Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Monkɔ So Nyɛ Papa

Monkɔ So Nyɛ Papa

Monkɔ So Nyɛ Papa

‘Monkɔ so nyɛ papa.’—LUKA 6:35.

1, 2. Dɛn nti na ɛtaa yɛ den ma yɛn sɛ yɛbɛyɛ afoforo papa?

EBETUMI ayɛ den ama yɛn sɛ yɛbɛyɛ afoforo papa. Ebia, wɔn a yɛdɔ wɔn no rennɔ yɛn bi. Ɛwom sɛ, yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛka “anigye Nyankopɔn no anuonyam asɛmpa” ne ne Ba no ho asɛm de ayɛ nkurɔfo papa de, nanso ebia wɔbɛyɛ anibiannaso anaasɛ wɔrenkyerɛ ho anisɔ. (1 Tim. 1:11) Afoforo nso da wɔn ho adi sɛ wɔyɛ “Kristo asɛndua no ho atamfo.” (Filip. 3:18) Sɛ́ Kristofo no, ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yɛne nnipa a wɔte saa no di?

2 Yesu Kristo ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Monkɔ so nnɔ mo atamfo na monyɛ papa.” (Luka 6:35) Afei, momma yɛntɔ yɛn bo ase nsusuw saa afotu yi ho. Yɛbɛsan anya nsɛm foforo a Yesu kae a ɛfa afoforo a yɛbɛyɛ wɔn papa ho no so mfaso.

‘Monnɔ Mo Atamfo’

3. (a) W’ankasa fa wo nsɛm ka asɛm a Yesu kae wɔ Mateo 5:43-45 no tiawa. (b) Wɔ afeha a edi kan no mu no, adwene bɛn na na Yudafo nyamesom akannifo no anya wɔ Yudafo ne wɔn a wɔnyɛ Yudafo no ho?

3 Yesu ka kyerɛɛ wɔn a na wɔretie n’asɛm wɔ ne Bepɔw so Asɛnka a agye din no mu sɛ, wɔnnɔ wɔn atamfo na wɔmmɔ mpae mma wɔn a wɔtaa wɔn. (Monkenkan Mateo 5:43-45.) Ná nkurɔfo a wɔretie Yesu no yɛ Yudafo a wonim Onyankopɔn ahyɛde a ɛka sɛ: “Nni were na nnya wo nkurɔfo mma ho menasepɔw, na dɔ wo yɔnko sɛ wo ho” no. (Lev. 19:18) Ná afeha a edi kan no mu Yudafo nyamesom akannifo no susuw sɛ, “wo nkurɔfo mma” ne “wo yɔnko” no fa Yudafo nkutoo ho. Ná Mose Mmara no hwehwɛ sɛ Israelfo no tew wɔn ho fi amanaman a aka no ho, nanso na Israelfo no abenya adwene sɛ wɔn a wɔnyɛ Yudafo nyinaa yɛ wɔn atamfo, na ɛsɛ sɛ wɔtan wɔn mu biara.

4. Ɔkwan bɛn so na na ɛsɛ sɛ Yesu asuafo no ne wɔn atamfo di?

4 Nanso, Yesu kae sɛ: “Monkɔ so nnɔ mo atamfo na mommɔ mpae mma wɔn a wɔtaa mo.” (Mat. 5:44) Ná ɛsɛ sɛ Yesu asuafo no da ɔdɔ adi kyerɛ wɔn a wɔtaa wɔn no nyinaa. Sɛnea Asɛmpa kyerɛwfo Luka kyerɛ no, Yesu kae sɛ: “Mise mo a moretie yi sɛ, monkɔ so nnɔ mo atamfo, na monyɛ wɔn a wɔtan mo no papa, na munhyira wɔn a wɔdome mo, na mommɔ mpae mma wɔn a wodidi mo atɛm” no. (Luka 6:27, 28) Yɛn nso yɛyɛ yɛn ade te sɛ nnipa bi a wɔtraa ase wɔ afeha a edi kan no mu a wɔde Yesu nkyerɛkyerɛ yɛɛ adwuma no. “Yɛyɛ wɔn a wɔtan yɛn no papa,” na sɛ wɔtaa yɛn a, yɛne wɔn di no ayamye so. Yɛkasa kyerɛ “wɔn a wɔdome” yɛn no ayamye so de ‘hyira wɔn.’ Na ‘yɛbɔ mpae ma wɔn a wɔtaa yɛn’ a wɔyɛ yɛn ayayade anaa ‘wodidi yɛn atɛm’ no. Mpae a ɛte saa a yɛbɔ no kyerɛ sɛ yɛdɔ yɛn atamfo, efisɛ yɛsrɛ Yehowa sɛ ɔmma wonnya koma pa, na wɔnyɛ nneɛma a ɛbɛma wɔanya n’anim dom.

