Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Di Paulo Nhwɛso Akyi Na Nya Nkɔso Wɔ Nokware Som Mu

Di Paulo Nhwɛso Akyi Na Nya Nkɔso Wɔ Nokware Som Mu

Di Paulo Nhwɛso Akyi Na Nya Nkɔso Wɔ Nokware Som Mu

“Mako ɔko pa no, matu mmirika no awie, maso gyidi no mu.”—2 TIM. 4:7.

1, 2. Nsakrae bɛn na Saul a ofi Tarso no yɛe wɔ n’asetram, na adwuma a ɛho hia bɛn na ɔyɛe?

NÁ ƆBARIMA no wɔ nimdeɛ, na na ɔwɔ akokoduru nso. Nanso, ‘ɔbɔɔ ne bra sɛnea ne honam akɔnnɔ te.’ (Efe. 2:3) Akyiri yi, ɔkaa n’ankasa ho asɛm sɛ na ɔyɛ ‘mmusubɔfo, ɔtaa nkurɔfo, na ɔyɛɛ aniammɔho.’ (1 Tim. 1:13) Ná saa ɔbarima no ne Saul a ofi Tarso no.

2 Bere kɔɔ so no, Saul yɛɛ nsakrae kɛse wɔ n’asetram. Ɔsesaa n’akwan, na ɔyeree ne ho sɛnea ɛbɛyɛ a ‘ɔrenhwehwɛ nea n’ankasa hia, na mmom nnipa pii de.’ (1 Kor. 10:33) Ɔbɛyɛɛ obi a odwo, na onyaa ayamhyehye maa wɔn a bere bi na ɔtaa wɔn no. (Monkenkan 1 Tesalonikafo 2:7, 8.) Ɔkyerɛwee sɛ: ‘Mebɛyɛɛ ɔsomfo.’ Na ɔde kaa ho sɛ: “Me a meba fam sen nea osua koraa wɔ akronkronfo nyinaa mu na wɔde adom yi ama me sɛ menka Kristo ahonyade a enni ano ho asɛmpa no nkyerɛ amanaman no.”—Efe. 3:7, 8.

3. Ɔkwan bɛn so na Paulo nkrataa a ɔkyerɛwee ne ɔkwan a ɔfaa so yɛɛ asɛnka adwuma no ho ade a yebesua no bɛboa yɛn?

3 Saul a na wɔsan frɛ no Paulo no nyaa nkɔso pii wɔ nokware som mu. (Aso. 13:9) Ɔkwan biako a yebetumi afa so anya nkɔso ntɛmntɛm wɔ nokware som mu ne sɛ, yebesua nkrataa a Paulo kyerɛwee no mu nsɛm ne sɛnea ɔyɛɛ asɛnka adwuma no ho ade, na afei yɛasuasua ne gyidi. (Monkenkan 1 Korintofo 11:1; Hebrifo 13:7.) Ma yensusuw sɛnea saa a yɛbɛyɛ no bɛboa yɛn ma yɛayɛ nhyehyɛe pa de asua ade daa, afi yɛn komam adɔ afoforo, na yɛabu yɛn ho wɔ ɔkwan a ɛfata so no ho nhwɛ.

Nhyehyɛe a Paulo Yɛ De Suaa Ade Daa

4, 5. Ɔkwan bɛn so na ade a Paulo ankasa suae no boaa no?

4 Esiane sɛ na Paulo yɛ Farisini a ‘wɔakyerɛkyerɛ no wɔ Gamaliel nan ase sɛnea agyanom Mmara kyerɛ pɛpɛɛpɛ’ nti, na onim Kyerɛwnsɛm no mu kakra dedaw. (Aso. 22:1-3; Filip. 3:4-6) Bere a wɔbɔɔ Paulo asu pɛ na ‘ɔkɔɔ Arabia’—ebia Siria Anhweatam so, anaa ɛbɛyɛ sɛ ɔkɔɔ Arabia Supɔw so, baabi a ɛhɔ yɛ komm a na ebetumi aboa no ma wadwennwen nneɛma ho no. (Gal. 1:17) Ɛda adi sɛ, na Paulo pɛ sɛ okosusuw kyerɛw nsɛm a ɛkyerɛ sɛ na Yesu ne Mesia no ho. Bio nso, na Paulo pɛ sɛ okosiesie ne ho ma adwuma a na ɛda n’anim no. (Monkenkan Asomafo Nnwuma 9:15, 16, 20, 22.) Paulo bɔɔ mmɔden susuw nneɛma a ɛfa Onyankopɔn som ho.

