betumi ahu wɔn “nnwuma pa,” anaa nneɛma pa a wɔyɛ ma afoforo no. Ná Yesu reka asɛmpa no a n’asuafo no bɛka wɔ “nnipa anim,” anaasɛ wɔbɛka ma nnipa anya so mfaso no ho asɛm. (Monkenkan Mateo 5:14-16.) Ɛnnɛ, ɔkwan a yɛfa so ma yɛn kanea hyerɛn ne sɛ, yɛka asɛmpa no wɔ “wiase nyinaa,” anaa “amanaman nyinaa mu” de yɛ nnipa a yɛne wɔn bɔ no papa. (Mat. 26:13; Mar. 13:10) Hwɛ hokwan kɛse ara a yɛanya!

13. Dɛn na nkurɔfo hu wɔ yɛn ho?

13 Yesu kae sɛ, “kurow a ɛda bepɔw so ntumi nhintaw.” Ɛnyɛ den koraa sɛ wobehu kurow biara a ɛda bepɔw so. Saa ara na nkurɔfo hu nnwuma pa a yɛyɛ sɛ Ahenni asɛmpakafo, ne su ahorow te sɛ anidahɔ ne abrabɔ kronn a yɛda no adi no.—Tito 2:1-14.

14. (a) Ɔkwan bɛn na na afeha a edi kan no mu kanea fa so dɛw? (b) Dɛn na nokware hann no a ɛnsɛ sɛ yɛde hyɛ “susukora” ase no kyerɛ?

14 Yesu kae sɛ, wɔsɔ kanea si kaneadua so, sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛhyerɛn ama nnipa a wɔwɔ ofie no mu nyinaa, na ɛnsɛ sɛ wɔsɔ de hyɛ susukora ase. Ná kanea a wɔtaa de di dwuma wɔ afeha a edi kan no mu no yɛ kuruwa bi a wɔde dɔte yɛ a ntamaban a ɛda mu no twe ngo (ɛtaa yɛ ngo a wonya fi ngo dua aba mu) a ɛwom no ma kanea no kɔ so dɛw. Ná wɔtaa de kanea si kaneadua a wɔde dua anaa dade ayɛ so ma ‘ɛhyerɛn ma nnipa a wɔwɔ ofie bi mu nyinaa.’ Ná nkurɔfo nsɔ kanea nhyɛ “susukora” a ɛte sɛ olonka kɛse ase. Ná Yesu mpɛ sɛ n’asuafo no de Onyankopɔn hann a wɔanya no hyɛ sɛnkyerɛnne kwan so susukora ase. Enti, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn kanea hyerɛn, na ɛnsɛ sɛ ɔsɔretia anaa ɔtaa nti yɛde Kyerɛwnsɛm mu nokware no sie anaasɛ yɛrenka nkyerɛ afoforo.

15. Ɔkwan bɛn so na “nnwuma pa” a yɛyɛ no boa nnipa binom?

15 Bere a Yesu kaa kanea a ɛhyerɛn ho asɛm wiei no na ɔka kyerɛɛ n’akyidifo no sɛ: “Saa ara na momma mo kanea nhyerɛn nnipa anim, na wɔahu mo nnwuma pa no na wɔahyɛ mo Agya a ɔwɔ soro no anuonyam.” “Nnwuma pa” a yɛyɛ no ama ebinom abɛyɛ Onyankopɔn asomfo, na ‘wɔrehyɛ no anuonyam.’ Hwɛ sɛnea ɛsɛ sɛ eyi hyɛ yɛn nkuran ma yɛkɔ so ‘hyerɛn sɛ kanea wɔ wiase no mu’!—Filip. 2:15.

16. “Wiase hann” a yɛyɛ no hwehwɛ sɛ yɛyɛ dɛn?