5, 6. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛdɔ yɛn atamfo?

5 Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛdɔ yɛn atamfo? Yesu kae sɛ, “Na moakyerɛ sɛ moyɛ mo Agya a ɔwɔ soro no mma.” (Mat. 5:45) Sɛ yetie saa afotu no a, yɛbɛyɛ Onyankopɔn “mma,” efisɛ sɛ yɛyɛ saa a, na yɛresuasua Yehowa a ɔma “n’awia pue nnipa bɔne ne nnipa papa so na ɔma osu tɔ gu atreneefo ne abɔnefo so” no. Luka nso kae sɛ, Onyankopɔn “yam ye ma bonniayɛfo ne abɔnefo.”—Luka 6:35.

6 Bere a Yesu resi sɛnea ɛho hia sɛ n’asuafo no ‘kɔ so dɔ wɔn atamfo’ so dua no, ɔkae sɛ: “Sɛ modɔ wɔn a wɔdɔ mo a, akatua bɛn na mowɔ? Ɛnyɛ saa ara na towgyefo nso yɛ anaa? Na sɛ mukyia mo nuanom nkutoo a, dɛn na ɛyɛ nwonwa wɔ ho? Ɛnyɛ saa ara na amanaman mufo nso yɛ anaa?” (Mat. 5:46, 47) Sɛ yɛdɔ wɔn a wɔdɔ yɛn no nkutoo a, yɛrennya “akatua” mfi Onyankopɔn hɔ, anaasɛ yɛrennya n’anim dom biara. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, ná towgyefo a nnipa dodow no ara bu wɔn animtiaa no mpo dɔ wɔn a na wɔda ɔdɔ adi kyerɛ wɔn no.—Luka 5:30; 7:34.

7. Sɛ yekyia yɛn “nuanom” nkutoo a, dɛn nti na yɛnyɛɛ biribi a ɛyɛ nwonwa?

7 Ná Yudafo taa de asɛmfua “asomdwoe” di dwuma wɔ wɔn nkyia mu. (Atem. 19:20; Yoh. 20:19) Sɛ wokyia obi na wɔka kyerɛ no sɛ asomdwoe nka no a, na nea wɔrekyerɛ ne sɛ, onipa no nnya apɔwmuden, na ensi no yiye wɔ n’asetram. Sɛ yekyia wɔn a yebu wɔn sɛ wɔyɛ yɛn “nuanom” nkutoo a, na yɛnyɛɛ biribi a “ɛyɛ nwonwa.” Sɛnea Yesu kae no, na “amanaman mufo” nso yɛ saa ara.

8. Bere a Yesu kae sɛ: ‘Mo dɔ nyɛ pɛ no,’ dɛn na na ɔrehyɛ wɔn a na wɔretie no no nkuran sɛ wɔnyɛ?

8 Esiane sɛ Kristo asuafo no nyaa sintɔ fii awo mu nti, ná wɔyɛ bɔne, na na wɔnyɛ pɛ. (Rom. 5:12) Nanso, Yesu de ne kasa no fã yi baa awiei sɛ: “Sɛnea mo Agya a ɔwɔ soro no yɛ pɛ no, mo nso monyɛ pɛ saa ara.” (Mat. 5:48) Ná Yesu rehyɛ n’asuafo no nkuran sɛ wonsuasua Yehowa, wɔn “Agya a ɔwɔ soro” no, denam wɔn dɔ a wɔbɛma ayɛ pɛ, a nea ɛkyerɛ ne sɛ, wɔbɛdɔ wɔn atamfo na ama ɔdɔ a wɔwɔ no adi mũ. Saa ara na wɔhwehwɛ sɛ yɛn nso yɛyɛ.

Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Yɛde Bɔne Firi?

9. Asɛm a ɛne: “Fa yɛn aka firi yɛn” no kyerɛ dɛn?

9 Sɛ yefi mmɔborohunu mu de obi a ɔyɛ biribi tia yɛn bɔne firi no a, ɛma yɛkɔ so yɛ papa. Nokwarem no, Yesu kaa asɛm a edi so yi wɔ ne mpaebɔ nhwɛso no mu sɛ: “Fa yɛn aka firi yɛn, sɛnea yɛn nso de afiri wɔn a wɔde yɛn aka no.” (Mat. 6:12) Nokwasɛm ne sɛ, ɛka a ɔkaa ho asɛm yi nyɛ sikasɛm. Luka Asɛmpa no da no adi sɛ “aka” a na Yesu reka ho asɛm no fa bɔne ho, efisɛ ɛkɔ so ka sɛ: “Fa yɛn bɔne firi yɛn, efisɛ yɛn ankasa nso de firi obiara a ɔde yɛn ka.”—Luka 11:4.

10. Yɛbɛyɛ dɛn atumi asuasua Onyankopɔn wɔ sɛnea ɔde bɔne firi no ho?

10 Ɛsɛ sɛ yesuasua Onyankopɔn a ɔde abɔnefo a wonu wɔn ho bɔne kyɛ wɔn koraa no. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Mo ne mo ho nni no ayamye ne ayamhyehye so, na mumfi mo pɛ mu mfa bɔne mfirifiri mo ho, sɛnea Onyankopɔn nam Kristo so de firii mo koraa no.” (Efe. 4:32) Odwontofo Dawid too dwom sɛ: ‘Mmɔborohunufo ne ɔdomfo ne Yehowa, ne bo kyɛ fuw, na n’adɔe dɔɔso. Onsusuw yɛn bɔne so ne yɛn nni, na ɔnhwɛ yɛn mfomso nhyɛ yɛn ananmu. Sɛ apuei ne atɔe ntam ware no, sɛ wama yɛn ne yɛn mmarato ntam aware ne no. Sɛ agya yam hyehye no mma ho no, sɛ Yehowa yam yɛ no wɔn a wosuro no ho ne no. Na onim yɛn su, ɔkae sɛ yɛyɛ mfutuma.’—Dw. 103:8-14.

11. Henanom na Onyankopɔn de wɔn bɔne firi wɔn?

11 Sɛ Onyankopɔn de nkurɔfo bɔne befiri wɔn a, gye sɛ wɔn ankasa nso de wɔn a wɔyɛ bɔne tia wɔn no bɔne afiri wɔn ansa. (Mar. 11:25) Bere a Yesu resi saa asɛm yi so dua no, ɔde kaa ho sɛ: “Na sɛ mode nkurɔfo mfomso firi wɔn a, mo soro Agya nso de befiri mo; sɛ moamfa nkurɔfo mfomso amfiri wɔn a, mo Agya nso remfa mo mfomso mfiri mo.” (Mat. 6:14, 15) Yiw, wɔn a wofi koma mu de afoforo bɔne firi wɔn no nkutoo na Onyankopɔn de wɔn bɔne befiri wɔn. Ade biako a ɛbɛma yɛakɔ so ayɛ papa ne sɛ yɛde Paulo afotu a edi so yi bɛyɛ adwuma. Ɔkae sɛ: “Sɛnea Yehowa de afiri mo no, mo nso monyɛ saa ara.”—Kol. 3:13.