5 Nimdeɛ ne nhumu a Paulo nyae wɔ Kyerɛwnsɛm a ɔno ankasa suae mu no ma otumi kyerɛkyerɛɛ nokware no mu yiye. Sɛ nhwɛso no, bere a na Paulo wɔ Antiokia a ɛwɔ Pisidia hyiadan mu no, ɔfaa Hebri Kyerɛwnsɛm no mu nsɛm bɛyɛ anum de sii so dua sɛ Yesu ne Mesia no. Paulo san twee adwene sii Hebri Kyerɛwnsɛm no so mpɛn pii. Paulo tumi de Bible no kyerɛkyerɛɛ nneɛma mu yiye ma ɛtɔɔ wɔn asom araa ma “Yudafo no mu pii ne wɔn a wɔasakra a wɔsom Nyankopɔn no dii Paulo ne Barnaba akyi,” sɛnea ɛbɛyɛ a wobesua pii aka ho. (Aso. 13:14-44) Mfe bi akyi no, Yudafo bi a na wɔwɔ Roma kɔɔ Paulo nkyɛn wɔ baabi a na ɔte no, na Paulo kyerɛkyerɛɛ nsɛm mu kyerɛɛ wɔn “fann . . . de dii Nyankopɔn ahenni ho adanse, na ɔnam Mose mmara ne Adiyifo no so kaa Yesu ho nsɛm a ɛtɔ asom.”—Aso. 28:17, 22, 23.

6. Bere a na Paulo rehyia sɔhwɛ ahorow no, dɛn na ɛboaa no ma otumi kɔɔ so yɛɛ den wɔ nokware som mu?

6 Bere a na Paulo rehyia sɔhwɛ ahorow no, ɔkɔɔ so hwehwɛɛ Kyerɛwnsɛm no mu, na Onyankopɔn asɛm no hyɛɛ no den. (Heb. 4:12) Bere a na Paulo da afiase wɔ Roma a na wonnya nkum no no, ɔka kyerɛɛ Timoteo sɛ ɔmfa “nhoma mmobɔwee” ne “mmoa nhoma” no mmrɛ no. (2 Tim. 4:13) Ɛda adi sɛ, na saa nhoma no yɛ Hebri Kyerɛwnsɛm no afã bi a na Paulo de yɛ nhwehwɛmu kɔ akyiri. Ná nhyehyɛe a Paulo bɛyɛ de asua Bible daa ma aboa no ma wanya Kyerɛwnsɛm no mu nimdeɛ ho hia no, sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi akɔ so agyina pintinn.

7. Sɛ wusua Bible daa a, mfaso ahorow bɛn na wubetumi anya?

7 Sɛ yesua Bible daa na yegye bere de dwennwen ho a, ɛbɛboa yɛn ma yɛanya nkɔso wɔ nokware som mu. (Heb. 5:12-14) Odwontofo no kyerɛɛ mfaso a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm so, na ɔtoo ho dwom sɛ: “W’anom mmara ye ma me sen sika ne dwetɛ mpem. Wo mmara nsɛm ayɛ me onyansafo asen m’atamfo, na ɛwɔ me daa. Misianka me nan mifi kwammɔne nyinaa so, na madi w’asɛm so.” (Dw. 119:72, 98, 101) So woayɛ nhyehyɛe a wode sua Bible daa? So worekenkan Bible no daa resusuw nea wokenkan no ho de resiesie wo ho ama nnwuma a wobɛyɛ wɔ Onyankopɔn som mu daakye no?

Saul Benyaa Nnipa Ho Dɔ

8. Ɔkwan bɛn so na Saul ne wɔn a na wonni Yudasom mu no dii?