16 “Wiase hann” a yɛyɛ no hwehwɛ sɛ, yɛka Ahenni no ho asɛm na yɛyɛ asuafoyɛ adwuma no bi. Nanso, biribi foforo nso wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛyɛ. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ, “Monkɔ so nnantew sɛ hann mma, efisɛ hann aba no ne papayɛ ne trenee ne nokware nyinaa.” (Efe. 5:8, 9) Ɛsɛ sɛ yɛyɛ nhwɛso pa wɔ yɛn abrabɔ mu. Nokwarem no, ɛsɛ sɛ yetie ɔsomafo Petro afotu yi. Ɔkae sɛ: “Munkura abrabɔ pa mu wɔ amanaman no mu, na ade a enti wɔkasa tia mo sɛ nnebɔneyɛfo no, wɔnam mo nnwuma pa a wɔn ankasa yɛ ho adansefo no so ahyɛ Nyankopɔn anuonyam ɛda a ɔbɛba abɛhwɛ sɛnea nneɛma te no.” (1 Pet. 2:12) Na sɛ ɛba sɛ yɛne yɛn mfɛfo gyidifo bi ntam sɛe a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

‘Wo ne Wo Nua Nkosiesie Mo Ntam’

17-19. (a) ‘Akyɛde’ bɛn na wɔkaa ho asɛm wɔ Mateo 5:23, 24 no? (b) Obi ne ne nua ntam a wobesiesie no ho hia dɛn, na asɛm bɛn na Yesu ka faa eyi ho?

17 Yesu bɔɔ n’asuafo no kɔkɔ wɔ ne Bepɔw so Asɛnka no mu sɛ, ɛnsɛ sɛ wɔde wɔn nua bi ho abufuw hyɛ wɔn mu, na wobu no animtiaa. Mmom no, na ɛsɛ sɛ wɔyɛ ntɛm ne wɔn nua a wɔafom no no kosiesie wɔn ntam. (Monkenkan Mateo 5:21-25.) Tɔ wo bo ase susuw Yesu afotu no ho hwɛ. Sɛ na wode w’akyɛde rekɔ afɔremuka no anim, na wokae wɔ hɔ sɛ wo nua wɔ asɛm bi tia wo a, dɛn na na ɛsɛ sɛ woyɛ? Na ɛsɛ sɛ wugyaw w’akyɛde no wɔ afɔremuka no anim, na wo ne wo nua no kosiesie mo ntam. Na sɛ musiesie mo ntam wie a, afei de, na wubetumi asan akɔ na wode w’akyɛde no akɔma.

18 Ná ‘akyɛde’ taa yɛ afɔrebɔde bi a obi betumi de akɔbɔ afɔre wɔ Yehowa asɔrefie. Ná afɔre a wɔde mmoa bɔ no ho hia paa, efisɛ na Onyankopɔn ahyɛ sɛ ɛyɛ Israelfo som no fã wɔ Mose Mmara no ase. Nanso, sɛ na wokae sɛ wo nua wɔ asɛm bi tia wo a, na ntɛm a wobɛyɛ ne no akosiesie mo ntam no ho hia kɛse koraa sen w’akyɛde no a wode bɛma no. Yesu kae sɛ: “Gyaw w’akyɛde no afɔremuka no anim na kɔ; di kan ne wo nua no nkosiesie mo ntam, na sɛ wosan ba a, woabɛbɔ w’afɔre” no. Ná ɛho hia sɛ obi di kan ne ne nua siesie wɔn ntam ansa na wakɔbɔ afɔre a na Mose Mmara no hwehwɛ sɛ wɔbɔ no.

19 Asɛm a Yesu kae no fa afɔrebɔ ne mfomso ahorow nyinaa ho. Enti, sɛ na onipa bi kae sɛ ne nua wɔ asɛm bi tia no a, na ɛsɛ sɛ ogyae afɔre a ɔrekɔbɔ no na wokosiesie wɔn ntam ansa. Sɛ na ade a ɔde rekɔbɔ afɔre no yɛ aboa a, na ɛsɛ sɛ ogyaw no anikan wɔ “afɔremuka” a wɔbɔ ɔhyew afɔre wɔ so no “anim” wɔ asɔfo no abangua no so wɔ asɔrefie hɔ. Sɛ wosiesie wɔn ntam wie a, na nea wafom ne yɔnko no betumi asan akɔ na wakɔbɔ n’afɔre no.