“Mummmu Atɛn”

12. Afotu bɛn na Yesu de mae wɔ atɛn a yebu afoforo no ho?

12 Yesu kaa ɔkwan foforo a yebetumi afa so ayɛ papa wɔ ne Bepɔw so Asɛnka no mu bere a ɔka kyerɛɛ wɔn a na wɔretie no no sɛ, ɛnsɛ sɛ wobu afoforo atɛn, na afei, ɔmaa mfatoho bi a ɛka koma de sii saa asɛm no so dua no. (Monkenkan Mateo 7:1-5.) Ma yensusuw nea na Yesu rekyerɛ bere a ɔkae sɛ: “Mummmu atɛn” no ho nhwɛ.

13. Ná wɔn a wɔretie Yesu no bɛyɛ dɛn atumi akɔ so de bɔne ‘akyɛ’?

13 Mateo Asɛmpa no bɔ amanneɛ sɛ, Yesu kae sɛ: “Mummmu atɛn na wɔammu mo atɛn.” (Mat. 7:1) Luka nso bɔ amanneɛ sɛ, Yesu kae sɛ: “Mummmu atɛn, na wɔammu mo atɛn; na mummmu fɔ na wɔammu mo fɔ. Momfa nkyɛ na wɔde akyɛ mo.” (Luka 6:37) Farisifo a wɔtraa ase wɔ afeha a edi kan no mu no gyinaa nsɛm a enni Kyerɛwnsɛm mu so buu afoforo atɛn denneennen. Ná ɛsɛ sɛ wɔn a wɔretie Yesu a wɔte saa no ‘gyae atemmu.’ Ná ɛsɛ sɛ wɔkɔ so de ‘kyɛ,’ a nea ɛkyerɛ ne sɛ, ɛsɛ sɛ wɔkɔ so de afoforo mfomso firi wɔn. Sɛnea yɛadi kan aka ho asɛm no, ɔsomafo Paulo de mfomso a wɔde firi afoforo ho afotu a ɛte saa ara mae.

14. Sɛ Yesu asuafo no de bɔne kyɛ a, dɛn na na ɛbɛka nkurɔfo ma wɔn nso ayɛ?

14 Sɛ Yesu asuafo no de bɔne kyɛ a, na ɛbɛka nkurɔfo ma wɔn nso de bɔne akyɛ. Yesu kae sɛ: “Atɛn a mubu no, ɛno ara na wɔde bebu mo; susukora a mode susuw ma nkurɔfo no, wɔde besusuw ama mo.” (Mat. 7:2) Wɔ sɛnea yɛne afoforo di mu no, nea yegu no, ɛno ara na yebetwa.—Gal. 6:7.

15. Dɛn na Yesu kae de kyerɛe sɛ ɛyɛ mfomso sɛ yɛbɛkasa atia yɛn nua denneennen?

15 Kae sɛ, nea ɛbɛyɛ na yɛahu nea enti a ɛyɛ mfomso sɛ yɛbɛkasa atia afoforo denneennen no, Yesu bisae sɛ: “Ɛnde, dɛn nti na wohwɛ ntɛtɛw a ɛda wo nua aniwa so, na wunhu mpuran a ɛda w’ankasa aniwa so? Anaasɛ wobɛyɛ dɛn atumi aka akyerɛ wo nua sɛ, ‘Ma minyi ntɛtɛw no mfi w’aniwa so’; bere a, hwɛ! mpuran da w’ankasa aniwa so?” (Mat. 7:3, 4) Sɛ obi a ɔtaa kasa tia afoforo hu sɛ ade ketewaa bi da ne nua “aniwa” so a, ɔka ho asɛm. Nea obi a ɔkasa tia ne nua rekyerɛ ankasa ne sɛ, ne nua no ntumi nsusuw nneɛma ho yiye, na ontumi mmu atɛmpa nso. Ɛwom sɛ, mfomso no yɛ ketewaa bi te sɛ ntɛtɛw de, nanso ɔkasatiafo no ka sɛ ‘obeyi ntɛtɛw’ no ama no. Ɔyɛ ne ho nyaatwom ka sɛ ɔbɛboa ne nua no ma wahu ade yiye paa.

16. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ na “mpuran” da Farisifo no aniwa so?