8 Ansa na Saul rebɛyɛ Kristoni no, na ɔbɔ mmɔden wɔ ne som mu, nanso na onnnwen nnipa a na wonni Yudasom mu no ho. (Aso. 26:4, 5) Ɔhwɛ maa Yudafo bi siw Stefano abo. Ebia, Saul buu kum a wokum Stefano no sɛ ɛyɛ asotwe a ɛfata, na ɛno ma onyaa ahoɔden kɔɔ so taa Kristofo no. (Aso. 6:8-14; 7:54–8:1) Bible ka sɛ: “Saul fii ase tuu n’ani sii asafo no so. Owurawuraa afie mu twetwee mmarima ne mmea nyinaa, na ɔma wɔde wɔn guu afiase.” (Aso. 8:3) Saul ‘kɔɔ nkurow foforo so mpo kɔtaa wɔn wɔ hɔ.’—Aso. 26:11.

9. Asɛm bɛn na ɛtoo Saul a ɛma ɔsan hwehwɛɛ sɛnea na ɔne nnipa di no mu?

9 Bere a Awurade Yesu yii ne ho adi kyerɛɛ Saul no, na ɔnam kwan so rekɔ Damasko akɔhaw Kristo asuafo no. Onyankopɔn Ba no ho hann a ano yɛ den maa Saul ani furae, na afoforo na wosusoo ne mu de no kɔɔ fie. Ansa na Yehowa rema Anania atew Saul ani no, na Saul asesa n’adwene koraa wɔ sɛnea na ɔne nnipa di no ho. (Aso. 9:1-30) Bere a Saul bɛyɛɛ Kristoni no, ɔbɔɔ mmɔden ne nnipa nyinaa dii sɛnea Yesu yɛe no. Ná eyi hwehwɛ sɛ ogyae basabasayɛ biara, na ɔne ‘nnipa nyinaa tra asomdwoe mu.’—Monkenkan Romafo 12:17-21.

10, 11. Ɔkwan bɛn so na Paulo fii ne komam daa ɔdɔ adi kyerɛɛ nkurɔfo?

10 Ɛnyɛ asomdwoe nkutoo na Paulo ma ɛtraa ɔne afoforo ntam. Ná ɔpɛ sɛ ofi ne komam da ɔdɔ adi kyerɛ afoforo nso. Na asɛnka adwuma a Kristofo yɛ no ma onyaa hokwan de daa ɔdɔ a ɛte saa adi. Wɔ Paulo asɛmptrɛw adwuma a edi kan no mu no, ɔkaa asɛmpa no wɔ Asia Kumaa. Ɛwom sɛ, Paulo ne wɔn a na wɔka ne ho no hyiaa ɔsɔretia a emu yɛ den de, nanso wɔde wɔn adwene sii ahobrɛasefo a na wɔbɛboa wɔn ma wɔabɛyɛ Kristofo no so. Ɛwom sɛ, anka wɔreyɛ akum Paulo wɔ Listra ne Ikoniom de, nanso ɔne ne nkurɔfo no san kɔɔ saa nkurow no mu kɔkaa asɛm no.—Aso. 13:1-3; 14:1-7, 19-23.

11 Akyiri yi, Paulo ne ne nkurɔfo no kɔhwehwɛɛ nnipa a na wɔpɛ sɛ wɔsom Onyankopɔn a na wɔwɔ Makedonia kurow Filipi mu no. Ɔbea bi a wɔfrɛ no Lidia a na wasakra abɛyɛ Yudani no tiee asɛmpa no, na ɔbɛyɛɛ Kristoni. Atumfo a na wɔwɔ kurow no mu no hwee Paulo ne Silas de wɔn guu afiase. Nanso, Paulo kaa asɛmpa no kyerɛɛ afiasehwɛfo no, na ɛno ma wɔbɔɔ afiasehwɛfo no ne n’abusuafo nyinaa asu ma wɔbɛyɛɛ Yehowa asomfo.—Aso. 16:11-34.

