Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Momma ‘Yɛntew Yɛn Ho wɔ Onyankopɔn Suro Mu’

Momma ‘Yɛntew Yɛn Ho wɔ Onyankopɔn Suro Mu’

Momma ‘Yɛntew Yɛn Ho wɔ Onyankopɔn Suro Mu’

BERE a Bible reka sɛ obiara ne Yehowa Nyankopɔn nsɛ wɔ kronkronyɛ mu no, ɛkae sɛ: “Kronkron, kronkron, kronkron ne asafo [Yehowa, NW]!” (Yes. 6:3; Adi. 4:8) Hebri ne Hela nsɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “kronkronyɛ” no kyerɛ biribi a wɔayi asi nkyɛn a efĩ nni ho, anaa ɔsom mu ahotew. Onyankopɔn kronkronyɛ kyerɛ sɛ, ne ho tew wɔ abrabɔ fam.

So Yehowa Nyankopɔn a ɔyɛ kronkron no renhwɛ kwan sɛ wɔn a wɔsom no no nyinaa bɛyɛ kronkron, a nea ɛkyerɛ ne sɛ, wɔbɛma wɔn ho atew wɔ nipaduam ne abrabɔ fam, na ɛno ama wɔne ne ntam abusuabɔ ayɛ papa? Bible ka no pefee sɛ, Yehowa pɛ sɛ ne nkurɔfo yɛ kronkron. Yɛkenkan wɔ 1 Petro 1:16 sɛ: “Monyɛ kronkron, efisɛ meyɛ kronkron.” So nnipa a wɔnyɛ pɛ betumi asuasua Yehowa kronkronyɛ ankasa? Ɛwom sɛ, wontumi nyɛ kronkron koraa te sɛ Yehowa de, nanso wobetumi asuasua no. Sɛ yɛma yɛn ho tew wɔ Onyankopɔn som mu, na yɛne no nya abusuabɔ a emu yɛ den a, Onyankopɔn bebu yɛn sɛ yɛyɛ kronkron.

Ɛnde, yɛbɛyɛ dɛn atumi ama yɛn ho akɔ so atew wɔ wiase a emu nnipa bra asɛe yi mu? Abrabɔ bɛn na ɛsɛ sɛ yekyi? Nsakrae bɛn na ɛho behia sɛ yɛyɛ wɔ yɛn kasa ne yɛn nneyɛe mu? Ma yɛnhwɛ nea yebetumi asua afi nneɛma a Onyankopɔn hwehwɛ fii Yudafo a na wɔresan afi Babilon aba wɔn asase so wɔ afe 537 A.Y.B. mu hɔ no mu.

‘Ɔkwan Kronkron Bɛda Hɔ’

Yehowa ka siei sɛ, ɔde ne nkurɔfo a na wɔwɔ Babilon nkoasom mu no bɛsan aba wɔn asase so. Yehowa nam saa nkɔmhyɛ yi so hyɛɛ wɔn bɔ sɛ: “Ɔtempɔn ne ɔkwan bɛda hɔ, na wɔbɛfrɛ no ɔkwan kronkron.” (Yes. 35:8a) Saa asɛm yi kyerɛ sɛ, Yehowa anka kɛkɛ sɛ ɔde Yudafo no bɛsan aba wɔn asase so, na mmom ɔmaa wɔn awerɛhyem nso sɛ ɔbɛbɔ wɔn ho ban wɔ akwantu no mu.

Yehowa de n’asomfo a wɔwɔ asase so nnɛ no afa “ɔkwan kronkron” no so ma wɔafi Babilon Kɛse, wiase nyinaa atoro som ahemman no mu. Wɔ afe 1919 mu no, Yehowa maa Kristofo a wɔasra wɔn no dee wɔn ho fii nkoa a na wɔayɛ wɔ atoro som mu no mu, na wɔde nkakrankakra yii atoro nkyerɛkyerɛ nyinaa fii wɔn som mu. Yehowa asomfo a yɛwɔ hɔ nnɛ no wɔ asafo a ɛho tew na asomdwoe wom mu, na ɛma yetumi som Yehowa, na yɛne no ne yɛn mfɛfo nnipa nya abusuabɔ pa nso.

“Kuw ketewa” no mufo a wɔne Kristofo a wɔasra wɔn no ne “nguan foforo” no mu “nnipakuw kɛse” a wɔredɔɔso no asi gyinae sɛ wɔbɛnantew ɔkwan kronkron no so, na wɔrefrɛ afoforo ma wɔabɛka wɔn ho. (Luka 12:32; Adi. 7:9; Yoh. 10:16) Wɔabue “ɔkwan kronkron” no ama nnipa a wɔpɛ sɛ ‘wɔde wɔn nipadua ma sɛ afɔrebɔde a ɛte ase a ɛyɛ kronkron na ɛsɔ Nyankopɔn ani’ no nyinaa.—Rom. 12:1.