16 Yudafo nyamesom akannifo no titiriw na na wɔkasa tia afoforo denneennen. Nhwɛso bi ni: Bere a ɔbarima bi a na n’ani afura a Kristo saa no yare no kae sɛ, Yesu fi Onyankopɔn hɔ no, Farisifo no de abufuw buae sɛ: “Wo a bɔne mu koraa na wɔwoo wo no, wo na worekyerɛkyerɛ yɛn?” (Yoh. 9:30-34) Ná “mpuran” da Farisifo no aniwa so, na wontumi nnyina Yehowa asɛm so mmu atɛmpa, na na wɔn ani afura koraa. Enti, Yesu kae sɛ: “Nyaatwomni! Di kan yi w’ankasa aniwa so mpuran no, na wubehu ade yiye atumi ayi ntɛtɛw no afi wo nua aniwa so.” (Mat. 7:5; Luka 6:42) Sɛ yɛasi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ papa na yɛne afoforo adi no yiye a, yɛrenhwehwɛ sɛnkyerɛnne kwan so ntɛtɛwa a ɛda yɛn nua aniwa so bere nyinaa, na yennyina so nkasa ntia no denneennen. Mmom no, yebegye atom sɛ yɛnyɛ pɛ ma enti ɛnsɛ sɛ yɛkasa tia yɛn mfɛfo gyidifo.

Sɛnea Ɛsɛ sɛ Yɛne Afoforo Di

17. Sɛnea Mateo 7:12 kyerɛ no, ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yɛne afoforo di?

17 Yesu kae wɔ ne Bepɔw so Asɛnka no mu sɛ, Onyankopɔn bua N’asomfo mpaebɔ de da no adi sɛ ɔyɛ agya pa. (Monkenkan Mateo 7:7-12.) Ɛfata sɛ Yesu de abrabɔ ho mmara yi mae sɛ: “Enti nea mopɛ sɛ nnipa nyɛ mo biara no, mo nso monyɛ wɔn saa ara.” (Mat. 7:12) Sɛ yɛne yɛn mfɛfo nnipa di wɔ saa kwan yi so nkutoo a, ɛnna yebetumi aka sɛ yɛyɛ Yesu Kristo akyidifo ampa.

18. Ɔkwan bɛn so na “Mmara” no kyerɛe sɛ, nea yɛpɛ sɛ afoforo yɛ ma yɛn no yɛn nso yɛnyɛ wɔn saa ara?

18 Bere a Yesu kae sɛ, nea yɛpɛ sɛ afoforo yɛ ma yɛn no, yɛn nso yɛnyɛ wɔn saa ara wiei no, ɔde kaa ho sɛ: “Nokwarem no, saa na Mmara ne Adiyifo no kyerɛ.” Sɛ yɛne afoforo di sɛnea Yesu kyerɛe no a, na yɛreyɛ ade ma ɛne nea enti a wɔde “Mmara” no mae no ahyia. Mmara a na Yesu reka ho asɛm no ne nsɛm a ɛwɔ Bible mu nhoma a ɛne Genesis kosi Deuteronomium no. Yehowa atirimpɔw a ɛne sɛ ɔbɛma aseni bi aba na wabeyi bɔne afi hɔ a wɔaka ho asɛm wɔ nhoma ahorow yi mu akyi no, ɛsan nso ka Mmara a Onyankopɔn nam Mose so de maa Israel man no wɔ afe 1513 A.Y.B. mu no ho asɛm. (Gen. 3:15) Mose Mmara no kaa no pefee sɛ, nneɛma a na ɛsɛ sɛ Israelfo no yɛ no bi ne sɛ wobebu atɛntrenee, ná ɛnsɛ sɛ wɔhwɛ nnipa anim, na na ɛsɛ sɛ wɔyɛ ahiafo ne ahɔho a wɔte wɔn asase no so papa.—Lev. 19:9, 10, 15, 34.

19. Ɔkwan bɛn so na “Adiyifo no” ma yehu sɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ papa?