12. Dɛn na ɛkaa Saul a na ɔyɛ aniammɔho no ma ɔbɛyɛɛ Yesu Kristo somafo a ɔwɔ ɔdɔ no?

12 Dɛn nti na Saul a na anka ɔtaa Kristofo no bɛyɛɛ Kristoni? Dɛn na ɛkaa saa ɔbarima a na ɔyɛ aniammɔho no ma ɔbɛyɛɛ ɔsomafo a ne yam ye, ɔwɔ ɔdɔ, na onyaa ɔpɛ sɛ obewu ama afoforo sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi asua Onyankopɔn ne Kristo ho nokware no? Paulo ankasa kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: ‘Onyankopɔn a ɔfrɛɛ me no hui sɛ eye sɛ oyi ne Ba no adi ma me.’ (Gal. 1:15, 16) Paulo kyerɛw Timoteo sɛ: “Wohuu me mmɔbɔ sɛnea ɛbɛyɛ a Kristo Yesu bɛfa me a midi kan no so ayi n’abodwokyɛre nyinaa adi, de ayɛ nhwɛso ama wɔn a wobegye no adi anya daa nkwa no.” (1 Tim. 1:16) Yehowa de Paulo bɔne kyɛɛ no, na ɔdom ne mmɔborohunu a ɛte saa a Yehowa daa no adi kyerɛɛ no no kaa no ma ɔkaa asɛmpa no de daa ɔdɔ adi kyerɛɛ afoforo.

13. Dɛn na ɛsɛ sɛ ɛka yɛn ma yɛda ɔdɔ adi kyerɛ afoforo, na yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa?

13 Saa ara na Yehowa bu n’ani gu yɛn bɔne ne yɛn mfomso so. (Dw. 103:8-14) Odwontofo no bisae sɛ: ‘Yah, sɛ wudi amumɔyɛde akyi a, Yehowa, hena na anka obegyina?’ (Dw. 130:3) Sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn mmɔborohunu a, anka yɛn mu biara rennya kwan nyɛ Onyankopɔn som adwuma no bi, na kampɛsɛ yɛahwɛ kwan sɛ yebenya daa nkwa. Onyankopɔn ada ɔdom kɛse adi akyerɛ yɛn nyinaa. Enti, ɛsɛ sɛ yenya ɔpɛ sɛ yɛbɛka asɛm no akyerɛ afoforo, akyerɛkyerɛ wɔn nokware no de ada ɔdɔ adi akyerɛ wɔn, na yɛahyɛ yɛn mfɛfo gyidifo den te sɛ nea Paulo yɛe no.—Monkenkan Asomafo Nnwuma 14:21-23.

14. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ Onyankopɔn som adwuma no pii na yɛayɛ asɛmpakafo pa?

14 Ná Paulo pɛ sɛ ɔyɛ pii wɔ asɛnka adwuma no mu na ɔyɛ ɔsɛmpakafo pa, na nea Yesu yɛe no kaa ne koma. Akwan a Onyankopɔn Ba no faa so daa ɔdɔ a ɛso bi nni adi kyerɛɛ nkurɔfo no mu biako ne asɛnka adwuma a ɔyɛe no. Yesu kae sɛ: “Otwa adwuma no sõ, nanso adwumayɛfo no sua. Enti monsrɛ otwa adwuma Wura no ma ɔmma adwumayɛfo mmra ne twa no mu.” (Mat. 9:35-38) Paulo ankasa de nsi yɛɛ asɛnka adwuma no de yɛɛ mpae biara a ɛbɛyɛ sɛ ɔbɔe sɛ Onyankopɔn mma adwumayɛfo pii mmɛyɛ asɛnka adwuma no bi no ho adwuma. Na wo nso ɛ? So wubetumi ama wo nkyerɛkyerɛ atu mpɔn wɔ asɛnka mu? Anaasɛ wubetumi de bere pii aka Ahenni no ho asɛm, na ebia woayɛ nsakrae mpo wɔ w’asetram na ama woatumi ayɛ ɔkwampaefo? Momma yɛmmoa afoforo mma ‘wonso nkwa asɛm no mu denneennen’ mfa nna ɔdɔ kann adi nkyerɛ wɔn.—Filip. 2:16.

Sɛnea Paulo Buu ne Ho

15. Ɔkwan bɛn so na Paulo buu ne ho wɔ ne mfɛfo Kristofo mu?