“Nea Ne Ho Ntew Remfa So”

Wɔ afe 537 A.Y.B. mu no, na ɛsɛ sɛ Yudafo a wɔresan akɔ wɔn asase so no du ahwehwɛde bi a ɛho hia ho. Yesaia 35:8b kaa wɔn a na wɔfata sɛ wɔnantew “ɔkwan kronkron” no so ho asɛm sɛ: “Nea ne ho ntew remfa so, na wɔn na wɔde bɛma wɔn; ntetekwaa mpo remfom kwan wɔ mu.” Esiane sɛ nea enti a na Yudafo no resan akɔ Yerusalem ne sɛ wɔde nokware som bɛsan asi hɔ nti, na nnipa a wɔyɛ pɛsɛmenkominya, wommu akronkronne, anaasɛ wɔn bra asɛe remfata sɛ wɔkɔ bi. Ná ɛsɛ sɛ wɔn a wɔresan akɔ wɔn asase so no kɔ so ma wɔn abrabɔ sɔ Yehowa ani. Saa ara na ɛnnɛ, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wonya Onyankopɔn anim dom no nso ma wɔn abrabɔ sɔ n’ani. Ɛsɛ sɛ wɔma wɔn ho ‘tew wɔ Onyankopɔn suro mu.’ (2 Kor. 7:1) Ɛnde, abrabɔ a ɛho ntew bɛn na ɛsɛ sɛ yekyi?

Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Ɔhonam nnwuma no da adi pefee; ɛne aguamammɔ, afide, ahohwi.” (Gal. 5:19) Aguamammɔ yɛ ɔbarima ne ɔbea a wɔnyɛ awarefo a wɔne wɔn ho da, anaasɛ wodi wɔn awode ho agoru wɔ ɔkwan a ɛmfata so. Ahohwibra kyerɛ “brabɔne; efĩ, aniwude, ne abofonode.” Ɛda adi pefee sɛ, aguamammɔ ne ahohwibra nyinaa ne Yehowa kronkronyɛ nhyia. Enti, wɔmma wɔn a wɔkɔ so bɔ bra a ɛte saa no mma Kristofo asafo no mu, na sɛ asafo no muni bi nso kɔ so yɛ saa a, wotu no. Saa ara na wɔmma wɔn a wɔkɔ so de wɔn ho hyɛ afideyɛ a ɛno ne ‘afide nyinaa a wɔyɛ no anibere so’ mu no nkɔ so ntra asafo no mu.—Efe. 4:19.

“Afideyɛ” yɛ bɔne a egu ahorow pii. Hela asɛmfua a wɔde gyina hɔ ma afideyɛ kyerɛ efĩ biara, anaa biribiara a ɛho ntew, nea wɔda no adi wɔ abrabɔ mu, ɔkasa mu, ne afoforo a wɔnsom Yehowa a wɔne wɔn bɔ wɔ ɔsom mu. Afideyɛ bi wɔ hɔ a ebia ɛho renhia sɛ wɔpaw asɛnni boayikuw wɔ ho. * Nanso, so wɔn a wɔkɔ so yɛ afide a ɛte saa no reyɛ ade a ɛho tew?

Fa no sɛ, Kristoni bi fi ase wia no ho hwɛ ɔbarima ne ɔbea nna ho mfonini. Nkakrankakra, ɔba benya akɔnnɔ a ɛmfata, na ɛsɛe mmɔden a ɔbɔ sɛ ɔbɛma ne ho akɔ so atew wɔ Yehowa anim no. Ebia, ne nneyɛe no nnya nnuu baabi a yebetumi afrɛ no afideyɛ a ɛkɔ akyiri de, nanso sɛ ɔyɛ saa a, na ɛnyɛ nea ɔrekɔ so adi ‘biribiara a ɛho tew, wɔka ho asɛm pa, ɔbra pa, ne ayeyi’ akyi bio. (Filip. 4:8) Ɔbarima ne ɔbea nna ho mfonini a wɔhwɛ yɛ adeyɛ a ɛho ntew, na akyinnye biara nni ho sɛ, ɛsɛe obi ne Onyankopɔn ntam. Ɛnsɛ sɛ yɛma wɔbɔ afideyɛ biara din mpo wɔ yɛn mu.—Efe. 5:3.

Susuw nhwɛso foforo ho hwɛ. Fa no sɛ Kristoni bi de ne ho ahyɛ boasipem a ɛyɛ goru a obi hyɛ da goru n’awode ho de kanyan nna ho akɔnnɔ mu, sɛ́ ebia ɔhwɛ ɔbarima ne ɔbea nna ho mfonini ka ho anaasɛ ɔnhwɛ. Ɛwom sɛ, asɛmfua “boasipem” nni Bible mu de, nanso, so ɛnyɛ adeyɛ a egu obi ho fĩ wɔ adwenem ne nkate fam? Sɛ obi kɔ so de ne ho hyɛ afideyɛ a ɛte saa mu a, so ɛrensɛe abusuabɔ a ɔne Yehowa wɔ no, na ɛremma ɔmmɛyɛ obi a ne ho agu fĩ wɔ Onyankopɔn anim? Momma yɛmfa ɔsomafo Paulo afotu a ɛka sɛ “yɛnhohoro yɛn ho mfi honam ne honhom mu fĩ nyinaa ho” no aniberesɛm, na ‘yenkum yɛn nipadua akwaa a ɛwɔ asase so no wɔ aguamammɔ, afide, nna ho akɔnnɔ, nkate bɔne, ne anibere a ɛyɛ abosonsom ho.’—2 Kor. 7:1; Kol. 3:5.