19 Bere a Yesu kaa “Adiyifo no” ho asɛm no, na Hebri Kyerɛwnsɛm no mu nkɔmhyɛ nhoma no ho asɛm na na ɔreka. Mesia no ho nkɔmhyɛ ahorow a enyaa mmamu wɔ Kristo ankasa so no wɔ saa nhoma ahorow yi mu. Saa nhoma ahorow no san da no adi sɛ, sɛ Onyankopɔn nkurɔfo yɛ nea ɛteɛ wɔ n’ani so na wɔne afoforo di no yiye a, ohyira wɔn. Sɛ nhwɛso no, Yesaia nkɔmhyɛ no de afotu yi maa Israelfo no sɛ: “Nea Yehowa aka ni: ‘Mummu atɛntrenee na monyɛ adetrenee. . . . Onipa a obedi eyinom so, ɔdesani a obekura mu denneennen, . . . akora ne nsa a ɔrenyɛ bɔne no ani begye.’” (Yes. 56:1, 2, NW) Nokwarem no, Onyankopɔn hwɛ kwan sɛ ne nkurɔfo bɛkɔ so ayɛ papa.

Ɛsɛ sɛ Yɛyɛ Afoforo Papa Bere Nyinaa

20, 21. Nnipakuw a wotiee Yesu Bepɔw so Asɛnka no yɛɛ wɔn ade dɛn, na dɛn nti na ɛsɛ sɛ wususuw ho?

20 Yɛasusuw nsɛm pii a ɛho hia a ɛso bi nni a Yesu kae wɔ ne Bepɔw so Asɛnka no mu kakraa bi pɛ ho. Ɛwom sɛ, nsɛm no mu kakraa bi pɛ na yɛasusuw ho de, nanso ɛnyɛ den koraa sɛ yɛbɛte nea enti a wɔn a wotiee ɔkasa a Yesu mae saa da no ho dwiriw wɔn no ase. Bible ka sɛ: “Afei bere a Yesu wiee nsɛm yi no, ɔkwan a ɔfaa so kyerɛkyerɛe no maa nnipakuw no ho dwiriw wɔn; efisɛ na ɔrekyerɛkyerɛ wɔn te sɛ obi a ɔwɔ tumi, na ɛnte sɛ wɔn akyerɛwfo no.”—Mat. 7:28, 29.

21 Akyinnye biara nni ho sɛ Yesu Kristo daa ne ho adi sɛ ɔno ne “Ɔfotufo Nwonwani” a wɔhyɛɛ ne ho nkɔm no. (Yes. 9:6, NW) Bepɔw so Asɛnka no yɛ nhwɛso a ɛsen biara a ɛkyerɛ sɛ Yesu nim sɛnea ne soro Agya no susuw nneɛma ho. Ɔkasa no mu nsɛm a yɛasusuw ho akyi no, ɛsan nso ma yehu ɔkwan a yɛbɛfa so anya anigye ankasa, nea ɛbɛyɛ a yɛremmɔ ɔbra bɔne, sɛnea yɛbɛyɛ adetrenee, nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama yɛanya daakye a anigye ne asomdwoe wom, ne nneɛma foforo pii. Dɛn nti na wontɔ wo bo ase nsan nkenkan Mateo ti 5 kosi ti 7, na womfa mpaebɔ nsusuw ho? Dwennwen Yesu afotu a ɛka koma a ɛwɔ hɔ no ho. Fa nsɛm a Kristo kae wɔ ne Bepɔw so Asɛnka no mu no bɔ wo bra. Sɛ woyɛ saa a, ɛbɛma woasɔ Yehowa ani yiye, wo ne afoforo bedi no yiye, na woakɔ so ayɛ papa.

Wubebua Dɛn?

• Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yɛne wɔn a wɔtan yɛn no di?

• Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde bɔne firi?

• Dɛn na Yesu kae wɔ atɛn a yebu nkurɔfo no ho?

• Sɛnea Mateo 7:12 kyerɛ no, ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yɛne afoforo di?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 10]

So wunim nea enti a Yesu kae sɛ: “Mummmu atɛn” no?

[Mfonini wɔ kratafa 8]

Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae ma wɔn a wɔretaa yɛn no?

[Mfonini wɔ kratafa 10]

So nea wopɛ sɛ afoforo yɛ ma wo no, ɛno na woyɛ ma wɔn bere nyinaa?