15 Ɔkwan foforo wɔ hɔ a Paulo faa so yɛɛ nhwɛso a ɛda nsow sɛ Kristoni ɔsɛmpakafo. Ɛwom sɛ, Paulo nyaa ɔsom ho kwan pii wɔ Kristofo asafo no mu de, nanso na onim yiye sɛ ɛnyɛ ɔsom adwuma a ɔyɛe anaa ne mmɔdenbɔ nti na ɛma onyaa saa nhyira ahorow no. Ohui sɛ, ɛyɛ Onyankopɔn adom nti na onyaa saa nhyira ahorow no. Paulo hui sɛ na Kristofo foforo nso bɔ mmɔden wɔ asɛmpaka adwuma no mu. Ɛmfa ho sɛ na Paulo wɔ ɔsom hokwan pii wɔ Onyankopɔn nkurɔfo mu no, ɔkɔɔ so brɛɛ ne ho ase.—Monkenkan 1 Korintofo 15:9-11.

16. Ɔkwan bɛn so na Paulo daa ahobrɛase adi wɔ twetiatwa ho asɛm a ɛsɔree no mu?

16 Susuw sɛnea Paulo dii ɔhaw bi a ɛsɔree wɔ Antiokia a ɛwɔ Siria no ho dwuma ho hwɛ. Ná Kristofo asafo a ɛwɔ hɔ no mufo adwene nhyia wɔ twetiatwa ho. (Aso. 14:26–15:2) Esiane sɛ Paulo na na wɔapaw no sɛ onni asɛnka adwuma a wɔyɛ wɔ amanaman mufo a wontwaa twetia no anim nti, ɛbɛyɛ sɛ na osusuw sɛ ɔno na ɔfata paa sɛ odi asɛm a na asɔre wɔ wɔn a wɔnyɛ Yudafo mu no ho dwuma. (Monkenkan Galatifo 2:8, 9.) Nanso, bere a ɔbɔɔ mmɔden sɛ obesiesie asɛm no na anyɛ yiye no, ofi ahobrɛase mu dii nhyehyɛe a na ɛwɔ hɔ no so de asɛm no kɔɔ sodikuw a na ɛwɔ Yerusalem no anim ma wosusuw ho. Bere a sodikuw no mufo tiee asɛm no, sii gyinae, na wɔde Paulo kaa wɔn a wɔsomaa wɔn no ho no, ɔde ahobrɛase yɛɛ nea sodikuw no kae no. (Aso. 15:22-31) Enti, Paulo ‘dii kan de nidi’ maa ne mfɛfo asomfo.—Rom. 12:10b.

17, 18. (a) Ná Paulo ne asafo no mufo ntam te dɛn? (b) Dɛn na yesua fi sɛnea Efeso asafo no mu mpanyimfo yɛɛ wɔn ade bere a na Paulo ne wɔn redi nkra no mu?

17 Esiane sɛ na Paulo wɔ ahobrɛase nti, wantwe ne ho amfi ne nuanom mmarima ne mmea a na wɔwɔ asafo no mu no ho. Mmom no, ɔne wɔn bɔe. Wɔ krataa a Paulo kyerɛw kɔmaa Romafo no mu no, ɔbobɔɔ nnipa bɛyɛ 20 din kyiaa wɔn. Wɔanka wɔn mu dodow no ara ho asɛm wɔ baabi foforo biara wɔ Kyerɛwnsɛm no mu, na wɔn mu kakraa bi pɛ na na wɔwɔ ɔsom hokwan titiriw. Nanso, na wɔyɛ Yehowa asomfo a wodi nokware, na na Paulo dɔ wɔn yiye.—Rom. 16:1-16.

18 Sɛnea na Paulo brɛ ne ho ase na ɔpɛ nnipa no hyɛɛ asafo ahorow no den. Bere a Paulo hyiaa asafo mu mpanyimfo a wofi Efeso no nea etwa to no, “wosusoo Paulo kɔn mu few n’ano, efisɛ asɛm a ɔkae sɛ wɔrenhu no bio no yɛɛ wɔn yaw yiye.” Sɛ na Paulo yɛ ahantan, na na ɔmpɛ nnipa a, anka ne nuanom no renyɛ nea wɔyɛe no.—Aso. 20:37, 38.

19. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ada “ahobrɛase” adi wɔ sɛnea yɛne yɛn mfɛfo Kristofo di no mu?

19 Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wonya nkɔso wɔ nokware som mu nyinaa brɛ wɔn ho ase te sɛ nea Paulo yɛe no. Paulo tuu ne mfɛfo Kristofo fo sɛ, “mommfa mansotwe anaa anuonyamhunupɛ nnyɛ biribiara, na mmom mumfi ahobrɛase mu mmu afoforo sɛ wɔkyɛn mo.” (Filip. 2:3) Yɛbɛyɛ dɛn atumi de saa afotu no ayɛ adwuma? Ɔkwan biako a yebetumi afa so ayɛ saa ne sɛ, yebetie mpanyimfo a wɔwɔ asafo no mu, adi wɔn akwankyerɛ akyi, na yɛagye gyinae a wosi bere a wɔadi obi asɛm no atom. (Monkenkan Hebrifo 13:17.) Ɔkwan foforo nso ne sɛ, yɛbɛkyerɛ obu kɛse ama yɛn nuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ asafo no mu no nyinaa. Mpɛn pii no, Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ asafo ahorow mu no fi aman horow so, na ɛsono wɔn amammerɛ, wɔn honam ani hwɛbea, ne mmusuakuw a wofi mu. Nanso, so ɛnsɛ sɛ yesua sɛ yɛne asafo no mufo nyinaa bedi no yiye, na yɛada onuadɔ adi akyerɛ wɔn sɛnea Paulo yɛe no anaa? (Aso. 17:26; Rom. 12:10a) Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ, “Munnye mo ho mo ho, sɛnea Kristo nso gyee yɛn no, na ahyɛ Nyankopɔn anuonyam.”—Rom. 15:7.

Momma “Yɛmfa Boasetɔ” Ntu Nkwa Ho Mmirika No

20, 21. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛatumi atu nkwa ho mmirika no awie?

20 Wobetumi de Kristoni asetra atoto mmirika a wotu twa kwantenten ho. Paulo kyerɛwee sɛ: “Matu mmirika no awie, maso gyidi no mu. Efi saa bere yi rekɔ no, nea ɛda hɔ retwɛn me ne trenee ahemmotiri a Awurade, ɔtemmufo treneeni no, de bɛma me sɛ akatua saa da no, na ɛnyɛ me nko, na mmom wɔn a wɔdɔ n’ahoyi no nyinaa nso.”—2 Tim. 4:7, 8.

21 Sɛ yedi nhwɛso a Paulo yɛe no akyi a, ɛbɛboa yɛn ma yɛatumi atu daa nkwa ho mmirika no awie. (Heb. 12:1) Ɛnde, sɛnea ɛte biara no, momma yɛnyɛ nhyehyɛe pa mfa nsua ade daa, na yemfi yɛn komam nnɔ afoforo, na yɛnkɔ so mmrɛ yɛn ho ase, na ama yɛanya nkɔso wɔ nokware som mu.

Wubebua Dɛn?

• Ɔkwan bɛn so na Kyerɛwnsɛm no a Paulo suaa no daa no boaa no?

• Dɛn nti na ɛho hia sɛ nokware Kristofo fi wɔn komam dɔ afoforo?

• Su ahorow bɛn na sɛ wunya a ɛbɛboa wo ma wo ne afoforo adi no yiye a wonyɛ nyiyim?

• Ɔkwan bɛn so na nhwɛso a Paulo yɛe no betumi aboa wo ma woatie mpanyimfo a wɔwɔ asafo no mu no?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Ma Kyerɛwnsɛm no nhyɛ wo den sɛnea Paulo ma ɛhyɛɛ no den no

[Mfonini wɔ kratafa 24]

Ka asɛmpa no kyerɛ afoforo fa da ɔdɔ adi kyerɛ wɔn

[Mfonini wɔ kratafa 25]

So wunim ade a ɛmaa Paulo nuanom ani gyee no ho no?