Wiase a Satan di so yi pene afideyɛ so, na ɛhyɛ ho nkuran mpo. Ɛyɛ den sɛ obi bɛko atia subammɔne a ɛte saa no. Nanso, ɛnsɛ sɛ nokware Kristofo ‘nantew sɛnea amanaman no nantew wɔn adwenhunu mu no.’ (Efe. 4:17) Sɛ yɛamfa yɛn ho anhyɛ afideyɛ mu wɔ kokoam anaa baguam nkutoo a, ɛnna Yehowa bɛma yɛakɔ so anantew “ɔkwan kronkron” no so.

“Gyata Biara Remma Hɔ”

Sɛ yɛn mu binom benya Yehowa Nyankopɔn a ɔyɛ kronkron no anim dom a, ebehia sɛ wɔbɔ mmɔden yɛ nsakrae wɔ wɔn nneyɛe ne wɔn kasa mu. Yesaia 35:9 ka sɛ: “Gyata biara remma hɔ, na anworannworammoa bi rensi so,” kyerɛ sɛ, wɔremma wɔmfa “ɔkwan kronkron” no so. Wɔde nnipa a wɔyɛ basabasa ne anuɔdensɛm wɔ wɔn nneyɛe ne wɔn kasa mu no toto nkekaboa ho. Wɔremma nnipa a wɔte saa no nkɔ Onyankopɔn wiase foforo a trenee te mu no mu wɔ ɔkwan biara so. (Yes. 11:6; 65:25) Enti, ɛho hia sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wonya Onyankopɔn anim dom no yi mmoa su a ɛte saa no fi wɔn mu, na wɔkɔ so ma wɔn ho tew.

Kyerɛwnsɛm no tu yɛn fo sɛ: “Momma wonyi nsɛm a ɛyɛ yaw nyinaa ne bobɔne ne abufuw ne nkekawmu ne kasatia mfi mo mu, ɛne ade bɔne biara.” (Efe. 4:31) Yɛkenkan wɔ Kolosefo 3:8 sɛ: “Munyi ne nyinaa ngu, bobɔne, abufuw, nnebɔne, kasatia, na mommma kasafĩ mmfi mo anom mmpue.” Nea asɛm a ɛne “kasatia” a wɔde dii dwuma wɔ kyerɛw nsɛm abien yi mu no kyerɛ ankasa ne asɛmmɔne, animguasesɛm, anaa abususɛm.

Ɛnnɛ, nnipa pii na wɔka kasafĩ ne nsɛm a ɛwowɔ, na wɔyɛ saa wɔ fie mpo. Awarefo keka nsɛm a ɛwowɔ, ɛyɛ yaw, anaa egu afoforo anim ase kyerɛ wɔn ho wɔn ho, ne wɔn mma. Ɛnsɛ sɛ atɛnnidi a ɛte saa kɔ so wɔ Kristofo afie mu.—1 Kor. 5:11.

Sɛ Yɛma Yɛn Ho ‘Tew wɔ Onyankopɔn Suro Mu’ a, Wobehyira Yɛn!

Hwɛ hokwan a yɛanya sɛ yɛresom Yehowa Nyankopɔn a ɔyɛ kronkron no! (Yos. 24:19) Honhom fam paradise a Yehowa de yɛn aba mu no som bo yiye. Akyinnye biara nni ho sɛ, yɛn abrabɔ a yɛbɛma akɔ so ayɛ kronkron wɔ Yehowa anim no ne asetra kwan a eye sen biara.

Paradise asase a Onyankopɔn ahyɛ ho bɔ no bɛba nnansa yi ara. (Yes. 35:1, 2, 5-7) Wɔbɛma wɔn a wɔhwɛ wiase foforo no kwan denneennen, na wɔkɔ so yɛ Onyankopɔn apɛde no baabi atra wɔ hɔ. (Yes. 65:17, 21) Ɛnde, momma yɛnyɛ nea yebetumi biara, na yɛnkɔ so nsom Onyankopɔn wɔ ahotew mu, na yɛne no nkɔ so nnya abusuabɔ a emu yɛ den bere nyinaa.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 12 Sɛ wopɛ sɛ wuhu nsonsonoe a ɛwɔ ‘afide a wɔyɛ no anibere so’ ne “afideyɛ” mu a, hwɛ July 15, 2006, Ɔwɛn-Aban, kratafa 29-31.

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Dɛn na na wɔhwehwɛ sɛ Yudafo no yɛ na ama wɔanantew “ɔkwan kronkron” no so?

[Mfonini wɔ kratafa 27]

Ɔbarima ne ɔbea nna ho mfonini a obi hwɛ sɛe ɔne Yehowa ntam

[Mfonini wɔ kratafa 28]

‘Momma wonyi nkekawmu ne kasatia nyinaa mfi mo mu’