Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛnea Wɔahyehyɛ Sodikuw No

Sɛnea Wɔahyehyɛ Sodikuw No

Sɛnea Wɔahyehyɛ Sodikuw No

MMARIMA a wɔyɛ Onyankopɔn asomfo a wɔasra wɔn na wɔwɔ Yehowa Adansefo Sodikuw no mu. Wodi dwuma sɛ akoa nokwafo ne ɔbadwemma kuw no a wɔn na ɛyɛ wɔn asɛyɛde sɛ wɔma honhom fam aduan, na wɔde Ahenni no ho asɛnka adwuma a wɔreyɛ wɔ wiase nyinaa no ho akwankyerɛ ne nkuranhyɛ ma no ananmusifo.—Mat. 24:14, 45-47.

Sodikuw no taa yɛ wɔn nhyiam Wukuda wɔ dapɛn biara mu. Eyi ma saa anuanom yi tumi bom yɛ adwuma wɔ biakoyɛ mu. (Dw. 133:1) Sodikuw no mufo san som wɔ boayikuw ahorow mu. Sɛnea wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ ase hɔ no, boayikuw no mu biara wɔ Ahenni no nnwuma bi a ɛhwɛ so.

◼ NSƐM HO DWUMADI BOAYIKUW: Anuanom a wɔdeda Sodikuw no boayikuw ahorow no biara ano ne ɔkyerɛwfo a ɔno nso yɛ Sodikuw no muni na wɔwɔ saa boayikuw yi mu. Saa boayikuw no hwɛ sɛ boayikuw ahorow no nyinaa reyɛ wɔn adwuma yiye ma biribiara rekɔ so pɛpɛɛpɛ. Ɛsan nso hwɛ di nsɛm ne tebea ahorow a emu yɛ den a ɛto Yehowa Adansefo a wɔwɔ wiase nyinaa a ɛsɛ sɛ wodi ho dwuma ntɛm, ɔtaa ahorow, ne atoyerɛnkyɛm ho dwuma.

◼ ADWUMAYƐFO YIYEDI BOAYIKUW: Anuanom a wɔwɔ boayikuw yi mu na wɔhwɛ di adwumayɛfo a wɔwɔ Betel abusua no mu a wɔwɔ wiase nyinaa no honam fam ne honhom fam ahiade ho dwuma, na wɔboa wɔn ma wɔne Onyankopɔn ntam abusuabɔ mu kɔ so yɛ den, na wɔboa wɔn wɔ akwan foforo so nso. Saa boayikuw yi mufo na wɔhwɛ ma wɔfa Betel mmusua no mufo foforo, na wodi wɔn Betel som adwuma no mu nsɛm ho dwuma ma wɔn.

◼ NHOMA TINTIM BOAYIKUW: Saa boayikuw yi na ɛhwɛ ma wotintim Bible ho nhoma ma wɔde kɔ wiase nyinaa. Wɔn ara na wɔhwɛ adan ne mfiri a Yehowa Adansefo de tintim nhoma no so. Saa boayikuw yi na wɔyɛ nhyehyɛe ma wɔde ntoboa a woyi sɛ wɔmfa nyɛ Ahenni no ho adwuma wɔ wiase nyinaa no di dwuma yiye.

◼ ƆSOM BOAYIKUW: Anuanom a wɔwɔ boayikuw yi mu na wɔhwɛ asɛnka adwuma no so, na wɔn ara na wɔhwɛ di asafo ahorow, akwampaefo, asafo mu mpanyimfo, ne ahwɛfo akwantufo ho nsɛm ho dwuma. Saa boayikuw yi na ɛhwɛ ma wɔkyerɛw Yɛn Ahenni Som, na wɔfrɛ wɔn a wɔkɔ Gilead Sukuu ne Asomfo Ntetee Sukuu, na sɛ wowie sukuu no a, akyiri yi, wɔn na wɔma wɔn dwumadi ahorow.

◼ NKYERƐKYERƐ BOAYIKUW: Saa boayikuw yi na ɛyɛ ɔkasa ahorow a wɔma wɔ nhyiam akɛse ne nketewa, ne asafo nhyiam ahorow ase no ho nhyehyɛe. Ɛno na ɛhwɛ ma wɔde Bible nkyerɛkyerɛ ma Betel abusua mufo, na ɛhwɛ sukuu ahorow te sɛ Gilead Sukuu, Akwampaefo Ɔsom Sukuu, ne dwumadi ahorow a wɔyɛ gu kasɛt ne video so no so.

◼ AKYERƐW BOAYIKUW: Saa boayikuw yi na ɛhwɛ ma wɔkyerɛw Bible ho nhoma ahorow ma wotintim, na wɔkyekyɛ ma yɛn nuanom mmarima ne mmea ne ɔmanfo nso. Saa boayikuw yi ara na ɛma nsɛmmisa a ɛfa Bible ho no ho mmuae, na emufo na wɔhwɛ drama ne baguam kasa ahorow mu pene so. Boayikuw yi ara na ɛsan hwɛ ma wɔkyerɛ Bible ho nhoma ase kɔ kasa horow mu wɔ wiase nyinaa.

Ɔsomafo Paulo de wɔn a wɔasra wɔn no asafo no totoo nipadua ho. Osii so dua sɛ dwuma a saa asafo no mufo nyinaa di no ho hia. Wɔboa wɔn ho wɔn ho, wɔda ɔdɔ adi kyerɛ wɔn ho wɔn ho, na wɔde biakoyɛ na ɛyɛ adwuma a Onyankopɔn de ama wɔn no. (Rom. 12:4, 5; 1 Kor. 12:12-31) Yesu Kristo a ɔno ne nipadua no Ti no ma nipadua no akwaa a aka no nsa ka nea ehia a ɛbɛma wɔatumi de biakoyɛ ayɛ adwuma, na wɔde Bible nkyerɛkyerɛ ama no. (Efe. 4:15, 16; Kol. 2:19) Saa kwan yi so na wɔahyehyɛ Sodikuw no ma Yehowa nam ne honhom kronkron so kyerɛ wɔn kwan ma wodi ɔsom adwuma no anim.