20. Sɛ yɛn bo afuw yɛn nua bi a, dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ ntɛm ne no kosiesie yɛn ntam?

20 Onyankopɔn bu yɛne yɛn nuanom ntam abusuabɔ sɛ ɛyɛ nokware som fã a ɛho hia. Sɛ na wɔn a wɔde mmoa rebɔ afɔre no ne wɔn yɔnko nnipa nni no yiye a, na mfaso biara nni afɔre a wɔbɔ no so wɔ Yehowa anim. (Mika 6:6-8) Enti, Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ, ‘wonsiesie wɔn ntam nsɛmnsɛm ntɛm ara.’ (Mat. 5:25) Paulo nso kyerɛw biribi a ɛte saa ara sɛ: “Mo bo mfuw, nanso monnyɛ bɔne; mommma owia nnkɔtɔ mo so mo abufuw mu, na mommma Ɔbonsam kwan nso.” (Efe. 4:26, 27) Enti, sɛ obi hyɛ yɛn abufuw a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ ntɛm siesie yɛn ntam sɛnea ɛbɛyɛ a yɛn bo renkɔ so mfuw na Ɔbonsam nnya yɛn.—Luka 17:3, 4.

Ɛsɛ sɛ Yebu Afoforo Bere Nyinaa

21, 22. (a) Yɛbɛyɛ dɛn atumi de Yesu afotu a yɛasusuw ho seesei ara no ayɛ adwuma? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu?

21 Ɛsɛ sɛ nsɛm bi a Yesu kae wɔ ne Bepɔw so Asɛnka no mu no boa yɛn ma yɛne afoforo di no ayamye ne obu mu. Ɛwom sɛ yɛn nyinaa nyɛ pɛ de, nanso yebetumi adi Yesu afotu no so, efisɛ ɔne yɛn soro Agya no nyinaa nhwehwɛ nea yentumi nyɛ mfi yɛn hɔ. Sɛ yɛbɔ mpae, fi yɛn komam bɔ yɛn ho mmɔden, na yɛhwehwɛ Yehowa Nyankopɔn hɔ mmoa a, yebetumi ayɛ nnipa a wodwo, wɔwɔ mmɔborohunu, na wɔpɛ asomdwoe. Yebetumi ada nokware hann a ɛhyerɛn na ɛhyɛ Yehowa anuonyam adi. Bio nso, sɛ ɛho behia a, yebetumi ne yɛn nua asiesie yɛn ntam.

22 Yɛn yɔnko nipa a yɛne no bedi no yiye no ka ɔsom a ɛsɔ Yehowa ani no ho. (Mar. 12:31) Wɔ adesua a edi hɔ mu no, yebesusuw Bepɔw so Asɛnka no mu nsɛm foforo a ɛbɛboa yɛn ma yɛakɔ so ayɛ afoforo papa no ho. Nanso, bere a yɛasusuw ɔkasa titiriw a Yesu mae no mu nsɛm kakra ho awie no, yebetumi abisa yɛn ho sɛ, ‘Ɔkwan bɛn so na me ne afoforo di?’

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 1 Sɛ w’ankasa woresua ade wɔ fie a, ɛda adi sɛ wubehu sɛ mfaso wɔ so paa sɛ wobɛkenkan saa kyerɛw nsɛm yi ansa na woasua adesua asɛm yi ne nea edi hɔ no.

Wubebua Dɛn?

• Dɛn na yɛyɛ a ɛkyerɛ sɛ yedwo?

• Dɛn nti na “mmɔborohunufo” wɔ anigye?

• Yɛbɛyɛ dɛn atumi ama yɛn kanea ahyerɛn?

• Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ ntɛm ne yɛn nua siesie yɛn ntam?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 4]

Ahenni no ho asɛm a yɛka no yɛ ɔkwan a ɛho hia a yɛfa so ma yɛn kanea hyerɛn

[Mfonini wɔ kratafa 5]

Ɛsɛ sɛ Kristofo yɛ nhwɛso pa wɔ abrabɔ mu

[Mfonini wɔ kratafa 6]

Yɛ nea wubetumi biara ne wo nua nsiesie mo ntam